Amansan Nhyiamu
Sɔre! Ɔrefrɛ Wo
Oforisuo 2024 amansan nhyiamu


Sɔre! Ɔrefrɛ Wo

Asɛmpa no nyɛ kwan a yɛde kwati ɔhaw ne amanehunu na mmom anoyie a ɛma yɛn gyedie yɛ kɛse na yɛsua sɛdeɛ yɛbɛsɔ ano.

Berɛ bi a atwam mebisaa me yere sɛ, “Wobɛtumi akyerɛ me deɛ enti a, menhyɛ da nkae, yɛnnyaa ɔhaw kɛseɛ biara da wɔ yɛn abrabɔ mu?”

Ɔhwɛɛ me na ɔkaa sɛ, “Aane. Mɛkyerɛ wo deɛ enti a yɛnnyaa ɔhaw kɛseɛ biara da—ɛfiri sɛ wo werɛ firi adeɛ ntɛm!”

Ne nyansa mmuaeɛ ntɛm so no maa mehunuu bio sɛ wode Yesu Kristo asɛmpa no rebɔ bra nyi yea ne nsɔnhwɛ, a ɛhia ma ɛnyini mfiri hɔ.

Asɛmpa no nyɛ kwan a yɛde kwati ɔhaw ne amanehunu na mmom anoyie a ɛma yɛn gyedie yɛ kɛse na yɛsua sɛdeɛ yɛbɛsɔ ano.

Menyaa saa nokorɛ yi ho atenka abosome kakra bi a atwam, berɛ a da bi na menam, na mpofirem m’ani so yɛɛ me wisiwisi, tumm, a na menhunu adeɛ. Ehu kaa me. Afei, dɔkotafoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ woanhyɛ aduyɛ ase mprempren yi ara a, w’ani bɛtumi afira nnawɔtwe kakra bi ntam. Ehu kaa me kɛse.

Na afei wɔkaa sɛ: “Wohia ani aduro paneɛ—paneɛ a wɔde wɔ ani ankasa—ani a abue hoo—nnawɔtwe nan biara, wɔ wo nkwa nna a aka nyinaa.

Na ɛyɛ kɔkɔbɔ a ɛnyɛ ahomeka.

Afei adwene bi baa me tirim te sɛ asɛmmisa. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, “Yoo! Me honam mu ani nyɛ papa, na me honhom mu anisoadehunu ɛ? Ɛhɔ nso mehia ayaresa bi anaa? Na aseɛ ne sɛn, sɛ wobɛnya honhom mu anisoadehunu a ɛyɛ pefee?”

Medwendwenee abasɛm a ɛfa onifirani bi a wɔfrɛ no Bartimeo ho, a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Marko asɛmpa no mu. Twerɛsɛm no ka sɛ “Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ɔhyɛɛ aseɛ teaa mu sɛ, Dawid Ba Yesu, hu me mmɔbɔ.”

Sɛ wohwɛ mu a, bebree ani so no, na Yesu yɛ Yosef ba, enti adɛn na Bartimeo frɛɛ no “Dawid Ba”? Ne tiawa mu ara ne sɛ, ɛfiri sɛ ɔhunuu sɛ na Yesu ne Mesaia no ampa, deɛ wɔhyɛɛ ne ho nkɔm sɛ wɔbɛwo no sɛ Dawid aseni no.

Ɛyɛ anikasɛm sɛ saa onifirani yi a na ɔnni honam mu ani no, hunuu Yesu. Ɔhunuu wɔ honhom mu deɛ na ɔntumi nhunu no honam mu, berɛ a na afoforɔ bebree hunu Yesu wɔ honam mu nanso honhom mu na wɔyɛ anifirafoɔ koraa.

Yɛsua bebree fa honhom mu anisoadehunu pefee ho firi saa abasɛm yi mu.

Yɛkenkan s[, “Na bebree kaa n’anim sɛ ɔmmua n’ano: nanso ɔkɔɔ so teateaa mu dennen sɛ, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ.”

Wɔn a na wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa kaa sɛ ɔnyɛ komm, nanso ɔteateaa mu kɛse mpo ɛfiri sɛ na ɔnim sɛdeɛ Yesu teɛ ankasa. Wammua saa ɛnne ahodoɔ no na ɔteateaa mu mpo kɛse.

Ɔyɛeɛ a wanhwɛ wɔn. Ne sintɔ tebea no nyinaa akyi, ɔde ne gyedie kɔ boroo ne sintɔ no.

Enti, nnyinasosɛm a ɛdi kan a yɛsua ne sɛ Yɛkora honhom mu anisoadehunu a ɛyɛ pefee berɛ a yɛde yɛn ani si Yesu Kristo so na yɛdi nokorɛ ma deɛ yɛnim sɛ ɛyɛ nokorɛ.

