Amansan Nhyiamu
Yɛkasa fa Kristo ho
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Yɛkasa fa Kristo ho

Berɛ a wiase kasa kakra bi fa Yesu Kristo ho no, momma yɛnkasa pii mfa Ne ho.

Mekyerɛ medɔ ma mo, yɛn nnamfo pa ne ayɔnkofoɔ agyedifoɔ. Makamfo mo gyedie ne akokoɔduro wɔ saa abosome a atwa mu yi, a saa wiase afanan nsanyadeɛ yi asɛe yɛn asetena na afa abusuafoɔ ne nnamfoɔ pa a wɔsombo kɔ.

Wɔ saa berɛ a yɛnnim deɛ ɛbɛsi yi, mate ayɛyie soronko nka ama me nokorɛ ne nimdeɛ a akyinnyeɛ nni ho sɛ Yesu ne Kristo no. Woate saa nka no? Akwansideɛ wɔ hɔ a ɛso wɔ yɛn mu biara so, nanso wɔ yɛn anim berɛ biara no, yɛ Ɔno a ɔde ahobrɛaseɛ atrɛ ne nsam aka sɛ ,“Mene kwan, nokorɛ, ne nkwa no.”1 Berɛ a yɛregyina mu wɔ ewiem nsakraeɛ berɛ yi atwe yɛn ho afiri yɛn ho ne afoforɔ ho no, ɛho nhia sɛ yɛgyina mu da, wɔ ewiem nsakraeɛ berɛ yi honhom mu twe yɛn ho firi Ɔno a ɔde ɔdɔ frɛ yɛn sɛ, “Bra me nkyɛn.”2

Nanso te sɛ nsoroma kwankyerɛfoɔ wɔ ewiem no, Yesu Kristo ma hann ba yɛn akwan mu. Ɔbaa asase so wɔ dwanbuo ahobrɛaseɛ mu. Ɔbɔɔ ɔbra kronkron Ɔsaa ayarefoɔ yareɛ.na ɔnyanee awufoɔ. Ɔyɛɛ adamfoɔ maa wɔn a yɛn werɛ afiri wɔn . Ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ papa, setie, na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho. Wɔbɔɔ no asɛnnua mu wɔ asɛnnua so, na nansa akyiri no ɔsɔree wɔ animuonyamhyɛ mu, ma yɛn ho kwan sɛ yɛ ne wɔn a yɛdɔ wɔn bɛtena ase wɔ owuo akyiri. Ɛka Ne mmɔborɔhunu ne adom a ɛnni mfatoho no, ɔfaa yɛn bɔne ne amanehunu too Ne ho so, maa yɛn fakyɛ sɛ yɛsakyera a, ne asetena mu ahum mu asomdwoeɛ. Yɛdɔ No. Yɛkoto No Yɛdi N’akyi. Ɔyɛ sɛkyɛ ma yɛn akra.

Anigyesɛm ne sɛ, berɛ a saa honhom mu ahotosoɔ yi renyini wɔ yɛn mu no, dodoɔ no ara na wɔwɔ asase so a wɔnim kakra bi fa Yesu Kristo ho, ɛna wiase afa baabi a wɔabɔ Ne din ho dawuro mfeɛ ɔha mu no, gyedie wɔ Yesu Kristo mu no resa. Ahotefoɔ kokoɔdurofoɔ a wɔwɔ Aburokyire ahunu sɛ gyedie so rete wɔ wɔn aman so berɛ tenten yi mu.3 Awerɛhosɛm ne sɛ, United States ha yi nso, gyedie so rete. Nansa yi nhwehwɛmu bi da no adi sɛ mfeɛ du a atwam yi nkorɔfoɔ ɔpepe aduasa na wɔwɔ United States a wɔatwe wɔn ho afiri Yesu Kristo kronkronyɛ gyedie ho.4 Wohwɛ wiase baabiara a, nhwehwɛmu foforɔ hyɛ nkɔm sɛ, wɔ mfeɛ du ahodoɔ a ɛdi yɛn anim no mu, dodoɔ a ɛboro ne mmɔho mmienu bɛfiri Kristosom mu sɛdeɛ wɔn a wɔbɛgye ato mu.5

Yɛn, aane, de obuo ma akwanya a obiara wɔ sɛ ɔyi deɛ ɔpɛ, nanso yɛn Soro Agya kaa sɛ,“Yei ne me Dɔba: montie no.”6 Medi adanseɛ sɛ da no bɛba a kotodwe biara bɛkoto na tɛkrɛma biara apae mu aka sɛ Yesu ne Kristo no.7

Sɛn na yɛbɛbua yɛn wiase yi a ɛresesa yi? Berɛ a ebinom regyae wɔn gyedie no, na afoforɔ rehwehwɛ nokorɛ no. Yɛafa Agyenkwa no din ato yɛn ho yɛn ho so. Deɛn bio na ɛwɔ sɛ Yɛyɛ?

