Amansan Nhyiamu
Yɛn Asase so Hwɛfoɔdwumadie
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Yɛn Asase so Hwɛfoɔdwumadie

Honhom mu nhyira akɛseɛ bɔhyɛ wɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ na wɔhwɛ asase ne wɔnuanom mmaa ne mmarima.

Berɛ a na yerekɔ nsra wɔ yɛn kuro France no, me ne meyere de ahomka faa yɛn nananom bi kɔ hwɛɛ yɛn trom fɛɛfɛbi a ɛwɔ Giverny kuro kumaa so. Yɛani gyee sɛ yɛnam nhwiren fɛfɛ mu, asuhwiren akɛseɛ, ne hann a ɛdanedane wɔ ɔtadeɛ mu

Mfoni
Giverny turo mu

Saa beaɛ sononko yi yɛ onipa baako nsusuiɛ pa so na ɛbaa mu: mfoni nweneni Claude Monet, a ɔde mfeɛ 40 hyehyɛɛ siesie saa trom yi ma ɛbɛyɛɛ ne mfoni krabɛhwɛ. Monet de ne ho hyɛɛ abɔdeɛ afɛfɛdeɛ mu; na afei, ɔfa ne nwenedua a, ɔde twa ɛho atinka mfoni a ɔnya no wɔ ahosuo ne kanea mu. Mfeɛ a atwam, ɔyɛɛ mfoni ahodoɔ binom a ɛyɛ adutwam a ɔnyaa ho nkuranhyɛ firii ne trom no ho.

Mfoni
Monet mfoniniyɛ a ɛfa turo ho.

Water Lilies and Japanese Bridge, 1899, by Claude Monet

Anuanom mmaa ne mmarima, nkitahodie a yɛ ne abɔdeɛ afɛfɛdeɛ a atwa yɛn ho ahyia nya no tumi de nkuranhyɛ ne suahunu sononko ba yɛabrabɔ mu. Atinka a yɛnya no kenyan anisɔ su kɛseɛ wɔ yɛn mu ma yɛn Soro Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo a wɔbɔɔ saa wiase kɛseɛ yi—a mmepɔ ne asutene, nnua ne mmoadoma—ne yɛn awofoɔ a wɔdikan, Adam ne Hawa.1

Abɔdeɛ adwuma no nyɛ awieyɛ wɔ nankasa mu. Ɛka Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ ma Ne mma no ho. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma beaɛ a wɔbɛsɔ mmaa ne mmarima ahwɛ, na wɔde ɔpɛ ayɛ adwuma, anya anigyeɛ, na wasua adeɛ anyini, sɛdeɛ da koro wɔbɛtumi asan akɔ wɔn Bɔfoɔ nkyɛn na wɔanya daa nkwa.

Saa abɔdeɛ nwanwasoɔ yi wɔyɛɛ maa yɛn mfasoɔ na ɛdi adanseɛ kyerɛ ɔdɔ a Ɔbɔadeɛ no wɔ ma Ne mma. Awurade aka sɛ, “Aane nneɛma nyina ara a ɛfiri asase mu ba wɔyɛɛ sɛ nnipa de bɛyɛ biribi anya ho mfasoɔ, sɛ ɛnsɔ ani na ɛmma akoma mu dɛ.”2

Nanso, akyɛdeɛ kronkron a ɛyɛ Abɔdeɛ mma a dwumadie ne asodie nka ho. Saa asodie yi adeɛ a ɛkyerɛ mu yie ne hwɛfoɔdwumadie. Wɔ nyamesɛm mu no, asɛm hwɛsodwuma kyerɛ honhom mu anaa honam mu dwuma bi a ɛyɛ Onyankopɔn deɛ a wɔde ahyɛ wo nsa sɛ hwɛ so, a wobɛbu ho akonta.3

Sɛdeɛ twerɛsɛm no kyerɛ no, yɛn asase so hwɛsodwuma wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛdidi soɔ yi:

Nkyerɛkyerɛ a ɛdikan: Asase no nyina ara, ne nkwammoa a ɛwɔ so nyina ara, yɛ Onyankopɔn dea.

