Amansan Nhyiamu
Animuonyam Ahemman
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Animuonyam Ahemman

Yɛwɔ Soro Agya dɔfoɔ a ɔbɛhwɛ sɛ yɛgye nhyira biara ne akwanya biara sɛdeɛ yɛn ara apɛdeɛ ne deɛ yɛfa ma ho kwan.

Wɔtaa bisa Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ sɛ, “Ɛdeɛn na ɛma mo asɔre da nso firi Kristosom nsɔre a aka no ho?” Mmuaeɛ no bi a yɛde ma ne sɛ Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no mahyɛ. Deɛ ɛdi akotene wɔ nkyerɛkyerɛ no mu ne sɛ Agya a ɔwɔ Soro dɔ Ne mma nyinaa dodo kɔsi sɛ Ɔpɛ sɛ yɛn nyinaa tena animuonyam ahemman bi mu afebɔɔ. Ɛno akyi no, Ɔpɛ sɛ yɛne Ɔne Ne Ba, Yesu Kristo, tena ɛnniawieeɛ mu. Ne nhyehyɛeɛ no ma yɛn nkyerɛkyerɛ ne akwanya a ɛbɛma yɛafa deɛ ɛbɛ hyɛ yɛn bɔ wɔ hyɛbrɛ ne abrabɔ a yɛbɛfa ho.

I.

Wɔ ɛnnɛ adiyisɛm mu yɛnim sɛ wɔn a wɔtena asase so nyinaa awieeɛ hyɛbrɛ nyɛ ɔsoro adwene sɛ ateneneefoɔ bɛnya ahemman mu na wɔn a wɔaka no bɛkɔ amanehunu mu. Onyankopɔn dɔ nhyehyɛeɛ a ɔwɔ ma Ne mma no deɛ ɛka ho yɛ saa nokorɛ a yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo kyerɛɛe: “M’agya fie tenabea bebree wɔ hɔ.”1

Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ nkyerɛkyerɛ a wɔayi no adie kyerɛ sɛ Onyankopɔn mma nyinaa—gye sɛ kakraabi a ɛnhia mpo sɛ yɛbɛdwene no wɔ ha—na awieeɛ no wɔbɛnya aheman mmiɛnsa no animuonyam adie, mpo ketewa a ɛwɔ mu no “boro nteaseɛ nyinaa so.”2 Mmerɛ bi akyi a seantiefoɔ hunu amane wɔ wɔn bɔne mu, a saa amanehunu no siesie wɔn ma deɛ ɛbɛdi akyire aba no, wɔn nyinaa bɛsɔre na wɔatoa so akɔ Yesu Kristo Atemmuo a Ɛtwa toɔ no mu. Ɛhɔ na, yɛn Agyenkwa dɔfoɔ, sɛdeɛ wɔakyerɛ yɛn no, “hyɛ Agya no animuonyam, na ɔgye ne nsa ano nnwuma nyinaa,”3 de Onyankopɔn mma nyinaa bɛkɔ ahemman yi baako a ɛnam wɔn pɛ mu ada adi wɔ deɛ wɔayi mu.

Nkyerɛkyerɛ ne ayɛdeɛ sononko baako a Asɔre no wɔ yɛ mmaransɛm ne apam a ɛma Onyankopɔn mma nyinaa akwanya kronkron a ɛma yɛfata animuonyam a ɛkorɔn wɔ sɛlɛtia ahemman mu. Beaeɛ a ɛwɔ soro—mpagya wɔ sɛlɛtia ahemman no mu— yɛ deɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ani si soɔ.

Wɔ ɛnnɛ adiyisɛm mu, Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ wɔ saa nteaseɛ sononko yi fa Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ a Ɔwɔ ma ne mma. Saa nhyehyɛeɛ no ahyɛaseɛ yɛ yɛn abrabɔ sɛ ahonhom ansa na wɔrewo yɛn, na ɛda yɛn botaeɛ ne tebea a yɛafa wɔ honam mu akwantuo mu ne hyɛbrɛ a yɛpɛ no akyire yi adi.

II.