Titenani Russell M. Nelson ahosiesie

Yɛn mmuaeɛ no fa bɛtumi aba berɛ a yɛkae kwan a Awurade kyerɛkyerɛɛ Titenani Russell M. Nelson wɔ abosome a ɛdi anim ansa na wɔrefrɛ no sɛ Asɔre yi Titenani no. Ɔrekasa afe ansa na ne frɛ no, Titenani Nelson too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnsua nkɔ bunu mu 2,200 ntotoho fa din Yesu Kristo ho deɛ wɔatwerɛ wɔ Atwerɛ Akwankyerɛ mu no.8

Mfoni
Titenani Nelson resua twerɛsɛm no

Abosome mmiɛnsa akyiri, wɔ Oforisuo amansan nhyiamu ase no, ɔkasa faa sɛdeɛ, mpo wɔ ne mfeɛ du ne akyire sɛ osuani tuhoakyɛfoɔ no, saa adesua a ɛmu dɔ fa Yesu Kristo ho no anya ne so nsunsuansoɔ yie pa ara. Onuabaa Wendy Nelson bisaa no faa sɛdeɛ anya nkɛntɛnsoɔ wɔ ne so. Ɔbuaa sɛ, “Meyɛ onipa soronko!” Ɔyɛ onipa soronko? Wadi mfeɛ 92 no, wayɛ onipa soronko? Titenani Nelson kyerɛɛ mu sɛ:

“Sɛ yɛde berɛ hyɛ mu wɔ adesua mu fa Agyenkwa no ne Ne mpata afɔdeɛ no ho a, yɛtwe bɛn [No]. 

“…Deɛ yɛtwe adwene si soɔ [bɛyɛ] deɛ ɛkye yɛn gyina Agyenkwa no ne N’asɛmpa no so.”9

Agyenkwa no kaa sɛ, “Fa w’ani to me so wɔ nsusuiɛ biara mu.”10

Wɔ wiase a adwuma, ɔhaw, ne mmɔdemmɔ a ɛfata wɔ mu no, yɛkora yɛn akoma, yɛn adwene, ne yɛn nsusuiɛ wɔ Ɔno a ɔyɛ yɛn anidasoɔ ne nkwagyeɛ no mu.

Sɛ Agyenkwa no ho adesua foforɔ boa siesiee Titenani Nelson a, ɛrentumi mmoa nsiesie yɛn nso saa ara anaa?

Mfoni
Titenani Russell M. Nelson

Titenani Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ, yɛresi Asɔre no din so dua no: “Sɛ yɛn … a ɛwɔ sɛ yɛnya Yesu Kristo Mpata no tumi ho kwan—sɛ ɛbɛte yɛn ho asa yɛn yareɛ, sɛ ɛbɛhyɛ yɛn den na ayɛ yɛn kɛseɛ, na awieɛ no ama yɛn so no—ɛsɛ sɛ yɛhunu No pefee sɛ ɔne saa tumi no farebae.”11 Titenani Nelson kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ, yɛde Asɔre no din papa no redi dwuma berɛ nyinaa no yɛ biribi a yɛhunu no sɛ ɛyɛ ketewa, ɛnyɛ ketewa koraa na ɛde nsesaeɛ kɛseɛ bɛba wiase daakye.

Bɔhyɛ ma moahosiesie

Mehyɛ mo bɔ sɛ berɛ a mosiesie mo ho, sɛdeɛ Titenani Nelson yɛeɛ no, mo nso mobɛyɛ soronko, adwene pii afa Agyenkwa no ho, na moataa akasa afa ne ho a montwentwɛn mo nan ase. Berɛ a moabɛhunu no na mpo moadɔ no yie akɔ bunu mu no, mo nsɛm bɛsiane ahodwoɔ mu, sɛdeɛ ɛba berɛ a mokasa fa mo mma anaa adamfo pa bi ho no. Wɔn a wɔretie wo no bɛte nka sɛ wɔne wo rennye akyinnyeɛ anaa wɔrebɔ wo agu na mmom sɛ wɔresua afiri wo hɔ

Wo ne me kasa fa Yesu Kristo ho, nanso ebia yɛbɛtumi ayɛ no yie kakra aka ho . Sɛ wiase rebɛka ketewa bi afa ne ho a, hwan na ɔrebɛka dodoɔ afa ne ho? Ɛyɛ yɛn! Ɛne Kristofoɔ adɔfoɔ binom!

