Amansan Nhyiamu
Anuanom Mmaa wɔ Sion
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Anuanom Mmaa wɔ Sion

Mo ho bɛhia kɛseɛ pa ara wɔ Israel anoboaboa ne Sion nkorɔfoɔ a wɔbɛyɛ mu.

Me nuanom mma adɔfoɔ, ɛyɛ nhyira ma me sɛ me ne mo rekasa wɔ berɛ nwanwasoɔ a ɛwɔ wiase abakɔsɛm mu yi. Da biara, yɛrebɛn animuonyam berɛ a Agyenkwa, Yesu Kristo bɛsan aba asase so bio no pa ara. Yɛnim biribi fa nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛdi Ne mmaeɛ no anim, nanso yɛn akoma di ahurisie wɔ anigyeɛ ne akokoɔduro mu ɛfiri sɛ, yɛsan nso nim animuonyam bɔhyɛ ahodoɔ a ɛbɛba mu ansa na Waba.

Sɛ Ɔsoro Agya mma mmaa adɔfoɔ, ne Yesu Kristo Aheman mu mma mmaa yi,1 mobɛyɛ adwuma bi a ɛho hia yie wɔ mmerɛ kɛseɛ a ɛwɔ anim no mu. Yɛnim sɛ Agyenkwa no bɛba nkorɔfoɔ bi a wɔaboa wɔn ano na wɔasiesie wɔn sɛ wɔbɛtena te sɛ deɛ nkorɔfoɔ no yɛɛ wɔ Henok ahenkuro mu no. Na nkorɔfoɔ no wɔ nkabom wɔ Yesu Kristo mu gyedie mu, ɛna na wɔn ho ate korɔgyeen nti wɔfaa wɔn kɔɔ ɔsoro.

Wei ne Awurade adiyie nkyerɛkyerɛmu fa deɛ ɛbɛto Henok nkorɔfoɔ, ne deɛ ɛbɛsi wɔ saa asɛmpaberɛ a ɛtwa toɔ yi mu wɔ mmerɛ mahyɛ no ho:

“Na da no bɛba a asase bɛgye n’ahome, nanso ansa na saa da no bɛba no ɔsoro bɛduru sum, na esum nkatanim bɛkata asase so; na ɔsoro bɛwoso, ne asase nso; na ahohiahia kɛseɛ bɛba nnipa mma so, nanso mɛkora me nkorɔfoɔ;

“Na mɛsoma teneneeyɛ afiri soro aba fam; na mɛsoma nokorɛ afiri adi afiri asase so, sɛ ɛnni adanseɛ mfa Deɛ Mewoo no Korɔ no ho; ne wusɔreɛ firi owuo mu; aane, ɛne nnipa nyinaa wusɔreɛ ho; na mɛma teneneeyɛ ne nokorɛ apra asase so te sɛ nsuyire, na aboaboa wɔn a mayi wɔn no ano afiri asase afanan nyinaa, akɔ bea a mɛsiesie, Ahenkuro Kronkron bi, ama me nkorɔfoɔ atumi abɔ wɔn asene mu abɔsoɔ, na wɔahwɛ me mmaeɛ; mmerɛ no anim kwan ɛfiri sɛ ɛhɔ bɛyɛ me tenabea no, na wɔbɛfrɛ hɔ Sion, Yerusalem Foforɔ.

“Na Awurade see Henok sɛ: Afei wo ne w’ahenkuro no nyinaa bɛhyia wɔn wɔ hɔ, na yɛbɛgye wɔn akɔ yɛn koko mu, na wɔbɛhunu yɛn; na yɛbɛyɛ wɔn atuu, na wɔn ayɛ yɛn atuu, na yɛbɛfe yɛn ho yɛn ho ano;

“Na ɛhɔ bɛyɛ me tenabea, na ɛbɛyɛ Sion, a ɛbɛfiri abɔdeɛ a mayɛ nyinaa mu aba; na wɔ mfeɛ apem ntam no asase bɛgye n’ahome.”2

Mo anuanom mmaa, mo mma mmaa, mo nananom mmaa, ne mmaa a moatete wɔn bɛdi akotene wɔ saa nkorɔfokuo a wɔne Agyenkwa no bɛka abɔ mu wɔ animuonyam mu no yɛ mu. Mo ho bɛhia kɛseɛ pa ara wɔ Israel anoboaboa mu ne Sion nkorɔfoɔ a wɔbɛtena asomdwoeɛ mu wɔ Yerusalem Foforɔ no mu yɛ mu.

