Amansan Nhyiamu
Wama Me so wɔ Asɛnnua no So
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Wama Me so wɔ Asɛnnua no So

Sɛ wobɛyɛ Yesu Kristo akyidini no, ɛtɔ da a ɛwɔ sɛ wo nya adesoa na wo kɔ beaɛ a ɛhia afɔdebɔ na ɔyaa wɔ.

Mfeɛ bi a atwam, nkɔmɔdie bi akyi wɔ suapɔn sukuu mu fa Amɛreka anyamesom abakɔsɛm ho, meyɔnko sukuuni bisaa me, “Adɛn nti na Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mfa asɛnnua no nnyɛ gyedie ahyɛnsodeɛ sɛdeɛ Akristofoɔ a waka no yɛ?”

Sɛdeɛ saa asɛmmisa a ɛfa asɛnnua ho no taa yɛ asɛmmisa fa yɛn gyedie wɔ Kristo mu no, meka kyerɛɛ no ntɛmpa ara sɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ kuram sɛ Yesu Kristo mpata no yɛ nhini, fapem titiri, nkyerɛkyerɛ kɛseɛ paa, ne adeɛ a ɛkyerɛ ɔdɔ kɛseɛ ɛwɔ Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyeɛɛ kɛseɛ ma Ne mma.1 Mekyerɛɛ mu sɛ ɔgyeɛ adom a ɛwɔ saa adeyɔ no mu yɛ hiadeɛ ne akyɛdeɛ ma adasa mma nyina ara ɛfiri Adam ne Hawa berɛ so kɔpem wiase awieɛ.2 Mekaa asɛm a Nkɔmhyɛni Joseph Smith, kaaɛ, “nneɛma nyina ara ɛka yɛn som no ho yɛ mmataho” ma Yesu Kristo Mpata no.3

Afei mekenkan deɛ Nifae twerɛɛ no mfeɛ 600 ansana wɔwoo Yesu kyerɛɛ no: “Na ɔsoro bɔfoɔ no see me, reka sɛ: Hwɛ! Na mehwɛɛe na mehunuu Onyankopɔn Adwammaa, wɔama no so asɛn asennua no so na wɔakum no ama wiase bɔne.”4

Wɔ me “dɔ mu, kyɛ, na to nsa frɛ” honhon wɔ soro no, metoa so kenkan yɛ! Kristo a wawuasɔre no ka kyerɛɛ Nifaefoɔ no sɛ: “Na m’Agya somaa me sɛ wɔbɛma me so wɔ asɛnnua no so; sɛdeɛ mɛ twe nnipa nyinaa aba me nkyɛn, na yei ho nti na wɔmaa me so.”5

Anka merebɛka Ɔsomafoɔ Paulo nsɛm aka ho na mehunuu sɛ madamfo no ani kɔ baabi foforo. Ɔhwɛɛ ne wɔɔkye so kaae no sɛ ɛwɔ sɛ ɔkɔ baabi—baabiara—na ɔyera kɔɔ anisoɔ baabi no. Na yɛtwaa yɛn nkɔmmɔdie no so.

Saa anɔpa yi, mfeɛ 50 akyi, mepɛ sɛ mewie saa nkyerɛkyerɛm no—mpo sɛ mo mu biara hyɛ aseɛ hwɛ ne mmerɛ a. Berɛ a merebɔ mmɔden akyerɛ mu sɛnti a yɛn mfa ahyɛnsodeɛ asɛnnua no nni dwuma no, mepɛsɛ ɛntɔdwa pefee obuo ne anisɔ a yɛwɔ ma wɔn a wɔde sɛnnua no di dwuma wɔ gyidie ne ahofama mu.

Sɛnti baako a yɛnsi so dua sɛ asɛnnua no yɛ ahyɛnsodeɛ no firi yɛn twerɛsɛm nteaseɛ nhini. Esiane sɛ na asɛnnuamubɔ yɛ ɔyaa kwan kɛseɛ baako a Romanfoɔ fa so di awu nti, na Yesu akyidifoɔ kanee dodoɔ no ara mpɛ sɛ wɔma saa ɔyaa akadeɛ no so. Na Kristo wuo no ne wɔn gyidie fapem, nanso bɛyɛsɛ mfeɛ 300 no wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa kwan foforɔ so aka asɛmpa no a ɛnnyɛ asɛnnua no.6.