Rekasa fa Kristo ho wɔ Yɛn afie mu

Yɛwɔ Agyenkwa no mfoni ahodoɔ wɔ yɛn afie mu anaa? Yɛtaa kasa kyerɛ yɛn mma fa Yesu mmɛbusɛm ho anaa? “Yesu ho abasɛm no [yɛ] te sɛ mframa a ɛretu fa gyedie nnyentia so wɔ yɛn mma no akoma mu.”12 Sɛ mo mma bisa mo nsɛm a, momfa anikann nkyerɛkyerɛ mfa deɛ Agyenkwa no kyerɛkyerɛeɛ no. Nhwɛsoɔ, sɛ wo ba bisa sɛ, “Papa, adɛn nti na yɛbɔ mpaeɛ?” Wobɛtumi abua sɛ, “Ɛyɛ asɛmmisa kɛseɛ. Wokae sɛ Yesu bɔɔ mpaeɛ? Ma yɛnkasa mfa deɛ nti a Ɔbɔɔ mpaeɛ ne sɛdeɛ Ɔbɔɔ mpaeɛ no.”

“Yɛkasa fa Kristo ho, yɛdi ahurisie wɔ Kristo mu, ama yɛn mma ahunu baabi korɔ a ɛsɛ sɛ wɔkɔhwehwɛ wɔn bɔnefakyɛ.”13

Rekasa fa Kristo ho wɔ Asɔre no mu

Saa twerɛsɛm korɔ yi de ka ho sɛ “yɛka asɛmpa no fa Kristo ho.”14 Wɔ yɛn som mu no, momma yɛn ani nsi Agyenkwa Yesu Kristo ne Ne mpata afɔreɛ akyɛdeɛ no so. Yei nkyerɛ sɛ yɛntumi nka suahunu bi mfiri yɛn ankasa abrabɔ mu anaa nsusuiɛ a ɛfiri afoforɔ hɔ. Berɛ a yɛn asɛm bɛtumi afa abusuafoɔ anaa dwuma anaa tɛmpol anaa asɛmpatrɛ bi a ɛnkyɛreeɛ ho no, biribiara a ɛwɔ yɛn som mu no wɔ sɛ ɛdane kyerɛ Awurade Yesu Kristo.

Mfeɛ aduasa nie a, Titenani Dallin H. Oaks kasa faa krataa bi a ɔnya “firii ɔbarima bi hɔ a ɔse ɔkɔɔ [Adidi Kronkron] nhyiamu bi ase na ɔtiee adanseɛ dunson a wante sɛ wɔbɔɔ Agyenkwa no din.”15 Titenani Oaks kaa sɛ, “Ebia saa ɛho asɛm ka no yɛ anihane [mmom] mesrɛ ka ɛfiri sɛ ɛbɔ nkaeɛ kann ma yɛn nyinaa.”16 Afei ɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛntaa nkasa mfa Yesu Kristo ho wɔ kasa ne gyinapɛn anobaabae mu. Mahyɛ no nso sɛ yɛretwe yɛn adwene asi Kristo so kɛse pa ara wɔ yɛn Asɔre nhyiamu ase. Momma yɛmfa anikann ntoa so wɔ saa adwenpa yi mmɔdemmɔ ho.