Ɔbɔadeɛ no de asase mu nneɛma ne nkwammoa nyina ara nhyɛ yɛn nsa, nanso ɛyɛ Ne deɛ. Ɔse, “Me, Awurade, metrɛɛ ɔsoro mu, na mekyekyeree asase, me nsa ano adwinnie ankasa; na nneɛma a ɛwɔ mu nyina ara yɛ me dea.”4 Nneɛma a ɛwɔ asase so nyina ara yɛ Awurade dea, yɛn mmusua ka ho, yɛn nipadua, ne mpo yɛn nkwa.5

Nkyerɛkyerɛ a ɛtɔ so mienu: Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn abɔdeɛ mu mpanin, yɛwɔ asodie sɛ yɛhwɛ so yie.

Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma yi, yɛagye asodie sɛ mpanin, ahwɛsofoɔ, ne N’abɔdeɛ kronkron so bammɔfoɔ. Awurade aka sɛ wayɛ “onipa biara bu akonta sɛ hwɛsofoɔ wɔ asase so nhyira ho, deɛ mayɛ na masiesie ama m’abɔdeɛ no.”

Yɛn Soro Agya ma kwan sɛ yɛmfa asase so nneɛma no bi sɛdeɛ yɛpɛ biara. Nanso yɛn pɛ nkyerɛ sɛ yɛbɛtumi afa asase mu nnepa a yɛmmfa nyansa ne ahohyɛsoɔ ntoto ho. Awurade maa saa kɔkɔbɔ yi: “Na ɛsɔ Awurade ani sɛ ɔde yei nyina ara ama nnipa; ɛfiri sɛ saa botaeɛ nti na wɔyɛɛe sɛ wɔde nsusuiɛ bɛto ho ayɛ, a ɛmmoro so, na ɛnnyɛ amim so.”7

Titenani Russell M. Nelson aka pɛn sɛ, “Sɛ yɛnya Abɔdeɛ kronkron ho mfasoɔ yi, deɛn na yɛbɛyɛ? Ɛwɔ sɛ yɛhwɛ asase no, yɛ ahwɛsofoɔ anyansafoɔ wɔ so, na yɛkora to hɔ ma nkyirimma.”8

Sɛ yɛdeto nkyɛn sɛ ɛhia abodeɛmu nhwehwɛ mu ne amammuo mu a, sɛyɛbɛhwɛ asase ne yɛn atenaeɛ yie yɛ asodie kronrkron a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa, na ɛwɔ sɛ ɛhyɛ yɛn den na ɛma yɛn ahobrɛaseɛ su. Ɛsan so yɛ ahiadeɛ kɛseɛ wɔ yɛn asuadea mu. Kwan bɛn so na yɛbɛdɔ ahyɛ Soro Agya ne Yesu Kristo anionyam a yɛnnnɔ na yɛnnhyɛ Wɔn abɔdeɛ anionyam?

Nneɛma ahodoɔ pii wɔhɔ a yɛbɛtumi ayɛ—ankorɛkorɛ ne abusua—de ayɛ ahwɛsofoɔ papa. Sɛ yɛhwɛ yɛn tebea a, obiara bɛtumi de asase so nneɛma a abu so ayɛ adwuma yie wɔ nyansa ne anidie mu. Yɛbɛtumi asɔ yɛn mpɔtam asin wɔ wɔn mmɔdemmɔ mu sɛ wɔbɛhwɛ asase no so. Yɛbɛtumi afa suban bi a ɛde anidie ma Onyankopɔn abɔdeɛ na ɛma baabi a yɛte di ni, yɛ fɛ, na ɛhyɛ nkuran.9

Yɛn ahwɛsodwuma wɔ Onyankopɔn abɔdeɛ so no, ɛka ho, ɛdimu akotene, asodie kronkron sɛ yɛbɛdɔ, abu, na yɛahwɛ nnipa nyinaa a yɛne wɔn te asase so. Wɔyɛ Onyankopɔn mma mmaa ne mmarima, yɛnuanom mmaa ne mmarima, na wɔn daapem anigyeɛ ne abɔdeɛ botaeɛ.

