Amansan Nhyiamu
Onyankopɔn Tumi mu Animuonyam Kɛseɛ
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Onyankopɔn Tumi mu Animuonyam Kɛseɛ

(1 Nifae 14:14)

Apam so die ma yɛn tenenee akodeɛ ne Onyankopɔn tumi animuonyam kɛseɛ.

Mebɔ mpaeɛ sɛ Sunsum Kronkron no bɛma yɛn nyinaa hann na wakyerɛkyerɛ yɛn berɛ a yɛredwene nkwagyeɛ adwuma nwanwasoɔ ne mpagya wɔ mayɛ mmerɛ yi ho abɔ mu yi.

Moroni Nsra a Ɛdi Kan ma Joseph Smith

Bɛyɛ mfeɛ mmiɛnsa wɔ Yikyerɛ a Ɛdi Kan no akyiri, Ɛbɔ 21, 1823 anadwo, na aberanteɛ Joseph Smith rebɔ mpaeɛ apɛ bɔne fafire na wahunu ne gyinabea wɔ Onyankopɔn anim. 1 Hann mu nipa bi bɛgyinaa ne mpa nkyɛn, bɔɔ Joseph din, na ɔkaa sɛ “ɔyɛ somafoɔ a wɔasoma no firi Onyankopɔn nkyɛn na ne din de Moronae.” Ɔkyerɛɛ mu “sɛ Onyankopɔn wɔ adwuma bi ma [Joseph] sɛ ɔyɛ“ 2 na afei ɔmaa no nkyerɛkyerɛ faa Mormon Nwoma no mmaeɛ ho. Titiriw, na Mormon Nwoma no yɛ Moronae nkransɛm no asɛntire a ɛdi kan a ɔkaa ho asɛm.

Mornom Nwoma no yɛ Yesu Kristo ho adanseɛ baako nso na ɛyɛ adwinneɛ kɛseɛ wɔ adwensakra mu wɔ nna a ɛdi akyire mu. Yɛn botaeɛ wɔ asɛmpa no kyɛ mu ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ obiara sɛ ɔmmra Yesu Kristo hɔ, 3 mmɛnya asɛmpa a wɔasan de amma no mu nhyira, na wagyina mu akɔsi awieɛ nam Agyenkwa no mu gyidie so. 4 Reboa akorankoro ma wanya akoma mu nsesaeɛ kɛseɛ 5 na wɔde wɔn ho abata Awurade ho ɛnam apam kronkron ne ayɛyɛdeɛ so yɛ botaeɛ fapem a yɛde ka asɛmpa no.

Moronae nnianim nsɛm a ɛfa Mormon Nwoma no ho a ɔde maa Joseph Smith no na ɛhyɛɛ nkwagyeɛ adwuma ase maa ankorankoro wɔ saa nkatanim fa ha wɔ asɛmpa berɛ mu mahyɛ no mu.

Ɔretoa ne nkyerɛkyerɛ so ama Joseph no, Moronae kaa asɛm a watwerɛ wɔ Malaki nwoma a ɛwɔ Apam Dada no mu, a wadane kasa no kakra kyɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ no King James deɛ no mu:

“Monhwɛ, menam Elia ɔkɔmhyɛni no so bɛda Asɔfodie no adi akyerɛ wo, ansa na Awurade da a ɛyɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu no aba.

