Amansan Nhyiamu
Di Wiase so na Nya Ahome
Ahinime 2022 amansan nhyiamu


Di Wiase so na Nya Ahome

Monhwehwɛ ahome mfiri anoɔden, akyinnyeɛ, ne wiase ahohia mu nam wiase sodieso wɔ apam a mone Onyankopɔn ayɛ so.

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, ɛyɛ me anisɔ sɛ mekyea mo wɔ saa animuonyam Homeda anɔpa yi. Mmerɛ nyinaa mo wɔ m’adwene mu. Ɛyɛ me nwanwa sɛdeɛ mosɔre waka yɛ mmoa berɛ a afofrɔ kɔ ahoyera mu. Ɛyɛ me nwanwa wɔ gyedie ne adansedie a moda no adi daa ne daa. Mesu ma mo akomayareɛ, abamubuo, ne mo haw. Me dɔ mo. Mebɔ mo anohoba sɛ yɛn Soro Agya ne Ne Dɔ Ba, Yesu Kristo, dɔ mo. Nokorɛ mu wɔnim mo tebea, mo papayɔ, mo ahiadeɛ, ne mo mpaeɛ a mode pɛ mmoa. Daa ne daa, mebɔ mpaeɛ sɛ mobɛte Wɔn dɔ a wɔwɔ ma mo no nka.

Sɛ mobɛte Wɔn dɔ nka no hia, sɛ ayɛ sɛ daa yɛte awerɛhosɛm a ɛrebufa yɛn so no. Ebia moanya nna bi a mopɛɛ sɛ a anka mohyɛ mo ntadeɛ, abobɔ kurukuruwa, na moaka akyerɛ obi sɛ ɔnyane mo berɛ a saa basabasa yi atwam.

Nanso, menuanom mmarima ne mmaa, saa na anwanwadeɛ bebree wɔ y’anim. Wɔ nna a ɛreba yi mu, yɛbɛhunu Agyenkwa no tumi adiyie akɛseɛ a wiase nhunuu da. Ɛnnɛ ne berɛ a Ɔbɛsan aba no ntam no “ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ,”1 Ɔde akwanya, nhyira, ne anwanwaduma a ɛnni ano bɛgu nokwafoɔ no so.

Yei nyinaa akyi, yɛte deɛ nokorɛ mu ɛyɛ mmerɛ a emu yɛ den pa ara wɔ wiase abakɔsɛm mu. Hwanyan ne haw no abunkam nnipa bebree so ama wɔayɛ mmrɛ. Nanso, dwene suahunu bi asi a ɛnkyɛreɛ a ɛbɛtumi de hann bi abrɛ wo ne me sɛdeɛ yɛbɛtumi anya ahome.

Wɔ Washington D.C.Tɛmpol anobue a ɛnkyɛreɛ berɛ mu, anobue kɔmitiini baako dii nhunumu suahunu a ɛsakra berɛ a ɔdii nsɛmtwerɛfoɔ akukudam anim faa tɛmpol no mu. Ɔkwan bi so abusua kumaa bi bɛkaa wɔn ho bɔɔ nsɛmtwerɛ akwansrafoɔ yi ho. Kaseɛbɔfoɔ baako kɔɔ so bisa faa tɛmpol adwumayɛni bi “akwantuo” ho berɛ a na ɔnenam tɛmpol hɔ. Na ɔpɛ sɛ ɔhunu sɛ tɛmpol akwantuo no yɛ nhwɛsodeɛ ma obi haw a ɔwɔ wɔ abrabɔ mu anaa.

Abranteɛ a ɔwɔ abusua no mu toaa nkɔmmɔ no so. Berɛ a akwansra kuo no wuraa akyɛdeɛ kronkron dan mu no, abranteɛ no tenee ne nsa kyerɛɛ afɔrebukyia no, beaeɛ a nkorɔfoɔ koto ne Onyankopɔn yɛ apam, na ɔkaa sɛ, “O, yei yɛ fɛ. Ɛha yɛ bea a nkorɔfoɔ gye ahome wɔ wɔn tɛmpol akwantuo mu.”

