Amansan Nhyiamu
Bɔ mpaeɛ, Ɔwɔ Hɔ
Oforisuo 2024 amansan nhyiamu


Bɔ mpaeɛ, Ɔwɔ Hɔ

Meto nsa frɛ wo sɛ bɔ mpaeɛ sɛ wobɛhunu sɛ Ɔsoro Agya wɔ hɔ, bɔ mpaeɛ sɛ wobɛnyini abɛyɛ te sɛ Ɔno, na bɔ mpaeɛ sɛ wobɛkyerɛ Ne dɔ akyerɛ afoforɔ.

Anuanom mmarima ne mmaa, m’ani agye atenka bi sɛ mɛkasa akyerɛ mmɔfra!

Mmaayewa ne mmarimaa, baabiara a mowɔ wɔ wiase, mepɛ sɛ me ne mo kyɛ biribi.

Yɛn Soro Agya dɔ wo! Woyɛ Ne ba. Ɔnim wo. Ɔpɛ sɛ ɔhyira wo. Mede m’akoma nyinaa bɔ mpaeɛ sɛ wobɛte Ne dɔ nka.

Wopɛ sɛ wonya akyɛdeɛ ahodoɔ? Mepɛ sɛ me ne wo kasa fa akyɛdeɛ sononko bi a Ɔsoro Agya de ama wo sɛ ɛmmoa wo ho. Ɛyɛ mpaeɛ akyɛdeɛ. Sɛdeɛ mpaeɛ yɛ nhyira Yɛbɛtumi ne Ɔsoro Agya akasa berɛ biara, wɔ baabiara.

Mfoni
Yesu ne nkwadaa

Berɛ a na Yesu wɔ asase so no, Ɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpaeɛ. Ɔkaa sɛ, “Mommisa, na mo nsa bɛka.”

Akyɛdeɛ bɛn na wubɛtumi abɔ ho mpaeɛ? Ɛdɔɔso, nanso ɛnnɛ mepɛ sɛ mekyɛ mmiɛnsa:

  1. Bɔ mpaeɛ sɛ wobɛhunu.

  2. Bɔ mpaeɛ sɛ wobɛnyini.

  3. Bɔ mpaeɛ sɛ wobɛkyerɛ.

Momma yɛnka ɛmu biara ho asɛm.

Deɛ ɛdi kan, Bɔ mpae sɛ Wobɛunu

Deɛn na ɛhia sɛ wo hunu?

Dwom bi wɔ hɔ a ɛfa mpaeɛ ho a Primary mmɔfra to wɔ wiase nyinaa. Ɛde asɛmmisa bi na ɛhyɛ aseɛ. Wonim dwom ko a ɛyɛ? Sɛ mewɔ akokoɔduro pa ara a, anka mɛto ama wo!

“Ɔsoro Agya, enti wowɔ hɔ ampa? Na wote abɔfra biara mpaebɔ na wobua?”

Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ Ɔsoro Agya wɔ hɔ ampa, mpo berɛ a wontumi nhunu No?

Titenani Russell M. Nelson ato nsa afrɛ wo sɛ “ka w’akoma mu asɛm kyerɛ wo Soro Agya. Na afei tie!” Tie deɛ wote nka wɔ w’akoma mu ne nsusuiɛ a ɛba w’adwene mu.

Ɔsoro Agya wɔ honam ne nnompe a ɛyɛ animuonyam na ɔyɛ wo honhom Agya. Ɛnam sɛ Ɔsoro Agya wɔ tumi nyinaa na ɔnim nneɛma nyinaa nti, Ɔbɛtumi ahunu Ne mma nyinaa na ɔbɛtumi ate na wabua mpaebɔ biara. Wobɛtumi abɛ hunu ama wo ho sɛ Ɔwɔ hɔ na Ɔdɔ wo.

Sɛ wonim sɛ Ɔsoro Agya wɔ hɔ ampa na Ɔdɔ wo a, wobɛtumi de akokoɔduro ne anidasoɔ atena ase! “Bɔ mpaeɛ, ɔwɔ hɔ; kasa, ɔretie.”

