Amansan Nhyiamu
Fa Gyedie Hyia Daakye
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Fa Gyedie Hyia Daakye

Daakye bɛyɛ animuonyamhyɛ ama wɔn a wɔasiesie wɔn ho ne wɔn a wɔkɔso siesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ adwinneɛ wɔ Awurade nsam.

Yei ayɛ anwummerɛ a yɛn werɛ remfiri da. Me nuanom mmaa, ɛyɛ me ahohoahoa sɛ meka mo ho. Mo ho adwene taa ba me tirim wɔ abosome kakra a atwam yi mu. Mo ahoɔden boro ɔpepe nwɔtwe. Monni dɔm no nko ara na mmom honhom mu tumi a mode bɛsesa wiase. Mahunu sɛ moreyɛ saa pɛpɛɛpɛ wɔ saa wiase nyinaa yareɛ yi mu.

Mo mu binom hyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ nneɛma a ɛho ayɛ den anaasɛ adwuma foforɔ mpofirim. Dodoɔ no ara kyerɛɛ mmɔfra adeɛ na wɔsraa afipamfoɔ. Ebinom asɛmpatrɛfoɔ baa fie ntɛm kyɛn berɛ a na wɔrehwɛ anim, ɛna afoforɔ nso sesaa mo afie yɛɛ no asɛmpatrɛsom nteteɛ mmea. Moafa abɛɛfo kwan so ne abusua ne ayɔnkofoɔ adi nkutaho, aka nsɛmpa akyerɛ wɔn a ɛyɛ wɔn sɛ wɔayi wɔn mu, na mo ne afoforɔ asua Bra, Bɛdi M’akyi nwoma. Moanya akwan afoforɔ a ɛma Homeda yɛ anika. Ɛna moayɛ banbɔ nkatanim—mpempem mu!

Mede awerɛhoɔ a ɛfiri akoma mu ne ɔdɔ ma mmaa dodoɔ a wɔwɔ wiase a wɔn adɔfoɔ afifiri mu yaakɔ. Yɛne mo te nisuo. Na yɛbɔ mpaɛ ma mo. Yɛbɔ wɔn a wɔyɛ adwumaden de bɔ afoforɔ apɔmuden ho ban aba so, na yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn.

Mo mmayewa nso moayɛ adeɛ a ɛyɛ nwanwa. Ɛwom sɛ apereapereɛ adɔɔso wɔ kɔmputa so nkutahodie mu, nanso mo mu dodoɔ no ara anya akwan a mode hyɛ afoforɔ nkuran na mokyɛ yɛn Agyenkwa hann no.

Anuanom mmaa, mo nyinaa moayɛ akokoɔdurofoɔ a akyinnyeɛ nni ho! Mo ahoɔden ne mo gyedie yɛ me nwanwa. Moakyerɛ sɛ tebea a ɛyɛ den mu no, mode akokoɔduro pem kɔ. Medɔ mo, na mehyɛ mo bɔ sɛ Awurade dɔ mo na ɔhunu adwuma kɛseɛ a moreyɛ. Meda mo ase! Moasan akyerɛ bio sɛ ampa ara, mone Israel anidasoɔ.

Mo na mogyina hɔ ma anidasoɔ a Titenani Gordon B. Hinckley nya maa mo berɛ a ɔdaa “Abusua: Dawurubɔ Bi ma Wiase” adi, mfeɛ 25 a abɛsene kɔ wɔ Ɛbɔ 1995 amansan Relief Society nhyiamu ase no.1 Ɛhia pa ara sɛ ɔfaa sɛ ɔbɛda saa dawurubɔ a ɛho hia sei adi akyerɛ anuanom mmaa a wɔwɔ Asɔre no mu. Ɔyɛ saa a, Titenani Hinckley si nsunsuansoɔ a mmaa wɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu a ɛnni nsiananmu so dua.

Afei mɛpɛ sɛ mɛhunu deɛ moasua no afe wei mu. Moabɛn Awurade, anaa mote nka sɛ mowɔ akyirikyriri firi Ne nkyɛn? Na atenka bɛn na nneɛama a ɛrekɔ so seesei yi ma wo nya wɔ daakye ho?

