Amansan Nhyiamu
Koroyɛ Atenka Ma Yɛnya Onyankopɔn hɔ Tumi
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Koroyɛ Atenka Ma Yɛnya Onyankopɔn hɔ Tumi

Berɛ a yɛrehwehwɛ koroyɛ a atenka wɔ mu no, yɛbɛfrɛ Onyankopɔn tumi aba fam abɛyɛ yɛn mmɔden no mua.

Gordon maame kakyerɛɛ no sɛ sɛ ɔbɛwie n’adwuma a, ɔbɛyɛ pae ama no. Deɛ ɔpɛ pa ara. Ɔno nko ara dea. Gordon kɔyɛɛ adwuma no, na ne maame yɛɛ pae no. Ne nuabaa panin Kathy ne n’adamfo baa efie hɔ. Ɔhunuu pae no ɛna ɔbisaa sɛ ɔne n’adamfo no bɛtumi anya kakra bi a.

“Dabi, ”Gordon na ɔseɛ, “ɛyɛ me pae. Maame to maa me, na ɛwɔ sɛ me nsa ka.”

Kathy bɔɔ n’ani kyerɛɛ ne nua ketewa no. Na ɔdwene ne nko ara ho na ne tirim ayɛ den. Ɛyɛ dɛn na ɔno nko ara fa yei nyinaa?

Nnɔnhwere kakra akyi a Kathy buee ne kaa pono sɛ ɔde n’adamfo rekɔ ne fie no, ɔhunuu duku mmienu a wɔabobɔ no kama, adinam mmienu gu so, ɛna pae tɛtrɛtɛ mmienu gu mprɛte mu wɔ akonnwa no so. Kathy kaa saa abasɛm yi wɔ Gordon ayie ase de kyerɛɛ sɛ na wayɛ krado pɛ sɛ ɔsesa na ɔkyerɛ ayɛmyɛ ma wɔn a wɔn ntaa mfata.

Wɔ afe 1842 mu, na Ahotefoɔ no reyɛ adwuma den asi Nauvoo Tɛmpol no. Wɔtee Relief Society wɔ Ɔbenim mu akyire yi no, Nkɔmhyɛni Joseph taa baa wɔn nhyiamu ase bɛsiesiee wɔn maa koroyɛ, apam kronkron a wɔbɛyɛ wɔ tɛmpol a ɛnkyɛ koraa.

Wɔ Ayɛwohomumu da a ɛtɔ so 9, Nkɔmhyɛni no “kaa sɛ ɔrebɛkasa afa ahummɔborɔ ho[.] Yɛmfa no sɛ sɛ Yesu Kristo ne soro abɔfoɔ no po yɛn wɔ nneɛma hunu ho a, ɛdeɛn na ɛbɛyɛ yɛn? Ɛwɔ sɛ yɛyɛ ahummɔborɔ na yɛbu y“ani gu nneɛma nketenkete so. President Smith toaa so, “Ɛyɛ me ya sɛ ayɔnkofa kɛseɛ nni hɔ—sɛ asɔreba baako hunu amane a obiara te nka—koroyɛ atenka ma yɛnya Onyankopɔn hɔ tumi.”1

Saa ɔkasamu ketewa no kaa me te sɛ ayerɛmo. Koroyɛ atenka ma yɛnya Onyankopɔn hɔ tumi Ewiase yi nyɛ deɛ mepɛ sɛ ɛyɛ no. Nneɛma bebree wɔ hɔ a mepɛ sɛ mesakyera mu na meyɛ no yie. Na nkokorɛ, sɔretia pii wɔ hɔ a ɛtia deɛ m’ani da soɔ no, na ɛtɔ da a na mayɛ mmrɛ. Nnansa yi, me bisa me ho nsɛmmisa bi: Mɛyɛ dɛn ate nkorɔfoɔ a watwa me ho ahyia yi aseɛ yie? Mɛyɛ dɛn mayɛ “koroyɛ a atenka wɔ mu” berɛ a obiara firi baabi? Tumi ben na ɛfiri Onyankopɔn hɔ a me nsa bɛtumi aka sɛ nkabɔmu kakra wɔ me ne afoforɔ ntamu a? Firi m’akoma nhwehwɛmu mu, mewɔ nsusuiɛ mmiɛnsa. Ebia a ɛbɛboa mo nso.

