Amansan Nhyiamu
Nyankopɔn Bɛyɛ Adeɛ a Ɛboro Adwene so
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Nyankopɔn Bɛyɛ Adeɛ a Ɛboro Adwene so

Onyankopɔn asiesie Ne mma ne N’Asɔre ama saa berɛ yi.

Wɔduruu Salt Lake no, ankyɛ na Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no hyɛɛ aseɛ sii wɔn tɛmpol kronkron. Wɔnyaa atenka sɛ afei deɛ wɔn anya beaeɛ a wɔbɛtumi asom Nyankopɔn wɔ asomdwoeɛ mu na ɔtan nni mu.

Nanso, berɛ a wɔreyɛ awie tɛmpol no fapem no, Amereka asraafoɔ bi baa sɛ wɔnam ɔhyɛ so rebɛsi amrado foforɔ.

Esiane sɛ na Asɔre mpanimfoɔ nnim awurukasɛm a asraafoɔ no bɛtumi adi nti, Brigham Young hyɛɛ Ahotefoɔ no sɛ wɔnkata tɛmpol fapem no so na wɔmfiri hɔ.

Megyedi sɛ Asɔremma no bi booboo ho sɛnti a wɔn mmɔdemmɔ sɛ wɔbɛsi Nyankopɔn aheman no nkɔ yie berɛ biara.

Ɛberɛ mu no, ɔhaw no twaa mu, na wɔyii tɛmpol fapem no adi hwɛɛ sɛdeɛ ayɛ. Ɛhɔ na adikanfoɔ adansifoɔ no hunuu sɛ dɔteɛ abooɔ no apaepae a wɔntumi mfa nyɛ fapem aboɔ.

Ɛkɔbaa sɛ, Brigham maa wɔde abotan sesaeɛ,1 deɛ ɛyɛ den yie a ɛbɛtumi asoa Salt Lake Tɛmpol kokoroko no fasuo.2 Awieɛ no, Ahotefoɔ no tumi too dwom “How Firm a Foundation”3 na wɔnim sɛ wɔn tɛmpol no si fapem dennen so a ɛbɛgyina wɔ awoɔntoatoasoɔ pii mu.

Mfoni
Salt Lake Tɛmpol fapem

Saa abasɛm yi kyerɛ yɛn sɛdeɛ Nyankopɔn fa ɔhaw so ma Ne botaeɛ ba mu.

Ewiase afanan Yadeɛ

Sɛ yei yɛ adeɛ a woate pɛn sɛ yɛhwɛ tebea a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi a, efiri sɛ ɛte saa.

Mennyenni sɛ onipa bi wɔ hɔ a ɔte me nne anaa ɔkenkan me nsɛm yi a saa wiase yadeɛ yi ho nsunsuasoɔ nkaa no.

Wɔn a wɔresu abusua ne ayɔnkofoɔ a wafiri mu no, yɛne mo su. Yɛsrɛ Ɔsoro Agya sɛ ɔnkyekyere mo werɛ.

Saa yadeɛ mmoawa yi ho nsunsuansoɔ tra honam mu apomuden so. Mmusua pii ahwere wɔn nnwuma na ɛkɔm, sintɔ ne ahohiahia rehunahuna wɔn. Yɛn ani sɔ ɛdɔm a wɔtuu wɔn ho kyɛɛ sɛ wɔmma yadeɛ no ntu atese. Ɛyɛ ahodwo ma yɛn sɛ afoforɔ bɛtu wɔn ho abɔ afɔdeɛ na wɔyeree wɔn ho wɔn nkwa so boa saa yadeɛ yi na wɔsɔɔ wɔn a ahia wɔn asene. Nnaaseɛ ahyɛ yɛn akoma mu ma dema mo tema ne papayɛ.

Yɛbɔ mpaeɛ keseɛ sɛ Nyankopɔn bɛbue soro mfɛnsere na Ɔde Nyankopɔn daapem nhyira ahyɛ mo abrabɔ mu ma .

Yɛyɛ Mma

Bebree na yɛnnim fa saa yadeɛ-mmoawa yi ho. Nanso sɛ adeɛ baako wɔ hɔ a menim a, ɛne sɛ saa yadeɛ mmoawa yi amfu Nyankopɔn mu. Wammoaboa abɔfoɔ dɔm ano, amfrɛ mpofirim nhyiamu, anaa wammane nneɛma amfiri ewiase-bɔ beaɛ ammɛsɔ mpofirim ahiadeɛ bi ano.

Me nkrasɛm ɛnnɛ ne sɛ, ɛwom sɛ ewiase yadeɛ yi nnyɛ nea yɛpɛ anaa yɛhwehwɛ, Nyankopɔn asiesie Ne mma ne N’Asɔre ama saa berɛ yi.