Bɛyɛ mfeɛ mpem nan ne num no, na wɔhyɛɛ aseɛ de asɛnnua ahyɛnsodeɛ gyina maa Kriostosom nyinaa, nanso yɛdeɛ no nnyɛ “Kristosom nyinaa.” Sɛ yɛyɛ Katholikfoɔ anaasɛ Protestanfoɔ, mom, yɛyɛ wasan de aba asɔre wasan de aba Apam Foforɔ Asɔre no. kyerɛ, sɛ yɛn mfiaseɛ ne tumi kɔ akyire ansana berɛ a akuo, nsɛmpɔ, ne ahyɛnsodeɛ reba.7 Wɔ saa adwene so, yɛnni ahyɛnsodeɛ ansa na ahyɛnsodeɛ ɛbɛba nyamesom mu no nso yɛ adanseɛ baako sɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ yɛ kanee Kristosom a wasan de aba.

Sɛnti baako a yɛmmfa asɛnnua nni dwuma ne sɛ yɛsi so dua sɛ Kristo botaeɛ nwanwasoɔ no awie—N’animuonyam Wusɔreɛ no ne N’afɔrebɔ yea ne Ne wuo. Meresi saa twaka no so dua no, mereda mfoni mienu adi8 a ɛsɛn tɛmpol dan beaɛ a Atitenafoɔ a Wɔdikan ne Asomafoɔ Dummienu Kuo no hyia Yawoada wɔ nnawɔtwe biara wɔ Salt Lake City. Saa mfoni kae yɛn dabiara ɛka a Ɔtuaeɛ ne nkunim a Ɔnyaaɛ Ɔno a yɛyɛ Ne nkoa.

Mfoni
Asɛnnuamubɔ No, ɛfiri Harry Andersen hɔ
Mfoni
Wusɔreɛ No, ɛfiri Harry Andersen hɔ

Ahyɛnsodeɛ a yɛdeto dwa kyerɛ Kristo nkunim no nyinaa yɛ saa mfoni ketewa yi a Thorvaldsen ayɛ fa Kristo wusɔreɛ berɛ a Ɔde anionyam refiri nna no mu na Asɛnnuamubɔ kuro no gu so da adi.9

Mfoni
Asɔre ahyɛnsodeɛ

Awieɛ no, yɛkae yɛn ho sɛ Titenani Gordon B. Hinckley kyerɛkyerɛɛ berɛ bi sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛn nkurɔfoɔ abrabɔ [yɛ] yɛn [gyidie] agyiraeɛhyɛdeɛ.”10 saa nsusuiɛ yi—titiriw deɛ ɛtwa toɔ no —de me ba deɛ ebia ɛho hia paa wɔ twerɛsɛm mu nsɛm a ɛfa asɛnnua ho nyinaa mu. Ɛne nkawa anaa kɔnmuadeɛ, ahofadeɛ nni hwee yɛ. Mom, ɛne nokorɛdie krogyee na ɛkɔ, ne ahonidie mudie a ɛwɔ sɛ Akristofoɔ da no adi fa ɔfrɛ a Yesu de ama N’asuafoɔ nyinaa no. Wɔ asase ne ɛberɛ biara mu, waka akyerɛ yɛn nyinaa, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi.”11

Yei kasa fa asɛnnua a yɛso ho na ɛnnyɛ deɛ yɛhyɛ. Sɛwobɛyɛ Yesu Kristo akyidini no, ɛtɔ da a ɛwɔ sɛ wo nya adesoa—wankasa anaa obi deɛ—na wo kɔ beaɛ a ɛhia afɔdebɔ na ɔyaa wɔ. Kristoni nokwafoɔ ntumi nni Owura no akyi wɔ nneɛma a ɔteaseɛ nko ara ho. Daabi. Yɛdi N’akyi wɔ baabiara, ɛka ho, sɛ ɛhia a, ɛkɔ beaɛ a anisuo ne ɔhaw wɔ, beaɛ a ɛtɔ da a yɛyɛ ankonam.

