Amansan Nhyiamu
Wɔhia Apatafoɔ
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Wɔhia Apatafoɔ

Wowɔ wo pɛ sɛ wofa aperedie anaa mpata. Mehyɛ mo nkuran sɛ mo mfasɛ mobɛyɛ apatafoɔ, seesei ara ne berɛ biara.

Me nuanom mmarima ne mmaa, ɛyɛ anigyeɛ sɛ me ne mo hyia. Wɔ saa bosome nsia a atwam no, madwene mo ho wɔ m’adwene mu ne me mpaebɔ mu. Mebɔ mpaeɛ sɛ Sunsum Kronkron no ne mobɛkasa wɔ deɛ Awurade pɛ sɛ mote berɛ a mekasa kyerɛ mo seesei.

Berɛ a na meyɛ oduyɛfoɔ mfeɛ bebree a atwam no, meboaa oduyɛfoɔ bi a na ɔretwa obi a yareɛ adokro no nan. Na aprehyan no yɛ den. Afei, deɛ ɛyɛɛ abufu koraa ne sɛ adwumayɛfoɔ no baako anyɛ n’adwuma yie, maa oduyɛfoɔ no bo fuui. N’abufuo no mu no, ɔtoo ne sekammoa a yarewammoa adɔre ho ma no. Ɛbɛsii m’a bakɔn!

Obiara a na ɔwɔ aprehyan dan no mu—gyesɛ aboafoɔ a na wɔnni hɔ no—ho dwirii wɔn wɔ adwuma foon a ɔyɛɛ sɛ aduyɛfoɔ no. Aseda, mannya yareɛ biara. Nanso saa suahunu yi gyaa me atenka a me werɛ remfiri da. Wɔ saa dɔnhwere no ara mu, mehyɛɛ me ho bɔ sɛ biribiara a ɛbɛsi wɔ me aprehyan dan mu no, me bo remfu da wɔ me ho. Mesan nso dii nse sɛ mento biribiara wɔ abufuo so—sɛ ɛyɛ sekammoa anaa nsɛmfua.

Seesei mpo, mfeɛ bebree akyi, ɛyɛ a na medwene ho sɛ sekammoa yi a na adɔre yarewammoa a ɛsii me nsa so no, ɛborɔ wɔ ano sene ɛborɔ a ɛwɔ aman twe-ma-mentwe ne ne nnipa ntam ayɔnkofa ɛnnɛ yi deɛ. Anidie ne ahonidie ayɛ sɛ deɛ ayera wɔ saa adwene a ɛnhyia ne anigyeɛ mu mente-me ho ase berɛ yi mu.

Kasafi, mfomsoɔ hwehwɛ, ne afoforɔ ho nsɛmmɔne keka adɔɔso dodo. Anyansafoɔ, amanyɔfoɔ, anigyemafoɔ, ne afoforɔ a wɔwɔ nkɛntɛnsoɔ taa didi atɛm. Ɛha me kɛse sɛ nnipa bebree reyɛ agye adi sɛ wɔapene so sɛ yɛmmu fɔ, nkeka obi ho asɛm, na yɛngu obiara a ɔne yɛnnyɛ adwene ho fi. Ebinom awe ataa so sɛ wɔde awerɛho sɛm ne nsɛmyaa sɛe afoforɔ din pa.

Abufuo nni akorɔkorɔ da. Ɔtan mmoa obiara. Aperedie mfa nkanyan mmuaeɛ mma da. Aweɛhosɛm, ɛtɔ da a yɛhunu aperediesuban wɔ yɛn ara yɛn tebea mu. Yɛte wɔn a wɔbu wɔn ahokafoɔ ne nkwadaa animtia, na wɔde abufuo hyɛ afoforɔ so, ne wɔn a wɔtwe abusafoɔ aso wɔ “ateetee a obi nteɛ mu.” Yɛte mmabunu ne nkwadaa a wɔyɛ apoopoofoɔ ne adwumayɛfoɔ a wɔgu wɔn mfɛfoɔ ho fi.

Menuanom mmarima ne mmaa, ɛmfata sɛ ɛyɛ saa. Sɛ Yesu Kristo asuafoɔ no, ɛwɔ sɛ yɛyɛ nhwɛsoɔ ma yɛne afoforɔ asetena—titire berɛ a yɛwɔ adwene nsonoeɛ. Ɔkwan baako a ɛyɛ fo a yɛde hunu Yesu Kristo kyidifoɔ nokwafoɔ yɛ sɛdeɛ saa onii no de ayamhyehyeɛ tete nkurɔfoɔ afoforɔ.