Yɛbɛgyina, aane. Nanso yɛbɛyɛ birirbi akyɛn sɛ yɛbɛtwɛre yɛn se, atena ase, na yɛatwɛn sɛ nneɛma bɛyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no. Yɛbɛkɔ yɛn anim, na ɛnam so yɛbɛtu mpɔn.

Ɔkwan bi so no, yɛyɛ nnuaba. Na sɛ nnuaba bɛnyini, aso a, ɛwɔ sɛ wɔsie ansa na afifi. Ɛyɛ m’adanseɛ sɛ ɛwom sɛ ɛtɔda a ɛbɛyɛ yɛn sɛ abrabɔ mu nsɔhwɛ anaa esum asie yɛn, Nyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo asɛmpa a wasan de aba no mu nhyira de biribi a ɛboro adwene so bɛpue.

Nhyira firi Ahohiahia mu Ba

Asɛmpa berɛ biara wɔ ne nsɔhwɛ ne n’ahokyerɛ berɛ.

Enoch ne ne nkorɔfoɔ tenaa ase wɔ atirimuɔden, ntɔkwa ne mogyahwieguo berɛ mu. “Nanso Awurade baeɛ ne Ne nkorɔfoɔ bɛtenaeɛ.” Na Ɔwɔ biribi a ɛboro adwene so ma wɔn. Ɔboaa wɔn maa wɔkyekyeree Sion-—nnipa a “wɔwɔ akoma korɔ ne adwene korɔ” a “wɔtenaa wɔ tenenee mu.”4

Abrantewa Yosef, Yakob ba no, wɔtoo no too amena mu, tɔnn no kɔɔ nkoasom mu, yii no maeɛ.5 Yosef bɛdi abooboo sɛ Nyankopɔn werɛ afi no anaa. Na Nyankopɔn wɔ biribi a ɛboro adwene so ma Yosef. Ɔde saa nsɔhwɛ berɛ yi hyɛɛ Yosef suban den, de no sii diberɛ a ɔde bɛgye n’abusua nkwa.6

Mfoni
Joseph wɔ Liberty Afiase

Dwene berɛ a wɔde Nkɔmhyɛni Joseph Smith too Liberty afiase, sɛdeɛ ɔsrɛɛ ɔgyeɛ maa Ahotefoɔ a na wɔrebrɛ no. Ɔbɛbooboo ho sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na watumi akyekyere Sion wɔ tebea saa mu. Nanso Awurade kaa asomdwoeɛ kyerɛɛ no, na animuonyam yikyerɛ a ɛdii akyire no de asomdwoeɛ berɛɛ Ahotefoɔ no—na ɛgu so de asomdwoeɛ berɛ wo ne me.7

Mpɛn dodoɔ sɛn wɔ mfeɛ a ɛdi kan wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu na Ahoteɛfoɔ no dii ateetee ne abooboo sɛ Nyankopɔn werɛ afi wɔn anaa?. Nanso wɔ ɔtan mu, nsɔhwɛ, ne owuo ahunahuna mu, na Israel Awurade Nyankopɔn no wɔ biribi sononko ma Ne nnwan nketewa. Biribi a ɛboro adwene so.

Ɛdeɛn na yɛsua firi saa nhwɛsoɔ yi—ne ahodoɔ bɛboro ɔha a ɛwɔ twerɛnsɛm mu?

Ɛdi kan, ateneneefoɔ nni kwatikwan biara a wɔbɛfa so adwane esum amena. Ɛwɔ sɛ yɛn nyinaa fa berɛ a ɛyɛ den mu, wɔ ateetee berɛ mu na yɛsua nkyerɛkyerɛ a ɛhyɛ yɛn suban den na ɛtwe yɛn bɛn Nyankopɔn.

Ɛtɔ so mienu, Yɛn Soro Agya no nim deɛ yɛfa mu, na esiane sɛ yɛyɛ Ne mma nti, Ɔnnyae yɛn mu.8

Dwene ahummɔborɔni no ho, Agyenkwa no, ɔno a N’abrabɔ fa kɛseɛ somm ayarefoɔ, ankonamfoɔ, annye-annifoɔ ne ateeteefoɔ.9 Wodwene sɛ ɛnnɛ yi wo ho nhia no anaa?

M’ayɔnkofoɔ adɔfoɔ, me nuanom mmaa ne mmarima, Nyankopɔn bɛhwɛ wo aka wo ho wɔ saa ehu ne kusukuukuu berɛ yi. Ɔnim wo. Ɔte wo mo sufrɛ. Ɔyɛ ahotosoɔni nokorɛfoɔ. Ɔbɛdi Ne bɔhyɛ so.

