Amansan Nhyiamu
Fa Gyedie Anammɔn Di Yesu Kristo Akyi
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Fa Gyedie Anammɔn Di Yesu Kristo Akyi

Kristo bɛtumi asoa yɛn nnɛ afa mmerɛ a emu yɛ den mu. Ɔyɛ maa kane adikanfoɔ a wodi kan no, na Ɔyɛ ma yɛn mu biara seesei.

Meda mo ase, nnwomkuo, sɛ motoo dwom “Gyidi a Ɛwɔ Anammɔn Biara Mu.” Nnwom ne nsɛm a ɛwɔ saa dwom no mu no, Onua Newell Dayley na ɔtwerɛeɛ wɔ 1996 mu1 de resiesie wɔn ho ama akandioɔ a wodi kan no baa Salt Lake Valley mu wɔ 1847 mu no mfeɛ 150 afahyɛ no.

Ɛwom sɛ wɔtwerɛɛ dwom yi de siesiee saa afahyɛ no deɛ, nanso emu nkrasɛm no fa wiase nyinaa ho.

M’ani gye korɔs no ho berɛ biara:

Wɔ gyedie anammɔn biara mu no, yɛdi Kristo, Awurade no akyi;

Na yɛnam ne dɔ kronkron no so de anidasoɔ ahyɛ yɛn ma, na yɛde adwene korɔ to nnwom.2

Anuanom mmarima ne mmaa, medi adanseɛ sɛ berɛ a yɛde gyidie anammɔn di Yesu Kristo akyi no, anidasoɔ wɔ hɔ. Anidasoɔ wɔ Awurade Yesu Kristo mu. Anidasoɔ wɔ hɔ ma nnipa nyinaa wɔ asetena yi mu. Anidasoɔ wɔ hɔ sɛ yɛbɛdi yɛn mfomsoɔ, yɛn awerɛhoɔ, yɛn aperedie, ne yɛn sɔhwɛ ne yɛn haw so. Anidasoɔ wɔ hɔ wɔ adwensakyera ne bɔne fafiri ne afoforɔ a wɔde bɛfiri wɔn mu. Medi adanseɛ sɛ anidasoɔ ne asomdwoeɛ wɔ Kristo mu. Ɔbɛtumi asoa yɛn nnɛ afa mmerɛ a emu yɛ den mu. Ɔyɛ maa tete adikanfoɔ no, na Ɔbɛyɛ ama yɛn mu biara seesei.

Afe yi yɛ adikanfoɔ a wodii kan baa Salt Lake Valley mu no mfeɛ 175, a ama masusu me nananom a wɔn mu binom nante firii Nauvoo kɔɔ Salt Lake Valley mu no ho. Mewɔ nananom a wɔnantee asasetam so wɔ wɔn mmeranteberɛm Na Henry Ballard adi mfeɛ 20;3 na Margaret McNeil adi mfeɛ 13;4 na Joseph F. Smith, a akyire yi ɔbɛyɛɛ Asɔre no Titenani a ɔtɔ so nsia no, na wadi mfeɛ 9 pɛ berɛ a ɔduruu Salt Lake Valley mu no.5

Wohyiaa nneɛma ahodoɔ a ɛkamee wɔn wɔ ɔkwan no so, te sɛ awɔ berɛ a awɔ wom, yareɛ, ne ntaadeɛ ne aduane a ɛfata a wɔnnya. Sɛ nhwɛsoɔ, berɛ a Henry Ballard wuraa Salt Lake Valley no, n’ani gyee sɛ ohuu “Bɔhyɛ Asase” no nanso ɔtenaa ase wɔ ehu mu sɛ ebia obi behu no efiri sɛ atadeɛ a na ɔhyɛ no asɛe koraa ma ɛnkata ne nipadua nyinaa so. Ɔde ne ho siee nnua akyi da mu no nyinaa kɔsii sɛ esum baaeɛ. Afei ɔkɔɔ fie bi mu kɔsrɛɛ ntadeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a obɛtumi atoa n’akwantuo no so na wahunu n’awofoɔ. Ɔdaa Onyankopɔn ase sɛ waduru ne daakye fie wɔ ahwɛyie mu.6

Me nana-nananom de gyidie anammɔn dii Yesu Kristo akyi wɔ wɔn sɔhwɛ biara mu. Meda wɔn ase sɛ wɔampa aba da. Wɔn gyidie anammɔn ahyira me ne awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi hɔ no, sɛnea mo gyidie anammɔn nnɛ bɛhyira mo asefoɔ no.

