Amansan Nhyiamu
Rebɔ Abrabɔ a Ɛsi Ɔtamfo no Kwan
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Rebɔ Abrabɔ a Ɛsi Ɔtamfo no Kwan

Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛtumi atoa so ayɛ yɛn abrabɔ nam nhyehyɛɛ ne akwankyerɛ pɔtee a yɛn Soro Agya ayɛ no.

Mfeɛ pii na yanya afotuo, nkuranhyɛ, nkyerɛkyerɛ, ne adiyie nsɛm akɛseɛ afiri saa simpie fɛfɛɛfɛ yi so wɔ Nhyiamu beaɛ ha. Ɛduru berɛ bi a, akasafoɔ no de ntotoho bi a wɔwɔ firi wɔn nimdeɛ ne suahunu mu de kyerɛ Yesu Kristo asɛmpa no nkyerɛkyerɛ no bi wɔ tumi so ma ɛmu da hɔ kann.

Wɔ saa kwan so, nhwɛsoɔ so, yasua adeɛ afa wiemhyɛn ne ne tuo ho a sɛ biribi ketewa bi ankɔ yie a ɛde yɛn bɛkɔ akyere, baabi a yɛmmpɛ sɛ yɛbɛkɔ.1 Bio wɔ saa kwan yi so, yasua afiri ntotoho a ɛda yɛn akoma dwumadie ne sɛ yɛbɛnya akoma nsakyera kɛseɛ a ɛhia ansa na yɛatumi agye Awurade no frɛ so adi N’akyi.2

Saa berɛi, mɛpɛ sɛ wɔ ahobrɛaseɛ mu mede nkuranhyɛ ntotoho a ɛfiri m’adwumayɛ mu bɛka ho. Merekasa fa adansie ho nimdeɛ. Ɛfiri mesuapɔn adesua ase no, mesoo daeɛ fa da a mɛwie deɛ ɛhia nyinaa a ɛbɛma m’atumi kɔ gyinapɛn a wɔbɛkyerɛ me sɛdeɛ wɔsi nwene adan ne adeɛ a wɔbɛtumi aka sɛ ɛyɛ “anti-seismic.”

Saa da no baaɛ maa mekɔɔ saa gyinapɛn no da a ɛdikan. Nsɛm a ɛdiikan firii obenfo no ano baaɛ ne: “Mo ho pre mo sɛ mobɛhyɛ aseɛ na mo asua sɛdeɛ wɔsi nwene adan a ɛyɛ anti-seismic,” na yɛmu pii bɔɔ yɛn ti nko. Afei obenfoɔ no kaa sɛ, “Ɛyɛ me ya sɛ mereka akyerɛ mo sɛ yei ɛnyɛ yie, me ntumi nkyerɛ mo sɛdeɛ wɔsi dan a ɛkotia, ɛyɛ “ anaa ɛkotia asaase wosoɔ. Nyansa biara nni yei mu,” ɔkaa sɛ ”ɛfiri sɛ asase wosoɔ bɛsi sɛ yɛpɛ o anaa sɛ yɛmmpɛ o.”

Na ɔde kaa ho, “Deɛ mɛtumi akyerɛ mo ne sɛdeɛ wɔsi adan a ɛtumi gyina ahoɔden a ɛfiri asaase wosoɔ ano, sɛdeɛ ɛdan no bɛgyina a ɛrensɛei na ɛbɛkɔ so adi dwuma nti a wɔsiiɛ.“

mfidiwumayɛfoɔ no yɛ akontaabuo a ɛkyerɛ fapem, adum, nnua a wɔde ayɛ, kɔnkrɛte a wɔde ayɛ, ne nneɛma afoforɔ a wɔde yɛ adan no kɛseɛ, ne su, ne ne su ahodoɔ. Saayɔ ho nsunsuansoɔ na ɛbɛdane ntotoyɛ ne ɛdan ho nhyehyɛɛ a ɛwɔsɛ ɔdansini di so pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ ɛbɛma adwuma no aba mu na ahyɛ botaeɛ nti wɔde yɛɛ na wɔsiiɛ no ma.

Ɛwom sɛ bɛboro mfe 40 atwam firi saa adesuakuo a edi kan wɔ mfidiwuma a ɛko tia asase wosoɔ mu deɛ, nanso mekae berɛ a mifitii aseɛ nyaa nteaseɛ a emu dɔ, a edi mu wɔ hia a ɛho hia sɛ saa adwene yi bɛba wɔ adan a meyɛɛ ho nhyehyɛe no mu no yie wɔ me daakye adwumayɛ asetena mu. Ɛnyɛ ɛno koara, na mpo wɔ kwan kɛseɛ so—ɛbɛda adi wɔ mabrabɔ mu nkuranhyɛ nyianaa ne wɔn a me nyaa wɔn so nsunsuansoɔ wɔ kwan pa so.

