Amansan Nhyiamu
Yesu Kristo a Ɔwɔ Yɛn Asetena Mfinfin
Oforisuo 2024 amansan nhyiamu


Yesu Kristo a Ɔwɔ Yɛn Asetena Mfinfin

Wɔnam Yesu Kristo dɔ a ɛnhinhim so di ɔkra ho nsɛmmisa a emu dɔ, nea ɛpue wɔ yɛn nnɔnhwere a ɛyɛ sum ne sɔhwɛ a ɛkorɔn sene biara mu no ho dwuma.

Berɛ a yɛretu kwan wɔ owuo mu no, ɛtɔ mmerɛ bi a sɔhwɛ ahodoɔ hyɛ yɛn so: ɛyaw a emu yɛ den a yɛn adɔfoɔ a yɛhwere wɔn, ɔko a emu yɛ den a yɛko tia yareɛ, ntɛnkyea a ɛyɛ ya, ɔhaw anaa ayayadeɛ ho suahunu ahodoɔ a ɛyɛ awerɛhoɔ, adwuma a wonnya nyɛ sunsuma, abusua mu amanehunu . Wɔ mmerɛ a ɛtete saa mu no, yɛn kra kɔn dɔ dwankɔbea. Yɛhwehwɛ aniberɛ so sɛ yɛbɛhu: Ɛhe na yɛbɛtumi anya asomdwoeɛ aduro? Hwan na yɛbɛtumi de yɛn ho ato no so sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛanya ahotɔsoɔ ne ahoɔden a yɛde bɛdi nsɛmdenden yi so? Hwan na ɔwɔ boasetɔ, ɔdɔ a ɛtwa yɛn ho hyia, ne tumi nyinaa nsa a ɛbɛma yɛn so na aboa yɛn?

Wɔnam Yesu Kristo dɔ a enhinhim so di ɔkra ho nsɛmmisa a emu dɔ, nea epue wɔ yɛn nnɔnhwere a ɛyɛ sum ne sɔhwɛ a ɛkorɔn sen biara mu no ho dwuma. Wɔ Ne mu, na ɛnam N’asɛmpa a wɔasan de aba no nhyira a wɔahyɛ ho bɔ no so, yenya mmuaeɛ a yɛhwehwɛ no. Ɛnam Ne Mpata a enni ano no so na wɔde akyɛdeɛ a ɛboro soɔ ma yɛn —anidasoɔ, ayaresa, ne awerɛhyɛmu a ɛfa Ne ba a ɔte hɔ daa, daa wɔ yɛn abrabɔ mu ho. Saa akyɛdeɛ yi wɔ hɔ ma wɔn a wɔde gyedie teɛ wɔn nsa nyinaa, gye asomdwoeɛ ne ɔgyeɛ a Ɔde ma kwa saa no tom.

Awurade tene ne nsa mu kyerɛ yɛn mu biara, adeyɛ a ɛyɛ Ne soro dɔ ne ne ayamyɛ no mu ade titiriw. Ne nsatoɔ a ɔto frɛɛ yɛn no boro ɔfrɛ tiawa bi so; ɛyɛ ɔsoro bɔhyɛ, a N’adom tumi a ɛtena hɔ daa no hyɛ mu den. Twerɛsɛm no mu no, Ɔfiri ɔdɔ mu ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ:

“Mommra me nkyɛn, mo a moasoa mo nnesoa abrɛ nyinaa, na mɛma mo ahome.

“Momfa me kɔnnua nto mo so, na sua wɔ me hɔ; ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase wɔ akoma mu, na mobɛnya ahomegyeɛ ama mo kra.

“Ɛfirisɛ me konnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.”

Ne nsatoɔ a emu da hɔ “Bra me nkyɛn” ne “Fa me kɔnnua” no bɔ Ne bɔhyɛ no su a emu dɔ no gu —bɔhyɛ a ɛso na edi mu ara ma ɛka Ne dɔ ho, de awerɛhyemu a anibere wom ma yɛn: “Mobɛnya ahomegyeɛ.”

Berɛ a yɛde nsiyɛ hwehwɛ honhom mu akwankyerɛ no, yɛhyɛ ɔkwan tenten a ɛsakra kɛse a ɛhyɛ yɛn adansedie mu den aseɛ. Berɛ a yɛte yɛn Soro Agya ne Yesu Kristo dɔ a ɛyɛ pɛ no kɛseɛ ase, aseda, ahobrɛase ahyɛ yɛn koma ma, na ɔpɛ foforɔ sɛ wobɛdi asuafoyɛ kwan no akyi.

Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ dɛ “berɛ a yɛn abrabɔ mu adwendwen si Nyankopɔn ne nkwagyeɛ nhyehyɛɛ so … ne Yesu Kristo ne N’asɛmpa no, yɛbɛtumi ate anigyeɛ nka ɛmfa ho nea ɛrekɔ so—anaasɛ ɛnkɔ so—wɔ yɛn bra mu. Anigye fi Ne mu ne Ne nti.”

