Amansan Nhyiamu
Megye Abɔfoɔ Di
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Megye Abɔfoɔ Di

Awurade nim akwansideɛ a yɛkɔ mu. Ɔnim wo, Ɔdɔ wo, na mehyɛ bɔ sɛ, Ɔbɛsoma abɔfoɔ abɛboa wo.

Anuanom mmarima ne mmaa, megye abɔfoɔ di, na mepɛ sɛ me ne mo kyɛ suahunu a mewɔ fa wɔn ho. Wɔ saayɔ mu, ɛyɛ m’anidasoɔ ne me mpaeɛ sɛ yɛbɛhunu abɔfoɔ so mfasoɔ wɔ yɛn abrabɔ mu.

Ɛlda Jeffrey R. Holland nsɛm a ɛfiri amansan nhyiamu bi a atwam nie: “Sɛ yɛka wɔn a wɔyɛ adwinnadeɛ wɔ Nyankopɔn nsam ho asɛm a, wɔkai yɛn sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ nyinaa na wɔfiri nkatanim no akyi. Yɛne wɔn mu bi nante kasa--wɔ ha, seesei ara, dabiara. Yɛne ebi na ɛte wɔ brɔno so. Ampa ɔsoro mmɛn yɛn pa ara sene berɛ a yɛhunu Onyankopɔn dɔ sɛ ɛda adi wɔ ayamyɛ ne som a ɛfiri nnipa a wɔyɛ papa na wɔn ho teɛ sɛ abɔfoɔ a ɛyɛ asɛmfua a ɛba adwene mu” (“The Ministry of Angels,” Liahona, Obubuo 2008, 30).

Abɔfoɔ a wɔwɔ nkatanim no anim ha na mepɛ sɛ mekasa fa wɔn ho. Abɔfoɔ a wɔnenam yɛn mu wɔ yɛn daadaa abrabɔ mu no yɛ nkaeɛ kɛseɛ sɛ Nyankopɔn dɔ yɛn.

Abɔfoɔ a wɔdi kan a mɛka wɔn ho asɛm yɛ asɛmpatrɛ mmaa baanu a wɔkyerɛɛ me asɛmpa no berɛ a na meyɛ abarimaa, Onuabaa Vilma Molina ne Onuabaa Ivonete Rivitti. Wɔtoo nsa frɛɛ me ne me nuabaa kumaa kɔɔ Asɔre dwumadie bi ase na yɛhyiaa saa abɔfoɔ mmienu yi. Mansusu sɛ saa dwumadie kakra no bɛtumi asesa m’abrabɔ.

Na m’awofoɔ ne me nuanom ani nnye ho sɛ wɔbɛsua pii afa Asɔre no ho saa berɛ no. Na wɔmpɛ sɛ asɛmpatrɛfoɔ no bɛba yɛn fie mpo, nti megyee asɛmpatrɛ nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɔredan bi mu. Ɛdan ketewa a ɛwɔ asɔredan no mu no bɛyɛɛ me “turo kronkron.”

Mfoni
Abranteɛ Ɛlda Godoy ne ne nuabaa

Bosome akyi a saa abɔfoɔ yi de asɛmpa no kyerɛɛ me no, wɔbɔɔ me asu. Na madi mfeɛ16. Ɛyɛ me ya sɛ, menni saa ade kronkron no ho mfoni, nanso mewɔ me ne me nuabaa no mfoni berɛ a yɛkɔɔ saa dwumadie no. Ɛho bɛhia sɛ mɛkyerɛ hwan ne hwan ni wɔ mfoni no mu. Me na meyɛ tenten wɔ nifa so no.

Sɛdeɛ wobɛtumi asusu no, Asɔre no mu tena bɛyɛ den ama abarimaa a n’abrabɔ asesa prɛkopɛ na n’abusua nam kwan foforɔ so.

Berɛ a merebɔ mmɔden wɔ ɔbra foforɔ, amammerɛ foforɔ, ne ayɔnkofoɔ foforɔ mu no, na mayɛ ankonam. M’abamu buui na meyɛɛ ankoman mmerɛ bebree. Na menim sɛ Asɔre no yɛ nokorɛ, nanso na ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ m’afamudeɛ. Berɛ a na merebɔ mmɔden animia kwan so ahyɛ me nyamesom foforɔ yi mu no, menyaa akokoɔduro de me ho hyɛɛ mmabunu nansa nhyiamu a na medwene sɛ ɛbɛma me ayɔnkofoɔ foforɔ mu. Saa berɛ no na mehyiaa ɔbɔfoɔ agyenkwa a wɔfrɛ no Monica Brandao.

Mfoni
Onuabaa Godoy

Na ɔyɛ hɔhoɔ a wɔfiri Brazil mpɔtam bi aba hɔ foforɔ. M’adwene kɔɔ ne so ntɛm, na meti yɛɛ yie maa ɔgyee me sɛ ne yɔnko. Mesusu sɛ ɔhwɛɛ me mu kyɛn me ho.

