Amansan Nhyiamu
Wɔ Awurade Ntɔntɔdie Mu
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Wɔ Awurade Ntɔntɔdie Mu

Yesu Kristo asɛmpa a wasan de ama no paemuka ntɔntɔdie nnyinasoɔ a ɛwɔ ɔbarima ne ɔbaa ntam, honam asetena mu ne onniawieɛ nyinaa mu.

Wɔ abosome kakra mu wɔ yɛn awareɛ mu, me yere dɔfoɔ kyerɛɛ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔsua nnwom. Me pɛ sɛ megye n’ani nti, meyɛɛ m’adwene sɛ, mɛyɛ anwanwadeɛ kɛseɛ bi ama m’akoma mu dɔfoɔ. Mekɔɔ nnwom mfidie sotɔɔ mu na metɔɔ piano maa no sɛ akyɛdeɛ. Mede ahosɛpɛ de resiiti no too adakawa bi mu a ahoma fɛɛfɛ bi bom maa no, a merehwɛ kwan sɛ ɔde anigyeɛ ne ntontom bɛda okunu a ɔwɔ dɔ ne tema ase.

Berɛ a ɔbuee adakawa yi so na ɔhunuu emu adeɛ no, ɔde ɔdɔ hwɛɛ me na ɔkaa sɛ, “O, me dɔ, woyɛ ɔnwanwani! Nanso ma me mmisa wo asɛm bi: yei yɛ akyɛdeɛ anaasɛ ɛka?” Yɛdwene boom fa akyɛdeɛ yi ho akyire yi no, yɛfaa adwene sɛ yɛbɛtwa ne tɔ no mu. Na yɛda asuafoɔ sikasɛm nhyehyɛeɛ bi so, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ awarefoɔ nkumaa bebree mu no. Saa suahunu yi boaa me maa mehunuu ntɔntɔdie nnyinasoɔ a ɛwɔ awareɛ mu ne sɛdeɛ nadwumayɛ bɛtumi aboa me ne me yere ama yɛayɛ akoma baako ne adwene baako.1

Yesu Kristo asɛmpa a wasan de ama no paemuka ntɔntɔdie nnyinasoɔ a ɛwɔ ɔbarima ne ɔbaa ntam, honam asetena mu ne onniawieɛ nyinaa mu. Ɛwɔ mu sɛ yɛn mu biara wɔ suban ne asodie sononko deɛ, ɔbaa ne ɔbarima di dwumadie a ɛfata na ɛhohia wɔ Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ no mu de ma Ne mma.2 Na yei da adi wɔ mfitiaseɛ no berɛ a Awurade paemu kaa sɛ “ɛnyɛ sɛ ɔbarima nko ara bɛwɔ hɔ; enti [Ɔbɛyɛ] ne sɛso boafoɔ ama no.”3

Wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu, “nsɛso boafoɔ” yɛ hokani a ɔne Adam bɛto abasakɔnmu wɔ ntɔntɔdie mu.4 Nokorɛ, na Hawa yɛ nhyira wɔ Adam abrabɔ mu. Ɛnam ɔsoro bɔseɛ ne honhom mu suban nti, ɔkanyan Adam ma wɔyɛ adwuma wɔ Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ ntɔntɔndie mu ma obiara.5

Momma yɛnhwɛ nnyinasoɔ fapem mmienu a ɛhyɛ ntɔntɔdie a ɛda ɔbarima ne ɔbaa ntam no den. Nnyinasosɛm a ɛdi kan no ne sɛ yɛn nyinaa yɛ pɛ wɔ Nyankopɔn anim.6 Wɔ asɛmpa no nkyerɛkyerɛ mu no, nsonoeɛ a ɛda ɔbaa ne ɔbarima ntam no nsesa onniawieɛ bɔhyɛ a Onyankopɔn wɔ ma Ne mmammarima ne mmammaa. Ɔbaako nni asɛdeɛ a ɛso sene ɔfoforɔ no wɔ enniawieɛ berɛ mu.7 Agyenkwa No ankasa to nsa frɛ yɛn, Onyankopɔn mma nyinaa, “sɛ yɛmmra Ne nkyɛn, mmɛnya Ne papayɛ mu kyɛfa, na ɔmpo obiara a ɔba Ne nkyɛn .”8 Enti, wɔ saa nsɛm yi mu no, yɛn nyinaa yɛ adekorɔ wɔ N’anim.

