Amansan Nhyiamu
Ne Kɔnnua Yɛ Mmerɛ na N’Adesoa Yɛ Hare
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Ne Kɔnnua Yɛ Mmerɛ na N’Adesoa Yɛ Hare

Momma yɛnkae sɛ onipa biara a ɔwɔ asase yi so yɛ Onyankopɔn ba na ɔdɔ yɛn mu biara.

Wɔka abasɛm bi fa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Jack ho a na ɔwɔ ɔkraman dɔfoɔ bi a wɔfrɛ no Cassie a ɔyɛ ha wɔ nnomaa mu. Na Jack wɔ anigyeɛ ne abotɔyam ma Cassie a na ɔtaa de no hoahoa ne ho fa sɛdeɛ ɔkraman no nim nyansa. Jack too nsa frɛɛ nnamfoɔ binom sɛ wɔmmɛhwɛ Cassie deɛ ɔtumi yɛ. Akyire yi a wɔduruu ahayɔ fekuo bea hɔ no, Jack maa Cassie puee sɛ ɔntutu mmirika mfa hɔ berɛ a ɔkɔɔ ɛmu kɔtwerɛɛ ne din no.

Mmerɛ sooe sɛ wɔhyɛ aseɛ no, na Jack ho pere no sɛ Cassie kyerɛ nyansa nwanwasoɔ no. Nanso, na Cassie reyɛ nneyɛɛ nwanwa. Na ɔnni Jack ahyɛdeɛ so sɛdeɛ ɔde ne pɛ taa yɛ no. Deɛ ɔpɛsɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔtena ne nkyɛn.

Jack abamu buui na ɔfɛreeɛ ma ne bo fuu Cassie, ankyɛre na ɔsusu sɛ wɔmfiri hɔ. Cassie antumi anhuri antɔ teaseɛnam no mu, enti Jack de ahopereɛ pagyaa no piaa no hyɛɛ kraman dan no mu. Ne bo huruu so kwan so nyinaa berɛ a wɔn a wɔka ne ho no dii ne kraman no nneyɛɛ ho fɛw. Jack anntumi ante aseɛ sɛ Cassie yɛɛ nneyɛɛ saa no. Wɔatete no yie pa ara, na ne pɛ berɛ a atwam nyinaa ne sɛ ɔgye n’ani na ɔsom no.

Wɔduruu fie no, Jack hyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ Cassie ho sɛ wapira, kasɛɛ, anaa sommorɔ bi wɔ ne ho, sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Berɛ a ɔde ne nsa too ne bo so no, ɔtee biribi a afɔ nka na ɔhunuu ne nsa ho sɛ ayɛ mogya. Ɔde aniwuo ne ehu hunuu sɛ Cassie nifa koko kasɛe so atwa tenten kɛseɛ kɔ mu. Ɔhunuu foforɔ wɔ ne nan nifa a ɛwɔ anim no, a ɛno nso atwa akɔ kasɛe no ho.

Jack faa Cassie too ne nsa mu na ɔhyɛɛ aseɛ suui. Sɛdeɛ ɔsi buu no ntɛnkyea ne deɛ ɔde yɛɛ no no ho aniwuo bunkamm ne so. Cassie nneyɛɛ yɛɛ deɛ wɔnkasa nntia da no anɔpa, ɛfiri sɛ na wapira. Ne yea no nyaa nkɛntɛnsoɔ wɔ ne nneyɛɛ so, n’amanehunu ne ne pirakuro. Na ɔnni ɔpɛ sɛ ɔdi Jack asɛm so anaa ɔnni ɔdɔ mma no ne no nni asɛm biara.

Metee saa abasɛm yi mfeɛ pii a atwam na me werɛ mfirii da. Ankorankorɛ dodoɔ sɛn na wɔapirapira a yɛwɔ wɔ yɛn ntam? Mprɛ sɛn na yɛbu afoforɔ atɛn ɛnam sɛdeɛ yɛhunu wɔn ne wɔn nneyɛɛ, anaa wɔnni ahokeka berɛ a sɛ yɛte aseɛ yie a, anka yɛbɛkyerɛ ayamhyehyeɛ ne ɔpɛ sɛ yɛbɛboa na anka yɛammfa yɛn atemmuo amma wɔn nnesoa no bi anka ho?