Nhyira a yɛ wɔ sɛ yɛtumi de yɛn ho to nimdeɛ fa nkwagyeɛ nhyihyɛɛ a yɛn Soro Agya ayɛ no so, sɛyɛbɛnya Yesu Kristo asɛmpa no a wasande aba na yɛde yɛn ho bɛto nkuranhyɛ akwankyerɛ a ɛfiri nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ hɔ so! Deɛ maka dada no nyinaa ka “nhyehyɛɛ” kronkron ne “akwankyerɛ pɔtee” a ɛkyerɛ yɛn pefee sɛdeɛ yɛbɛsi ayɛ anigyeɛ abrabɔ—abrabɔ a ɛkotia bɔne, ɛkotia nsɔhwɛ, ɛkotia bonsam a ɔde ahohiahia rehwehwɛ sɛ ɔbɛsɛi yɛn daapem hyɛberɛ a yɛne yɛn Soro Agya wɔ ne yɛn mmusua adɔfoɔ.

Agyenkwa no ankasa, wɔ Ne som mfiaseɛ, “wɔgyaei no maa bonsam sɔɔ no hwɛɛ.”3 Nanso Yesu dii saa nsɔhwɛ kɛseɛ no so nkunim. Kwan bɛn so na suban a wɔde etia Satan anaa etia nsɔhwɛ gyee No? Deɛ ɛmaa Yesu dii nkonim wɔ saa mmerɛ a na ɛmu yɛ den no yɛ Ne honhom mu ahosiesie, a ɛmaa No ahoɔden de ko tiaa ɔtanfo no nsɔhwɛ so.

Ɛneɛma bɛn na ɛboa Agyenkwa no siesie Ne ho maa saa berɛ kɛseɛ no?

Ɛdikan, na Wakyere kɔm nna 40 ne anadwo 40, akɔmkyene a na mpaebɔ bɛka ho. Nti, ɛwɔm sɛ na Wayɛ mmrɛ honam mu, nanso na Ne honhom ayɛ den ankasa. Ɛwɔm sɛ, yɛn tiri yɛ, wɔnkaa sɛ yɛnkyere kɔm mmerɛ tenten saa—mom dɔnhwere 24 pɛ na ɛyɛ da baako pɛ wɔ bosome mu—akɔmkyene ma yɛn honhom mu ahoɔden na aboa yɛn ama yɛako atia nsɔhwɛ wɔ abrabɔ mu.

Ɛtɔ so mmienu, wɔ nsɔhwɛ a Agyenkwa no faa mu abasɛm mu no, yɛhunu sɛ berɛ nyinaa no Ɔde twerɛsɛm a ɛwɔ N’adwene mu na ɔka ɛde yi Ɔbosam ano, wɔ berɛ a ɛhia mu.

Berɛ a Ɔbonsam sɔɔ no hwɛɛ sɛ Ɔnnane aboɔ paanoo na Ɔnni nsi Ne kɔm ano berɛ a na wakyene kɔm akyɛ no, Awurade no ka kyerɛɛ no, “Wɔatwerɛ sɛ, ɛnyɛ paano nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu so. “4 Afei berɛ a na Awurade gyina asɔrefie no atifi no, ɔbosam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ No ahwɛ ma wakyerɛ Ne tumi, ɛno na Awurade no buaa no wɔ tumi sɛ: “Wɔatwerɛ bio sɛ, Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.“5 Na Ɔbonsam nsɔhwɛ a ɛtɔ so meɛnsa, Awurade buaa no, “Wɔatwerɛ sɛ, koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nkoara no som no.”6

Asaase wosoɔ gyaɛkam wɔ mpo adan a wɔahyehyɛ na wɔasi no yie—saa nsunsuansoɔ no bi yɛ sɛ dan no baabi apai, akonya bi abu anaa soro baabi awai, ntokua bi abu, ne deɛ ɛkeka ho. nanso saa dan a wɔahyehyɛ na wɔasi no yie no bɛdi dwuma nti a wɔyɛɛ sɛ ɛbɛbɔ wɔn a wɔte mu no ho ban, na wɔyɛ nsiesie ketewa bi a, ɛsan si ne dadaa mu.