Nya Ahummɔborɔ

Yakob 2:17 kenkan, “Mo nwene mo nuanom [mmarima ne mmaa] ho sɛ mo ara mo ho, na mo nhunu obiara na monyɛ ayɛ wɔ mo anyadeɛ ho, ama wɔn nso ayɛ adefoɔ sɛ mo ara.” Ma yɛmfa nsiananmu mma asɛmfua anyadeɛ ma ahummɔborɔ—kyɛ wo ahummɔborɔ sɛdeɛ wɔbɛyɛ adefoɔ te sɛ wo ara.

Yɛ taa dwene anyadeɛ ho sɛ aduane anaa sika, nanso ebia deɛ yɛn nyinaa hia no kɛse wɔ yɛn som mu yɛ ahummɔborɔ.

Me ankasa me Relief Society titenani kaa no nnansa yi: “Adeɛ a me hyɛ wo bɔ ne sɛ mɛkora wo din yie. Mɛhunu wo wɔ nipa su a woyɛ ho wɔ deɛ woyɛ no yie ho. Menka biribiara mfa wo ho a ɛnyɛ, a ɛmma wo nkanyan. Mese mo sɛ mo nyɛ sa ara mma me ɛfiri sɛ mebɔ hu, nokorɛ, sɛ madi mo hwammɔ.

Joseph Smith kakyerɛɛ mmaa no wɔ saa Ayɛwohomumu da no mu wɔ afe 1842:

“Sɛ nkorɔfoɔ da ayɛmyɛ ne ɔdɔ kumaa bi adi kyerɛ me a, O tumi a ɛnya wɔ m’adwene mu.

“Bɛn a yɛtwe bɛn yɛn soro Agya no, dodoɔ no ara na yɛte nka sɛ yɛde ahummɔborɔ bɛhwɛ akra a wɔresɛeɛ—[yɛte nka sɛ yɛpɛ] sɛ yɛfa wɔn to yɛn mmatiri so, na yɛto wɔn bɔne twene y’akyi. [Mekasa no kɔ ma] Ekuo yi nyinaa—sɛ mobɛpɛ sɛ Onyankopɔn hu mo mmɔbɔ a, mo nhunu mo ho mo ho mmɔbɔ2

Saa afotuo yi kɔ maa Relief Society no titire. Mommma yɛn mmu yɛn ho atɛn anaa nka nsɛm a ɛyɛ ya. Momma yɛn kora yɛn ho yɛn ho din yie na yɛmma ahummɔborɔ akyɛdeɛ.3

Ma Mo Kodoɔ no Nni akɔneaba

Afe 1936 mu, ekuo bi a wɔnnim no a wɔfiri Washington Suapɔn mu tuu kwan kɔɔ Germany kɔsii akan wɔ Olympic Agokansie mu. Na ɛyɛ Adwenemuhaw Kɛseɛ bunu mu. Na yeinom yɛ mmranteɛ a wɔyɛ adwuma na wɔn agudeɛtuo adwuma ne nnua kuro ato ntoboa kakra sɛ wɔmfa tu kwan nkɔ Brlin. Akansie no mu biribiara ko tiaa wɔn, nanso biribi sii wɔ mmirikatuo no mu. Wɔ kodoɔ hare wiase mu, wɔfrɛ no “ akɔneabadie.” Tie saa nkyerɛkyerɛmu yi fa nwoma no ho Mmeranteɛ a wɔwɔ Kodoɔ no mu:

Adeɛ bi wɔ hɔ a ɛtɔ da a ɛsi a ɛyɛ den sɛ nsa bɛka na ɛyɛ den sɛ wɔkyerɛ aseɛ. Wɔfrɛ no “akɔneabadie.” Ɛsi berɛ a aharefoɔ no nyinaa kɔ pɛ na nneyɛɛ baako mpo nsesa.

