Amansan Nhyiamu
Gyedie a Yɛde Bisa na Afei Yɛde Yɛ
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Gyedie a Yɛde Bisa na Afei Yɛde Yɛ

Yesu Kristo mu gyedie ne safoa a yɛde nya nokorɛ adiyisɛm.

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, mɛda ase wɔ akwanya a mewɔ sɛ me ne morekasa wɔ amansan nhyiamu Memeneda anwummerɛ som yi mu. Wɔ ne nnianimu nsɛm mu ma nhyiamu yi anɔpa yi, Titenani Russell M. Nelson kaa sɛ “adiyisɛm a ɛmu da hɔ ma nsɛmmisa a ɛda w’akoma so bɛma saa nhyiamu yi ayɛ mfasoɔ a wo werɛ remfiri da.” Sɛ wonhwehwɛɛ Honhom Kronkron no som sɛ ɛbɛboa wo ma woate deɛ Awurade bɛpɛ sɛ wote wɔ saa nnanu yi mu a, meto nsa frɛ wo sɛ yɛ no seesei.” 1 Mahwehwɛ saa nhyira no berɛ a masiesie me ho sɛ mɛgye adiyisɛm ama mo nsrahwɛ yi. Me mpaebɔ nokorɛ mu ne sɛ mobɛtumi agye saa adiyisɛm no afiri Onyankopɔn hɔ.

Ɔkwan a yɛfa so gye adiyisɛm firi Onyankopɔn hɔ nsesaeɛ firi Adam ne Hawa pɛn so. Saa ara na ayɛ ma Awurade asomfoɔ a wɔafrɛ wɔn nyinaa firi ahyɛaseɛ no de bɛsi ɛnnɛ. Ɛyɛ saa ara ma wo ne me. Berɛbiara ɛgyina gyedie a yɛwɔ so. 2

Na aberantewaa Joseph Smith wɔ gyedie a ɛdɔɔso a yɛde bisa Onyankopɔn asɛm, gye diiɛ sɛ Onyankopɔn bɛma n’akoma so ahiadeɛ no ho mmuaeɛ. Mmuaeɛ a ɛbaeɛ no sesaa wiase. Na ɔpɛ sɛ ɔhunu asɔre ko a ɔnkɔ na wɔate ne ho wɔ bɔne ho. Mmuaeɛ a ɔnyaeɛ no hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkɔso daa mmisa nsɛm papa na ɔnyɛ wɔ adiyisɛm ntoasoɔ a ahyɛ aseɛ seesei no mu. 3

Wo suahunu bɛtumi ne yei asɛ wɔ saa nhyiamu yi mu. Wowɔ nsɛmmisa a wohwehwɛ ho mmuaeɛ. Anyɛ koraa wowɔ gyedie a ɛdɔɔso a ɛbɛma woanya anidasoɔ sɛ wonam Awurade asomfoɔ so bɛnya mmuaeɛ afiri Ne hɔ. 4 Worennya kwan mmisa akasafoɔ no nsɛm mpɛ mmuaeɛ, nanso wobɛtumi abisa w’Agya ɔdɔfoɔ no wɔ mpaebɔ mu.

Menim firi suahunu mu sɛ mmuaeɛ a ɛfata w’ahiadeɛ ne wo honhom mu ahosiesie bɛba. Sɛ worepɛ mmuaeɛ a ɛho hia ma wo ɛnni awieɛ yiedie anaa afoforɔ deɛ a, mmuaeɛ no bɛtumi aba. Nanso, ɛno mpo, wobɛtumi anya—sɛdeɛ Joseph Smith nyaaeɛ no—mmuaeɛ a ɛbɛyɛ aboterɛ. 5

Sɛ wo gyedie wɔ Yesu Kristo mu ama wonam Ne Mpata no nsunsuansoɔ so anya akoma a ɛyɛ mmrɛ a, wobɛtumi ate Honhom no wesewese no yie wɔ wo mpaebɔ ho mmuaeɛ mu. M’ankasa me suahunu ne sɛ, ɛnne bɔkɔɔ, ketekete no—a ɛwɔ hɔ no—mu da hɔ na nteaseɛ wɔ mu wɔ m’adwene mu berɛ a menya kommyɛ ne ahofama atenka bi ma Awurade pɛ. Wobɛtumi akyerɛkyerɛ ahobrɛaseɛ atenka no mu yie pa ara sɛ “Ɛnyɛ deɛ mepɛ, na wo deɛ, na ɛnyɛ hɔ.” 6

Saa adiyisɛm kwan yi ne deɛ nti a wobɛte sɛ akasafoɔ kyerɛkyerɛ deɛ yɛfrɛ no Kristo nkyerɛkyerɛ wɔ nhyiamu yi ase. 7 Adiyisɛm ba yɛn hɔ gyina dodoɔ a yɛahwehwɛ aduru sɛ yɛbɛfa Kristo nkyerɛkyerɛ no akɔ yɛn akoma mu na yɛde ayɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ mu.

