Amansan Nhyiamu
Kristo Asomdwoeɛ Bra Anitan
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Kristo Asomdwoeɛ Bra Anitan

Sɛ Kristo dɔ dura yɛn abrabɔ a, yɛde ɔdwoɔ, aboterɛ, ne ayamyɛ na ɛhyia wantwiwantwi.

Me nnuanom mmaa ne mmarimma, berɛ a yɛretenetene yɛn apɔmu no, akoma no adwuma kɔ soro. Akoma a ɛtumi nanteɛ mpo pere berɛ a yɛretu mmirika foro bepɔ. Ɛba saa a, apɔmu-tenetene sɔhwɛ no tumi da yareɛ bi a anka ahinta adi. Adeɛ biara a wɔbɛhunu no wɔtumi sɔ ano ansa na ɛde ɔhaw kɛseɛ aba nnipa abrabɔ mu.

Nokorɛ mu, COVID-19 nsanyadeɛ no ayɛ wiase nyinaa brɛ sɔhwɛ! Sɔhwɛ no ada nsunsuansoɔ a afrafra adi. Wɔatumi ayɛ banbɔ nnuro a ano yɛ nam. 1 Apɔmuden adwumayɛfoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, ahwɛfoɔ, ne afoforɔ de wɔn ho abɔ afɔreɛ akokoɔduro so—na wɔgu so yɛ. Nnipa bebree akyerɛ ɔdɔ ne ayamyɛ—na wɔgu so yɛ. Nanso, ɛmu ɔhaw pii ada adi pefee. Ankorankorɛ a wɔyɛ mmerɛ abrɛ—na wɔgu so brɛ. Wɔn a wɔn adwuma ne sɛ wɔkasa fa ɛmu nsonsonoeɛ ho no fata nkuranhyɛ ne aseda.

Nsanyadeɛ yi nso yɛ honhom mu apɔmu-tenetene sɔhwɛ ma Agyenkwa no Asɔre ne asɔremma. Nsunsuansoɔ no afrafra saa ara. Yɛn abrabɔ ayɛ nhyira sɛ yɛresom wɔ “kwan a ɛkɔ nkan na ɛho teɛ so,” 2 Bra Bedi M’akyi nneɛma a yɛkyerɛ, ɛne efie-nnyinasoɔ, Asɔre-mmoa asɛmpa adesua no. Bebree ama mmɔborɔhunu mmoa ne awerɛkyekyerɛ wɔ saa mmerɛ a emu yɛ den yi mu na wɔgu so yɛ. 3

Nanso, wɔ baabi no, honhom mu apɔmtenetene sɔhwɛ no akyerɛ aperepereɛ ne mpaepaemu su. Yei kyerɛ sɛ yɛwɔ adwuma yɛ sɛ yɛsesa yɛn akoma na yɛbɛyɛ baako sɛ Agyenkwa no nokorɛ asuafoɔ. Yei nyɛ ade foforɔ, na mmom ɛho hia pa ara. 4

Berɛ a Agyenkwa no kɔsraa Nifaefoɔ no, Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ, “Momma akasakasa biara mma mo ntam. Na obiara a ɔwɔ aperepereɛ honhom no nyɛ me dea, na mmom ɔyɛ ɔbonsam dea, apereapereɛ agya no, na ɔkanyan nnipa akoma ma wɔne wɔn ho wɔn ho de abufuo di aperepereɛ.” 5 Sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho de abufuo di aperepereɛ a, Satan sere na Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro su. 6