M’asetena mu, madi fɔ mprɛ pii saa adeɛ yi ho, nanso Awurade de aboterɛ akyerɛkyerɛ me nam m’ankasa suahunu so ne afoforɔ bebree asetena mu suahunu a matie. M’ani abɛsɔ no yie pa ara yɛn dɔfo pa Agyenkwa no nhwɛsoɔ berɛ a Ɔsɛee Ne berɛ mu dodoɔ no de ɔdɔ somm afoforɔ no

Apomuden mu haw atenka abɛka me babaa ketewa pa ara no asetena mu suahunu ho firi berɛ a na ɔyɛ abaayewa ketewa. N’asetena mu nyinaa na mmerɛ bebree wɔ hɔ a ɔtee nka sɛ ɔrentumi ntena ase bio. Yɛbɛda asase so abɔfoɔ a na wɔwɔ hɔ saa mmerɛ no ase afebɔɔ: wɔtena ne nkyɛn, retie no, ne no resu, ne no bɔ mu kyɛ akyɛdeɛ sononko honhom mu nteaseɛ, ne ɔdɔ atenka mu abusuabɔ wɔ saa ɔdɔ tebea no mu. Wɔ saa ɔdɔ tebea mu no na nnesoa taa pagya wɔ afanu no nyinaa.

Elder Joseph B. Wirthlin, resrɛ ka 1 Korintofoɔ, kaa sɛ, “Ɛwom sɛ mede nnipa ne ɔsoro abɔfoɔ nne kasa, na menni ɔdɔ mapa a, maba abɛyɛ te sɛ yaawa a ɛrebobɔ mu, anaa dawuro nnyegyeɛ.”2

Afei ɔtoaa so:

Ɔtoaa so sɛ: Paulo nkrasɛm a ɔde kɔmaa Ahotefoɔ kuo foforɔ no tene yɛ tiawa. Sɛ wonni ɔdɔ mapa a, worenyɛ biribiara mma no nna nsonoeɛ kɛse. Wobɛtumi aka kasa ahodoɔ, anya nkɔmhyɛ akyɛdeɛ, ate ahintasɛm nyinaa ase, anya nimdeɛ nyinaa: mpo sɛ wowɔ gyedie no de tutu mmepɔ a, ɔdɔ mapa nnka ho a, ɛremma wo mfasoɔ koraa.

“‘Ɔdɔ mapa yɛ Kristo dɔ korɔgyenn no’ [Moroni 7:47]. Agyenkwa no yɛ saa ɔdɔ no ho nhwɛsoɔ.”3

Wɔ Yohane yɛkenkan sɛ, “Ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ, sɛ mobɛnya ɔdɔ ama mo ho mo ho.”4

Yɛn Asɔre akannifoɔ ama yɛn nkasaeɛ bebree wɔ ɔdɔ mapa, nkabom, ɔdɔ, ayamyɛ, ayamhyehyeɛ, fakyɛ ne ahummɔborɔ ho. Me gye di sɛ Agyenkwa no reto nsa frɛ yɛn sɛ yɛntena sorokɔ, kronkron kwan so5Ne dɔ kwan a obiara bɛtumi ate nka sɛ nokorɛ mu wɔka ho na wɔhia wɔn.

Wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnnɔ afoforo nso,6 ɛnyɛ sɛ wobebu wɔn atɛn.7 Momma yɛmfa saa adesoa duruduru no nto hɔ; ɛnyɛ yɛn dea sɛ yɛsoa.8 Mmom, yɛbɛtumi afa Agyenkwa no kɔnnua a ɛyɛ ɔdɔ ne ayamhyehyeɛ.

“Mommra me nkyɛn, mo a moyɛ adwuma na wɔasoa mo nnesoa duruduru nyinaa, na mɛma mo ahome.