Wɔ kwan korɔ so no, ɔtamfo no nnwuma tumi gya “akam,” anaa ɔsɛeɛ nkumaa bi wɔ yɛn abrabɔ mu, ɛmfa ho ne yɛn mmɔdemmɔ sɛ yɛbɛhyehyɛ yɛabrabɔ wɔ kwan kronkron a ɛdi mu no so. Saa “akam“ yi tumi da adi wɔ awerɛhoɔ atinka mu anaa nnuhuu wɔ mfomsoɔ bi ho ne sɛ yɛantumi anyɛ biribi yie, anaa yɛte nka sɛ yɛntesɛ sɛdeɛ yɛpɛ sɛ yɛ yɛ.

Nanso deɛ ɛhia ne sɛ sɛ yɛadi nhyehyɛɛ kronkron ne akwankyerɛ no, a ɛyɛ Yesu Kristo asɛmpa no, yɛgu so gyina pintinn. Yɛn abrabɔ nyinasoɔ nsɛe ɛnam ɔtamfo no mmɔden anaa sɛ tebea bi a ɛmu yɛ den a yɛahyia nti; mom yɛayɛ krado sɛ yɛbɛkɔ yɛn anim.

Anigyeɛ bɔhyɛ wɔ twerɛsɛm mu sɛ yɛn asetena botaeɛ no7 ɛni sɛ yɛte aseɛ sɛ yɛnya “akam “ biara mfiri nsɔhwɛ, amaneɛ anaa abrabɔ ateetee nsunsuansoɔ ho.

Saa anigyeɛ no ne Nifae nteaseɛ berɛ a ɔkaa sɛ, “mehunuu amanehunu bebree wɔ me nkwa nna mu, menyaa adom kɛseɛ wɔ Awurade anim wɔ me nna nyinaa mu.”8 Ne nna nyinaa! Mpo wɔ nna a Nefae faa yaa mu berɛ a na ne nuanom nte n’aseɛ na wɔpoo no, mpo berɛ a wɔtohyɛɛ ne so wɔ suhyɛn mu, mpo da a ne papa Lehi wuiɛ, mpo berɛ a Laman ne Lemuel bɛyɛɛ ne nkorɔfoɔ atamfo. Mpo wɔ saa berɛ a na ɛmu yɛ den no, Nefae hunuu sɛ ɔwɔ Awurade anim adom.

Yɛbɛtumi anya asomdwoeɛ wɔ nimdeɛ a yɛwɔ sɛ Awurade mma yɛn nsɔhwɛ a ɛboro yɛn so. Alma to nsa frɛ yɛn sɛ “yɛnwɛn na [yɛ]mmɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa, ama yɛn nsɔhwɛ ammoro deɛ [yɛ]bɛtumi asoa so, na ama Honhom Kronkron no ama moanya ahobraseɛ, ɔdwoɔ, asoɔmmerɛ, abotare, na ɔdɔ ahyɛ mo ma na aberɛ nyinaara no moanya abodwokyerɛ.”9

Yɛbɛtumi de saa atoto yɛn abrabɔ ho. Ammon kai yɛn Awurade nsɛm: “Monkɔ na momfa abotare nsɔ mo amanehunu ano, na mɛma mo nkinimdie.”10

Awurade taa ma yɛn mmoa firiberɛ a yɛahyia ɔtan, nsɔhwɛ, mente meho ase, yea na mpo owuo mu. Na waka sɛ, “Deɛ meka kyerɛ ɔbaako no Mekakyerɛ obiara, momma mo bo ntɔ mo yam, me mma nketewa; na Meka mo ho, na Me mpa mo akyi.”11 Ɔrennyae yɛn da!

Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛtumi atoaso ayɛ yɛn abrabɔ wɔ nhyehyɛɛ kronkron ne akwankyerɛ pɔtee a yɛn Agya ayɛ na ɛhyɛ ma wɔ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo mu. Kyerɛ sɛ, esiane adom a ɛso yɛn so ɛnam Agyenkwa no mpata no nti, yɛbɛdi nkunim anya abrabɔ a ɛkotia bɔne, ɛkotia nsɔhwɛ, na ɛhyɛ den ma yɛgyina awerɛhoɔ berɛ ne berɛ a ɛyɛ den mu wɔ yɛn abrabɔ mu. Na de kɔ nkan no, yɛbɛduru tebea a yɛn nsa bɛka bɔhyɛ nhyira no nyinaa ɛnam ɔdɔ a yɛn Agya ne yɛn Agyenkwa wɔ ma yɛn. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.