Sɛ awarefoɔ teaseɛ na wɔdeka wɔn nnyinasoɔ mu a, wɔnnyɛ wɔn ho sɛ titenani anaasɛ titenani abadiakyire wɔ wɔn abusua mu. Papa anaasɛ fon nni awarefoɔ mu, na wɔn mu biara nnante ɔfoforɔ anim anaasɛ n’akyi. Wɔnante nkyɛnmu ne nkyɛnmu, adekorɔ, Onyankopɔn soro mma. Wɔbɛyɛ adekorɔ wɔ adwene, akɔnnɔ mu, ne Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo botaeɛ mu,9 di anim na wɔbom kyerɛ abusua no kwan.

Wɔ ntɔntɔdie korɔ mu, “ɔdɔ nyɛ adedie, mmom adebɔ mu fa a ɛyɛ honam mu ɔfrɛ.”10 “Wɔ nokorɛ adwumayɛ mu, okunu ne ɔyere kabom wɔ koroyɛ a ahoɔden wɔ mu’afebɔɔ tumidie’ na’ɔhyɛ nni mu’ honhom mu abrabɔ bɛtene wo ne w’asefoɔ so ‘afebɔɔ ne afebɔɔ.’”11

Nyinasosɛm a ɛho hia a ɛtɔ so mmienu no yɛ Mmara Pa no a Agyenkwa no kyerɛɛ wɔ Bepɔ so Asɛnka no mu: “Na sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.”12 Saa nnyinasosɛm yi kyerɛ nteaseɛ su, nsa kɔ na nsa aba, koroyɛ, ne ahofadie na ɛgyina mmarasɛm kɛseɛ mmienu no so, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”13 Ɛka ne ho bɔ Kristoni suban bi te sɛ abodwokyerɛ, bɔkɔɔyɛ, ɔdwoɔyɛ, ne ayamyɛ ho.

Sɛ wobɛte saa nnyinasosɛm yi dwumadie ase no, yɛbɛtumi ahwɛ enniawieɛ ayɔnkofa kronkron a Onyankopɔn ne yɛn awofoɔ a wɔdi kan, Adam ne Hawa yɛeɛ no. Wɔbɛyɛɛ honam korɔ,14 a ɛde koroyɛ su baa wɔn so a ɛmaa wɔn de obuo, anisɔ, ne ɔdɔ, nante boomu, werɛ firii wɔn ho na wɔrehwehwɛ wɔn ho wɔn ho yiedie wɔ wɔn akwantuo a wɔde kɔ onniawieɛ mu.

Saa su korɔ no na yɛpere hwehwɛ wɔ awareɛ koroyɛ mu ɛnnɛ yi. Ɛnam tɛmpol nsɔano so, ɔbaa ne ɔbarima hyɛn awareɛ ahyɛdeɛ kronkron mu wɔ daapem apam foforɔ mu. Wɔ saa asɔfodie ahyɛdeɛ kwan yi so, wɔma wɔn nhyira a enniawieɛ ne ɔsoro tumi de kyerɛ wɔn abusua nsɛm kwan sɛdeɛ wɔbɔ bra wɔ apam a wɔayɛ no so. Ɛfiri saa berɛ no rekɔ, wɔkɔ so dan wɔn ho wɔn ho wɔ wɔn ne Awurade ntɔntɔdie mahyɛ mu, titire no deɛ ɛfa wɔn mu biara soro asɛdeɛ ho fa nteteɛ ne titenadie ho.15 Nteteɛ ne titenanidie yɛ abusuabɔ ne asɛdeɛ adaneadane, a ɛkyerɛ sɛ agyanom ne ɛnanom “wɔ asodie sɛ wɔboa wɔn ho wɔn ho sɛ ntɔntɔdie korɔ”16 na wɔkyɛ akannie pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn fie mu.

