Amansan Nhyiamu
Anigyeɛ ne Afebɔɔ
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Anigyeɛ ne Afebɔɔ

Nokorɛ, anigyeɛ ne onniawieɛ ma wɔn a yɛdɔ wɔn no yɛ Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ no mu adehiadeɛ.

Nnamfoɔ, anuanom mmarima, ne mmaa adɔfoɔ, mokae regyedi, anaasɛ ɔpɛ sɛ mogyedie, wɔ anigyeɛ mu afebɔɔ?

Ɛnneɛ nkwa si. Yɛ “nyini.” Ayɔnkofa mu bɛyɛ den. Ewiase yi mu yɛ hoo, bitibiti, asunsum, a nnaadaa ne nkontompo ka ho. Nanso, wɔ yɛn “akoma bunu mu,“1 yɛgyedi, anaasɛ yɛpɛ sɛ yɛgyedie, baabi, ɔkwan bi so, anigyeɛ ne afebɔɔ yɛ ampa na ɛsi.

“Anigyeɛ ne afebɔɔ” nyɛ botirimuka ayɛsɛm. Nokorɛ, anigyeɛ ne onniawieɛ ma wɔn a yɛdɔ wɔn no yɛ Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ no mu adehiadeɛ. Ɔdɔ kwan so nsiesie a wayɛ no tumi yɛ yɛn onniawieɛ akwantuo no anigyeɛ ne afebɔɔ.

Yɛwɔ pii a ɛwɔ sɛ yɛdi ho ahurusie na yɛn ani sɔ. Nanso, yɛn mu biara anaasɛ abusua biara nwie pɛyɛ. Yɛn ayɔnkofa no ɔdɔ, nkabɔmu, ne suban ka ho nanso twitwiritwitwiri, pira, ɛtɔ da a yea ankasa nso.

”Sɛdeɛ wɔ Adam mu obiara wuo no, mpo saa ara na wɔ Kristo mu wɔbɛma obiara anya nkwa.”2 Yesu Kristo mu nkwa—deɛ ɛporɔ, N’akyɛdeɛ ma yɛn honam wusɔreɛ ka ho. Sɛ yɛde gyedie ne setie bɔ bra a, Kristo mu nkwa nso bɛtumi ayɛ anigyeɛ mmorosoɔ ma Onyankopɔn ne wɔn a yɛdɔ wɔn.

Wɔ ɔkwan nwanwasoɔ so, Awurade nkɔmhyɛni retwe yɛn bɛn yɛn Agyenkwa, a ɛnam tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam kronkron retwe bɛn yɛn wɔ mmea bebree. Yɛwɔ akwanya sononko ne akyɛdeɛ a yɛde bɛbue honhom nteaseɛ, ɔdɔ, adwensakyera, ne bɔnefakyɛ so ma yɛn mu biara ne yɛn mmusua so, wɔ ɛnnɛ ne onniawieɛ mu.

Wɔ akwamma so, mekyɛ suahunu kronkron mmienu a nnamfoɔ ka faa Yesu Kristo ho nam yaresa so kaa mmusua mpo ɔhaw a ɛfiri mmusua ahodoɔ mu bɔɔ mu.3 “Enni ano ne enniawieɛ,”4 “ho yɛ den sene owuo mpokyerɛ,”5 Yesu Kristo Mpata no bɛtumi de asomdwoeɛ abrɛ yɛn tebea a atwam na ɛde anidasoɔ abrɛ yɛn daakye.

Berɛ a wɔdɔmm Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no, m’adamfo ne ne kunu de anigyeɛ suaa abusua ayɔnkofa nhia sɛ ɛwɔ hɔ “berɛ a owuo atete yɛn ntam.” Wɔ Awurade fie, wɔtumi ka mmusua bɔm afebɔɔ (sɔ wɔn ano).

Nanso na m’adamfo mpɛ sɛ ɔsɔ ne ho ano ma n’agya. “Na ɔnnyɛ okunu mma me maame. Na ɔnnyɛ agya pa mma ne mma,” ɔkaaɛ. “Ɛwɔ sɛ m’agya twɛn. Mekɔn nnɔ sɛ mɛyɛ tɛmpol adwuma na masɔ me ho ano ama no wɔ onniawieɛ mu.”

