Amansan Nhyiamu
Aman Nnyinasoɔ
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Aman Nnyinasoɔ

Sɛ yɛn mu dodo ne yɛn mmusua dodoɔ no yɛ yɛadwene na yɛde Onyankopɔn nokorɛ bɔ yɛn bra ho ban a, suban pa a ɛhia wɔ ɔman biara mu no bɛbu so.

Fɛ a ɛyɛ sɛ nnwomtokuo fɛɛfɛ reto Agyenkwa fɛɛfɛ no ho nnwom.

Wɔ afe 2015 mu, Aman Nkabom kuo gyee deɛ wɔfrɛɛ no “2030 Nsusuho ma Mpuntuo Nnyinasoɔ” no too mu. Wɔkyerɛɛ mu sɛ “ɛyɛ asomdwoeɛ ne yiedie nhyehyɛeɛ ma nnipa ne okyinsoromma wɔ ɛnnɛ dekɔ daakye mu.” Mpuntuo Nnyinasoɔ Nsusuho no botaeɛ 17 na wɔsusuiɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔ afe 2030 mu te sɛ: Ohia Nni hɔ, Ɛkɔm Nni hɔ, Nwomasua Papa, Ɔbaa abaa Ɔbarima Pɛpɛyɛ, Nsuo korɔgyenn ne Ahoteɛ, ne Adwuma a Ɛfata.1

Adwene a ɛtaa mpuntuo nnyinasoɔ yi akyi yɛ anika ne deɛ ɛho hia. Mpo deɛ ɛhia pa ara, mmom, yɛ aman nnyinasoɔ asɛmbisa kɛseɛ no. Fapem bɛn na ɔman a ɛyɛ frɔmfrɔm gyina soɔ, deɛ ɛboa anigyeɛ, nkɔsoɔ, asomdwoeɛ, ne yiedie wɔ ne nkorɔfoɔ mu? Yɛwɔ twerɛsɛm twerɛtohɔ bɛyɛ mmienu a ɛfa aman a ɛte apɔ saa ho. Deɛn na yɛbɛtumi asua afiri yei mu?

Tete no, agyapanin ne nkɔmhyɛni Enoch kaa tenenee ho asɛmpa na “ɔkyekyeree kuropɔn a na wɔfrɛ no Kronkron Kuropɔn, mpo Sion.”2 Wɔaka sɛ “Awurade frɛɛ ne nkorɔfoɔ Sion, esiane sɛ na wɔwɔ akoma koro ne adwene koro, na wɔte tenenee mu; na ohiani biara nni wɔn mu.”3

“Na Awurade hyiraa asase no, na wɔhyiraa wɔn wɔ mmepɔ no so, ne sorosoro mmea, na wɔyɛɛ frɔmfrɔm.”4

Mfeɛ ahanu no mu, nkorɔfoɔ a wɔwɔ Western Hemisphere a wɔfrɛ wɔn sɛ Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ no ma ɔman a ɛyɛ frɔmfrɔm nhwɛsoɔ foforɔ soronko. Ɛdi Agyenkwa no wusɔreɛ akyi som soronko a ɔsom wɔ wɔn ntam no, “wɔnantee mmaransɛm a wɔn nsa ka firii wɔn Awurade ne wɔn Nyankopɔn nkyɛn no so, toaa so wɔ akɔmkyene ne mpaebɔ mu, na wɔhyiaa mu mpɛn pii sɛ wɔbɛbɔ mpaeɛ na wɔatie Awurade asɛm.

“Na anibereɛ, anaa akasakasa, anaa sakasakayɛ, anaa adwamammɔ, atorɔsɛm, nnaadaa, anaa awudie, anaa adwamansɛm ahodoɔ biara; na nokorɛ mu, nnipa biara nni nkorɔfoɔ no nyinaa mu a Onyankopɔn de ne nsa abɔ wɔn a wɔn anigyeɛ te sɛ saa nkorɔfoɔ yi.”5

Aman a wɔwɔ nhwɛsoɔ mmienu yi mu no, ɔsoro nhyira na ɛgyinaa wɔn akyiri firi wɔn nhwɛso pa a ɛfa mmaransɛm akɛseɛ mmienu no som pa ho: “Dɔ Awurade wo Nyankopɔn wɔ w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu,” na ”Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho,”6 Na wɔyɛɛ setie maa Onyankopɔn wɔ wɔn ankasa abrabɔ mu, na wɔhwɛɛ wɔn ho wɔn ho honam ne honhom mu yiedie so. Wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam nsɛm mu no, na yeinom yɛ aman a “onipa biara hwehwɛ ne yɔnko yiedie, na wɔyɛ nneɛma nyinaa wɔ adwene korɔ mu wɔ Onyankopɔn animuonyam mu.”7

Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛdeɛ Elder Quentin L. Cook kyerɛɛ mu anɔpa yi no,ɔman a ɛwie pɛyɛ yi a wɔakyerɛ mu wɔ 4 Nifae wɔ Mormon Nwoma mu no antumi antwa mfeɛ ɔha a ɛtɔ so mmienu no. Nnyinasoɔ nyɛ bɔhyɛ, na ɔman a ɔrepere bɛtumi ahwe ase ntɛm sɛ ɔgyae nnepa pɔtee a ɛkura n’asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ mu a. Wɔ saa asɛm yi, wɔgyae wɔn ho ma bonsam nsɔhwɛ nti, nkorɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ tetee nsɔre maa wɔn ho de pɛɛ mfasoɔ, na wɔhyɛɛ aseɛ poo Kristo nokorɛ asɔre no.”8

“Na ɛbaa sɛ berɛ a mfeɛ ahasa twaa mu kɔeɛ no, Nifae nkorɔfoɔ no ne Lamanfoɔ no nyinaa atirimuɔden yɛɛ sɛdeɛ obiara yɔnko deɛ teɛ no.”9

Mfeɛ ɔha foforɔ awieɛ no, na ɔpepe na wɔawu wɔ aperedie ko mu na wɔn asomdwoeɛ man no so te baa mmusua ntɔkwa mu.

Yɛrekae yei ne nhwɛsoɔ afoforɔ a ɛfa aman a na wɔyɛ frɔmfrɔm a wɔhunuu wɔn akyire yi ho no, medwene sɛ berɛ a nnipa twe wɔn ho firi Onyankopɔn ne da a yɛdan No no ho na yɛhyɛ aseɛ gye “honam mu nneɛma di a,” nkwanhyia ba. Yɛregye honam abasa adi no kyerɛ sɛ yɛapo nnipa yiedie ho mmara Twerɛfoɔ no ne nidie a yɛde ma nnipa ɛna yɛama ahonyadeɛ, tumi, ne wiase abasobɔ adi yɛn adwene mu dɛm (berɛ a yɛtweetwee na yɛtan wɔn a wɔdi susudua foforɔ akyi). Berɛ a, aman a wɔgyina wɔn nan soɔ rehwehwɛ, sɛdeɛ Ɔhene Bwnjamim kaeɛ no, “mobɛnyini wɔ deɛ ɔbɔɔ mo no animuonyam ne nimdeɛ mu anaasɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ nokorɛ mu.”10

Abusua ne nyamesom nhyehyɛeɛ abɛyɛ deɛ ɛhia wɔ ankorankorɛ ne aman akyɛdeɛ a nnepa a ɛtae aman a ɛreyɛ akɔduro no akyi. Saa nnepa yi, a agye nhini wɔ asɛmpa nnyinasosɛm mu no, saa nnepa yi ka ho, asodie ne akontabuo, tema, awareɛ ne emu nokorɛdie, obuo ma afoforɔ ne wɔn agyapadeɛ, ne adwuma ho hia a ɛhia ne papa a ɛyɛ, ne deɛ ɛka ho.

Samufoɔ a ɔwɔ Large Gerald Baker twerɛɛ baabi afe yi mu wɔ The Wall Street Journal mu a ɔredi n’agya Frederick Baker ni, wɔ ne mfeɛ 100 awoda mu. Baker kasa faa deɛ nti a n’agya wɔ nkwa tenten saa na ɔde saa nsusuiɛ yi kaa ho:

Berɛ a yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛhunu nkwa tenten ahintasɛm no, me taa dwene sɛ ɛbɛyɛ sɛ yɛsɛe mmerɛ pii de pɛ deɛ ɛma abrabɔ pa, mmerɛ tenten biara a wɔde ama yɛn. Ɛha yi, megye me ho di sɛ menim me papa ahintasɛm.

Ɔfiri berɛ bi a na wɔkyerɛ abrabɔ ase ɛnam asɛdeɛ so, na ɛnyɛ abodin; ɛnyɛ asetena mu asodie, ɛnyɛ ankasa akwanya. Ne mfitiaseɛ nnyinasosɛm de firi ne mfeɛ ɔha nyinaa mu ayɛ n’asɛdeɛ—de ama n’abusua, Onyankopɔn ne ne man.

