Amansan Nhyiamu
Momma Bo Bo Ntɔ Mo Yam.
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Momma Mo Bo Ntɔ Mo Yam.

Yɛn gyedie a ɛnhinhim wɔ saa nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba bio no tenetene yɛn anamɔntuo na ɛma yɛn anigyeɛ.

Wɔ Ne nna a ɛtwa toɔ mu no, Yesu Kristo kakyer N’Asomafoɔ no ɔtan ne ahokyerɛ a wɔbɛfa mu.1 Ɔde bɔhyɛ kɛseɛ wieɛ: “Mo ho bɛhiahia mo wɔ wiase mu deɛ: nanso momma mo bo ntɔ mo yam; Madi wiase so nkonim“ (Yohane 16:33.). Ɛno ne Agyenkwa no nkrasɛm ma yɛn Soro Agya mma nyinaa. Ɛno ne asɛmpa kɛseɛ ma yɛn mu biara wɔ honam abrabɔ yi mu.

“Momma mo bo ntɔ mo yam” nso na ɛyɛ awerɛhyɛm a na wɔhia wɔ wiase berɛ a Kristo owusɔreɛni no somaa N’Asomafoɔ. “Akwanuasa nyinaa mu no yɛwɔ haw,“ akyire Ɔsomani Paul kakyerɛɛ Korintofoɔ no, “nanso yɛn home ntee; yɛn ho akyere yɛn nanso yɛn ani ntanee; wɔtaa yɛn,nanso wɔmpaa yɛn akyi; wɔabɔ yɛn ato fam, nanso wɔnsɛee yɛn.“(2 Korintofoɔ 4:8–9

Mfoni
Yesu gye nkwa baako baako

Mfeɛ mpem mmienu akyi yɛn nso wɔ “haw akwanuasa nyinaa so,“ na yɛn nso yɛhia saa nkrasɛm korɔ sɛ yɛn ani ntanee nanso yɛn wɔ abotɔyam. Awurade no wɔ ɔdɔ ne adwenepa soronko ma ne mma mmaa a wɔsomboɔ. Ɔnim wo apɛdeɛ, wo ahiadeɛ, ne wo suro. Awurade wɔ tumi nyinaa. Gye No di.

Wɔkyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith sɛ “Nyankopɔn nnwuma, ne nhyehyɛɛ ne ne botaeɛ ntumi nsɛe, na ɛntumi nyɛ kwa“ (Doctrine and Covenants 3:1). Ne mma a wɔrebrɛ no, Awurade ama wɔn awerɛhyɛm kɛseɛ:

“Hwɛ, yei yɛ Awurade no bɔhyɛ ma mo, o mo m’asomfoɔ.

“Na whɛ, momma mo bo ntɔ mo yam, na ma mo nsuro, na Me Awurade no meka mo ho, na mɛgyina mo nkyɛn; na mobɛdi me ho adanseɛ, mpo Yesu Kristo, sɛ Meyɛ Nyankopɔn teasefoɔ no Ba“ (Doctrine and Covenants 68:5–6).

Awurade no gyina yɛn nkyɛn, na waka sɛ:

“Deɛ mekakyerɛ ɔbaako no Mekakyerɛ obiara, momma mo bo ntɔ mo yam, me mma nketewa; na Meka mo ho, na Me mpa mo akyi” (Doctrine and Covenants 61:36).

“Na apenesie dodoɔ akyi na nhyira no ba“ (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:4).

Anuanom mmaa, Medi adanseɛ sɛ saa bɔhyɛ yi a wɔde maeɛ wɔ ɔtan ne ankorankorɛ atoyerɛnkyɛm mu no kɔ ma obiara wɔ berɛ a ɔrekɔ ɔhaw mu. Wɔ sombo na wɔbɛkae yɛn mu biara sɛ yɛmma yɛ bo ntɔ yɛn yam na yɛn nya anigyeɛ wɔ asɛmpa a ahyɛ ma no mu berɛ a yerepere akɔ anim wɔ akwansideɛ mu wɔ honam mu.

Amaneɛ ne akwansideɛ yɛ suahunu a ɛwɔ honam asetena mu. Akwansideɛ ho hia wɔ nhyehyɛeɛ kronkron a ɛbɛma yeanyini,2 na wɔ saa nhyehyɛeɛ no mu no, yɛwɔ Nyankopɔn awerɛhyɛmu sɛ wɔ daapem aniwa mu no akwansideɛ ntumi nni yɛn so. Ne mmoa kaho, ne yɛn nokorɛdie ne yɛkɔduro no, yɛbɛtumi agyina. Sɛdeɛ honam mu abrabɔ teɛ no, ɔhaw no nyinaa bɛtwam. Wɔ twemamentwe a ɛsisii ansa na ɔko kɛseɛ bi no, Amereka titenani Abraham Lincoln de nyansa kwan so kaa yɛn tete nyansasɛm sɛ “yei nso, bɛtwam akɔ.“3

Sɛdeɛ wo nim no, honam mu haw a mereka ho asɛm--a ɛma no yɛ den sɛ yɛn bo bɛtɔ yɛn yam—ɛtɔ da a ɛde nneɛma binom ba yɛn so, te sɛ nnipa ɔpepepem a wɔrebrɛ ɛnam nsunsuansoɔ ahodoɔ a ɛfiri COVID-19 yadeɛ mu. Saa nso, wɔ Amereka a ɔpepepe rebrɛ wɔ ɔtan ne mentemeho ase berɛ a ɛtaa ba sɛ eduru manpanin abatoɔ berɛ a, nanso berɛ yei yɛ deɛ emu yɛ den pa ara a yɛn mu bi a yɛanyini no kae.