Satan sere na Onyankopɔn su wɔ anyɛ hwee no nneɛma mmienu ho. Ɛdi kan, aperepereɛ ma yɛn nkabom adanseɛ ma wiase fa Yesu Kristo ne ɔgyeɛ a ɛnam Ne “papayɛ, ahummɔborɔ, ne adom.” 7 Agyenkwa no kaa sɛ, “Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho mo ho. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ.” 8 Ne nnaneho nso yɛ nokorɛ—sɛ yɛnnodɔ yɛn ho a, obiara hunu sɛ yɛnyɛ N’akyidifoɔ. Yɛtoto Ne nna a ɛdi akyire adwuma ase berɛ a aperepereɛ ne nitan 9 wɔ N’akyidifoɔ ntam. 10 Ɛtɔ so mmienu, aperepereɛ ma yɛn honhom mu ahoɔden so te sɛ ankorankorɛ. Wɔsi yɛn asomdwoeɛ, anigyeɛ, ne ahomegyeɛ kwan, na tumi a yɛde te Honhom no nka so te.

Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nyɛ Ne nkyerɛkyerɛ ne sɛ “ɔde abufuo bɛkanyan nnipa akoma ama wɔde atia wɔn ho; na [mmom Ne] nkyerɛkyerɛ [ne] sɛ wɔbɛgyae saa nneɛma yi.” 11 Sɛ me bo fu ntɛm wɔ deɛ obi aka ho anaa mede abufuo bua anaa kasatia obi adwenkyerɛ a, medi “nkoguo” wɔ honhom mu apɔmu-tenetene nsɔhwɛ no mu. Saa sɔhwɛ nkoguo yi nkyerɛ sɛ menni anidasoɔ. Mmom, ɛkyerɛ sɛ ɛwɔ sɛ mesesa. Na ɛyɛ sɛ mɛhunu no saa.

Agyenkwa no nsrahwɛ wɔ Amɛrika akyire no, nkorɔfoɔ no nyaa nkabom; “na apereapereɛ biara nni asase no so.” 12 Wogye di sɛ nkorɔfoɔ no nyaa nkabom ɛnam sɛ na wɔn nyinaa yɛ pɛ, anaa ɛnam sɛ na wantwiwantwi biara nni wɔn ntam? Mennye nni. Mmom, apereapereɛ ne nitan yeraeɛ ɛfiri sɛ wɔmaa Agyenkwa no akyiridie hiaa wɔn boroo adeɛ biara so. Wɔn wantwiwantwi no ho anhia bio sɛ Agyenkwa no ho dɔ a wɔkyɛeɛ, na wɔnyaa nkabom sɛ “Onyankopɔn ahennie mu adedifoɔ.” 13 Deɛ ɛfiri mu baeɛ ne sɛ “nnipa biara nni hɔ a Onyankopɔn de ne nsa abɔ wɔn a wɔn anigyeɛ te sɛ saa nkorɔfoɔ yi.” 14

Nkabom hia mmɔdemmɔ. 15 Ɛnyini wɔ berɛ a yɛnya Onyankopɔn dɔ wɔ yɛn akoma mu 16 na yɛn adwene kɔ yɛn ɛnniawieɛ botaeɛ so. 17 Yɛnya nkabom ɛnam su korɔ a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn mma 18 ne yɛn ahofama ma nokorɛ a ɛwɔ asɛmpa a asan aba no mu no. Ɛnam yɛn Onyankopɔn ho dɔ ne yɛn Yesu Kristo akyidie so de ɔhaw kann brɛ afoforɔ. Yɛbu afoforɔ su, wɔn adwene ne wɔn ɔdom akyɛdeɛ hwɛbea. 19 Sɛ yɛntumi mma Yesu Kristo akyiridie mmoro deɛ yɛn ankasa yɛpɛ na yɛdwene so a, ɛwɔ sɛ yɛsan hwehwɛ yɛn ahiadeɛ mu bio na yɛsesa.

Anhwɛ a yɛbɛka sɛ, “Aane yɛbɛtumi anya nkabom—sɛ wo ne me bɛyɛ adwene nko ara deɛ a!” Ne papa mu ne sɛ wobɛbisa sɛ, “Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ a ɛde nkabom bɛba? Sɛn na mɛsi aboa saa onipa yi ama wabɛn Kristo? Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de ate aperepereɛ so na ayɛ Asɔre nnipakuo a wɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamyɛ?”

