Amansan Nhyiamu
Enti Monwɛn, Na Mommɔ Mpaeɛ Daa
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Enti Monwɛn, Na Mommɔ Mpaeɛ Daa

Ɛnɛ metrɛ me mpaebɔ frɛ mu kɔ ma nkurɔfoɔ a wɔwɔ ɔman biara mu wɔ wiase mu nyinaa.

Me nuanom mmarima ne mmaa, nnawɔtwe a ɛtwa toɔ wɔ N’asase so ahennie mu no, Yesu kyerɛkyerɛɛ N’asuafoɔ no sɛ “Enti Monwɛn, na mommɔ mpaeɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.“1

Deɛ ɛka “nneɛma a ɛbɛsisi ansa na” Ne mmaeɛ a ɛtɔso mmienu no, yɛ ɔko ne akosɛm[,] ɔkɔm, ne yaredɔm, ne asasewosoɔ wɔ mmeammea ahoroɔ.”2

Wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no, Agyenkwa no kaa sɛ, Na nneɛma nyinaa bɛyɛ basabasa; … ɛfiri sɛ osuro bɛba nnipa nyinaa so.”3

Ampa ara, yɛwɔ berɛbi mu a nneɛma ayɛ basabasa. Nnipa bebree suro ma daakye na akoma bebree adane afiri wɔn gyedie wɔ Onyankopɔn ne Ne Ba, Yesu Kristo ho.

Atuntunasɛm ho nsɛm ahyɛ kaseɛbɔ amanneɛbɔ mu ma. Ɔbra a ɛmfata ho nneɛma, a wɔtintim no wɔ abɛɛfo kwantempɔn so, Wasɛesɛe nsamampɔ, nsɔre, nkramodan, asomfie ne ɔsom asɔreɛ so.

Nsanyadeɛ atu atese wɔ asase afanan nyinaa: asane nnipa ɔpepe; a mu ɔpepe na awuwuo. Sukuufoɔ a wɔawie, asɔre som, awareɛ, asɛmpatrɛ som ne asetena mu dwumadie pii a ɛho hia asɛe. Deɛ ɛka ho, ne sɛ wɔayi nnipa a wɔnni ano na aka wɔn nko ara no asi nkyɛn.

Sikasɛm sɛeɛ ayɛ akwansideɛ ama bebree no ara, nkanka mmɔborɔfoɔ pa ara a wɔyɛ Agya a Ɔwɔ soro no mma.

Yɛahunu nkorɔfoɔ a wɔnam adesrɛ kwan so reda wɔn haw adi, na yɛahunu dodoɔ no a wɔn bo afuo a wɔyɛ aturuturasɛm.

Berɛ korɔno ara mu, yɛkɔso hunu ntawantawa wɔ wiase baabiara.

Metaa dwene mo a morehunu amane, biribi ha mo, suro anaa aka mo nko ara ho. Mehyɛ mo mu biara bɔ sɛ Awurade no nim mo, Ɔnim mo haw ne mo yeadie, na Ɔdɔ mo—sɛ ankorankorɛ, deɛ ɛmu dɔ kɔsi awieɛ.

Anadwo biara a mebɔ mpaeɛ no, mebisa Awurade sɛ ɔnhyira obiara a apinisie, yea, ankonam na awerɛhoɔ ayɛ n’adesoa. Menim sɛ Asɔre akandifoɔ nkaeɛ no nso si saa mpaebɔ korɔ no so. Yɛn akoma, ankorankorɛ ne sɛ yɛaka abɔ mu, kɔ ma mo, na yɛn mpaebɔ kɔ Onyankopɔn hɔ ma mo.

Medii nna bebree, afe a ɛtwaa mu no wɔ atifi-apueɛ fa mu a ɛwɔ United States a na meresrasra Asɔre abakɔsɛm mmeaɛ, rehyia yɛn asɛmpatrɛfoɔ ne yɛn asɔremma, na meresrasra aban ne nnwuma ahodoɔ akandifoɔ.