Menim nnipa, wɔ Asɔre no mu na wɔfiri mu, a wɔredi Kristo akyi saa pɛpɛɛpɛ wɔ nokorɛdie mu. Menim mmofra wɔadi dɛm paa, na menim awofoɔ a wɔhwɛ wɔn. Mehunu wɔn nyinaa sɛ wɔreyɛ adwuma den abrɛ pa ara, rehwehwɛ ahoden, bammɔ, ne anigyeɛ mmerɛ a ɛmfiri kwan biara so mma. Menim asugyafoɔ pii a wɔpre pɛ, na wɔfata, ɔhokani dɔfoɔ, awarepa, ne efie a wɔn mma ahyɛ mu ma. Apɛdeɛ biara nni hɔ a ɛtene kyɛn yei, nanso afe kɔ afe ba nanso saa adepa yi mma. Menim wɔn a wɔreko adwene mu yareɛ ahodoɔ, a wɔsrɛ mmoa berɛ a wɔrebɔ mpaeɛ na wɔhwɛ anim sɛ bɔhyɛ asase bɛba wɔ ayaregyeɛ mu. menim wɔn a wɔte ohia fitaa mu nanso, wɔtra ateetee, bisa sɛ wɔbɛnya akwanya ama abrabɔ no ayɛ yie ama wɔn adɔfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia. Menim nnipa dodoɔ a wɔdi asie fa deɛ wɔyɛ ho, sɛ wɔyɛ mmaa anaa mmarima ho. Mesu ma wɔn, na me ne wɔn su, menim sɛdeɛ wɔn neyɛɛ so wɔ nsusuansoɔ kɛseɛ.

Eyinom yɛ tebea ahodoɔ a ɛyɛ den pii a yɛbɛhyia wɔ asetena mu no mu kakraa bi pɛ, nkaebɔ ahodoɔ a anibere wom a ɛwɔ hɔ ɛka a wɔbɔ wɔ nokware asuafoyɛ ho. Sɛdeɛ Ɔhene Dawid kakyerɛɛ Araunah no, hena na ɔpɛ sɛ ɔkyɛ ɔhene aboa ne gya kwa sɛ ɔmfa mmɔ afɔdeɛ, “Daabi; na tɔ na mɛtɔ no wo hɔ, sɛdeɛ ne boɔ teɛ: [Na meremfa] adeɛ [kwa ara kwa] memmɔ Awurade me Nyankopɔn afɔdeɛ.”12 Saa, nso, na yɛn nyinaa ka.

Berɛ a yɛafa yɛn asɛnnua na yɛdi N’akyi no, ɛbɛyɛ atowerɛnkyɛm sɛ yɛn how muduro amma yɛannya tema ne nteaseɛ wɔ afoforɔ nnesoa a. Ɛyɛ anwanwasɛm kɛseɛ baako wɔ Asɛnnuamubɔ no mu, sɛ Agyenkwa buee ne nsa mu na wɔbɔɔ mu nnadowa, ɛnyɛ anidaho nanso ɛkyerɛ pefee sɛ obiara, ɔbaa ne ɔbarima, ne akwadaa a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ akwanya sɛ wɔba ɔgyeɛ ne nkanyan abasa no mu.13

Sɛnea anuonyam Owusɔreɛ no dii Asɛnnuamubɔ yayaaya no akyi no, saa ara na wohwie nhyira ahodoɔ biara gu wɔn a wɔwɔ ɔpɛ so, sɛnea Mormon Nwoma no nkɔmhyɛfoɔ Yakob ka no, sɛ “wɔbɛgye Kristo adi, na wɔahwɛ ne wuo, na wɔahu amane wɔ n’asɛnnua mu.” Ɛtɔ da bi a saa nhyira no ba ntɛm na ɛtɔ da bi nso a ɛba akyiri yi, nanso awiei a ɛyɛ nwanwa a ɛfa yɛn ankasa nam yɛn awerɛhoɔ ho14 ne bɔhyɛ a efiri Owura no ankasa hɔ sɛ wɔbɛba. Sɛ yɛbɛnya saa nhyira yi a, momma yɛnni N’akyi—a yɛmmrɛ, ɛnyɛ mfomsoɔ anaa yɛnnwane, ɛmpa aba wɔ dwumadie no ho, ɛnyɛ berɛ a yɛn konnua mu ayɛ duru, na ɛnyɛ berɛ a, berɛ bi, ɔkwan no mu ayɛ esum. Mo ahoɔden, mo nokwaredie, ne mo dɔ nti, mede aseda a emu dɔ ma ankorankorɛ. Ɛnnɛ medi asomafoɔ adanseɛ wɔ Nea “wɔmaa no so” no ho .15 na daa nhyira a Ɔde ma wɔn a “wɔama wɔn so” ne No, mpo Awurade Yesu Kristo, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Jeffrey R. Holland, Encyclopedia of Mormonism (1992), “Atonement of Jesus Christ,” 1:83.

