Amansan Nhyiamu
Ɔba No Akyɛdeɛ Fɛɛfɛ Sononko No
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Ɔba No Akyɛdeɛ Fɛɛfɛ No

Ɛnam Kristo nti. yɛbetumi adwane afiri yɛn honam mu mponkyerɛ mu, na yɛtumi adi ɛneɛma a ɛnsɛ mfata yɛn asetena mu abrabɔ.

Merekenkan Mormon Nwoma no wɔ Come, Follow Me nwoma no mu wɔ ahuhuberԑ a atwam no, biribi pemm me wᴐ Alma amanebᴐ sԑ berԑ a n’ani so tetee no firi ne bɔne nyinaa ho no, na “biribiara nni hɔ a ɛyɛ fɛ sononko na ɛyɛ nwono te sɛ [ne] yea. “1 Meka sԑ asɛm yea a ɛyɛ fɛ sononko no twee m’dwene, ne fa bi gyina milimita nson nsaa mu boɔ yareɛ bi a na mereko no saa naawᴐtwe no mu. Ԑnsii da sԑ onipa baako bԑfa “nneԑma akԑseԑ“ a ɛte sei mu berԑ a ɛde adeԑ “ketewa a ɛyɛ mmrɛ “ te sei “baeɛ. “2

Alma kasa no nso gyina brane ma me ԑfiri sԑ asԑm fɛ sononko no wɔtaa de kyerԑkyerԑ nneԑma a n’ahoɔfԑ da mu fua anaasԑ ne so fԑ nni hɔ. Nhwԑsoɔ ne sԑ, Joseph Smith kaa sԑ na ɔbɔfoɔ Moronae hyԑ aduradeԑ a na ɛyɛ “fitaa fɛɛfɛ sononko, fitaa a ɔkaa sԑ na “ԑtra wiase mu biribiara“ a wahunu pԑn”.3 Nanso asɛm “exquisite “ tumi nso gyina hɔ ma adeɛ a ɛyɛ hu na ahomka nim. Ԑno nti Alma ne kasɛsoɔ nwoma ne yea fɛɛfɛ soronko dekɔ “ ateetee mu,” “mpireka,” ne “dosaa no” kɔduruu “mpɛmpɛnsoɔ a ɛnni ano mu.”4

Alma nsusuiɛ no twe adwene si ahobraseԑ mu nokorԑ sԑ, eduru mpԑmpԑmsoɔ bi a, ԑsɛ sԑ yԑnya ɔyea atenka wɔ bɔne biara afɔbuo ho. Atԑntenene hwehwԑ no saa, na Onyankopɔn ankasa ntumi nnane no.5 Berɛ a Alma kaee “ne“ bɔnee nyinaa no—nkanka deɛ titirw ɛsɛe wɔn a ɔwɔ gyedie no—ne yaw yɛɛ kɛseɛ a na ontumi nyina ano, na afei nimdeɛ onyaaɛ sɛ ogyina Onyankopɔn anim no “maa no nyaa atenka sronko bi a na ɛyɛ hu. Ɔhwɛɛ sɛ nka “Ɔnsɛ mfata mpo, wɔ honam mu ne honhom mu.”6

Biribiara hyԑԑ aseԑ sesa maa Alma berԑ a ɔkaa sԑ, “ɔkaee Yesu Kristo bi mmaeԑ sԑ ɔbԑba abԑpata wiase bɔne no,” na ɔsuu wɔ [n’a]koma mu sԑ: O Yesu, a woyԑ Onyankopɔn Ba, hu me mmɔbɔ.” Ɛnam saa adwene baako ne saa adesrԑ deԑ no so, anigyeԑ “kԑseԑ” hyԑԑ Alma akoma mu ma. [tesɛ] sɛdeɛ na ne yaw teɛ no”7

Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ firi sɛ botaeԑ pɔtee a ԑwɔ nokware adwensakyera mu ne sԑ wobԑfa abooboo-die na woasakra no akɔ anigyeԑ kann mu. Aseda nka Ne papayԑ a ԑbaa ntԑm,”8 no amono mu hɔ ara a yԑdane yԑn ho ma Awurade wɔ gyedie ne nokware ahonu mu no, yԑn bɔne mu duro no kԑseԑ no hyԑ aseԑ firi yԑn akyi kɔ Ne deԑ mu. Yei bɛtumi aba mu ɛfiri sɛ, Awurade no a ɔnyɛɛ bɔne da firii ɔyea kuruwa nwononwono a obi nhunuu bi da—Kuruwa a wiase bɔne biara a ԑwɔ Ne wiase a ɔbɔeԑ wɔ mu—Kuruwa a ԑyԑ nwono pa ara ne adesoa a ԑmu yԑ duru pa ara a ԑkyimm mogya firii Ne honam tokuro biara mu.9 Ɛnam nhwɛsoɔ a wei yɛ ma yɛn nti no, Agyenkwa no bɔ yɛn kɔkɔ, nam abɛɛfo twerɛnsɛm mu, sɛ yɛnni hoo nimdeɛ sɛdeɛ “yɛn yaw “ ano bɛyɛ den afa “ne yɛn ateetee se y’asakyera yadwene a.“ Nanso afei wɔ ɔdɔ nwanwasoɔ kwan so no ɔde ka ho sԑ, “Na hwԑ, me, Onyankopɔn, mahunu saa nneԑma yi ho amane ama obiara, na sԑ wɔbԑsakyera a, wɔanhunu amane.“10—adwensakyera a ɛma yɛn “anigyeɛ“ “a ɛbroso“ sɛdeɛ Alma nyaaeɛ no.11 Ԑnam saa nkyerԑkyerԑ yi nko ara nti,”Megyina hɔ nwanwasoɔ mu.”12 Nanso, ahodwiri mu, Kristo de bebree mpo ka ho.

Ԑtɔda bi a yea a ano yԑ den mfiri bɔne mu na ԑba na mmom ԑfiri afoforɔ binom anaa sԑ nhyԑ bi a yԑnni so tumi. Wɔ saa mmerɛ yeinom mu, yԑbԑtumi anya atenka sԑ Ɔdwontoni teneneeni a ɔsuui sԑ:

“M’akoma pere wɔ me mu, na owuo ho hu agu me so.

“Na suro ne ahopopoɔ aba me so.

“ O sɛ mewɔ ntaban sɛ abuburo deɛ a, anka mɛtu makɔtena baabi.”13

Apɔmuden nhwehwԑmu, adenimfoɔ afotuo, anaa ɔmanmmara atenetene bԑtumi aboa ayi yԑn amanehunu. Na hyɛ no nso, akyɛdeɛ papa nyinaa—weinom nyinaa ka hoo—fri Agyenkwa no hɔ.14 Ԑmfa ho ne deԑ ԑnam so de deԑ ԑyԑ yԑn ya kԑse ne akomasԑeԑ baeԑ, deԑ ԑde ahotɔ nyinaa ba no yԑ adekorɔ: Yesu Kristo. Ɔno nko ara na ɔkura tumi nyinaa ne yaresa nku a ɔbɛtumi de atene mfomsoɔ biara, atene deԑ akyea, asiesie sintɔ, amia pirakuro biara, na ɔde nhyira biara a akyԑre no aba. Te sɛ adansefoɔ adadafoɔ no, medi adanseԑ sԑ“ yԑnni ɔsɔfopanin biara a yԑn mmrԑyԑ ho atenka nka n’akoma,15 na mmom ɔdɔfoɔ Dimafoɔ a ɔsiane firii N’ahennwa so firi soro na ɔkɔɔ so“ kɔtee yea na ɔhunuu amane na nsɔhwԑ ahodoɔ nyinaa bi baa ne so; ama wahunu sɛdeɛ ɔbɛboa ne nkorɔfoɔ.“16

Obiara a ԑnnԑ da yi ɔwɔ ɔyea a ano yԑ den anaa ԑso bi mmaa da a wodwene sԑ obi foforɔ bi nni hɔ a ɔbԑtumi ate wo aseԑ no, wobԑnya nnyinasoɔ. Ebia na obusuani bi, adamfoɔ bi, anaa asɔre panin bi—sԑdeԑ obiara dwene wo ho na ɔte wo aseɛ—deɛ ɔnim atenka a wɔrefa mu ankasa anaasԑ ɔwɔ nsԑm pɔtee a ԑbԑboa ayi wo afiri mu. Nanso hunu sԑ: obi wɔ hɔ a ɔte deԑ worefa mu no ase yie pa ara a ”ne ho yԑ den sene ”asaase yi nyinaana”17 ɔtumi yԑ ma ԑtra ade nyinaa so kyɛne sɛdeԑ [wo] bisa anaasԑ wodwene.”18 Nnidisoɔ no bԑda adi wɔ Ne kwan so ne mmerԑ mu, nanso Kristo ayɛ krado gyina hɔ berɛ biara sԑ ɔbԑyi wo afiri woamanehunu biribiara mu.

