Amansan Nhyiamu
Wo Gu so Ara wɔ Ɔpɛ?
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Wo Gu so Ara wɔ Ɔpɛ?

Ɔpɛ sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi no hwebɔm wɔ mmerɛ dodoɔ a yɛdi wɔ kronkron mmea.

Kwasiada bi, berɛ a meresiesie me ho afa adidikronkron no nnawɔtwe bebree akyi wɔ siteki nhyiamu nnwumadie akyi, anika nsusuiɛ bi a tumi wɔ mu baa m’adwene mu.

Berɛ a asɔfoɔ no hyɛɛ paanoo no so hyira no, nsɛmfua a mate no mpɛn bebree de ɔhyɛ bi baa m’adwene ne m’akoma mu. “Na medi adanseɛ kyerɛ wo, O Onyankopɔn, Onniawieɛ Agya, sɛ wɔwɔ ɔpɛwɔbɛfa wo Ba no din ato wɔn ho so, na wɔakae no mmerɛ nyinaa na wɔadi ne mmaransɛm a ɔde ama wɔn no so; na ama wɔanya ne Honhom no ne wɔn atena mmerɛ nyinaa.”1 Mpɛ dodoɔ sen na yeadi adanseɛ akyerɛ Onyankopɔn sɛ yɛwɔ ɔpɛ?

Berɛ a medwenee saa nsɛmfua kronkron yi ho no, asɛmfua ɔpɛ kaa m’akoma deɛ ɛbi nsii da. Ɛdɛ nsuyire ne suahunu kronkron hyɛɛ m’dwene ne m’akoma ma, ɛde ɔ ne aseda maa Agyenkwa no mpata, ne Ne dwumadie a ɛhia wɔ Agya no gyeɛ nhyehyɛeɛ ma me ne m’abusua. Afei metieeɛ na metee nsuo no so mpaeɛ nsɛm a ɛrewurawura: “Sɛ wɔbɛdi adanseɛ akyerɛ wo sɛ wɔbɛkae wo mmerɛ nyinaa.”2 Metee aseɛ yie wɔ saa berɛ no mu sɛ ɛwɔ sɛ m’apam so die boro me nsusuiɛ pa so.

Adidikronkron die nnyɛ botrobodwo amanneɛ a ɛhia y’adwenkyerɛ kɛkɛ. Ɛyɛ nkaebɔ a tumi wɔ mu ma nokorɛ ne Kristo daapem Mpata no nnyinasoɔ ne hia a ɛhia sɛ yɛkae no mmerɛ nyinaa na yɛdi N’ahyɛdeɛ so. Ɔpɛ a yɛwɔ de adwene si Agyenkwa no so hia yie na ɛyɛ nkrasɛm a ɛgyina Asɔre twerɛsɛm mmienu mfimfini a wɔtaa ka wɔ adidikronkron mpaeɛ mu. Yɛrete nokorɛ a Ɔsoro Agya no pɛ mu ɔde ma yɛn mu biara nam Ne Dɔ Ba Koro no so no ɛwɔ sɛ ɛkanyan yɛn mmɔdemmɔ ma ɔpɛ a mmerɛ nyinaa yɛwɔ sɛ yɛsane y’akyi no.

Yɛn ankasa honhom mu fapem gyina Yesu Kristo so den anaa?

Sɛ yɛn honhom mu fapem mu nnɔ anaasɛ ɛyɛ anianideɛ, na anhwɛ a yɛde yɛn pɛ bɛsi asetena mu boɔnhwehwɛmu so anaasɛ ankasa adwene so. Na sɛ yɛsɔ kasakyerɛ mu sɛ Asɔre no nneɛma atwam anaasɛ amanyɔsɛm a ɛnyɛ nokorɛ ne asetena mu mmara, nhyɛsoɔ a ɛnhia, ne berɛ ahofama na ahyɛ mu ma a, ɛnneɛ na yɛn mmuaeɛ fa ɔpɛ ho bɛgu. Ɛnsɛ sɛ yɛma ɔpɛ nyinasosɛm di akotene wɔ asetena mu dawubɔ anaasɛ Tik Tok anigyefoɔ nsam. Nnipa ahyɛdeɛ ne ɔsoro nokorɛ ntaa nhyia.

