Amansan Nhyiamu
Rehwehwɛ Anigyeɛ wɔ Kristo mu
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Rehwehwɛ Anigyeɛ wɔ Kristo mu

Kwan a akyinnyeɛ nni ho a wonam so bɛnya anigyeɛ wɔ asetena mu ne sɛ wobɛka Kristo ho aboa afoforɔ.

Awurade mmisa yɛn Aaron Asɔfodie mmabunu no biribiara, nanso deɛ Ɔbisa no yɛ nwanwa.

Mfeɛ kakra bi a atwam, yɛn abusua kɔɔ tebea a mmusuakuo bebree kɔ mu wɔ saa wiase a ahwe ase yi mu. Yɛn babarima kumaa, Tanner Christian Lund, yaree kokoram. Na ɔyɛ ɔkra sononko, sɛdeɛ mfeɛ nkron ba taa yɛ no. Na ne ho yɛ anika na ɔpɛ nhuro, na berɛ korɔ no ara, ɔwɔ honhom mu atenka nwanwasoɔ. Abɔfra ɔbayifoɔ ne ɔbɔfoɔ, asoɔden ne anika. Berɛ a na ɔsua na ɔde deɛ ɔtumi yɛ ne ne nsɛmmɔne ma yɛn ho dwiri yɛn no, na yɛbisa yɛn ho sɛ ɔbɛnyini abɛyɛ nkɔmhyɛni anaa sikakorabea korɔmfoɔ. Ɛmu biara, ayɛ sɛ na ɔrebɛgya ahyɛnsodeɛ bi wɔ wiase.

Na afei ɔbɛyaree abasambuo so. Mfeɛ mmiɛnsa a ɛdi soɔ no, wɔde nsusuiɛ abrane ne nimdefoɔ nnuro bɔɔ mu, a na nnompe mu hon mmienu a wɔbɛyi de foforɔ ahyɛ mu ka ho, a ɛno mu ɔnyaa nemonia, na ɛgyaa no sɛ ɔtɔ piti nnawɔtwe du wɔ afidie a ɛma ahome so. Anwanwasɛm, ne ho tɔɔ no berɛ tiawa bi mu; nanso ne kokoram yareɛ no san baeɛ.

Aka berɛ kakraabi ma wawuo no, na Tanner yareɛ no awurawura ne nnompe mu, ma mpo ɔfaa yea nnuro a ano yɛ den koraa no, na ɔkɔ so te yea yie. Na ɛyɛ den sɛ ɔbɛfiri mpa so. Kwasiada anɔpa bi, ne maame Kalleen, baa ne dan mu bɛhwɛɛ no ansa na abusua no rekɔ asɔre. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔhunuu sɛ wasiesie ne ho na ɔte ne mpa no ntweaso, de yea repere sɛ ɔbɛto pɔtwom a ɛwɔ n’ataade soro no mu. Kalleen tenaa ne nkyɛn. “Tanner,” ɔfrɛɛe, “wogyedi sɛ wo ho yɛ den kakra sɛ wokɔ asɔre? Ebia wobɛtumi atena fie agye w’ahome ɛnnɛ.”

Ɔhwɛɛ fam haa. Ɔyɛ dikɔni. Ɔwɔ ekuo mu. Na ɔwɔ dwumadie.

“Ɛwɔ sɛ mede adidi kronkron no nante ɛnnɛ.”

“Ɛyɛ deɛ, na megyedi sɛ obi bɛtumi ayɛ ama wo.”

Ɔkaa sɛ, “Aane,” “na … mehunu sɛdeɛ nkorɔfoɔ hwɛ me berɛ a mede adidi kronkron no nante. Megyedi sɛ ɛboa wɔn.”

Ɛno nti Kalleen boaa no totoo n’ataadeɛ no pɔtwom mu, bɔɔ ne tae maa no, na wɔkɔɔ asɔre. Ɛda adi pefee sɛ, na biribi a ɛho hia resi.

Mefirii nhyiamu bi a medii kan kɔɔe ase na mebaa asɔre, enti ɛyɛɛ me nwanwa sɛ mehunuu sɛ Tanner te dikɔnfoɔ no atenaeɛ hɔ. Kalleen ka kyerɛɛ me bɔkɔɔ deɛ nti a ɔwɔ hɔ ne deɛ ɔka kyerɛɛ no: “Megyedi sɛ ɛboa nkorɔfoɔ.”