Nokorɛ mu, Awurade akasa afa yɛn berɛ yi ho wɔ anibereɛ kwan so. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ wɔ yɛn berɛ mu “nnipa akoma [bɛdi wɔn hwammɔ]”2 na deɛ wɔayi wɔn no mpo ɛbɛtumi a anka wɔbɛdaadaa wɔn.3 Ɔka kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith sɛ “wɔbɛfa asomdwoeɛ afiri asase so”4 na mmerɛ a ɛmu yɛ den bɛba.5

Nanso Awurade ama anisoadehunu bi afa sɛdeɛ saa asɛmpaberɛ yei bɛyɛ nwanwasoɔ afa. Ɔka kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith sɛ “adwuma a ɛwɔ saa nna a ɛdi akyire yi mu, yɛ deɛ ɛso yie pa ara.” N’animuonyam tra nkyerɛkyerɛmu, na ne fɛ yɛ adutwam.”6

Afei, ahoɔfɛ nyɛ asɛm a wobɛpɛ sɛ wode bɛkyerɛkyerɛ saa abosome kakra a atwam yi mu! Sɛn na yɛbɛyɛ awerɛhoɔ nkɔmhyɛ ne animuonyam paemuka a ɛfa yɛn berɛ so ho yi? Awurade nam kwan a ɛnyɛ den, nanso ɛyɛ ahomeka, hyɛ nkuran, so ka kyerɛɛ yɛn: “Sɛ moasiesie mo ho a morensuro.”7

Bɔhyɛ bɛn na ɛte sei! Ɛyɛ deɛ ɛbɛtumi asesa sɛdeɛ yɛhunu yɛn daakye ankasa. Nansa yi ara metee ɔbaa bi a ɔwɔ adansedie a ɛmu dɔ, sɛ wagye ato mu sɛ amansan yareɛ no ne asasewosoɔ bi a ɛsii Salt Lake Bonhwa mu, aka abom aboa no ma wahunu sɛ sɛɛ na ɔnsiesiee ne ho sɛdeɛ na ɔdwene sɛ wasiesie no. Berɛ a mebisaa no sɛ ɔrekyerɛ n’aduane a wakora anaa n’adansedie no, ɔnwenweeɛ kaa sɛ, “Aane!”

Sɛ ahosiesie ne yɛn safoa a yɛde bɛhyia saa asɛmpaberɛ yi ne yɛn daakye wɔ gyedie mu a, sɛn na yɛbɛtumi asiesie yɛn ho yie pa ara?

Mfeɛ pii na Awurade nkɔmhyɛfoɔ ahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkora aduane, nsuo, na yɛnte sika kakra nto hɔ mma berɛ a ɛho bɛhia. Wiase yareɛ wei ahyɛ nyansa a ɛwɔ saa afotuo no mu kena. Mehyɛ mo nkuran sɛ montu anammɔn nsiesie mo ho honam mu. Nanso mo honhom ne mo mu ahosiesie mpo na ɛhia me yie pa ara.

Wɔ saa kwan no so, yɛbɛtumi asua pii afiri Ɔsahene Moronae hɔ. Sɛ ɔkwankyerɛfoɔ wɔ Nifae asraafoɔ mu no, ɔhyiaa atamfo a na wɔn ho yɛ den, wɔdɔɔso, na wɔn ho yɛ hu kyɛn wɔn. Enti, Moronae siesiee ne nkorɔfoɔ wɔ akwan ahodoɔ mmiɛnsa a ɛhia yie so.

Ɛdi kan, ɔboae ma wɔsisii mmea a wɔbɛnya banbɔ—ɔfrɛɛ hɔ “mmea a ɛyɛ ahobanbɔ”.8 Ɛtɔ so mmienu, ɔsiesiee “nkorɔfoɔ no adwene ama wɔadi nokorɛ ama Awurade.”9 Ɛna ɛtɔ so mmiɛnsa, wannyae ne nkorɔfoɔ asiesie da—honam anaa honhom fa mu.10 Momma yɛnhwɛ saa nhyehyɛeɛ mmiɛnsa yi.

Nhyehyɛeɛ a Ɛdi kan: Yɛ Mmea a ɛma Ahobanbɔ.

Moronae too ban, yɛɛ afasuo twaa Nifae kuropɔn biara ho de maa no ahobanbɔ. Berɛ a Lamanfoɔ no baa wɔn so no, wɔn “ho dwirii wɔn yie, ɛnam Nifaefoɔ no nyansa a wɔnyaeɛ sɛ wɔde resiesie baabi a ɛyɛ wɔn ahobanbɔ bea no.12

Saa ara nso na, berɛ a ɔhaw a yɛntumi nsɔ ano atwa yɛn ho ahyia yi, ɛhia sɛ yɛsisi baabi a yɛn ho bɛtɔ yɛn, honam ne honhom mu nyinaa. Sɛ mo afie mu bɛyɛ baabi a mo ankasa mowɔ gyedie—baabi a Honhom no teɛ a—mo fie bɛyɛ ahobanbɔ bea a ɛdi kan.