Mennyenni sɛ abranteɛ no nim deɛ na ɔhunu no boɔ a ɛsom. Ampa ɔnni adwene biara fa abusuabɔ a ɛwɔ apam a wɔne Onyankopɔn yɛ wɔ tɛmpol ne Agyenkwa no bɔhyɛ no ntam.

“Mommra me nkyɛn, mo a moayɛ adwuma na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, na mɛma mo ahome.

“Momfa me kɔndua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ahome ama mo kra.

“Na me kɔndua yɛ mmrɛ, na m’adesoa yɛ hare.”2

Anuanom mmarima ne mma adɔfoɔ, medi yea ma wɔn a wɔgyae Asɔre no sɛ wɔn asɔrebayɛ no hwehwɛ pii afiri wɔn nkyɛn. Wɔnnya nhunuu sɛ apamyɛ ne sodie ma abrabɔ yɛ mmrɛ! Onipa biara a ɔyɛ apam wɔ asubɔ amena mu ne tɛmpol mu—na wɔdi soɔ no—wɔ akwanya pii de kɔ Yesu Kristo tumi mu. Mesrɛ dwene saa nokorɛ fɛɛfɛ yi ho.

Akatua a ɛwɔ Onyankopɔn apam so die yɛ ɔsoro tumi—tumi a ɛhyɛ yɛn den ma yɛgyina ɔhaw, sɔhwɛ, ne tipaeɛ ano yie. Saa tumi yi pepa yɛn kwan mu. Wɔn a wɔdi Yesu Kristo mmara akunini soɔ no nya kwan kɔ Ne nhyira akunini mu. Enti, apam korafoɔ fata ahome sononko bi a ɛba wɔn hɔ ɛnam wɔn apam ayɔnkofa a wɔ ne Onyankopɔn wɔ no so.

Ansa na Agyenkwa no de Ne ho maa Getsemane ne Calvary amanehunu no, Ɔka kyerɛɛ N’Asuafoɔ sɛ “Wɔ wiase mu mobɛnya amanehunu: nanso momma mo ani nnye; madi wiase so nkonim.”3 Akyire yi, Ɔka kyerɛ yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ saa ara berɛ a ɔkaa sɛ, “Mɛ modi wiase so nkonim.”4

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, me nkrasɛm a mede ma mo ɛnnɛ ne sɛ ɛsiane sɛ Yesu Kristo dii saa wiase a ahweaseɛ yi so nkonim nti, na ɔdi maa yɛn mu biara nti, mo nso mobɛtumi adi saa bɔne a adɔɔso, ankasa ho adwene, ne wiase a agyigya no so nkonim.

Ɛsiane sɛ Agyenkwa no, nam Ne enniawieɛ Mpata so, agye yɛn mu biara afiri mmrɛyɛ, mfomsoɔ, ne bɔne mu, na ɛsiane sɛ Ɔfaa yea biara, kɔdaanna, ne nnesoa biara a moanya pɛn nti,5 ɛnneɛ sɛ mo sakra nokorɛ mu na mohwehwɛ Ne mmoa a, mobɛtumi asɔre atra saa hwammɔdie wiase yi so.

Mobɛtumi adi honhom ne adwene mu mmrɛyɛ tabono a wiase de ato hɔ, ne ahantan, dwɛɛ, abufuo, ahuhubra, ɔtan, adifudepɛ, ne ehu so. Ɛmfa ho ne deɛ ɛtwe adwene firi deɛ yɛyɛ so ne deɛ akyea a atwa yɛn ho ahyia no, mobɛtumi anya nokorɛ ahome—kyerɛ sɛ ɔgyeɛ ne asomdwoeɛ—mpo wɔ mo haw a ɛyɛ abofono mu.

Saa nokorɛ a ɛhia yi kae fapem nsɛmmisa mmiɛnsa:

Ɛdi kan, Di wiase so nkonim asekyeɛ ne sɛn?

