Amansan Nhyiamu
Ahoteɛ Nkyerɛ sɛ Wonni Sintɔ
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Ahoteɛ Nkyerɛ sɛ Wonni Sintɔ

Sɛ ɛyɛ wo sɛ wadi nkuguo pii nti wontumi nyɛ bio a, kai sɛ Kristo mpata no ne adom a ɛde ba no nokorɛ.

Dakoro bi metoo nkra faa kasa-dekɔ-ntwerɛ so wɔ me tetefon so kɔmaa me babaa ne m’ase- barima . Mekaa sɛ, “Hei, mo mmienu. Me dɔ mo.” Wɔn nsa kaa, “Metan mo mmienu. Mɛdɔ mo.” Ɛnyɛ nwanwa sɛdeɛ asɛmpa nkransɛm tumi dane bɔne wɔ nteaseɛ m? Wei yɛ adeɛ a ɛtaai si fa Nyankopɔn Nkransɛm fa adwenesakyera ne ɛsɛfata ho.

Ɛbinom gye no mfomsoɔ kwan so sɛ adwenesakyera ne nsakraeɛ nkransɛm ho nhia. Onyankopɔn asɛm ne sɛ ɛyɛ ahiasɛm. 1 Nanso so Onyankopɔn nnɔ yɛn wɔ yɛn sintɔ mu ana? Ɛte saa! Ɔdɔ yɛn yie ankasa. Medɔ me nananom, wɔn mfomsoɔ ne deɛ ɛka ho nyinaa, nanso ɛno nkyerɛ sɛ me mpɛ sɛ wɔbɛtu mpɔn na wɔn abɛyɛ deɛ wɔbɛtumi biara. Onyankopɔn dɔ yɛn sɛdeɛ yɛteɛ biara, nanso Ɔdɔ yɛn mmorosoɔ sɛ Ɔbɛgyai yɛn saa. 2 Sɛyɛbɛnyini ama Awurade no nti na yɛwɔ asaase yi so. 3 Nsakraeɛ nti na Kristo Mpata no wɔ hɔ. Ɛnyɛ sɛ Kristo bɛtumi anyane, atew, akorɔkorɔ yɛn, asa yɛn yareɛ kɛkɛ nanso wɔ ne nyinaa mu no, Ɔbɛtumi asesa yɛn ma yɛabɛyɛ sɛ Ɔno. 4

Ɛbinom yɛ mfomsoɔ gye nkransɛm no sɛ adwenesakyera yɛ dakoro adeɛ. Onyankopɔn asɛm ne sɛ, sɛdeɛ Titenani Russell M. Nelson akyerɛ no, “Adwenesakyera yɛ ntoasoɔ adeɛ.” 5 Adwenesakyera bɛtumi agye mmerɛ pii ne mmɔdemmɔ, 6 nti woregyae bɛne 7 na wokɔn nnɔ bɔne, mom sɛ wobɛyɛ papa nkoara” 8 yɛ ɔbra akwantuo. 9

Abrabɔ te sɛ kurotia-kɔpem-kurotia akwantuo. Yɛn ntumi mfa pɛtro tank baako pɛ nnuru baabi a yɛrekɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛbu bi gu mu mpɛn pii. Sɛ woredi adidi kronkron no te sɛ deɛ worebu pɛtro no. Sɛ yɛsakyera na yɛhyɛ yɛn apam no den a, yɛhyɛbɔ sɛ yɛwɔ ɔpɛpa sɛ yɛbɛdi mmransɛm no so, na Nyankopɔn ne Kristo hyira yɛn ne Honhom Kronkron no. 10 Ne tiawa mu no, yɛhyɛbɔ sɛ yɛbɛko akɔ anim wɔ yɛn akwantuo mu, na Nyankopɔn ne Kristo hyɛbɔ sɛ wɔbɛhyɛ yɛn ma.

Ɛbinom yɛ mfomsoɔ gyedi sɛ wɔmmfata sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ asɛmpa no mu esiane sɛ wɔntumi ntwee wɔn ho mfirii suban bɔne ho. Onyankopɔn asɛm ne sɛ ahoteɛ nkyerɛ sɛ wo nni sintɔ. 11 Ahoteɛ ne sɛ wobɛdi nokorɛ na wayere wo ho. Ɛwɔ sɛ yɛdi nokorɛ ma Nyankopɔn, asɔfoɔ, ne afoforɔ a wɔdɔ yɛn, 12 na ɛwɔ sɛ yɛbɔmmɔden di Nyankopɔn mmransɛm so na ɛmma yɛn mpaaba esiane sɛ yate ahwe nti. 13 Elder Bruce C.Hafen aka sɛ Kristo suban nya no “hia ntoboaseɛ ne nketesie kyɛn pɛrepɛreyɛ.” 14 Awurade aka sɛ Honhom no akyɛdeɛ no “wɔde ma sɛdeɛ wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmransɛm so bɛkɔ so, ne obiara a ɔpɛ sɛ odi so.” 15