“Nteteɛ kyerɛ sɛ ma ahosan pa, kyerɛkyerɛ, na boa” abusuafoɔ, a wɔyɛ de boa wɔn ma “wɔsua asɛmpa nokorɛ no na wɔnyini gyedie mu wɔ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo mu” wɔ ɔdɔ tebea mu. Titenadie kyerɛ sɛ “boa na di abusuafoɔ anim sane de wɔn kɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wɔyɛ yei berɛ a wɔresom na wɔakyerɛkyerɛ wɔ bɔkɔɔyɛ, ɔdwoɔyɛ, ne ɔdɔ kann mu.” Deɛ ɛka ho bi nso ne sɛ “woredi abusuafoɔ anim wɔ daadaa mpaeɛ, asɛmpa sua, ne ɛsom nkaeɛ no mu. Awofoɔ yɛ adwuma wɔ koroyɛ mu,”di Yesu Kristo nhwɛsoɔ so, “de hyɛ saa asɛdeɛ [akɛseɛ mmienu] yi ma.”17

Ɛho hia sɛ yɛhunu sɛ abusua mu amammuo no di agyapanin nhyehyɛeɛ no so, ɛda nso wɔ nneɛma bi mu firi asɔre no mu asɔfodie akannie ho.18 Agyapanin nhyehyɛeɛ no kyerɛ sɛ yerenom ne kununom bu wɔn asodie wɔ wɔn abusua ho nkontaa kyerɛ Onyankopɔn. Ɛhia ntɔntɔdie mahyɛ—ɔpɛ a wɔde di teneneeyɛ nnyinasosɛm so, ne akontabuo—na ɛma akwanya mpuntuo wɔ ɔdɔ ne nteaseɛ mmoa tebea mu.19 Saa asodie soronko yi mfa mpanindie nyɛ biribi na ɛyi ɔsɛeɛ anaasɛ tumidie mmorosoɔ nnaadaa biara firi hɔ.

Adam ne Hawa suahunu no, wɔfirii Eden Turom akyire no, kyerɛ ahofadie adwene mu fɛfɛɛfɛ a ɛda ɛna ne agya ntam wɔ nteteɛ ne titenanidie wɔ wɔn abusua so ntam. Sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Mose nwoma mu no, wɔbɔɔ mu samm mfifire yɛɛ adwuma sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya honam mu yiedie ama wɔn abusua;20 wɔde nkwadaa baa wiase;21 wɔsufrɛɛ Awurade no din bɔɔ mu na wɔtee Ne nne “firii ɔkwan a ɛrekɔ Eden Turo no mu”;22 wɔgyee mmarasɛm a Awurade de maa wɔn no na wɔpere dii so.23 Afei “wɔdaa [saa] nneɛma yi adi kyerɛɛ wɔn mmamarimma ne mmammaa”24 na “wɔannyae sɛ wɔsu frɛ Onyankopɔn” bɔm sɛdeɛ wɔn ahiadeɛ teɛ.25

Menuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, nteteɛ ne titenanidie yɛ akwanya, na ɛnyɛ sintɔ. Ɔbaakofoɔ bɛtumi anya asodie bi ama biribi nanso ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔbɛyɔ. Sɛ awofoɔ adɔfoɔ nya saa asodie mmienu yi ho nteaseɛ a, wɔbɛpere abɔm abɔ wɔn mma honam ne atenka ho ban. Wɔsane nso boa wɔn ma honhom mu ehu a ɛwɔ yɛn mmerɛ yi mu berɛ a wɔde Awurade asɛmpa retete wɔn sɛdeɛ N’diyifoɔ ada no adie no.