Ɛtɔ so mmienu, sɛn na yɛbɛsi ayɛ no?

Na ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛn na wiase so nkonimdie hyira y’abrabɔ?

Di wiase so nkonim asekyerɛ ne sɛn? Asekyerɛ ne sɛ moredi sɔhwɛ a ɛma modwene wiase nneɛma ho dodo sene Onyankopɔn nneɛma ho so nkonim Ɛkyerɛ sɛ gye Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ di bebree sene nnipa nkyerɛkyerɛ. Ɛkyerɛ sɛ mo mma mo ani nye nokorɛ ho, mpo nnaadaa, na mobɛyɛ Kristo akyidifoɔ ahobrɛaseɛfoɔ.”6 Ɛkyerɛ sɛ moreyi sɛ motwe mo ho firi biribiara a ɛpam Honhom no ho. Ɛkyerɛ sɛ mobɛnya ɔpɛ de “ayi afiri hɔ” mpo bɔne a yɛpɛ pa ara.7

Afei, yɛredi wiase so nkonim nkyerɛ sɛ ɛwɔ sɛ yɛwie pɛyɛ wɔ saa abrabɔ yi mu, anaasɛ ɛkyerɛ sɛ mo haw bɛtu ayera prɛkopɛ—na ɛmma saa. Na ɛnsi ɛnkyerɛ sɛ monnnyɛ mfomsoɔ bio. Mmom sɛ moredi wiase so nkonim kyerɛ sɛ bɔne ano sie bɛyɛ kɛse. Mo akoma bɛyɛ mmrɛ berɛ a mogyedie wɔ Yesu Kristo mu yɛ kɛse.8 Moredi wiase so nkonim kyerɛ sɛ morenyini wɔ Onyankopɔn ne Ne Dɔ Ba no dɔ mu sene sɛ mo dɔ obiara anaasɛ adeɛ biara.

Ɛnneɛ, na sɛn, na yɛsi di wiase so nkonim? Ɔhene Benyamin kyerɛɛ yɛn deɛ yɛnyɛ. Ɔkyerɛɛ sɛ “nipa a ɔwɔ honam mu no yɛ Onyankopɔn tamfo” na wayɛ saa afebɔɔ “gyesɛ ɔgyae ne ho ma Honhom Kronkron nkanya no, na ɔde nipa a ɔwɔ honam mu no to hɔ na ɔbɛyɛɛ ɔhoteni ɛnam Awurade Kristo mpata no so.”9 Berɛ biara a mobɛhwehwɛ na moadi Honhom no kɔkɔbɔ so, berɛ biara a mobɛyɛ adeɛ a ɛyɛ papa—nneɛma a “nipa a ɔwɔ honam mu” nnyɛ no—na moredi wiase so nkonim.

Wiase so nkonimdie no nyɛ adeɛ a ɛsi dakoro anaasɛ nnaanu. Ɛsi yɛn nkwa nna nyinaa berɛ a toaso sɔ Kristo nkyerɛkyerɛ no mu. Yɛdua gyedie wɔ Yesu Kristo mu berɛ a yɛnu yɛn ho dabiara na yɛkora apam a ɛkyɛ yɛn tumi no. Yɛgyina apam kwan no so na wɔahyira yɛn honhom mu ahoɔden, ankasa adiyisɛm, gyedie ngumu, ne soroabɔfoɔ som. Kristo nkyerɛkyerɛ so die tumi ma tumi a ɛmu yɛ den, ahonidie kanko mu, ma honhom mu mirikatuo wɔ y’abrabɔ mu.10

Bɛrɛ a yɛpere di Yesu Kristo mmara kunini no so no, y’akoma ne yɛn honam hyɛ aseɛ sesa. Agyenkwa no pagya yɛn tra wiase a ahwease yi, hyira yɛn adɔyɛ kɛseɛ, ahobrɛaseɛ, nsa mu bue, ayamyɛ, ahohyɛsoɔ, asomdwoeɛ, ne ahome.