Woate nka pɛn sɛ woyɛ ankonam? Da koro bi berɛ a na yɛn banana Ashley adi mfeɛ nsia no, ɔno nko ara na na ɔnni adamfoɔ a ɔne no bɛdi agorɔ wɔ sukuu agoprama so. Berɛ a ɔgyina hɔ, a na ɔte nka sɛ ne ho nhia na wɔnhunu no no, nsusuiɛ pɔtee bi baa n’adwene mu: “Twɛn! Menyɛ ankonam! Mewɔ Kristo!” Ashley kotoo wɔ agoprama no mfimfini pɛɛ, bobɔɔ ne nsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Ɔsoro Agya. Berɛ a ɔbuee n’ani no, na abaayewa bi a ɔne no bɔ tipɛn gyina hɔ rebisa no sɛ ɔpɛ sɛ ɔdi agorɔ anaa. Ashley bɛhunuu sɛ, “Yɛn ho hia ma Awurade, na nokorɛ mu yɛnyɛ ankonam da.”

Ɛtɔ da bi a, ebia wobɛpɛ sɛ wohunu deɛ enti a biribi a ɛyɛ den rekɔ so wɔ w’asetena mu anaa deɛ enti a wonnya nhyira bi a wobɔɔ mpaeɛ. Mpɛn pii no asɛmmisa papa pa ara a ɛsɛ sɛ wobisa Ɔsoro Agya no nyɛ adɛn nanso deɛn.

Wokae berɛ a na ɛkɔm de Nephi ne n’abusuafoɔ berɛ a na wɔretu kwan wɔ ɛserɛ so no? Berɛ a Nephi ne ne nuanom kɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ aduane no, Nephi buu ne tadua. Nanso wammisa sɛ adɛn.

Mfoni
Nephi bisa Lehi baabi a ɔbɛnya aduane.

Nephi yɛɛ tadua foforɔ na ɔbisaa n’agya, Lehi, baabi a ɔbɛtumi akɔnya aduane. Lehi bɔɔ mpaeɛ, na Awurade kyerɛɛ wɔn baabi a Nephi bɛtumi akɔ. Ɔsoro Agya bɛkyerɛ wo kwan berɛ a wobisa No deɛ wobɛtumi ayɛ ne deɛ wobɛtumi asua.

Ɛtɔ so mmienu, Bɔ mpaeɛ sɛ Wobɛnyini

Ɔsoro Agya pɛ sɛ ɔboa wo ma wo nyini! Ɔdɔ yɛn ara ma Ɔsomaa Ne Ba, Yesu Kristo, sɛ ɔmmɛkyerɛ yɛn kwan a yɛbɛfa so atena ase. Yesu hunuu amane, owuiɛ, na wɔnyanee no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn na yɛanyini abɛyɛ te sɛ Ɔno yie.

Wopɛ sɛ wo nyini wɔ aboterɛ mu anaa wɔ nokorɛdie mu? Wopɛ sɛ wo nyini wɔ nimdeɛ bi mu? Ebia a wofɛre adeɛ na wopɛ sɛ wo nyini wɔ akokoɔduro mu. “Bɔ mpaeɛ, ɔwɔ hɔ”! Ɛnam Ne Honhom so, w’akoma bɛtumi asesa na wobɛtumi anya ahoɔden.

M’adamfo foforɔ Jonah twerɛɛ sɛ: “Ehu taa ka me berɛ a merekɔ sukuu anɔpa. Nneɛma te sɛ, sɛ mɛka akyi, me werɛ firi biribi, ne sɔhwɛ a mɛyɛ ho nsɛm ha me. Berɛ a medii mfeɛ 10 no, mehyɛɛ aseɛ bɔɔ mpaeɛ berɛ a na me maame de me rekɔ sukuu. Mesrɛ mmoa a mehia, na mebɔ mpaeɛ ma m’abusua nso. Mesusu nneɛma a m’ani sɔ nso ho. [Merebɔ mpaeɛ akyerɛ Ɔsoro Agya] aboa me. Ɛtɔ da bi a, mente ahotɔ nka berɛ a mesi firi kaa no mu, nanso mɛduru m’adesuadan mu no na mete asomdwoeɛ nka.”

Jonah gyedie renyini berɛ a ɔbɔ mpaeɛ da biara na ɔkɔ anim.

