Amansan Nhyiamu
Akokoɔduru a Yɛde Paemuka Nokorɛ
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Akokoɔduru a Yɛde Paemuka Nokorɛ

Brɛko a yɛsua nokorɛ no, Awurade ma yɛn akwanya ma yɛyɛ nea anka Ɔbɛyɛ sɛ anka Ɔwɔ ha nnɛ a.

Ɛwɔ afe 1982, na merebɛwie me abɔdin krataa a ɛdikan wɔ asaasesɛm sua wɔ ntoasoɔ sukuu mu

Wɔ afe no awieɛ no, me sukuu yɔnkoɔ baako too nsa frɛɛ me wɔ nkɔmmɔdie mu. Mekae sɛ yɛ firii yɛn fɛfoɔ a wɔn wɔ yɛn gyinapɛn no hɔ kɔɔ beaeɛ bi a ɛbɛn agodibea hɔ. Berɛ a yɛduruu hɔ no, ɔkasa faa ne som a ɛyɛ kyerɛɛ me, na ɛnyɛ sɛ ɔde nwoma kyerɛɛ me na mom ɔmaa me nwoma no bi. Nokwasɛm, menkae nsɛm no nyinaa a ɔkaeɛ no, nanso mekae saa berɛ no paa ne atinka a me nyaeɛ berɛ a ɔkaasɛ “Mepɛsɛ medi adanseɛ sɛ saa nwoma yi yɛ nokorɛ, na wasane de Yesu Kristo nsɛmpa no aba bio.”

Yɛn nkɔmmɔdie akyiri no, me kɔɔ fie, na me hwehwɛ krataafa binom kakra wɔ nwoma no mu, na mede too pata so. Ɛsiane sɛ na yɛwɔ afe noawieeɛ nti, na ɛsane yɛ me mfie ɛtwa toɔ wɔ m’abɔdin adesua nti, m’ampɛ ammua nwoma no, anaa me gyinapɛn yɔnko no a ɔne me kyɛeɛ no. Wo bɛpɛ ahunu nwoma no din kaekae. Aaane, na ɛyɛ Mormon Nwoma no.

Abosome nnum akyi no, asɛmpatrɛfoɔ no baa me fie; na wɔn refiri adi wɔ berɛkorɔ a na mefri adwuma reba fie no. Me frɛɛ wɔn baa wɔn akyi. Yɛtenaa pato kumaa bi a ɛwɔ yɛn fie hɔ, na ɔkyerɛkyerɛɛ me.

Merehwehwɛ nokorɛ no, me bisaa wɔn asɔre bɛn na ɛyɛ nokorɛ no, na mɛyɛ dɛn na mahunu. Na asɛmpatrɛfoɔ no kyerɛɛ me sɛ mɛtumi anya anoyie ama me ho. Ɛwɔ ɔpɛ kɛseɛ ne pɛhunu nti, megye too me ho so sɛ mɛkenkan afa pii afiri Mormon Nwoma no. Mede akoma pa ne adwene paa bɔɔ mpaeɛ (Hwɛ Moronae 10:4–5). Na me mpaebɔ no anoyie yɛɛ pefee, na nna pii akyi no—ne yie mu no Kɔtɔnima 1, 1983—ɔbɔɔ me asu na ɔhyɛɛ me asɔreba wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ Hɔ Mma Nna A Edi Akyire Ahotefoɔ Mu.

Ɛnnɛ, sɛ me dwene abasɛm nhyehyeɛ a ɛsiiɛ a, Me hu no pefee hia a na ɛhia wɔ akokoɔduru a meyɔnko suanii no nyaaeɛ wɔ berɛ a ɔdii n’adanseɛ ɛfa nokorɛ no sanba ho no ɔtumi danee no adi adeɛ sononko a ɛrekyerɛ Yesu Kristo nsɛmpa a asane aba no, mpo Mormon Nwoma no. Saa adeɛ kakra no, nso ɛdi mu na ɛhia ma me, ɛyɛɛ nkabom too me ne asɛmpatrɛfoɔ ntam wɔ berɛ a mehyiaa wɔn no.

Ɔde nokorɛ no akyerɛ me, na m’asubɔ akyiri no me bɛyɛɛ Yesu Kristo Osuani. Na mfie ɛdi anim berɛ no, ne ne mmoa a menya firii nnipa sononkofoɔ te sɛ mpanimfoɔ akyerɛkyerɛfoɔ, nnamfoɔ, ne afei m’ankasa adesua, Mehunuu sɛ berɛ a mayɛ adwene sɛ mɛyɛ Yesu Kristo suani no, na m’agye ato mu sɛ nyɛsɛ mɛbɔ nokorɛ no ho ban nko ara, na mom mɛpaemu aka nso.