Asɛm no adikanfoɔ yɛ edin ne adeyɛ asɛm nyinaa. Sɛ edin no ɛbɛtumi akyerɛ obi a ɔka wɔn a wodi kan hwehwɛ asasesini foforɔ mu anaasɛ wɔtena hɔ no ho. Sɛ adeyɛ asɛm no, ɛbɛtumi akyerɛ sɛ wobebue anaa wɔbesiesie ɔkwan a afoforo bɛfa so.7

Mmerɛ a medwene akandifoɔ a wɔasiesie kwan ama afoforɔ ho no, Medi kan dwene Nkɔmhyɛni Joseph Smith ho. Na Joseph yɛ ɔkandifoɔ esiane sɛ n’anammɔn a ɔwɔ gyedi no de no kɔɔ nnua kuo bi a ɔbuu nkotodwe wɔ mpaebɔ mu na ɔbuee kwan maa yɛn ama yɛanya Yesu Kristo n’asɛmpa no maaeɛ. Joseph gyidie a na ɔwɔ sɛ “ɔsrɛ Onyankopɔn” no .8 saa ahuhuro berɛ mu anɔpa no mu wɔ 1820 mu no buee kwan maa Yesu Kristo asɛmpa no mahyɛ no Sanba a nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛsom wɔ asase so bio ka ho.9 Menim sɛ Joseph Smith yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni. Menim sɛ n’anammɔn a gyidie ahyɛ no ma no maa ɔbuu nkotodwe wɔ Agya Nyankopɔn ne Ne Dɔ Ba, Yesu Kristo anim.

Nkɔmhyɛni Joseph gyedie anammɔn no na ɛmaa ɔtumi yɛɛ Awurade adwinnadeɛ de Mormon Nwoma no baaeɛ, a ɛyɛ Yesu Kristo ho adanseɛ baako nso ne Ne mpata adom ho adanseɛ foforɔ.

Ɛnam Joseph Smith gyedie ne ne boasetɔ wɔ ahokyerɛ ne ɔsɔretia a ɛyɛ nwanwa anim no, ɔtumi yɛɛ saa yɛɛ adwinnadeɛ wɔ Awurade nsam de Yesu Kristo Asɔre no sii hɔ bio de kɔmaa wiase.

Wɔ amansan nhyiamu a ɛtwa toɔ no mu no, mekaa sɛdeɛ me berɛ nyinaa asɛmpatrɛ adwuma no hyiraa me no ho asɛm. Me nyaa nhyira berɛ a mekyerɛkyerɛɛ yɛn Soro Agya no nkwagyeɛ nhyehyɛɛ a eenyam, Joseph Smith Anisoadehunju a Edi Kan, ne Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ no ho asɛm. Saa nkyerɛkyerɛ ne nkyerɛkyerɛ a wɔasan de aba yi kyerɛɛ me gyidie anammɔn kwan wɔ nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛɛ wɔn a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛtie asɛmpa no Sanba no nkrasɛm no mu.

Yɛn ɛnnɛ asɛmpatrɛfoɔ no yɛ ɛnnɛ mmerɛ mu adikanfoɔ ɛfiri sɛ wɔkyɛ saa animuonyam nkrasɛm yi kyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa, ɛnam saa kwan yi so bue kwan ma yɛn Soro Agya no mma no hunu No ne Ne Ba, Yesu Kristo. Yesu Kristo asɛmpa no gye a ogye tom no bue kwan ma obiara siesie ne ho ma no gye nhyira ahodoɔ a Asɔre no de ma wɔ tɛmpol no.

