Amansan Nhyiamu
Yɛrenya Onyankopɔn Tumi wɔ Apam Kwan So
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Yɛrenya Onyankopɔn Tumi wɔ Apam Kwan So

Mmerɛ a wonam apam kwan no so, firi asubɔ kɔ temple ne abrabɔ nyinaa mu no, mehyɛ wo bɔ sɛ wobɛnya tumi ako atia wiase haw.

Obubuo bosome a ɛtwaa mu no, menyaa akwanya hyiraa Belém Brazil Asɔredan no so. Na ɛyɛ animuonyamhyɛ ne anigyeɛ sɛ me ne Asɔre no mma a wɔahyira wɔn ho so wɔ Brazil atifi fambom di dwuma. Saa berɛ no, mehunuu sɛ Belém ne kwan a ɛkɔ asubɔnten a tumi wɔ mu kyɛn nsutene biara wɔ wiase, Amazon Asubɔnten no.

Ɛmfa ho ne asubɔnten no ahoɔden, mprɛnu afe biara no, biribi a ɛte sɛ deɛ ɛnyɛ honam mu si wɔ nsuo no ho. Sɛ awia, ɔsrane, ne asase hyia sa so pɛpɛɛpɛ a, asorɔkye a ano yɛ den bɔ fa asubɔnten no so, ko tia sɛdeɛ nsuo no si tene. Wɔatwerɛ asorɔkye a ne sorokɔ yɛ mita 6 a ɛkɔ1 akyiri kɔduru kilomita 502 wɔ asubɔnten no atifi ato hɔ. Saa adeɛ yi, a wɔtaa nim no sɛ asorɔkye a ɛtɔ gu fam no, wɔfrɛ no pororoca, anaa “mmobɔmu kɛseɛ” ɛsiane dede kɛseɛ a ɛyɛ nti. Yɛbɛtumi asi no pi sɛ ɛsɛ sɛ Amazon a ɛyɛ den mpo gyae ne ho mu ma ɔsoro tumi .

Te sɛ Amazon no, yɛn abrabɔ kɔ tee; yɛtaa yɛ deɛ ɛba firi awosuo mu. Te sɛ Amazon no, ɛnam ɔsoro mmoa so na yɛbɛtumi ayɛ nneɛma ɛntaa nsi. Ne nyinaa akyiri no, ɛntaa nsi sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase, yɛdwo, anaa yɛpɛ sɛ yɛde yɛn apɛdeɛ bɛhyɛ Onyankopɔn nsa. Nanso ɛnam saayɛ so nko ara na yɛbɛtumi asakra, asane akɔtena Onyankopɔn anim, na yɛanya yɛn daadaa nkrabea.

Ɛnte sɛ Amazon no, yɛbɛtumi afa sɛ yɛbɛpene so ama ɔsoro tumi anaasɛ “yɛne wiase bɛkɔ.”3 Yɛrete yɛn ho afiri deɛ wiase yɛ ho bɛtumi ayɛ den. Nanso sɛ yɛde yɛn ho “ma Honhom Kronkron no frɛ ” na yɛyi honam fam barima anaa ɔbaa firi hɔ a,4 yɛbɛtumi anya Agyenkwa no tumi a ɛsakra wɔ yɛn abrabɔ mu na yɛatumi ayɛ nnoɔma a ɛyɛ den.

Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛnea yɛyɛ no. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, “Obiara a ɔyɛ apam wɔ asubɔ nsukorabea ne tɛmpol mu—na ɔdi so—nya akwanya kɛseɛ wɔ Yesu Kristo tumi ho yɛ adwuma … [de pagya] yɛn twe yɛn firi wiase a ahwe ase yi mu.”5 Ɔkwan foforɔ so no, yɛbɛtumi anya Onyankopɔn tumi, nanso gye sɛ yɛnam apam kronkron so ne No di nkitaho.