Asɔre no yɛ dwankɔbea ma nkorɔfoɔ a wɔnnwie pɛyɛ na wɔdɔ Onyankopɔn na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛdi Awurade Yesu Kristo akyi. Saa ɔpɛ no nhini hyɛ nokorɛ mu sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no Ba. Saa ɔsoro nokorɛ yi wɔnam Sunsum Kronkron no tumi so na wɔhunu. Enti, yɛn pɛ no gyina mmerɛ dodoɔ a ahofama kwan so yɛde kɔ kronkron mmeaeɛ faako a Sunsum Kronkron nkateɛ wɔ.

Yɛbɛbɔ mmɔden aseɛ mmerɛ wɔ nkɔmmɔ a ɛhia ho na yɛdwene yɛn haw ne Ɔsoro Agya dɔfoɔ no ho. Yɛbɛtumi nso asesa yɛn daadaa kaseɛbɔ akɔ Kristo nsɛma ɛwɔ twerɛ kronkron mu ne Ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔteaseɛ nkɔm nsɛm mu.

Ahwɛyie a yɛde ma Homeda, nokorɛ ntotosoɔ du du tua, tɛmpol kamfoɔ krataa foforɔ kuta, tɛmpol nkorɔeɛ, ne tɛmpol apam kronkron so die nyinaa yɛ akyerɛdeɛ a ano yɛ den ɛkyerɛ yɛn pɛ ne yɛn ahofama. Yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛbɔ mmɔden bebree sene anianideɛ mmɔden de ahyɛ yɛn gyedie wɔ Kristo mu.

Ɔsoro Agya no dɔ yɛn pɛpɛɛpɛ, nanso saa ɔdɔ no ba wɔ akwanhɛ kɛseɛ so. Ɔhwɛ kwan sɛ yɛde ɔpɛ fa Agyenkwa no to y’abrabɔ mfimfini. Agyenkwa no yɛ yɛn pɛ nhwɛsoɔ kann yɛde yɛn ho ma Agya no wɔnneɛma nyinaa mu. “Ɔne ɔkwan no, nokorɛ no, ne nkwa no.”3 Ɔfirii Ne pɛ mu di maa yɛn bɔne. Ɔfirii Ne pɛ mu ma yɛn nnesoa mu yɛ hare, dwodwo yɛn hu ano, ma yɛn ahoɔden, na ɔde asomdwoeɛ ne nteaseɛ brɛ yɛn koma wɔ amanehunu ne awerɛhoɔ mmerɛ mu.

Nanso Yesu Kristo mu gyedie yɛ ɔpɛ. “Sɛ [yɛn] tumi nyɛ biribi ka ɔpɛ a yɛpɛ sɛ yɛgyedie”4 wɔ Ne nsɛm mu a, yɛwɔ bea a yɛbɛtumi ahyɛ aseɛ anaasɛ yɛsesa yɛn gyedie akwantuo no . Ne nsɛm, sɛ yɛdua no wɔ yɛn akoma mu sɛ aduaba na yɛde ahwɛyie kɛseɛ tete no a, ɛbɛnya nhini, na yɛ gyedie bɛnyini akɔ anohoba mu na abɛyɛ adeyɛ ne tumi nyinasosɛm. Mormon Nwoma no yɛ yɛn tumi kɛseɛ a ɛma yɛnyini wɔ yɛn gyedie mu. Ɔpɛ yɛ adeɛ a ɛde gyedie ba.

