Amansan Nhyiamu
Osuaniyɛ A Ɛtena Hɔ Daa
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Osuaniyɛ a Ɛtena Hɔ Daa

Yɛbɛtumi anya honhom mu ahotosoɔ ne asomdwoeɛ berɛ a yɛtete suban kronkron ne tenenee nhyehyɛeɛ ahodoɔ a ɛbɛtumi akura yɛn gyidie ogya no mu na ama ayɛ hye no.

Wɔ saa ahuhuroberɛ a atwam yi mu, yɛn mmabunu boro 200,000 a wɔwɔ wiase nyinaa nyinii wɔ gyidie mu wɔ De ma Mmabunu Ahoɔden, anaasɛ FSY, nhyiamu ahodoɔ a ɛkɔɔ so nnawɔtwe baako no aha pii no baako mu. Yɛreba afiri ɔyaredɔm a wɔate wɔn ho mu no, wɔ nnipa pii fam no na ɛyɛ Awurade mu gyidie adeyɛ sɛ wɔbɛkɔ bi mpo. Ɛte sɛ nea mmeranteɛ a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu no mu pii di ɔkwan a ɛte saa ara a ɛkɔ soro akyi kɔ nsakraeɛ a emu dɔ mu. Wɔ wɔn nnawɔtwe no awieeɛ no, na m’ani gye ho sɛ mebisa sɛ, “Ɛkɔɔ sɛn?”

Ɛtɔ mmerɛ bi a na wɔka biribi te sɛ sei: “Wiɛ, Ɛdwoada no me bo fuu me maame kɛse ɛfiri sɛ ɔyɛ maa mebaae bɛyɛɛyei. Na na minnim obiara. Na na mannsusu sɛ ɛyɛ me dea. Na anka merennya nnamfoɔ biara. Nanso seesei yɛ Fiada, na mepɛ sɛ metena ha ara kwa. Mepɛ sɛ mete Honhom no nka wɔ m’abrabɔ mu kɛkɛ. Mepɛ sɛ metena ase saa.”

Wɔn mu biara wɔ n’ankasa nsɛm a wɔbɛka afa mmerɛ a emu da hɔ ne honhom mu akyɛdeɛ a ɛhohoro wɔn mu na ɛde wɔn fa saa nkɔsoɔ kwan no ho. Me nso saa ahuhuro berɛ FSY yi sesaa sɛnea mahu sɛ Onyankopɔn Honhom no rebua nnipakuo nkumaa yi a wɔn mu biara nyaa akokoɔduro de ne ho too No so naawɔtwe baako wɔ Ne sie mu no ankorankorɛ koma mu tenenee akɔnnɔ ahodoɔ ho dwuma a onnyae.

Te sɛ dadeɛ a ɛhyerɛn a ɛyɛ hye wɔ po so no, yɛte tebea a ɛyɛ honhom mu nneɛma a ɛporɔ mu a ɛsɛ sɛ wɔde adwene kɔ so kura gyidie ahodoɔ a ɛhyerɛn sene biara no mu anaasɛ ɛbɛtumi akyɛre, afei asɛe, na afei abubu.

Nneɛma Ahodoɔ bɛn na Yɛbetumi Ayɛ De Akura Yɛn Gyidie Ogya no Mu?

Osuahunu ahodoɔ te sɛ FSY nhyiamu ahodoɔ, nsraban ahodoɔ, sakrament nhyiamu ahodoɔ, ne asɛmpatrɛfoɔ bɛtumi aboa ma yɛahyerɛn yɛn adansedie ahodoɔ, de yɛn afa nkɔsoɔ ne honhom mu adehunu mu akɔ mmeaeɛ a asomdwoeɛ kakra wɔ. nanso deɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi atena hɔ na yɛakɔ so ayɛ saa “pre kɔ ɛkan gyina pintinn wɔ Kristo mu” (2 Nifae 31:20) sen sɛ wobɛhwe ase akɔ akyiri? Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ saa nneɛma a ɛde yɛn baa hɔ wɔ nea ɛdi kan no mu, te sɛ mpaeɛ a yɛtaa bɔ, twerɛsɛm a yɛde hyɛ yɛn ho so, ne nokwaredie mu som.

