Amansan Nhyiamu
Mua w’ano, Yɛ Komm
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Mua w’ano, Yɛ Komm

Agyenkwa no kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ ne abotɔyamu mpo wɔ berɛ a mframa no fa huhuuhu wɔ yɛn ho na asorɔkye a ano yɛ den hunahuna sɛ ɛbɛmem yɛn anidasoɔ.

Berɛ a na yɛn mma susua no, y’abusua kɔdii nna kakra wɔ sutadeɛ fɛɛfɛ bi ho. Awia bi mmɔfra no bi hyɛɛ wɔn asudwareɛ akatasoɔ ansa na wɔrehuri afiri simpie so atɔ nsuo no mu. Yɛn babaa ketewa popoo ne ti, na ɔhwɛɛ ne nnuanom dinn. Ɔnyaa akokoɔduro a ɔbɛtumi nyinaa, de ne nsa baako tuaa ne hwene na ɔhuriiɛ. Ɛhɔ ara ɔbɛtɛɛ nsuo no ani na ɔde ehu teamu sɛ, “Boa me! “Boa me!

Afei, na ne gyinaberɛ nyɛ hu wɔ honam mu; na n’asudwuare akatasoɔ no reyɔ n’adwuma a na ɔtɛ nsuo no ani bɔkɔɔ. Na anka yɛbetumi de mmɔdemmɔ kakra bi akɔtwe no aba simpie no so bio. Nanso, na yɛhunu no sɛ ɔhia mmoa. Ebia na, ɛyɛ nsuo no nwunu a na ɛyɛ anaasɛ ɛyɛ suahunu a ɛdi kan no nti. Ɔkwan biara so no ɔforo baa simpie no so bio, a yɛde towuro wesee kyekyeree no na yɛmaa no mo-ne-yɔ wɔ n’akokoɔduro no ho.

Sɛ yɛanyini anaasɛ yɛsua, yɛn mu bebree wɔ, mmerɛ bi a ehu abɔ yɛn no, yɛde anibreso aka nsɛm bi te sɛ “Boa me! “Gye me! anaasɛ “Mepa wo kyɛw, tie me mpaebɔ!”

Asɛm saa bi sii wɔ Yesu asuafoɔ no mu berɛ a na ɔdi hene wɔ asaase so. Wɔ Marko nwoma mu, yɛkenkan sɛ “Yesu fitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ bio wɔ mpoano: Na nkurɔfoɔ pii hyia baa ne nkyɛn.”1 Na nipa no dɔɔso pii enti “ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa ase ɛpo no ani”2 na ɔkasakyerɛɛ wɔn. Na da mu no nyinaa Ɔkasa kyerɛɛ wɔn abebuo mu ɛmmerɛ a na wɔte mpoano hɔ.

“Na eduruu [anwumerɛ] no,” Ɔsee N’asuafoɔ no sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya dohoaa. Na wɔgyaa nkurɔfoɔ no kwan no,”3 wɔfirii mpoano hɔ a na wɔnam ɛpo no so rekɔ Galilee. Ɔhunuu beaɛ bi wɔ kodoɔ no akyi no, Yesu danee ne ho too hɔ na ɔdaa ntɛm. Ankyɛ “ahum kɛseɛ bi tuui na asorɔkye bɔ ma nsuo kɔɔ kodoɔ no mu, a na [ɛreyɛ]”4 ayɛ ma.

Na Yesu asuafoɔ no mu bebree yɛ apofofoɔ a wɔwɔ suahunu na wɔnim sɛdeɛ wɔdanedane kodoɔ ahum berɛ mu. Na wɔyɛ nokwafoɔ a Ɔgye wɔn di—nokorɛ, N’adɔfoɔ—asuafoɔ. Na wɔagya nnwuma, ankorankorɛ apɛdeɛ ne abusua hɔ abɛdi Yesu akyi. Na wɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu kyerɛ gyedie a wɔwɔ wɔ Ne mu. Na afei wɔn kodoɔ no aduru asorɔkye mfininmfi a ɛreyɛ amem.

Yɛnnim mmerɛ tenten a wɔperee sɛ wɔbɛma kodoɔ no atɛ ani wɔ asorɔkye no mu, nanso wɔde ehu kakra nne kaa sɛ:

“Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyera yi ɛmfa wo ho?”5

“Owura, gye yɛn:yɛreyera.”6

Wɔfrɛɛ no “Kyerɛkyerɛni,” na ampa Ɔyɛ. Na wɔbɛfrɛ no Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba, ɔsoro ne asaase Agya, Ɔbɔadeɛ nyinaa fiti ahyɛaseɛ.”7

Mfoni
Mua w’ano, yɛ komm.

