Amansan Nhyiamu
Akoma mu nyinaa
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Akoma mu nyinaa

Ɛwɔ sɛ yɛyɛ Yesu asuafoɔ a wɔwɔ anigyeɛ mu na yɛyi yɛn akoma mu nyinaa wɔ yɛn ankasa ankorankorɛ osuaniyɔ akwantuo yi mu.

Ɛtɔ da a, ɛboa sɛ wobɛhwɛ deɛ wobɛhunu no kwan.

Ɛbɛnee Ne som adwuma awieɛ no, Yesu kakyerɛɛ N’asomafoɔ no sɛ mmerɛ a ɛmu yɛ den bɛba. Nanso ɔsan kaa sɛ,“Monhwɛ sɛ ɛrenha mo.”1 Aane, Ɔbɛkɔ, nanso Ɛrennya wɔn ma ɛnka wɔnko ara. 2 Ɔbɛsoma Ne Honhom akɔboa wɔn ma wɔakae, agyina pintinn, na wɔanya asomdwoeɛ. Agyenkwa no hyɛ Ne bɔhyɛ sɛ ɔbɛka yɛn, N’asuafoɔ no ho, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ No daa sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛahunu na yɛanya anigyeɛ wɔ N’anim.

Berɛ nyinaa, Kristo asuafoɔ ahyia mmerɛ a ɛmu yɛ den.

M’adamfo pa bi soma de asɛm dada bi firii Nebraska Advertisermu brɛɛ me, United States Atɔeɛfam mfinfini koowaa krataa bi, a wɔtwerɛɛ no Kutawonsa 9, 1857. na ɛkenkan sɛ: “Anɔpa yi anɔpatutuutu Mormonfoɔ kuo bi twaam wɔ wɔn akwantuo a wɔrekɔ Salt Lake no mu. Mmaa (nokorɛ mu wɔnyɛ mmrɛ saa) retwe twitwiridie te sɛ mmoa, [ɔbaa] baako hwee ase wɔ saa atɛkyɛ tuntum yi mu, a ɛmaa santene no gyinaa kakra, na nkwadaa nketewa nante di mu wɔ wɔn amanfrafoɔ ntaadeɛ [nwanwa] mu a wɔayeyɛ pintinn sɛ wɔn maamenom.”3

M’adwene pii afa saa ɔbaa a atɛkyɛ adura no yi ho. Adɛn na ɔno ko ara na ɔretwe? Ɔyɛ maame ɔhokwafoɔ? Deɛn na ɛmaa ne mu ahoɔden, akokoɔduro, animia maa ɔyɛɛ saa ateetee akwantuo yi faa atɛkyɛ mu, twee nagyapadeɛ nyinaa wɔ teaseɛnam kumaa mu kɔɔ anweatam fie bi a obi nnim—na ɛtɔ da a, di asɛmpɛfoɔ tweetwee wɔn?4

Otitenani Joseph F. Smith kasa faa saa adikanfoɔ maa yi mu ahoɔden, ka sɛ: “Wobɛtumi adane saa mmaa yi mu baako afiri wɔn gyedie a ɛso mu wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu? Wobɛtumi de esum ato wɔn adwene so afa Nkɔmhyɛni Joseph Smith asɛmpatrɛ adwuma ho? Wobɛtumi de atoto Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no asɛmpatrɛ adwuma kronkron no ho de afira wɔn ani? Dabi, worentumi ɛnyɛ da wɔ wiase yi mu. Adɛn nti? Ɛfiri sɛ wɔnim. Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ wɔn, na wɔtee aseɛ, na tumi biara nni asase yi so a ɛbɛtumi adane wɔn afiri deɛ wɔnim sɛ ɛyɛ saa nokorɛ no.”5

Anuanom mmarima ne mmaa, mobɛyɛ saa mmarima ne mmaa yi yɛ yɛn da yi ɔfrɛ—asuafoɔ a wɔtu kɔ bunu mu kɔ nya ahoɔden kɔ so twe berɛ a wɔfrɛ yɛn sɛ yɛnante mfa ɛserɛ so, asuafoɔ a wɔwɔ gyedie a ɛso a Onyankopɔn na ayi akyerɛ yɛn, Yesu akyidifoɔ a akoma mu nyinaa yɛn ani gye wɔ yɛn ankasa akwantuo mu sɛ asuafoɔ. Sɛ Yesu Kristo asuafoɔ yi, yɛgye di na yɛbɛtumi anyini wɔ nokorɛ mmiɛnsa titiriw mu.

Ɛdi kan, Yɛbɛtumi Adi Yɛn Apam so, Mpo Sɛ Ɛnyɛ Mmerɛ.

