Amansan Nhyiamu
Nokorɛdieie kɔsi Awieeɛ
Oforisuo 2024 amansan nhyiamu


Nokorɛdie kɔsi Awieeɛ

Ɛnam Ne nsa so no, wobɛtumi de Goliat biara a ɛbɛda adi wɔ w’abrabɔ mu no agu fam.

Nnamfonom nkumaa adɔfoɔ, ɛnnɛ mepɛ sɛ me ne mo kasa tee—Asɔre no mmabunu.

Ɛyɛ afe a atwam firi berɛ a wɔfrɛɛ yɛn Mmaabunu Atitenafoɔ Mpanimfoɔ. Hwɛ sɛnea nneɛma pii asi wɔ afe a atwam yi mu!

Yɛahyia mo mu bebree na yɛasua Kristo nkyerɛkyerɛ abom. Yɛato nnwom, yɛanya nnamfoɔ foforɔ, na yɛne mo asom wɔ yɛn mpɔtam hɔ. Wɔahyɛ yɛn den ɛnam mo adansedie a yɛtie wɔ mmabunu nhyiamu ne wiase nsɛm a ɛsisiiɛ mu no so. Na yɛabom asom wɔ Awurade fie.

Berɛ biara, yɛaka nkrasɛm bi a ɛfiri yɛn Awurade Yesu Kristo hɔ. Anadwo yi renyɛ sononko; Mewɔ nkrasɛm bi ma mo, Yesu Kristo Asɔre no mmabunu.

Nsɛmmisa Kɛseɛ no

Ɛnti woasusu sɛnea wobɛtumi adi Onyankopɔn nokorɛ berɛ a wote wiase a bɔne wom mu no ho pɛn? Ɛhe na wonya ahoɔden a wode bɛkɔ w’anim na woakɔ so ayɛ papa? Ɔkwan bɛn so na wonya anigyeɛ ankasa?

Me susu sɛ Dawid ne Goliat suahunu no bɛtumi aboa.

Dawid ne Goliat

Wɔ Apam Dada no mu no, na Filisifoɔ asraafoɔ ne Israelfoɔ no reko, na anɔpa biara ne anwummerɛ biara, Filisini ɔbrane bi a wɔfrɛ no Goliat twaa Israelni biara mpoa sɛ ɔne no nko.

Mfoni
David ne Goliath.

Na Dawid, odwanhwɛfoɔ kumaa bi a na ɔsua koraa sene Goliat nanso na ɔwɔ Yesu Kristo mu gyedie kɛseɛ no te Israelfoɔ no mu! Dawid tuu ne ho mae sɛ ɔbɛko. Ɔhene no mpo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsi no kwan, nanso Dawid faa sɛ ɔde ne ho bɛto Yesu Kristo so.

Kane no, na Dawid ne gyata ne ɔsebɔ nso ako. Ɛfiri n’ankasa suahunu mu hunuu sɛ Onyankopɔn abɔ ne ho ban na wama wadi nkonim. Wɔ Dawid fam no, na Onyankopɔn asɛm no ne ade titiriw a ɛde baeɛ. Ɛnti, berɛ a na gyedie a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn bi a ɔrennya no mu ayɛ no ma no, ɔboaboaa aboɔ nnum a ɛyɛ torotoro ano, faa ne nkrantɛ, na ɔkɔɔ ɔbrane no anim.

Mfoni
Dawid aboɔ num no.

Twerɛsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ ɔboɔ a ɛdi kan a Dawid too no bɔɔ Goliat moma so, na ɛde ne nkwa baa awieɛ.

Mmuaɛ no a Worehwehwɛ

Berɛ a Dawid de ɔboɔ baako pɛ kum Goliat no, na wasiesie ne ho de nnum. De nnum.! Wei ma me susu sɛnea mɛtumi asiesie me ho de ahyia wiase no ho.

Na sɛ Dawid aboɔ no mu biara gyina hɔ ma ahoɔden bi a yɛhia na ama yɛadi nkonim wɔ yɛn asetena mu nso? Dɛn na ɛbɛtumi ayɛ saa aboɔ nnum no? Me susu nneɛma a ɛbɛtumi aba yi ho:

  1. Ɔboɔ a ɛyɛ ɔdɔ a mewɔ ma Onyankopɔn.

  2. Ɔboɔ a ɛyɛ me gyedie wɔ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo mu.

  3. Ɔboɔ a ɛyɛ nimdeɛ a ɛfa me nipasu ankasa ho.

  4. Ɔboɔ a ɛyɛ me da biara da adwensakyera.

  5. Ɔboɔ a Onyankopɔn tumi a mɛnya.

Momma yɛnka sɛnea ahoɔden yi hyira yɛn ho asɛm.