Saa ara na, stake a ɛwɔ Sion yɛ “dwanekɔhyɛbea firi ahum mu”13 ɛfiri sɛ wɔn a wɔdi wɔn anim no kuta asɔfodie nsafoa na wɔde asɔfodie tumi yɛ adwuma. Sɛ wokɔ so di wɔn a Awurade ama wɔn tumi sɛ wɔnkyerɛ wo kwan no afotuo so a, wobɛnya ahobanbɔ atenka kɛseɛ.

Tɛmpol—Awurade fie—yɛ ahobanbɔ bea a foforɔ biara ne no nsɛ. Ɛhɔ, mo anuanom mmaa nam asɔfodie apam kronkron a moyɛ so nya akyɛdeɛ kronkron wɔ asɔfodie tumi mu.14 Ɛhɔ, wɔsɔ mo mmusua ano ma daa nkwa. Afe yi ara mu mpo, berɛ akwanya a yɛde kɔ yɛn tɛmpol mu so ate koraa yi, akyɛdeɛ kronkron a mowɔ ma mo akwanya berɛbiara wɔ Onyankopɔn tumi mu, berɛ a moadi mo ne No apam ni.

Ne tiawa mu, ahobanbɔ bea yɛ baabiara a wobɛtumi ate Honhom Kronkron no nka na Akyerɛ wo kwan.15 Sɛ Honhom Kronkron no ka wo ho a, wobɛtumi akyerɛkyerɛ nokorɛ, mpo berɛ a ɛhyia adwenkyerɛ afoforɔ a ɛwɔ hɔ. Na wobɛtumi de nokorɛ akoma adwendwene nsɛmmisa a ɛfa asɛmpa no ho wɔ adiyie mu.

Meto nsa frɛ mo, me nuanom mmaa adɔfoɔ, sɛ monyɛ efie a ɛyɛ ahobanbɔ bea. Na mesan to nsa frɛ mo sɛ momma mo nteaseɛ a ɛwɔ asɔfodie tumi ne tɛmpol apam ne nhyira mu nkɔ nkan. Wowɔ baabi a ɛyɛ ahobanbɔ a wobɛtumi adwane akɔ bɛboa ma wode gyedie ahyia daakye.

Nhyehyɛeɛ a Ɛtɔ so Mmienu: Siesie W’adwene sɛ Wobɛyɛ Nokwafoɔ ama Onyankopɔn.

Yɛafa dwumadie kɛseɛ bi sɛ yɛbɛtrɛ mmerɛ tenten ne nnipa dodoɔ a Salt Lake Tɛmpol tumi fa mu.

Mfoni
Salt Lake Tɛmpol sie

Ebinom bisaa hia a ɛhia sɛ yɛdi saa dwuma nwanwasoɔ yei. Nanso, berɛ a Salt Lake Bonhwa no kɔɔ asasewosoɔ haw a ne kɛseɛ bɛyɛ 5.7 mu wɔ afe yi ara mu no, saa tɛmpol kronkron yi wosoo dendeenden ma totorobɛnto a ɛsi ɔbɔfoɔ Moronae honi so no bu tɔɔ fam!16

Mfoni
Ɔbɔfoɔ Moronae ne totorobɛnto a abu

Sɛdeɛ ɛwɔ sɛ Salt Lake Tɛmpol fapem yɛ den wɔ honam fa mu ma ɛtumi gyina atoyeɛnkyɛm a ɛmfiri nnipa ano no, saa ara na ɛwɔ sɛ yɛn honhom mu fapem nso si pi. Afei, sɛ ntotoho asasewosoɔ si yɛn abrabɔ mu a, yɛbɛtumi agyina “pintinn a yɛrenhinhim” esiane yɛn gyedie nti.17

Awurade kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛto yɛn gyedie mu berɛ yɛrehwehwɛ “nimdeɛ, mpo yɛmfa adesua ne gyedie nhwehwɛ.”18 Yɛhyɛ yɛn gyedie den wɔ Yesu Kristo mu berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi Ne mmaransɛm so na “yɛakae no mmerɛ nyinaa.”19 Bio, yɛto yɛn gyedie mu berɛ biara a yɛkyerɛ yɛn gyedie wɔ Ne mu. Ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛde gyedie resua adeɛ.