Yɛnim firi ɛnnɛ adiyisɛm mu sɛ “ahemman nyinaa wɔ mmara a wɔde ama”4 na animuonyam ahemman a yɛnya no wɔ Atemmuo a Ɛtwa toɔ mu no gyina mmara a yɛfa di so wɔ honam akwantuo mu. Wɔ saa ɔdɔ nhyehyɛeɛ no ase, ahemman pii na ɛwɔ hɔ—tenabea bebree—sɛdeɛ Onyankopɔn mma nyinaa bɛnya animuonyam ahemman bi a wɔmmrɛ ne mmara so “die.”

Sɛ yɛkyerɛkyerɛ ahemman mmiɛnsa no biara su ne akadeɛ a ɛwɔ Agya no nhyehyɛeɛ mu a, yɛde deɛ ɛwɔ soro no na ɛdi kan, a ɛyɛ mmaransɛm ne ayɛyɛdeɛ kronkron a Onyankopɔn nam Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ so ada no adi no botaeɛ. Wɔ “sɛlɛtia” animuonyam mu5 gyinapɛn mmiɛnsa na ɛwɔ hɔ,6 na mpagya na ɛyɛ deɛ ɛwɔ soro pa ara wɔ sɛlɛtia ahemman no mu. Yei ne wɔn a “wɔagye ne mahyɛ, ne n’animuonyam no,” berɛ a, “wɔyɛ anyame, mpo Onyankopɔn mma mmarima ne [ne mma mmaa]”7 na “wɔne Onyankopɔn ne ne ba Kristo tena afebɔɔ.”8 Ɛnam adiyisɛm so, Onyankopɔn ada Ɛnniawieeɛ mmara, ayɛyɛdeɛ, ne apam a ɛwɔ sɛ yɛdi soɔ na yɛama nyame su a ɛhia ma ɔsoro tumi yi aba mu. Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ani si soɔ ɛfiri sɛ Asɔre a wɔasan de aba no botaeɛ ne sɛ ɛsiesie Onyankopɔn mma ma nkwagyeɛ wɔ sɛlɛtia animuonyam, ne titire no, mpagya wɔ gyinapɛn a ɛwɔ soro pa ara.

Onyankopɔn nhyehyɛeɛ, a ɛfiri nokorɛ a ɛnniawieeɛ mu, hia sɛ mpagya no sɛ obi nsa bɛka a gye sɛ ɛnam nokorɛdie so de ma ɛnniawieeɛ awareɛ apam a ɛwɔ ɔbarima ne ɔbaa ntam wɔ tɛmpol kronkron mu9 a awieeɛ no awareɛ bɛwɔ hɔ ama nokwafoɔ. Ɛno nti na yɛkyerɛkyerɛ sɛ “bɔbea yɛ suban a ɛho hia ma ankorankoro tebea a ansa na yɛreba honam mu, honam mu, ne daapem ahyɛnsodeɛ ne botaeɛ .”10

Nkyerɛkyerɛ sononko a ɛsom boɔ a ɛbɛboa yɛn ama mpagya no yɛ 1995 dawubɔ a ɛfa abusua ho no.11 Ne mpae mu ka no kyerɛ ma sɛlɛtia ahiadeɛ a ɛsiesie yɛn sɛ yɛne Onyankopɔn Agya no ne Ne Ba, Yesu Kristo kɔtena no mu da hɔ. Wɔn a wɔnte Agya no dɔ nhyehyɛeɛ a Ɔwɔ ma Ne mma no ase yie no bɛfa abusua pae mu ka no sɛ ɛnyɛ biribiara sɛ mmara bi na wɔasesa mu. Wɔ abirabɔ mu, abusua pae mu ka, a wɔnyaa wɔ nkyerɛkyerɛ a wɔnnane no no, kyerɛkyerɛ abusua ayɔnkofa mu faako a yɛn onniawieeɛ nkɔsoɔ bɛtumi asie.