Afei, ebia moredwendwen sɛ yei yɛ honhom mu adwumaden sene ahome Nanso nokorɛ trodoo no nie: Berɛ a wiase hyɛ sɛ tumi, ahonyadeɛ, nnipa nnyeto mu, ne honam anigyedeɛ de anigyeɛ ba, daabi! Wɔntumi! Deɛ wɔyɛ no nyɛ hwee sɛ adefon nsiananmu ma “nhyira ne anigyeɛ tebea ma wɔn a [wɔ]di Onyankopɔn mmaransɛm so.”11

Nokorɛ no ne sɛ ɛyɛ ɔbrɛ kɛseɛ sɛ wohwehwɛ anigyeɛ wɔ baabi a wore nhunu no da! Mmom, sɛ mode mo ho bɔ Yesu Kristo na moyɛ honhom mu nnwuma a ɛsɛ sɛ mo de di wiase so nkonim a, Ɔno, ne Ɔno nko ara na ɔwɔ tumi a ɔde bɛpagya mo atra wiase yi ntwɛtwɛdɛ mu.

Afei, sɛn na wiase so nkonimdie hyira y’abrabɔ? Mmuaeɛ no mu da hɔ: Yɛrewura yɛne Onyankopɔn apam ayɔnkofa mu kyekyere yɛn bɔ Ne mu wɔ ɔkwan a ɛma biribiara a ɛfa abrabɔ ho yɛ mmrɛ. Mesrɛ monte mase: Ma nka sɛ apamyɛ ma abrabɔ yɛ mmrɛ. Nokwasɛm, monhwɛ sɔretia anim, ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ no mpɛ sɛ mo hunu Yesu Kristo tumi no. Nanso worefa Agyenkwa konua kyerɛ sɛ wowɔ kwan kɔ N’a hoɔden ne ɔgyeɛ tumi mu.

Mfoni
Titenani Ezra Taft Benson

Me sane foa Titenani Ezra Taft Benson nokorɛ nkyerɛkyerɛ so: “Mmarima ne bɛhunu sɛa wɔdane wɔn abrabɔ ma Onyankopɔn no bɛhunu sɛ Ɔbɛtumi ayɛ bebree afiri wɔn abrabɔ mu asene deɛ wɔbɛtumi ayɛ. Ɔbɛto wɔn anigyeɛ mu, aterɛ wɔn anisoadehunu mu, abue wɔn adwene mu, ama wɔn ahonhom so, ahyira wɔn mmɔho mmɔho, ato wɔn akwanya mu, akyekyere wɔn kra werɛ, ama nnamfoɔ so, na wahwie asomdwoeɛ agu wɔn so.”12

Saa akwanya a ɛnni nsɛsoɔ yi di wɔn a wɔhwehwɛ mmoa sɛ ɛmmoa ma wɔnni wiase so nkonim. Wɔ saa kwan yi so, metrɛ mu ma Asɔremma nyinaa afotuo a mede maa yɛn mmabunu no Kɔtɔnima a ɛtwaa mu yi. Mehyɛɛ wɔn saa berɛ no—na mesrɛ mo nso seesei—sɛ monhwɛ mo ankasa adansedie fa Yesu Kristo ne Ne nsɛmpa ho yie. Yɛ ho adwuma. Tete no sɛdeɛ ɛbɛnyini. Ma no aduane nni. Mfa anyeannie mmarima ne mmaa atorɔ nkyerɛkyerɛ nsɛe no. Sɛ motoaso hyɛ mo adanseɛ mu den fa Yesu Kristo ho mo anisoadehunu kɛseɛ a, hwɛ kwan sɛ anwanwadeɛ bɛsi wɔ mo abrabɔ mu.13