Bɛyɛ afe, ɔkyenee kɔm, bɔɔ mpaeɛ, na ɔne Awurade kasaa pii ɛfa n’agya ho. Ewiee akyire no, ɔyɛɛ krado. N’agya tɛmpol adwuma no wiee yɔ. Akyire yi, ɔkaa sɛ, “wɔ me nna mu m’agya puee me so wɔ daeɛ mu, a wahyɛ fitaa. Wasesa. Ɔkaa sɛ, ‘Monhwɛ me. Me ho nyinaa afi. Meda wo ase sɛ wayɛ adwuma no ama me wɔ tɛmpol.’” Ne papa de kaa ho sɛ, “Sɔre na sane kɔ tɛmpol hɔ; wo nuabarima retwɛn sɛ ɔbɛbɔ asu.”

M’adamfo se, Me nananom tetefoɔ ne wɔn a wɔawu kɔ retwɛn dendeende sɛ wɔbɛyɛ adwuma ama wɔn.”

“Na me deɛ,” ɔse, “tɛmpol no yɛ ayaresa, adesua, ne Yesu Kristo Mpata no kaeɛ bea.”

Suahunu a ɛtɔ so mmienu. Adamfoɔ foforɔ nso de nsiyɛ hwehwɛɛ n’abusua abakɔsɛm. Na ɔpɛ sɛ ɔhunu ne nana nanbarima.

Anɔpahema bi, m’adamfo kaa sɛ ɔtee ɔbarima bi honhom nka wɔ ne dan mu. Na ɔbarima no pɛ sɛ wɔhunu no na wɔhunu no wɔ n’abusua mu. Na ɔbarima no adi yea wɔ mfomsoɔ bi a seesei wasakyera afiri ho. Ɔbarima no boaa m’adamfo maa ne hunuu sɛ ɔnni DNA a ɛma onipa a ɔsusu sɛ ɛyɛ ne nana nanbarima no bɔ abusua. “Wɔ nsɛm foforɔ mu no,” m’adamfo kaa sɛ, “Mahunu me nana-nanabarima na mahunu sɛ na ɔno nyɛ me nana-nanabarima no.”

M’abusua abusuabɔ ada adi, m’adamfo kaa sɛ, “Manya asomdwoeɛ. Ɛma biribiara da nso sɛ mehunu wɔn a wɔyɛ m’busua.” M’adamfo dwene ho, “Dua mman a akyea nkyerɛ sɛ yɛ dua bɔne. Sɛnea yɛba wiase yi mu ho nhia sɛ nipa su a yɛyɛ berɛ a yɛrefiri mu no.”

Twerɛnsɛm kronkron ne suahunu kronkron ma ankasa ayaresa ne asomdwoeɛ ne wɔn a wɔteaseɛ wɔ honhom wiase mu twe adwene si nkyerɛkyerɛ nnyinasosɛm enum so.

Deɛ ɛdi kan: Deɛ ɛdi tintimman wɔ Onyankopɔn gyeɛ ne anigyeɛ nhyehyɛeɛ mu, Yesu Kristo, nam Ne Mpata so, hyɛ bɔ sɛ ɔbɛka yɛnhonhom ne honam abɔm, “a wɔnntete mu bio da, sɛ [yɛ] bɛnya anigyeɛ mahyɛ.”6

Ɛtɔ so mmienu: Mp—ta wɔ Kristo mu—ba berɛ a yɛde gyedie yɛ adwuma na yɛso aba pa ma adwensakyera.7 Sɛ ɛteɛ wɔ deɛ ɛwuo mu no, saa na ɛteɛ wɔ deɛ ɛwuo mu. Tɛmpol ayɛyɛdeɛ ankasa nsakyera yɛn anaasɛ wɔn a wɔwɔ honhom wiase mu. Nanso saa ɔsoro ayɛyɛdeɛ yi boa te apam a yɛ ne Awurade wɔ no ho, a ɛbɛ tumi de asomdwoeɛ aba yɛ ne No ne yɛn mu biara ntam.

Yɛn anigyeɛ bɛyɛ ma berɛ a yɛte Yesu Kristo adom ne ne bɔnefakyɛ ma yɛn nka Na berɛ a, yɛde N’adom anwanwadwuma ne bɔnefakyɛ ma yɛn ho yɛn ho no, mmɔborɔhunu a yɛnya ne mmɔborɔhunu a yɛde ma no bɛtumi aboa abrabɔ mu atɛn a ɛntene no ayɛ deɛ ɛtene.8

Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa: Onyankopɔn nim na ɔdɔ yɛn yie. “Onyankopɔn Wɔnsi no atwetweɛ,”9 anaasɛ wɔnnaadaa No. Wɔ mmɔborɔhunu pɛpɛyɛ ne atɛn tenenee mu, Ɔde Ne ɔgyeɛ nsa kyekyere ahobrɛaseɛni ne deɛ ɔpo bɔne.