Ɔsomafoɔ Paulo kyerɛkyerɛ animuonyam mmiɛnsa no gyinapɛn no mu,de toto awia, bosome, ne nsoromma ho.12 Ɔfrɛ deɛ ɛdi kan no “sɛlɛtia” na deɛ ɛtɔ so mmienu no “tɛrɛstra.”13 Wanto deɛ ɛsua no din, nanso adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith de ne din kaa ho: “tɛlɛtia.”14 Adiyisɛm FoFORɔ nso kyerɛkyerɛ nnipa a ɛwɔ sɛ wɔde ɛmu biara ma wɔn su. Wɔn a wɔmfa sɛ “wɔbɛdi sɛlɛtia ahemman mmara so no”15 wɔbɛdi ahemman foforɔ a n’animuonyam sua sene sɛlɛtia nanso ɛfata mmara a wɔafa na wɔbɛtumi “adi so.” Asɛm di so, a abu so wɔ twerɛnsɛm no mu, kyerɛ sɛ banbɔ bea.16 Nhwɛsoɔ, wɔn a wɔwɔ tɛrɛstra ahemman mu—a wɔde wɔn toto wɔn a wɔwɔ ɔsoro ho adwene traa ho no—“yɛ wɔn a wɔhunu Ɔba no anim, nanso ɛnyɛ Agya no mahyɛ mu.”17 Na wɔyɛ “asase so animuonyamfoɔ, a na nnipa nnaadaa afira wɔn ani,”18 nanso “wɔnyɛ hye wɔ Yesu ho adanseɛ mu”19

Yikyerɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛreda adi fa wɔn a wɔde animuonyam ahemman a ɛsua koraa, tɛlɛtia, ma wɔn no “yɛ deɛ ɔntumi ntena tɛrɛstra ahemman mu .”20 Yei kyerɛkyerɛ wɔn a wɔpo Agyenkwa no na wɔnhunu kronkron sintɔ wɔ wɔn suban ho. Yei ne ahemman a atrimmuɔdenfoɔ tena, berɛ a wɔahunu amane wɔ wɔn bɔne mu akyire. Wɔakyerɛ yeinom mu wɔ ɛnnɛ adiyisɛm mu sɛ “wɔn a wɔpo Kristo asɛmpa no, anaasɛ Yesu ho adanseɛ no.

“Yeinom ne wɔn a wɔyɛ atorɔfoɔ no, ne nkonyaayifoɔ no, ne awaresɛefoɔ, ne adwamammɔfoɔ, ne obiara a n’ani gye nkontompo ho.”21

Titenani Russell M. Nelson de ne nkɔmhyɛ anisoadehunu rekasa fa ahemman mmiɛnsa animuonyam ho no, ɔtwerɛɛ no nnansa yi ara sɛ: “Honam mu asetena mmerɛ yɛ simakwaa ketekete bi a wɔde toto ɛnniawieeɛ ho. Nanso ɛyɛ simakwaa ketekete a ɛho hia! Dwene ho yie sɛdeɛ ɛyɛ adwuma: Wɔ saa honam mu asetena yi mu wobɛtumi ayi mmara a wopɛ sɛ wodi soɔ—sɛlɛtia ahemman, anaasɛ tɛrɛstra, anaasɛ tɛlɛtia—ne animuonyam ahemman a wobɛtena so afebɔɔ. Nhyehyɛeɛ bi ni! Ɛyɛ nhyehyɛeɛ a ɛdi wo faahodie nni.”22

III.

Ɔsomafoɔ Paulo kyerɛɛ sɛ Awurade de nkyerɛkyerɛ ne mmaransɛm no maae sɛdeɛ yɛn nyinaa “bɛduru Kristo mayɛ susudeɛ no tebea so.”23 Saa kwan no hia deɛ ɛboro sɛ yɛrehwehwɛ nimdeɛ. Nyɛ sɛ yɛbɛgye asɛmpa no atom mpo kɛkɛ; ɛwɔ sɛ yɛyɛ adwuma na yɛdwene sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛsakyera yɛn. Wɔ asɛnka afoforɔ abirabɔ mu, a ɛkyerɛ yɛn ma yɛhunu biribi no, Kristo asɛmpa no hyɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ biribi.

Ɛfiri saa nkyerɛkyerɛ no mu yɛka kɔsi sɛ Awieeɛ Atemmuo no nyɛ papa ne bɔne nneyɛɛ tɔfabɔ—deɛ yɛa . Ɛgyina awieeɛ nsunsuansoɔ ma yɛn nneyɛɛe ne nsusuiɛ—deɛ yɛaba abɛyɛ Yɛfata nkwa a ɛnniawieeɛ berɛ a ɛnam adwensakyera so. Sɛdeɛ wɔkyerɛ wɔ ha no, saa asɛmfua yi a n’asekyerɛ yɛ bebree yi kyerɛ abɔdeɛ nsakyeraeɛ mmoroso. Ɛnyɛ papa sɛ obi bɛyɛ biribi a ɔnnwene ɛho mfasoɔ ho. Mmaransɛm, ayɛyɛdeɛ, ne asɛmpa apam no nyɛ nneɛma a wɔaboa ano a ɛhia sɛ wɔde gu ɔsoro akoradeɛ bi mu. Yesu Kristo asɛmpa no yɛ nhyehyɛeɛ a ɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi abɛyɛ deɛ yɛn Soro Agya pɛ sɛ yɛyɛ.24

IV.