Mo ne afoforɔ rekasa fa Kristo ho

Ɛka wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia ho no, momma yɛmmue yɛn ho, nnya ɔpɛ kɛseɛ sɛ yɛbɛkasa afa Kristo ho. Titenani Nelson kaa sɛ, “Nokorɛ Yesu Kristo asuafoɔ wɔ ɔpɛ sɛ wɔda mu fua, ka wɔn adwene, na wɔyɛ soronko wɔ wiase nkorɔfoɔ mu.”17

Ɛtɔ da a yɛdwene sɛ yɛne obi nkɔmmɔdie hia sɛ ɛwie sɛ wɔba asɔre anaa wɔhunu asɛmpatrɛfoɔ no. Momma Awurade mma wɔn akwankyerɛ sɛdeɛ wɔn pɛ teɛ, berɛ a yɛredwene kɛse fa yɛn asodie ho sɛ yɛbɛyɛ ɛnne ama No, adwene na yɛabue yɛn ho fa yɛn gyedie ho. Elda Dieter F. Uchtdorf akyerɛkyerɛ yɛn sɛ berɛ a obi rebisa yɛn afa nnawɔtwe awieɛ no, ɛwɔ sɛ yɛnya ɔpɛ sere na yɛka sɛ yɛdɔ sɛ yɛtie Primary nkwadaa nnwom “Merebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ sɛ Yesu.”18 Momma yɛmfa ayamyɛ nni yɛn gyedie wɔ Kristo mu ho adanseɛ. Sɛ obi kasa fa ɔhaw wɔ n’ankasa asetena mu a, yɛbɛtumi aka sɛ, “Yohane, Maria, wonim sɛ megye Yesu Kristo di. M’adwene afa biribi a Ɔkaae a ɛbɛtumi aboa wo.”

Ka no pen pen fa amansan nkratoɔ kwan so na kyerɛ wo awerɛhyɛmu wɔ Kristo mu. Dodoɔ no bɛbu mo gyedie no, mmom sɛ obi yɛ ntɔkwasɛm berɛ a wokasa fa Agyenkwa no ho a, nya akokoɔduro firi Ne bɔhyɛ no mu: “Nhyira ne mo, berɛ a me nti nnipa bɛsopa mo. Ɛfiri sɛ moakatua yɛ kɛseɛ wɔ ɔsoro.”19 Yɛfa ho kɛse sɛ yɛbɛyɛ N’akyidifoɔ kyɛn sɛ yɛn ankasa akyidifoɔ “bɛpɛ“ yɛn asɛm. Petro tuu fo sɛ: “Monsiesie mo ho dabiara sɛ mobɛma mmuaeɛ [ama] anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no.”20 Momma yɛnkasa mfa Kristo ho.

Mormon Nwoma No yɛ adanseɛ a tumi wɔ mu fa Yesu Kristo ho. Ɛkame ayɛ sɛ kratafa biara di Agyenkwa no ho adanseɛ ne N’asɛmpatrɛ adwuma kronkron no.21 Ne Mpata no ho nteaseɛ ne adom dondɔn ne nkratafa no. Ɛyɛ Apam Foforɔ no yɔnko no, Mormon Nwoma No boa ma yɛte aseɛ yie deɛ nti Agyenkwa no baae bɛgyee yɛn ne sɛdeɛ yɛbɛtumi aba Ne hɔ yie.

Yɛn mfɛfoɔ Akristofoɔ binom, adwene nsi pi fa yɛn gyedie ne yɛn nteaseɛ ho. Momma yɛ ne wɔn nni ahurisie nokorɛ mu, mfa yɛn gyedie wɔ Yesu Kristo mu a yɛkyɛ ne Apam Foforɔ twerɛsɛm a yɛn nyinaa dɔ no. Wɔ nna a ɛdi animu yi, wɔn a wɔgye Yesu Kristo di no bɛhia ayɔnkofa ne mmoa afiri wɔn ho wɔn ho hɔ.22

Mfoni
Wiase Hann no

Berɛ a wiase kasa kakraa bi fa Yesu Kristo ho no, momma yɛnkasa mfa Ne ho pii. Berɛ a yɛn nokorɛ su sɛ N’akyidifoɔ reda adi no, dodoɔ a atwa yɛn ho ahyia no bɛsiesie wɔn ho atie. Berɛ a yɛrekyɛ hann a yɛanya afiri Ne hɔ no, Ne hann no ne Ne gyeɛ tumi mmorosoɔ no bɛhyerɛn wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbue wɔn akoma mu no so. Yesu see sɛ, “Me … reba [sɛ] hann ma wiase.”23