Abranteɛ bi a mɛfrɛ no Doman twerɛɛ sɛ, “Merenyini no medii apere wɔ adwamammɔ mfoni ho. Na m’ani wu sɛ mentumi nyɛ nneɛma kwan pa so. Berɛ biara a Damon bɛte ahwe no, ennuhuu mu yea no ma no bu ne ho fɔ sɛ ɔmfata adom biara, bɔnefakyɛ, anaa akwanya biara wɔ Nyankopɔn anim. Ɔkaa sɛ, “Mesii gyinaeɛ sɛ me fata animguaseɛ berɛ biara. Mehunuu no sɛ ebia Nyankopɔn tan me esiane sɛ na menni ɔpɛ no sɛ mɛyere me ho na madi nkunim prɛko. Na metumi yere me ho dapɛn baako anaa mpo bosome, nanso na masan agyae atom na madwene sɛ, “mentumi nyɛ nkɔ duru nti adɛn nti na merehaw me ho?“

Wɔ berɛ bi te saa mu, Damon ka kyerɛɛ ne sɔfo panin sɛ, “Ɛbia ɛbɛyɛ sɛ mɛgyai asɔre ba. Afono me sɛ meyɛ nyaatwom.“

Ne kandifoɔ no bua no sɛ, “Wonnyɛ nyaatwom esiane sɛ wowɔ suban bɔne a wopɛsɛ wo gyai. Woyɛ nyaatwom sɛ wode sie a, twa torɔ fa ho, anaa wode hyɛ w’adwene mu sɛ Asɔre no wɔ haw sɛ wɔdi mmra kyenkyenee so. Wodi nokorɛ wɔ wo nnwuma ho na wo tu ho anammɔn pa kɔ w’anim nkyerɛ sɛ woyɛ nyaatwom. Ɛkyerɛ sɛ wo yɛ ɔkyedini.” 16 Saa ɔpanyin no kaa Elder Richard G. Scott asɛm sɛ, “Awurade no hunu sintɔ kwan sononko so kyɛn atuateɛ. Sɛ Awurade no kasa fa sintɔ ho a, ɛyɛ a na ahummɔborɔ ka ho.” 17

Saa nteaseɛ no maa Damon anidasoɔ. Ɔhunuu sɛ Nyankopɔn nte soro reka sɛ, “Damon asɛi no bio.“ Mmom, Na Ɔreka sɛ, “Hwɛ baabi a Damon abɛduru.“ Saa abranteɛ yi gyaii abammubuo ne aniwuo a na ɔde ma ne ho wɔ n‘adwene mu. Ɔhwehwɛɛ ɔsoro mmoa, na ɔhunuuiɛ. 18

Damon kaa sɛ, “Berɛ a mekɔɔ Nyankopɔn anim ne sɛ na mekɔ srɛ bɔnefakyɛ, nanso sesei deɛ mesrɛ adom—Ne nkanyan tumi.’ [Twerɛkronkron Kasɛsoɔ, “Adom”]. Na menyɛɛ saa da. Nnansai me nsɛi berɛ mfa ntan me ho wɔ me mfomsoɔ ho na mom menya berɛ dodoɔ de dɔ Yesu wɔ nea wayɛ ho.“

Sɛ wo whɛ sɛdeɛ Doman pere kyɛɛi a, na wotumi hunu sɛ mfasoɔ biara nni so sɛ awofoɔ ne mpanyimfoɔ a na wɔreboa no no bɛka sɛ “ɛnsi bio da“ ntɛm anaa sɛ wɔbɛhyehyɛ susudua bi de ahwɛ nea “ɔfata.“ Mmom, wɔn de botaeɛ ketewa a wɔbɛtumi hyɛɛ aseɛ. Wɔn yii susudua sɛ yɛ nenyinaa-ana-whee no too nkyɛn de wɔn adwene kɔɔ nkɔsoɔ nketekete so, na ɛboaa Damon nyinii nkonimdie so na ɛnyɛ nkuguo so. 19 Te sɛ Limhifoɔ a wɔkyeree wɔn kɔɔ nkoasom mu no, suaa sɛ ɔbɛtumi “atu mpɔn nketekete.” 20