Awurade nam Ne nkɔmhyɛfoɔ so, ahyɛ mo bɔ bi. Wɔ Relief Sociaety mfitiaseɛ no, Nkɔmhyɛni Joseph Smith ka kyerɛɛ anuanom mmaa no sɛ, “Sɛ mode akwanya a mowɔ no yɛ deɛ ɛsɛ a, wɔntumi nsi soro abɔfoɔ no kwan sɛ wɔnnyɛ mo ayɔnkofoɔ.3

Saa bɛtumi-ayɛ nwanwasoɔ no wɔ mo mu, na wɔresiesie mo ama.

Titenani Gordon B. Hincley kaa sɛ:

“Mo anuanom mmaa montɔ so mmiemu wɔ yɛn Agya nhyehyɛeɛ fa daa anigyeɛ ne Ne mma yiedie ho no mu. Moyɛ saa nhyehyɛeɛ no fa a mo ho hia yie papaapa.

“Monka ho a nka nhyehyɛeɛ no antumi anyɛ adwuma. Monka ho a nka nhyehyɛeɛ no antumi anyɛ adwuma.

“Mo mu biara yɛ Onyankopɔn babaa, a wɔama no akwanya a ɛfiri soro.”4

Yɛn nkɔmhyɛni a ɔwɔ so seesei, Titenani Russell M. Nelson, ama saa nkyerɛkyerɛmu yi fa dwuma a modie wɔ Agyenkwa no mmaeɛ no ho ahosiesie mu.

“Yɛrentumi nsusu nsunsuansoɔ a mmaa wɔ, ɛnyɛ mmusuakuo so nko ara na mmom Awurade Asɔre nso, sɛ yerenom, ɛnanom, ne nananom mmaa; sɛ anuanom mmaa ne sewaanom, sɛ akyerɛkyerɛfoɔ ne akandifo; ne nkanka sɛ nhwɛsodeɛ ne gyedie no ho banbɔ atuhoakyɛfoɔ.

“Yei ayɛ nokorɛ wɔ asɛmpaberɛ biara mu fiti Adam ne Hawa pɛn so. Mpo mmaa a wɔwɔ saa asɛmpaberɛ yi mu yɛ sononko firi mmaa a wɔwɔ foforɔ biara ho ɛfiri sɛ saa asɛmpaberɛ wei yɛ sononko firi foforɔ biara ho. Saa sononkoyɛ yi de akwanya ne asodie bɔ mu ba.”5

Saa asɛmpaberɛ yi yɛ sononko esiane sɛ Awurade bɛdi yɛn kan ma yɛasiesie yɛn ho na yɛabɛyɛ te sɛ Henok Ahenkuro no. Ɔnam N’asomafoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ so akyerɛkyerɛ deɛ saa nsakraeɛ a ɛkɔ Sion nkorɔfoɔ mu no bɛhia.

Elder Bruce R. McConkie kyerɛkyerɛɛ sɛ:

“Na [Henok berɛ no] yɛ amumuyɔ ne bɔne, esum ne atuateɛ berɛ, ɔko ne awerɛhoɔ berɛ, berɛ a ɛde nsuo tee asase ho.

