Amansan Nhyiamu
Dwene Sɛlɛtia!
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Dwene Sɛlɛtia!

Nea wobɛfa no na ɛbɛkyerɛ baabi a wobɛtena wɔ wo nkwa nnaa nyinaa, nipadua korɔ a wode bɛsɔre afiri awufoɔ mu, ne wɔn a wo ne wɔn bɛtena afebɔɔ.

Me nuanom mmaa ne mmarima, m’ani sɔ paa sɛ me ne mo rekasa nnɛ. Wɔ me mfeɛ mu no, da foforɔ biara de ahodwiri a ɛyɛ nwanwa ne nea ɛyɛ den nso ba. Nnawɔtwe mmiɛnsa a atwam ni no, mipiraa m’akyi wedeɛ. Enti, berɛ a magyina ntentene de amansan nhyiamu kasa boro 100 ama no, ɛnnɛ mesusuu sɛ mɛtena ase ayɛ saa. Mebɔ mpaeɛ sɛ Honhom no bɛsoa me nkra no akɔ mo akoma mu nnɛ.

Nnansa yi ara na medii m’awoda a ɛto so 99 na menam saayɛ so firii m’afe a ɛto so 100 ase. Wɔtaa bisa me ahintasɛm a ama matena ase akyɛ saa. Asɛmmisa a ɛye sene saa bɛyɛ sɛ “Deɛn na masua wɔ bɛyɛ mfeɛ ɔha a mede atena ase mu?”

Berɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ remma me kwan mma mennya saa asɛmmisa no ho mmuaeɛ nwie, nanso ɛmmra sɛ mɛka asuadeɛ ahodoɔ a ɛho hia sene biara a masua no mu baako.

Masua sɛ Ɔsoro Agya ne nhyehyɛeɛ ma yɛn yɛ adutwam, sɛ deɛ yɛyɛ wɔ abrabɔ yi mu ho hia ampa, na Agyenkwa no Mpata no yɛ deɛ ɛma yɛn Agya nhyehyeɛɛ no yɛ yie.1

Berɛ a me ne ɛyaw a emu yɛ den a ɛfiri me nnansa yi pira mu no adi aperepere no, mate anisɔ a emu dɔ mpo nka wɔ Yesu Kristo ne Ne Mpata akyɛdeɛ a yɛnte aseɛ no ho. Dwene ho! Agyenkwa no hunuu amane “ɛyaw ne amanehunu ne sɔhwɛ ahodoɔ nyinaa”2 sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbetumi akyekye yɛn werɛ, asa yɛn yareɛ, agye yɛn—wɔ ahohia berɛ mu.3 Yesu Kristo kaa Ne suahunu a ɔnyaaɛ wɔ Getsemane ne Kalvary no ho asɛm sɛ: “Amanehunu a ɛmaa me ho popoeɛ, mpo Onyankopɔn a ɔsene ne nyinaa no, ɛyaw nti, na mogya tuu me wɔ tokuro biara mu.”4 Me pira no ama madwendwen “Israel Kronkronni no kɛseyɛ” ho mpɛn pii.”5 M’ayaresa berɛ mu no, Awurade ada Ne soro tumi adi wɔ akwan a asomdwoeɛ ne akyinnyeɛ nni ho so.

Esiane Yesu Kristo Mpata a enni ano nti, yɛn Soro Agya no nhyehyɛe yɛ nhyehyɛe a edi mu! Onyankopɔn nhyehyɛe a ɛyɛ nwanwa no ho nteaseɛ yi ahuntasɛm no firi asetena mu na ɛyi adwene mu naayɛ firi yɛn daakye mu. Ɛma yɛn mu biara tumi fa ɔkwan a yɛbɛfa so atena asase so ha ne baabi a yɛbɛtena daa. Adwene a ɛnni nyinasoɔ a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ “yɛdidi, nom, na yɛgye yɛn ani, ɛfirisɛ ɔkyena yɛbɛwu; na ɛbɛyɛ yie ama yɛn”6 yɛ atesɛm a nteaseɛ nnim sene biara wɔ amansan yi mu no mu baako.

Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ho asɛmpa kɛseɛ ni: nneɛma ankasa a ɛbɛma wo wuo asetena ayɛ nea ɛyɛ sen biara a ɛbɛtumi ayɛ no yɛ nneɛma korɔ no ara pɛpɛɛpɛ a ɛbɛma w’asetena wɔ daa nkwa nyinaa mu ayɛ nea ɛyɛ sen biara a ɛbɛtumi ayɛ! Ɛnnɛ, sɛ mɛboa wo ama mo afata ama nhyira a ɛyɛ fɛ a Ɔsoro Agya wɔ de ma mo no, meto nsa frɛ wo sɛ fa adeyɛ a ɛne “ɔsoro adwene!”7 Yɛsua firi Mormon Nwoma no nkɔmhyɛni Jacob hɔ sɛ “sɛ yɛde sunsum mu adwennwene rebɔ bra no yɛ nkwa a ɛnniawieeɛ.”8

Owuo yɛ adesua a gyinapɛn nwanwasoɔ a wɔsua sɛ wɔbɛfa nneɛma a ɛho hia paa daa. Nnipa dodoɔ na wɔtena ase te sɛ nea asetena yi nko ara na ɛwɔ hɔ. Nanso, nea mobɛfa no ɛnnɛ no na ɛbɛkyerɛ nneɛma mmiɛnsa: baabi a wobɛtena daa nyinaa, nipadua korɔ a mode bɛsɔre afiri awufoɔ mu, ne wɔn a mo ne wɔn bɛtena afebɔɔ. Enti dwene sɛlɛtia!

Wɔ me nkrasɛm a edi kan mu sɛ Asɔre no Titenani no, mehyɛɛ mo nkuran sɛ momfa awieeɛ nhyɛ aseɛ wɔ adwene mu. Yei kyerε sε wobεma ɔsoro ahennie no ayɛ wo daa botaeε na afei woasusu baabi a wo agyinasie biara berɛ a wowɔ asase so ha no de wo bɛto wiase a ɛbɛba no mu no mu yie.9

Awurade akyerɛkyerɛ pefee sɛ mmarima ne mmaa a wɔasɔ wɔn ano sɛ okunu ne ɔyere wɔ tɛmpol, na wɔdi wɔn apam so no nko ara na wɔbɛbom atena ase daa nyinaa. Ɔkaa sɛ: “Apam nyinaa, nkabom, asɛdeɛ, ntam, bɔhyɛ, agodie, nkutahodie, afekuo, anaa akwanhwɛ, a wɔnyɛ na wɔnhyɛn mu na wɔmfa bɔhyɛ Honhom Kronkron no nsɔ ano wɔ n’awieeɛ berɛ a nnipa awuwuo.”10

Enti, sɛ yɛde gyimii fa sɛ yɛbɛtena ase wɔ ɔsoro mmara mu mprempren a, na yɛrefa sɛ yɛde ɔsoro nipadua bɛnyane yɛn. Yɛrepo yɛne yɛn mmusua ɛntena daa.

Enti, me dɔfonom mmaa ne mmarima, sɛn ne ɛhe ne hwan na wo pɛsɛ wo ne no tena daa? Wo nya kwan fa deɛ wo pɛ.11

Sɛ woreyi nneɛma a, meto nsa frɛ wo sɛ fa adwene a ɛkɔ akyiri—daa adwene. Fa Yesu Kristo di kan, ɛfiri sɛ wo daa nkwa gyina wo gyedie wɔ Ne mu ne Ne Mpata mu.12 Ɛsan nso gyina wo sotie a wobɛyɛ ama Ne mmara so. Sotie bue kwan ma wo asetena a ɛyɛ anigyeɛ nnɛ ne akatua kɛseɛ a ɛnni awieɛ ɔkyena

Sɛ wohyia asɛmdenden bi a, dwene sɛlɛtia! Sɛ nsɔhwɛ sɔ wo hwɛ a, dwene sɛlɛtia! Sɛ nkwa anaa w’adɔfoɔ ma w’abam bu a, dwene sɛlɛtia! Sɛ obi wu ntɛma, dwene sɛlɛtia! Sɛ obi tra yareɛ a ɛyɛ hu a, dwene sɛlɛtia!. Sɛ nkwa nhyɛsoɔ ahodoɔ hyɛ wo so a, dwene sɛlɛtia! Berɛ a worenya ahoɔden afiri akwanhyia anaa pira mu, sɛdeɛ mereyɛ seesei no, dwene sɛlɛtia!

Berɛ a wode w’adwene si ɔsoro nsusuyɛ so no, hwɛ kwan sɛ wobɛhyia sɔretia.13 Mfeɛ du du a atwam no, me yɔnko dwumayɛni bi kasa tiaa me sɛ mewɔ “asɔredan pii dodo” wɔ me mu, na ɔhwɛfo bɛboro baako twee m’aso esiane me gyedie nti. Nanso, megye di sɛ ɔsoro nneɛma ho adwene maa m’adwuma yɛɛ kɛse.