“Wɔ berɛ bi a na awareɛ ntetemu di akotene no, na me papa yɛ okunu a ɔwɔ tema ma ne yere a wadi mfeɛ 46, ne agya a ɔyɛ n’asɛdeɛ ma ne mma nsia. Berɛ a ɔbɛnn n’abusua kɛseɛ sene berɛ biara ne berɛ a wɔanna anwene a atoyerɛnkyɛm faa wɔn ba.

“Wɔ berɛ bi a na nyamesom yɛ nsɛkurodeɛ, me papa tenaa ase sɛ Catholic nokwafoɔ, gyedifoɔ, wɔ gyedie a ɛnhinhim mu wɔ Kristo bɔhyɛ mu. Nokorɛ, ɛtɔ da a megye di sɛ wanyini akyɛ ɛfiri sɛ wasiesie ne ho yie sene obiara a mahyia no a ɔregye nna awuo.

“Me tiri ayɛ yie—wɔahyira me nwomasua papa, me ankasa m’abusua nwanwasoɔ, ewiase nkɔsoɔ bi a m’ani nna soɔ. Nanso me ho a ɛtɛ me ne ayɛyie biara a mete ho nka no, gyina abotɔyamu ne ayɛyie a mewɔ ma ɔbarima no, a akasakasa anaa agodie nni ho, a menhwɛ animu sɛ akatua anaa dinbɔ nka ho, a akɔ so—mfeɛ ɔha nie —a asodie nketewa, asɛdeɛ ne ne korakora, ɛdɛ a ɛwɔ abrabɔ pa mu.”11

Nyamesom ne nyamefɛrefoɔ gyedie so ate kɔ fam wɔ aman bebree so ɛnnɛ berɛ yi mu. Nnipa dodoɔ no na wɔsusu sɛ gyedie ne nokorɛdie ama Onyankopɔn ho nhia mma ankorankorɛ anaa aman suban pa yɛ mu, wɔ ɛnnɛ wiase yi mu.12 Megyedi sɛ yɛn nyinaa bɛgye atom sɛ wɔn a wɔnnye nyamesom biara nnie no bɛtumi, na wɔtaa yɛ, nnipa a wɔwɔ suban pa. Yɛnnye ntom, mmom, sɛ yei si berɛ a ɔsoro nsunsuansoɔ nka ho. Merekyerɛ Kristo Hann no. Agyenkwa no paee mu kaa sɛ, “Mene nokorɛ hann no a mehyerɛn ma onipa biara a ɔba wiase mu no.”13 Sɛ yɛkae anaa yɛnkae no, ɔbarima, ɔbaa, ne akwadaa biara a ɔwɔ gyedie bi mu, beaeɛ, ne berɛ mu no wɔde Kristo Hann no adua ne mu na ɛno nti ɔwɔ papa ne bɔne ho nyansa a yɛtaa frɛ no ahonim no.14

Mmom, berɛ a nwomasua te ankasa ne temanmufoɔ nnepa firi Onyankopɔn nyansa ne akontabuo ho no ɛtwa dua no firi ne nhini ho. Ahotosoɔ wɔ amammerɛ ne amanneɛ nko ara mu ntumi ntae ɔman mu nnepa akyi. Sɛ obi nni nyame kɛseɛ bi nsene ɔno ara ne ho na ɔnhwehwɛ papayɛ kɛseɛ nsene sɛ ɔbɛmee wɔ n’akɔnnɔ ne deɛ n’ani gye ho mu a, ɛho nsunsuansoɔ no da adi ntɛm.