Nyankopɔn wɔ biribi a ɛboro adwene so ma wo ankasa ne Asɔre no nyinaa—anwanwa dwuma bi.

Yɛda W’ase, O Onyankopɔn, ma Nkcmhyɛni

Yɛn nna papa no wɔ yɛn anim, ɛnyɛ yɛn akyi. Yei nti na Nyankopɔn ma yɛn ɛnnɛ berɛ mu yikyerɛ! Sɛ ɛnni hɔ a, abrabɔ bɛyɛ te sɛ wote wiemhyɛn mu na ɛbɔ asi na woretwɛn sɛ ɛbɛtete sɛdeɛ yɛbɛsi asomdwoeɛ mu. Awurade botaeɛ ma yɛn wɔ soro kyɛn saa. Efiri sɛ yei yɛ Kristo teasefoɔ no Asɔre, na ɛfiri sɛ Ɔma nkɔmhyɛfoɔ no akwankyerɛ, yɛrekɔ yɛn anim ne soro, mmeaɛ a yɛnkɔɔ da, gyinabea ahodoɔ a yɛansusu ho!

Yei nkyerɛ sɛ yɛmfa ɔhaw mu wɔ yɛn akwantuo mu wɔ asaase yi so. Ɛnkyerɛ sɛ nneɛma nsɛe wɔ kwan so berɛ a yɛn ani nna, mfidie sɛeɛ anaa ewiem nsesaeɛ a ano yɛ den. Nokorɛ, nneɛma mu bɛtumi ayɛ den ansa na ayɛ yie.

Sɛ ewiemhyɛnkani kofoɔ ne ewiem safohene, mesuaa sɛ mentumi nkyerɛ akwanhyia a ɛbɛba wɔ akwantuo mu, nso mɛtumi asiesie me ho ne sɛdeɛ mɛyɛ me ho wɔ akwanhyia mu. Nea ɛhia wɔ atoyerɛnkyɛm berɛ mu yɛ ntoboaseɛ ne ahotosoɔ ankasa.

Yɛbɛyɛ dɛn na yayɛ yei?

Yɛhwɛ nokorɛ no anim na yɛasan kɔ fapem nsɛm no mu, asɛmpa no nkyerɛkyerɛ fapem, deɛ ɛhia kɛseɛ pa ara no. Hyɛ wo nyamesom suban den—te sɛ mpaebɔ ne twerɛsɛm sua ne Nyankopɔn mmransɛm so di. Si agyina wɔ nneɛma a yɛasɔ ahwɛ agye ato mu.

Ma wadwene nkɔ nneɛma a wobɛtumi ayɛ so, na ɛnyɛ nneɛma a wontumi nyɛ.

Wo kuta wo gyedie mu. Na tie akwankyerɛ nsɛm firi Awurade ne Ne nkɔmhyɛni hɔ na ɛde wo bɛkɔ banbɔ mu.

Kae, yei yɛ Yesu Kristo asɔre—Ɔyɛ ne ti.

Dwene nkuranhyɛ nneɛma pii a asisi wɔ mmerɛ a atwam no ho. Mɛbɔ so kakraa bi:

  • Adidikronkron no wɔahyɛ mu kena sɛ Homeda som no nhini.

  • WɔdeBra, Di Makyi ama sɛ efie-nnyinasoɔ, Asɔre-mmoa adeɛ a ɛbɛhyɛ ankorankorɛ ne abusua den.

  • Yɛhyɛɛ ɔsom kwan a ɛwɔ soro na ɛyɛ kronkron ase maa obiara.

  • Abɛɛfo mfidie a yɛde kyɛ asɛmpa no, na yɛde yɛ Awurade adwuma no atrɛ wɔ Asɔre no mu nyinaa.

Mpo sɛ abɛɛfo mfidie nwanwasoɔ yinom nni hɔ a anka saa amansan nhyiamu afa ahodoɔ yi ntumi mma so.

Anuanom mmaa ne mmarima, sɛ Kristo yɛ etire yi, nneɛma renyɛ yie kɛkɛ, ɛbɛboro adwene so.

Israel Anoboaboa Adwuma no Kɔ Anim.

Mfitiaseɛ no na ayɛ sɛ ewiase afanan Yadeɛ no yɛ akwansideɛ ma Awurade adwuma no. Nhwɛsoɔ, kane no akwan dadaa a na yɛfa so kyɛ nsɛmpa no anyɛ adwuma. Nanso, ewiase yadeɛ yi ada akwan ahodoɔ nwanwasoɔ adi a yɛfa so boa nokwafoɔ akoma. Isreal anoboaboa adwuma no rekɔ so wɔ tumi ne ahokeka mu. Abasɛm mpempem di ho adanseɛ.