Sɛ Kristo ho dɔ dura yɛn abrabɔ a, 20 yɛde ɔdwoɔ, aboterɛ, ne ayamyɛ na ɛhyia wantwiwantwi. 21 Yɛnha yɛn ho kɛse wɔn yɛn ankasa atenka ho na mmom afoforɔ deɛ ho. Yɛ “hwehwɛ sɛ yɛsiesie na yɛka bɔ mu.” 22 Yɛmmu “adwene mu atɛn,” mmu wɔn a yɛne wɔn nyɛ adwene atɛn, anaa yɛyɛ ma wɔsunti 23 Mmom, yɛfa no sɛ wɔn a yɛne wɔn nyɛ adwene no de abrabɔ mu suahunu a wɔwɔ reyɛ deɛ wɔbɛtumi biara.

Me yere yɛɛ mmranim adwuma mfeɛ aduonu. Sɛ mmaranimfoɔ no, ɔtaa ne afoforɔ a ɛda adi pefee sɛ wɔne no nyɛ adwene yɛɛ adwuma. Nanso ɔsuaa sɛnea ɔne afoforɔ yiyi a ɛnyɛ aniansɔ mu. Ɔtumi ka kyerɛ lɔya a ɔne no redi asie no sɛ, “metumi hunu sɛ yɛrente yɛn ho ase wɔ saa asɛm yi ho. Mepɛ w’asɛm. Mebu w’adwenkyerɛ. Megye di sɛ wobɛtumi ama me anidie saa ara.” Mpɛn pii yei maa wɔbuu wɔn ho wɔn ho ne ayɔnkofa mpo ɛmfa ho ne wɔn wantwiwantwi.

Wɔn a wɔyɛ atamfoɔ dada mpo bɛtumi aka abɔ mu wɔ wɔn Agyenkwa no akyiridie mu. 24 Afe 2006 mu, mekɔɔ Helsinki Finland Tɛmpol nteho kɔhyɛɛ me papa ne me nanakansoanom a wɔyɛ wɔn a wɔsakyera baa Asɔre no mu ntɛm wɔ Finland animuonyam. Na Finlandfoɔ, a me papa ka ho, aso tɛmpol ho daeɛ wɔ Finland mfeɛ bebree. Saa berɛ no, Tɛmpol Mansini no bɛyɛ Finland, Estonia, Latvia, Lithuania, Belarus, ne Russia.

Mesuaa biribi nwanwasoɔ bi berɛ a na wɔreyɛ nteho no. Wɔyii da a ɛdi kan a wɔde bɛyɛ mu adwuma no sii hɔ maa Russia asɔremma sɛ wɔmfa nyɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ. Ɛyɛ den sɛ mɛtumi akyerɛkyerɛ sɛdeɛ yei yɛɛ nwanwa faeɛ. Na Russiafoɔ ne Finlandfoɔ ako ntɔkwa bebree boro mfeɛ ɔha. Na me papa nnye Russiaman no ne Russiafoɔ nyinaa nni ɛna na ɔmpɛ wɔn asɛm nso. Na ɔde atenka a ɛso ka saa asɛm yi, na na n’atenka no fa ɔtan a na Finlandfoɔ wɔ ma Russiafoɔ. Na wakyere abakɔsɛm anwonsɛm ntiantia a na ɛka mfehaha a ɛtɔ so 19 mu ntɔkwa a na ɛda Finlandfoɔ ne Russiafoɔ ntam agu ne tirim. Deɛ ɔfaa mu wɔ Wiase Ɔko kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu no mu berɛ a Finlandfoɔ ne Russiafoɔ san hyiaeɛ sɛ atamfoɔ bio, antumi ansesa n’adwene koraa.