Honam mu asetena, ɛnam ɔsoro nhyehyɛeɛ nti, ɛnyɛ mmrɛ na ɛtɔ da a ɛtumi bunkam so. Nanso, “[yɛ] wɔ hɔ, sɛ [yɛ] bɛnya anigyeɛ”!5 Yɛretwe y’adwene asi Agyenkwa no ne y’apam so de anigyeɛ a ɛnniawieɛ ba! Honam mu asetena botaeɛ ne sɛ yɛbɛkyerɛ yɛn pɛ. “Abrabɔ asodie kɛseɛ [akyidifoɔyɛ botaeɛ] ne sɛ yɛsua Awurade no pɛ na afei yɛyɛ.”6 Nokorɛ akyidie de yɛn kɔ anigyeɛ mahyɛ. Yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛtuaakyidiyɛ so akatua?

Apam kwan no so nyɛ susudua ketewa; ɛyɛ honhom mu nyini nhyehyɛeɛ ne Yesu Kristo mu ahofama a emu dɔ. Mmarasɛm biara nyinasoɔ botaeɛ, nyinasosɛm, apam, ne ayɛyɛdeɛ yɛ sɛ yɛbɛsi gyedie na yɛagye Kristo adi. Yɛn tirimupɔ sɛ yɛtwe y’adwene si Kristo so wɔ y’brabɔ mu nti no, ɛwɔ sɛ ɛnsesa—ɛnyina biribi so, tebea mu, anaasɛ anianideɛ. Yɛntumi mfa ahomegyeɛ nna anaasɛ ankasa mmerɛ mfiri yɛn pɛ a yɛde gyina sɛ Onyankopɔn adansefoɔ wɔ mmerɛ nyinaa mu ne mmeaeɛ nyinaa.”7 Akyidiyɛ nyɛ fo, ɛfiri sɛ Sunsum Kronkron ayɔnkofa no sombo.

Nokorɛ, na Awurade redwene yɛn mmerɛ yi ho berɛ a Ɔkyerɛkyerɛɛ mmaabunu du no abebusɛm no. Wɔn mu nnum a na wɔyɛ mmadwemma no: na “wɔafa Sunsum Kronkron no sɛ wɔn kwankyerɛfoɔ, na wɔannaadaa wɔn,”8 na nkwaseafoɔ no nkanea “adunnum” wɔ ngo a wɔnnie nti.9 Ebia Nifae nsɛm kyerɛkyerɛ saa berɛ bi Asɔre mma agyidifoɔ yi mu yie: “Na ɔbɛma ebinom akoma atɔ wɔn yam, na wadaadaa wɔn ama wɔde wɔn werɛ ato honam ahobammɔ mu,na wɔaka sɛ: Sion ayɛ yie.”10

Honam ahobammɔ yɛ sɛ wɔhwehwɛ na wɔgye wiase nneɛma die sene Kristo—wɔ asɛm foforɔ mu no,wɔde wiase aniwa rehwɛ adeɛ sene honhom aniwa. Sunsum Kronkron no ma yɛn tumi de hwɛ “nneɛma sɛdeɛ ɛteɛ pɛpɛɛpɛ, ne sɛdeɛ wɔbɛyɛ pɛpɛɛpɛ.”11 Gyesɛ “Sunsum Kronkron no tumi so na [yɛbɛtumi] ahunu nneɛma nyinaa mu nokorɛ”12 na wɔannaadaa yɛn. Yɛde Kristo si y’abrabɔ mfimfini na yɛde yɛn pɛ hyɛ bɔ sɛ yɛbɛdi Ne mmarasɛm so, ɛnyɛ sɛ y’ani afira na mmom yɛtumi hunu adeɛ nti a.13

Na mmaabunu nkwaseafoɔ no ɛ? Deɛn nti na wɔampɛ sɛ wɔfa honhom ngo toa? Wɔboapa tu hyɛɛ da anaa? Na wɔyɛ ebia biarabiara ɛfiri sɛ na berɛ no nyɛ mma wɔn anaasɛ ɛho nhia. Deɛ ɛtɛ biara, wɔdaadaa wɔn wɔ Kristo dwumadie no ho hia a ɛhia. Yei ayɛ Satan nnaadaa fapem ne deɛ nti a wɔn adanseɛ nkanea dunnumm esiane honhom ngo a wɔnnie nti. Abebusɛm no yɛ kasakoa ma yɛn mmerɛ yi. Bebree po Agyenkwa no ne wɔn apam kyɛre yie ansa na wɔapo N’Asɔre.