Amansan nhyiamu a ɛtwa toɔ no, Titenani Russell M. Nelson san sii so dua “sɛ Awurade asrɛ aberanteɛ biara a ɔfata, tumi a ɔtumi siesie ne ho ma asɛmpatrɛ adwuma bi na ɔnsom” na “asɛmpatrɛ adwuma nso yɛ hokwan a ɛwɔ tumi, nanso ɛtumi paw” ma “mmeranteɛ ne anuanom mmaa a wɔtumi.”10

Mmeranteɛ ne mmabaa adɔfoɔ, mo gyedie anammɔntuo bɛboa mo ama moadi Awurade nsatoɔ no akyi sɛ monsom asɛmpatrɛ adwuma—sɛ yɛbɛyɛ nnɛ yi adikanfoɔ—de nam kwan a yɛbɛbue ama Onyankopɔn mma ama wɔahu na wɔatena apam kwan a ɛkɔ Ne animuonyam mu no so wɔ hɔ.

Otitenani Nelson ayɛ ɔkandifoɔ wɔ Asɔre no mu. Sɛ Ɔsomafoɔ no watu kwan akɔ na wabue nsase pii ama asɛmpa no ka. Berɛ tiaa bi akyi a ɔbɛyɛɛ nkɔmhyɛni ne Asɔre no Titenani no, ɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛmma yɛn honhom mu tumi a yɛde bɛgye adiyisɛm no nkɔ soro.11 Ɔkɔ so ara kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛhyɛ yɛn adansedie mu den. Wɔ ahofama a wɔde maa mmeranteɛ ne mmabaawa a wɔanyinyini mu no, ɔkaa sɛ:

“Mesrɛ wo sɛ, di w’adanseɛ no so. Yɛ ho adwuma. Fa yɛ wo dea. Hwɛ so yie. Tete no sɛdeɛ ɛbɛnyini. 

“[Afei] hwɛ sɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bɛsisi w’asetena mu.”12

Ɔrekyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛtumi de yɛn ho ato yɛn ho so kɛse wɔ honhom fam. Waka sɛ “nna a ɛreba no mu no, ɛrentumi nyɛ yie sɛ yɛbɛnya nkwa wɔ honhom mu a Sunsum Kronkron no akwankyerɛ, akwankyerɛ, awerɛkyekyerɛ, ne nkɛntɛnsoɔ a ɛtena hɔ daa nka ho.”13

Medi adanseɛ sɛ Titenani Russell M. Nelson yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni a ɔwɔ asase so ɛnnɛ yi.

Yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, ne adikanfoɔ a ɔsene obiara wɔ ɔkwan no ahosiesie mu. Ampa ara, Ɔ “ɔkwan no”14 ama nkwagyeɛ nhyehyeɛ no bɛba mu ama yɛanu yɛn ho na, ɛnam gyedie a yɛwɔ wɔ Ne mu so, asan akɔ yɛn Soro Agya no nkyɛn.

“Yesu kaa sɛ, “Me ne ɔkwan, nokorɛ, ne hann no: onipa biara mma Agya no hɔ, gye sɛ ɔnam me so.”15 Wahyɛ bɔ sɛ ɔremma yɛn ho nkyere yɛn; Ɔbɛba yɛn nkyɛn wɔ yɛn sɔhwɛ mu.16 Wato nsa afrɛ yɛn sɛ “yɛmfa akoma a ɛdi mu mmra [Ne] nkyɛn, na [Ɔn] sa ​​[yɛn] yareɛ.”17

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ, yɛn Ntamgyinafoɔ wɔ Agya no nkyɛn. Yɛn Soro Agya no abue kwan ama yɛasan aba Ne nkyɛn de nam Ne Dɔ Ba, Yesu Kristo akyiridie so wɔ gyedie anammɔn biara mu.

Me nananom ne adikanfoɔ afoforɔ a wodii kan baaeɛ no hyiaa akwansideɛ pii berɛ a wɔde nteaseɛnam, nsa teaseɛnam, ne nanteɛ kɔɔ Salt Lake Bonhwa mu no. Yɛn nso yɛbɛhyia nsɛm denden wɔ yɛn ankorankorɛ akwantuo mu wɔ yɛn abrabɔ mu. Ɛnyɛ sɛ yɛrepia nsa teaseɛnam anaasɛ yɛreka nteaseɛnam a wɔakata so afa mmepɔ a ɛso yɛ toro so ne sukyerɛmma a emu dɔ mu; yɛrebɔ mmɔden sɛnea wɔyɛɛe no sɛ yɛbɛdi yɛn berɛ yi mu sɔhwɛ ne nsɛm denden so nkonim wɔ honhom fam. Yɛwɔ akwan a yɛbɛfa so; yɛwɔ nkonkɔn—na ɛtɔ mmerɛ bi a mmepɔ—a ɛsɛ sɛ yɛforo. Ɛwom sɛ sɔhwɛ ahodoɔ a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ soronko wɔ tete adikanfoɔ no deɛ ho deɛ, nanso ɛnyɛ den koraa mma yɛn.

