Amansan Nhyiamu
Nhwɛsoɔ Ahodoɔ A Ɛfa Asuafoyɛ Ho
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Nhwɛsoɔ Ahodoɔ A Ɛfa Asuafoyɛ Ho

Kristo ne N’akwan ho adesua ma yehu no na yɛdɔ no.

Gyedie ho Nhwɛsoɔ

Anɔpa yi yɛn mma mmienu ne mmanana mmeɛnsa a wɔwɔ Amerika Atifi fam, ne wiase bɛyɛ fa, huu owia no hann a ɛrepue kɛseɛ wɔ apuɛ fam. Mmɔfra mmeɛnsa a aka ne mmanana nsonn a wɔwɔ Afrika, ne wiase fa, a aka no hunuu sɛ esum rewea wɔn so nkakrankakra berɛ a owia no rekɔ fam wɔ wiem wɔ atɔɛ fam no.

Saa daa a enni berɛ mu a ɛfa awia ne anadwo mfitiaseɛ no yɛ da biara da nkaɛ baako a ɛfa nokwasɛm ahodoɔ a ɛkyerɛ yɛn asetena kwan a yɛntumi nsakyera no ho. Sɛ yɛkyerɛ obuo na yɛde nea yɛyɛ no ne saa daa nokwasɛm ahodoɔ yi hyia a, yenya asomdwoeɛ ne baakoyɛ wɔ yɛn mu. Sɛ yɛanyɛ a, yɛn ho ntɔ yɛn, na nneɛma nkɔ yie sɛnea yɛhwɛ kwan no.

Awia ne anadwo yɛ nhwɛsoɔ baako a Onyankopɔn de ama obiara a watena asase so pɛn, nneɛma sɛdeɛ ɛteɛ ankasa. Ɛyɛ yɛn onipa asetena ho nokwasɛm a edi mu a yɛntumi nsusu ho sɛnea yɛn ankasa akɔnnɔ te na yennyae. Mekae saa berɛ yi biara a mɛfa wiemhyɛn afri Abibrem akɔ amansan nhyiamu ase, asan de nipadua dɔn no akɔ akyi nnɔnhwere 10 wɔ da koro mu.

Bere biara a yɛdwene ho sɛ yɛbɛhyɛ no nso no, yɛhunu sɛ Ɔsoro Agya ama yɛn nokorɛ ho adansefoɔ a wɔdɔɔso a ɛbɛdi yɛn abrabɔ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhunu No na yɛanya asomdwoeɛ ne anigyeɛ nhyira.

Nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so no, Awurade no Honhom no si so dua sɛ: “Na bio, mede nhwɛsoɔ bi bɛma mo wɔ neɛma nyinaa mu, ama no annaadaa mo; ɛfiri sɛ Ɔbonsam wɔ asase no so, na ɔfiri adi kɔdaadaa amanaman.”1

Korihor ɔsɔretiafo Kristo no hwee ase maa nnaadaa a ɛte saa, na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne Kristo mmaɛ no. Ɔno na nkɔmhyɛni Alma dii adanseɛ: “Nneɛma nyina ara kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ; aane,asaase mpo, ne nneɛma nyina ara a ɛwɔ so, aane, ne ntwareho, aane, ne nsaase nyina ara nso a ɛnam wɔn kwan so tware wɔn ho pɛpɛɛpɛ di adanseɛ sɛ Ɔbɔadeɛ Kokoroko bi wɔ hɔ.”2

Mmerɛ a Korihor sii so dua sɛ wɔmma no nsɛnkyerɛnee ansa na watumi agye adi no, Alma maa wɔbɔɔ no mum. Esiane sɛ n’amanehunu no brɛɛ nase nti, Korihor firi ne pɛ mu gye too mu sɛ ɔbonsam adaadaa no.

Ɛnsɛ sɛ yɛma wɔdaadaa yɛn. Anwanwadeɛ a ɛfa asetena a nyansa wom ho no di agorɔ wɔ yɛn anim aberɛ nyinaa Na ɔsoro anwanwadeɛ a nsoromma ne nsoromma akuo a enni ano asiesie so no tiawa na wodwennwen ho no kanyan gyidie akoma no kra ma ɔto dwom ma saa dwom kɛseɛ no “Me Nyankopɔn, Hwɛ sɛnea woyɛ kɛseɛ!”3

Aane, Onyankopɔn yɛn Soro Agya no te ase, na Ɔda ne ho adi kyerɛ yɛn aberɛ nyinaa wɔ akwan pii so.