Ɛwɔ sɛ aharefoɔ no nya fahodie wɔ wɔn hu mu na berɛ korɔ no ara wɔdi nokorɛ ma deɛ wɔtumi yɛ no wɔ nokorɛ mu. Ɛnyɛ nnipa a afidie na ayɛ wɔn na wɔdi nkonim mmirikatuo mu Adwumayɛfoɔ papa yɛ afrafra papa—obi na ɛwɔ sɛ ɔdi animu, obi na ɛwɔ sɛ ɔkora biribi, obi na ɔko ɛko no, obi na ɔde asomdwoeɛ ba. Ɔhareni biara nsombo nsene ne yɔnko, wɔn nyinaa ho hia ma kodoɔ no, nanso sɛ wɔbɛhare abɔ mu a, ɛwɔ sɛ obiara hunu afoforɔ no ahiadeɛ—deɛ ne nsa yɛ tia no duru akyiri kakra, deɛ ne nsa woware no twe ba mu kakra.

Nsonoeɛ tumi dane yɛ mfasoɔ sene ɔhaw. Ɛhɔ na atenka bɛba sɛ kodoɔ no ara na ɛrekorɔ. Ɛhɔ na yeaa gyae mu koraa ma mpagya kwan. “Akɔneabadie” papa te sɛ anwensɛm.4

Wɔhyiaa akwansideɛ kɛseɛ, nso saa kuo no hunuu akɔneabadie a ɛwie pɛyɛ dii nkonim. Olympic sikakɔkɔɔ no yɛɛ anigyeɛ kɛseɛ, nanso koroyɛ a ɔhareni biara nyaa no saa da no yɛɛ berɛ kronkron a ɛkaa wɔn hɔ wɔn nkwa nna nyinaa.

Twa Bɔne no Gu Ntɛm na Papa no Ntumi Nyini

Wɔ ayɛsɛm fɛɛfɛ a ɛwɔ Yakob 5, mu no, bobeturo Wura no duaa dua papa wɔ asase papa so, nanso ɛbɛyɛɛ porɔeɛ mmerɛ akyi na ɛsoo aba bɔne. Bobeturo Wura no kaa mpɛn nnwɔtwe: “Ɛyɛ me ya sɛ mehwere saa dua yi.”

Ɔsomfoɔ no see bobeturo Wura no sɛ: Ma no nsisi hɔ mmerɛ kakra. Na Owura no kaa sɛ: Aane, mɛtwɛn mmerɛ kakra.”5

Afei nkyerɛkyerɛ a ɛbɛtumi akɔ ama yɛn nyinaa ba sɛ yɛbɛbɔ mmɔden atutu apɛ aduaba papa wɔ yɛn ankasa bobeturo kumaa mu: “Mo bɛtwa bɔne no agu na papa no anyini.“6

Koroyɛ mfiri prɛko pɛ mma; ɛde adwuma yɛ na ɛba. Ɛyɛ ɔhaw, ɛtɔ da a ɛha adwene, na ɛsi nkakrankakra berɛ a yɛatwa bɔne no agu ntɛm na papa no ntumi nyini.

Ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛwɔ hɔ wɔ yɛn mmɔden a yɛreyɛ wɔ koroyɛ ho. YaKob 5 toa so, “Asomfoɔ no de wɔn ahoɔden kɔ yɛɛ adwuma no; na bobeturo Wura no ne wɔn yɛɛ adwuma.”7

Yɛn mu biara rebɛhunu suahunu yeayeaa, nneɛma a ɛnka ɛnsɛ sɛ ɛsie. Yɛn mu biara nso, wɔ mmerɛ foforɔ mu, bɛma dwɛɛ ne ahomasoɔ kwan ama ɛde porɔeɛ aka aba a yɛsoɔ no. Nanso Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa wɔ nneɛma nyinaa mu. Ne tumi no duru aseɛ biara na ɛyɛ ahotɔsoɔ wɔ hɔ ma yɛn berɛ a yɛsu frɛ No. Yɛn nyinaa kotosrɛ mmɔborɔhunu ma yɛn bɔne ne brɛguo. Ɔde kyɛ kwa. Na Ɔbisa yɛn sɛ yɛbɛtumi anya mmɔborɔhunu ne nteaseɛ korɔ no ara ama yɛn ho yɛn ho.