Alma, a ɔrekasa akyerɛ ne ba Helaman no, ɔpaee mu kaa sɛ: “Na afei, O me ba Helaman, hwɛ, wowɔ wo mmeranteberɛ mu, na ɛno nti, mesrɛ wo sɛ tie me nsɛm na sua me ho adeɛ; ɛfiri sɛ menim sɛ obiara a ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so no, wɔbɛboa no wɔ wɔn sɔhwɛ mu, ne wɔn amanehunu, na wɔama wɔn so wɔ da a ɛdi akyire no mu.”

Helaman, a ɔrekasa akyerɛ ne mmammarima no, ɔkyerɛkyerɛɛ daa nnyinasosɛm yi a ɛfa Agyenkwa no a yɛde bɛto yɛn abrabɔ mu mfimfini yi ho sɛ: “Monkae, monkae sɛ ɛyɛ yɛn Gyefoɔ a ɔne Kristo, Onyankopɔn Ba no botan so na ɛsɛ sɛ mosi ”

Mateo 14 yɛhu sɛ berɛ a Yesu tee Yohane Suboni wuo ho asɛm no, ɔhwehwɛɛ ankonamyɛ. Nanso, nnipakuo kɛseɛ bi dii N’akyi. Esiane sɛ ayamhyehyeɛ ne ɔdɔ kanyan Yesu, na wamma N’awerɛhoɔ no antwetwe n’adwene amfiri N’asɛmpatrɛɛ adwuma no so nti, ɔmaa wɔn akwaaba, saa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yareɛ. Berɛ a anwummerɛ rebɛn no, asuafoɔ no hyiaa asɛmdenden a emu yɛ den: nnipa bebree a na aduane sua. Wɔhyɛɛ nyansa sɛ Yesu mfa nnipadɔm no nkɔhwehwɛ aduane, nanso Yesu de ɔdɔ kɛseɛ ne akwanhwɛ kɛseɛ srɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔmma wɔn aduane mmom.

Berɛ a na asuafoɔ no ani agye asɛmdenden a ɛbaeɛ ntɛm ara no ho no, Yesu daa ne mu ahotosoɔ ne ɔdɔ a ɔwɔ ma N’agya no adi, na ɔdɔ a enhinhim a ɔwɔ ma nkurɔfo no ka ho. Ɔkyerɛɛ nnipakuo no kwan sɛ wɔntena ɛsrɛ no so, na ɔfaa paanoo num ne mpataa mmienu pɛ, na ɔfaa sɛ ɔbɛda N’agya ase, na Ɔgyee Onyankopɔn nsiesie a ɛsen Ne tumi ne ne tumi no toom.

Ɔdaa ase wieɛ no, Yesu bubuu paanoo no, na asuafo no kyekyɛɛ maa nkurɔfoɔ no. Anwanwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ sɛ aduane no dɔɔso nko, na mmom na ɛdɔɔso, na na nkɛntɛn 12 a wɔdi maa ɛkaeɛ ahyɛ mu mma. Na mmarima mpem num, ne mmaa ne mmɔfra ka kuo a wɔmaa wɔn aduane no ho.

Anwanwadeɛ yi ma yɛnya asuadeɛ a emu dɔ: Sɛ yɛhyia nsɛmdenden a, ɛnyɛ den sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ yɛn nsɛmdenden mu. Nanso, Yesu Kristo danee tumi adi a ɛwɔ sɛ yɛde yɛn adwene si N’Agya so, de aseda ma, na yɛgye tom sɛ ɛnyɛ berɛ nyinaa na yɛn sɔhwɛ ano aduro wɔ yɛn ankasa mu, na mmom ɛwɔ Onyankopɔn nkyɛn.

Sɛ yɛhyia asɛm a ɛyɛ den a, yɛtaa de yɛn adwene si akwansideɛ ahodoɔ a yɛhyia no so firi awosuo mu. Yɛn nsɛm denden yɛ nea wotumi hu na ɛhyɛ yɛn adwene, nanso nnyinasosɛm a ɛne sɛ yɛbɛdi so no wɔ yɛn adwene mu. Ɛnam Kristo a yɛde bɛsi yɛn nsusuyɛ ne yɛn nneyɛeɛ mu titiriw so no, yɛde yɛn ho hyɛ N’adwene ne N’ahoɔden mu. Saa nsakraeɛ yi nte yɛn apereaperedie so mmom, ɛboa yɛn ma yɛfa mu wɔ ɔsoro akwankyerɛ ase. Ne saa nti, yehu ano aduro ne mmoa a ɛfiri nyansa a ɛkorɔn mu ba. Saa adwene a ɛfa Kristo ho yi a yɛgye tom no ma yɛnya ahoɔden ne nhunumu a yɛde bɛdan yɛn sɔhwɛ ahodoɔ no nkonimdie, kae yɛn sɛ wɔ Agyenkwa no fam no, deɛ ɛte sɛ ɔhaw kɛseɛ no bɛtumi abɛyɛ kwan a ɛkɔ honhom mu nkɔsoɔ kɛseɛ mu.

Alma Kumaa no ho asɛm a ɔwɔ Mormon Nwoma no mu no de ɔgyeɛ ho asɛm a ɛyɛ den ne nkɛntɛnsoɔ a emu dɔ a ɛwɔ obi abrabɔ a ɔde bɛsi Kristo so no ma. Mfitiaseɛ no, Alma gyinaa hɔ sɛ Awurade Asɔre no sɔretiafoɔ, na ɔsii nnipa bebree kwan firii tenenee kwan no so. Nanso no, ɔsoro de ne ho gyee mu, a abɔfoɔ nsrahwɛ ka ho bi, nyanee no firii ne nneyɔɛ bɔne mu.

Wɔ ne dɔnhwere a ɛyɛ sum mu no, ne tibua buu no fɔ a ɛteetee no wɔ honhom mu akwan hwehwɛ mu, Alma kaee ne papa nkyerɛkyerɛ a ɛfa Yesu Kristo ne Ne tumi afɔrebɔ ho. Ɔde akoma a na n’ani bere ɔgyeɛ no, onu ne ho dendenden na ɔsrɛɛ Awurade mmɔborohunu. Saa berɛ titiriw yi a ɔde ne ho maeɛ koraa, de Kristo baa n’adwene mu berɛ a Alma de anibere hwehwɛɛ Ne mmɔborohunu no, kanyan nsakraeɛ a ɛyɛ nwanwa. Afobuo ne abasambuo nkɔnsɔnkɔnsɔn a emu yɛ duru no yerae na anigyeɛ ne asomdwoeɛ a ɛboro so sii ananmu.

Yesu Kristo ne yɛn anidasoɔ ne asetena mu yaw akɛseɛ ho mmuaeɛ. Ɔnam N’afɔrebɔ so tuaa yɛn bɔne ho ka na ɔfaa yɛn amanehunu nyina ara —ɛyaw, ntɛnkyea, awerɛhoɔ, ne ehu —na Ɔde kyɛ yɛn na ɔsa yɛn yareɛ berɛ a yɛde yɛn ho to No so na yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛsesa yɛn abrabɔ ama ayɛ yie. Ɔno ne yɛn Yaresafoɔ, ɔkyekyere yɛn akoma werɛ na ɔnam Ne dɔ ne ne tumi so siesie, te sɛ nea Ɔsaa nnipa bebree yareɛ wɔ Ne berɛ so wɔ asase so no ara pɛ. Ɔno ne nsuo a ɛte ase no, ɔde Ne dɔ ne ayamyɛ a ɛwɔ hɔ daa no di yɛn akra ahiadeɛ a emu dɔ no ho dwuma. Yei te sɛ bɔhyɛ a Ɔhyɛɛ Samariani baa no wɔ abura no ho, de “nsuo abura a ɛfifi kɔ daa nkwa mu.”

Medi adanseɛ anibere so sɛ Yesu Kristo te ase, sɛ Ɔdi yei, N’Asɔre kronkron no anim, Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Medi adanseɛ sɛ Ɔyɛ wiase Agyenkwa, Asomdwoeɛ hene, ahene mu Hene, awuranom mu Awurade, wiase no Gyefoɔ no. Mede awerɛhyemu si so dua sɛ yɛwɔ hɔ daa wɔ N’adwene ne N’akoma mu. Sɛ yei ho adanseɛ no, Wasan de N’asɔre no aba wɔ saa nna a ɛdi akyire yi mu na wafrɛ Titenani Russell M. Nelson sɛ Ne nkɔnhyɛni ne Asɔre no Titenani wɔ saa berɛ yi mu. Menim sɛ Yesu Kristo de ne nkwa maeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnya daa nkwa.

Berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde No bɛto yɛn abrabɔ mfimfini no, adiyisɛm da adi kyerɛ yɛn, N’asomdwoeɛ a emu dɔ kata yɛn so, na Ne Mpata a ɛnni ano no de yɛn bɔne fafirie ne ayaresa ba. Ɔno mu na yɛhu ahoɔden a ɛsɛ sɛ yɛdi so nkonim, akokoɔduro a yɛde bɛsi mu, ne asomdwoeɛ a ɛboro nteaseɛ nyinaa so. Ɛmmra sɛ yɛmmɔ mmɔden da biara sɛ yɛbɛbɛn No, adepa nyinaa farebea, anidasoɔ kanea wɔ yɛn akwantuo a yɛsan kɔ yɛn Soro Agya no anim no mu. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.