Amansan Nhyiamu
Amansan Mpanimfoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Amansan Mpanimfoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.

Anuanom mmaa ne mmarima, ɛyɛ me ahohoahoa sɛ mede Amansan Mpanimfoɔ, Amansan Asomfoɔ ne Mantam Aduɔsonfoɔ a wɔwɔ Asɔre no mu kyerɛ ma mogye wɔn to mu.

Mesrɛ sɛ obiara nkyerɛ n’agyinasie wɔ kwan a yɛnim dada no so wɔ baabi a ɔwɔ. Sɛ wɔn a wɔmpene nsusuiɛ no bi so wɔ hɔ a, yɛsrɛ sɛ wɔnhunu wɔn stake titenani.

Wɔsusu sɛ yɛgye Russell Marion Nelson tom sɛ nkɔmhyɛni, anisoadehunufoɔ, ne odiyifoɔ ne Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Titenani; Dallin H. Oaks sɛ Fotufoɔ a Ɔdi Kan wɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no mu; ne Henry Bennion Eyring sɛ Fotufoɔ a Ɔtɔ so Mmienu wɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no mu.

Wɔn a wɔpene so nkyerɛ.

Wɔn a wɔmpene so, sɛ ebi wɔ hɔ a, wɔnkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye Dallin H. Oaks tom sɛ Asomafoɔ Dummienu Kuo no Titenani ne M. Russell Ballard sɛ Titenani Ananmusini wɔ Asomafoɔ Dummienu Kuo no mu.

Wɔn a wɔpene so, yɛsrɛ wɔnkyerɛ.

Wɔn a wɔmpene so nkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye wɔn a wɔdidisoɔ yi tom sɛ Asomafoɔ Dumienu Kuo no mma: M. Russell Ballard, Jeffrey R. Holland, Dieter F. Uchtdorf, David A. Bednar, Quentin L. Cook, D. Todd Christofferson, Neil L. Andersen, Ronald A. Rasband, Gary E. Stevenson, Dale G. Renlund, Gerrit W. Gong, ne Ulisses Soares.

Wɔn a wɔpene so, yɛsrɛ wɔnkyerɛ.

Wɔn a wɔmpene so nkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye afotufoɔ a wɔwɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no mu ne Asomafoɔ Dummienu Kuo no mu tom sɛ nkɔmhyɛfoɔ, anisoadehunufoɔ, ne adiyifoɔ.

Wɔn a wɔpene so, yɛsrɛ wɔnkyerɛ.

Deɛ ɔmpene so, sɛ ebi wɔ hɔ a, ɔnkyerɛ.

Yɛama Elders Weatherford T. Clayton, LeGrand R. Curtis Jr., Randy D. Funk, Christoffel Golden, Walter F. González, Larry S. Kacher, Lynn G. Robbins, ne Joseph W. Sitati sɛ Amansan Aduɔson homee na yɛa ama wɔn emeritus dibrɛ.

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ anisɔ wɔ som pa a anuanom yi ne wɔn yerenom ne abusua asom no mma wɔn nsa so.

Yɛsan nso kyerɛ anisɔ ma Beaeɛ Aduɔsonfoɔ no a wɔawie wɔn som wɔ saa afe a ɛtwa mu yi a wɔbɛhunu wɔn din wɔ ntentan kɛseɛ so wɔ newsroom.ChurchofJesusChrist.org.

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne yɛn bom da saa anuanom yi ase wɔ som pa a wɔdaa no adie no, mma wɔn nsa so.

Wɔsusu sɛ yɛgye Amansan Atumfoɔ ne Mantam Aduɔsonfoɔ a Mantam Aduɔsonfoɔ afoforɔ nsia wɔde too dwa nnawɔtwe yi ahyɛaseɛ wɔ newsroom.ChurchofJesusChrist.org, ne Amansan Mpanimfoɔ sɛdeɛ ɛteɛ seesei no to mu.

Wɔn a wɔpene soɔ nyinaa mma wɔn nsa so.

Wɔ a wɔmpene so, sɛ obi wɔ hɔa, ɔkyerɛ.

Yɛda mo ase, anuanom mmarima ne mmaa, wɔ mo gyedie ne mpaebɔ a mogu so ara bɔ ma Asɔre akannifoɔ no.

Nsakraeɛ a aba Mpɔtam Aduɔsonfoɔ mu

Wɔgyee Mpɔtam Aduɔsonfoɔ a wɔdidi soɔ yi too mu wɔ akannifoɔ nhyiamu bi a wɔyɛeɛ sɛ amansan nhyiamu fa bi:

Ricardo J. Battista, Willy Binene, Bernhard Cziesla, Nathan R. Emery, Sione Tuione, Yves S. Weidmann.

Wɔgyaee Mpɔtam Aduɔsonfoɔ yi a wɔdidi soɔ yi sɛ wɔnhome wɔ Ɔsanaa, 2022:

Luis R. Arbizú, Michael V. Beheshti, David A. Benalcázar, Berne S. Broadbent, Kevin E. Calderwood, Luciano Cascardi, Ting Tsung Chang, Ariel E. Chaparro, Pablo H. Chavez, Raymond A. Cutler, José L. Del Guerso, Alessandro Dini Ciacci, Carlos R. Fusco Jr., Jorge A. García, Gary F. Gessel, Karl D. Hirst, Ren S. Johnson, Jay B. Jones, Paul N. Lekias, Artur J. Miranda, Elie K. Monga, A. Fabio Moscoso, Yutaka Nagatomo, Juan C. Pozo, Anthony Quaisie, Martin C. Rios, Sandino Roman, Johnny F. Ruiz, Rosendo Santos, Gordon H. Smith, K. Roy Tunnicliffe.

Elder Levi W. Heath ne Elder ‘Inoke F. Kupu, a na wɔsom sɛ Mpɔtam Aduɔson no firii mu 2022.