Wɔ Kirtland Tɛmpol mu, Nkɔmhyɛni Joseph Smith hunuu wɔ yikyerɛ mu sɛ ne nuabarima Alvin wɔagye no wɔ sɛlɛtia ahemman. ƐyƐ Nkɔmhyɛni Joseph Smith nwanwa sɛ Alvin wuui ansa na ɔregye ɔgyeɛ asubɔ ayɛyɛdeɛ.10 Ahotɔ mu, Awuradekyerɛɛ mu deɛ ntira: Awurade no “bɛbu [yɛn] sɛdeɛ [yɛn] nnwuma teɛ, sɛdeɛ [yɛn] akoma mu akɔnnɔ teɛ.”11 Yɛn kraa di yɛn nnwuma ne y’akɔnnɔdeɛ ho adanseɛ.

Aseda mu, yɛnim sɛ ateasefoɔ ne “awufoɔ a wɔsakyera no wɔbɛgye wɔn, nam setie a wɔyɛ ma Onyankopɔn fie ayɛyɛdeɛ”12 ne Kristo Mpata no. Wɔ honhom wiase mu, mpo wɔn a wɔwɔ bɔne mu ne mmaratofoɔ wɔ akwanya sɛ wɔsakyera.13

Wɔ abirabɔ mu, wɔn a wɔhyɛda fa atirimuɔdensɛm, wɔn a wɔkɔ so adwensakyera hyɛ da, anaasɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirimu pɔ anaasɛ wɔnim na wɔsɛe mmaransɛm no na wɔdwen sɛ wɔbɛnya adwensakyera a ɛyɛ mmrɛ no Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn na “wɔbɛkae [wɔn] fɔdie nyinaa pefee.”14 Yɛntumi nhyɛ nyɛ bɔne Memeneda, na yɛnhwehwɛ sɛ yɛbɛnya bɔnefakyɛ prɛko berɛ a yɛrefa awurade adidi Kwasiada. Ɛkɔ ma asɛmpatrɛfoɔ anaasɛ afoforɔ a wɔka sɛ Honhom no akyidie sɛ ɛnsɛ wɔdi asɛmpatrɛ adwuma nhyehyɛeɛ anaasɛ mmaransɛm so, mesrɛ kae sɛ setie ma asɛmpatrɛ adwuma nhyehyɛeɛ ne mmaransɛm no frɛ Honhom no. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara to adwensakyera guo. Adwensakyera nhyira hyɛ aseɛ berɛ a yɛhyɛ aseɛ sakyera.

Deɛ ɛtɔ so nan: Awurade ma yɛn ɔsoro akwanya de bɛyɛ te sɛ Ɔno bebree berɛ a yɛyɛ ananmusie gyeɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ a afoforɔ hia nanso wɔnntumi nyɛ mma wɔn ho. Yɛbɛyɛ mua ne pɛpɛyɛ bebree15 berɛ a yɛbɛyɛ “nkwagyefoɔ wɔ Bepɔ Sion so.”16 Berɛ a yɛsom afoforɔ no, Bɔhyɛ Sunsum Kronkron no sieise ayɛyɛdeɛ no na ɔdwira ɔkyɛadeɛ ne ɔgyefoɔ no. Ɔkyɛadeɛ ne ɔgyefoɔ nyinaa bɛtumi ayɛ na wɔahyɛ apam a ɛresesa no ma, na berɛ ano wɔagye bɔhyɛ nhyira a wɔhyɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob no.

Ɛtwa toɔ, enum: Sɛ Mmara Pa no17 kyerɛkyerɛ no, ahodwira nkyekyɛmu wɔ adwensakyera ne bɔnefakyɛ to nsa frɛ yɛn mu biara sɛ yɛmfa deɛ ɛhia yɛn na yɛnkɔn dɔ no mma afoforɔ.