Ɛnam Yesu Kristo ne Ne Mpata no nti, sɛ yɛtɔ sini wɔ saa asetena yi mu a, yɛbɛtumi asakyera na yɛasan anya apam kwan no a ɛde yɛn kɔ deɛ yɛn Soro Agya pɛ ma yɛn.

Mormon Nwoma no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ “saa asetena yi yɛ mmerɛ ma [yɛn] sɛ yɛyɛ ahoboa de hyia Onyankopɔn.”25 Nanso sintɔ a ɛyɛ den wɔ “saa abrabɔ” yi mu de nkaeɛ a anidasoɔ wɔ mu maae (anyɛ bi koraa no wɔ kwan bi so maa nnipa bi) wɔ deɛ Awurade yi kyerɛɛ Titenani Joseph F. Smith, a wɔatwerɛ no wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam ɔfa 138. “Mehunuui,” nkɔmhyɛni no twerɛɛe, “sɛ saa mmerɛ a yɛwɔ mu yi mpanimfoɔ anokwafoɔ, sɛ wɔfiri honam asetena yi mu a, wɔtoa adwensakyera ne ɔgyeɛ asɛmpa no asɛnka no so, wɔ awufoɔ honhom wiase kɛseɛ no mu, wɔ wɔn a wɔwɔ esum mu ne bɔne nkoasom mu ntam, ɛnam Onyankopɔn Dɔ Ba Koro no afɔrebɔ so.

“Awufoɔ a wɔsakyera no wɔbɛgye wɔn, ɛnam setie a wɔde ma Awurade fie ayɛyɛdeɛ no,

“Na akyire yi a wɔatua wɔn mmarato ho asotwe awie, na wɔahohoro wɔn ho ma wɔn ho ate no, wɔbɛnya akatua sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ, ɛfiri sɛ wɔyɛ nkwagyeɛ adedifoɔ.”26

Ɛtɔ so no, yɛnim sɛ millennium no, mfirinhyia apem no a ɛtoa Agyenkwa no Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu so no, bɛyɛ berɛ bi a wɔdebɛyɛ ayɛyɛdeɛ a ɛho hia wɔn a wɔannye no wɔ honam asetena mu no.27

Dodoɔ na ɛwɔ hɔ a yɛnnim fa berɛ akɛseɛ mmiɛnsa a ɛwɔ nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no mu: (1) ansa na wɔrewo yɛn honhom wiase, (2) honam a ɛwuo mu, ne (3) asetena foforɔ a ɛbɛba no. Mmom yɛnim saa ɛnniawieeɛ nokorɛ yeinom: “Nkwagyeɛ yɛ ankorankoro asɛdeɛ, nanso mpagya yɛ abusua asɛdeɛ.”28 Yɛwɔ Soro Agya dɔfoɔ a ɔbɛhwɛ sɛ yɛgye nhyira biara ne akwanya biara sɛdeɛ yɛn ara apɛdeɛ ne deɛ yɛfa ma ho kwan. Yɛsan nso nim sɛ ɔrenhyɛ obiara sɛ ɔnkɔ nsɔano ayɔnkofa mu berɛ a ne bo nnwo soɔ. Ayɔnkofa nsɔano nhyira no wɔabɔ anohoba wɔ ho ma wɔn a wɔdi wɔn apam so nanso wɔrenhyɛ ayɔnkofa nsɔano wɔ obi foforɔ a ne ho nteɛ anaasɛ ɔni ɔpɛ.

Menuanom mmarima ne mmaa, medi saa nokorɛ yinom ho adanseɛ. Medi Awurade Yesu Kristo ho adanseɛ, “ahyɛaseɛ ne awieeɛ ma [yɛn] gyedie,”29 ɔno a ne Mpata, wɔ Soro Agya nhyehyɛeɛ ase, ma ɛba mu, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.