Sɛ yɛgye yo mu sɛ yɛbɛgye nokorɛ no adi a, yɛdi akyire, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ mmapa a, yɛngye abodin krataa a ɛredi adanseɛ sɛ yɛn nnyɛ mfomsoɔ, ne saa nti ɔnnya yɛn kasatia, ne saa nti ɔnnsɔ yɛn nhwɛ mma yɛn ntwe yɛnho mfiri nokorɛ kwan no ho, anaa mpo yɛn nnhyia amaneɛ. Nanso nokware no ho nimdeɛ kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛhyɛn ɔkwan teateaa ne teateaa a ɛde yɛn bɛsan akɔ Ɔsoro Agya anim no a, ɔkwan bi bɛba daa a yɛbɛfa so adwane saa ɔhaw ahodoɔ yi (hwɛ (hwɛ 1 Korintofoɔ 10:13); ɛbɛba bere nyinaa sɛ yebegye yɛn adwenem na ayɛ ho kyinyɛ ansa na yɛagye yɛn gyidie ho kyinyɛ (hwɛ Dieter F. Uchtdorf, “Come, Join with Us,” Liahona, Obubuo. 2013, 21); na awieɛ no, yɛwɔ awerɛhyɛmu sɛ yɛrennyɛ yɛn nko ara da berɛ a yɛfa amanehunu mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn kɔsra Ne nkurɔfoɔ wɔ wɔn amanehunu mfimfini (hwɛ Mosaya 24:14).

Brɛko a yɛsua nokorɛ no, Awurade ma yɛn akwanya ma yɛyɛ nea anka Ɔbɛyɛ sɛ anka Ɔwɔ ha nnɛ a. Nokware, Ɔkyerɛɛ yɛn wɔ Ne nkyerɛkyerɛ mu deɛ ɛwɔ sɛ yɛyɔ: “Na mo bɛfiri adi akɔ wɔ me Honhom tumi mu, ama mp nne so tesɛ totorobɛnto nnyegyeɛ de m’asɛm ato dwa tesɛ Onyankopɔn abɔfoɔ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42:6). Akwanya wɔ asɛmpatrɛ adwuma wɔ yɛn mmabunu no yɛ sononko!

Mesrɛ, mmeranteɛ, mma mo ntu mo asɛmpaka ahoboa sɛ mosom nhyɛ da. Berɛ a mohyia tebea a ɛbɛtumi ama mo gyinabea wɔ asɛmpatrɛ ho ayɛ deɛ ɛyɛ den—te sɛ deɛ ɛbɛsi w’adesua ho kwan mmerɛ, sɛ worekra wo adanfo ɔbaa wɔ aberɛ a wo ni nyinasoɔ sɛ wo ne ne bɛtena bio, anaa mpo woretwe wo ho afiri adwuma papabi ho—kae Agyenkwa no nhwɛsoɔ. Wɔ Ne som adwuma no mu no, Ɔno nso hyiaa ɔhaw ahodoɔ, a ɔkasatia, ɔtan, ne awieɛ koraa no ne mpata afɔreɛ no kuruwa a ɛyɛ nwononwono no ka ho Nanso tebea hodoɔ nyinaa mu no Ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛyɛ N’agya apɛdeɛ na wahyɛ no animuonyam (Hwɛ Yohane 5:30; 6:38–39; 3 Nifae 11:11; Nkyerɛkyerɛ ne Apams 19:18–19.)

Mmaayewa, yɛma mo akwaaba sɛ mo bɛyɛ adwuma wɔ Awurade bobeturom, na sɛ moyɛ adwene sɛ mo bɛsom No a, saa amaneɛ yei nyinaa nso ɔnyi mo totwene.

Ɛkɔ ma wɔn a wɔsi gyinae sɛ wɔbɛsom No nyinaa no, mehyɛ mo bɔ sɛ bosome 24 anaa 18 som adwuma no bɛtwam wɔ asɛmpatrɛ adwuma no mu sɛdeɛ sɛ motena fie a anka ɛbɛtwam no, nanso hokwan a ɛretwɛn Asɔre yi mu mmeranteɛ ne mmabaa a wɔfata no wɔ asɛmpatrɛ adwuma no mu no yɛ soronko. Akwanya soronko sɛ Agyenkwa Yesu Kristo no nsiananmu, w’abusua, ne Agyenkwa no Asɔre no yɛntumi nto ntwene. Yɛde yɛn ho rehyɛ mpaebɔ ahodoɔ, na yɛresiesie yɛn ho wɔ daadaa adansedie, ne mmerɛ pii twerɛsɛm sua, yɛhyia nipakuo pii a y’ansusu sɛ anka yɛbɛhyia no nyinaa yɛ suahunu a yɛntumi nkyerɛaseɛ. Saa suahunu pɛpɛɛpɛ na Awurade asiesie ama mmabunu a W’ato nsa afrɛ wɔn sɛ ɔmɛsom wɔ asɛmpatrɛ beaeɛ pii. Yɛma mo akwaaba na ɛhia paa. Mesrɛ, mo ntoto mo ase hia a ɛhia wɔ asɛmpatrɛ som mu, na asɛmpatrɛ som nso ma suahunu a ɛyɛ nwanwa. “Akra boɔ yɛ kɛse wɔ Onyankopɔn ani so” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:10), a wo kra bo a ɛsom ka ho.