“Fa me kɔndua to wo ho so, na sua me;

“Na me kɔndua yɛ mmrɛ, na m’adesoa yɛ hare.”9

Agyenkwa no mmu n’ani nngu bɔne so, mmom ɔma yɛn Ne dɔ, trɛ bɔnefakyɛmu berɛ a yɛsakyera. Ɔbaa a wɔkyeree no wɔ awaresɛeɛ mu no, Ɔkaa sɛ, “Na saa ara nso nnyɛ sɛ me bu wo fɔ, kɔ na nyɛ bɔne bio.”10 Wɔn a ɔsɔɔ wɔn mu no tee Ne , nka na saa ɔdɔ no na ɛsaa wɔn yareɛ na ɛsesaa wɔn. Ne dɔ hyɛɛ wɔn nkuran ma wɔpɛɛ sɛ wɔsesa wɔn bra. Retena Ne kwan so de anigyeɛ ne asomdwoeɛ ba, na Ɔ too nsa frɛɛafoforɔ kɔɔ saa kwan a wɔde bɔkɔɔyɛ, ayamyɛ, ne ɔdɔ tena so no.

Elder Gary E. Stevenson kaa sɛ: “Sɛ yɛne asetena mu mframa, ahum, yareɛ ne pira hyia a, Awurade—yɛn Dwanhwɛfoɔ, yɛn Bammɔfoɔ—de ɔdɔ ne ayamyɛ bɛma yɛn akwanhosan. Ɔbɛsa yɛn akoma yareɛ na wasiesie yɛn akra.”11 Sɛ yɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ yi, ɛnni sɛ yɛyɛ saa anaa?

Agyenkwa no kakyerɛ yɛn sɛ yɛnsua No12 na yɛnyɛ nneɛma a yɛahunu sɛ Wayɛ.13 Ɔyɛ ɔdɔ mapa ne ɔdɔ kann nnyinasoɔ. Sɛdeɛ yɛsua bi ka ho de yɛ deɛ Ɔbisa wɔ yɛn hɔ—ɛmmfiri asɛdeɛ anaa mpo nhyira a yɛbɛtumi anya, mmom ɛfiri ɔdɔ kronkron mu ma No ne yɛn Soro Agya14—Ne dɔ bɛtene afa yɛn mu na ayɛ biribara a Ɔbisa, ɛnyɛ deɛ ɛbɛtumi nko ara na mmom awieɛ no ɛbɛyɛ mmerɛ na ayɛ hare15 ne anigyeɛ pii kyɛn sɛdeɛ yɛtumi susuui. Ɛbɛhia sɛ yɛsua; Ɛbɛtumi afa mfeɛ, sɛdeɛ ayɛ ama me, nanso sɛdeɛ mpo yɛpɛɛ sɛ yɛnya ɔdɔ sɛ yɛn nkanyan ahoɔden no, Ɔbɛtumi afa saa ɔpɛ no,16 saa aba no, na awieɛ no wadane no ayɛ dua fɛɛfɛ, a aduaba a ɛyɛ dɛ yie ahyɛ so ma.17

Yɛto wɔ yɛn nnwom dɛdɛ no mu baako: “Hwan ne me sɛ mebu obi atɛn berɛ a me nanteɛ nnsɔ ani? Wɔ akoma koom no mu, awerɛhoɔ asie sɛ ani rentumi nhunu.”18 Hwan na ɔwɔ yɛn ntam ha a ɔwɔ awerɛhoɔ a asie? Ɔdɛɛmani a ɔyɛ ne ho atuateɛni, awaregyaeɛ mu nkwadaa, ɔwofoɔ baako-ɛna anaa agya, wɔn a wɔwɔ honam anaa adwene mu apomuden haw, wɔn a wɔwɔ wɔn gyedie ho nsɛmmisa, mpanimfoɔ, kakra a wɔyiyi mu, wɔn aka wɔn nko ara, wɔn a wɔn ani agyina awareɛ, wɔn a wɔwɔ akɔnnɔ a wɔmpɛ, ne afoforɔ bebree a wɔne asetena mu suahunu nsɛm denden ahodoɔ bebree repere so—mpo ɛtɔ da a wɔn a yɛhunu wɔn asetena ɛwie pɛ yɛ.