Yɛn mu binom deɛ, ɛbɛtumi ahwehwɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto Awurade so mpo sɛ yɛbɛkɔ adidikronkron nhyiamu a. Nanso berɛ a yɛaduru hɔ no, Awurade adidi no ayaresa nkɛntɛnsoɔ, asɛmpa nnyinasosɛm a wɔde ahyɛ mu, ne Asɔre nnipakuo no nteteɛ no bɛtumi asoma yɛn akɔ fie wɔ beaeɛ a ɛkorɔn.

Ɛhe na Tumi a Ɛwɔ Nhyiamu a Wɔboaboa Ano Wɔ Ankorankoro Mu no firi ba?

Wɔ FSY no, yɛn mmabun 200,000 ne nea ɛboro saa bae sɛ wobɛhunu Agyenkwa no yie denam nsɛm a ɛnyɛ den a wode bɛdi dwuma no so a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛka abom wɔ baabi a wɔaboaboa wɔn mu baanu anaa nea ɛboro saa ano wɔ Ne din mu (hwɛ Mateo 18:20), de ne ho hyɛ asɛmpa no ne twerɛsɛm no mu, bom to nwom, bom bɔ mpaɛ, na yɛanya asomdwoeɛ wɔ Kristo mu. Yei yɛ tumi aduro ma honhom nyaneɛ.

Saa anuanom mmarima ne mmaa kuo a ɛwɔ akyirikyiri yi akɔ fie seesei akɔhwɛ nea ɛkyerɛ sɛ wɔbɛda so ara “wɔde wɔn ho ato Awurade so” (Mmebusɛm 3:5; 2022 Mmabunu Asɛmti) berɛ a wɔde wiase a ɛyɛ hu a ɛyɛ dede apetepete wɔn so no. Ɛyɛ adeɛ baako sɛ “wobetie No” . (Joseph Smith —Abakɔsɛm 1:17) wɔ beaɛ a ɛhɔ yɛ dinn a wosusu nneɛma ho a twerɛnsɛm a wɔabue mu kɛseɛ wom. Nanso ɛyɛ adeɛ foforɔ koraa sɛ yɛde yɛn asuafoyɛ bɛkɔ saa nneɛma a ɛtwetwe adwene a ɛyɛ hu yi mu baabi a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ “yɛtie No” denam yɛn ho a yɛdwene ne ahotɔsoɔ a ɛrehinhim no mu mpo so. Momma akyinnye biara ma mo so: ɛyɛ abrane nneɛma ankasa a yɛn mmabunu da no adi berɛ a wɔde wɔn koma ne wɔn adwene si hɔ sɛ wobɛgyina hɔ tee atia yɛn berɛ yi mu abrabɔ pa ho nhyehyɛe a ɛresakyera no.

Deɛn na Mmusua Bɛtumi Ayɛ wɔ Fie de Anyini wɔ Nkɔsoɔ a Wɔyɛ wɔ Asɔre Dwumadie mu?

Berɛ bi mesomm sɛ okunu maa stake mmabunu titenani no. Anadwo bi wɔhyɛɛ me adwuma sɛ menhyehyɛ kukisi wɔ abrannaa no so berɛ a na me yere reyɛ ogya ho adwuma wɔ asɔredan no mu ama awofoɔ ne wɔn mma mmaa a wɔresiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkɔ Mmabun nsraban naawɔtwe a ɛdi hɔ no. Wɔkyerɛkyerɛɛ baabi a ɛsɛ sɛ wokɔ ne nea ɛsɛ sɛ wode ba no mu wieeɛ no, ɔkae sɛ, “Afei, Benada anɔpa sɛ wode wo mmaayewa a wɔn ho yɛ fɛ no kɔ bus mu a, woyɛ wɔn atuu dendeeden. Na wofe wɔn ano de kra—efisɛ wɔrensan mma bio.”

Me tee sɛ obi regye ahome, afei mehunuu sɛ ɛyɛ me. “Wɔnnsan mma bio?”