Ansa na wɔrebɔ asase no, Onyankopɔn de apam ahodoɔ sii hɔ sɛ adwinnadeɛ a yɛbɛfa so aka yɛne No abom. Ɔgyina daa mmara a ɛnsesa so kyerɛɛ tebea pɔtee a akyinnyeɛ nni ho a wɔnam so sakra yɛn, gye yɛn nkwa, na wɔma yɛn so. Wɔ saa abrabɔ yi mu no, yɛyɛ saa apam yi berɛ a yɛde yɛn ho hyɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ mu na yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛyɛ deɛ Onyankopɔn hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ, na akyire no, Onyankopɔn hyɛ yɛn bɔ wɔ nhyira bi ho.6

Apam yɛ bɔhyɛ a ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn ho ma, na yɛte aseɛ yie na yɛdi no nni pa ara.7 Apam a wo ne Onyankopɔn bɛyɛ no yɛ sononko firi bɔhyɛ a wobɛhyɛ no kwa ho. Deɛ ɛdi kan, asɔfodie tumidie ho hia. Deɛ ɛtɔ so mmienu, bɔhyɛ a ɛyɛ mmerɛ nni ahoɔden a ɛde bɛpagya yɛn afiri wiase a ɛretwe yɛn no mu. Yɛyɛ apam berɛ a yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu sononko koraa sɛ yɛbɛma aba mu nkutoo.8 Yɛbɛyɛ Onyankopɔn apam mma ne N’ahennie adedifoɔ, titire berɛ a yɛde yɛn ho hyɛ apam no mu koraa.

Asɛm apam kwan kyerɛ apam ahodoɔ a ɛtoatoa so a yɛnam so ba Kristo nkyɛn na yɛka Ne ho. Ɛnam saa apam nkyekyereɛ yi so, yɛnya kwan kɔ Ne daadaa tumi no mu. Kwan no firi aseɛ wɔ gyedie wɔ Yesu Kristo ne adwensakyera mu, na asubɔ ne Sunsum Kronkron a wɔgye di akyire.9 Yesu Kristo kyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛhyɛn kwan no mu berɛ a wɔbɔɔ no asu no.10 Sɛnea Apam Foforɔ mu Asɛmpa twerɛtohɔ ahodoɔ a ɛwɔ Marko ne Luka mu kyerɛ no, Ɔsoro Agya kasaa tee kyerɛɛ Yesu N’asubɔ mu, na ɔkaa sɛ, “Wo ne me Dɔba; wo mu na m’ani.sɔ” Sɛ yɛnam asubɔ so hyɛ apam kwan no ase a,, mɛtumi asusu sɛ Ɔsoro Agya reka asɛm a ɛte saa ara akyerɛ yɛn mu biara sɛ: “Wo ne me ba dɔfoɔ a m’ani gye wo ho. Kɔ so ara.”11

Wɔ asubɔ berɛ ne Kwasiada biara sɛ yɛfa adidi kronkron no a,12 yɛhyɛ yɛn bɔhyɛ no mu kena kyerɛ yɛn Soro Agya sɛ yɛwɔ ɔpɛpa sɛ yɛbɛfa Ne Ba, Yesu Kristo din ato yɛn ho so.13 Wɔ saa nsɛm yi mu no, momma yɛnkae Apam dada no mmaransɛm, “Mfa Awurade wo Nyankopɔn din kwa.”14 Wɔ yɛn nnɛ yi aso mu no, wei te sɛ nea wɔabara sɛ wɔmfa Awurade din nni dwuma wɔ ɔkwan a obuo nni mu. Mmara no ka ɛno ho, nanso n’ahyɛdeɛ no mu dɔ sene saa mpo. Hebrew asɛmfua a wɔakyerɛ aseɛ sɛ “fa” no kyerɛ sɛ “ma so” anaa “soa” sɛdeɛ obi bɛyɛ frankaa a ɛrekyerɛ sɛ ɔyɛ frankaa tufoɔ ma ekuo anaa ankorankorɛ bi.15 Asɛm a wɔakyerɛ aseɛ sɛ “ɔkwa” kyerɛ sɛ “hunu”anaa“nnaadaa.”16 Saa ahyɛdeɛ a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ wofa Awurade din no kwa no bɛtumi akyerɛ sɛ, “Ɛnsɛ sɛ woda wo ho adi sɛ Yesu Kristo suani gye sɛ woayɛ w’adwene sɛ wobɛgyina N’ananmu sɛnea ɛsɛ.”

Yɛbɛyɛ N’asuafoɔ na yɛgyina hɔ ma No yie berɛ a yɛhyɛ da na yɛde nkakrankakra nam apam so fa Yesu Kristo din no. Yɛn apam ma yɛn tumi sɛ yɛbɛtena apam kwan no so ɛfiri sɛ yɛne Yesu Kristo ne yɛn Soro Agya ntam abusuabɔ asesa. Yɛnam apam kwan so na ɛne Wɔn nya abusuabɔ.