Ɛtɔ so mmiɛnsa, Bɔ mpaeɛ sɛ Wobɛkyerɛ

Wobɛtumi abɔ mpaeɛ aserɛ mmoa a wode bɛkyerɛ Ɔsoro Agya dɔ ma afoforɔ. Ɛnam Ne Honhom so, Ɔsoro Agya bɛboa wo ma woahunu obi a ne werɛ ahoɔ sɛdeɛ wobɛtumi akyekye wɔn werɛ. Ɔbɛtumi aboa wo ma woakyerɛ Ne dɔ berɛ a wode kyɛ obi. Ɔbɛtumi ama wo akokoɔduro asom obi na wo ne no akyɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba. Wobɛtumi aboa afoforɔ ma wɔabɛhunu na wɔadɔ Yesu ne Ɔsoro Agya sɛdeɛ woyɛ no.

M’abrabɔ mu nyinaa mebɔɔ ​​mpaeɛ sɛ m’agya bɛba abɛka Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotofoɔ ho. Berɛ a na meyɛ abaayewa kumaa mpo no, na menim nhyira dodoɔ a ɔno bɛtumi anya. Yɛn abusua bɛtumi anya nsɔano ma daapem nhyira. M’abusua, me nnamfo, na me taa bɔɔ mpaeɛ maa no, nanso wanka Asɔre no ho. Ɔsoro Agya nhyɛ obiara wɔ deɛ ɔyie ho. Obɛtumi de yɛn mpaebɔ ho mmuaeɛ ama yɛn wɔ akwan afoforɔ so.

Mfoni
Titenani Porter ne n’awofoɔ ne ne nuanom.

Berɛ a menyiniiɛ no, menyaa me agya panyimfoɔ nhyira. Wɔ nhyira no mu no, agya panin no ka kyerɛɛ me sɛ adeɛ papa pa ara a mɛtumi ayɛ de aboa m’abusua ma wɔabom wɔ ɔsoro ne sɛ mɛyɛ Yesu Kristo asɛmpa no ho nhwɛsoɔ. Ɛno ne deɛ na mɛtumi ayɛ!

Me papa dii mfeɛ 86. Ne wuo akyi nna num no, menyaa anigyeɛ atenka kronkron bi. Ɔsoro Agya maa menam Ne Honhom so hunuu sɛ na m’agya pɛ sɛ ɔnya Yesu Kristo asɛmpa no nhyira! Me werɛ remfiri da a me ne me nuabaa ne me nuanom mmarima buu nkotodwe wɔ afɔrebukyia no ho wɔ tɛmpol sɛ wɔresɔ yɛn ano ama m’awofoɔ. Na mahyɛ aseɛ rebɔ mpaeɛ apɛ saa nhyira yi berɛ a na mewɔ Primary, na menyaeɛ berɛ a na meyɛ nanabaa.

Ebia worebɔ mpaeɛ apɛ nhyira ama w’abusua ne afoforɔ a wodɔ wɔn. Mɛmpa aba! Ɔsoro Agya bɛkyerɛ wo deɛ wobɛtumi ayɛ.

Wo ne Ɔsoro Agya nkyɛ deɛ ɛwɔ w’akoma mu. Sɛ wofiri akoma pa mu srɛ Ne mmoa a, wobɛnya Ne Honhom de akyerɛ wo kwan. Sɛ wobɔ mpaeɛ da biara a, ɛde Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ho dɔ bɛhyɛ wo ma. Yei bɛboa wo ma woapɛ sɛ wodi Wɔn akyi w’asetena nyinaa!

Susu deɛ ɛbɛsie ho sɛ nkwadaa a wɔwɔ Afrika, South Amerika, Asia, Europe, North Amerika, ne Australia nyinaa bɔ mpaeɛ da biara a. Anka wɔde Onyankopɔn dɔ bebree bɛhyira wiase nyinaa!

Mfoni
Nkwadaa a wɔwɔ wiase baabiara rebɔ mpaeɛ.

Meto nsa frɛ wo sɛ bɔ mpaeɛ sɛ wobɛhunu sɛ Ɔsoro Agya wɔ hɔ, bɔ mpaeɛ sɛ wobɛnyini abɛyɛ te sɛ Ɔno, na bɔ mpaeɛ sɛ wobɛkyerɛ Ne dɔ akyerɛ afoforɔ. Menim sɛ Ɔte ase na ɔdɔ wo. “Bɔ mpaeɛ, ɔwɔ hɔ.” Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.