Sɛ mo gyedie, mo abusua, anaa mo daakye nya ɔhaw—Sɛ wodwene deɛ enti a asetena ayɛ den yie yi berɛ a woreyɛ deɛ wobɛtumi biara de asɛmpa no abɔ bra a—kae sɛ Awurade kakyerɛɛ yɛn sɛ yɛnhwɛ ɔhaw anim kwan. Ɔhaw yɛ nhyehyɛeɛ no fa na ɛnkyerɛ sɛ wɔagya wo asi hɔ, ɛyɛ deɛ ɛkyerɛ sɛ woyɛ Ne dea no mu fa.6 Akyire yi nyinaa, na Ɔyɛ awerɛhoɔ nnipa a ɔnim anibereɛ.”7

Meresua sɛ Ɔsoro Agya ani ku me nyini sɛ Yesu Kristo suani kyɛn sɛ Ɔteɛ wɔ ma hotɔ ho. Merempɛ sɛ ɛbɛyɛ saa berɛ biara—nanso ɛte saa!

Wotena anigyeɛ mu mmfa tumi mma. Tumi a yɛhia de bɛgyina yɛn da yi hyew ano yɛ Awurade tumi, na Ne tumi no sene fa apam a yɛne no kɔ no mu.8 Yɛde yɛn gyedie retwere mu berɛ a yɛgyina ahum denden ano—apere nokorɛ mu dabiara ayɛ deɛ yɛne Agyenkwa no kɔɔ apam sɛ yɛbɛ , mpo ne nkanka sɛ yɛabrɛ, yɛn ani nnye, ne ɔhaw nsɛmmisa ne nsɛm reko—yɛ deɛ woregye Ne hann, N’ahoɔden, Ne dɔ, Ne Honhom, N’asomdwoeɛ.

Botaeɛ nti a worenante apam kwan so no ne sɛ wobɛbɛn Agyenkwa no. Ɔno ne botaeɛ no, ɛnyɛ yɛn kan kɔ pɛyɛ. Ɛnyɛ ammirikatuo bi, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn akwantuo toto afoforɔ deɛ ho. Mpo sɛ yɛsunti a, Ɔwɔ hɔ.

Ɛtɔ so Mmienu, Yɛbɛtumi Adi Dwuma Gyedie mu.

Sɛ Yesu Kristo asuafoɔ yi, yɛte aseɛ sɛ gyedie wɔ Ne mu hia nnwuma—nkanka wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu.9

Mfeɛ bebree nie, m’awofoɔ dwenee ho sɛ wɔbɛsesa efie fam nkatadeɛ no. Anadwo ansa na fam nkatadeɛ no reba no, me maame kakyerɛɛ me nuanom mmarima no sɛ wɔnyiyi nkonnwa na wɔntete dan a wɔda mu biara fam nkatadeɛ ama wɔatumi asɛ fam nkatadeɛ foforɔ no. Na me nuabaa Emily, a saa berɛ no wadi mfeɛ nson ada dada. Ɛno nti, wada no, wɔyɛɛ bɔkɔɔ yiyii ne dan mu nkonnwa no, gye sɛ mpa no, na wɔtee fam nkatadeɛ no firii hɔ. Ɔyɛ, sɛdeɛ ɛtɔ da a nuammarima mpanimfoɔ yɛ no, wɔsusuu sɛ wɔbɛtwe nkɔkɔdɛsɛm. Wɔyiyii ne nneɛma a aka no firii dan no mu ne ban no ho, gyaa dan no mu kwawee. Afei wɔtwerɛɛ krataa de taree dan no ho: “Ɔdɔfoɔ Emily, yɛatu. Yɛbɛtwerɛ wo nna kakra bi mu aka baabi a yɛwɔ. Ɔdɔ, w’abusua.”

Adeɛkyee anɔpa a Emily ammɛdi anɔpa aduane no, me nuammarima no kɔhwehwɛɛ no—ɔno nie, ɔno nko ara de awerɛhoɔ hyɛ ɔpono a yɛato mu akyi. Akyire yi Emily dwenee saa abasɛm yi ho sɛ: “Ɛbubuu me. Mmom sɛ mebuee ɔpono no kwa a anka deɛn na ɛbɛsi? Anka mɛte deɛn? Anka mɛte ehwa bɛn? Anka mɛhunu sɛ ɛnkaa me nko ara. Anka mɛhunu sɛ ampa wɔdɔ me. Adwene no annsi me tirim mpo sɛ ɛwɔ sɛ meyɛ biribi fa me tebea no ho. Megyaee mu kwa na metenaa me dan no mu suui. Nanso anka ɛno ara ne sɛ mebuee ɔpono no.”10

Me nuabaa no yɛɛ adwenkyerɛ a ɛgyinaa deɛ ɔhunuui so, nanso na ɛnyɛ adwene a ɛfa kwan a nneɛma teɛ ankasa. Ɛnyɛ anigyesɛm sɛ yɛn, te sɛ Emily, bɛtumi ama awerɛhoɔ, anaa yaw, anaa abasamtuo, anaa ɔhaw, anaa ankonamyɛ, anaa abufuo, anaa basaayɛ ahyɛ yɛn so sɛ mpo, ɛnnka yɛn mma yɛnyɛ biribi, sɛ yɛbue ɔpono, de gyedie di dwuma wɔ Yesu Kristo mu?