Apam kwan no kɔ tɛmpol ayɛyɛdeɛ mu, te sɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ kronkrongyeɛ.17 Ayɛyɛdeɛ kronkron no yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ apam kronkron a ɛka yɛn bata Ne ho. Wɔ ayɛyɛdeɛ kronkrongyeɛ mu no, ɛdi kan, yɛpere pam sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so; ɛto so mmienu, sɛ wɔde akoma a abubu ne honhom a anu wɔn ho bɛsakyera; ɛto so mmiɛnsa, yɛbɛtena ase wɔ Yesu Kristo asɛmpa no mu. Yɛyɛ yei denam gyedie a yɛda no adi wɔ Ne mu, yɛne Onyankopɔn yɛ apam berɛ a yɛregye nkwagyeɛ ne ɔsoro ayɛyɛdeɛ no, yɛdi saa apam no so wɔ yɛn abrabɔ nyinaa mu, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ mmaransɛm akɛseɛ mmienu no bra sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko. Ɛtɔ so nan, yɛyɛ apam sɛ yɛbɛdi ahoteɛ mmara no so na, nea ɛtɔ so num no, yɛtu yɛn ho ne biribiara a Awurade de hyira yɛn si hɔ de kyekyere N’Asɔre.18

Ɛnam tempol apam a yɛyɛ na yɛdi soɔ no, yɛsua pii fa Awurade tirimpɔ ho na yɛnya Sunsum Kronkron no mahyɛ.19 Yɛnya akwankyerɛ ma yɛn abrabɔ. Yɛnyini wɔ yɛn asuafoyɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenkɔ so nyɛ mmɔfra a daa wɔnnim hwee .20 Mmom no, yɛde daa adwene na ɛtena ase na ɛkanyan yɛn kɛse sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn ne afoforɔ. Yɛnya tumi a ɛkɔ soro a yɛde bɛdi yɛn atirimpɔ ahodoɔ ho dwuma wɔ asetena mu . Yɛbɔ yɛn ho ban firi bɔne ho,21 na yɛnya tumi kɛseɛ a yɛde bɛko atia sɔhwɛ na yɛasakyera berɛ a yɛsunti .22 Sɛ yɛhinhim a, yɛne Onyankopɔn apam a yɛakɔ no boa yɛn ma yɛsan kɔ kwan no so. Ɛnam Onyankopɔn tumi a yɛde bɛka yɛn ho so no, yɛbɛyɛ yɛn ankasa pororoca, a yɛtumi kɔ tia wiase, wɔ yɛn asetena nyinaa mu ne daa. Awieeɛ koraa no, yɛn nkrabea sesa ɛfiri sɛ apam kwan no dane kɔ sorosoro ne daa nkwa mu.23

Apam a wɔyɛ wɔ asubɔ nsukorabea ne tɛmpol mu a yɛdi so nso ma yɛn ahoɔden a yɛde bɛgyina asetena mu sɔhwɛ ne akoma yea ano.24 Nkyerɛkyerɛ a ɛbata saa apam yi ho no ma yɛn kwan yɛ mmerɛ na ɛma yɛnya anidasoɔ, awerɛkyekyerɛ, ne asomdwoeɛ.

Me nananom Lena Sofia ne Matts Leander Renlund nam wɔn asubɔ apam so nyaa Onyankopɔn tumi berɛ a wɔde wɔn ho bɔɔ Asɔre no wɔ afe 1912 mu wɔ Finland. Wɔn ani gyee sɛ wɔkaa Asɔre no nkorabata kumaa a ɛdi kan wɔ Finland no ho.

Leander wuuiɛ wɔ nsamanwa yareɛ mu mfeɛ num akyiri berɛ a na Lena anyinsɛn wɔn ba a ɔtɔ so du no. Wɔwoo saa abɔfra no, me papa, wɔ Leander wuo akyi abosome mmienu. Awieeɛ koraa no, ɛnyɛ ne kunu nko na Lena sieeɛ na mmom ne mma du no mu nson. Sɛ okunafoɔ a ɔredi hia no, ɔdii aperepereɛ . Bɛyɛ mfie aduonu na ɔnnyaa kɛtɛ so nna mpo. Awiaberɛ no, na ɔpere ne ho sɛ ɔbɛma n’abusua aduane. Anadwo no, na ɔhwɛ abusua no a wɔrewuwu. Ɛyɛ den sɛ yɛbɛhunu ɔkwan a ɔfaa so tumi gyinaaeɛ.