Agyenkwa no daa yei adi pefee wɔ Ne nsɛmpa a ɔde maa N’akyidifoɔ afa mmienu no mu. “Nhyira ne apatafoɔ no,” Ɔkaae.1 “Na deɛ ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dane baako no nso ma no.”2 Na afei, ɛwɔm, Ɔmaa afotuo a ɛto yɛn nyinaa ayerem “Monnɔ mo atamfo, mommɔ mpaeɛ mma wɔn a taa mo, monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔbu mo animtia na wɔtaataa mo no.“3

Ansa na Ne wuo no, Agyenkwa no hyɛɛ N’Asomafoɔ Dummienu no sɛ wɔnnodɔ wɔn ho sɛdeɛ ɔdɔɔ wɔn no.4 Afei ɔde kaa ho, “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ.”5

Agyenkwa no nkransɛm no mu da hɔ pefee: N’ asuafoɔ nokwafoɔ no si, pagya, hyɛ nkurane, korɔkorɔ, na wɔkanyan—ɛmfa ho ne sɛdeɛ tebea no si teɛ. Yesu Kristo asuafoɔ nokwafoɔ no yɛ apatafoɔ.6

Ɛnnɛ yɛ Mmerɛnkɛnsono Kwasiada. Yɛresiesie yɛn ho akae dwumadie mmorosoɔ a asi pɛn wɔ asase so, a ɛne Yesu Kristo Mpata ne Wusɔreɛ no. Ɔkwan papa baako a yɛbɛtumi afa so ahyɛ Agyenkwa no animuonyam ne sɛ yɛbɛyɛ apatafoɔ.7

Agyenkwa no Mpata no maa ɛyɛɛ mmrɛ sɛ yɛbɛtumi adi bɔne nyinaa so—a aperedie ka ho. Ɛnyɛ mfomsoɔ wɔ ho: na aperedie bɔne! Yesu Kristo paee mu kaa sɛ wɔn a “wɔwɔ aperepereɛ honhom” no nyɛ ne dea, na mmom wɔyɛ ”ɔbonsam dea, a ɔyɛ aperedie agya ne [ɔbonsam] no, na ɔkanyan nnipa akoma ma wɔne wɔn ho de abufuo di aperepereɛ.”8 Wɔn a wɔboa aperedie refa krataafa afiri Ɔbonsam agodienwoma mu, sɛ ɛyɛ wɔn anidaho anaa sɛ ɛnyɛ. “Obiara ntumi nsom awuranom mmienu.”9 Yɛntumi mfa yɛn abufuo ne kasantwi mmoa Ɔbonsam nhyehyɛeɛ na yɛnnwene sɛ yɛbɛtumi akɔ so ara asom Onyankopɔn.

Menuanom mmarima ne mmaa, sɛdeɛ yɛtete yɛn ho no ho hia paa ara! Sɛdeɛ yɛkasa kyerɛ ne deɛ ɛfa nkurɔfoɔ ho wɔ fie, asɔre mu, adwuma mu, ne ntentan so ho hia. Ɛnnɛ, mere se yɛn sɛ yɛne afoforɔ nni nkutaho wɔ kwan a ɛwɔ sorosoro na ɛkorɔn so. Mesrɛ tie no yie. “Sɛ adepa bi wɔ hɔ a, ɛyɛ fɛ, anaa ɛwɔ din pa anaa ɛfata ayɛyie a ”10 saa na yɛbɛtumi aka afa onipa foforɔ ho—sɛ yɛreka asi n’anim anaa n’akyi—ɛno na ɛwɔ sɛ ɛyɛ yɛn nkutahodie susudua.

Sɛ awarefoɔ a wɔwɔ wo ward gyae awareɛ a, anaa ɔsɛmpakani babunu bi sane ba fie ntɛm a, anaa babunu kumaa bi nnye n’adanseɛ nni a, wɔnhia w’atɛmmuo. Wɔhia Yesu Kristo dɔ a ɛda adi wɔ wo nsɛm ne wo nneyɛɛ mu.

Sɛ ɔyɔnkoɔ bi wɔ abɛɛfo ntentan dawubɔ so na ɔwɔ amanyɔsɛm a ano yɛ den anaa nkutahodie adwenkyerɛ bi a ɛtia biribiaraa wogyedie a, w’abufuo ne anoɔyeaa no ntumi nsesa hwee. Sɛ yɛresiesie yɛn ntam ama nteaseɛ aba no fa kɛseɛ gyina wo so, na ɛno ne deɛ wo yɔnko hia no.