“Na Ɔbɛdua wɔ mmɔfra no akoma mu bɔhyɛ a wɔde maa agyanom no, na mmɔfra no akoma bɛdane akɔ wɔn agyanom hɔ. Na sɛ ɛnte saa a, wɔbɛsɛe asase no nyinaa korakora wɔ ne mmaeɛ mu.” 6

Yɛn botaeɛ nti a yɛsisi tɛmpol ne sɛ yɛbɛboa anya mmeammea kronkron a wɔbɛtumi asom wɔ apam kronkron ne ayɛyɛdeɛ a ɛho hia ma nnipa mma nkwagyeɛ ne mpagya, ma ateasefoɔ ne awufoɔ nyinaa. Moronae nkyerɛkyerɛ a ɔde maa Joseph Smith a ɛfa Elijah dwumadie titiriw ho ne asɔfodie tumi no trɛɛ nkwagyeɛ adwuma ne mpagya mu wɔ saa nkatanim fa ha na ɛhyɛɛ adwuma a yɛyɛ ma awufoɔ no wɔ yɛn asɛmpa berɛ yi mu ase wɔ nkatanim no fa hɔ.

Tɔfabɔ mu no, Moronae nkyerɛkyerɛ wɔ Ɛbɔ 1823 mu fa Mormon Nwoma no ho ne Elijah dwumadie a ɔdehyɛɛ nkyerɛkyerɛ fapem ase no maa nkwagyeɛ adwuma ne mpagya wɔ nkatanim afa nyinaa.

Nkɔmhyɛni Joseph Smith Nkyerɛkyerɛ

Adesua a Joseph Smith sua firii Moronae hɔ no nyaa nkɛntɛnsoɔ wɔ ne som mu baabiara. Nhwɛsoɔ, wɔ nhyiamu kronkron a ɛkɔɔ so wɔ Kirtland Tɛmpol mu wɔ Oforisuo 6, 1837, Nkɔmhyɛni no kaa sɛ: “Deɛ yɛaka no nyinaa akyiri no, asɛdeɛ kɛseɛ a ɛho hia pa ara ne sɛ yɛbɛbɔ asɛmpa no ho dawuro.” 7

Bɛyɛ mfeɛ nson akyi pɛpɛɛpɛ, wɔ Oforisuo 7, 1844 no, Joseph Smith maa asɛnka bi a ɛnnɛ yi wɔfrɛ no King Follett Discourse. Ɔkaa wɔ saa kasa no mu, “Asodie kɛseɛ pa ara a ɛwɔ wiase yi mu a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa ne sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn awufoɔ akyiri akwan.” 8

Na ɛyɛ dɛn na asɛmpa no ka ne yɛn awufoɔ akyi hwehwɛ no yɛ asɛdeɛ ne asodie kɛseɛ baako a Onyankopɔn de ato yɛn so? Megyidi sɛ na Nkɔmhyɛni Joseph Smith resi nsɛm a waka nyinaa so dua sɛ, nokorɛ fapem a ɛyɛ apam a yɛakɔ nam asɔfodie tumi ayɛyɛdeɛ so, bɛtumi aka yɛn abata Awurade Yesu Kristo ho na ɛyɛ nkwagyeɛ adwuma ne mpagya no nnyinasoɔ a ɛhia wɔ nkatanim no afa nyinaa.

Asɛmpatrɛ ne tɛmpol ne abusua abakɔsɛm adwuma nyinaa yɛ nkekaho ne abusuabɔ fa wɔ adwuma kɛseɛ baako a ɛtwe adwene si apam kronkron ne ayɛyɛdeɛ a ɛboa ma yɛnya Nyameyɛ tumi wɔ yɛn abrabɔ mu na, awieɛ no, yɛsane akɔ Ɔsoro Agya no nkyɛn. Saa nti, nsɛm mmienu a Nkɔmhyɛni kaa no mfitiaseɛ no bɛtumi akyere adwene deɛ, nokorɛ mu, ɛhyɛ botaeɛ a ɛsi nna a ɛdi akyire adwuma kɛseɛ no mu kena.

Wɔkyekyere Bɔ Agyenkwa no mu nam Apam ne Ayɛyɛdeɛ so.

Agyenkwa no kaa sɛ:

“Momfa me kɔndua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ahome ama mo kra.