Nhwɛsoɔ, berɛ biara a yɛwɔ gyedie sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn mmara so—mpo berɛ a dodoɔ no ara bu yɛn abomfea—anaa berɛ biara a yɛpo anigyedeɛ anaa gyedie a ɛsosɔ apam-sɛeɛ so no, yɛrekyerɛ yɛn gyedie, a ɛtwa ne ho to yɛn gyedie mu.

Bio, nneɛma kakraabi na ɛma gyedie tim kyɛn Mormon Nwoma a yɛtaa kenkan. Nwoma foforɔ biara nni hɔ a ɛde tumi di Yesu Kristo ho adanseɛ a ɛmu da hɔ saa. Ne nkɔmhyɛfoɔ, sɛdeɛ Awurade kanyann wɔn no, hunuu yɛn berɛ yi na wɔfaa nkyerɛkyerɛ ne nokorɛ a ɛbɛboa yɛn pa ara. Mormon Nwoma no yɛn nna a ɛdi akyire abrabɔ akwankyerɛ.

Nokorɛ mu, yɛn ahobanbɔ mu kɛse pa ara ba berɛ a yɛde yɛn ho fam Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo! Abrabɔ a Onyankopɔn nni mu yɛ abrabɔ a ɛhu ahyɛ ma. Abrabɔ a Onyankopɔn wɔ mu yɛ abrabɔ a asomdwoeɛ ahyɛ ma. Yei si ɛfiri sɛ honhom mu nhyira ba ma anokwafoɔ. Worenya w’ankasa adiyie yɛ saa nhyira no mu kɛseɛ pa ara baako.

Awurade ahyɛ bɔ sɛ sɛ yɛbɛbisa a, yɛbɛtumi anya “adiyisɛm mu adiyisɛm.”20 Mehyɛ bɔ sɛ sɛ woma ahoɔden a wode gye adiyie kɔ nkan a, Awurade bɛhyira w’abrabɔ kwan kɛseɛ na wama wo Honhom no akyɛdeɛ a ɛnni ano.

Nhyehyɛeɛ a Ɛtɔ so Mmiɛnsa: Nnyae Ahosiesie Da.

Mpo berɛ a nneɛma kɔɔ yie no, Ɔsahene Moronae kɔɔ so siesiee ne nkorɔfoɔ. Wannyae da. Wamma ne tirim anyɛ no dɛ da.

Ɔtamfo no nnyae yɛn so ba da. Enti, yɛrentumi nnyae ahosiesie da! Mmerɛ dodoɔ a yɛyɛ yɛn ankasa nneɛma—honam, atenka ne honhom mu no—dodoɔ no ara na na yɛresiesie yɛn ho asi Ɔbonsam ba a ɔkɔso ba yɛn so dabiara no kwan.

Anuanom mmaa adɔfoɔ, moyɛ animdefoɔ wɔ ahobanbɔ mmea a mobɛsisi ama mo ho ne wɔn a modɔ wɔn. Bio, mowɔ akyɛdeɛ kronkron a ɛfiri soro a ɛma motumi ma afoforɔ nya gyedie wɔ akwan sononko so.21 Na mma mo nnyae da. Moasan akyerɛ bio afe yi nso.

Mesrɛ sɛ, monkɔso! Mo anidahɔ a mode bɔ mo afie ho ban na mode gyedie rehyɛ wɔn a modɔ wɔn akoma mu bɛso aba ama awoɔntoatoasoɔ pii.

Me nuanom mmaa, yɛwɔ bebree a ɛwɔ sɛ yɛhwɛ anim! Awurade de mo asi ha seesei ɛfiri sɛ na Ɔnim sɛ mowɔ ahoɔden a mobɛtumi de ayɛ biribi afa berɛ a ɛmu yɛ den wɔ mmerɛ a ɛtwa toɔ wɔ saa nna a ɛdi akyire yi mu. Na Ɔnim sɛ mobɛtumi asɔ N’adwuma kɛseɛ no mu yie na mowɔ ɔpɛ sɛ mobɛma no aba mu.

Menka sɛ nna a ɛdi anim no bɛyɛ mmrɛ, nanso mehyɛ mo bɔ sɛ daakyɛ bɛyɛ animuonyamhyɛ ama wɔn a wɔasiesie wɔn ho ne wɔn a wɔkɔso siesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ adwinneɛ wɔ Awurade nsam.