Wɔ mankasa suahunu mu, yɛn nyinaa pere wɔ honam mu haw ahodoɔ te sɛ, ohia, nyiyimu, yadeɛ, adwuma sɛeɛ anaa hwammɔdie, mmofra bɔne, aware bɔne anaa sugyadie, ne bɔne so nsunsuansoɔ—yɛn ankasa deɛ ne afoforɔ deɛ.

Nanso, wɔ yei nyinaa mu no, yɛ wɔ soro afutuo sɛ yɛmma yɛn bo ntɔ yɛn yam na yɛn hwehwɛ anigyeɛ wɔ nkyerɛkyerɛ ne bɔhyɛ a ɛwɔ asɛmpa no mu ne yɛn nnwuma so aba.4 Saa afutuo no ayɛ sa ara, ma nkɔmhyɛfoɔ ne yɛn nyinaa. Yɛnim yei firi adikanfoɔ no suahunu mu ne nea Awurade no kakyerɛɛ wɔn.

Mfoni
Onuabarima Joseph

Kae Nkɔmhyɛni Joseph Smith tebea. Wohwɛ no wɔ asiane aniwa mu a, na nabrabɔ yɛ ohia, ɔtan, ateetee, abusua awerɛhoɔ, ne nekoraa nekum. Berɛ a ɔda afiase no, ne yere ne Ahotefoɔ a wɔn aka no brɛɛ wɔ ahokyerɛ kɛseɛ mu berɛ a wɔpamoo wɔn firii Missouri.

Berɛ a Joseph srɛɛ mmoa no, Awurade no buaa sɛ:

“Me ba, asomdoeɛ nka wokra; wo haw ne w’amane no ɛnkyɛ koraa;

“Na sɛ wogyina ano yie a, Onyankopɔn bɛpagya wo wɔ soro; na wobɛdi w’atamfo nyinaa so nkonim” (D&C 121:7–8

Yei yɛ ankasa, daapem afutuo a ɛboa Nkɔmhyɛni Joseph ma no ketaa abotɔyam su ne ɔdɔ ne nokorɛdie a na ne nkorɔfoɔ wɔ. Saa esu yi a na ɛhyɛɛ akannifoɔ ne adikanfoɔ a wɔdii akyi no den na ɛbɛtumi ahyɛ wo nso den.

Mfoni
Adikanfoɔ asɛmpatrɛfoɔ a wɔrenam asukɔtwea mu

Dwene saa adikanfoɔ no ho! Wɔpamoo wɔn firii mmea mmea pii. Awieɛ no wɔhyiaa akwansideɛ wɔ sɛ wɔbɛkyekyere Asɔre no ne wɔn afie wɔ ɛsrɛso.5 Mfeɛ mmienu akyi berɛ a adikanfoɔ no duruu Salt Lake Kɛseɛ mmepɔ mu no, sɛdeɛ adikanfoɔ no tumi tenaa saa asase wesee no so no nna fam. Na asɔremma no pii gu so retwa kwan anaa wɔrepere apɛ nneɛma a wɔde bɛtwa. Nanso na akannifoɔ ne asɔremma no wɔ anidasoɔ ne abotɔyam.

Na mpo Ahotefoɔ no antena wɔn afie foforɔ no mu, wɔ Ahinime 1849 Amansan Nhyiamu mu wɔsomaa asɛmpatrɛfoɔ foforɔ sɛ wɔnkɔ Scandinavia, France, Germany, Italy ne South Pacific.6 Berɛ a anka yɛdwene sɛ ɛnyɛ koraa no, adikanfoɔ no maa wɔn ho so kɔɔ mpɛnpɛnsoɔ foforɔ mu. Na wɔ mfeɛ mmiɛnsa akyi pɛ, wɔfrɛɛ nnipa 98 sɛ wɔn nso nkɔhyɛ aseɛ mmoaboa Yesrai a wapete no ano. Asɔre mpanimfoɔ no baako kyerɛɛ mu sɛ saa asɛmpatrɛ adwuma yi “ɛntaa nkyɛ pii; ebia mfeɛ 3 dekɔ 7 ne berɛ tenten paa a obi bɛgya n’abusua hɔ. “7

Anuanom mmaa, Atitenafoɔ a Wɔdi kan no dwene mo akwansideɛ ho. Yɛdɔ mo na yɛbɔ mpaeɛ ma mo. Wɔ berɛ korɔ mu no, yɛtaa da ase sɛ yɛn honam mu akwansideɛ--sɛ yɛyi asase wosoɔ, gyahyehyeɛ, nsuyire, ne mframa brane firi mu a--yɛ mmerɛ nkyɛn deɛ yɛn adikanfoɔ no faa mu.