Aperedie pam Honhom no kɔ akyiri—berɛ biara. Aperedieɛ hyɛ nkontompo gyedie mu kena sɛ ntɔkwa yɛ kwan a yɛfa so sieise ntawantawa: nanso ɛnte saa da. Aperedie yɛ deɛ wofa. Patafoɔyɛ yɛ deɛ wofa. Wowɔ wo pɛ sɛ wofa aperedie anaa mpata. Mehyɛ mo nkuran sɛ mo mfa sɛ mobɛyɛ apatafoɔ, seesei ara ne berɛ biara.11

Anuanom mmarima ne mmaa, yɛbɛtumi ampa ara asesa wiase—onipa baako ne nkutahodie baako berɛ biara. Sɛn? Sɛ yɛnam yɛkyerɛ so sua sɛdeɛ yɛde nnide ne nkasaho papa siesie ntawantawa nokorɛ.

Adwenkyerɛ mu nsonoeɛ yɛ abrabɔ mu fa bi. Dabiara mene Awurade asomfo a wɔatu wɔn ho asi hɔ yɛ adwuma a wɔntaa nhunu adeɛ wɔ saa kwan korɔ no so. Wɔnim sɛ mepɛ sɛ metie wɔn adwene ne wɔn nokorɛ atenka fa deɛ yɛndwene ho biara—titire kokoa mu nsɛm.

Mfoni
Titenanit Dallin H. Oaks ne President Henry B. Eyring

M’afotufoɔ animuoyamfoɔ mmienu, President Oaks ne President Eyring yɛ nhwɛsoɔ wɔ kwan a wɔfa so kyerɛ wɔn atenka—titire berɛ a wɔwɔ adwene foforɔ. Wɔde ɔdɔ kann yɛ saa ara ma wɔn ho. Wɔn mu biara nsusu sɛ ɔnim sene obiara enti ɔde ahoɔden bɛpere ne gyina berɛ. Obiara nso nna deɛ nti ɛwɔ sɛ ɔne ne yɔnko di apredie adi. Ɛfiri sɛ ɔdɔ mapa ahyɛ wɔn mu biara ma, “Kristo dɔ a nkekaawa biara nni mu ,”12 yɛn nkɔmmɔdie no Awurade no Honhom kyerɛ ho kwan. Sɛdeɛ medɔ na medi mmarima akɛseɛ mmieni yi!

Aperedie anoaduro yɛ Ɔdɔ mapa. Ɔdɔ mapa yɛ honhom akyɛdeɛ a ɛma yɛn twa honam mu nipa firi hɔ, a ɛyɛ pɛsɛmenkomenya ne ne ho banbɔfoɔ no. Ɔdɔ mapa yɛ su kɛseɛ wɔ Yesu Kristo kyidifoɔ ho. .13 Ɔdɔ mapa da obi a ɔyɛ ɔpatafoɔ adi.

Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ Onyankopɔn anim na yɔbɔ mpaeɛ wɔ y’akoma ahoɔden nyinaa mu a, Onyankopɔn bɛhwie ɔdɔ mapa agu yɛn so .14

Wɔn a wɔahyira wɔn akyɛdeɛ soronko yi yɛ abodwokyerɛ ne ayamyɛ. Wɔn ani mmere afoforɔ na wɔntɔɔ wɔn nko ara adehia mu ntentan. Wɔn bo kyɛre fu na wɔnnwene bɔne mma afoforɔ.15

Anuanom mmarima ne mmaa, Yesu Kristo dɔ kann no yɛ aperedie a ɛha yɛn nnɛ yi anoaduro. Ɔdɔ mapa na ɛpia yɛn ma yɛ “yɛn ho nnesoa”16 sene sɛ yɛboaboa nnesoa gu yɛn ho so no. Kristo dɔ kann no ma yɛn kwan ma yɛgyina sɛ “Onyankopɔn adansefoɔ berɛ nyinaa ne nneɛma nyinaa mu”17titire wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu. Ɔdɔ mapa ma kwan ma yɛkyerɛ sɛdeɛ mmarima ne mmaa kasa na wɔyɛ adeɛ—titire berɛ a yɛwɔ deɛ ɛyɛ hyeɛ mu.

Seesei, merenkasa mfa “asomdwoeɛ ho wɔ ɛboɔ biara ho.“18 Merekasa fa sɛdeɛ yɛne afoforɔ teɛ wɔ akwan a sɛ yɛfa adidikronkron a apam a yɛyɛno ɛne no bɔbra a. Wopam sɛ berɛ nyinaa wobɛkae Agyenkwa no. W tebea biara a emu ayɛ den na aperedie ahyɛ ma no, meto nsa frɛ wo sɛ kae Yesu Kristo. Bɔ mpaeɛ pɛ akokoɔduro ne nyansa wɔ deɛ Ɔbɛpɛ sɛ woka anaa yɛ ho. Sɛ yɛdi Asomdwoeɛ Hene no akyi a, yɛbɛba abayɛ N’apatafoɔ.