Me nuanom mmaa adɔfoɔ, mommma yɛn mfa saa berɛ yi mu kɛkɛ. Momma yɛn mfa gyedie nhyia daakye! Sakasakayɛ mmerɛ yɛ akwanya ma yɛn, de nyini wɔ honhom mu. Ɛyɛ mmerɛ a nsunsuansoɔ a yɛwɔ bɛtumi awurawura yie akyɛn mmerɛ a biribiara yɛ bɔkɔɔ.

Mehyɛ bɔ sɛ sɛ yɛsisi ahobanbɔ mmea, siesie yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ anokwafoɔ ama Onyankopɔn, na yɛnnyae ahosiesie da a, Onyankopɔn bɛhyira yɛn. Ɔbɛ “gye yɛn; aane, ara ma mpo [ɔbɛ]ka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ yɛn akra, na [ɔbɛ]ma yɛn gyedie kɛseɛ, na ama yɛn sɛ yɛ[bɛtumi] anya anidasoɔ wɔ ne mu sɛ ɔbɛgye yɛn.”22

Berɛ a mode gyedie siesie mo ho twɛn daakye no, saa bɔhyɛ yinom bɛyɛ mo dea! Mede ɔdɔ a mewɔ ma mo, ne gyedie a mewɔ mo mu, di adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ “Abusua No: Dawubɔ ma Wiase,” ChurchofJesusChrist.org. Wɔ kasa a ɛka saa dawubɔ yi ho no, Titenani Gordon B. Hinckley ka kyerɛɛ anuanom mma sɛ: “Meda mo ase wɔ ahoɔden a mowɔ ne mo nokorɛdie, mo gyedie, ne mo dɔ. Meda mo ase wɔ gyinaeɛ a moasi no mo akoma mu sɛ mobɛnante wɔ gyedie mu, sɛ mobɛkora mmaransɛm no, sɛ mobɛyɛ deɛ ɛtene mmerɛ nyinaa ne tebea nyinaa mu” (“Stand Strong against the Wiles of the World,” Ensign, Obubuo 1995, 98–99).

  2. Luka 21:26; san hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:26.

  3. Hwɛ Mateo 24:24; Joseph Smith—Mateo 1:22.

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:35.

  5. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:17. Ɔsomafoɔ Paulo hyɛɛ nkɔm sɛ, “wɔ nna a ɛtwa toɔ mu no mmerɛ a ɛyɛ hu [bɛ] ba.” Ɛno bɛma yɛn berɛ mu ayɛ honhom mu nnaadaa. (Hwɛ 2 Timoteo 3:1-5.)

  6. Asɔre Titenanfoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2007), 512.

  7. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 38:30.

  8. Hwɛ Alma 49:5; 50:4.

  9. Alma 48:7.

  10. Hwɛ Alma 49–50.

  11. Hwɛ Alma 48:8.

  12. Alma 49:5; nsisoɔ ka ho.

  13. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 115:6.

  14. Hwɛ Russell M. Nelson, “Spiritual Treasures,” Liahona, Nov. 2019, 76–79.

  15. Eliza R. Snow kyerɛkyerɛɛ sɛ Honhom Kronkron no “ma anigyeɛ na ɛhyɛ nnipa akoma apɛdeɛ biara ma. Sɛ saa Honhom no hyɛ me ma a, me kra anigye, na mɛtumi aka no akoma pa mu sɛ, nneɛma a ɛho nhia a ɛkɔso no ntumi ntwitware m’akwan mu koraa. Ɛnyɛ akwanya mma yɛn sɛ yɛbɛbɔ bra sɛdeɛ yɛbɛnya sɛ yei kɔso ara hwie gu yɛn akra mu?” (wɔ Mmaa a wɔwɔ M’Aheman mu: Relief Society Abakɔsɛm ne Adwuma [2011], 46).

  16. Hwɛ Daniel Burke, “Utah Earthquake Damages Mormon Temple and Knocks Trumpet from Iconic Angel Statue,” Ɔbɛnim 18, 2020, cnn.com.

  17. Mosaya 5:15.

  18. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:118; wɔsi so dua.

  19. Moronae 4:3.

  20. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42:61.

  21. Ɔsomafoɔ Paulo maa saa nokorɛ yi ho nsɛnkyerɛnneɛ berɛ a ɔkyerɛɛ sɛ Timoteo gyedie a nkontompo nni mu no firi ne maame Eunice, ne ne nanabaa Lois (hwɛ 2 Timoteo 1:5).

  22. Alma 58:11.