Ɛno nti mehwɛɛ berɛ a dikɔnfoɔ no pinii adidi kronkron pono no ho. Ɔde ne ho tweree dikɔnni foforɔ brɛoo berɛ a asɔfoɔ no de paanoo apampan no maa wɔn no. Na afei Tanner twee ne ho kɔɔ bea a ɛwɔ sɛ ɔgyina na ɔsɔɔ asɔrefie adwa no mu gyinaa yie berɛ a ɔde adidi kronkron no maeɛ.

Ɛyɛɛ sɛ ani biara a na ɛwɔ asɔredan no mu rehwɛ no, berɛ a na ɔreyɛ ne fa mu deɛ kakra no. Mmom kwan bi so no, Tanner daa koomyɛ nkyerɛkyerɛ adi berɛ a nnidie mu, ɔde nkakrankakra firii akonwa baako ho kɔɔ foforɔ ho—mfifire afɔ n’apampam a apa no—gyina Agyenkwa no ananmu sɛdeɛ dikɔnfoɔ yɛ. Na ne dikɔn honamdua a berɛ bi na baabiara mmu no dwɛ no ankasa apira kakra, abubu, na atete, rehunu amane ɔpɛ mu sɛ ɛbɛsom berɛ a ɔde Agyenkwa no Mpata ho nsɛnkyerɛnneɛ no reba yɛn abrabɔ mu .

Yɛhunuu sɛdeɛ ɔdwene fa dikɔnyɛ ho no maa yɛn nso nyaa adwene foforɔ—ɛfa adidi kronkron ho, ɛfa Agyenkwa no ho, ne ɛfa dikɔnfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ne asɔfoɔ ho.

Anwanwadeɛ a wɔmmue ano nka a ɛhyɛɛ no saa anɔpa no sɛ ɔmfa akokoɔduro mmua saa ɛnne ketewa no frɛ sɛ ɔnsom, ne deɛ yɛn mmabunu no nyinaa tumi yɛ, berɛ a wɔpia wɔn ho de bua nkɔmhyɛfoɔ no frɛ sɛ wɔnkɔ dɔm Onyankopɔn asraafoɔ kuo no na wɔnka ho wɔ nkwagyeɛ ne mmasoɔ adwuma mu no, yɛ me nwanwa.

Berɛ biara a dikɔnni bi bɛfa adidi kronkron apampan no, ɛkae yɛn fa Adidie a Ɛtwa Toɔ no ho abasɛm kronkron, wɔ Getsemane, wɔ Calvary, ne turo no mu damena no. Berɛ a Agyenkwa no ka kyerɛɛ N’Asomafoɔ sɛ, “Yɛ yei fa kae me,”1 na Ɔrekasa fa nna no mu kyerɛ yɛn mu biara nso. Na Ɔrekasa fa anwanwadeɛ a ɛtoɔ ntwa a Ɔde bɛma sɛdeɛ daakye dikɔnfoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, ne asɔfoɔ de Ne sɛnkyerɛnneɛ no bɛma na wɔato nsa afrɛ Ne mma sɛ wɔnnye Ne Mpata a ɔde maae no.

Adidi kronkron nsɛnkyerɛnneɛ no nyinaa de yɛn kɔ saa akyɛdeɛ no ho. Yɛdwene paanoo a berɛ bi Ɔbubuuiɛ no ho—ne paanoo a asɔfoɔ a wɔwɔ yɛn anim seesei no rebubu. Yɛdwene nsuo a wɔate ho no nkyerɛaseɛ, saa berɛ no ne seesei, berɛ a saa adidi kronkron mpaeɛ no firi asɔfoɔ nketewa no anum kɔ yɛn akoma mu na ɛkɔ ɔsoro, reyɛ apam no foforɔ, deɛ ɛka yɛne Kristo nkwagyeɛ no tumi no ankasa bom no. Yɛbɛtumi adwene deɛ ɛkyerɛ ho berɛ a dikɔnni soa nsɛnkyerɛnneɛ kronkron no brɛ yɛn, gyina baabi a sɛ Yesu wɔ hɔ a anka ɔbɛgyina, de reyi yɛn ankasa nnesoa ne yɛn yea.

Yɛn tiri yɛ, ɛnni sɛ mmarimaa ne mmaayewa yare ansa na wɔahunu anigyeɛ ne botaeɛ nti a yɛresom Agyenkwa no.