“Na me kɔndua yɛ mmrɛ, na m’adesoa yɛ hare.” 9

Yɛfa Agenkwa no kondua to yɛn ho so berɛ a yɛresua ɛfa sɛ, yɛfata sɛ yɛgye, na yɛdi apam kronkron ne ayɛyɛdeɛ no nni. Wɔakyekyere yɛn pintinn abɔ Agyenkwa no ho berɛ a gyidie mu yɛkae na yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara ɛfa dwumadie a yɛagye ato yɛn ho so no. Na saa nhyehyɛeɛ a yɛne No wɔ no yɛ honhom mu ahoɔden wɔ yɛn bra mu berɛ biara.

Awurade Apam Nkorɔfoɔ no.

Meto nsa frɛ mo sɛ monwene nhyira a wɔahyɛ ho bɔ ma Yesu Kristo asuafoɔ a wɔyɛ apam korafoɔ no. Nhwɛsoɔ, Nifae “hunuu Onyankopɔn Adwammaa no asɔre no [wɔ nna a ɛdi akyire no mu], na wɔn dodoɔ sua, Onyankopɔn ahotefoɔ no, na wɔwɔ asase so nyinaa; na wɔn tumidie yɛ ketewa bi.” 10

Ɔsan nso “hunuu Onyankopɔn Adwammaa tumi no, sɛ asiane wɔ Adwammaa asɔre no ahotefoɔ no so, ne Awurade Apam Nkorɔfoɔ no, na wɔ kuta teneneeyɛ ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu.” 11

Kasasini “wɔkuta teneneeyɛ ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu“ no ɛnyɛ adwempa kɛkɛ anaa twerɛsɛm a ɛyɛ fɛ kasa nhwɛsoɔ. Mmom, saa nhyira yi da adi dada wɔ Awurade asuafoɔ wɔ nna a ɛdi akyire pii abrabɔ mu.

Me dwumadie sɛ Asuafoɔ Dumienu no mu ba de me akɔ wiase yi mu baabiara. Na wɔahyira me ama mahyia na masua nkaeɛ adesua afiri mo mu dodoɔ no hɔ. Medi adanseɛ sɛ ɛnnɛ Awurade Apam Nkorɔfoɔ no ampa ara wɔkuta Onyankopɔn teneneeyɛ tumi mu wɔ animuonyam kɛseɛ mu. Mahunugyedie, akokoɔduro, nhumu, mmɔdemmɔ, ne anigyeɛ a ɛboro deɛ honam bɛtumi so—na gye sɛ Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi de ama.

Mahunu teneneeyɛ ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu, a ɛnam apam ne ayɛyɛdeɛ so wɔ Asɔreba abranteɛ bi abrabɔ mu a na wabubu wɔ kaa nkwanhyia huhuu bi mu. Abosome kakra akyi a na ɔrenya ayaresa na ɔrekɔ abrabɔ foforɔ mu na nanteɛ mu nso ayɛ den no, mehyia kasa kyerɛɛ saa ɔkra brane yi. Wɔ yɛn nkɔmmɔdie mu no mebisaa sɛ, “Ɛdeɛn na saa suahunu yi aboa ama woasua?” Mmuaeɛ prɛko pɛ a ɔde maae ne sɛ, “Me werɛ nhooe. Me bo mfuui. Na biribiara bɛyɛ OK.”

Mahunuu teneneeyɛ ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu, a aba ɛnam nokorɛ apam ne ayɛyɛdeɛ so wɔ wɔn a wɔabɔ asu foforɔ na wɔahyɛ wɔn den sɛ Asɔre mma no asetena mu. Saa wɔn a wɔasakra yinom yɛɛ hye sɛ wɔbɛsua na wɔasom, wɔwɔ ɔpɛ nanso wɔnnim sɛdeɛ wɔde nneyɛɛ dadaa ne amammerɛ denden no bɛto nkyɛn, mmom wɔwɔ anigyeɛ sɛ wɔbɛyɛ ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ne Onyankopɔn fiefoɔ.” 12