“Nanso, Henok yɛɛ nokwafoɔ. ’Ɔhunuu Awurade,’ na ɔne no kasaa ‘anim ne anim’ sɛdeɛ onipa baako ne ɔfoforɔ kasa.. (MMose 7:4.) Awurade somaa no sɛ ɔnkɔbɔ adwensakyera ho dawuro wɔ wiase, na ɔhyɛɛ no sɛ ‘ɔmmɔ asu wɔ Agya ne Ɔba no din mu, deɛ adom ne nokorɛ ahyɛ no ma no, ɛne Honhom Kronkron mu, a ɛdi adanseɛ wɔ Agya ne Ɔba no ho. ‘’ (Mose 7:11.) Henok yɛɛ apam na ɔboaboaa nokorɛ agyedifoɔ asafo ano, a wɔn nyinaa bɛyɛɛ anokwafoɔ ara ma ‘Awurade ne ne nkorɔfoɔ bɛtenaeɛ, na wɔtenaa wɔ tenenee mu,’ na wɔhyiraa wɔn firi ɔsoro. ‘Na Awurade frɛɛ ne nkorɔfoɔ Sion, esiane sɛ na wɔwɔ akoma baako ne adwene baako, na wɔtenaa tenenee mu; na na onnibie biara nni wɔn mu.’ (Mose 7:18.) …

“Awurade frɛɛ ne nkorɔfoɔ Sion akyire no, twerɛsɛm ka sɛ Henok ‘kyekyeree ahenkuro bi a na wɔfrɛ no Kronkronyɛ Ahenkuro, mpo Sion;’ saa Sion no ‘wɔfa kɔɔ ɔsoro’ baabi a ‘Onyankopɔn gye too ɔno ankasa koko mu;” na “ɛfiri hɔ na wɔhyɛɛ aseɛ kaa sɛ, Sion adwane.’ (Mose 7:19, 21, 69.) …

“Saa Sion korɔ yi ara a wɔfa kɔɔ ɔsoro no bɛsan aba berɛ a Awurade de Sion ba bio, na ɛmu nnipa ne Yerusalem foforɔ no bɛka abɔ mu, ɛno akyi na wɔbɛkyekyere.”6

Sɛ deɛ atwam no yɛ nnianim a, berɛ a Agyenkwa no bɛba no, anuanom mmaa a wɔatu wɔn ho asi hɔ yie wɔ wɔne Onyankopɔn apam mu no bɛboro wɔn a wɔasiesie wɔn ho retwɛn No berɛ a Ɔbɛba no mu fa. Nanso sɛdeɛ dodoɔ no teɛ biara, wo mmoa wɔ koroyɛ a ɛbɛba nkorɔfoɔ a wɔasiesie wɔn ama saa Sion no bɛyɛ kɛseɛ akyɛn fa koraa.

Mɛka deɛ nti a megyedi sɛ ɛbɛyɛ saa akyerɛ mo. Mormon Nwoma no kasa fa Sion nkorɔfoɔ bi ho. Mokae sɛ na ɛyɛ berɛ a na Agyenkwa a wasɔre no akyerɛkyerɛ, adɔ, na wahyira wɔn akyiri a “na apereapereɛ biara nni asase no so, ɛnam Onyankopɔn dɔ a na ɛte nkorɔfoɔ no akoma mu nti. “7

Me suahunu akyerɛ me sɛ, Ɔsoro Agya mma mmaa wɔ akyɛdeɛ bi a ɛte apereapereɛ so na ɛpia teneneeyɛ wɔ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn, na wɔhyɛ wɔn a wɔsom wɔn nkuran wɔ Nyankopɔn ho dɔ mu.

Mehunuu no me mmabunu berɛ mu, berɛ a yɛn nkorabata ketekete hyiaa mu wɔ me mmɔfrase fie mu. Na me ne me nuabarima nko ara na na yɛkura Aaron Asɔfodie tumi, ɛna na m’agya nso nko ara na ɔkura Melkisedek Asɔfodie tumi. Na nkorabata no Relief Society titenani no yɛ obi a wasakyera a na ne kunu ani nnye n’Asɔre som no ho. Na asɔremma no nyinaa yɛ anuanom mmaa mpanimfoɔ a wɔnni obi a ɔkura asɔfodie tumi wɔ wɔn afie mu. Mehwɛɛ me maame ne saa anuanom mmaa no sɛ wɔdɔɔe, pagyaae, hwɛɛ wɔn ho wɔn ho so mmerɛ nyinaa. Seesei na mahunu sɛ wɔmaa me hunuu Sion kakra ntɛm.