Berɛ a woma no kwan na ɔyԑ saa a, wobԑhunu sԑ wo yea no anyԑ kwa. Sɛ yɛrekasa afa Twerԑ Kronkron mu nkonimdifoɔ ne wɔ amanneԑ ho no, ɔsomafoɔ Paulo kaa sԑ “Oyankopɔn nam wɔn amanehunu so maa wɔn nneԑma pa, ԑfiri sԑ sԑ ԑnnyԑ wɔn amanehu mu a anka na wɔntum nwie pԑ yԑ.”19 Woahunu, Onyankopɔn su pa ara ne botaeԑ wɔ yԑn asaase so asetena yԑ anigyeԑ,20 nanso yԑrentumi mmԑyԑ nnipa a yԑwie pԑ yԑ a yԑwɔ ɔsoro dԑ wɔ berԑ a yԑmfa suahunu a ԑsɔ yԑn hwԑ mu, ԑtɔ da bi mpo a ԑkɔ yԑn bɔbea mu ankasa. Sԑ deԑ Paulo si so dua hyԑ no nso no, Agyenkwa no ankasa nam amanehunu so na wɔbԑyԑԑ no enniawieԑ ”pԑpԑyԑ [anaa ɔwiee koraa].”21 Bɔ wo ho ban firi ᴐbonsam wesakyerԑ sԑ, sԑ anka woyԑ onipa pa a anka worenhyia wo nsᴐhwԑ korɔ no a worefa mu no.

Ԑsԑ sԑ wo san sɔre tia nnaadaa sԑ w’amanehunu kyerԑ sԑ wonka wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn, a wɔrekɔ nkan firi nhyira tebea bi mu kɔ ɔfoforɔ mu. Mmom, hunu wo ho sԑdeԑ Yohane Odiyifoɔ no hunuu wo ampa ara wɔ n’adiyie nwanwasoɔ mu fa nna a ԑdi akyire ho mu no. Ԑfiri sԑ, Yohane hunuu nnipakuo kԑseԑ bi a wɔntumi nkan ne wɔn a wɔfiri aman ne mmusuakuo, ne nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ mu a [wɔ]gyinagyina ahennwa no ne adwammaa no anim hyehyԑ ntade fitaa a [wɔ]de nne kԑseԑ teaa mu sԑ, Nkwagyeԑ yԑ yԑn Nyankopɔn no dea.”22

Berɛ a wɔbisaa sɛ “Deɛn na yeinom a wɔhyehyɛ ntaadeɛ yuu fitaa yi yɛ? na wɔfiri he?“ Yohane nyaa mmuaeɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohiahia kɛseɛ, no mu na wɔahohoro wɔn ntaadeɛ ama no ahoa wɔ Adwammaa no mogya no mu.”23

Anuanom mmarimma ne mmaa, tenenee mu amanehunu boa ma wofata sene sɛ ɛreyi wo si nkyɛn firi wɔn a Onyankopɔn apa wɔn no mu. Na ɛma wɔn bɔhyɛ yɛ wo bɔhyɛ. Sɛdeɛ Yohane kaeɛ no, “ɛkɔm renne wo bio, anaa nsukɔm renne wo bio, anaa owia renhye [wo] bio, anaa ahuhuro bi. “Na adwammaa a ɔwɔ ahennwa no mfininfi no bɛma [wo] aduane, na ɔde [wo] bɛkɔ asutire ho, na Onyankopɔn bɛpepa nisuo nyinaa afiri [wo] aniwa mu.”24

“Na owuo nni hɔ bio, anaa awerɛhoɔ, anaa osu, anaa yea bi nni hɔ bio”25

Medi adanseɛ kyerɛ mo sɛ, ɛnam Yesu Kristo papayɛ nwanwasoɔ ne Ne Mpata a ɛso bi nni hɔ, yɛbɛtumi adi so nkunim, na yea a anka ɛnfata wɔ yɛn honam asetena yi mu abenedie mu no nso bɛtra ha. Wɔ N’akwankyerɛ ase no, wo soro hyɛbrɛ no yɛ deɛ ɛyɛ ahomeka a ɛkorɔn na ɛyɛ ɔdɛ a yɛrentumi nkyerɛkyerɛmu—ɔdɛ a ɛmu yɛ duru na ɛyɛ sononko ma woɔ, ɛbɛkyɛn biribiara a ɛwɔ asaase so.“26 Sɛdeɛ wobɛtumi aka saa anigyeɛ yi bi ahwɛ seesei na amee wo akɔsi afebɔɔ no, meto nsa frɛ wo sɛ yɛ deɛ Alma yɛɛe no: ma w’adwene nkye akyɛdeɛ fɛɛfɛ sononko a ɛyɛ Onyankopɔn Ba no sɛdeɛ wɔnam Ne nsɛmpa so ada no adi wɔ Ne nokorɛ ne N’asɔre a ɛte aseɛ yi mu. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.