Yɛrema yɛn pɛ so akasa afa Kristo ho

Biribiara mma me pɛ so sɛ mɛkasa afa Kristo ho nkyɛn sɛ mɛhunu Ne mmaeɛ. Berɛ a yɛnnim berɛ a Ɔbɛba no, abasɛm fa Ne mmaeɛ ho no bɛfa ahome. Ɔne Ne soro abɔfoɔ kronkron no nyinaa de tumidie ne animuonyam bɛba wɔ ɔsoro mununkum no mu. Ɛnyɛ ɔsoro abɔfoɔ kakraa bi pɛ, mmom nyinaa Ne soro abɔfoɔ kronkron no. Yeinom nyɛ afono-kɔkɔɔ kerubim a Raphael de mfonin aduro ayɛ a yɛhunu no wɔ Valentine krataa so no. Yeinom ne ɔsoro abɔfoɔ ma mfeha nom no, abɔfoɔ a wɔsoma ma wɔkɔtoo agyata anom no,24 sɛ wɔmmue afiase apono,25 sɛ wɔmmɛka N’awoɔ a wɔatwɛn dadaada,26 nkɔma no awerɛkyekyerɛ wɔ Getsemane,27 mma N’asuafoɔ no awerɛhyɛmu wɔ Ne Sorokɔ ho,28 na wɔmmue asɛmpa no Mmaeɛ Bio animuonyamhyɛ no.29

Mfoni
Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu

Mobɛtumi asusu mo ho sɛ wɔatwe mo rekɔhyia No, sɛ ɛyɛ ɔfa ha anaa nkatanim no fa dohoaa?30 Ɛno ne Ne bɔhyɛ ma ateneneefoɔ. Saa suahunu nwanwasoɔ yi bɛyɛ yɛn kra so agyiraeɛ afebɔɔ.

Sɛdeɛ yɛn aseda teɛ ma yɛn nkɔmhyɛni dɔfo pa, Titenani Russell M. Nelson, a wapagya yɛn pɛ sɛ yɛbɛdɔ Agyenkwa no na yɛabɔ Ne kronkronyɛ ho dawuro. Meyɛ ɔdanseni a mede m’ani ahunu Awurade nsa wɔ ne so ne adiyie akyɛdeɛ a ɛma akwankyerɛ. Titenani Nelson, yɛde ahopere retwɛn w’afutuo.

Me nnamfo pa a moatwa wiase ahyia, momma yɛnkasa mfa Kristo ho, nhwɛ N’animuonyamhyɛ bɔhyɛ no kwan: “Obibiara a ɔbɛda me adi wɔ nnipa anim no, ɔno na mɛda no adi wɔ m’Agya no anim.”31 Medi adanseɛ sɛ Ɔne Onyankopɔn Ba no. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Yohane 14:6

  2. Mateo 11:28.

  3. Hwɛ Niztan Peri-Rotem, “ Nyamesom ne Abasoɔ wɔ Europe Atɔeɛ: Deɛ Ɛrekɔso wɔ Kuo Ahodoɔ mu wɔ Britain, France ɛne Netherlands,” Europe Dawubrubɔ fa Nnipa Dodoɔ ho, Kɔtɔnimaa 2016, 231–65, ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC4875064.

  4. “[Ɔha nkyɛmu Aduosia num] a ɛyɛ Amerikafoɔ mpaninfoɔ ka wɔn ho asɛm sɛ Kristofoɔ sɛ wɔbisa wɔn ɔsom a, esiane nkyɛmu dumienu kyerɛ berɛ tenten a atwam no. Seesei, wokyɛ amanfoɔ dodoɔ a wɔmmata ɔsom ho, a wɔyɛ nkorɔfoɔ a wɔka wɔn som su ho asɛm sɛ Onyankopɔn nni hɔ, wɔnnyeOnyankopɔn nni anaa ‘ɛnyɛ biribi titiriw,’ seesei gyina 26%, a afro firi 17% wɔ 2009” (Pew Research Center, “In U.S., Decline of Christianity Continues at Rapid Pace,” Oct. 17, 2019, pewforum.org).

  5. Hwɛ Pew Nhwehwɛmu Bea, “Wiase Nyamesom Daakye No: Nnipa dodoɔ Nyini ho Adiyie, 2010–2050,” Oforisuo 2, 2015, pewforum.org.

  6. Marko 9:7; Luka 9:35; hwɛ nso Mateo 3:17; Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:17.

  7. Hwɛ Filipifoɔ 2: 9–11.

  8. Hwɛ Russell M. Nelson, “Nkɔmhyɛfoɔ, Kannifoɔyɛ, ne Mmara Kronkronworldwide devotional for young adults, Ɔpɛpɔn 8, 2017), broadcasts.ChurchofJesusChrist.org.