Na afei ɔtoaa so sɛ: “Sɛ wogyae saa Benada anɔpa mmabaa no a, wɔbɛgyae nneɛma nketenkete a ɛtwetwe adwene no na wɔabom adi nnawɔtwe baako asua na wɔanyinyin na wɔde wɔn ho ato Awurade so. Yɛbɛbom abɔ mpaeɛ na yɛato dwom na yɛnoa aduane na yɛabom asom na yɛabom akyɛ adansedie na yɛayɛ nneɛma a ɛma yɛn kwan ma yɛte Ɔsoro Agya Honhom nka, nnawɔtwe nyinaa, kɔsi sɛ ɛbɛnonom wɔ yɛn nnompe mu nyinaa. Na wɔ Memeneda no, saa mmaayewa no a wuhunu sɛ wɔresiane afiri saa bɔɔso no mu nyɛ wɔn a wosii wɔn fam Benada no. Wɔbɛyɛ abɔdeɛ foforɔ. Na sɛ woboa wɔn ma wɔkɔ so fa saa kwan no so a ɛkorɔn no so a, ɛbɛyɛ wo nwanwa. Wɔbɛkɔ so asesa na wɔanyini. Na saa ara na w’abusua nso bɛyɛ.”

Saa Memeneda no, na ɛte sɛ nea ɔhyɛɛ nkɔm no ara pɛ. Berɛ a na merehyehyɛ ntamadan no, metee me yere nne wɔ agoprama ketewa a nnua ayɛ so ma a mmaayewa no ahyiamu ansa na wɔde wɔn ani rekyerɛ fie. Metee sɛ ɔreka sɛ, “Oo, ɛhɔ na wowɔ. Yɛahwehwɛ wo nnawɔtwe mu no nyinaa. Yɛn Memeneda mmaayewa no.”

Sion mmabunu a wɔyɛ den no retu kwan wɔ mmere a ɛyɛ nwanwa mu. Hwehwɛ anigyeɛ wiase a wɔahyɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛha a ɛrenyɛ ne fa yi firi saa wiase no, a n’ani afura wɔ kronkronyɛ ho no ne wɔn soboɔ titire. Ɛkame ayɛ sɛ G. K. Chesterton kasae te sɛ nea ohunu saa hɔhoɔ yi sɛ nr’adwene wɔ fie dodo na Asɔre no boa berɛ a ɔkaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛte amansan no nka prɛko pɛ sɛ ogre abankɛse, sɛ wɔbɛto ahyɛ yɛn so, na nanso sɛ yɛn ankasa dan ketewa, a yɛkɔ mu bɛumi asan aba anwummerɛ” (Orthodoxy 1909], 130).

Aseda ne sɛ, enhia sɛ wɔn nkutoo na wofiri adi kɔ ɔko. Wɔwɔ wɔn ho wɔn ho. Na wɔwɔ wo. Na wɔdi nkɔmhyɛni a ɔte ase akyi, Titenani Russell M. Nelson, a ɔyɛ ɔdehununi a ɔwɔ nim no di anim wɔ dawurubɔ mu sɛ mmɔdenmmɔ kɛseɛ a ɔwɔ mmerɛ yi mu —Israel anoboaboa no —bɛyɛ kɛseɛ na ɔyɛ kɛseɛ (hwɛ “Anidaso a ɛwɔ Israel ho” [wiase nyinaa mmabunu ahofama, Ayɛwohomumɔ 3, 2018], HopeofIsrael.ChurchofJesusChrist.org).

Saa awɔ berɛ yi mu no, na me ne me yere Kalleen resesa wiemhyɛn wɔ Amsterdam baabi a, mfeɛ pii a atwam no, na meyɛ ɔsɛmpatrɛfoɔ foforɔ no. Berɛ a mede abosome bebree repere sɛ mɛsua Dutch kasa akyi no, na yɛn KLM wiemhyɛn no resi fam, na wiemhyɛn hweɛsofoɔ no de dawurubɔ bi a nteaseɛ no yɛ den fa PA nhyehyɛe no ho too dwa. Berɛ a meyɛɛ komm berɛ tiaa bi akyi no, me hokafoɔ no bɔɔ n’ano sɛ, “Mesusu sɛ na ɛno yɛ Dutch kasa.” Yɛhwɛɛ soro, na yɛkenkan yɛn ho yɛn ho adwene: “Ne nyinaa ayera.”