Ɔtwerɛfoɔ Antoine de Saint-Exupery kaa deɛ ɛdidi so yi: Da korɔ bi, berɛ a na ɔeretu kwan wɔ keteke mu, ɔhunuu sɛ ɔte ananafoɔ bi ntam. Ɔhunuu sɛ anidasoɔ biara nni wɔn mu titiri abofra baako anim no, ɔteaam, “Sɛ ɛnam ahodane mu na nhwiren foforɔ ba trom bi mu a, akuafoɔ no nyinaa di ahurusie. Wɔyi nhwiren no si nkyɛn, hwɛ so yie. Nanso yɛnni nnipa akuayɔ wɔ hɔ.”10

Anuanom mmaa ne mmarima, ɛnni sɛ yɛyɛ akuafoɔ ma yɛnuanom mmaa ne mmarima anaa? Yɛnnyɛ yɛnuanom so ahwɛfoɔ anaa? Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛndɔ yɛnuanom sɛ yɛn ho.11 Firi N’anum, asɛm yɔnkoɔ nkyerɛ kɛkɛ sɛ deɛ ɔte bɛn wo; ɛkyerɛ deɛ akoma no bɛn no. Ɛfa obiara a ɔte asase yi so ho—ɛmfa ho sɛ wɔte bɛn yɛn anaa wɔwɔ akyire ɔman foforɔ mu, ɛmfa ho baabi a wɔfiri, abusua anaa tebea a wɔwɔ mu.

Sɛyɛyɛ Kristo akyidifoɔ yi, yɛwɔ adwuma kronkron sɛ yɛyɛ adwuma a yɛmmerɛ ma asomdwoeɛ ne papa ba amanaman wɔ asase yi so. Ɛwɔ sɛ yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara na yɛde asomdwoeɛ ne ahomee ma wɔn a wɔayɛ mrɛ, ahiafoɔ, ne wɔn a wɔwɔ ɔyaa mu anaa wɔwɔ ɔhyɛ mu. Deɛ ɛboro ne nyinaa so, ɔdɔ akyɛdeɛ kɛseɛ a yɛbɛtumi de ama afoforɔ ne sɛ yɛne wɔn bɛkyɛ anigyeɛ a ɛwɔ asɛmpa no mu na yɛato nsa afrɛ wɔmfa apam ne ayɛdeɛ kronkron so mmra Agyenkwa no hɔ

Nyinasosɛm a ɛtɔ so miɛnsa: wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛntua abodeɛ dwuma no so.

Abɔdeɛ kronkron adwuma no nwieiɛ. Dabiara da, Onyankopɔn abodeɛ kɔ so nyini, terɛ, na ɛdɔre. Anwanwadeɛ baako ne sɛ yɛn Soro Agya to nsa frɛ yɛn sɛ yɛntoa N’abodeɛ so.

Yɛyɛ abɔdeɛ adwuma no bi berɛ biara a yɛbɛdua biribi wɔ asase mu anaa yɛbɛsi biribi wɔ wiase yi mu—berɛ a yɛde nnidie ma Onyankopɔn abɔdeɛ. Yɛafam deɛ tumi da adi wɔ mfoni yɛmu, dansie mu, nnwom, anwenensɛm, Yɛsan so boa wɔ abodeɛ nhwehwɛ mu ne ayarehwɛ nhwehwɛ mu a ɛboa asase none nkwa a ɛwɔ so. Titenani Thomas S. Monson bɔɔ saa nsɛm fɛfɛ yi tɔfa: “Onyankopɔn gyaa wiase a wiasea wannwie maa nnipa sɛ ɔmfa ne nimdeɛ nyɛ ho adwuma sɛdeɛ nnipa bɛhunu dɛ ne anionyam a ɛwɔ abɔdeɛ dwuma.”12

Wɔ Yesu adomakyɛdeɛ abɛbuo mu no, berɛ a owura no firii akwantuo mu baaɛ, ɔyii ayɛ bɔɔ asomfoɔ mmienu a wɔde wɔn adom yɛɛ adwuma ma ɛnyini yɛɛ kɛseɛ no. Wɔ abirabɔ mu no, ɔfrɛɛ ɔsomfoɔ na ɔde nakyɛdeɛ hyɛɛ fam no sɛ “mfasoɔ nni ne so,” na ɔgyee deɛ ɔde maa no no.13

Ntotoho mu no, yɛadwuma sɛ ahwɛsofoɔ wɔ asase so nyɛ sɛ yɛbɛhwɛ so kɛkɛ. Awurade hwɛ anim sɛ yɛbɛyɛ adwuma den, sɛdeɛ Honhom Kronkron no bɛkyerɛ yɛn, ma yɛanyini, na yɛatu mpɔn wɔ nneɛma a Ɔde ahyɛ yɛn nsa--ɛnnyɛ yɛn nko ara mfasoɔ nanso ɛbɛhyira afoforɔ.