Lena gyinaa mu ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ ne kunu a wawuo ne ne mma bɛtumi ayɛ ne dea wɔ daa nkwa mu. Tɛmpol nhyira ho nkyerɛkyerɛ, a daa abusua deɛ ka ho, de asomdwoeɛ brɛɛ no ​​ɛfiri sɛ ɔde ne ho too nsɔano tumi no so. Berɛ a na ɔte ase no, wannya n’akyɛdeɛ kronkron na saa ara nso na wɔansɔ no ano amma Leander, nanso Leander kɔɔ so yɛɛ nkɛntɛnsoɔ titire wɔ n’asetena mu ne daakye ho anidasoɔ kɛseɛ a ɔwɔ no fa.

Wɔ afe 1938 mu no, Lena de twerɛtohɔ ahodoɔ kɔeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtumi ayɛ tempol ayɛyɛdeɛ ama n’abusuafoɔ a wɔawuwuo, wɔn a wɔdii kan de firii Finland de kɔeɛ no bi. Ne wuo akyi no, afoforɔ yɛɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ maa no, Leander, ne ne mma a wɔawuwuo no. Ɛnam ananmusifoɔ so no, wɔmaa no sɔɔ Lena ne Leander ano, na wɔsɔɔ wɔn mma a wɔawuwuo ne me papa ano kyerɛɛ wɔn. Te sɛ afoforɔ no, Lena “wuiɛ wɔ gyidie mu, a wannya bɔhyɛ ahodoɔ no, na mmom ɔhunuu no wɔ akyirikyiri, [ɔgyee no] dii, na ɔyɛɛ wɔn atuu.”25

Lena tenaa ase te sɛ nea wayɛ saa apam ahodoɔ yi dada wɔ n’asetena mu. Na ɔnim sɛ n’asubɔ ne adidi kronkron apam no de no bataa Agyenkwa no ho. Ɔno “ma [Ogyefoɔ no] kronkronbea ho akɔnnɔ a ɛyɛ dɛ no de anidasoɔ ba [ne] akoma a asɛeɛ no so.”26 Lena buu no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu kɛseɛ no mu baako sɛ osuaa daa abusua ho adeɛ ansa na ɔrehyia awerɛhosɛm wɔ n’asetena mu. Ɔnam apam so nyaa Onyankopɔn tumi a ɔde bɛgyina ano na wasɔre asene n’ahokyerɛ ne adwene mu haw no.

Mmerɛ a wonam apam kwan no so, firi asubɔ mu kɔ tɛmpol ne abrabɔ nyinaa mu no, mehyɛ wo bɔ sɛ wobɛnya tumi a wode bɛko atia wiase—tumi a wode bɛsua adeɛ, tumi a wode bɛsakyera, ne tumi a wode bɛtete wo ho. Mehyɛ wo ne w’abusua bɔ sɛ ɔbɛbɔ mo ho ban afiri ɔtamfo no nkɛntɛnsoɔ ho, nkanka ne berɛ a tɛmpol no yɛ adeɛ titire a wode w’adwene si soɔ wɔ w’abrabɔ mu.

Berɛ a moba Kristo nkyɛn na monam apam so bata Ɔno ne yɛn Soro Agya ho no, biribi a ɛte sɛ nea ɛnyɛ bɔbea sisi. Wɔsakra wo na woayɛ pɛ wɔ Yesu Kristo mu .27 Mobɛyɛ Onyankopɔn apam mma ne adedifoɔ wɔ N’ahennie mu.28 Mɛtumi asusu sɛ Ɔreka akyerɛ wo sɛ, “Wo ne me dɔba a m’ani gye wo ho. Akwaaba ba fie.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Ɛbɛyɛ anamɔn 20.

  2. Ɛbɛyɛ akwansini 30

  3. Yɛwɔ ɔpɛ ɛfiri sɛ Onyankopɔn ama yɛn ho kwan sɛ yɛn ankasa mfa yɛn pɛ nni dwuma mma yɛn ho. Hwɛ Akwankyerɛ a ɛkɔ Atwerɛsɛm ho, “Ɔpɛ,” scriptures.ChurchofJesusChrist.org; 2 Nephi 2:27; Moses 7:32.