Nea ɛdi kan no, ɔboɔ a ɛyɛ ɔdɔ a mewɔ ma Onyankopɔn. Onyankopɔn dɔ ne ahyɛdeɛ kɛseɛ a edi kan. De Ma Mmabunu Ahoɔden kwankyerɛ kyerɛkyerɛ yɛn sɛ: “Onyankopɔn dɔ wo. Ɔno ne wo Agya. Ne dɔ a ɛyɛ pɛ no bɛtumi akanyan wo ama woadɔ No. Sɛ wo dɔ ma Ɔsoro Agya no ne nkɛntɛnsoɔ a ɛho hia paa wɔ w’abrabɔ mu a, agyinasie bebree bɛyɛ mrɛ.”

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn na yɛne No ntam abusuabɔ a ɛmu yɛ den ma yɛn ahoɔden a yɛhia na yɛatumi asakyera yɛn akoma na yɛadi yɛn nsɛm denden so ntɛm.

Nea ɛto so mmienu, ɔboɔ a ɛyɛ me gyedie wɔ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo mu. Berɛ a Yesu Kristo baa asase so no, ɔhunuu amane maa yɛn bɔne, na Ɔfaa yɛn awerɛhoɔ, yɛn yaw, yɛn mmerɛyɛ, ne yɛn honam ne adwene mu nyarewa too Ne ho. Ɛno nti na Ɔnim sɛdeɛ ɔbɛboa yɛn. Gyedie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu no kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto Ne nyansa, Ne berɛ, Ne dɔ, ne Ne tumi a ɔde bɛpata yɛn bɔne so koraa. Yesu Kristo mu gyedie boɔ no bɛdi “ɔbrane” biara a ɔwɔ yɛn asetena mu no so nkonim. Yɛbɛtumi adi wiase a ahweaseɛ yi so nkonim ɛfiri sɛ Ɔdii kan dii so nkonim.

Nɔma mmiɛnsa, ɔboɔ a ɛyɛ nimdeɛ a ɛfa me nipasu ankasa ho. Yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ, Titenani Russell M. Nelson, kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛn nipasu a ɛhia paa ne sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, apam mma, ne Yesu Kristo n’asuafoɔ.

Biribiara sesa berɛ a menim onipa ko a meyɛ ankasa no. Sɛ megye me tumi ho kyim a, metaa ka kyerɛ me ho wɔ m’adwene mu anaa mede dede ka sɛ, “Meyɛ Onyankopɔn babaa, meyɛ Onyankopɔn babaa,” mpɛn dodoɔ a mehia kɔsi sɛ mɛsan anya ahotɔsoɔ sɛ mɛkɔ so ayɛ adwuma.

Deɛ ɛtɔ so nan, ɔboɔ a ɛyɛ me da biara da adwensakyera. Wɔ Ɔde ma Mmabunu Ahoɔden kwankyerɛ nwoma mu no, yɛkenkan sɛ “Adwensakyera nnyɛ bɔne ho asotwe ɛyɛ ɔkwan a Agyenkwa no fa so gye yɛn firi bɔne mu. Sɛ wobɛsakyera no kyerɛ sɛ wobɛsesa―sɛ wobɛdane wo ho afiri bɔne ho na woakɔ Onyankopɔn nkyɛn. Ɛkyerɛ sɛ wobɛtu mpɔn na woanya bɔne fafiri. Nsakyeraeɛ a ɛte saa nyɛ adeyɛ a ɛba prɛko pɛ na mom ɛyɛ adeyɛ a ɛkɔ so.”

Biribiara nni hɔ a ɛma fowohodie sene sɛ yɛbɛte Onyankopɔn bɔne fafiri nka na yɛahu sɛ yɛn ho te na yɛne No te asetena pa. Bɔnefakyɛ wɔ hɔ ma obiara.

Ɔboɔ a ɛtɔ so nnum no ne ɔboɔ a ɛyɛ Onyankopɔn tumi a mɛnya. Apam a yɛne Onyankopɔn yɛ, te sɛ deɛ yɛyɛ wɔ asubɔ ho nhyehyɛeɛ mu no, ma yɛn kwan kɔ nyamesom tumi mu. Onyankopɔn tumi yɛ tumi ankasa a ɛboa yɛn ma yɛgyina nsɛm denden ano, si agyinaɛ pa, na ɛma yɛtumi gyina tebea ahodoɔ a ɛmu yɛ den ano no yɛ kɛseɛ. Ɛyɛ tumi a yɛbɛtumi de anyini wɔ tumi pɔtee a yɛhia no mu.

Ɛde Ma Mmabunu Ahoɔden kwankyerɛ kyerɛkyerɛ: “Apam de yɛnka Ɔsoro Agya ne Agyenkwa no ho. Wɔma Onyankopɔn tumi yɛ kɛse wɔ w’asetena mu.”