Ɛho hia sɛ yɛdi nkɔmhyɛni no akyi na yɛma yɛn nan si hɔ pintinn wɔ nokorɛdie apam kwan no so sɛnea na ɛte ma akandifoɔ a wɔdii kan no.

Momma yɛmfa gyidie nni Yesu Kristo akyi wɔ anammɔn biara mu. Ɛsɛ sɛ yɛsom Awurade na yɛsom yɛn ho yɛn ho. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho den honhom mu de nam yɛn apam ahodoɔ a yɛbɛdi so na yɛadi no nni nso. Ɛnsɛ sɛ yɛhwere ntɛmpɛ ho adwene a ɛne sɛ yɛbɛdi mmaransɛm no so. Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛn ahofama ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no ayɛ mmerɛ. Yɛsrɛ mo monkae sɛ sɛ obi hwere ne kwan a, yɛnnyera da mma yɛn Agyenkwa. Ɛde nam adwensakyera nhyira so no, yɛbɛtumi adane akɔ Ne nkyɛn. Ɔbɛboa yɛn ma yɛasua, anyini, na yɛasesa berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛtena apam kwan no so no.

Momma yɛnni Yesu Kristo anammɔn so dabiara ne, gyedie wɔ yɛn ara dabiara anammɔn biara mu, de y’adwene si Ne so, kora y’anammɔn mu dendeeden wɔ apam kwan no so, yɛ m’ahobrɛaseɛ mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ K. Newell Dayley, “Faith in Every Footstep,” Ensign, Ɔpɛpɔn 1997, 15; Liahona, Ɔgyefuo 1997, 22–23.

  2. Dayley, “Faith in Every Footstep,” Ensign, Ɔpɛpɔn 1997, 15; Liahona, Ɔgyefuo 1997, 23.

  3. Hwɛ Henry Ballard da biara da nsɛm nwoma; Afeha a Ɛtɔ so 19 Atɔeɛ Fam ne Mormon Nsaano Ntwerɛweɛ; L. Tom Perry Nneɛma a Wɔaboaboa Ano Titiriw, Harold B. Lee Nhomakorabea, Brigham Young Sukuupɔn, archives.lib.byu.edu/repositories/ltpsc/resources/upb_msssc998.

  4. Hwɛ “A ‘Small Glimpse’ into Pioneer Experiences,” Church News, Ayɛwohomumu 15, 1996, thechurchnews.com.

  5. Hwɛ Teachings of Presidents of the Church: Joseph F. Smith (1998), xiv.

  6. Hwɛ Douglas O. Crookston, ed., Henry Ballard: The Story of a Courageous Pioneer, 1832–1908 (1994), 14–15.

  7. Hwɛ Merriam-Webster.com Dictionary, “pioneer.”

  8. Yakobo 1:5.

  9. Hwɛ Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:5–20.

  10. Russell M. Nelson, “Preaching the Gospel of Peace,” Liahona, Kɔtɔnimma 2022, 6; original emphasis removed.

  11. Russell M. Nelson, “Revelation for the Church, Revelation for Our Lives,” Liahona, Kɔtɔnima 2018, 96.

  12. Russell M. Nelson, “Choices for Eternity” (worldwide devotional for young adults, Kɔtɔnima 15, 2022), broadcasts.ChurchofJesusChrist.org.

  13. Russell M. Nelson, “Revelation for the Church, Revelation for Our Lives,” 96.

  14. Yohane 14:6.

  15. Yohane 14:6.

  16. Hwɛ Yohane 14:16–18.

  17. 3 Nifae 18:32.