Ahobrɛaseɛyɛ ho Nhwɛsoɔ

Nanso sɛ yɛbɛgye atom, agye adi, na yɛakɔ so wɔ Onyankopɔn mu a, ɛhia sɛ yɛn akoma gye nokorɛ Honhom no tom. Alma kyerɛkyerɛɛ sɛ ahobrɛaseɛ di gyedie anim.4 Mormon de kaa ho sɛ ɛrentumi nyɛ yie sɛ obi a “onnwo na ɔmrɛ ne ho ase wɔ koma mu” benya gyidie ne anidasoɔ na wanya Onyankopɔn Honhom.5 Ɔhene Benyamin paee mu kae sɛ obiara a ɔde wiase animuonyam di kan no yɛ “Onyankopɔn tamfo.”6

Yɛde yɛ ho rema asubɔ de ahyɛ tenenee nyinaa ma, mpo ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ ɔteneneeni na ɔyɛ kronkron no, Yesu Kristo kyerɛɛ sɛ ahobrɛaseɛ wɔ Onyankopɔn anim yɛ N’asuafoɔ no su titiriw.7

Asuafoɔ afoforɔ nyinaa ehia sɛ wɔn bɛda ahabraseɛ ɛdi wɔ Onyankopɔn anim ɛnam ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ asubɔ mu. Enti, “wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase wɔ Nyankopɔn anim, na wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu, na wɔde akoma a abubu ne honhom a ɛbrɛase ba no nyina ara wɔbɛfa asubɔ so agye wɔn akɔ n’asɔre mu.”8

Ahobrɛaseɛ ma osuani akoma kɔ adwensakyera ne ɔsetie mu. Afei Onyankopɔn Honhom no tumi de nokorɛ ba saa akoma no mu, na ɛbɛnya kwan akɔ mu.9

Ɛyɛ ahobraseɛ a ɛnni hɔ na ɛboa kɛseɛ ma Ɔsomafoɔ Paulo nkɔmhyɛ no mma mu wɔ nna a edi akyire yi mu:

“Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn,

“Wɔn a wɔnni dɔ, apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ soɔ, wɔn a wɔyɛ werɛmfoɔ, wɔn a wɔmpɛ papa ”10

Agyenkwa no nsatofrɛ sɛ yensua Ne ho adeɛ no yɛ nsatoɔ a ɛwɔ sɛ yɛntwe yɛn ho mfiri wiase mu nnaadaa ho na yɛayɛ sɛ deɛ Ɔteɛ no—Ɔdwoɔ ne akoma mu, ahobrɛaseɛ Afei yɛtumi fa Ne nkonnua no na yɛhunu sɛ ɛyɛ mmerɛ, sɛ osuaniyɛ nyɛ adesoa na mmom anigyeɛ, sɛdeɛ Titenani Nelson de kasa pa ne mpɛn pii akyerɛkyerɛ yɛn no.

Ɔdɔ ho Nhwɛsoɔ

Kristo ne N’akwan ho adesua ma yɛhu no na yɛdɔ no.

Ɔnam nhwɛsoɔ so daa no adi sɛ, sɛ yɛwɔ ahobrɛaseɛ su a, ɛyɛ ampa sɛ yebehu na yɛde yɛn nipasu nyinaa adɔ Agya no na yɛadɔ afoforɔ sɛnea yɛdɔ yɛn ho no, a yensi biribiara ano. Ne som adwuma a ɔyɛe wɔ asase so, a ɔde N’apɛdeɛ ne Ne nipadua nyinaa too afɔremuka no so no yɛ nhwɛsodeɛ a wɔde bedi dwuma wɔ nnyinasosɛm ahodoɔ yi mu, a N’asɛmpa no gyina so. Nnyinasosɛm mmienu no nyinaa hwɛ akyiri na ɛfa sɛnea yɛne afoforɔ di nkitaho ho, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛhwehwɛ ankorankorɛ abotɔyam anaa animuonyam.

Anwanwasɛm so aseresɛm a ɛwɔ mu ne sɛ sɛ yɛde yɛn mmɔdemmɔ nyinaa si Onyankopɔn ne afoforɔ a yɛdɔ wɔn no so a, ɛma yɛtumi hu yɛn ankasa ɔsoro bo a ɛsom ankasa sɛ Onyankopɔn mmabarima ne mmabaa, a asomdwoɛ ne anigyeɛ a edi mu a osuahunu yi de ba no.