Yesu kaa no pen: “Mo nyɛ baako; na sɛ moanyɛ baako a monnyɛ me dea.”8 Mmom sɛ yɛyɛ baako—sɛ yɛbɛtumi akyɛ yɛn pae kakra anaa de yɛn ankorankorɛ adomakyɛdeɛ no abɔm sɛdeɛ kodoɔ no bɛtumi adi akɔneaba pɛpɛyɛ wɔ kororyɛ mu a—ɛnneɛ na yɛyɛ Ne dea. Na Ɔbeboa atwa bɔne no agu ntɛm na papa no anyini.

Nkɔmhyɛ Bɔhyɛ

Yɛnya nnuruu baabi a yɛpɛ sɛ yɛduru no, na yɛmmen baabi a yɛbɛduru no. Megyedi sɛ nsakyeraeɛ a yɛrepɛ wɔ yɛn mu ne akuo a yɛdom no ba ketewa bi wɔ dwumadie so na ɛba dodo wɔ daadaa mmɔden a yɛrebɔ ate yɛn ho yɛn ho ase. Adɛn? Ɛfiri sɛ yɛrekyekyere Sion—nkorɔfoɔ a “wɔwɔ akoma koro ne adwene koro.”9

Sɛ apam mmaa, yɛwɔ nsunsuansoɔ tɛtrɛtɛ. Saa nsunsuansoɔ no yɛ adwuma dabiara berɛ a yɛ ne adamfoɔ resua adeɛ, yɛrededa nkwadaa, yɛrekasa akyerɛ deɛ yɛ ne no te akonnwa so wɔ bɔɔso mu, yɛ ne ɔyɔnkoɔ reboaboa akyɛdeɛ ano. Yɛwɔ tumi sɛ yɛyi manso firi hɔ na yɛkyekyere koroyɛ.

Relief Society ne Mmaayewa nyɛ asuafoɔkuo kɛkɛ. Wɔn nso bɛtumi ayɛ suahunu a yɛwerɛ mfiri berɛ a mmaa framanframan nyinaa kɔtena kodoɔ korɔ mu hare kɔsi sɛ yɛbɛhunu yɛn akɔneabadie. Meto nsa frɛ: monka mmɔ mu nyɛ ekuo a ɛbɛtumi asesa ewiase ama ayɛ papa. Yɛn apam adwuma ne sɛ yɛbɛsom, na yɛapagya nsa a ɛsɛn fam, na yɛde nkorɔfoɔ a wɔrebrɛ ahyɛ y’akyi anaa yɛn nsa so na yeasoa wɔn. Ɛnkyere adwene sɛ yɛbɛhunu deɛ yɛnyɛ, nanso ɛtaa kɔ tia yɛn pɛsɛmenkomenya, na ɛwɔ sɛ yɔbɔ mmɔden. Asɔre yi mu mmaa wɔ nnepapa a ɛnni ano sɛ wɔsesa wiase. Mewɔ honhom mu awerɛhyɛmu sɛ, berɛ a yɛrehwehwɛ koroyɛ a atenka wɔ mu no, yɛbɛfrɛ Onyankopɔn tumi aba fam abɛyɛ yɛn mmɔden no mua.

Berɛ a Asɔre no dii 1978 asɔfodie yikyerɛ afahyɛ no, Titenani Russell M, Nelson maa tumi nkɔnhyɛ nhyira: “Ɛyɛ me mpaeɛ ne nhyira sɛ mede gya wɔn a wɔretie nyinaa sɛ yɛbɛtumi adi nnesoa biara a ɛyɛ adwemmɔne so na yɛ ne Onyankopɔn anante tɔɔtee—ne yɛn ho yɛn ho mu—wɔ asomdwoeɛ a ɛwie pɛyɛ mu ne koroyɛ mu.”10

Ma yɛntwe mmɛn saa nkɔmhyɛ nhyira yi na yɛmfa yɛn ankorankorɛ ne nkabɔm mmɔden ma koroyɛ mmra wiase yi mu. Megya m’adanseɛ wɔ Awurade Yesu Kristo ahobraseɛ, mmerɛ a ɛnwie mpaeɛ nsɛm no mu: “Wɔn nyinaa nyɛ baako; sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu.”11 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.