Ɛlda David A. Bednar akyerɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛbɛnyini na yɛabɛyɛ sɛdeɛ asɛmpatrɛfoɔ no teɛ, a, ɛwɔ sɛ yɛyɛ sɛdeɛ asɛmpatrɛfoɔ no yɛ, na afei, “nsaneeɛ rekɔ nsaneeɛ so na ahyɛdeɛ rekɔ ahyɛdeɛ so no, [yɛ] bɛtumi nkakrankakra abɛyɛ asɛmpatrɛni a … Agyenkwa no hwehwɛ.”2

Saa ara nso na sɛ yɛpɛ sɛ “yɛyɛ te sɛ Yesu a,”3 ɛwɔ sɛ yɛyɛ deɛ Yesu yɛ, na wɔ ahodwiri kasamu baako mu no, Awurade kyerɛ deɛ ɛyɛ a Ɔyɛ mu: Ɔse, “Na hwɛ, yei ne m’adwuma ne m’animuonyam—sɛ mɛma onipa ɔnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieɛ aba mu.”4

Agyenkwa no asɛmpatrɛ adwuma berɛ biara ne sɛ ɔsom N’Agya fa Ne mma a ɔbɛgye wɔn no so na ɛbɛyɛ saa afebɔɔ.

Na kwan a akyinneɛ nni ho a wonam so bɛnya anigyeɛ wɔ asetena mu ne sɛ wobɛka Kristo ho aboa afoforɔ.

Yei ne nokorɛ tiawa a ɛkanyann Nkwadaa ne Mmabunu dwumadie no.

Mmɔfra ne Mmabunu dwumadie nyinaa ne Mmɔfra ne Mmabunu nkyerɛkyerɛ nyinaa fa mmɔfra nkumaa mmoa a ɛbɛma wɔabɛyɛ te sɛ Yesu, berɛ a wɔbɛka Ne ho wɔ Ne nkwagyeɛ ne mmasoɔ dwumadie mu.

Mmɔfra ne Mmabunu yɛ mmoa kwan ma Primary abɔfra ne ɔbabunu biara sɛ ɔbɛnyini wɔ adansedie mu, na wanya gyedie a anisoadehunu ahyɛ ma fa sɛdeɛ anigyeɛ kwan teɛ ho. Wɔbɛtumi ahwɛ kwan na wɔn kɔn adɔ sɛdeɛ kwan so gyinabea ne kwan ho amaneɛbɔ pono a ɛwɔ apam kwan no so, baabi a wɔbɛbɔ wɔn asu na wɔde Honhom Kronkron akyɛdeɛ no agye wɔn ato mu na ɛnkyɛ biara wɔbɛkɔ akuo mu ne Mmaayewa gyinapɛn, baabi a wɔbɛte anigyeɛ a wɔde boa afoforɔ nka berɛ a wɔresom wɔ Yesu su so. Wɔde botaeɛ bɛsi wɔn ani so, akɛseɛ ne nketewa, a ɛbɛma wɔn pɛyɛ wɔ wɔn asetena mu na ama wɔabɛyɛ te sɛ Agyenkwa no. Ma Mmabunu Ahoɔden nhyiamu ahodoɔ ne nsɛmma nwoma, Friend, ne Asɛmpa Abrabɔ app bɛboa de wɔn agyina Kristo mu anigyeɛ hwehwɛ mu. Wɔbɛhwɛ nhyira a ɛwɔ prɛko-pɛ tɛmpol akwanya krataa no mu anim kwan, na wɔate Elia honhom no nka, nam Honhom Kronkron no nkɛntɛnsoɔ so berɛ a wɔhwehwɛ nhyira a ɛwɔ tɛmpol ne abusua abakɔsɛm dwumadie ho. Agyapanin nhyira no bɛma wɔn akwankyerɛ. Berɛ a ɛsɛ mu, wɔbɛhunu wɔn ho sɛ wɔrekɔ tɛmpol akɔgye wɔn soro tumi, na wɔanya anigyeɛ wɔ hɔ berɛ a, deɛ ɛbɛsi biara, wɔka wɔne wɔn abusua bom afebɔɔ.