Wɔ ɔhaw mu no, awerɛhyɛm kronkron no taa yɛ “momma mo bo ntɔ mo yam, na mɛdi mo kan. Ahennie no yɛ mo dea na emu nhyira nso yɛ mo dea, na daapem ahonyadeɛ no yɛ mo dea” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 78:18). Sɛn na wei si? Sɛn na ɛsiiɛ maa adikanfoɔ no? Sɛn na ɛbɛsi ama Nyankopɔn mma mmaa ɛnnɛ? Sɛ wɔdi nkɔmhyɛ akwankyerɛ so a, “hɛll pono ntumi nnyina [yɛn] anim, “Awurade no nam yikyerɛ so aka wɔ Oforisuo, 1830. “Aane, “ Ɔsee sɛ, “ Awurade Nyankopɔn bɛpamo esum tumi biara afiri yɛn akwan mu, na wama soro awoso ama yɛn yiedie na ahyɛ nedin animuonyam. “ (Apam ne Nkyerɛkyerɛ 21:6 “Enti, mmɔ hu, nnwankuo ketewa; yε papa; ma asaase ne hɛll nsɔre ntia wo, na sε wosi wodan wɔ me botan so a, wɔrentumi nnyina “ (Doctrine and Covenants 6:34).

Awurade no bɔhyɛ ka ho a, “yɛma yɛn akoma so di ahurusie” (Doctrine and Covenants 25:13), ne “anigyeɛ akoma ne abotɔyam su” (Doctrine and Covenants 59:15), yɛkɔ anim wɔ apam kwan no so. Yɛn mu pii nhyia agyinasie akɛseɛ, tesɛ yɛbɛfiri yɛn afie akɔhyɛ aseɛ wɔ asaase a yɛnnnim so. Yɛn agyinasie no taa yɛ daadaa abrabɔ mu deɛ, nanso sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ yɛn no, “Mommerɛ wɔ papayɛ mu, na moreto adwuma kɛseɛ fapem. “Na wɔ nneɛma nketewa mu na akɛseɛ pie ba” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:33).

Tumi a ɛnni awieiɛ wɔ Yesu Kristo asɛmpa nkyerɛkyerɛ a wa-san-de-aba no mu. Yɛn gyedie a ɛnhinhim wɔ saa nkyerɛkyerɛ no mu boa yɛn anamɔntuo na ɛma yɛn anigyeɛ. Ɛbie yɛadwene mu na ɛma yɛn ahoɔden ne ahotɔsoɔ wɔ yɛn nnwuma mu. Saa akwnkyerɛ ne adwemmubie ne tumi yi yɛ bɔhyɛ akyɛdeɛ a yɛanya afiri Soro Agya no nkyɛn. Yɛte aseɛ na yɛsesa yɛn abrabɔ ma saa nkyerɛkyerɛ no, a nsakraeɛ akyɛdeɛ kronkron ka ho a, yɛbɛtumi ama yɛn bo atɔ yɛn yam wɔ berɛ a yɛnam kwan a ɛde yɛn kɔ yɛn daapem gyinabea mu--yɛne yɛn soro awofoɔ adɔfoɔ nkabom ne mpagya.

“Ebia worefa ɔhaw a ɛyɛ den mu, “Elder Richard G. Scott kyerɛɛe. “Ɛtɔ da a na ano ɛyɛ den, ɛtoɔ ntwa da, na ɛma wo nkate sɛ ɛboro deɛ wahoɔden bɛtumi so. Ɛnnyɛ ankonam wɔ wiase yi mu. ‘Fa w‘akoma nyinaa bata awurade ho; na mfa wo ho ntwere wo nhunumu’ [Mmebusɛm 3:5]. Wayɛ no saa sɛ abrabɔ yɛ den, nnyɛ sɛ yɛbɛdi nkuguo, nanso sɛ yɛbɛdi wɔn so nkonim.”8

Nenyinaa ka Nyankopɔn Agya no ne Ne Ba, Yesu Kristo nhyehyɛeɛ no ho, na medi yei ho adanseɛ, berɛ a merebɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛsi nkete akɔduru yɛn soro tenabea, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Yohane 13- 16.

  2. Hwɛ 2 Nifae 2:11.

  3. Abraham Lincoln, kasa a ɔde maa Wisconsin State Kuayɔ kuofoɔ, Milwaukee, Sept. 30, 1859; in John Bartlett, Bartlett’s Familiar Quotations, 18 ed. (2012), 444.

  4. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:31.

  5. Hwɛ Lawrence E. Corbridge, “Surviving and Thriving like the Pioneers,” Ensign, July 2020, 23-24.

  6. Hwɛ “Minutes of the General Conference of 6 October 1849,” General Church Minutes Collection, Church History Library, Salt Lake City.

  7. , Wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no Abakɔsɛm Nwoma, Aug. 28, 1852, 1. Church History Library, Salt like City.

  8. Richard G. Scott, Finding Peace, Happiness, and Joy (2007), 248–49.