M’adesrɛ anɔpa yi ma mo ne sɛ monhwehwɛ ahome mfiri anoɔden, akyinnyeɛ, ne wiase ahohia mu nam wiase sodie so wɔ apam a mone Onyankopɔn ayɛ so Mo mma Ne nhunu wɔ mo mpaeɛ ne mo nneyɛɛ mu sɛ moani abere fa wiase sodie ho. Mommisa No ma ɔmmue moadwene mu na ɔmfa mmoa a mo hia no mmra. Dabiara, twerɛ adwene a ɛba wo nkyɛn no tohɔ berɛ a worebɔ mpaeɛ no; afei di so yie. Di mmerɛ dodo wɔ tɛmpol mu na hwehwɛ te sɛdeɛ tɛmpol, kyerɛkyerɛ ma mosɔre tra saa wiase a ahweaseɛ yi.14

Sɛdeɛ maka pɛn no, Isreal anoboaboa no ne adeɛ a ɛsombo paa a ɛrekɔ so wɔ asaase so ɛnɛ. Adeɛ baako a ɛhia pa ara wɔ saa nhyiamu yi ase ne sɛ wɔsiesie nnipa a wɔwɔ ɔpɛ, ayɛ krado, na wɔn ho teɛ sɛ wɔgye Awurade no berɛ a Ɔbɛba bio; nnipa a wɔayi Yesu Kristo dadaada a ɛnyɛ wiase a ahweaseɛ no, nnipa a wɔdi ahurisie wɔ wɔn ahofadie mu sɛ wɔbɛdi Yesu Kristo mmara kunini, kronkron no so.

Meto nsa frɛ mo, me nuanom mmarim ne mmaa, sɛ mommɛyɛ saa tenenee nkorɔfoɔ yi. Kuta na di mo apam nni sene ahofama afoforɔ nyinaa. Berɛ a moma Onyankopɔn di mo abrabɔ anim no, mehyɛ mo bɔ wɔ asomdwoeɛ kɛseɛ, ahotosoɔ, anigyneɛ, aane, ɛne, ahome.

Wɔ asomafoɔyɛ kronkron tumi a ɛwɔ me mu nti, mehyira mo wɔ ɔpɛ a mode bɛdi wiase so. Mehyira mo sɛ monto mo gyedie wɔ Yesu Kristo mu na monsua adeɛ yie sɛdeɛ mobɛsi atwe Ne tumi no aba mo ho so. Mehyira mo sɛ mobɛtumi ahunu nokorɛ afiri nkontompo ho. Mehyira mo sɛ monhwɛ Onyankopɔn nneɛma ho nsene wiase nneɛma ho. Mehyira mo sɛ mobɛhunu wɔn a wɔbɛn mo ahiadeɛ na moahyɛ wɔn a mo dɔ wɔn no den. Ɛsiane sɛ Yesu Kristo dii wiase yi so nkonim nti, mo nso mobɛtumi. Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Joseph Smith—Matthew 1:36: “Na afei Onipa Ba no wɔ ɔsoro sɛnkyerɛnneɛ bɛyi ne ho adi, na afei asase so mmusuakuo nyinaa bɛdi awerɛhoɔ; na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ reba wɔ ɔsoro mununkum mu .”

  2. Mateo 11:28–30; nsisoɔ ka ho.

  3. Yohane 16:33; nsisoɔ ka ho.

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:2; nsisoɔ ka ho.

  5. Hwɛ Alma 7:11–13.

  6. 2 Nifae 28:14.

  7. Hwɛ Ɔhene Lamoni papa twerɛtohɔ Alma 22, titire Alma 22:18.

  8. Hwɛ Mosaya 5:7.

  9. Mosaya 3:19; nsisoɔ ka ho.

  10. Hwɛ 2 Nifae 31; 3 Nifae 27:16–20.

  11. Mosaya 2:41.

  12. Teachings of Presidents of the Church: Ezra Taft Benson (2014), 42–43.

  13. Hwɛ Russell M. Nelson, “Choices for Eternity” (worldwide devotional for young adults, Kɔtɔnima 15, 2022), broadcasts.ChurchofJesusChrist.org.

  14. Titenanit David O. McKay kaa sɛ wɔ tɛmpol mu no ytu “anammɔn-baako-baako foro kɔ Onniawieɛ Anim” (wɔ Truman G. Madsen, The Temple: Where Heaven Meets Earth [2008], 11).