Afe baako ansa na wɔrebɛte Helsinki Finland Tɛmpol no ho no, tɛmpol badwakuo, a na wɔyɛ Finlandfoɔ nko ara no, hyiaa sɛ wɔretoatoa adwene afa nteho no nhyehyɛeɛ ho. Nhyiamu no mu no, obi kaa sɛ Russiafoɔ Ahotefoɔ bɛtu kwan nna bebree akɔ nteho no bi na ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛgye tɛmpol nhyira ansa na wɔasan akɔ wɔn kurom. Badwakuo no dwamtenani, Onuabarima Sven Eklund, susuui sɛ Finlandfoɔ no bɛtumi atwɛn kakra, na Russiafoɔ nyɛ asɔremma a wɔbɛdi kan ayɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ wɔ tɛmpol no mu. Abadwafoɔ no nyinaa penee so. Finlandfoɔ a wɔyɛ Nna a ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ anokwafoɔ twenwɛnee wɔn tɛmpol nhyira so maa Russiafoɔ Ahoteɛfoɔ.

Mantam Titenani a na ɔwɔ saa tɛmpol badwakuo nhyiamu no ase bi, Ɛlda Dennis B. Neuenschander, twerɛɛ no akyire yi sɛ: “Mani nnyee Finlandfoɔ ho te sɛ na mewɔ saa nhyiamu no ase bi da. Finland abakɔsɛm denden a wɔne wɔn ayɔnkofoɔ a wɔwɔ apueɛ fa mu wɔ ɛne anigyeɛ a wɔanya sɛ wɔasi [tɛmpol] wɔ wɔn ankasa asase so nyinaa wɔde too nkyɛn. Sɛ wɔrema kwan ma Russiafoɔ adi kan awura tɛmpol no mu [yɛ] asɛm a ɛkyerɛ ɔdɔ ne afɔrebɔ.” 25

Berɛ a mede saa ayamyɛ yi ho amanneɛ bɔɔ me papa no, ɔnyaa atenka sononko na ɔsuui, adeɛ a ɛntaa nsi wɔ Finlandni a ɔwɔ ahohyɛsoɔ te sɛ ɔno ho. Ɛfiri saa da no kɔsii ne wuo mfeɛ mmiɛnsa akyiri no, wanka asɛm bɔne amfa Russiafoɔ ho bio. Ne nuanom Finlandfoɔ nhwɛsoɔ no hyɛɛ me papa nkuran, maa ɔyii sɛ ɔbɛma Yesu Kristo akyiridie aboro nneama nkaeɛ nyinaa so. Finlandfoɔ no kɔɔ so ara yɛɛ Finlandfoɔ; Russiafoɔ kɔɔ so ara yɛɛ Russiafoɔ; ekuo biara annya wɔn amammerɛ, abakɔsɛm, anaa suahunu sɛ wɔde repam nitan. Na ɛnhia sɛ wɔyɛ saa. Mmom, wɔmaa Yesu Kristo akyidie yɛɛ wɔn ahiadeɛ a ɛdi kan 26

Sɛ wɔtumi yɔeɛ a, wo nso wobɛtumi. Yɛbɛtumi de yɛn agyapadeɛ, amammerɛ, ne suahunu aba Yesu Kristo Asɔre mu. Samuel amfɛre sɛ ɔyɛ Lamanni, 27 ɛna Mormon amfɛre ne deɛ sɛ ɔyɛ Nifaeni. 28 Nanso obiara maa Agyenkwa no akyiridie dii no kan.

Sɛ yɛnyɛ baako a, yɛnyɛ Ne dea. 29 Me frɛ ne sɛ yɛbɛyɛ akokoɔdurofoɔ ama yɛn Onyankopɔn dɔ ne Agyenkwa no akyidie aboro nneɛma nkaeɛ nyinaa so. 30 Momma yɛnsɔ apam a ɛhyɛ yɛn akyiridie mu no mu—apam sɛ yɛbɛyɛ baako no.