Ɛfiri baabi a na Ɔwɔ wɔ kodoɔ no mu no, Yesu sɔreeɛ na ɔteateaa mframa a ɛrefa no sɛ, “Mua w’ano, yɛ komm. Na mframa no [gyaeɛ], na dinnyɛ kɛseɛ baaeɛ.”8 Efiri hɔ no, Owura Kyerɛkyerɛfoɔ, Yesu Kristo nam nsɛmmisa tiawa a na ɛyɛ ɔdɔ so kyerɛkyerɛɛ N’asuafoɔ no. Na ɔbisaeɛ:

“Adɛn nti na moyɛ ahufoɔ saa?”9

“Mo gyedie wɔ hene?”10

Honam mu ahoɔden wɔ hɔ, mpo sɔhwɛ sɛ berɛ a yɛkɔ sɔhwɛ mfimfini, ɔhaw anaasɛ ahohiahia mu no, yɛ teamu “Kyerɛkyerɛni, mereyera yi womfa ho Gye me.“ Mpo Joseph Smith srɛ firii afiase bɔne bi, “O Onyankopɔn, ɛhe na wowɔ? Na ɛhe na abrannakatasoɔ a ɛkata wo hintabea no wɔ?”11

Ampa ara, Wiase Agyenkwa no te yɛn honam mu mmrɛyɛ ase, ɛfiri sɛ Ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ ne abotɔyamu mpo berɛ a mframa bɔ huhuuhu fa yɛn ho na asorɔkye a ano yɛ den hunahuna sɛ ɛmene yɛn anidasoɔ.

Wɔn a wɔagyina wɔn gyedie mu, wɔn a wɔn gyedie sua te sɛ abɔfra anaasɛ wɔwɔ gyedie ketewa ara bi mpo,12 Yesu to nsa refrɛ sɛ: “Bra me nkyɛn.”13 “Gye me din di.”14 “Monsua Me, na montie M’asɛm.”15 Ɔhyɛ wɔ ɔdwoɔ mu, “Sakyera w’adwene na [bɔ] asu wɔ me din mu,”16 “monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no,”17 na “monkae me berɛbiara.”18 Yesu ma awerɛhyem, kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Yeinom na maka akyerɛ mo sɛ, me mu na mobɛnya asomdwoeɛ. Wɔ wiase mu mobɛhunu amane: nanso momma mo bo ntɔ mo yam; Madi wiase so nkonim.”19

Me de m’ani bu sɛ, na Yesu asuafoɔ no a wɔwɔ kodoɔ a asrɔkye redi no adaneadane no, sɛdeɛ na ɛhia no, rehwɛ anibre so sɛ nsuo rewura wɔn gyinabea na wɔrehwe nsuo no afiri mu. Metwa mfonin wɔ m’ani so sɛ wɔrebɔ mmɔden ahyɛ wɔn ara wɔn nsa ano adwini ketewa no so. Na deɛ ɛsi wɔn ani so ne sɛ wɔbɛnya nkwa saa mmerɛ no mu, na wɔn adesrɛdeɛ a wɔde repɛ mmoa no firi akoma pa mu.

Nsonoeɛ nna yɛn mu bebree ntam wɔ yɛn mmerɛ yi mu. Nsɛm a ɛsisi nansa yi mu wɔ wiase nyinaa ne yɛn aman mu, mantamu, ne yɛn mmusua mu de ayaayaadeɛ a na yɛn ani nna abrɛ yɛn. Wɔ basabasa mmerɛ mu no yɛn gyedie mu bɛtumi atwe de akɔ deɛ yɛn yɔkɔduro ne nteaseɛ kɔ pem. Asorɔkye a ɛyɛ hu no bɛtumi aha yɛn, na ama yɛn werɛ afiri Onyankopɔn nnepa, na ɛma y’adwene mu nsusuieɛ twa-tia na yɛn nhunu adeɛ bio. Nanso wɔ saa yɛn akwan monkyimɔnka yi mu na wɔbɛtumi asɔ yɛn gyedie ahwɛ na ahyɛ yɛn den.

Ɛnfa ho ne yɛn tebea, yɛbetumi ahyɛda abɔ mmɔden ama y’ɛapagya yɛn gyedie wɔ Yesu Kristo mu asi hɔ. Ɛnya ahoɔden wɔ berɛ a yɛkae sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma na ɛno nti Ɔdɔ yɛn. Yɛn gyedie nyini berɛ a yɛde anidasoɔ ne ahokeka tu Onyankopɔn asɛm mu anammɔn, na yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbedi Kristo nkyerɛkyerɛ no so. Yɛn gyedie yɛ kɛse berɛ a yɛsi gyinaeɛ sɛ yɛbɛgye adi sen sɛ yɛbɛhinhim, yɛde bɔne bɛkyɛ sen sɛ yɛbɛbu atɛn, adwensakyera sen atuateɛ. Yɛn gyedie mu yɛ den berɛ yɛde abotare de yɛn ho to Messiah Kronkron no nneyɛɛpa, ne n’ahummɔbrɔ so.20