Esiane sɛ ɔfaa me adamfoɔ nti, ɔde me kyerɛɛ n’ayɔnkofoɔ ma wɔbɛyɛɛ m’ayɔnkofoɔ na yɛgyee yɛn ani wɔ mmabunu dwumadie mu. Na saa dwumadie no hia pa ara wɔ m’abrabɔ foforɔ no mu.

Mfoni
Ɛlda Godoy ayɔnkofoɔ

Na saa ayɔnkofoɔ papa yi da nso wɔ kwan kɛseɛ so nanso na esiane sɛ mennya asɛmpa nkyerɛkyerɛ wɔ fie na m’abusuafoɔ mmoa me wɔ me nsakyeraeɛ mu nti na ɛnyɛ mrɛ mma me. Me nkɔmɔdie fa asɛmpa no ho wɔ Asɔre no mu bɛyɛɛ ahiadeɛ kɛseɛ wɔ me nsakyeraɛ mu. Afei Awurade somaa abɔfoɔ mmienu bio bɛboaa me.

Wɔn mu baako ne Leda Vettori, m’anɔpa seminari kyerɛkyerɛni. Ɛnam ne dɔ ne nkuranhyɛ nkyerɛkyerɛ so no, ɔmaa me “Nyankopɔn asɛmpa no” dabiara (Moronae 6:4), a na ɛhia pa ara dabiara. Yei boaa me maa menyaa honhom mu ahoɔden de kɔɔ anim.

Ɔbɔfoɔ baako nso a ɔbɛboaa me ne Mmarimaa titenani, Marco Antonio Fusco. Wɔde ɔno nso maa me sɛ me fie nkyerɛkyerɛ hokani panin. Ɛmfa ho sɛ na menni suahunu biara ɛna na ɛsono m’ahosuo, nanso ɔmaa me kwan kyerɛɛ adeɛ wɔ asɔfoɔ nkumaa nhyiamu ne efie nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ mu. Ɔmaa me akwanya de dii dwuma suaa adeɛ na wamma mannyɛ ɔhwɛadefoɔ wɔ asɛmpa no mu kɛkɛ. Na ɔgye me di kyɛn sɛdeɛ megye me ho di.

Nnaaseɛ nkɔ mma saa abɔfoɔ yi nyinaa, ne afoforɔ pii a mehyiaa wɔn wɔ me kane berɛ mu, menyaa ahoɔden biara a na mehia de atena apam kwan no so berɛ a na merenya honhom mu adanseɛ fa nokorɛ no ho.

Menka ntwam sɛ, saa abaayewa ɔbɔfoɔ, Monica no? Yɛkɔɔ asɛmpatrɛsom wieiɛ no, ɔbɛyɛɛ me yere.

Mennwene sɛ ɛyɛ kwa sɛ ayɔnkofoɔ papa, Asɔre asodie, ne Nyankopɔn asɛmpa nteteɛ no ka saa anammɔntuo no ho. Otitenani Gordon B. Hinckley kyerɛɛ no nyansa mu sɛ: “Ɛnyɛ adeɛ a ɛda fam sɛ yɛbɛyɛ nsakraeɛ a yɛdewura saa Asɔre yi mu. Ɛkyerɛ sɛ yɛbɛtwa nneɛma dada agu. Ɛkyerɛ sɛ yɛbɛgya ayɔnkofoɔ hɔ. Ɛbɛtumi akyerɛ sɛ yɛde gyedie a yɛpɛ binom bɛto nkyɛn. Ɛbɛtumi ahia sɛ yɛbɛsesa suban na yɛaka yɛn akɔnnɔ ahyɛ. Mpɛn pii no ɛkyerɛ ankonam ne mpo yɛbɛsuro deɛ yɛnnim. Ɛwɔ sɛ nteteɛ ne denhyɛ wɔ hɔ berɛ a ɛmu yɛ den wɔ asɔreba foforɔ abrabɔ mu” (“Ɛtwa sɛ Asomafoɔ Wɔ Hɔ,,” Ɛnsign, Ahinime 1987, 5).

Ɔde kaa ho akyire sɛ, “Wɔn mu biara hia nneɛma mmiɛnsa: ɔyɔnkoɔ, asɛdeɛ, ne ’Onyankopɔn asɛmpa’ nteteɛ. (“Converts and Young Men,” Ensign, Kɔtɔnima 1997, 47).

Adɛn nti na me ne mo rekyɛ saa suahunhu yi?

Ɛdi kan, ɛyɛ nkransɛm ma wɔn a wɔrekɔ nhyehyɛeɛ a ɛte sɛ saa mu seesei. Ebia woyɛ asɔreba foforɔ, anaa woreba asɔre bio, anaa woyɛ obi a worebɔ mmɔden ahyɛ asɔre no mu. Mesrɛ, mesrɛ sɛ, mɛmpa aba wɔ wo mmɔdemmɔ mu sɛ wobɛka abusua kɛseɛ wei ho. Yei ne Yesu Kristo Asɔre nokorɛ no!