Mahunuu teneneeyɛ ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu, a aba ɛnam apam ne ayɛyɛdeɛ so, wɔ abusua bi abrabɔ mu a wɔde timmɔborɔ ahwɛ ɔwarefoɔ ne ɔwofoɔ bi a ɔwɔ yareɛ koankorɔ. Saa asuafoɔ kokobirefoɔ yi ka mmerɛ a wɔn abusua tee nka sɛ wɔayɛ kɔntɛkorɔ—ne mmerɛ a wɔhunuu sɛ Awurade nsa rema wɔn so na ɛrehyɛ wɔn den. Saa abusua yi kyerɛɛ ayɛyie nokorɛ mu wɔ honam mu suahunu denden a ɛma yɛn kwan ma yɛnyini na yɛbɛyɛ te sɛ yɛn Soro Agya ne yɛn Gyefoɔ, Yesu Kristo no dodo. Onyankopɔn kyekyeree saa abusua yi werɛ na ɔhyiraa wɔn wɔ Sunsum Kronkron no ayɔnkofa mu na ɔyɛɛ wɔn fie hɔ dwankɔbea kronkron te sɛ tɛmpol no.

Mahunuu teneneeyɛ ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu, a ɛnam gyidie apam ne ayɛyɛdeɛ, so aba wɔ Asɔreba a wakɔ awaregyaeɛ yawdie mu. Saa onuabaa yi honhom ne atenka mu haw yɛɛ kɛse ɛnam ne hokani ateetee a ɔde buu apam awareɛ nhyehyɛeɛ so maa wɔn awareɛ guuiɛ. Ɔhwehwɛɛ atɛntenenee ne nkotabuo.

Berɛ a saa ɔbaa nokwafoɔ yi repere wɔ deɛ asie nyinaa mu no, ɔsuaae na ɔdwenee Agyenkwa no Mpata no ho wɔ adwene mu ne ahoɔden kɛseɛ mu kyɛn sɛdeɛ wayɛ da wɔ n’abrabɔ mu. Nkakrankakra, nteaseɛ a emu dɔ wɔ Kristo mpata dwumadie no ho tenaa n’akoma mu—N’amanehunu de ma yɛn bɔne, ne yɛn yea, mmrɛyɛ, hwammɔdie, ne amanehunu. Na ɔnyaa nkanyan sɛ ɔbisa ne ho asɛmmisa a na ɛwura ne mu: Sɛ wɔatua saa bɔne no ho ka dada no, wobɛhwehwɛ sɛ wɔtua ka no mprenu so anaa? Ɔhunuu sɛ saa ahiadeɛ no rentumi ɛnyɛ pɛpɛ anaa ahummɔborɔ.

Saa ɔbaa yi hunuu sɛ ɔnam apam ne ayɛyɛdeɛ no so bɛtumi akyekyere ne ho abata Agyenkwa no, na ɛbɛtumi asa ne pira kuro no a wanya, ɛnam obi abrabɔ a ɛntene so, ama watumi anya ahoɔden de bɔne akyɛ na wanya asomdwoeɛ, mmɔborɔhunu, ne ɔdɔ.

Bɔhyɛ ne Adanseɛ

Apam bɔhyɛ ne nhyira bɛba mu nam yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo nko ara so. Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnhwɛ no, 13 mmra Ne nkyɛn, 14 nsua No, 15 na yɛnkyekyere yɛn ho mmata No 16 nam N’asɛmpa a wasan de amma no apam ne ayɛyɛdeɛ so. Medi adanseɛ hyɛ bɔ sɛ apam ho anidie hyɛ yɛn teneneeyɛ akotaadeɛ ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu. Na medi adanseɛ sɛ Awurade Yesu Kristo teasefoɔ no yɛ yɛn Agyenkwa. Wɔ saa nokorɛ yeinom ho mede anigyeɛ di adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.