Momma yɛnsua Ahotefoɔ a wɔwɔ wiase baabiara a wɔreyɛ Kristo akyidifoɔ nkonimdifoɔ nhwɛsoɔ no. Yɛbɛtumi de yɛn ho ato Yesu Kristo so, ɔno “ne yɛn asomdwoeɛ, ɔno wadwiri ɔfasuo a ɛtwa yɛn ntam a ɛyɛ nitan; berɛ a ɔde ne [mpata afɔrebɔ] no abara.” 31 Yɛn adansedie ma wiase bɛyɛ den, na yɛbɛnya honhom mu ahoɔden. 32 Medi adanseɛ sɛ sɛ yɛ “po aperepereɛ” na yɛne “Awurade adwene bɛyɛ koro wɔ ɔdɔ mu na yɛne No kabom wɔ gyedie mu a,” N’asomdwoeɛ bɛyɛ yɛn dea. 33 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ “The First Presidency Urges Latter-day Saints to Wear Face Masks When Needed and Get Vaccinated Against COVID-19,” Newsroom, Aug. 12, 2021, newsroom.ChurchofJesusChrist.org; “Vaccines Explained,” World Health Organization, who.int/emergencies/diseases/novel-coronavirus-2019/covid-19-vaccines/explainers; “Safety of COVID-19 Vaccines,” Centers for Disease Control and Prevention, Sept. 27, 2021, cdc.gov/coronavirus/2019-ncov/vaccines/safety/safety-of-vaccines.html; “COVID-19 Vaccine Effectiveness and Safety,” Morbidity and Mortality Weekly Report, Centers for Disease Control and Prevention, cdc.gov/mmwr/covid19_vaccine_safety.html.

  2. Russell M. Nelson, “Anuanom Mmaa Ahokeka wɔ Israel Anoboaboa mu,” Laehona,, Obubuo 2018, 69.

  3. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 81:15..

  4. Asomafoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ bebree akasa afa koroyɛ ne ntɔkwa ho mfeɛ pii. Hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ: Marvin J. Ashton, “Berɛ Nni hɔ mma Apereapereɛ,” Ɛnsae, Kɔtɔnimaa 1978, 7-9; Marion G. Romney, “Koroyɛ,” ƐnsaeKɔtɔnimaa 1983, 17-18; Russell M. Nelson, “Nweweeɛ a Apereapereɛ de ba,” Ɛnsae, Kɔtɔnimaa 1989, 68-71; Russell M. Nelson, “Apam no Mma,” Ɛnsae, Kɔtɔnimaa 1995, 32-35; Henry B. Eyring, “Ama Yɛayɛ Baako,” Ɛnsae, Kɔtɔnimaa 1998, 66-68; D. Todd Christofferson, “Bra Sion,” Laehona, Obubuo 2008, 37-40; Jeffrey R. Holland, “Nkabom Som,” Laehona, Obubuo 2018, 77-79; Quentin L. Cook, “Akoma a Wɔanwene no Teneneeyɛ ne Nkabom mu,” Laehona, Obubuo 2020, 18-22; Gary E. Stevenson, “Akoma a Wɔanwene Abom,” LaehonaKɔtɔnimaa 2021, 19-23.

  5. 3 Nifae 11:28-29.

  6. Hwɛ Mose 7:26, 28, 33. Yei nkyerɛ sɛ Agyenkwa no mpata afɔrebɔ no gu so rekɔso anaasɛ Ɔgu so rehunu amane; Yesu Kristo awie Mpata no. Nanso, Ne tema ne ahummɔborɔ a ɛwie pɛyɛ na ɛtoɔ ntwa da a Ɔgyeeɛ ɛnam Ne mpata afɔrebɔ a ɔwieeɛ no nti, ɛma no kwan ma ɔnya hwammɔdie ne awerɛhoɔ atenka.

  7. 2 Nifae 2:8.