  2. Amulek kasa fa Kristo Mpata no ho sɛ “afɔrebɔ kɛseɛ a ɛtwatoɔ” sɛ ɛyɛ “ɛnniawieɛ” wɔ nsunsuansoɔ mu (Alma 34:10). Na “wɔn nyina ara ahwe ase na wɔayera, na ɛsɛ sɛ wɔyera gye sɛ wɔnam saa mpata yi a ɛhia sɛ wɔde ma yi so” (Alma 34:9; san hwɛ nkyekyɛmu 8–12). Titenani John Taylor de ka ho sɛ: “Wɔ kwan a yɛn nteaseɛ na yɛnntumi nkyerɛ mu, [Yesu] suaa wiase nyinaa bɔne; ɛnyɛ Adam pɛ, nanso n’asefoɔ nyinaa; na wɔ saayɛ mu no, ɔbiee soro ahemman maaɛ, ɛnyɛ agyidifoɔ ne wɔn a wɔdii Onyankopɔn mmara nko ara so, na mom nnipa nyinaa nkyɛm fa a wɔwu ansa na wɔanyini no, ɛne [wɔn] a wɔanya mmera no, ɔpɛ, ɛnam ne ntamgyina so, bɛsore a wɔnni mmera, na wabu wɔn atɛn a mmara nka ho na ɛkyerɛ sɛ wɔanya Ne mpata mu nhyira no bi” (Nhwehwɛmu a ɛfa Yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo Ntamgyinafoɔ ne Mpata ho Nnyinasosɛm Kɛseɛ no ho ne Nnyinasosɛm Kɛseɛ no mu Nkyerɛkyerɛmu [1892], 148–49; Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: John Taylor [2001], 52–53).

  3. Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2007), 49.

  4. 1 Nifae 11:32–33.

  5. 3 Nifae 27:14–15.

  6. Ɛwom, sɛ, Paulo kasa fa asɛnnua no ho wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu (hwɛ, nhwɛsoɔ wɔ, 1 Korintofoɔ 1:17–18; Galatifoɔ 6:14; Filipifoɔ 3:18nanso yeinom kasa fa deɛ ɛso kyɛn nnua mienu a wɔde dadowa abɔ mu, anaa ahyɛnsodeɛ kumaa bi saa. Nti sɛ Paulo kasafa asɛnnua no ho a, na ɔde nkyerɛkyerɛ tɔfabɔ mu kasa fa Mpata no kɛseyɛ ho, beaɛ a Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ka ne ho na wɔ ka.

  7. Early and traditional Christian figures such as Martin Luther’s associate Andreas Karlstadt (1486–1541) were arguing by the late Middle Ages that “the crucifix [on its own] depicted only Christ’s human suffering and neglected to display his resurrection and redemptive [powers]” (in John Hilton III, Considering the Cross: How Calvary Connects Us with Christ [2021], 17).

  8. Harry Anderson, Asɛnnuamubɔ No; Harry Anderson, Mary ne Awurade a Wasɔre Awufoɔ mu.

  9. Russell M. Nelson, “Rebie Soro Agye Mmoa,” Liahona, May 2020, 72–74.

  10. Gordon B. Hinckley, “The Symbol of Christ,” Ensign, Kɔtɔnima 1975, 92.

  11. Mateo 16:24.

  12. 2 Samuel 24:24.

  13. “Wɔteɛ ne basa so ma nnipa a wobenu wɔn ho na wɔagye ne din adi nyinaa” (Alma 19:36; hwɛ bio 2 Nephi 26:33; Alma 5:33).

  14. Via dolorosa ɛyɛ Latin kasasini a ɛkyerɛ sɛ a ɔkwan, tenpɔn a ɛmu yɛ ya na ɛyɛ den anaasɛ suahunu ntoatoasoɔ” (Merriam-Webster.com Dictionary, “via dolorosa”). Wɔtaa de kyerɛ berɛ a wɔbuu Yesu kumfɔ firii Pilato hɔ kɔduruu N’Asɛnnuamubɔ wɔ Calvary no.

  15. Hwɛ 3 Nifae 27:14-15.