Berɛ a wodwene sɛ ɔsoro deɛ no, woakoma sesa nkakrankakra. Wobɛpɛ sɛ wobɔ mpae mpɛn pii na wofiri akoma mu bɔ mpaeɛ. Yɛsrɛ sɛ mma mo mpaebɔ nyɛ te sɛ nea morebobɔ adwadie nnoɔma. Awurade adwene boro wo nyansa a ɛwuo so. Ebia mmuaeɛ a ɔde ma wo mpaebɔ no bɛma wo ho adwiri wo na aboa wo ama woadwene ɔsoro nneɛma ho.

Susu Awurade mmuaeɛ a ɔde maa Joseph Smith berɛ a ɔsrɛɛ ahotɔ wɔ Liberty Afiase no ho. Awurade kyerɛkyerɛɛ Nkɔmhyɛni no sɛ ne nneyɛe a ɛnyɛ nnipa de no bɛma wanya suahunu na ayɛ ne yiedie.14 “Sɛ wogyina ano yie a,” Awurade hyɛɛ bɔ sɛ, “Onyankopɔn bɛma wo so wɔ soro.”15 Na Awurade rekyerɛkyerɛ Yosef sɛ ɔnwene ɔsoro deɛ ho na ɔnyɛ daa akatua ho mfonini wɔ n’adwenim sene sɛ ɔde n’adwene bɛsi da no mu nsɛmdenden a ɛyɛ ya no so. Yɛn mpaebɔ bɛtumi ayɛ —na ɛsɛ sɛ ɛyɛ —nkɔmmɔdie a ɛte ase a yɛne yɛn Soro Agya die.

Berɛ a wodwene sɛ ɔsoro deɛ no, wobɛhunu sɛ worekwati biribiara a ɛgye wo pɛ no. Ade biara a ɛka obi hɔ—sɛ ɛyɛ agodie, kyakyatoɔ, ɛka, nnubɔne, nsa, abufuo, adwamansɛm, nna, anaa aduane mpo—hyɛ Onyankopɔn abufuo. Adɛn nti? Ɛfiri sɛ wo nnepa no bɛyɛ wo nyame. Wohwɛ so sene sɛ wobɛhwɛ No sɛ wobɛnya awerɛkyekyerɛ. Sɛ wo ne biribi a ɛma obi yɛ ade tra so di aperepere a, hwehwɛ honhom fam ne adwumayɛ mu mmoa a wohia. Yɛsrɛ sɛ mma adwene a ɛhyɛ wo so nnye wo ahofadie a wode bɛdi Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɛyɛ nwanwa no akyi.

Woredwene ɔsoro nnoɔma ho bɛboa wo ama woadi ahote mmara so. Nneɛma kakraa bi na ɛbɛma w’asetena ayɛ den ntɛm sene sɛ wobɛbu ɔsoro mmara yi so. Wɔn a wɔne Onyankopɔn ayɛ apam no, ɔbrasɛe yɛ akwan a ɛyɛ ntɛm a wobɛfa so ahwere w’adansedie no mu baako.

Ɔtamfo no nsɔhwɛ ahodoɔ a nnyae sen biara no mu pii fa abrabɔ fam ahoteɛ a wobu so ho. Tumi a ɔde bɔ nkwa no yɛ nyamesom hokwan baako a Ɔsoro Agya ma Ne mma a wɔwuwu kwan ma wɔde di dwuma. Enti, Onyankopɔn de akwankyerɛ a emu da hɔ ma wɔ ɔsoro tumi yi a wɔde bɛdi dwuma ho. Honam fam abusuabɔ a emu yɛ den yɛ ɔbarima ne ɔbaa a wɔaware wɔn ho wɔn ho nkutoo dea.

Wiase no mufoɔ dodoɔ no ara nnye yei nni, nanso ɔmanfoɔ adwene nyɛ nokorɛ no ho ɔtemmufoɔ. Awurade aka sɛ onipa a ne ho nteɛ biara rennya ɔsoro ahennie no. Enti sɛ woresi gyinaeɛ wɔ abrabɔ pa ho a, yɛsrɛ dwene sɛlɛtia. Na sɛ monyɛ kronkron a, mesrɛ mo sɛ monsakyera. Bra Kristo nkyɛn na gye ne bɔhyɛ a ɛfa bɔne fafiri a edi mu ho berɛ a mosakyera firi mo bɔne ho koraa no.16