Momma yɛnka saa abusuabɔ no ho asɛm. Kae berɛ a Kristo kyerɛkyerɛɛ nsonsonoeɛ a ɛda fie a wɔasi wɔ ɔbotan so ne nea wɔasi wɔ anwea so ntam no? Ɛlda Dieter F. Uchtdorf kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Efie ntumi nnya nkwa wɔ ahum mu ɛfirisɛ fie no mu yɛ den. Ɛnyɛ ɔbotan no mu dene ara kwa nti na ɛtena ase nso. Efie no nya nkwa wɔ ahunu no mu efirisɛ ɛbata saa ɔbotan a ano yɛ dene no ho dendeeden. Ɛyɛ ahoɔden a ɛwɔ nkutahodie de kɔ ɔbotan a ɛho hia no so.”

Mfoni
Efie a wɔasi wɔ ɔbotan bi so.

Yɛn ankasa abusuabɔ a yɛne Yesu Kristo wɔ no bɛma yɛanya akokoɔduro ne ahotɔsoɔ a yɛde bɛkɔ yɛn anim wɔ nnipa a wɔnkyerɛ obuo mma yɛn gyedie anaa wɔyɛ yɛn basabasa no mu. Kristo to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmfa No nsie yɛn adwene mu daa; Ɔka kyerɛ yɛn sɛ, “Monhwɛ me wɔ adwene biara mu.” Sɛ yɛdwene Agyenkwa no ho a, ɛma yɛn adwene mu da hɔ sɛ yɛbɛsi gyinaeɛ, yɛayɛ adeɛ a yɛnsuro, na yɛaka dabi wɔ deɛ ɛne Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ bɔ abira no ho. Sɛ me da no yɛ den na mete nka sɛ mentumi nnye bio a, Kristo ho adwene ma me asomdwoeɛ na ɛma menya anidasoɔ.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Yesu Kristo tumi yi adi dwuma? Yɛn apam a yɛbɛdi so na yɛama yɛn gyedie wɔ Yesu Kristo mu ayɛ kɛseɛ no yɛ adeɛ titire.

Nokorɛ mu no, me yam a anka Dawid nyaa ɔboɔ baako bio a ɛbɛyɛ ɔboɔ a ɛyɛ m’adansedie. Yɛn adansedie no nam ankorankorɛ honhom mu suahunu a yɛhunu ɔsoro nkɛntɛnsoɔ a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu no so na ɛkyekyere. Obiara ntumi nnye saa nimdeɛ no mfiri yɛn nsam. Nea yɛnim firi yɛn honhom mu suahunu ahodoɔ a yɛde tenaa ase no a yɛbɛhu no boɔ yɛ den. Sɛ yɛdi saa nimdeɛ no nokorɛ a, ɛma yɛnya fahodie. Ɛma yɛn anigyeɛ! Sɛ yɛdɔ nokorɛ no a, yɛbɛhwehwɛ, na sɛ yɛhunu pɛ a, yɛbɛbɔ ho ban.

Nsatoɔ Krataa

Sɛdeɛ mɛyi ɔboɔ a ɛtɔ so nsia no, meto nsa frɛ mo sɛ mo ne mo adesuakuo, quorum, anaa abusua nhyia na monwene ahoɔden foforɔ a ɛhia sɛ monya na moakɔ so adi nokorɛ ama Onyankopɔn na, ɛno nti, moadi wiase so nkonim.

Bɔhyɛ Bi

Nnamfoɔ adɔfoɔ, Kristo ho pere no sɛ ɔbɛka yɛn ho wɔ yɛn abrabɔ mu akwantuo no mu. Mehyɛ wo bɔ sɛ, berɛ a wokura dadeɛ poma no mu no, wo ne Yesu Kristo bɛto nsa abɔ mu. Ɔbɛ bɔ wo ho ban, na Ɔbɛ kyerɛkyerɛ wo. Ɛnam Ne nsa, so no, wobɛtumi de Goliat biara a ɛbɛda adi wɔ w’abrabɔ mu no agu fam.

Adanseɛ

Megye di sɛ anigyeɛ wɔ mpaebɔ mu dabiara, wɔ Mormon Nwoma no akenkan mu dabiara, wɔ sakrament no mu Kwasiada biara, ne seminary kɔ mu—anɔpatutuutu mpo! Anigyeɛ wɔ papayɛ mu.

Anigyeɛ wɔ mu sɛ wobɛdi nokorɛ ama amansan Nyankopɔn, wiase Agyenkwa, Ahene mu Hene no. Anigyeɛ wɔ Yesu Kristo suani a yɛbɛyɛ no mu.

Onyankopɔn yɛ yɛn Agya. Onim w’akoma mu akɔnnɔ ne nea ɛbɛtumi aba, na Ɔde ne ho to wo so.

Mmabunu adɔfoɔ, Yesu Kristo bɛboa mo ma moadi nokorɛ akɔsi awieɛ Nokorɛ yi ho na medi m’adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.