Yɛte mmerɛ a ɛnsii da a tete nkɔmhyɛfoɔ hyɛɛ ho nkɔm, Satan abufuhyɛ mmerɛ mu “wɔ nnipa mma akoma mu, na ɔhyɛ wɔn abufuo de tia deɛ ɛyɛ papa”14 Yɛn mu bebree te ntentan kɛseɛ so kɔmputa wiase a anigyesɛm ne nkransɛm a ɛyɛ anitan ma ɔsoro ahyɛnso ne gyedie wɔ Kristo mu no ayɛ mu ma mu.

Nsunsuansoɔ a ano yɛ den pa ara wɔ akwadaa abrabɔ mu yɛ awofoɔ ne nananom a wɔdi wɔn apam kronkron so nokorɛ mu tenenee nhwɛsoɔ no. Awofoɔ a wɔhyɛ da kyerɛkyerɛ wɔn mma gyedie wɔ Yesu Kristo mu, sɛdeɛ “wɔbɛhunu baabi korɔ a ɛwɔ sɛ wɔkɔhwehwɛ bɔnefakyɛ.”15 Biarabiara ne nhinhim apam sodie de yɛkɔ honhom wuo mu. Honhom mu ɔsɛeɛ no taa yɛ kɛse wɔ yɛn mma ne mmanananom. Awofoɔ ne nananom, yɛgu so ara wɔ ɔpɛ?

Titenani Russell M.Nelson abɔ yɛn kɔkɔ sɛ “wɔ nna a ɛdi anim no, ɛbɛyɛ den yie sɛ yɛbɛtena honhom mu berɛ a Sunsum Kronkron no ahobammɔ, n’akwankyerɛ, n’awerɛkyekyerɛ ɛne ne nhyɛsoɔ nka yɛn ho.”16 Yei yɛ kɔkɔbɔ kann a akyinnyeɛ nni ho sɛ yɛsiesie yɛn nkanea na yɛma yɛn honhom mu ngo a yeakora no dɔɔsoɔ. Yɛ gu so ara wɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛdi nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ no akyi? Honhom mu ngo a ɛwɔ wo kanea mu yɛ sɛn? Nsakraeɛ bɛn na ɛwɔ w’abrabɔ ankasa mu a ɛbɛtumi ama Sunsum Kronkron no nsunsuansoɔ ntoatoasoɔ?

Ɛnnɛ, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Yesu mmerɛ mu no, nkorɔfoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛsa wɔn akyi, a wɔmpɛ sɛ wɔgye akyidiyɛ so akatua. Sɛ ɔtan ne kasatia a ano yɛ den rekɔso tia Agyenkwa Asɔre no ne wɔn a wɔdi N’akyi, yɛn akyidifoɔ no bɛhia ɔpɛ kɛseɛ de atenetene na wɔahyɛ yɛn honhom akyi brɛmo den na yɛampo wɔn.17

Sɛ yɛsi yɛn honhom fapem wɔ Yesu Kristo so a, yɛnhwease, na yɛmmɔ hu.

“Hwɛ, Awurade no hwehwɛ akoma ne ɔpɛ-adwene; na wɔn a wɔwɔ pɛ na wɔyɛ setie no bɛdi nnepa a ɛwɔ Sion asase so wɔ saa nna a ɛtwa toɔ yi mu.”18

Yɛn kɔ so ara nya ɔpɛ. Wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.