Anuanom mmarima ne mmaa, sɛ yɛbɛkora yɛn honhom mu ani yie a, yɛhia sɛ yɛsi gyinaeɛ sɛ yɛrentie wiase ɛnne ahodoɔ a atwa yɛn ho ahyia. Wɔ basabasayɛ ne sakasaka wiase yi mu, ɛsɛ sɛ yɛyɛ anokwafoɔ ma deɛ yɛnim, anokwafoɔ ma yɛn apam ahodoɔ, anokwafoɔ wɔ mmaransɛm no kora mu, na yɛhyɛ yɛn gyedie mu den, te sɛ deɛ saa ɔbarima yi yɛeɛ no. Ɛwɔ sɛ yɛtea yɛn adanseɛ fa Awurade ho mu mpo kɛse kyerɛ wiase. Na saa ɔbarima yi nom Yesu, ɔyɛɛ ɔnokwafoɔ maa deɛ na ɔgye die, na wamma ɛnne a na atwa ne ho ahyia no ansi no kwan.

Ɛnne ahodoɔ bebree na ɛwɔ hɔ ɛnnɛ a wɔrepere sɛ wɔbɛbrɛ yɛn nne ase sɛ Yesu Kristo asuafoɔ. Wiase nne ahodoɔ no repere sɛ wɔbɛka yɛn ahyɛ, ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛpae mu ka yɛn adanseɛ fa Agyenkwa no ho kɛse ne dennen. Ɛnne ahodoɔ a ɛwɔ wiase mu nyinaa, Awurade rehwɛ me ne wo sɛ yɛbɛpae mu aka yɛn adanseɛ, ama yɛn nne so, na yɛabɛyɛ Ne nne. Sɛ yɛanyɛ a, hwan na ɔbɛdi Yesu Kristo ho adanseɛ? Hwan na ɔbɛbɔ Ne din, na wapae mu aka Ne botaeɛ kronkron no?

Yɛwɔ honhom mu ahyɛdeɛ a ɛfiri nimdeɛ a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu.

Na deɛn na Bartimeo yɛeɛ wɔ ɛno akyi?

Ɔsan yɛɛ Awurade ahyɛdeɛ sɛ sɔre, wɔ gyedie mu.

Twerɛsɛm no ka sɛ, “Na ɔtoo ne ntoma guui, sɔree, na ɔbaa Yesu nkyɛn.”

Ɔbarima ɔhobrɛaseni ne ɔnokwafoɔ no tee aseɛ sɛ ɔbɛtumi asɔre ama asetena papa berɛ a Yesu ahyɛ. Na ɔnim sɛ ɔyɛ papa sene ne tebea no, na adeɛ a ɔdii kan yɛeɛ berɛ a ɔtee sɛ Yesu refrɛ no ne sɛ ɔbɛto n’adesrɛfoɔ ataadeɛ no agu.

Bio, ɔyɛeɛ a wanhwɛ afoforɔ.

Ebia ɔdwenee sɛ, “Menhia yei bio, seesei a Yesu aba m’abrabɔ mu yi. Yei yɛ da foforɔ. Me ne saa awerɛhoɔ asetena yi awie. Sɛ Yesu wɔ mu a mɛtumi ahyɛ abrabɔ foforɔ a anigyeɛ ne ɛdɛ wom ase wɔ Ne mu, ne No, na ɛnam Ne so. Na memfa ho ne deɛ wiase dwene fa me ho. Yesu refrɛ me, na Ɔbɛboa me ma manya asetena foforɔ.”

Hwɛ nsesaeɛ sononko!

Berɛ a ɔtoo n’adesrɛfoɔ ataadeɛ guui no, ɔtoo nkyerɛkyerɛmu biara guui.

Na yei yɛ nnyinasosɛm a ɛtɔ so mmienu—Yɛkora honhom mu anisoadehunu a ɛyɛ pefee berɛ a yɛgya honam mu onipa no wɔ akyire, sakyera, na yɛhyɛ abrabɔ foforɔ ase wɔ Yesu mu.

Kwan a yɛfa so yɛ ne sɛ yɛyɛ na yɛkora apam ahodoɔ sɛ ɛnam Yesu Kristo so yɛbɛsɔre ama asetena papa.

Mprɛ dodoɔ a yɛma anoyie de kyerɛ yea a yɛn ankasa wɔ, yea ma yɛn tebea ne ɔhaw ahodoɔ ne nneɛma bɔne ahodoɔ a ɛrekɔso wɔ yɛn abrabɔ mu, ne mpo nnipa bɔne ahodoɔ a yɛdwene sɛ wɔmma yɛn ani nnye no, yɛkɔ so kora ɔdesrɛfoɔ ataadeɛ no wɔ yɛn mmatiri so. Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛtɔ da a nkorɔfoɔ, sɛ wɔnim anaasɛ wɔnnim, pira yɛn. Nanso yɛhia sɛ yɛsi gyinaeɛ sɛ yɛde gyedie wɔ Kristo mu bɛyɛ berɛ a yɛyi adwene ne atenka mu ataadeɛ a ebia yɛda so hyɛ de kata anoyie anaasɛ bɔne so no, na yɛto twene, berɛ a yɛnim sɛ Ɔbɛtumi na ɔbɛsa yɛn yareɛ.