Ɛtɔ da a ɔpɛ a yɛwɔ de bɔne kyɛ obi no boa wɔn ne yɛn nyinaa ma yɛgyedi sɛ yɛbɛtumi asakyera na wɔde yɛn bɔne bɛakyɛ yɛn. Ɛtɔ da a ɔpɛ a ɛma yɛsakyera ne tumi ɛma yɛde bɔne kyɛ no ba berɛ nsonoeɛ mu. Yɛn Agyenkwa yɛ yɛ ne Onyankopɔn Ntamgyinafoɔ, nanso Ɔsan nso boa de yɛn ba yɛn ho so ne afoforɔ berɛ yɛba Ne nkyɛn. Titire berɛ pira ne yea no mu dɔ, na yɛresiesie y’ayɔnkofa, asa y’koma yareɛ yɛ den, ebia ɛntumi nsi mma yɛn ankasa. Nanso ɔsoro bɛtumi ama yɛn ahoɔden ne nyansa a ɛboro yɛn ankasa yɛdeɛ so de ahunu berɛ a ɛwɔ sɛ yɛkuta mu, ne sɛdeɛ yɛbɛtumi agyae mu.

Ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛwɔ hɔ berɛ yɛbɛhunu sɛ ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛwɔ hɔ. Berɛ nyinaa yɛn Agyenkwa teaseɛ.18 Wɔ Agyenkwa no mmoa so, yɛbɛtumi agyae yɛn dwɛɛ, yɛn yeadie, yɛn bɔne mu ama Onyankopɔn. Ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛbɛhyɛ aseɛ biara no, yɛn ho bɛte sɛdeɛ yɛgye No die sɛ ɔbɛte y’ayɔnkofa ho.

Awurade no a, ɔhunu na ɔteaseɛ yie no, de kyɛ deɛ ɔdebɛkyɛ no; na yɛn (a yɛnnwie pɛyɛ no) ɛwɔ sɛ yɛde kyɛ obiara. Berɛ a yɛba y’Agyenkwa hɔ no, yɛdwene yɛn ho kakra bi. Yɛbu fɔ kakra bi na yɛde akyɛ bebree. Yɛregye N’animuonyam, mmɔborɔhunu, ne adom adie no19 bɛtumi ayi yɛn afiri aperedie, abufuo, adapaatwa, asaworamtoɔ, nnyiyimu, ne honam ne adwenmu haw a ɛtɔ da a ɛde honamdua ba ewiase a ewuo mu. Anigyeɛ ne Afebɔɔ ɛnkyerɛ sɛ ayɔnkofa bɛyɛ anigyeɛ ne afebɔɔ. Nanso mfirinhyia apem bi a wɔbɛkyekyere Satan no20 bɛma yɛn mmerɛ ɛfata ne ɔdɔ akwan nwanwasoɔ, nteaseɛ, na yɛayɛ nneɛma yie, berɛ a yɛresiesie yɛn ho ama onniawieɛ berɛ.

Yɛhunu ahemman mu ayɔnkofa wɔ yɛn mu biara hɔ.21 Onyankopɔn adwuma ne animuonyam no anigyeɛ ne afebɔɔ ka ho.22 Nkwa a enniawieɛ ne mpagya ne sɛ, ɛnam nyamesu tumi so, faako a Wɔwɔ no ɛhɔ na yɛbɛ wɔ.23

Anuanom mmarima ne mmaa, Onyankopɔn yɛn Soro Agya ne Ne Dɔ Ba tease. Wɔma asomdwoeɛ, anigyeɛ, ne ayaresa ma nnipa ne kasa biara, de ma yɛn mu biara. Awurade no nkɔmhyɛni redi ɔkwan no anim. Nna a ɛdi akyire adiyisɛm rekɔ so. Momma yɛntwe mmɛn y’Agyenkwa wɔ fie kronkroni mu, ma Ɔntwe yɛn mmɛn Onyankopɔn ne yɛn mu biara berɛ a yɛde Kristo su ahummɔborɔ, nokorɛ, ne mmɔborɔhunu wɔ yɛn awoɔntoatoasoɔ—mu nwene y’akoma bɔm wɔ mmerɛ ne onniawieɛ mu, anigyeɛ ne afebɔɔ mu. Wɔ Yesu Kristo mu, ɛsi, wɔ Yesu Kristo , ɛyɛ nokorɛ. Medi ho adanseɛ, wɔ Yesu Kristo, din kronkron no mu, amen.