Ɛwɔm sɛ okunu ne ɔyere boa wɔn ho wɔn ho wɔ ɔsoro asodie a wɔwɔ nanso, “mmubuiɛ, owuo, anaasɛ tebea afoforɔ bɛtumi asesa ankorankoro adeyɛ.”26 Ɛtɔ da a ɔwarefoɔ baako anaasɛ ɔfoforɔ bɛnya asodie ayɛ dwumadie mmienu no ntoatoasoɔ, sɛ berɛ tiawa anaasɛ daadaa mu.

Ɛnkyɛreeɛ mehyiaa onuabaa ne onuabarima bi a wɔn mu biara wɔ saa tebea yi mu. Sɛ awofoɔ kɔntɛkorɔ, wɔn mu biara sɛ wɔn abusua teɛ ne Awurade ntɔntɔdie mu, ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtu wɔn nkwa nyinaa ama wɔn mma honam ne honhom mu bammɔ. Wɔn werɛ mfirii wɔn tɛmpol apam a wɔ ne Awurade ayɛ ne Ne onniawieɛ bɔhyɛ no ɛmfa ho ne wɔn awaregyaeɛ no. Wɔn mmienu ahwehwɛ Awurade mmoa wɔ nneɛma nyinaa mu berɛ a wɔgu so pere sɛ wɔyɛkɔduru wɔn haw mu na wɔnante apam kwan no so. Wɔgyedi sɛ Awurade bɛhwɛ wɔn so wɔ wɔn ahiadeɛ mu, ɛnyɛ saa abrabɔ yi nko ara, mmom wɔ onniawieɛ nyinaa mu. Wɔn nyinaa atete wɔn mma berɛ a wɔde bɔkɔɔyɛ, ɔdwoɔyɛ, ne ɔdɔ korogyee kyerɛkyerɛ wɔn mpo berɛ a wɔwɔ ɔhaw tebea mu wɔ abrabɔ mu. Wɔ deɛ menim no, saa awarefoɔ kɔntɛkorɔ baanu yi mmɔ Onyankopɔn soboɔ wɔn tibɔne yi ho. Mmom, wɔhwɛ kɔ nkan de anidasoɔ a ɛhyerɛn ne ahotosoɔ ma nhyira a Awurade asiesie de ma wɔn.27

Anuanom mmarima ne mmaa, Agyenkwa no ne yɛn Soro Agya yɛɛ koroyɛ ne anokorɔ nhwɛsoɔ kann a ɛfa botaeɛ ne nkyerɛkyerɛ ho. Ɔbɔɔ mpaeɛ maa N’akyidifoɔ no, kaa sɛ, “Sɛ wɔn nyinaa nyɛ baako; sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu, sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu: sɛ wɔn nyɛ baako, mpo sɛdeɛ yɛyɛ baako no.”28

Medi adanseɛ kyerɛ mo sɛ yɛn—mmaa ne mmarima—yɛ adwuma bɔm wɔ nokorɛ mu ne ntɔntɔdie korɔ mu a, yɛbɛdi dɛ a Agyenkwa kyerɛkyerɛeɛ no berɛ a yɛrehyɛ ɔsoro asɛdeɛ a ɛwɔ yɛn awareɛ mu no ma. Mehyɛ mo bɔ, wɔ Kristo din mu, sɛ “wɔbɛnwene akoma abɔm wɔ koroyɛ ne ɔdɔ mu de ma yɛn ho yɛn ho,”29 yɛbɛnya anigyeɛ pii wɔ yɛn akwantuo a ɛkɔ daa nkwa mu, na yɛn ahoɔden a yɛde bɛsom yɛn ho yɛn ho ne yɛn ho yɛn ho no bɛyɛ mmɔho bebree.30 Medi adanseɛ wɔ saa nokorɛ yi ho wɔ Yesu Kristo din mu, amen.