Yɛn mu biara nni abrabɔ a ɛyɛ pɛ anaa mmusua a ɛyɛ pɛ; Akyinnye biara nni ho sɛ menyɛ saa. Berɛ a yɛhwehwɛ sɛ yebenya tema ama afoforɔ a nso hyia nsɛnnennen ne sintɔ ahodoɔ ɛbɛtumi aboa wɔn ma wɔate nka sɛ ɛnyɛ wɔn nkutoo na wɔwɔ mu wɔn apereɛapereɛ ahodoɔ. Obiara hia sɛ wɔte nka sɛ wɔyɛ saa ampa ka ho ne a ehia wɔ Kristo nipadua mu.19 Satan pɛ kɛseɛ ne sɛ ɔkyekyɛ Onyankopɔn mma mu, na watumi adi nkonim yie, mmom tumi kɛseɛ wɔ nkabom mu.20 Na sɛdeɛ yɛhia sɛ yɛsosɔ yɛn nsa mu nante wɔ saa ɛbɛwuo akwantuo a ɛyɛ ɔhaw yi!

Yɛn nkɔmhyɛni, Titenani Russell M. Nelson, kaa sɛ, “Deɛ ɛyɛ adesɛe anaa adwemmɔne de kyerɛ obi ɛnam baabi a ɔfiri, abusua, ɔbarima ne ɔbaa nna mu ɔpɛ, bɔbea, nwomasua mu dibea, amammerɛ, anaa ahyɛnso titiriw foforɔ bi yɛ bɔne ma yɛn Bɔfoɔ no! Saa ayayadeɛ bi sei ma yɛtena yɛn dibea sɛ N’apam mma mmarima ne mma mmaa ase!”21

Berɛ a Titenani Nelson ato nsa afrɛ obiara sɛ ɔnwura na ɔntena apam kwan no so, deɛ ɛde yɛn sane kɔ yɛn Agya a ɔwɔ Ɔsoro nkyɛn no, ɔsan de afotuo a ɛdisoɔ yi kaa ho: “sɛ nnamfoɔ ne abusua twe wɔn ho firi Asɔre no mu a, kɔso dɔ wɔn. Ɛnyɛ mma wo sɛ wobu deɛ obi pɛ atɛn nkyɛn sɛ wofata sɛ wɔkasa tia wo sɛ woayɛ nokwafoɔ.”22

Nnamfonom, momma yɛnkae sɛ onipa biara a ɔwɔ asase yi so yɛ Onyankopɔn ba23 na ɔdɔ yɛn mu biara.24 Nkorɔfoɔ bi wɔ wo kwan so a woapɛ sɛ wobu wɔn atɛn? Sɛ ɛte saa a, kae sɛ yeinom yɛ akwanya kɛseɛ ma yɛn sɛ yɛ sua sɛ yɛdɔ sɛdeɛ Agyenkwa no dɔ no.25 Berɛ a yɛdi Ne nhwɛsoɔ so no, yɛbɛtumi Ne no aka abɔ mu na yɛaboa ayɛne ɔdɔ ne ka ho bi atenka wɔ yɛn Agya no mma nyinaa akoma mu.

“Yɛdɔ no, ɛfiri sɛ ɔdii kan dɔɔ yɛn.”26 Sɛ Agyenkwa no dɔ hyɛ yɛn ma a, nokorɛ mu Ne kondua bɛtumi ayɛ mmerɛ, na N’adesoa atumi ayɛ hare.27 Yei na medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Jack R. Christianson, Resa Ɔkra a Wapira Yareɛ (2008). 27.

  2. 1 Korintofoɔ 13:1; hwɛ Moroni 7:44–48.