Kwasiada, Ahinime 20, mekasa kyerɛɛ ekuo kɛseɛ bi a ɛbɛn Boston, Massachusetts. Berɛ a na merekasa no, ɛkaa me sɛ menka sɛ, “Mepa mo kyɛw sɛ mommɔ mpaeɛ mma ɔman yi, mma yɛn akandifoɔ, mma yɛn nkorɔfoɔ ne mmusua a wɔtete saa ɔman kɛseɛ yi a Onyankopɔn na wakyekyere yi mu. “4

Mesan nso kaa sɛ, Amerika ne wiase aman bebree, wɔ mmerɛ a abɛsene mu no, yɛwɔ agyinasie mmerɛ foforɔ mu na wɔhia yɛn mpaebɔ.5

M’adesrɛ no nka nsɛm a na masiesie sɛ merebɛka no ho. Saa nsɛm no baae berɛ a menyaa atenka sɛ Honhom no akasa akyerɛ me sɛ menka nkyerɛ wɔn a wɔahyia hɔ no sɛ wɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn man ne wɔn akandifoɔ.

Ɛnɛ, metrɛ me frɛ ma mpaebɔ no kɔ ma nkurɔfoɔ nyina ara a wɔwɔ ɔman biara mu wɔ wiase. Ɛmfa ho ne ɔkwan a monam so bɔ mpaeɛ anaa deɛ mobɔ mpaeɛ kyerɛ no, mesrɛ monto mo gyedie mu—sɛdeɛ mo gyedie teɛ biara—na mommɔ mpaeɛ mma mo aman ne mo aman akandifoɔ. Sɛdeɛ mekaa no Ahinime a atwa mu no wɔ Massachussetts no, ɛnnɛ yɛgyina agyinasie kɛseɛ mu wɔ abakɔsɛm mu na ewiase nsase hia ɔsoro nkanyan ne akwankyerɛ. Yei mfa amanyɔsɛm anaa nhyehyɛeɛ ho. Yei fa asomdwoeɛ ne ayaresa a ɛbɛtumi aba ankorɛankorɛ krane amanaman kra mu—wɔn nkuropɔn, nkuro ne nkuraseɛ nam Asomdwoeɛ Hene noa ɔyɛ ayaresa nyinaa farebae, Awurade Yesu Kristo no.

Abosome kakra a abɛsene yi mu no, manya nsusuiɛ a ɛba me nkyɛn sɛ, ɔkwan a ɛyɛ pa ara a ɛnam wiase gyinabea seesei ne sɛ nkorɔfoɔ nyinaa de wɔn no nyinaa bɛto Onyankopɔn so yie na wɔadane wɔn akoma ama no nam nokorɛ mpaebɔ so. Yɛrebrɛ yɛn ho ase na yɛrehwehwɛ ɔsoro nkanyan a yɛde bɛgyina ano anaa sɛ yɛbɛdi nkonim wɔ deɛ ɛda yɛn anim no bɛyɛ yɛn kwan pa ne anisoɔ kwan a yɛbɛtumi afa saa ɔhaw mmerɛ yi mu.

Twerɛsɛm no si mpaeɛ a Yesu bɔeɛ ne Ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa mpaebɔ ho wɔ N’asase so asɛmpa ka no so dua. Mobɛkae Awurade Mpaeɛ no.

“Yɛn Agya a wowɔ soro, Wo din ho nte.

“W’ahennie mmra. Deɛ wo pɛ nyɛ wɔ asase so, sɛdeɛ ɛyɛ wɔ ɔsoro.

“Ma yɛn yɛn daa aduane nnɛ.

“Na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.

“Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn firi bɔne mu: Na Wo na ahennie, ne ahoɔden ne animuonyam, nyɛ wo dea daa. Amen.”6

Saa botaeɛ mpaebɔ fɛɛfɛ yi a, wɔasi so dua mpɛn pii wɔ Kristosom mu no, da no adi pefee sɛ ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛsrɛ “Yɛn Agya a Ɔwɔ soro“ hwehwɛ mmuaeɛ ma deɛ ɛreha yɛn ho. Ɛno nti, momma yɛn mmɔ mpaeɛ nhwehwɛ ɔsoro akwankyerɛ.

Meto nsa frɛ mo sɛ mommɔ mpaeɛ berɛ biara.7 Mommɔ mpaeɛ ma mo abusua. Bɔ mpaeɛ ma aman akandifoɔ. Bɔ mpaeɛ ma nkorɔfoɔ akokoɔdurufoɔ a wɔgyina akono wɔ ɛko a ɛrekɔso tia asetena mu nkitahodie, tenabea, amanyɔsɛm, ne ateasedeɛ yaredom a ɛnya sunsuansoɔ wɔ nkorɔfoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa so, asikafoɔ ne ahiafoɔ, mmɔfra ne mpanin.

Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyiyimu wɔ wɔn a yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn no. Ɔkaa sɛ “Monnɔ mo atamfo, monhyira wɔn a wɔdome mo, monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔbu mo animtia na wɔtaataa mo no.“8

Wɔ asennua no so wɔ Calvary, a Yesu wu maa yɛn bɔne no, ɔyɛɛ deɛ Ɔde kyerɛkyerɛɛ berɛ a Ɔbɔɔ mpaeɛ“Agya, fakyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ,9

Yɛrebɔ mpaeɛ firi yɛakoma mu ama wɔn a yɛhu wɔn sɛ yɛatamfoɔ kyerɛ yɛn gyedie sɛ Onyankopɔn bɛtumi asesa yɛn akoma ne afoforɔ nso deɛ. Mpaebɔ a ɛte saa no hyɛ yɛn den wɔ yɛn agyinasie sɛ yɛbɛyɛ nsakyeraeɛ biara a ɛhia wɔ yɛn ara yɛn abrabɔ, mmusua ne yɛn atenaeɛ mu.

Ɛmfaho ne baabi a woteɛ, kasa korɔ a woka, anaa akwansideɛ a ɛda wo so, Onyankopɔn te na ɔma wo mmuaeɛ wɔ Ɔno ara Ne mmerɛ mu. Ɛnam sɛ yɛyɛ Ne mma no nti, yɛbɛtumi akɔ ne nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa, awerɛkyekyerɛ, ne ɔpɛpa nkanyan sɛ yɛbɛyɛ nsakyeraeɛ papa wɔ wiase mu.

Yɛrebɔ mpaeɛ ama atɛntenenee, ahiafoɔ, ne ayarefoɔ no ntaa nwie pɛyɛ. Sɛ yɛkɔ yɛn kotodwe anim wɔ mpaebɔ mu wie a, yɛhia sɛ yɛsɔre firi yɛn kotodwe anim na yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi ayɛ aboa—yɛn ho ne afoforɔ nso.10

Nhwɛsoɔ bebree wɔ twerɛsɛm no mu a ɛfa nkorɔfoɔ agyidifoɔ a wɔkaa mpaebɔ ne anammɔntuo bɔɔ mu de nsakyeraeɛ papa baa wɔn ankasa abrabɔ mu ne afoforɔ nso abrabɔ mu. Wɔ Mormon Nwoma No mu, nhwɛsoɔ bi ne deɛ, yɛkan fa Enos ho no. Wɔahwɛ ahunu sɛ “ɛbɛyɛ Nwoma no nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu kasa fa mpaebɔ ho, anaa mpaebɔ ho nsɛm, na ɛda adi pefee adekorɔ pɔtee a ɔyɛɛe ne nsunsuansoɔ fa ne mpaebɔ anoyie mu“11

Yɛwɔ nhwɛsoɔ bebree a ɛfa sɛdeɛ mpaebɔ de nsakraeɛ pa baa yɛn ara asɔre abakɔsɛm mu. Ɛhyɛ aseɛ firi Joseph mpaeɛ a ɔbuee nano bɔeɛ wɔ nnuakuo bi a na ɛbɛn n’awofoɔ nnua twitwa fie wɔ awɔberɛ mu afe 1820 mu. Ɔrehwehwɛ bɔnefakyɛ ne honhom mu akwankyerɛ no, Joseph mpaebɔ buee ɔsoro. Ɛnnɛ, yɛyɛ mfasonyafoɔ wɔ Joseph, Nkɔmhyɛni no ne Nkyirimma Ahotefoɔ mmarima ne mmaa agyidifoɔ a wɔbɔɔ mpaeɛ na wɔtuu ho anammɔn boa maa yɛtee Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ.

Metaa dwene mpaebɔ a mmaa agyedifoɔ binom te sɛ Mary Fielding Smith a, Onyankopɔn mmoa nti, ɔde akokoɔduro dii ne mma anim firii ɔtan a na ɛresɔre wɔ Illnois bɛnyaa ahobanbɔ wɔ saa bonhwa yi mu a n’abusua nyaa nkɔsoɔ wɔ honhom ne honam mu. Ɔbɔɔ mpaeɛ wɔ ne kotodwe anim akyire yi no, afei ɔyɛɛ adwumaden dii n’akwansideɛ so nkonim na ɔhyiraa n’abusua.