Sɛ ɛba w’anigyeɛ ne wo nkwagyeɛ a, ɛho wɔ mfasoɔ sɛ yɛbɛkɔ so ayere yɛn ho berɛbiara. Mfasoɔ wɔ so sɛ yɛbɛsesa yɛn abrabɔ ne amammerɛ. Awurade nim akwansideɛ a yɛkɔ mu. Ɔnim wo, Ɔdɔ wo, na mehyɛ bɔ sɛ, Ɔbɛsoma abɔfoɔ abɛboa wo.

Wɔ ɔno ara Ne nsɛm mu no Agyenkwa no kaa sɛ: “Mɛdi mo anim. Mɛwɔ mo nsa nifa ne mo benkum so, na me Honhom bɛwɔ mo akoma mu, na m’abɔfoɔ bɛtwa mo ho ahyia, asɔ mo mu.” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:88

Me botaeɛ a ɛtɔ so mmienu a mede kyɛ saa suahunu yi ne sɛ mede nkransɛm bɛma Asɔreba biara—ɛkɔ ma yɛn nyinaa. Yɛnkae sɛ ɛnyɛ mmrɛ mma asɔremma afoforɔ, ayɔnkofoɔ a wɔasan reba, ne wɔn a ɛsono wɔn abrabɔ sɛ wɔbɛhyɛ mu prɛkopɛ. Awurade nim akwansideɛ a wɔkɔ mu, na Ɔhwehwɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa. Awurade rehwehwɛ atuhoakyɛfoɔ a wɔwɔ ɔpɛ sɛ abɔfoɔ ma wɔaboa afoforɔ.

Anuanom mmarima ne mmaa, wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ adwinnadeɛ wɔ Awurade nsam? Wobɛpɛ sɛ wobɛyɛ abɔfoɔ yi mu baako? Sɛ wobɛyɛ nanmusini a Nyankopɔn asoma no afiri nkatanim yi anim, ma obi a Ɔdwene ne ho? Ɔhia wo. Wɔhia wo.

Sɛdeɛ ɛteɛ biara, yɛbɛtumi de yɛn ho ato yɛn asɛmpatrɛfoɔ no so. Wɔn wɔ hɔ dabiara, adikanfoɔ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa abɔfodwuma yi. Nanso wɔn sua.

Sɛ wohwɛ yie a, wobɛhu sɛ nnipa pii na wɔhia abɔfoɔ mmoa. Ebia saa nnipa yi nhyɛ ataadeɛ fitaa, ntaadeɛ, anaa Kwasiada ntaadeɛ a yɛnim no. Ebia wɔte hɔ ankonam, rekɔ asɔredan anaa suadan akyi, a ɛtɔ da a ayɛ sɛ obiara nhunu wɔn. Ebia wɔayɛ wɔn tirinwi wɔ kwan mmorosoɔ kakra bi so anaa ɛsono wɔn kasa, nanso wɔwɔ hɔ, na wɔreyere wɔn ho.

Ebi bɛdwene sɛ: “Menkɔso ara mmra? Menkɔso nyere me ho?” Ebi nso bɛdwene sɛ enti da bi wɔbɛgye wɔn ato mu na wɔadɔ wɔn anaa. Yɛhia abɔfoɔ, sesei; abɔfoɔ a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛfiri ahotɔ tebea mu agye wɔn.;“[Nnipa a wɔyɛ] papa na wɔn ho teɛ, a asɛm a ɛba yɛn adwene mu [fa wɔn ho]” ne abɔfoɔ ]” (Jeffrey R. Holland, “Abɔfoɔ Som,” 30).

Anuanom mmarima ne mmaa, megye abɔfoɔ di! Yɛn nyinaa wɔ ha ɛnnɛ sɛ abɔfoɔ asraafoɔ a wɔate yɛn ho ama nna a ɛdi akyire, sɛ yɛnyɛ Ɔbɔadeɛ dɔfoɔ no nsa nsom afoforɔ. Mehyɛ bɔ sɛ sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛsom a, Awurade bɛma yɛn akwanya ma yɛasom sɛ abɔfoɔ. Ɔnim deɛ ɔhia abɔfoɔ mmoa, na Ɔde wɔn bɛgu yɛn akwan mu. Awurade de wɔn a wɔhia abɔfoɔ mmoa to yɛn akwan mu dabiara.

M’ani sɔ abɔfoɔ bebree a Awurade de agu m’akwan mu wɔ m’abrabɔ mu nyinaa. Na wɔn ho hia. M’ani sɔ N’asɛmpa a ɛboa yɛn ma yɛsesa na ɛma yɛn kwan de tu mpɔn.

Yei yɛ ɔdɔ asɛmpa, ɔsom asɛmpa. Yei na medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.