Yɛnam ɔdɔ ne ɔsom so ne Onyankopɔn bɛyɛ baako na yɛne yɛn ho yɛn ho nso bɛyɛ baako. Afei yɛbɛtumi agye Sunsum Kronkron no ho adanseɛ a ɛfa ɔdɔ krogyee no ho, aba a Lehi ka ho asɛm sɛ “ɛyɛ dɛ papaapa, kyɛn aduaba a maka ahwɛ biara.”11

Abotire a Kristo nyae denam ne nyinaa a ɔde mae na ɔyɛe wɔ ne tumi mu de yɛɛ nhwɛsodeɛ a ɛne sɛ ɔbɛdɔ Agya no na wadɔ yɛn no, na ɛsɛ sɛ onya tumi nyinaa, mpo nea Agya no wɔ nyinaa, a ɛne abasobɔ.12

Yɛn akwanya a yɛde bɛtete Onyankopɔn ne yɛn yɔnko dɔ a ɛtena hɔ daa wɔ yɛn kra mu no firi aseɛ wɔ fie denam suban kronkron a ɛne sɛ yɛne Agya no bɛbɔ da biara da wɔ ankorankorɛ ne abusua mpaebɔ mu wɔ Ne Ba a Ɔwoo no Koro no din mu, abom asua Wɔn ho adeɛ denam ankorankorɛ ne abusua twerɛsɛm adesua, homeda da no a yɛbom di, na ankorankorɛ yɛ temple nkamfoɔ a yɛwɔ mprempren, na yɛbom de di dwuma mpɛn dodoɔ biara a yɛbɛtumi.

Berɛ a yɛn mu biara nyini wɔ yɛn nimdeɛ ne ɔdɔ a yɛwɔ wɔ Agya no ne Ɔba no ho no, yɛnyini wɔ anisɔ ne ɔdɔ mu ma yɛn ho yɛn ho. Yɛn tumi a yɛde dɔ afoforɔ na yɛsom wɔn wɔ fie akyi no nya nkɔsoɔ kɛse.

Deɛ yɛyɛ wɔ fie no yɛ asuafoyɛ a ɛtena hɔ daa na ɛyɛ anigyeɛ no ankasa ahina no. Asɛmpa a wɔasan de aba no mu nhyira a ɛyɛ dɛ paa a me ne me yere, Gladys, anya mu anigyeɛ wɔ yɛn fie no, ɛfiri sɛ yɛasua sɛ yɛbɛhunu na yɛadi Onyankopɔn animuonyam wɔ fie na yɛakyɛ Ne dɔ no akyerɛ yɛn asefoɔ.

Ɔsom ho Nhwɛsoɔ

Ɔdɔ a wɔde ma Onyankopɔn ne ɔsom a wɔde ma wɔn ho wɔn ho a wɔtete wɔn wɔ fie ne ɔsom a wɔde ma afoforo wɔ abɔntene wɔ bere mu no nyini bɛyɛ adɔ mapa su.

Wei ne ɔsom a wɔahyira so ho nhwɛso wɔ Onyankopɔn ahenie mu a Awurade adiyifoɔ ne asomafoɔ a wɔte ase de asi yɛn anim no. Yɛne wɔn bɛyɛ baako.

Afei wɔma yetumi hwɛ, wɔnam wɔn so, hwɛ Awurade wɔ “adwene biara mu,” sɛnea ɛbɛyɛ a “yɛrennye akyinyi” anaasɛ “yɛrensuro.”13

Te sɛ Awurade nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔte ase no, yɛbɛtumi de “akoma a ɔdɔ ahyɛ mu ma ama nnipa nyinaa, ne gyidie fie, [de] suban pa asiesie yɛn adwene a ennyae; [na yɛn] ahotosoɔ reyɛ den wɔ Onyankopɔn anim; na asɔfodie nkyerɛkyerɛ no agu [yɛn] kra so sɛ bosuo a efiri soro.”

Yɛne Awurade nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔte aseɛ no, yɛn nso yɛbɛtumi akɔka gyidie kyinhyia pa a wɔde ɔsom a wɔahyira so ahyɛ mu den a “Honhom Kronkron [yɛ yɛn] hokafoɔ daa, [yɛn] poma [yɛ] tenenee ne nokorɛ poma a ɛnsakyera; na [yɛn] tumidie [yɛ] daa tumi, na ɛnyɛ nhyɛ [san] kɔ [yɛn] nkyɛn daa daa.”14 ɛfiri sɛ wei ne Agya no nhyehyɛeɛ ho bɔhyɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.