Mpaebɔ bɛtumi apagya yɛn na aka yɛn abom sɛ ankorankorɛ, sɛ abusua, sɛ asɔre ne sɛ ewiase. Mpaebɔ bɛnya nhyɛsoɔ wɔ abɔdeɛ nhwehwɛmu nimdefoɔ so na aboa ama wɔanya nnuro ahodoɔ a ɛbɛma saa nsanyareɛ yi aba awieɛ. Mpaebɔ bɛkyekyere wɔn a wɔahwere wɔn adɔfoɔ werɛ. Ɛbɛma yɛn akwankyerɛ ama yɛahunu deɛ ɛsɛ sɛ ama yɛanya yɛn ankasa ahobanbɔ.

Anuanom mmarima ne mmaa, mehyɛ mo nkuran sɛ momma mo ahokeka wɔ mpaebɔ mu nkɔ soro. Mehyɛ mo nkuran sɛ mommɔ mpaeɛ wɔ mo mu pue mu, wɔ mo dabiara nanteɛ mu, wɔ moafie mu, wɔ mo wɔɔd mu ne berɛbiara, wɔ moakoma mu.12

Megyina akandifoɔ a wɔwɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ anan mu da mo ase wɔ mpaebɔ a mobɔ ma yɛn. Mehyɛ mo nkuran sɛ monkɔ so mmɔ mpaeɛ sɛdeɛ yɛbɛnya nkanyan ne adiyie a ɛbɛma Asɔre akwankyerɛ wɔ saa mmerɛ yi a ɛmu yɛ den yi mu.

Mpaebɔ bɛtumi asesa yɛn ara yɛn abrabɔ. Akoma mu mpaeɛ a ɛkanyan nti, yɛbɛtumi akɔ nkan na yɛaboa afoforɔ nso ama wɔayɛ saa ara.

Menim tumi a ɛwɔ mpaebɔ mu nam me ara me suahunu so. Nansa yi mu na me nko ara na mete me dwumadibea. Na mekɔ yɛɛ me nsa opirehyen nkyɛree biara. Na ayɛ tumm ne, abibire, ahono, na na ɛyɛ ya. Mete me twerɛpono ho no, na mentumi mfa madwene nsi nsɛm a na ɛhia pa ara so ɛfiri sɛ na saa yea yi retwetwe me.

Mede nkotosrɛ bisaa Awurade sɛ ɔmmoa me na m’adwene nsi pi sɛdeɛ metumi awie m’adwuma no. Me sɔreeɛ na mesan kɔɔ baabi a na mahyehyɛ nkrataa no wɔ me twerɛpono no ho. Ɛhɔ ara, m’adwene ne m’aniso tetee me, na metumi yɛɛ adwuma a na ɛhia pa ara a na ɛda m’anim no.

Ɛnnɛ wiase yi mu sakasaka a ɛrekɔ so no bɛtumi ayɛ ɔhaw berɛ a yɛdwene nsɛmpɔ ne akwansideɛ pii ho no. Nanso ɛyɛ m’akoma so adansedie sɛ, yɛbɔ mpaeɛ srɛ Ɔsoro Agya no sɛ ɔmma yɛn akwankyerɛ ne nhyira a yɛhia a yɛbɛba abɛhunu sɛdeɛ yɛbɛtumi ahyira yɛn mmusua, ayɔnkofoɔ, amantam, na mpo aman a yɛte mu no.

Agyenkwa no bɔɔ mpaeɛ na afei “Ɔkyinkyini yɛɛ nnepa”13 a na ɔrema ahiafoɔ aduane die, ɔrema akokoɔduro ne mmoa ma wɔn a adeɛ ahia wɔn, na ɔretwe bɛn wɔ ɔdɔ mu, bɔnefakyɛ, asomdwoeɛ ne ahome ma wɔn a wɔbaa Ne nkyɛn. Ɔkɔso ara bɛn yɛn.

Meto nsafrɛ Asɔremma nyinaa, ne afipamfoɔ ne nnamfoɔ a wɔwɔ som afoforɔ mu wɔ wiase afanan nyinaa, sɛ sɛdeɛ Agyenkwa no tuu Nasuafoɔ fo no : “Enti monwɛn, na mommɔ mpaeɛ daa14 mma asomdwoeɛ, awerɛkyekyerɛ, ahobammɔ, ne akwanya a yɛde bɛsom yɛn ho yɛn ho.

Hwɛ kɛseɛ a tumi a ɛwɔ mpaebɔ mu yɛ, ne sɛdeɛ yɛn gyedie mpaebɔ wɔ Onyankopɔn ne Ne Dɔ Ba mu hia wɔ ewiase mu nnɛ! Momma yɛn nkae na y’ani nsɔ tumi a ɛwɔ mpaebɔ mu wɔ Yesu Kristo din mu, amen. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.