Anoyie papa biara nni hɔ da sɛ wobɛka sɛ, “Mete sɛdeɛ meteɛ no ɛnam tebea a ɛnyɛ papa na ɛnyɛ ahomeka binom nti. Na mentumi nsesa, na medi bem.”

Sɛ yɛdwene saa a, yɛsi gyinaeɛ sɛ yɛbɛdi afoforɔ akyi.

Yɛkora ɔdesrɛfoɔ ataadeɛ no.

Yɛreyɛ wɔ gyedie mu kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho reto yɛn Agyenkwa no so, agye adi sɛ ɛnam Ne Mpata no so, yɛbɛtumi asɔre atra biribiara a Ɔhyɛ.

Nnyinasosɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ nsɛmfua nan a ɛtwa toɔ no mu: “[ɔ] baa Yesu nkyɛm.”

Ɔyɛɛ dɛn tumi kɔɔ Yesu nkyɛn berɛ a ɔyɛ onifirani? Ɛkwan a na ɛwɔ hɔ ara ne sɛ ɔbɛnante akɔ Yesu nkyɛn berɛ a na ɔte Ne nne.

Na yei yɛ nnyinasosɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa: yɛkora honhom mu anisoadehunu a ɛyɛ pefee berɛ a yɛte Awurade nne na yɛma No kyerɛ yɛn kwan.

Berɛ a saa ɔbarima yi maa ne nne so traa ɛnne ahodoɔ a na atwa ne ho ahyia no, ɔtumi tiee Awurade nne wɔ ɛnne nkaeɛ no nyinaa mu.

Saa gyedie korɔ yi ara na ɛmaa Petro nantee nsuo so mprɛ dodoɔ a ɔde ne honhom mu ani sii Awurade so na wamma mframa a na atwa ne ho ahyia no ansi no kwan.

Afei abasɛm a ɛfa saa ɔbarima onifirani yi ho no wie sɛ “ɔhunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi wɔ kwan no so.”

Adesua titire a ɛwɔ saa abasɛm yi mu baako ne sɛ saa ɔbarima yi nyaa gyedie kɛseɛ wɔ Yesu Kristo mu na ɔnyaa anwanwadeɛ ɛfiri sɛ ɔbisaa wɔ akoma a ɛmu teɛ mu, akoma a ɛmu teɛ mu sɛ ɔbɛdi N’akyi.

Na yei ne botaeɛ kɛseɛ pa ara ma nhyira a yɛnya wɔ yɛn abrabɔ mu, a ɛne sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi. Ɛne sɛ yɛrehunu No, yɛreyɛ na yɛrekora yɛne Onyankopɔn apam ɛnam Ɔno nti, yɛresesa yɛn su ankasa ɛnam Ne so, na yɛregyina akɔduru awieeɛ berɛ a yɛdi N’akyi.

Me deɛ, worekora honhom mu anisoadehunu a ɛyɛ pefee nyinaa ne sɛ wode w’ani resi Yesu Kristo so.

Enti me honhom mu adehunu yɛ pefee berɛ a mewɔ m’ani paneɛ no? Aaa, mene hwan sɛ mɛka? Nanso m’ani sɔ deɛ mehunu.

Mehunu Awurade nsa pefee wɔ adwuma kronkron yi ne m’abrabɔ mu.

Mehunu bebree gyedie wɔ baabiara a mekɔ, a ɛhyɛ m’ankasa gyedie den.

Mehunu soroabɔfoɔ wɔ me ho hyia.

Mehunu bebree a wɔmfa wɔn ani nhunu Awurade nanso wɔhunu No wɔ honhom mu gyedie, ɛfiri sɛ wɔnim No wɔ kokoam.

Medi adanseɛ sɛ asɛmpa yi yɛ mmuaeɛ ma biribiara, ɛfiri sɛ Yesu Kristo yɛ mmuaeɛ ma obiara. M’ani sɔ deɛ metumi hunu berɛ a medi m’Agyenkwa no akyi.

Mehyɛ bɔ sɛ sɛ yɛte Awurade nne na yɛma No kyerɛ yɛn kwan wɔ Agyenkwa no apam kwan so a, wɔde anisoadehunu a ɛyɛ pefee, honhom mu nteaseɛ, ne akoma ne adwene mu asomdwoeɛ bɛhyira yɛn wɔ yɛn nkwa nna nyinaa mu.

Momma yɛntea mu wɔ yɛn adanseɛ fa Ne ho, kɛse nsene ɛnne ahodoɔ a ɛwɔ yɛn ho, wɔ wiase a ɛhia sɛ ɛte bebree fa Yesu Kristo ho na ɛnyɛ kakra bi no mu. Momma yɛnyi ɔdesrɛfoɔ ataadeɛ a ebia yɛda so hyɛ no, na yɛnsɔre ntra wiase, nkɔ asetena papa a ɛwɔ na ɛnam Kristo so mu. Momma yɛnto anoyie a ɛmma yɛnni Yesu Kristo akyi nyinaa ngu na yɛnhwehwɛ botaeɛ papa a yɛde bɛdi N’akyi, berɛ a yɛte Ne nne. Yei ne me mpaebɔ, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.