Ɔyɔnko pa bi a ɔte Norway kuro fɛfɛ mu twerɛɛ me ne Harriet krataa sɛ asubɔ akɔ soro nansa yi. Ɔtwerɛɛ sɛ, “Wɔ baabi a Asɔre no yɛ kumaa no”, akuo bɛyɛ nkorabata na nkorabata abɛyɛ wɔɔdo!!”

Wɔ Latvia, ɔbaa bi a ɔhunuu Asɔre no berɛ a ɔtimm nkaebɔ bi so wɔ intanɛt so anigyee sɛ ɔsua Yesu Kristo asɛmpa no ma ɔdii ne nhyiamu anim kan dɔnhwere baako, ansa na asɛmpatrɛfoɔ no bɛwie adesua a ɛdi kan no, ɔbisaa wɔn da a ɔbɛbɔ no asu.

Wɔ Europe Apueɛ, ɔbaa baako bi a asɛmpatrɛfoɔ no frɛɛ no tetefon so teaam, “Anuammaa, adɛn na mo ammfrɛ ntɛm? M’atwɛn saa!”

Yɛn asɛmpatrɛfoɔ no pii nni berɛ koraa. Wɔn mu pii rekyerɛ nnipa pii adeɛ kyɛn kane no. Twaka a ɛda asɔremma ne asɛmpatrɛfoɔ mu no kɔ anim.

Kane no, na kwan dadaa no akokwa yɛn kɔsi sɛ ewiase yadeɛ na abɛbie yɛn ani. Ebia yɛgu so de dɔteboɔ resi dan berɛ a ɛboɔpa wɔ hɔ dada. Abɛhia sɛ, afei na yɛresua kwan ahodoɔ a mfididwuma ka ho a yɛde to nsa frɛ nnipa—wɔ kwan pa so—sɛ wɔmmra mmɛhwɛ, wɔmmra mmɛboa, na wɔmmra mmɛtena.

N’Adwuma, N’Akwan

Yei yɛ Awurade adwuma. Ɔfrɛ yɛn sɛ yɛnhwehwɛ N’akwan a wɔde yɛ, na ɛbɛtumi ada nso afiri yɛn kane suahunu ho.

Yei too Simon Petro ne asuafoɔ no bi a wɔkɔɔ namyie wɔ Tiberias nsuo mu.

“Saa anadwo no wɔnanyi hwee.

“Nanso berɛ a anɔpa [baeɛ], Yesu gyinaa nsuo no ano.

“Na Ɔsee wɔn sɛ, To asau no gu kodoɔ no [fa]] foforɔ, na mobɛnya bi.“

Wɔtoo asau no guu ɔfa foforɔ na “wɔnantumi antwe esiane nam dodoɔ a na ɛwɔ hɔ nti.”10

Nyankopɔn ayi akyerɛ na Ɔbɛkɔ so ayi Ne nsa kɛseɛ no adi. Da bi bɛba a yɛbɛhwɛ yɛn akyi ahunu sɛ wɔ saa amanehunu berɛ yi mu no, na Nyankopɔn reboa yɛn sɛ yɛbɛhunu akwan pa--N’akwan--a yɛde bɛsi N’aheman wɔ fapem papa so.

Medi m’adanseɛ sɛ yei yɛ Nyankopɔn adwuma na Ɔbɛkɔ so ayɛ nneɛma pii a ɛboro adwene so wɔ Ne mma, Ne nkorɔfoɔ mu. Nyankopɔn kuta yɛn wɔ Ne dɔ ne tema nsa mu.

Medi adanseɛ sɛ Titenani Russell M. Nelson yɛ nkɔmhyɛni ma yɛn mmerɛ yi mu.

Sɛ Awurade Somafoɔ no, Meto nsa frɛ wo hyira wo sɛ “fa ahomeka yɛ deɛ wobɛtumi biara; na gyina pintinn, wɔ awerɛhyɛmu sɛ wobɛhunu Nyankopɔn nkwangyeɛ, na N’abasa bɛda adi.”11 Na mehyɛbɔ sɛ Awurade bɛma nneɛma a ɛboro adwene so aba wo nnwuma papa so. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Quartz monzonite boɔ a ɛte sɛ granite boɔ a wɔnya firii abopae beaɛ wɔ Little Cottonwood Canyon ano, kwansini 20 wɔ kuro no anaafoɔ apueɛ.