Mmom biribiara nyeraae. Berɛ a na me ho dwiri me wɔ gyidie ahuruhuru a na yɛfaa saa berɛ no berɛ a yɛnam saa wiemhyɛn gyinabea yi so wɔ yɛn kwan so rekɔ anwanwadeɛ ahodoɔ a ɛbɛtɔ yɛn so sɛ asɛmpatrɛfoɔ no, ɔsɛmpatrɛni bi a ɔte ase a ɔrehome a na ɔreforo hyɛn no san de me baa mprempren mpofirim wiemhyɛn a wɔde kɔ fie. Ɔdaa ne ho adi na obisaa sɛ, “Titenani Lund, deɛn na mɛnyɛ seesei? Deɛn na mɛyɛ na ama makɔ so ayɛ den?”

Wiɛ yei ne asɛmbisa korɔ no a ɛwɔ yɛn mmabunu adwene mu berɛ a wɔfiri FSY nhyiamu ase, mmabunu nsraban, temple akwantuo ne berɛ biara a wɔbɛte ɔsoro tumi nka: “Sɛn na Onyankopɔn dɔ no bɛtumi adane asuafoɔyɛ a ɛtena hɔ daa?”

Metee ɔdɔ a ɛrehuruhuru nka maa saa asɛmpatrɛfoɔ yi a ɔresom n’asɛmpatrɛ nnɔnhwere a ɛtwa toɔ no, na wɔ saa Honhom no kommyɛ berɛ tiaa bi no mu no, metee sɛ me nne repopo berɛ a mekaa tiawa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wohyɛ badge no na wode Ne din ato so.”

Na mepɛ sɛ mede me nsa to ne mmatiri so na meka sɛ, “Nea woyɛ ni. Kɔ fie, na yɛ yei. Woyɛ papa araa ma ɛkame ayɛ sɛ wohyerɛn wɔ sum mu. W’asɛmpatrɛ nteɛsoɔ ne afɔrebɔ ahodoɔ no ama woayɛ Onyankopɔn ba kɛse. Kɔ so yɛ nea ayɛ adwuma kɛseɛ ama wo wɔ ha no wɔ fie. Woasua mpaebɔ ne nea wobɔ mpaɛ ne kasa a wɔbɔ mpaɛ. Woasua Nensɛm na woaba abɛdɔ Agyenkwa no denam mmɔden a wobɔ sɛ wobɛyɛ sɛ Ɔno no so. Moadɔ Ɔsoro Agya sɛ nea Ɔdɔɔ Ɔsoro Agya, asom afoforɔ sɛ nea Ɔsom afoforɔ, na moabɔ mmrasɛm no abrabɔ te sɛ Ɔbɔɔ abrabɔ no—na berɛ a woannyɛ a, moanu mo ho. Wo suaniyɛ nyɛ asɛm bi a ɛwɔ T-Hyɛte mu kɛkɛ—abɛyɛ w’asetena a wode tirimpɔ tenaa ase maa afoforɔ. Enti kɔ fie, na kɔyɛ saa. Yɛ saa. Fa saa honhom fam ahoɔden yi kɔ w’asetra a aka nyinaa mu.”

menim sɛ ɛnam Awurade Yesu Kristo ne N’apam kwan so a yɛde yɛn ho bɛto so no, yɛbɛtumi anya honhom mu ahotosoɔ ne asomdwoeɛ berɛ a yɛtete suban kronkron ne tenenee nneyɛeɛ a ɛbɛtumi akura yɛn gyidie gya no mu na ama yɛahyew no. Ma yɛn mu biara mmɛn saa ogya a ɛrehye no kɛse na, nea ɛbɛba biara no, ɛbɛtena hɔ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.