  4. Hwɛ Mosiah 3:19.

  5. Russell M. Nelson, “Di Wiase so na Nya Ahomee,” Liahona, Obubuo 2022, 96, 97.

  6. Hwɛ Akwankyerɛ ma Twerɛnsɛm, “Apam,” scriptures.ChurchofJesusChrist.org.

  7. Obiara hwinti wɔ mmerɛ bi mu, nanso Onyankopɔn nya yɛn hwintie ho abotrɛ na wama yɛn adwensakyera akyɛdeɛ berɛ a yɛbu apam bi so mpo akyi. Sɛnea Elder Richard G. Scott kyerɛkyerɛe no, “Awurade hu mmrɛyɛ wɔ ɔkwan sononko so sene sɛ [ohu] atuateɛ [ɛfirisɛ] sɛ Awurade ka mmerɛyɛ ho asɛm a, ɛyɛ mmɔborohunu berɛ nyinaa” (“Ankorankoro Ahoɔden a ɛnam Yesu Kristo Mpata so,” Liahona, Obubuo. 2013, 83). Enti, ɛnsɛ sɛ yegye Agyenkwa no tumi a ɔde boa yɛn wɔ yɛn mmrɛyɛ ahodoɔ ho no ho kyim. Nanso, apam a wɔhyɛda bu so sɛ wɔbɛsakyera wɔn adwene wɔ ɛno akyi no —wɔ ɔkwan foforo so no, bɔne ne adwensakyera a wɔadi kan ayɛ ho nhyehyɛeɛ no—yɛ Awurade akyiwadeɛ (hwɛ Hebrifoɔ 6:4–6).

  8. Hwɛ Robert Bolt, Onipa a Ɔwɔ hɔ Berɛ biara: Agorɔdi wɔ Adeyɔ Mmienu mu (1990), xiii–xiv, 140.

  9. Hwɛ 2 Nephi 31:17-18.

  10. Hwɛ 2 Nephi 31:4–15.

  11. Luka twerɛɛ sɛ, “Na Honhom Kronkron no siane baa ne so wɔ nipadua mu te sɛ aborɔnoma, na ɛnne bi fi soro baeɛ sɛ: Wo ne me dɔba; wo mu na ɛsɔ m’ani”.(Luka 3:22). Marko atwerɛ sɛ, “Na ɛnne firii soro baeɛ, kaa sɛ,Oyi ne me dɔ Ba a, ɔsɔ m’an” (Marko 1:11). william Tyndale nkyerɛaseɛ no mu da hɔ na ɛmu yɛ den sene King James Deɛ mpo. Wɔ ne nkyerɛaseɛ mu no, Ɔsoro Agya nne ka sɛ, “Wo ne me Ba dɔfo a m’anigyeɛ wɔ ne mu” (Brian Moynahan, Onyankopɔn Nwoma a Wɔtɔn sene biara: William Tyndale, Thomas More, ne Engiresi Twerɛ Kronkron no Atwerɛ—Gyedie ne Atorɔ Ho Asɛm [2002], 58). Mateo nko ara na ɔbɔ amanneɛ sɛ na ɛnne no kyerɛ baabiara kɛse, na ɔka sɛ, “Na hwɛ ɛnne bi fi soro a ɛka sɛ: Oyi ne me Dɔba a m’ani gye ne ho” .(Mateo 3:17). Yohane Asɛmpa no bɔ asubɔ a Yohane Suboni bɔeɛ no ho amanneɛ nko ara: “Na mehunuii, na medii adanseɛ sɛ yei ne Onyankopɔn Ba no” (Yohane 1:34

  12. Hwɛ 2 Nephi 31:13; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77.

  13. Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛɛ hia a asɛmfua “ɔpɛ” no ho hia mu berɛ a yɛde adidi kronkron yɛ yɛn asubɔ apam foforɔ: “Ɛho hia sɛ sɛ yɛfa adidi kronkron no a yɛnni adanseɛ sɛ yɛmfa Yesu Kristo din nto yɛn ho so. Yɛdi adanseɛ sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa. [Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77.] Sɛ yɛdi adanseɛ kyerɛ yɛn pɛ nko ara no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ biribi foforɔ si ansa na yɛafa saa din kronkron no ato yɛn so ankasa wɔ nteaseɛ a ɛho hia sene biribiara mu” (“Yɛrefa Yesu Kristo Din ato yɛn ho so,” Ensign, Kɔtɔnimma 1985, 81). “Biribi foforɔ” no kyerɛ tɛmpol nhyira ne daakye mmasoɔ.