  3. Joseph B. Wirthlin, “The Great Commandment,” LiahonaObubuo 2007, 28.

  4. Yohane 13:35, nsisoɔ ka ho; hwɛ nso nkyekyɛmu 14.

  5. Hwɛ Russell M. Nelson, “Opening Remarks,” LiahonaObubuo 2018, 6–8.

  6. Hwɛ Mateo 22:36–40; Yohane 13:34–35.

  7. Hwɛ Mateo 7:1–4; Dieter F. Uchtdorf, “The Merciful Obtain Mercy,” Liahona, Kɔtɔnima 2012, 70–77; hwɛ bio Robert C. Gay, “Taking upon Ourselves the Name of Jesus Christ,” Liahona, Obubuo 2018, 97–100.

  8. Hwɛsofoɔ ne pɛɛwa titenafoɔ ka saa nsonoeɛ yi ho. “Hwɛsofoɔ ne pɛɛwa titenani biara yɛ ’ɔtemmufoɔ wɔ Israel’ (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:72). Wɔnam saa tumi yi so boa akwaa ma wɔsakyera wɔ bɔne ho na wɔba Kristo a ɔde bɔne kyɛ no nkyɛn (hwɛ 32.1 ne 32.3)” (General Handbook: Resom wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ, 31.1.7, ChurchofJesusChrist.org).

  9. Mateo 11:28–30; nsisoɔ ka ho.

  10. Luka 17:14, nsisoɔ ka ho; hwɛ nso nkyekyɛmu 11–14.

  11. Gary E. Stevenson, “Hearts Knit Together,” Liahona, Kɔtɔnima 2021, 23.

  12. Hwɛ Mateo 11:29.

  13. Hwɛ 3 Nifae 27:21–22.

  14. Hwɛ Mateo 22 37–39.

  15. Hwɛ Mosaya 24:15.

  16. Hwɛ Alma 32:27..

  17. Hwɛ Alma 32:41..

  18. “Lord, I Would Follow Thee,” Nnwom, no. 220.

  19. Hwɛ 1 Corinthians 12:12–27; hwɛ nso Jeffrey R. Holland, “Songs Sung and Unsung,” Liahona, Kɔtɔnima 2017, 49–51.

  20. Hwɛ Sharon Eubank, “By Union of Feeling We Obtain Power with God,” Liahona, Obubuo 2020, 55–57; see also Dale G. Renlund, “The Peace of Christ Abolishes Enmity,” Liahona, Nov. 2021, 83–86; Sharon Eubank, “Turning Enemies into Friends” (Brigham Young University devotional, Ɔpɛpɔn 23, 2018), speeches.byu.edu.

  21. Russell M. Nelson, “Choices for Eternity” (worldwide devotional for young adults, Kɔtɔnimma 15, 2022), broadcasts.ChurchofJesusChrist.org

  22. Russell M. Nelson, “Choices for Eternity,” broadcasts.ChurchofJesusChrist.org

  23. Hwɛ Romafoɔ 8:16.

  24. Hwɛ Yesaia 49:16; Romafoɔ 8:35 38–39.

  25. Hwɛ Luka 6:31–38.

  26. 1 Yohane 4:19. Nanso nokorɛ a ɛdi kan na ɛso wɔ wiase ne sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn saa kwan no so pɛpɛɛpɛ—akoma mu nyinaa, a ɛnni akyinnyeɛ anaa anodie bi nnim, ɔde N’akoma, tumi, adwene, ne ahoɔden nyinaa. Saa Onyankopɔn dɔ yi yɛ mmarasɛm kɛseɛ wɔ wiase nyinaa. Nanso nea edi kan no yɛ kɛse nokorɛ wɔ amansan no mu ne sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn saa kwan no so pɛpɛɛpɛ—wɔde koma nyinaa mu, a wɔmfa biribiara nsie anaasɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ mu, ne wɔn nyinaa Ne koma, tumi, adwene, ne ahoɔden” (Jeffrey R. Holland, “The Greatest Possession,” Laehona, Obubuo. 2021, 9).

  27. Hwɛ Mateo 11:28–30.