Nhwɛsoɔ, ɔman, a emu nnipa adwene nyinaa wɔ adwamammɔ dwumadie so no yɛ ɔman a aporɔ. Awaresɛeɛ, adwamammɔ, nyinsɛn tuguo, ne awoɔ-a- wɔwo berɛ a wɔnwareeɛ,15 ne nyinsɛn tuguo yɛ nnuaba a ɛyɛ nwono a ɛnyini firi subanbɔne a adwaman hyɛ soɔ. Nsunsuansoɔ a ɛtoa soɔ a ɛko tia ɔman nnyinasoɔ apɔmuden no, deɛ ɛka ho bi yɛ nkwadaa dodoɔ a wɔnyini wɔ hia mu na wɔnni nsunsuansoɔ papa a ɛfiri agya hɔ, ɛtɔ da a wɔ awoɔ ntoatoasoɔ bebree mu; mmaa a wɔsoa asodie a ɛwɔ sɛ wɔkyɛ; na nwomasua abɔ wɔn wɔ sukuu mu, ne nteteɛ afoforɔ no, wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnhyɛ deɛ wɔahwere no wɔ fie no anan mu.16 Deɛ ɛka saa asetena mu nyarewa yi ho yɛ ankorankorɛ akomasɛeɛ ne abambuo a ɛnni ano—adwene mu ne nkateɛ mu ɔsɛeɛ a ɛsoɛ wɔ deɛ ɔdi bem ne deɛ ɔdi fɔ nyinaa so.

Nifae pae mu ka:

“Aane, mmusuo nka deɛ ɔtie nnipa nkyerɛkyerɛ, na ɔpo Onyankopɔn tumi, ne Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no!

“Na yɛtwa no tia a, mmusuo nka wɔn a wɔhinhim na wɔn bofu ɛnam Onyankopɔn nokorɛ no nti!”17

Abirabɔ mu, yɛn anigyeɛ nkratoɔ ma yɛn mma ne adasamma ne sɛ “Onyankopɔn nokorɛ no” kyerɛ ɔkwan pa, anaa sɛdeɛ Paulo kaeɛ no, “ɔkwan papa pa ara so,”18 ɔkwan a ɛde kɔ ankorankorɛ anigyeɛ ne ɔman yiedie mu seesei ne ɛnni awieɛ asomdwoeɛ ne daakye anigyeɛ mu.

Onyankopɔn asɛm nokorɛ no kyerɛ nokorɛ turodoo a ɛfa N’anigyeɛ nhyehyɛeɛ a Ɔwɔ ma ne mma. Saa nokorɛ yeinom ne sɛ Onyankopɔn tease; sɛ Ɔne Ɔsoro Agya ma yɛn honhom; sɛ ɛda Ne dɔ no adi, wama yɛn mmaransɛm a ɛde yɛn kɔ ɛdɛ mayɛ mu wɔ Ne nkyɛn; sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba ne yɛn Gyefoɔ; sɛ Ɔhunuu amane na ɔwuiiɛ de pataa yɛn bɔne kɔsi sɛ yɛbɛsakyera; sɛ ɔsɔre firii awufoɔ mu, na ɔde adasamma nyinaa Wusɔreɛ baeɛ; ne sɛ yɛn nyinaa bɛgyina N’anim wɔ atemmuo mu, ne sɛ, yɛbɛbu yɛn abrabɔ mu nkontaa.19

Mfeɛ nkron mu wɔ deɛ wɔfrɛɛ no “atemmufoɔ aberɛ so,” wɔ Mormon Nwoma no mu, nkɔmhyɛni Alma si firii ne dibrɛ so sɛ ɔtemmufoɔ panin sɛ ɔbɛnya mmerɛ sɛ sodifoɔ ama asɔre no. Na ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsiesie ahomasoɔ, ɔtaeɛ, ne adifudepɛ a na ɛrenyini wɔ nkorɔfoɔ no ntam ne titire no Asɔremma no ntam.20 Sɛdeɛ Elder Stephen D. Nadauld kaa no berɛ bi no, “[Alma] nkanyan adwene a ɔfaeɛ no nyɛ sɛ ɔbɛsɛe berɛ pii ayɛ na wɔahyɛ ne nkorɔfoɔ sɛ wɔbɛsiesie wɔn suban, mmom sɛ ɔbɛka Onyankopɔn asɛm no akyerɛ wɔn, na wakyerɛ nkyerɛkyerɛ na wanya wɔn nteaseɛ fa nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no ho na wɔasesa wɔn suban.”21

Dodoɔ na yɛbɛtumi ayɛ sɛ afipamfoɔ ne aman mma de aboa nnyinasoɔ ne aman a yɛte mu no nkonimdie, na nokorɛ yɛn fapem ne ɛsom a ɛkɔ anim ne sɛ yɛbɛkyerɛ na yɛde nokorɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ no mu abɔ bra. Sɛdeɛ ɛda adi wɔ dwom no mu no:

Yɛn agyanom gyedie, yɛbɛdɔ

Ɔyɔnkoɔ ne ɔtamfo wɔ yɛn mmɔdemmɔ nyinaa mu,

Na yɛaka wo ho asɛmpa, nso, sɛdeɛ ɔdɔ nim,

Yɛde ayamyɛ nsɛm ne abrabɔ pa.22

Sɛ yɛ mu dodo ne yɛn fipamfoɔ dodoɔ no yɛ yɛadwene na yɛde “Onyankopɔn nokorɛ” bɔ yɛn bra ho ban a, suban pa a ɛhia wɔ ɔman biara mu no bɛbu so.