Mmarima ne mmaa nhwɛsoɔ ahyɛ twerɛsɛm no ma, Kristo asuafoɔ, a, berɛ wɔhyiaa deɛ ɛyɛ den sɛ ɛsie no, dii dwuma kwa—a wɔde gyedie sɔreeɛ na wɔnanteeɛ.11

Ɛkyerɛ akwatafoɔ a wɔhwehwɛɛ ayaresa no, Kristo kaa sɛ: “Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ. Na ɛbaa sɛ, berɛ a wɔrekɔ no, wɔn ho firiiɛ.”12

Wɔkɔɔe de wɔn ho kɔkyerɛɛ asɔfoɔ no te sɛ deɛ wɔanya ayaresa dada, na wɔnam kwan so redi dwuma no, wɔnyaae.

Mepɛ sɛ meka sɛ, adwene a ɛsɛ sɛ wodi dwuma wɔ wo yaw a wote nka no yɛ den a, mesrɛ ma wo nneyɛɛ mfrɛ mmoa—mfiri adamfoɔ, busuani, Asɔre kandifoɔ bi, adwuma mu nimdefoɔ bi. Yei bɛtumi ayɛ anidasoɔ mu anammɔn a ɛdi kan.

Ɛtɔ so mmiɛnsa, Yɛbɛtumi Anya Akoma mu nyinaa ne Anigyeɛ wɔ Yɛn Ahofama mu13.

Sɛ mmerɛ a ɛmu yɛ den ba a, mebɔ mmɔden kae sɛ meyii sɛ mɛdi Kristo akyi ansa na mereba asase so na me gyedie, m’apomden, ne me boasetɔ mu nsɛm denden nyinaa yɛ deɛ nti a mewɔ ha no mu fa. Na nokorɛ mu ɛnsɛ sɛ medwene da sɛ ɛnnɛ yi sɔhwɛ frɛ asɛmmisa fa Onyankopɔn dɔ ma me ho anaa ɛbɛdane me gyedie wɔ Ne mu akɔ akyinnye mu. Sɔhwɛ nkyerɛ sɛ nhyehyɛeɛ no redi nkoguo; ɛyɛ nhyehyɛeɛ no fa a ɛreboa me ahwehwɛ Onyankopɔn. Meba bɛyɛ te sɛ Ɔno pa ara sɛ metintim aboterɛ mu, ne anidasoɔ mu, te sɛ Ɔno, wɔ yea mu a, mebɔ mpaeɛ anibere so pa ara.14

Na Yesu Kristo yɛ nhwɛsoɔ mapa ma sɛ Ɔde n’akoma nyinaa dɔ yɛn Agya—sɛ ɔreyɛ Ne pɛ, ɛmfa ho ne ne boɔ.15. Mepɛ sɛ medi Ne nhwɛsoɔ so berɛ a mereyɛ adekorɔ no bi.

Okunafoɔ a ɔtoo kaprɛba mmienu guu tɛmpol fotoɔ adaka mu no akoma mu nyinaa, ne kra mu nyinaa osuaniyɔ no hyɛ me nkuran. Ɔmaa deɛ ɔwɔ nyinaa.16

Yesu Kristo hunuu dodoɔ a ɔwɔ nyinaa berɛ a afoforɔ hunuu deɛ onni nko ara. Ɛno korɔ no ara yɛ nokorɛ ma yɛn mu biara. Ɔnhunu sɛ yɛnni bi no sɛ brɛguo, mmom sɛ akwanya de nyini na yɛkyerɛ gyedie.

Awieɛ

M’ayɔnkofoɔ Yesu Kristo asuafoɔ, mede m’akoma mu nyinaa yi sɛ mɛgyina Awurade nkyɛn. Meyi sɛ mɛgyina N’asomfoɔ a wayi wɔn no nkyɛn—Titenani Russell M. Nelson ne n’ayɔnkofoɔ Asomafoɔ no—ɛfiri sɛ wɔkasa ma no na wɔyɛ hwɛsofoɔ ma ayɛyɛdeɛ ne apam a ɛkyekyere me bɔ Agyenkwa no ho.

Sɛ mesunti a, mɛkɔso asɔre, de me ho ato adom ne Yesu Kristo tumi a ɛboa no so. Mɛtena m’apam a me ne no akɔ no mu na mede gyedie asua Onyankopɔn asɛm, ayɛ adwuma afa me nsɛmmisa mu, ne Sunsum Kronkron no mmoa, ɔno a megye n’akwankyerɛ di. Mɛyɛ nneɛma nketewa na ɛyɛ mmerɛ de ahwehwɛ Ne Honhom no dabiara.

Yei ne mesuaniyɔ kwan

Na kɔsi da no a deɛ ɛwuo dabiara pirakuro bɛnya ayaresa no, mɛtwɛn Awurade de me werɛ ahyɛ Ne mu—Ne berɛ, Ne nyansa, Ne nhyehyɛeɛ. .17

Yɛn nsa sosɔ yɛn mu no, mɛpɛ sɛ mɛgyina Ne nkyɛn afebɔɔ. Akoma mu nyinaa. Yɛhunu sɛ sɛ yɛde yɛn akoma nyinaa dɔ Yesu Kristo a, Ɔsan ma yɛn adeɛ nyinaa.18 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.