  14. Eksodus 20:7.

  15. Hwɛ James Strong, Strong Twerɛ Kronkron Nsɛmkorankora Ntrɛmu a ɛyɛ Pɛpɛɛpɛ Foforɔ no (2010), Hebrifoɔ nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma, ɔfa 192 nɔma 5375.

  16. Hwɛ Strong, Strong Twerɛ Kronkron Nsɛmkorankora Ntrɛmu a ɛyɛ Pɛpɛɛpɛ Foforɔ no, Hebrifoɔ nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma, ɔfa 192 nɔma 5375.

  17. Elder David A. Bednar kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Asubɔ apam no susu daakye asɛm anaa nsɛm a ɛbɛsisi ho pefee na ɛhwɛ tɛmpol kwan. Kwan a yɛfa so fa Yesu Kristo din to yɛn ho so hyɛ aseɛ wɔ asubɔ nsuo mu na ɛtoa so na ɛmu ɛtrɛ wɔ Awurade fie. Berɛ a yɛgyina asubɔ nsuo mu no, na yɛn ani kyerɛ tɛmpol. Berɛ a yɛrefa adidi kronkron no, na yɛn ani kyerɛ tɛmpol. Yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛkae Agyenkwa no daa na yɛadi Ne mmeransɛm so sɛ ahosiesie sɛ yɛbɛyɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ kronkron na yɛanya nhyira a ɛkorɔnn a ɛnam ne din ne Awurade Yesu Kristo tumi so. Enti, wɔ tɛmpol kronkron no ayɛyɛdeɛ mu no yɛfa Yesu Kristo din to yɛn ho so koraa” (“Anidie mu Kura Din bi mu na Gyina,” LiahonaKɔtɔnimma 2009). Ebia dwumadie no nwie pɛyɛ kɔsi sɛ “yɛbɛyɛ te sɛ ɔno” (Moroni 7:48), berɛ a yɛasakra koraa.

  18. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ General Handbook mu no: ɛsom wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ, 27.2 (ChurchofJesusChrist.org) no, apam no yɛ sɛ wɔde setie ho mmara bɛtena ase, di afɔrebɔ mmara so, di Yesu Kristo Asɛmpa no mmara so, sie no . Ahoteɛ ho mmara, na wodi ahosohyira mmara so; Hwɛ David A. Bednar nso, “Ma wɔnsi efie yi mma me din,” Liahona, Kɔtɔnimma 2020, 84–87.

  19. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109: 14-15. Elder D. Todd Christofferson kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Sunsum Kronkron no mahyɛ’ no ka deɛ Kristo kaa ho asɛm dɛ ‘bɔhyɛ a mede ma mo a ɛfa onniawieɛ nkwa ho, mpo ɔsoro ahenman no animuonyam; animuonyam no yɛ Abakan asɔre no deɛ, mpo Onyankopɔn deɛ ɔyɛ, kronkron sene obiara, ɛnam Yesu Kristo ne Ba no so’ (D&C 88:4–5)” (“Tumi a ɛwɔ Apam mu,” Liahona, Kɔtɔnimma 2009, 23, atwerɛ 5).

  20. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:15.

  21. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:22,25-26.

  22. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:21.

  23. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:15, 22; Russell M. Nelson, “Tumi a ɛwɔ Honhom mu nkɔsoɔ,” Liahona, Kɔtɔnimma 2022, 98.

  24. Hwɛ Russell M. Nelson, “Di Wiase so Nkonim na Nya Ahomegyeɛ,” 96; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:20. Berɛ biara a mobɛhwehwɛ na moadi Honhom no kɔkɔbɔ so, berɛ biara a mobɛyɛ adeɛ a ɛyɛ papa—nneɛma a “nnipa a ɔwɔ honam mu” nnyɛ no—na moredi wiase so nkonim” (“Di Wiase so Nkonim Na Nya Ahome,” 97).

  25. Hebrifoɔ 11:13.

  26. Israel Dimafoɔ,” Nnwom, nɔma 6, nkyekyɛmu 5. Na wei ne nnwom a Lena Sofia Renlund ani gye ho pa ara.

  27. Hwɛ Moroni 10:30–33.

  28. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132: 19--20.