  9. Russell M. Nelson, “Retwe Yesu Kristo Tumi akɔ Yɛn Asetena mu,” Laehona, Kɔtɔnimma 2017, 40–41.

  10. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:36

  11. Russell M. Nelson, “Asɔre no din a ɛyɛ kann,” Laehona, Obubuo 2018, 88.

  12. Neil L. Andersen, “Ka Yesu ho Anansesɛm kyerɛ me,” Laehona, Kɔtɔnimma 2010, 108.

  13. 2 Nifae 25:26

  14. 2 Nephi 25:26

  15. Dallin H. Oaks, “Yesu Kristo ho Adanseɛ Foforɔ” (Brigham Young University fireside, Ayɛwohomumɔ 6, 1993), 7, speeches.byu.edu.

  16. Dallin H. Oaks, “Kristo ho Adansefoɔ,” Ensign, Obubuo 1990, 30.

  17. Russell M. Nelson, “Retwe Yesu Kristo Tumi akɔ Yɛn Asetena mu40.

  18. Hwɛ Dieter F. Uchtdorf, “Asɛmpatrɛ Adwuma: Rekyɛ Deɛ ɛwɔ W’akoma mu,,” Laehona, Kɔtɔnimma 2019, 17; “I’m Trying to Be like Jesus,” Mmɔfra Nnwom nwoma, 78.

  19. Mateo 5:11–12

  20. 1 Pɛtro 3:15

  21. “Sɛdeɛ [Mormon Nwoma No nkɔmhyɛ atwerɛfoɔ] twerɛɛ wɔn adansedie faa bɔhyɛ Mesaia ho no, wɔbɔɔ ne din nsɛsoɔ wɔ nkyekyɛmu biara mu a nkabom nkyɛmu yɛ 1.7. [Wɔn] bɔɔ Yesu Kristo din, pɛpɛɛpɛ, wɔ edin ahoroɔ 101 mu. Sɛ yɛhunu sɛ twerɛsɛm nkyekyɛmu ɛtaa kura ɔkasamu baako a, ɛda adi sɛ yɛntumi, wɔ nkabom nkyɛmu mu, nkan ɔkasamu mmienu wɔ Mormon Nwoma No mu a yɛrenhunu ɛbinom a ɛrekyerɛ Kristo din” (Susan Easton Black, Rehwehwɛ Kristo nam Mormon Nwoma No so [1987], 5, 15).

    “Berɛ a nsɛm pata anaa mpata, wɔ wɔn su biara mu no, pue baako pɛ wɔ King James Apam Foforɔ nkyeraseɛ mu no, wɔpue mprɛ 35 wɔ Mormon Nwoma No mu. Sɛ Yesu Kristo ho adanseɛ foforɔ no, ɛma nkyerɛkyerɛmu a ɛsombo fa Ne Mpata no ho” (Russell M. Nelson, “Mpata No,” Ɛnsae, Obubuo 1996, 35).

  22. Wɔn a wɔte Kristosom mu wɔ United States yɛ wɔn a wɔnyiniiɛ. “Asafomma du mu nnwɔtwe biara a wɔyɛ Koomyɛ Berɛsofoɔ (wɔn a wɔwoo wɔn 1928 ne 1945 ntam) ka wɔn ho asɛm sɛ Kristofoɔ (84%), na nan nkyɛmu mmiɛnsa sɛ Baby Boomers (76%). Wɔ nsonoeɛ kɛseɛ yei mu, mmabunu a wɔabɛyɛ mpaninfoɔ mu fa pɛ (49%) na wɔka fa wɔn ho sɛ wɔyɛ Kristofoɔ; obiara nni nyamesom mu wɔ du mu nan mu, na mmabunu a wɔabɛyɛ mpanin no mu du mu baako de wɔn ho akɔbɔ wɔn a wɔnyɛ Kristosom gyedie” (“In U.S., Decline of Christianity Continues,” pewforum.org).

  23. Yohane 12:46

  24. Hwɛ Daniel 6:22

  25. Hwɛ Asomafoɔ 5:19

  26. Hwɛ Luka 2:2–14

  27. Hwɛ Luka 22:42–43

  28. Hwɛ Asomafoɔ Nnwuma 1:9–11.

  29. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 13; 27:12–13; 110:11–16; Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:27–54

  30. Hwɛ 1 Tesalonikafoɔ 4:16–17; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:96--98

  31. Mateo 10:32