Wɔ nnipa adeyɛ mu no, biribiara nni hɔ a ɛne suahunu sɛ wobɛyɛ ɔbɔadeɛni ka Onyankopɔn ho wɔ nkwa ma mu anaa woreboa abofra bi adesua mu, ma n’anyini, na watenase—sɛ awofoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, akannifoɔ, anaa wɔ kwan foforɔ biara so. Ahwɛsodwuma biara nni hɔ a ɛyɛ kronkron, hyɛma, na ɛyɛ den kyɛn sɛ wo ne Ɔbɔadeɛ no bɛka abom ayɛ honam ama Ne honhom mma na afei waboa wɔn ma wɔn aduru wɔn hyɛberɛ kronkron.

Asodie a ɛwɔ adeɛbɔ ho yɛ daa nkaeɛ sɛ nkwa ne nipadua biara yɛ kronkron, na ɛwɔ Onyankopɔn pɛ, na wayɛ yɛn bammɔfoɔ, sɛ yɛmmu, na yɛnhwɛ so. Onyankopɔn mmeransɛm, a ɛfa awoɔ tumi ho na ɛkyekyerɛ mmusua a ɛnniawieɛ, bua yɛn wɔ saa hwɛfoɔdwumadie kronkron yi mu, a ɛyɛ titiri wɔ Ne nhyehyɛɛ mu.

Menuanom mmaa ne mmarima, moma yɛn hunu sɛ ne nyinaa yɛ honhom ma Awurade—honam mu nneɛma wɔ abrabɔ mu ka ho. Medi adanseɛ sɛ honhom mu nhyira akɛseɛ bɔhyɛ wɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ na wɔhwɛ asase ne wɔnuanom mmaa ne mmarima. Berɛ a wogyina nokorɛ mu sɛ hwɛsofoɔ kronkron na wodi wo ɛnniawieɛ apam so no, wobɛnyini wɔ Onyankopɔn ne Ne Ba, Yesu Kristo nimdeɛ mu, na wobɛte wɔn dɔ ne Wɔn nkɛntɛnsoɔ wɔ w’abrabɔ mu mmorosoɔ. Yei nyinaa bɛsiesie wo ma wo ne Wɔn atena na wo anya abɔdeɛ tumi dodoɔ14 wɔ wiase foforɔ no mu.

Wɔ honam mu asetena yi awieɛ no, Owura no bɛbisa sɛ yɛmmu akonta sɛ ahwɛsofoɔ kronkron, na yɛnkyerɛ sɛdeɛ yɛhwɛɛ N’abɔdeɛ so. Mebɔ mpaeɛ sɛ afei yɛbɛte Ne dɔ nsɛm wɔ yɛakoma mu: “mo ne yɔ, akoa pa nokorɛfoɔ: wadi nokorɛ wɔ nneɛma nketewa yi mu, Mɛyɛ wo hwɛfoɔ wɔ nneɛma pii so: wura Awurade anigyeɛ mu.”15 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Asase ne nneɛma a ɛwɔ so nyinaa (agye sɛ Adam ne Hawa pɛ) Yesu Kristo nam Agya no akwankyerɛ so na Ɔbɔɔɛ; Adam ne Hawa, yɛn awofoɔ a wɔdi kan no, Onyankopɔn Agya no na Ɔbɔɔ wɔn (hwɛ Yohane 1:1–3; Mose 2:1, 26–27).

  2. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:18.

  3. Hwɛ Spencer W. Kimball, “Welfare Services: The Gospel in Action,” Ensign, Obubuo 1977, 76–79.

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 104:14.

  5. Hwɛ Spencer W. Kimball, “Welfare Services,” 76–79.

  6. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 104:13.

  7. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:20.

  8. Russell M. Nelson, “The Creation,” Laehona, Kutawonsa 2000, 104.

  9. Hwɛ Gospel Topics, “Environmental Stewardship and Conservation,” topics.ChurchofJesusChrist.org.

  10. Antoine de Saint-Exupéry, Terre des Hommes (1939), 214; see also Wind, Sand and Stars (1939) in Airman’s Odyssey (1984), 206.

  11. Hwɛ Mark 12:31.

  12. Thomas S. Monson, “In Search of an Abundant Life,” Tambuli, Ɔsanaa 1988, 3.

  13. Hwɛ Mateo 25:14–30.

  14. Hwɛ David A. Bednar and Susan K. Bednar, “Moral Purity” (Brigham Young University–Idaho devotional, Ɔpɛpɔn 7, 2003), byui.edu.

  15. Mateo 25:21.