Wɔ wiase yareɛ mframa a ɛrebɔ tia ne atoyerɛnkyɛm mu no, wɔrema Mmɔfra ne Mmabunu nhyehyɛeɛ foforɔ no mu bɔhyɛ nyinaa aba mu yɛ adwuma a wɔgu so reyɛ—na ahiasɛm wɔ hɔ. Yɛn mmabunu rentumi ntwɛn sɛ wiase bɛyɛ ne ho yie ansa na wɔatumi abɛhunu Agyenkwa no. Ebinom resi gyinaeɛ mpo seesei a wɔnnim sɛ wɔte wɔn nokorɛ su ankasa ase—ne Ne deɛ.

Ɛno nti aniberesɛm frɛ a ɛfiri Onyankopɔn asraafoɔ kuo a wɔn nteteɛ mu yɛ den ne sɛ “Nsa nyinaa nsɔ mu bi!”

Ɛnanom ne agyanom, mo mma mmarima hia mo sɛ mode anigyeɛ atenka boa wɔn seesei sɛdeɛ moayɛ dada no, berɛ a na wɔreyɛ nneɛma nketewa te sɛ ntaadeɛ mu ahyɛnsodeɛ ne mpaneɛ no. Ɛnanom ne agyanom, asɔfodie ne mmaayewa akannifoɔ, sɛ mo mmabunu rebrɛ a, Mmɔfra ne Mmabunu bɛboa de wɔn aba Agyenkwa no hɔ, na Agyenkwa no bɛbrɛ wɔn asomdwoeɛ.5

Ekuo ne gyinapɛn titenafoɔ, monsɔre na momfa mo dibea a ɛyɛ mo dea wɔ Awurade adwuma no mu.

Ahwɛfoɔ, momfa mo nsafoa no mmɔ ekuo titenafoɔ no ho, na mo akuo—ne mo wɔɔd—bɛsesa afebɔɔ.

Na mo a morenyini ba no, medi adanseɛ, sɛ obi a ɔnim, sɛ mo Onyankopɔn mma mmarima ne mma mmaa a ɔdɔ mo, na Ɔwɔ adwuma bi ma mo sɛ mobɛyɛ.

Berɛ a mosɔre de mo akoma nyinaa, tumi, adwene ne ahoɔden ma mo animuonyam frɛ no, mobɛba abɛdɔ Onyankopɔn, adi mo apam so na moanya awerɛhyɛmu wɔ N’asɔfodie tumi mu berɛ a moyɛ adwuma de hyira afoforɔ, rehyɛ aseɛ wɔ mo ankasa afie mu.

Mebɔ mpaeɛ sɛ mobɛpere, de ahoɔden mmɔho, a ɛfata saa berɛ yi, sɛ mobɛsom, akyerɛ gyedie, asakyera, akɔ nkan dabiara, ama moanya tɛmpol nhyira ne anigyeɛ akwanya a ɛgyina pintinn a ɛnam Yesu Kristo asɛmpa no nko ara so na ɛba. Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛsiesie wo ho abɛyɛ saa nsiyɛ asɛmpatrɛni no, okunu anaa ɔyere nokwafoɔ, agya anaa ɛna a ɔwɔ ɔdɔ, a wɔahyɛ wo bɔ sɛ awieɛ no wobɛtumi abɛyɛ, berɛ a woyɛ Yesu Kristo nokorɛ suani no.

Ma montumi mmoa nsiesie wiase mma Agyenkwa no mmaeɛ berɛ a morefrɛ obiara sɛ ɔmmra Kristo hɔ na ɔnnya Ne Mpata no mu nhyira. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Luka 22:19

  2. David A. Bednar, “Rebɛyɛ Asɛmpatrɛni,” Laehona, Obubuo 2005, 46.

  3. “Merebɔ mmɔden ayɛ te sɛ Yesu; meredi n’akwan so. Merebɔ mmɔden sɛ mɛdɔ sɛdeɛ ɔyɛɛe no, wɔ biribiara a meyɛ anaa meka mu” (“Merebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ sɛ Yesu,” Mmɔfra Nnwom nwoma, 78–79).

  4. Mose 1:39.

  5. Me ankasa m’ani sɔ ahofama a awofoɔ ne akannifoɔ a wɔwɔ yɛn abakɔsɛm mu a wɔde akokoɔduro ne nsiyɛ aboa mmɔfra nkumaa ma wɔanyini. Megye to mu sɛ Mmɔfra ne Mmabunu mmɔdemmɔ foforɔ no dodoɔ no ara gyina dwumadie ne nkonimdie nhyehyɛe biara a ɛdii anim.