  2. Wopɛ nimdeɛ pii fa saa abakɔsɛm berɛ yi ho a, hwɛ Saints: The Story of the Church of Jesus Christ in the Latter Days, vol. 2, No Unhallowed Hand, 1846–1893 (2020), chapters 17, 19, ne 21.

  3. “Hwɛ “Fapem a Emu Yɛ Den,” Nnwom, no. 85.

    Nsɛm a ɛwɔ saa dwom kɛseɛ yi mu tumi yɛ nnyinasoɔ nsɛm ma yɛn wɔ yɛn mmerɛ yi mu na berɛ a yɛde aso foforɔ bɛtie no, ɛma yɛn nhunumu fa akwansideɛ a yɛhyia ho:

    Wɔ tebea biara mu—wɔ yadeɛ mu, wɔ apɔmuden mu,

    Wɔ ohia nkatasoɔ mu anaa ahonya mmorosoɔ mu,

    Wɔ fie anaa amanɔne, wɔ asaase so anaa nsuo so--

    Sɛdeɛ wo nna no bɛhia saa ara na wo mmoa no bɛyɛ.

    Nsuro, Meka Wo Ho; oh mma wabamu mmu,

    Na Meyɛ wo Nyankopɔn na mɛma wo mmoa.

    Mɛhyɛ wo den, aboa wo, na m’ama wo agyina,

    Mede me tenenee tumi nsa bɛma wo so.

    Berɛ a Mefrɛ wo sɛ twa nsuo akɛseɛ kɔ,

    Awerɛhoɔ nsuo ntumi mmene wo,

    Ɛfiri sɛ Mɛka wo ho, wo haw bɛyɛ nhyira,

    Na Mɛte wo ho w’ateetee mu.

    Berɛ a wonam ɔhaw kɛseɛ mu, wo kwan bɛda hɔ,

    M’adom so sɛ ɛbɛso wo.

    Egya ntumi nhye wo; Me nko ara na mehyehyɛ

    Deɛ ɛnyɛ bɛsɛe na ate woagudeɛ ho

    Na Ɔkra a ɔtwere Yesu no nsuro

    Mennyɛ, Mentumi, nnya no mma n’atamfo;

    Saa ɔkra no, mpo sɛ mmonsamfoɔ pɛ sɛ wɔsɛe a.

    Merennyai, dabi, dabi dabiara da!

  4. Hwɛ Mose 7:13–18.

  5. Ebia na Yosef wɔ mfeɛ 17 na ne nuanom tɔnn no kɔɔ nkoasom mu (hwɛ Genesis 37:2). Na ɔwɔ mfeɛ 30 berɛ a ɔkɔsomm Pharaoh (hwɛ Genesis 41:46). Wobɛtumi asusu sɛdeɛ na ɛyɛ den sɛ abranteɛ a wasi so bɛkɔ nkoasom mu, wɔbɛyi no ama, ntwatosoɔ mu, na ɔbɛda afiase? Nokorɛ mu Yosef nyɛ nhwɛsoɔ mma mmabunu nko ara na mmom ma ɔbarima, ɔbaa, ne abɔfra biara a ɔpɛ sɛ ɔfa asɛnnua no na ɔdi Agyenkwa no akyi.

  6. Hwɛ Genesis 45:4–11; 50:20–21. Wɔ Psalm 105:17–18, yɛkenkan, “Ɔsomaa onipa bi dii wɔn anim, wɔtɔnn Yosef maa no kɔyɛɛ akoa: wɔde mponkyerɛ miaa ne nan de no too dadeɛ mu.“ Wɔ nkyerɛaseɛ foforɔ mu no, nkyɛmu 18 no ka sɛ, “wɔde ntakra asɔ ne nan, dadeɛ awura ne kra mu“ (Young Nkyerɛaseɛ traa). Yei kyerɛ me sɛ Yosef nsɔhwɛ no maa no ɔkra a ɛyɛ den na ɛte apɔ sɛ dadeɛ—ɛsu a ɔbɛhia wɔ daakye kɛseɛ a ɛboro adwene so a Awurade wɔ ma no.

  7. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:23

  8. Sɛ Nyankopɔn hyɛ Ne mma sɛ wɔnhwɛ na wɔnnya tema mma ahiafoɔ, ayarefoɔ, ne wɔn a ɛkɔm de wɔn a, nokorɛ Ɔnim yɛn na ɔwɔ ahummɔborɔ ma yɛn, Ne mma (hwɛ Mormon 8:39).

  9. Hwɛ Luka 7:11–17.

  10. Hwɛ John 21:1–6.

  11. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 123:17.