“Berɛ a gyedie nnyɛ nimdeɛ a ɛwie pɛyɛ no, Ɔpanin Neal A. Maxwell kaa sɛ, ɛde awerɛhyem wɔ Onyankopɔn, ɔno a ne nimdeɛ wie pɛyɛ no ba!”21 Mpo wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu no, gyedie wɔ Yesu Kristo mu no yɛ pintinnn na ɛgyina ne nan so. Ɛboa yɛn ma yɛsɔne fa deɛ ɛho nhia a ɛtwetwe yɛn adwene mu. Ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so nante apam kwan no so. Gyedie pia fa abamubuo mu na ɛma yɛn ho kwan ma yɛde abatire a ɛgyina himpa wura daakye mu. Ɛkanyan yɛn ma yɛbisa ɔgyeɛ ne akɔnmudwoeɛ berɛ a yɛbɔ Agya no mpaeɛ wɔ Ne ba no din mu. Na berɛ a mpaebɔ mu abisadeɛ yɛ sedeɛ ɛnnya mmuaeɛ no, yɛn pintinn gyina gyedie wɔ Yesu Kristo mu no de abotare, ahobraseɛ, ne ahoɔden a yɛnam anidie so ka asɛm sɛ “Wopɛ nyɛ hɔ.”22

Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ

“Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn hu bɔ yɛn gyedie guo. Yɛbɛtumi adi saa ehu no so berɛ a yɛrɛhyɛ yɛn gyedie mu den.

“Fa wo mma hyɛ aseɛ. Ma wɔn nte wo gyedie nka, mpo wɔ berɛ a sɔhwɛ a ɛmu yɛ den aba wo so. Ma wo gyedie nsi yɛn Agya Dɔfo a Ɔwɔ Soro ne Ne Dɔba, Awurade Yesu Kristo so. Kyerɛkyerɛ abarimaa anaa abaayewa a ɔsom bo biara sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba, wabɔ no sɛ Ne sɛso, a ɔwɔ asɛdeɛ kronkron ne tumi. Wɔawo obiara ne akwansideɛ a ɛsɛ sɛ ɔdi so nkunim ne gyedie a ɛwɔ sɛ ɔnya.”23

Ɛnkyɛree biara metee mfeɛ nan mmofra baanu bi a na wɔrekyɛ wɔn gyedie wɔ Yesu Kristo mu berɛ a na wɔreyi asɛmmisa “Sɛn na Yesu Kristo boa wo?” ano Abɔfra a ɔdi kan no kaa sɛ, “Menim sɛ Yesu Kristo dɔ me ɛfiri sɛ Ɔwu maa me. Ɔsane nso dɔ mpanimfoɔ.” Abɔfra no a ɔtɔ so mmienu kaa sɛ, “Ɔboa me berɛ a me werɛ aho anaa mente me ho ase. Ɔsan nso boa me berɛ a me susu sɛ biribi rebɛto me.”

Yesu paee mu kaa sɛ, “Ɛno nti, obiara a ɔsakyera na ɔba me nkyɛn no, te sɛ akwadaa ketewa no, ɔno na mɛgye no, na yeinom sei na Onyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea.”24

“Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne ne ba a ɔwoo no koro maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.”25

Ɛnkyɛree biara Titenani Nelson hyɛɛ bɔ “sɛ ehu a abrɛ ase ne gyedie a ɛkɔ nkan bɛdi akyire berɛ a “yɛhyɛaseɛ foforɔ, nokorɛ sɛ yɛbɛtie, de atu anammɔn na yɛde Agyenkwa no nsɛm no ayɔ adwuma”26

Mfoni
Yesu ma ɛpo yɛ dinn

Anuanom mmaa ne mmarima, yɛn tebea saa mmerɛ yi mu nyɛ yɛn enniawieɛ asoɛeɛ. Sɛ asɔremma wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no, yɛnam apamyɛ so afa Yesu Kristo din ato yɛn ho so. Yɛwɔ gyedie wɔ Ne gyeɛ tumi ne anidasoɔ wɔ Ne bɔhyɛ a ɛsom bo no mu. Yɛwɔ nnyinasoɔ biara sɛ yɛdi ahurisie, efiri sɛ, yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa no ani tua yɛn amaneɛ, dadwene ne yɛn awerɛhoɔ. Sɛdeɛ na Yesu ne N’asuafoɔ adadafoɔ no wɔ hɔ no, Ɔwɔ yɛn kodoɔ mu! Medi adanseɛ sɛ Ɔde Ne kra ato hɔ sɛdeɛ wo ne me nnyera. Momma yɛnya awerɛhyem wɔ ne mu, nni Ne mmaransɛm so, na waka sɛ “ Mua W’ano, Yɛ Komm.”27 Wɔ Yesu Kristo ahoteɛ ne Kronkron din mu, amen.