M’adesua wɔ nsunsuansoɔ a mmaa nokwafoɔ wɔ mu no toaa so wɔ Asɔre no nkorabata ketewa bi mu wɔ Albuquerque, New Mexico. Mehwɛɛ nkorabata titenani no yere, mansini titenani no yere, ɛne Relief Society titenani no sɛ wɔmaa ɔhɔhoɔ ne obi a wasakyera biara ani gyeeɛ. Kwasiada a mefirii Albuquerque, berɛ a na mahwɛ anuanom mmaa a wɔwɔ hɔ nsunsuansoɔ mfeɛ mmienu no, wɔyɛɛ stake a ɛdi kan. Seesei Awurade de tɛmpol asi hɔ.

Mefirii hɔ kɔɔ Boston, baabi a mesomm wɔ mansini titenafoɔ a wɔhwɛɛ nkorabata nketenkete a apete wɔ aman mmienu so. Apereapereɛ sii mpɛn pii a mmaa a wɔwɔ ɔdɔ ne fakyɛ boa siesieeɛ maa akoma baa fam. Kwasiada a mefirii Albuquerque no, Atitenafoɔ a wɔdi Kan no mu baako hyehyɛɛ stake a ɛdi kan wɔ Massachusetts. Tɛmpol aba hɔ seesei, ɛbɛn baabi a na mansini no titenani teɛ. Wɔde no baa Asɔre no dwumadie mu na akyire yi wɔfrɛɛ no sɛ stake titenani, ɛna afei ɔbɛyɛɛ asɛmpatrɛsom titenani, na ne nyinaa firi ne yere dɔfoɔ nsunsuansoɔ.

Anuanom mmaa, wɔhyiraa mo sɛ monyɛ Onyankopɔn mma mmaa a wɔwɔ akyɛdeɛ sononko. Mode honhom mu tumi bi baa ateasefoɔ asase so a mode bɛtete afoforɔ, apagya wɔn akɔ ɔdɔ ne ahoteɛ a ɛbɛma wɔn ho kwan ma wɔatena abɔ mu wɔ Sion kuo bi mu. Ɛnyɛ akwanhyia sɛ Relief Society a ɛyɛ Asɔre no kuo a ɛdi kan, a wɔhyɛɛda yɛ maa Ɔsoro Agya mma mmaa no, fene ne “Ɔdɔ Mapa To Ntwa da “

Ɔde mapa ne Yesu Kristo dɔ korɔgyeen no. Na ɛyɛ Ne mu dɔ ne Ne Mpata a ɛtoɔ ntwa da no nsunsuansoɔ nyinaa na ɛbɛma mo, ne wɔn a modɔ na mosom no akwanya, wɔ ɔsoro akyɛdeɛ a yɛne afoforɔ debɛtena saa Sion a yɛahwɛ anim akyɛre no. Ɛhɔ na mobɛyɛ anuanom mmaa wɔ Sion, a Awurade bɛdɔ mo ne afoforɔ a moahyira wɔn no sɛ ateasefoɔ.

Medi adanseɛ sɛ moyɛ Awurade aheman a ɛwɔ asase so mu foɔ. Moyɛ Ɔsoro Agya dɔfoɔ bi mma mmaa, a ɔde akyɛdeɛ sononko somaa mo baa wiase na mohyɛɛ bɔ sɛ mode bɛhyira afoforɔ. Mehyɛ mo bɔ sɛ Awurade nam Honhom Kronkron no so de ne basa bɛdi mo anim. Ɔbɛdi mo anim kan berɛ a moboa No siesie Ne nkorɔfoɔ ma wɔbɛyɛ Ne bɔhyɛ Sion. Medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 25:1

  2. Mose 7:61–64; si so dua.

  3. Asɔre Nkɔmhyɛfoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2007), 454; nsisoɔ ka ho.

  4. Gordon B. Hinckley, “Asɔre no mu Mmaa,” Ɛnsae, Obubuo 1996, 67.

  5. Russell M. Nelson, “Me Nuanom Mmaa hɔ Adesrɛ,” Laehona, Obubuo 2015, 95–96; nsisoɔ ka ho.

  6. Bruce R. McConkie, “Resi Sion,” Tambuli, Ɛbɔ 1977, 13; nsisoɔ ka ho.

  7. 4 Nifae 1:15