Wokae sɛ Nifae kyerɛkyerɛɛ yɛn wɔ Mormon Nwoma no mu sɛ gyedie wɔ Yesu Kristo mu na ɛyɛ safoa ma adiyisɛm a ɛyɛ nokorɛ, ɛne safoa a ɛma yɛnya ahotosoɔ sɛ yɛredi Agyenkwa no akwankyerɛ so. Nifae twerɛɛ saa nsɛm yi mfeɛha mu ansa na wɔrewo Yesu Kristo aba deɛ ɛwuo tebea mu:

“Abɔfoɔ nam Sunsum Kronkron tumi so na ɛkasa; ɛno nti; wɔka Kristo nsɛm. Ɛno nti, meka kyerɛɛ mo sɛ, monnidi Kristo nsɛm no mu; na hwɛ, Kristo nsɛm no bɛka nneɛma a ɛsɛ sɛ moyɛ nyinaa akyerɛ mo.

“Ɛno nti, afei maka saa nsɛm yi akyerɛ mo akyire yi, sɛ moantumi ante aseɛ a na ɛbɛyɛ sɛ moammisa, na moammɔ mu; ɛno nti, wɔamfa mo amma hann no mu, mmom ɛtwa sɛ moyera wɔ ɛsum mu.

“Na monhwɛ, mese mo bio sɛ sɛ mobɛfa ɔkwan no so awura mu, na moagye Sunsum Kronkron no a, ɛbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛsɛ sɛ moyɛ nyinaa.

“Hwɛ, yei ne Kristo nkyerɛkyerɛ no, na nkyerɛkyerɛ biara nni hɔ bio a wɔde bɛma kɔsi sɛ ɔbɛda ne ho adi akyerɛ mo akyire yi wɔ honam mu. Na berɛ a ɔbɛda ne ho adi akyerɛ mo wɔ honam mu no, nneɛma a ɔbɛka akyerɛ mo no monhwɛ sɛ mo bɛyɛ.” 8

Awurade nam N’asomfoɔ so bɛka nneɛma akyerɛ wo ne me ɛnnɛ ne nna a ɛdi anim no mu. Ɔbɛka nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ akyerɛ yɛn. 9 Agyenkwa no rentea mu ɔhyɛ so nkyerɛ wo ne me. Sɛdeɛ Ɔkyerɛkyerɛɛ Elijah no:

“Na ɔkaa sɛ, Firi adi, na kɔgyina bepɔ no so Awurade anim. Na, hwɛ, Awurade twaa mu, na mframa kɛseɛ a ɛyɛ den paepaee mmepɔ na ɛbubuu abotan dii Awurade anim; na ɛnyɛ mframa no mu na Awurade wɔ: na mframa no akyiri no asasewosoɔ; na ɛnyɛ asasewosoɔ no mu na Awurade wɔ:

Na asasewosoɔ no akyiri no ogya; na ɛnyɛ ogya no mu na Awurade wɔ: na ogya no akyiri no ɛnne brɛɛo ketewa bi.” 10

Yɛrete saa ɛnne no bɛfiri yɛn gyedie a ɛwɔ Ne mu. Sɛ yɛwɔ gyedie a ɛdɔɔso a, yɛbɛbisa apɛ akwankyerɛ berɛ a ɛhyɛ yɛn tirim sɛ yɛbɛkɔ akɔyɛ adeɛ biara a Ɔhyɛ. 11 Yɛbɛnyini wɔ gyedie mu ahunu sɛ adeɛ biara a Ɔbisa no bɛhyira afoforɔ na wɔbɛtumi adwira yɛn ho wɔ nneyɛɛ no mu ɛnam Ne dɔ a Ɔwɔ ma yɛn nti.

Sɛdeɛ yɛn gyedie wɔ Yesu Kristo mu de yɛn bɛkɔ akɔbisa mmuaeɛ wɔ Agya no hɔ no, saa gyedie no bɛsan de Agyenkwa no nsɔmu a ɛdwodwo na ɛdɔɔso no ama yɛn de ate N’akwankyerɛ na yɛanya ahotosoɔ ne anigyeɛ sɛ yɛbɛyɛ setie. Afei na yɛde anigyeɛ bɛto dwom no mu nsɛm no, mpo berɛ a adwuma no yɛ den: “Sweet is the work, my God, my King.” 12

Mpɛn dodoɔ a yɛwɔ Kristo nkyerɛkyerɛ wɔ yɛn abrabɔ ne yɛn akoma mu no, mpɛn dodoɔ no na yɛte ɔdɔ kɛseɛ ne ahummɔborɔ nka ma wɔn a wɔnnyaa nhyira wɔ Yesu Kristo mu gyedie mu da anaasɛ wɔrepere sɛ wɔbɛkuta mu. Ɛyɛ den sɛ wobɛkora Awurade mmaransɛm no berɛ a wonni gyedie ne awerɛhyem wɔ Ne mu. Berɛ a ebinom ahwere wɔn gyedie wɔ Agyenkwa no mu no, wɔbɛtumi mpo akasa atia N’afotuo, afrɛ papa sɛ bɔne ne bