Amansan Nhyiamu
Anwanwadeɛ, Abɔfoɔ, ne Asɔfodie Tumi
Ɔforisuo 2024 amansan nhyiamu


Anwanwadeɛ, Abɔfoɔ, ne Asɔfodie Tumi

Sɛ mopɛ asɔfodie nhyira a anwanwadeɛ ne abɔfoɔ som ka ho a, monnante apam kwan a Onyankopɔn de ama no so.

Ɛnnɛ nnipa pii ka sɛ anwanwadeɛ nni hɔ bio, abɔfoɔ yɛ ayɛsɛm, na wɔato ɔsoro mu. Medi adanseɛ sɛ anwanwadeɛ nnyaeɛ, abɔfoɔ ka yɛn ho, na ɔsoro abue ampa.

Berɛ a yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, wɔ asase so no, Ɔde asɔfodie nsafoa maa Ne Somafoɔ panin Petro.1 Ɛnam saa nsafoa yi so no, Petro ne Asomafoɔ afoforɔ no dii Agyenkwa Asɔre no anim. Nanso berɛ a saa Asomafoɔ no wuwuiɛ no, wɔyii asɔfodie no nsafoa firii asase so.

Medi adanseɛ sɛ wɔasan de asɔfodie no tete nsafoa no aba. Petro, Yakobo, na Yohane ne tete nkɔnhyɛfoɔ afoforɔ yii wɔn ho adi sɛ abɔdeɛ a wɔanyane wɔn a wɔde deɛ Awurade kaa ho asɛm sɛ “m’ahennie nsafoa, ne asɛmpa no mmerɛ” maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith.”2

Wɔde saa nsafoa korɔ no ara afiri nkɔmhyɛni so akɔ nkɔmhyɛni so de bɛsi nnɛ. Mmarima 15 a yɛboa wɔn sɛ nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ no de wɔn di Agyenkwa Asɔre no anim. Te sɛ tete mmerɛ no, Ɔsomafoɔ panin baako wɔ hɔ a ɔkura na wɔama no tumi sɛ ɔmfa asɔfodie nsafoa nyinaa nni dwuma. Ɔyɛ Titenani Russell M. Nelson, nkɔnhyɛnyi ne Kristo Asɔre a wɔasane de aba no Titenani wɔ yɛn mmerɛ yi mu: Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ.

Yɛnam Agyenkwa Asɔre no so nya asɔfodie nhyira—a Onyankopɔn tumi a ɔde bɛboa yɛn wɔ yɛn abrabɔ mu ka ho. Wɔ asɔfodie nsafoa a wɔama ho kwan ase no, yɛhyɛ bɔ kronkron ma Onyankopɔn na yɛnya ayɛyɛdeɛ kronkron a ɛsiesie yɛn sɛ yɛbɛtena N’anim. Yɛde asubɔ ne denhyɛ rehyɛ aseɛ na afei wɔ tɛmpol mu no, yɛkɔ yɛn anim wɔ apam kwan bi so a ɛde yɛn sane kɔ Ne nkyɛn.

Yɛde nsa to yɛn tiri so a, yɛnya asɔfodie nhyira nso, a akwankyerɛ, awerɛkyekyerɛ, afotuo, ayaresa, ne tumi a yɛde bɛdi Yesu Kristo akyi ka ho. M’abrabɔ nyinaa mu no, tumi kɛseɛ yi ahyira me. Sɛdeɛ wɔada no adi wɔ twerɛsɛm mu no, yɛfrɛ no sɛ Melchisedek Asɔfodie kronkron no tumi.3

Wɔ me mmeranteberɛ mu no menyaa obuo kɛseɛ maa saa tumi yi, titire sɛdeɛ ɛdaa adi wɔ asɔfodie nhyira mu no. Berɛ a na meresom sɛ ɔsɛmpatrɛfoɔ kumaa wɔ Chile no, wɔkyeree me ne me hokafoɔ no, tetee mu. Wɔankyerɛ yɛn ne sɛnti da. Na ɛyɛ amammuo mu basabasayɛ kɛseɛ berɛ. Asraafoɔ polisifoɔ de nnipa mpempem pii guu afiase na wɔante wɔn ho asɛm bio.

Berɛ a wɔbisabisaa me nsɛm wieeɛ no, me nko ara na metenaa afiase dan bi mu, a na mennim sɛ ebia mɛsane ahunu m’adɔfoɔ bio anaa. Medanee me ho maa me Soro Agya, de nsiyɛ srɛɛ sɛ: “Agya, wɔakyerɛkyerɛ me berɛ nyinaa sɛ Wohwɛ W’asɛmpatrɛfoɔ so. Agya, mesrɛ wo, menyɛ biribi sononko, nanso mayɛ setie na mehia Wo mmoa anadwo yi.”

Wɔadua saa mmoa aba yi mfeɛ bebree a atwam. M’asubɔ akyi no, wɔhyɛɛ me den sɛ meyɛ Asɔre no ba na wɔmaa me Honhom Kronkron akyɛdeɛ. Berɛ a me nko ara mebɔɔ mpaeɛ wɔ afiase akyire no, Honhom Kronkron no baa me nkyɛn ntɛm ara na ɔkyekyeree me werɛ. Ɔde asɛm pɔtee bi a ɛfiri m’agyapanin nhyira mu baa m’adwene mu, a ɛyɛ asɔfodie nhyira foforɔ. Wɔ ɛmu no, Onyankopɔn hyɛɛ me bɔ sɛ ɛnam me nokorɛdie so no, wɔbɛtumi asɔ me ano wɔ tɛmpol mu mmerɛ ne daa ama ɔbaa ɔhoɔfɛfoɔ a suban pa ne ɔdɔ ahyɛ no ma, sɛ yɛbɛyɛ mmammarima ne mmammaa a wɔsom boɔ awofoɔ, na me nso wɔbɛhyira me na wɔama me so sɛ agya wɔ Israel.

Saa nkanyan nsɛm a a ɛfa me daakye ho no maa asomdwoeɛ hyɛɛ me kra ma. Mehunuu sɛ wɔfiri me Soro Agya dɔfoɔ, a ɔdi Ne bɔhyɛ so daa no hɔ.4 Saa berɛ no mu no, menyaa awerɛhyem sɛ wɔbɛgyae me na matena ase ahunu sɛ saa bɔhyɛ ahodoɔ no abam.

Bɛyɛ afe akyi no, Ɔsoro Agya hyiraa me ampa na ɔmaa me ɔyere hoɔfɛfoɔ a suban pa ne ɔdɔ ahyɛ no ma. Wɔsɔɔ me ne Lynette ano wɔ tɛmpol mu. Wɔhyiraa yɛn mmammarima baasa ne mmamma baanan a wɔsom bo. Mebɛyɛɛ agya, ne nyinaa sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ ahodoɔ teɛ wɔ agya panin nhyira a menyaeɛ berɛ a na meyɛ abarimaa a madi mfeɛ 17 no mu

“Enti, me nuanom mmarima adɔfoɔ [ne anuanom mmaa], anwanwadeɛ agyae esiane sɛ Kristo aforo akɔ soro no nti?

“Daabi; abɔfoɔ nso nnyaee nnipa mma som.”5

Medi adanseɛ sɛ anwanwadeɛ ne ɔsom adwuma rekɔ so daa wɔ yɛn abrabɔ mu, mpɛn pii no sɛ asɔfodie tumi mu aba teɛ. Asɔfodie nhyira binom ba mu ntɛm ara, wɔ akwan ahodooɔ a yɛtumi hunu na yɛte aseɛ. Afoforɔ nso reda adi nkakrankakra na wɔrenhunu ne nyinaa wɔ asetena yi mu. Nanso Onyankopɔn di Ne bɔhyɛ nyinaa so, berɛ nyinaa, sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ twerɛtohɔ yi mu firi yɛn abusua abakɔsɛm mu no:

Me nanabarima, Grant Reese Bowen yɛ ɔbarima a ɔwɔ gyedie kɛseɛ. Mekae yie sɛ metee sɛ ɔreka sɛnea ɔnyaa n’ankasa agya manin nhyira. Ɔtwerɛɛ wɔ ne nsɛmma nwoma mu sɛ: “Agya panin no hyɛɛ me bɔ sɛ ɔbɛma me ayaresa akyɛdeɛ. Ɔkaa sɛ, ‘Wobɛsa ayarefoɔ yareɛ. Aane, . wɔbɛnyane awufoɔ wɔ wo nsa ase.’”

Mfeɛ bi akyi, na Nana reboaboa ɛsrɛ ano berɛ a ɔtee nkanyan sɛ ɔsane nkɔ fie. N’agya a ɔreba ne nkyɛn no hyiaa no. N’agya kaa sɛ: “Grant, wo maame awu seesei ara.”

Mesane fa Nana nsɛmma nwoma mu asɛm ka sɛ: “Mannyina na mmom mede ahopere kɔɔ fie hɔ wɔ anim abranaa a ɔda mpa so wɔ so no. Mehwɛɛ no ​​na mehunuu sɛ nkwa ho sɛnkyerɛnneɛ biara nni ne mu. Mekaee me agya panin nhyira ne bɔhyɛ a ɛne sɛ sɛ medi nokorɛ a, ɛnam me gyedie so ayarefoɔ bɛnya ayaresa na manyane awufoɔ. Mede me nsa too ne tiri so, na meka kyerɛɛ Awurade sɛ sɛ bɔhyɛ a ɔnam agya panin no so de maa me no yɛ nokorɛ a, ɔmma ɛnna adi saa berɛ yi na ɔmma me maame nsane mmra nkwa mu. Mehyɛɛ No bɔ sɛ sɛ Ɔbɛyɛ yei a, ɛnsɛ sɛ metwentwɛn me nan ase da sɛ mɛyɛ nea mɛtumi nyinaa ama N’ahemman a wɔbɛkyekyerɛ no. Berɛ a merebɔ mpaeɛ no, ɔbuee n’ani kaa sɛ, ‘Ma me so. Makɔ Honhom Wiase mu, nanso moasan afrɛ me aba. Ma yei nyɛ adanseɛ mma wo ne m’abusuafoɔ a aka no mmerɛ nyinaa.’”

Titenani Russell M. Nelson akyerɛ yɛn sɛ yɛnhwehwɛ na yɛnhwɛ anwanwadeɛ kwan.6 Medi adanseɛ sɛ ɛnam sɛ wɔasane de asɔfodie no aba nti, Onyankopɔn ahoɔden ne tumi wɔ asase so. Ɛnam frɛ ne agyinatukuo so, mmarima ne mmaa, nkumaa ne mpanin, bɛtumi de wɔn ho ahyɛ asɔfodie adwuma mu. Ɛyɛ anwanwadeɛ adwuma, a abɔfoɔ ba bi. Ɛyɛ ɔsoro adwuma, na ɛhyira Onyankopɔn mma nyinaa.

Wɔ 1989 mu no, na yɛn abusua a yɛyɛ baason resane afiri ward nsrahwɛ bi. Na adeɛ asa. Na Lynette rehwɛ yɛn ba a ɔtɔ so nsia kwan. Ɔtee atenka dennnen sɛ ɔmmɔ n’akonnwa mu abɔsoɔ, a na ne werɛ afiri sɛ ɔbɔ. Ɛno akyi berɛ tiawa bi no, yɛduruu kɔɔfo bi so wɔ ɔkwan no mu; kaa bi twaa kwan no mu baa yɛn deɛ mu. Berɛ a na merekɔ bɛyɛ akwansin 70 (kilomita 112) dɔnhwere biara no, metwee me ho sɛnea ɛbɛyɛ a menkɔpem kaa a ɛreba no. Yɛn kaa no muni faa so wɔ kwantempɔn no so, bɔtraa kwanno, na na ɛgyinaeɛ, na ɛde ɔkwantufoɔ fa no hwee dɔteɛ no mu.

Adeɛ a ɛdi hɔ a mekae sɛ meteeɛ yɛ Lynette nne: “Shayne, ɛsɛ sɛ yɛfa wo pono mu pue.” Na m’akonnwa mu abɔsoɔ no asɔ me mu sɛnsɛn ewiem. Ɛdii simmakwaa kakra bi na merehunu kwan. Yɛhyɛɛ aseɛ maa mmɔfra no mu biara so firii kaa no mu faa me mpoma a afei adane kaa no atifi no mu. Na wɔresu, na wɔredwennwene nea asie ho.

Ankyɛ na yɛhunuu sɛ yɛn babaa Emily a wadi mfe 10 no ayera. Yɛteaam bɔɔ ne din, nanso mmuaeɛ biara amma. Na Ward mma a wɔn nso retu kwan akɔ fie no wɔ baabi a asɛm no siiɛ no de ahopere rehwehwɛ no. Na ɛyɛ sum kabii. Mesane de kanea hwɛɛ kaa no mu bio, na nea ɛyɛɛ me hu no, mehunuu Emily nipadua ketewa no sɛ ɛhyɛ kaa no ase. Mede ahopereɛ teaam sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛpagya kaa no firi Emily so.” Mesɔɔ soro no na metwe baa akyire. Na afoforɔ kakra bi pɛ na wɔrepagya, nanso kaa no danee ne ho anwanwakwan so wɔ ne ntaese so, na ɛyii Emily nipadua a nkwa nnim no pueeɛ.

Na Emily nhome. Na n’anim ayɛ kɔkɔɔ. Mekaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛhyira no.” Ɔyɔnkoɔ dɔfoɔ ne ward ba bi ne me kotoeɛ, na ɛnam Melkizedek Asɔfodie tumi so, wɔ Yesu Kristo din mu no, yɛhyɛɛ no ​​sɛ ɔntena ase. Saa berɛ no mu no, Emily guu ahome tenten bi.

Mmerɛ tenten nyinaa akyi no, ambulans no duruu hɔ. Wɔde Emily kɔɔ ayaresabea wɔ mmirika so. N’aharawa abubu na ne kotodwe mu ntini atwa. Na yɛredwene n’amemene sɛeɛ ho esiane berɛ a na ɔnni mframa pa nti. Na Emily tɔree mum da koro ne fa. Yɛkɔɔ so bɔɔ mpaeɛ kyenee kɔm maa no. Wɔhyiraa no ma ne ho tɔɔ no koraa. Ɛnnɛ, Emily ne ne kunu Kevin yɛ mmammaa baasia awofoɔ.

Anwanwasɛm ne sɛ, obiara a aka tumi nante kɔeɛ. Akokoaa a na Lynette kura no yɛ Tyson. Wɔyii ɔno nso firii ɔhaw biara mu na wɔwoo no Ɔgyefuo a ɛdi hɔ no mu. Bosome nnwɔtwe akyi, berɛ a Tyson nsa kaa n’asase so nipadua no, ɔsane kɔɔ fie wɔ yɛn Soro Agya nkyɛn. Ɔyɛ yɛn bɔfoɔ hwɛsofoɔ babarima . Yɛte ne nkɛntɛnsoɔ nka wɔ yɛn abusua mu na yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛka ne ho bio.7

Wɔn a wɔpagyaa kaa no firii Emily so no hunuu no sɛ kaa no mu duru nyɛ hwee. Mehunuu sɛ ɔsoro abɔfoɔ ne asase so abɔfoɔ kaboom pagya kaa no firii Emily nipadua so. Menim nso sɛ ɛnam asɔfodie kronkron no tumi so Emily sane baa nkwa mu.

Awurade daa saa nokorɛ yi adi kyerɛɛ N’asomfoɔ: “Mɛdi mo anim kan. Mɛtena mo nsa nifa ne mo benkum so, na me Honhom bɛtena mo akoma mu, na m’abɔfoɔ atwa mo ho ahyia, sɛ wɔbɛsoa mo.”8

Medi adanseɛ sɛ “Asɔfodie Kronkron no, wɔ Onyankopɔn Ba no Nhyehyɛeɛ so”9—Melkisedek Asɔfodie no—ne ne nsafoa, tumdie ne tumi no, wɔasane de aba asase so wɔ nna a ɛdi akyire yi mu. Menim sɛ ɛwom sɛ ɛnyɛ tebea nyinaa na ɛbɛdane sɛnea yɛbɛtumi anya anidasoɔ na yɛabɔ mpae deɛ, nanso Onyankopɔn anwanwadeɛ bɛba berɛ nyinaa sɛnea N’apɛdeɛ, Ne berɛ, ne Ne nhyehyɛeɛ a wayɛ ama yɛn no teɛ.

Sɛ mopɛ asɔfodie nhyira, a anwanwadeɛ ne abɔfoɔ som ka ho a, meto nsa frɛ mo sɛ monnante apam kwan a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara no so. Asɔremma ne akannifoɔ a wɔdɔ mo bɛboa mo ma moatu anammɔn a ɛdi hɔ.

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, te ase na ɔnam nkɔnhyɛfoɔ a wɔte aseɛ a wɔkura asɔfodie nsafoa na wɔde di dwuma so di N’Asɔre anim. Honhom Krɔnkrɔn no yɛ nokorɛ. Agyenkwa no de Ne nkwa maae sɛ ɛbɛsa yɛn yareɛ, asane agye yɛn, na ɛde yɛn aba fie.

Medi adanseɛ sɛ anwanwadeɛ to ntwaeɛ, abɔfoɔ ka yɛn ho, na ɔsoro abue ampa. Na o, hwɛ sɛnea wɔabue wɔn ani! Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.