Amansan Nhyiamu
Amansan Atumfoɔ, Mpɔtam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Amansan Atumfoɔ, Mpɔtam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.

Anuanom mmarima ne mmaa, afei mede Amansan Atummfoɔ, Mpɔtam Aduɔsonfoɔ ne Amansan Asomfoɔ a wɔwɔ Asɔre no mu bɛkyerɛ ma moagye wɔn atom.

Mesrɛ sɛ obiara nkyerɛ n’agyinasie wɔ kwan a yɛnim dada no wɔ baabi a ɔwɔ. Sɛ wɔn a wɔampene nsusuiɛ no bi so no wɔ hɔ a, yɛsrɛ sɛ wɔnhu wɔn pɛɛwa titenani.

Wɔsusu sɛ yɛgye Russell Marion Nelson tom sɛ nkɔmhyɛni, anisoadehunufoɔ, ne odiyifoɔ ne Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Titenani; Dallin H. Oaks sɛ Fotufoɔ a ɔdi kan wɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no mu; ne Henry Bennion Eyring sɛ Fotufoɔ a ɔtɔ so mmienu wɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no mu.

Wɔn a wɔpene so nkyerɛ.

Wɔn a wɔnpene so, sɛ ebi wɔ hɔ a, wɔnkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye Dallin H. Oaks tom sɛ Asomafoɔ Dumienu Kuo no Titenani ne M. Russell Ballard sɛ Otitenani Ananmusini wɔ Asomafoɔ Dumienu Kuo no mu.

Wɔn a wɔpene so, mesrɛ wɔnkyerɛ.

Wɔn a wɔnpene so nkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye wɔn a wɔdidi soɔ yi tom sɛ Asomafoɔ Dumienu Kuo no mma: M. Russell Ballard, Jeffrey R. Holland, Dieter F. Uchtdorf, David A. Bednar, Quentin L. Cook, D. Todd Christofferson, Neil L. Andersen, Ronald A. Rasband, Gary E. Stevenson, Dale G. Renlund, Gerrit W. Gong, ɛne Ulisses Soares.

Wɔn a wɔpene so, mesrɛ wɔnkyerɛ.

Wɔn a wɔnpene so nkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye afotufoɔ a wɔwɔ Titenafoɔ a wɔdi Kan no mu ne Asomafoɔ Dumienu Kuo no mu tom sɛ nkɔmhyɛfoɔ, anisoadehunufoɔ, ne adiyifoɔ.

Wɔn a wɔnpene so nyinaa, mesrɛ wɔnkyerɛ.

Deɛ ɔnpene so, sɛ ebi wɔ hɔ a, ɔnkyerɛ.

Yagyae Ɛldafoɔ J. Devn Cornish, Timothy J. Dyches, David F. Evans, Robert C. Gay, James B. Martino, ne Terence M. Vinson sɛ Amansan Aduɔson Atumfoɔ a wɔama wɔn ahomegyeɛ gyinabea.

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ anisɔ wɔ som pa a Anuanom yi ne wɔn abusua asom no mma wɔn nsa so.

Yɛnhyɛ no nso sɛ na anka Ɛlda Dean M. Davies a ɔwuu wɔ Ɔsanaa 31, 2021 no, yɛbɛgye no ato mu wɔ saa nhyiamu yi mu. Yɛma Onuabaa Davies ne abusua a aka no nyinaa yaakɔ firi yɛn akoma mu na yɛkyerɛ yɛn anisɔ ma n’atuwohoakyɛ som.

Yɛsan nso kyerɛ anisɔ ma Mpɔtam Aduɔsonfoɔ no a wɔawie wɔn som wɔ saa afe a ɛtwaa mu yi.

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne yɛn bom da saa anuanom yi ase wɔ som pa a wɔdaa no adie no, mma wɔn nsa so.

Wɔsusu sɛ wɔgye Amansan Atumfoɔ, Mpɔtam Aduɔsonfoɔ—a Mpɔtam Aduɔsonfoɔ afoforɔ baanu a wɔde too dwa nnawɔtwe yi ahyɛaseɛ wɔ newsroom.ChurchofJesusChrist.org—ne Amansan Mpanimfoɔ sɛdeɛ ɛteɛ seesei no to mu.

Wɔn a wɔnpene so nyinaa, mesrɛ wɔnkyerɛ.

Wɔ a wɔmpene so, nkyerɛ.

Yɛda mo ase wɔ mo gyidie ne mpaebɔ a mogu so ara bɔ ma Asɔre akannifoɔ no.

Nsakraeɛ a aba Mpɔtam Aduɔsonfoɔ mu

Wɔgyee Mpɔtam Aduɔsonfoɔ a wɔdidi soɔ yi too mu wɔ akannifoɔ nhyiamu a wɔyɛeɛ sɛ amansan nhyiamu fa bi:

Pedro E. Hernández ne Charden Ndinga.

Wɔgyaee Mpɔtam Aduɔsonfoɔ a wɔdidi soɔ yi sɛ wɔnhome wɔ akannifoɔ nhyiamu a wɔyɛeɛ sɛ amansan nhyiamu fa bi:

Guillermo I. Guardia ne Gaëtan Kelounou.

Wɔgyaee Mpɔtam Aduɔsonfoɔ yi a wɔdidi soɔ yi sɛ wɔnhome wɔ Ɔsanaa, 2021:

P. David Agazzani, Quilmer A. Agüero, Frederick O. Akinbo, Nelson Ardila, Richard C. Baquiran, Dong Chol Beh, Matthieu Bennasar, Lawrence P. Blunck, Luis J. Camey, Douglas B. Carter, Aroldo B. Cavalcante, Luis C. Chaverri, Ulises Chávez, Brent J. Christensen, Douglas L. Dance, M. T. Ben Davis, Marc C. Davis, J. Scott Dorius, M. Dirk Driscoll, Antonio F. Faúndez, José A. Fernández, Matías D. Fernández, Candido Fortuna, Bruce E. Ghent, Michael A. Gillenwater, Michael D. Groll, Daniel G. Hamilton, Tom-Atle Herland, Raymond S. Heyman, Jerat K. C. Igwe, Christophe Kawaya, John A. Koranteng, Ming-Shun Kuan, Todd S. Larkin, Juan J. Levrino, Carlo M. Lezano, Felix A. Martinez, J Vaun McArthur, Kevin K. Miskin, Helamán Montejo, Michael R. Murray, Ryan V. Pagaduan, A. Moroni Pérez, Carlos E. Perrotti, Mark P. Peteru, Thomas T. Priday, Brian L. Rawson, Rene Romay, Blake M. Roney, Luis G. Ruiz, Maximo A. Saavedra Jr., Pedro A. Sanhueza, Eric J. Schmutz, Paul H. Sinclair, Benjamin T. Sinjoux, David L. Stapleton, Daniel Texeira, Seiji Tokuzawa, Maxsimo C. Torres, Jesús Vélez, Carlos Villarreal, Paul H. Watkins, Robert K. William, C. Dale Willis, Kevin J Worthen, ne Luis G. Zapata.