Wɔ berɛ a w’awie wo som no, ebia na w’adamfo baa anaa barima no antumi antwɛn wo , nanso ɛbia na w’asua ɔkwan papa a yɛne obi fa yɔnkoɔ. Wo adesua gyinabea bɛtɔ asom yie wɔ deɛ w’ahunu afa ahoboa sononko wɔ adwuma beaeɛ, ne korakora no, wo bɛnya anidasoɔ kɛseɛ sɛ wowɔ akokoɔduru paemu kaa asomdwoeɛ asɛmpa, dii adanseɛ faa nokorɛ no a asane aba no.

Mo a mo awareɛ, na mo aduru mpɛnpɛnsoɔ bi wɔ abrabɔ mu no, mo ho hia wɔ Awurade adwuma mu Mo nsiesie mo ho. sɛ mo bɛnya honam ne honhom mu ahotosoɔ, ɛfirisɛ akwanya sɛdeɛ wobɛyɛ sɛdeɛ Awurade no bɛyɛ ama Ne mma nnihɔ ma nnipa kuo baako. Osuahu ahodoɔ a ɛyɛ anigyeɛ sen biara a me ne me yere anya wɔ nnansa yi mfie mu no aba berɛ a yɛresom awarefoɔ atitiriw nkyɛn, wɔ mmeaɛ titiriw, na yɛresom nnipa titiriw paa no.

Suahunu a menyaeɛ berɛ a mewiee asaase ho akwan abodin nwoma kyerɛɛ me sɛ aberɛ biara yɛbɔ nokorɛ ho ban no yɛ ntɔkɔsoɔ adeɛ. Nokorɛ ho banbɔ nni kwan sɛ ɛyɛ wɔ abufuo kwan so na mmom yɛde ɔpɛ turodoo dɔ, ɛkyɛ, na yato nsa afrɛ wɔn a yɛredi nokorɛ no ho adanseɛ akyerɛ no, yɛredwendwene honam ne honhom yiedie ma yɛn Soro Agya Dɔfoɔ (Hwɛ Mosaya 2:41

Wɔ Ahinime 2021, Amansan nhyiamu noRussell M. Nelson, yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ, kyerɛɛ sɛ deɛ ɛbɔ abira ma deɛ ebinom dwene, ampa ara deɛ yɛfrɛ no papa ne bɔne. Nokware a edi mu wɔ hɔ ankasa —nokware a ɛtena hɔ daa. (Hwɛ “Pure Truth, Pure Doctrine, and Pure Revelation,” Laehona, Obubuo. 2021, 6.)

Twerɛsɛm no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ na nokorɛ yɛ nimdeɛ a ɛkyerɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ, sɛdeɛ na ɛteɛ, ne sɛdeɛ ɛbɛyɛ.” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:24

Na nimdeɛ a yɛwɔ wɔ nokorɛ no mma yɛn nnkyɛn afoforɔ, na ɛkyerɛkyerɛ deɛ yɛn nyɛ a yɛbɛsan akɔ Awurade nkyɛn.

Sɛ yɛde akokoɔduru gyina pintinn wɔ Kristo mu a na ɛnyɛ sɛ yɛ paemuka nokorɛ nko na mmom yɛtena nokorɛ mu a, wo bɛnya awerɛkyekyerɛ ne asomdwoeɛ wɔ berɛ a yɛhyia akwanhyia wɔ yɛn nna yi mu.

Asetena mu nsɛnnennen betumi atu yɛn agu, nanso hunu sɛ sɛ yɛda Yesu Kristo mu gyidie adi a, “[yɛn] amanehunu bɛyɛ bere tiaa bi” .” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:7) wɔ daa nkwa kɛseɛ no mu . Mesrɛ, ma yɛn nntwa da nto hɔ mma yɛn amanehunu awieɛ. Na sɛ y’ampaaba a, yɛnhunu y’abrabɔ akwantuo awieɛ bɛyɛ wɔ Awurade ahenie mu.

Kura nokorɛ mu, adesua a ɛfiri nokorɛ fibea.

Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo mu sɛ yei yɛ N’asɔre Yɛwɔ nkɔmhyɛni a ɔte ase, na yɛho bɛtɔ yɛn sɛ yɛde akokoɔduro paemuka nokorɛ no a Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.