Wɔ Ne dɔ mu, Ɔde Ne Dɔba Koro no maae sɛ yɛbɛnya daa nkwa.23

“[Yesu Kristo] nyɛ biribiara gye sɛ deɛ ɛyɛ mfasoɔ de ma wiase; ɛfiri sɛ ɔdɔ wiase, mpo ɔde ɔno ara ne nkwa too hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtwe nnipa nyinaa aba ne nkyɛn. Ɛno nti, ɔnhyɛ obiara sɛ ɔnye ne nkwagyeɛ no.

“Hwɛ, ɔteam kyerɛ obi, ka sɛ: Firi me so kɔ? Hwɛ, me se mo sɛ, Daabi; mmom ɔka sɛ: Momfiri mo asase ano nyinaa mmra me nkyɛn; mommɛtɔ nufusuo ne ɛwoɔ, ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.”24

Yei na yɛpae mu ka “wɔ akoma a ɛdwoɔ mu, wɔ akoma mmrɛ mu ,”25 ne Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ “The 17 Goals,” United Nations Department of Economic and Social Affairs website, sdgs.un.org/goals.

  2. Mose 7:19.

  3. Mose 7:18

  4. Mose 7:17

  5. 1 Nifae 1:12, 16

  6. Mateo 22:37, 39

  7. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 82:19

  8. 4 Nefae 1:26

  9. 4 Nefae 1:45

  10. Mosaya 4:12

  11. Gerard Baker, “A Man for All Seasons at 100,” Wall Street Journal, Ɔgyefuo. 21, 2020, wsj.com.

  12. Hwɛ Ronald F. Inglehart, “Giving Up on God: The Global Decline of Religion,” Foreign Affairs, Ahinime / Obubuo 2020Ahinime. 2020, foreignaffairs.com; Hwɛ Christine Tamir, Aidan Connaughton, ne Ariana Monique Salazar, “The Global God Divide,” Pew Research Center, Kitawonsa 20, 2020, especially infographic “Majorities in Emerging Economies Connect Belief in God and Morality,” pewresearch.org.

  13. Doctrine and Covenants 93:2; hwɛ nso Moroni 7:16, 19.

  14. Hwɛ Boyd K. Packer, “The Light of Christ,” Liahona, Apr. 2005, 10;hwɛ nso D. Todd Christofferson, “Truth Endures,” Religious Educator, vol. 19, no. 3 (2018), 6.

  15. Merema saa nhwɛsoɔ yi no, merekasa afa nsunsuansoɔ bɔne a ɛba mmɔfra so sɛ “aduaba a ɛyɛ nwono” na ɛnyɛ mmɔfra no ankasa. Onyankopɔn ba biara sombo, na ɔkra biara som boɔ a sika ntumi ntɔ a ɛmfa awoɔ tebea a ɔwɔ mu ho.

  16. Hwɛ, nhwɛsoɔ, Pew Research Center, “The Changing Profile of Unmarried Parents,” Oforisuo 25, 2018, pewsocialtrends.org; Mindy E. Scott and others, “5 Ways Fathers Matter,” Ayɛwohomumu 15, 2016, childtrends.org; and Robert Crosnoe and Elizabeth Wildsmith, “Nonmarital Fertility, Family Structure, and the Early School Achievement of Young Children from Different Race/Ethnic and Immigration Groups,” Applied Developmental Science, vol. 15, no. 3 (Kitawonsa–Ɛbɔ 2011), 156–70.

  17. 2 Nifae 28:26, 28

  18. 1 Korintofoɔ 12:31

  19. Hwɛ Alma 33:22

  20. Hwɛ Alma 4:6–19

  21. Stephen D. Nadauld, Principles of Priesthood Leadership (1999), 13; hwɛ nso Alma 31:5

  22. “Faith of Our Fathers,” Nnwom, no.84.

  23. Hwɛ Yohane 3:16

  24. 2 Nephi 26:24–25; hwɛ 2 Nephi 26:33

  25. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 100:7