Elder D. Todd Christofferson atu fo sɛ: “Sɛyɛpɛsɛ yɛko adeɛ kɛseɛ bi a, ɛhia sɛ yɛbɛhyɛ aseiɛ ketewa, nkakrakakra dabiara. Yɛreka suban pa ne suban foforɔ bi abom anaa yɛko suban bɔne bi anaa yɛgyai biribi yɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛbɛyɛ ho birirbi ɛnɛ, ɔkyena ne n’adekyeeɛ, ebia nna pii mu, mpo abosome ne mfeɛ pii mu. Nanso yɛbɛtumi ayɛ esiane sɛ yɛbɛtumi asrɛ Nyankopɔn mmoa a yɛhia dabiara.“ 21

Afei, menuanom mmaa ne mmarima, COVID-19 yareɛ no nyɛ merɛ ma obiara, nanso nteteho a ɛde aba no ma abrabɔ yɛ den ankasa ma wɔn a wɔreko suban bɔne bi. Kai sɛ nsakraeɛ bɛtumi aba, adwenesakyera yɛ ntoasoɔ adeɛ, na mfataso nkyerɛ sɛ wo nni sintɔ. Netitiri no, kai sɛ Onyankopɔn ne Kristo ayɛ krado sɛ wɔbɛboa yɛn wɔ aha sesia 22

Ɛbinom gye no mfomsoɔ kwan so sɛ Nyankopɔn retwɛn sɛ yɛbɛsakra ansa waboa yɛn. Onyankopɔn asɛm ne sɛ Ɔbɛboa yɛn berɛ a yɛresakyera. N’adom wɔ hɔ ma yɛn “Ɛmfa ho ne baabi a yɛwɔ wɔ osetie kwan no so.” 23 Elder Dieter F. Uchtdorf aka sɛ: “Onyankopɔn nhia nnipa a wɔn nni sintɔ. Ɔhwehwɛ wɔn a wɔde wɔn akoma ne ɔpɛpa adwene bɛma [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:34], na Ɔbɛma wɔn awie pɛyɛ wɔ Kristo mu.“[Moronae 10:32–33].” 24

Nnipa pii na wɔdi yea ɛnam hwammɔdie a abusua twaka de aberɛ wɔn na ɛyɛ wɔn den sɛ wɔbɛnya gyedie wɔOnyankopɔn dɔ ne tema mu. Wɔn diapere sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn sɛdeɛ ɔteɛ—Agya dɔfoɔ a Ɔhyia yɛn hia berɛm 25 na Ɔnim sɛdeɛ wɔde nnepa ma wɔn a wɔbisa no.” 26 N’adom no nni hɔ ma wɔn a wɔfata nkoaa. Ɛyɛ Ne “mmoa kronkron“ a ɔde ma yɛn no na ɛma yɛbɛfata. Ɛnyɛ akatua ma ateneneefoɔ. Ɛyɛ “ahoɔden akyɛdeɛ“ a ɔde ma no na ɛma yɛbɛyɛ ateneneefoɔ. 27 Ɛnyɛ sɛ yɛrenante akɔ Nyankopɔn ne Kristo hɔ kɛkɛ. Yɛne wɔn wɔn na ɛnam. 28

Wɔ wiase nyinaa, mmranteɛ ne mmayewa no ka wɔn gyedie atifinsɛm no. Firi New Zealand kɔ Spain kɔ Ethiopia kɔ Japan, mmayewa no ka sɛ, “ Adwenesakyera akyɛdeɛ no sombo ma me.“ Firi Chili kɔ Guatemala kɔ Moroni, Utah, mmranteɛ ka sɛ, “Berɛ a mɛpere asom, akyerɛ gyedie, asakyera, akɔ nkan dabiara, ama manya tɛmpol nhyira ne asɛmpa anigyeɛ a ɛte hɔ daa.“

Mehyɛ saa nhyira no ho bɔ sɛ anigyeɛ wɔ hɔ ampa ma wɔn a wɔbɛdi mmransɛm no ne “deɛ ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛdi so.” 29 Sɛ ɛyɛ wo sɛ wadi nkuguo pii nti wontumi nyɛ bio a, kai sɛ Kristo mpata no ne adom a ɛde ba no nokorɛ. 30 “Ne] ahummɔbrɔ abasa no wɔ hɔ ma wo.” ” 31 Ɛkata wo so—ɛnɛ, mfeɛ 20 mu, ne daapem. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.