Saa berɛ yi ebia na woredwene sɛ saa nkransɛm yi bɛboa obi a wonim no yie. Ebia woredwene sɛ ɛbɛboa no ama wayɛ nipa papa ama wo. Megyedi sɛ ɛbɛyɛ saa. Na mesusu sɛ wobɛdɔ sukɔ ahwɛ w’ akoma mu sɛ ahomasoɔ su anaa ahoɔyaa bi resi wo kwan mma wo mmɛyɛ ɔpatafoɔ.19

Sɛ w’ani aberɛ sɛ woboa Yesrai ano boaboa na wohyehyɛ ayɔnkofa a ɛde wo bɛkɔ enniawieeɛ mu, seesei ne berɛ a ɛwɔ sɛ woto awerɛhoɔ to nkyɛn. Seesei ne berɛ a ɛsɛ sɛ wogyae kyinkyinaatwan sɛ ɛnyɛ wo kwan a kwan biara nni hɔ. Seesei ne berɛ a ɛsɛ sɛ wogyae nneɛma a woyɛ a ɛma afoforɔ bɔhu sɛ anhwɛ a na wo bo afu no. Seesei yɛ berɛ a ɛwɔ sɛ yɛsie yɛn ako akodeɛ.20 Sɛ w’ano kasa yɛ deɛ atɛmdidie ne akutiabɔ ahyɛ no ma a, seesei ne berɛ a ɛwɔ sɛ woto twene.21 Wobɛsɔre sɛ honhom mu barima anaa ɔbaa hoɔdenfoɔ wɔ Kristo mu.

Tɛmpol no bɛtumi aboa yɛn wɔ yɛn abisadeɛ mu. Ɛhɔ no wɔkyɛ yɛn Onyankopɔn tumi, a ɛrema yɛn ahoɔden a yɛde bɛdi Ɔbonsam so, aperedie nyinaa takrawɔgyamni.22 Tu n’ase firi w’ayɔnkofa mu! Hyɛ no nso sɛ yɛn nso yɛka ɔsɛefoɔ no anim berɛ biara a yɛsiesie ntawantawa anaa yɛmma yɛ bo mfuo no. Mmom, yɛbɛtumi akyerɛ ahummɔborɔ a ɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ su no. Apatafoɔ si ɔsɛefoɔ no akwan.

Momma yɛn sɛ nnipa mmɛyɛ kane turodoo wɔ bepɔ no so—kanea a “ɛntumi nhinta.”23 Momma yɛnkyerɛ sɛ ɔkwan papa bi wɔ a yɛdebɛsiesie nsɛm a ano yɛ den ne ɔkwan a anibue wɔ mu a yɛbɛtumi de asiesie mentemehoase. Sɛ woda ɔdɔ mapa a Yesu Kristo akyidifoɔ wɔ no adi a, Awurade no bɛyɛ wo mmɔdemmɔ no kɛseɛ a ɛbɛboro wo nteaseɛ so.

Asɛmpa atena no yɛ wiase atena kɛseɛ paa ara. Onyankopɔn ato nsa frɛ obiara sɛ ɔmmra Ne nkyɛn, “tuntum ne fitaa, akoa ne fahodieni, ɔbarima ne ɔbaa.”24 Kwan wɔ hɔ ma obiara. Mmom, kwan biara nni hɔ ma adwemmɔne, fɔbuo, anaa aperedie nsɛsoɔ biara.

Menuanom mmarima ne mmaa, nnepa no nam kwan so reba ama wɔn a wɔboa kyekyere afoforɔ abrabɔ. Ɛnnɛ meto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ wo suaniyɛ mu wɔ sɛdeɛ woyɛ afoforɔ wɔ nsɛm yi mu. Mehyira mo sɛ monyɛ nsiesie biara a ɛfata sɛdeɛ moo suban bɛyɛ animuonyam, obuo, ne Yesu Kristo ananmusifoɔ akyidifoɔ nokwafoɔ.

Mehyira mo sɛ momfa nkoto srɛ nhyɛ atutupɛ ananmu, nteaseɛ nhyɛ anibere ananmu, na asomdwoeɛ, nhyɛ aperedie ananmu.

Onyankopɔn tease! Yesu ne Kristo no. Ɔgyina N’Asɔre no atifi. Yɛyɛ N’asomfoɔ. Ɔbɛboa yɛn ama yɛayɛ N’asomdwoeɛyɛfoɔ. Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.