  8. Yohane 13:34, 35.

  9. Nitan yɛ tebea anaa atenka a wode ahoɔden tia obi anaa biribi; ɛkyerɛ ɔko, asidie, anibereɛ, ɔtan, ne kyiri a emu dɔ anaa yawdie. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ aseɛ “nitan” no wɔsan kyerɛ aseɛ sɛ “ɔtan.” Ɛyɛ abirabɔsɛm ma ayamyɛ, a wɔkyerɛ aseɛ sɛ “ɔdɔ.” Hwɛ James Strong, Strong Twerɛ Kronkron Nsɛmnkorɛnkorɛ Ntrɛmu a ɛyɛ Pɛpɛɛpɛ Foforɔ no (2010), Hela nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma, nɔma 2189.

  10. Hwɛ Yohane 17:21-23.

  11. 3 Nifae 11:30.

  12. 4 Nifae 1:18.

  13. 4 Nifae 1:17.

  14. 4 Nifae 1:16.

  15. Titenani Russell M. Nelson aka sɛ, “Awurade dɔ mmɔdemmɔ” (wɔ Joy D. Jones, “An Especially Noble Calling,” Liahona, Kɔtɔnimaa 2020, 16).

  16. Hwɛ 4 Nifae 1:15. Yeinom ne wɔn a wɔanya saa nkabom yi bi. Henok nna no mu no, “Awurade frɛɛ ne nkorɔfoɔ Sion, esiane sɛ na wɔwɔ akoma baako ne adwene baako, na wɔtenaa wɔ tenenee mu; na na ohiani biara nni wɔn mu” (Mose 7:18).

  17. Hwɛ Mosaya 18:21.

  18. Hwɛ Asomafoɔ no Nnwuma 17:29; Nnwom 82:6.

  19. Hwɛ 1 Korintofoɔ 12:12–27.

  20. Hwɛ Moronae 7:47–48.

  21. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:30–31.

  22. Dallin H. Oaks, “Yɛrebɔ Yɛn Ɔsoro Nkanyan Mmara ho Ban,” LaehonaKɔtɔnimaa 2021, 107.

  23. Hwɛ Romanfoɔ 14:1– 3, 13, 21.

  24. Agyenkwa no kasaa Ne “akyidifoɔ, tete nna no mu, [wɔn a] wɔsɔre tiaa wɔn ho wɔn ho na wɔamfa ankyekyɛ wɔn ho wɔ wɔn akoma mu; na ɛnam bɔne yei nti wɔkɔɔ ahohiahia mu na wɔteaa wɔn yie. Ne saa nti,” Yesu bɔɔ Ne nna a ɛdi akyire akyidifoɔ kɔkɔ, “Mese mo sɛ, ɛsɛ sɛ mode kyekyɛ mo ho mo ho” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:8–9).

  25. Elder Dennis B. Neuenschander, ankasa nkutahodie.

  26. Sɛdeɛ Finlandfoɔ taa yɛ no, berɛ a Onuabarima Eklund kasaa saa agyinasie yi ho no, ɔkaa no tiawa sɛ ɛtɔ asom. Sɛ anka ɔbɛbɔ Finlandfoɔ no aba so wɔ wɔn adɔeɛ ho no, ɔkyerɛɛ anisɔ maa Russiafoɔ. Na Finlandfoɔ no ani agye wɔ mmoa a ɛsom boɔ a Russiafoɔ de reba adwuma a wɔreyɛ no Helsinki Finland Tɛmpol no mu. (Sven Eklund, ankasa nkutahodie.)

  27. Hwɛ Helaman 13:2, 5.

  28. Hwɛ 3 Nifae 5:13, 20.

  29. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 38:27..

  30. Hwɛ Luka 14:25–33.

  31. Efesofoɔ 2:14–15.

  32. Hwɛ Efesofoɔ 2:19.

  33. Hwɛ Russell M. Nelson, “Nweweeɛ a Apereapereɛ de ba,” Ɛnsae, Kɔtɔnimaa 1989, 71.