Sɛnea wo dwene ɔsoro no, wobɛhu sɔhwɛ ne sɔretia wɔ ɔkwan foforɔ so. Sɛ obi a wodɔ no to hyɛ nokorɛ so a, dwene ɔsoro deɛ, na nnye w’adansedie ho nkyim. Ɔsomafoɔ Paulo hyɛɛ nkɔm sɛ “mmere a edi akyiri no mu no, ebinom bɛtwe wɔn ho afiri gyedie no ho, na wɔatie ahonhom a wɔdaadaa wɔn ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ.”17

Ɔtamfo no nnaadaa nni awieɛ. Mesrɛ sɛ mo nsiesie mo ho. Ntie afotuo mfiri wɔn a wonnye nni hɔ da. Hwehwɛ akwankyerɛ firi nne ahodoɔ a wobɛtumi de wo ho ato so no hɔ —firi nkɔnhyɛfoɔ, adehufoɔ, ne adiyifoɔ hɔ ne Honhom Kronkron no nsɛm a wɔka no aseresere mu, a “ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyina ara nea ɛsɛ sɛ moyɛ.”18 Yɛsrɛ sɛ monyɛ honhom mu adwuma no na ama mo tumi a wode begye ankorankoro adiyisɛm no akɔ soro.19

Berɛ a wodwene sɛ ɔsoro deɛ no, wo gyedie bɛdɔɔso. Bere a na meyɛ aberante a meyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea hɔ no, na sika a menya yɛ dɔla 15 bosome biara. Anadwo bi, me yere Dantzel bisaa sɛ metuaa ntotosoɔ du du wɔ saa sika ketewa no so. Na ɛnyɛ saa. Menuu me ho ntɛm ara na mefrii aseɛ tuaa $1.50 a wɔde kaa ho sɛ bosome biara ntotosoɔ du du no.

So na Asɔre no yɛ sononko koraa esiane sɛ yɛmaa yɛn ntotosoɔ du du no yɛɛ kɛseɛ nti? Nokorɛ mu, daabi. Nanso, ntotosoɔ du du a metuaa no pɛpɛɛpɛ no sesaa me. Saa berɛ no na mehunuu sɛ ntotosoɔ du du a wotua nyinaa fa gyedie ho, na ɛnyɛ sika. Berɛ a mebɛyɛɛ ntotosoɔ du du tuafoɔ mapa no, ɔsoro mfɛnsere firii aseɛ bue maa me. Meka sɛ adwumayɛ hokwan ahodoɔ pii a edi hɔ baeɛ no firi yɛn nokorɛdie mu tua ntotosoɔ du du.20

Ntotosoɔ du du a wobɛtua hwehwɛ gyedie, na ɛsane nso hyehyɛ gyedie wɔ Onyankopɔn ne Ne Dɔba no mu.

Sɛ worefa sɛ wɔbɛtena asetena pa wɔ wiase a nna ho nsɛm wom na amammuyɛ nsɛm wom mu a, ɛma wonya gyedie.

Berɛ pii a wode bɛtena tɛmpol mu no hyɛ gyedie den. Na wo som ne wo som wɔ temple no bɛboa wo ama woadwene ɔsoro nneɛma ho. Tɛmpol no yɛ beaeɛ a wɔnya adiyie. Ɛhɔ na wɔkyerɛ wo sɛnea wobɛnya nkɔsoɔ akɔ ɔsoro asetena mu. Ɛhɔ na wɔtwe wo bɛn Agyenkwa no na wɔma wo kwan kɛseɛ kɔ Ne tumi mu. Ɛhɔ na wɔkyerɛ wo kwan ma wodi ɔhaw ahodoɔ a ɛwɔ w’asetena mu, mpo ɔhaw ahodoɔ a ɛyɛ nwanwa sene biara ho dwuma.

Tɛmpol hɔ ayɛyɛdeɛ ne ahyɛdeɛ ahodoɔ no wɔ ɛnniawieɛ mfasoɔ. Yɛkɔ so si tɛmpol pii de ma saa nneɛma kronkron a ɛbɛtumi aba yi abɛyɛ nokorɛ wɔ mo mu biara abrabɔ mu. Yɛde anisɔ ka yɛn nhyehyɛɛ a yɛayɛ sɛ yɛbesi tɛmpol wɔ mmea 20 a edidi so yi mu:

  • Savai’i, Samoa

  • Cancún, Mexico

  • Piura, Peru

  • Huancayo, Peru

  • Viña del Mar, Chile

  • Goiânia, Brazil

  • João Pessoa, Brazil

  • Calabar, Nigeria

  • Cape Coast, Ghana

  • Luanda, Angola

  • Mbuji-Mayi, Democratic Republic of the Congo

  • Laoag, Philippines

  • Osaka, Japan

  • Kahului, Maui, Hawaii

  • Fairbanks, Alaska

  • Vancouver, Washington

  • Colorado Springs, Colorado

  • Tulsa, Oklahoma

  • Roanoke, Virginia

  • Ulaanbaatar, Mongolia

Onyankopɔn rekyerɛ yɛn kwan sɛ yensi saa tɛmpol yi mfa moa na yɛn nwene ɔsoro. Nyame te ase. Yesu, ne Kristo no. Wɔasane de n’Asɔre no asi hɔ sɛ wɔmfa nhyira Onyankopɔn mma nyina ara. Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Yohane 6:38.

  2. Alma 7:11.

  3. Hwɛ Alma 7:12.

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:18.

  5. 2 Nifae 9:40.

  6. 2 Nifae 28:7.

  7. Ebia ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ yɛbɛnu yɛn ho na yɛanya nkɔsoɔ wɔ honhom mu wɔ ha, berɛ a yɛn honhom ne yɛn nipadua ayɛ baako, sene wiase a edi hɔ a ɛda berɛ a yewuwu na wɔnyane yɛn no. Sɛdeɛ Amulek kyerɛkyerɛɛ Soramfoɔ awaefoɔ no, “Asetena yi ne berɛ sɛ yɛbɛsiesie yɛn ho akɔhyia Onyankopɔn” (hwɛ Alma 34:32–35).

  8. 2 Nifae 9:39.

  9. Hwɛ Mosiah 4:30, faako a Ɔhene Benjamin tu ne nkurɔfoɔ fo sɛ: “Sɛ moanhwɛ mo ho, ne mo adwene, ne mo nsɛm, ne mo nnwuma, na moanni Onyankopɔn mmaransɛm so, na moankɔ so ankura gyedie no mu , ɛsɛ sɛ moyera .”

  10. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:7; si so dua ka ho.

  11. Nokorɛ mu no, wopɛ no ntumi mmu obi foforɔ pɛ ne nea ɛfiri mu ba a ɛka ho no so. Na me ho pere me sɛ wɔbɛsɔ me ano aka m’awofoɔ ho. Nanso, na ɛsɛ sɛ metwɛn kɔsi sɛ wɔn bɛfa sɛ wɔbɛma wɔn akyɛdeɛ berɛ a wɔadi boro mfeɛ 80 no. Afei wɔsɔɔ wɔn ano sɛ okunu ne ɔyere, na wɔsɔɔ yɛn mma no ano.

  12. Twerɛsɛm no di adanseɛ mpɛn pii sɛ daa nkwa akyɛdeɛ no nam Agyenkwa Yesu Kristo mfasoɔ, ne mmɔborɔhunu, ne ne dom so nko ara na ɛbɛtumi aba (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ, Moroni 7:41; hwɛ nso 2 Nifae 2:6–8, 27

  13. Hwɛ 2 Nifae 2:11.

  14. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:7.

  15. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:8.

  16. Hwɛ Yesaia 1:16–18; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:42–43.

  17. 1 Timoteo 4:1. Nkyekyemu a edi hɔ no toa so, “Ntorɔtwa yɛ nyaatwom; wɔde dade a ɛyɛ hye hye wɔn ahonim” (nkyekyɛmu 2 Paulo nso paee mu kaa sɛ wɔn a “wɔtena ase wɔ onyamesom pa mu wɔ Kristo Yesu mu no nyinaa behyia ɔtaa” (2 Timoteo 3:12).

  18. 2 Nifae 32:5wɔsi so dua. Sɛ yɛbɛbisa a, yɛbɛtumi “anya adiyisɛm wɔ adiyisɛm so, nimdeɛ wɔ nimdeɛ so” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42:61).

  19. See Russell M. Nelson, “Revelation for the Church, Revelation for Our Lives,” Liahona, Kɔtɔnima 2018, 96.

  20. Ɛnyɛ sɛ yei nkyerɛ abusuabɔ a ɛda nea ɛde ba ne nea ɛfiri mu ba ntam. Ebinom a wɔntua ntotosoɔ du du da no nya adwumayɛ hokwan ahodoɔ, berɛ a ebinom a wɔtua ntotosoɔ du du no nnya. Bɔhyɛ no ne sɛ wobebue ɔsoro mfɛnsere ama nea ɔtua ntotosoɔ du du no. Nhyira ahodoɔ no su bɛyɛ sononko.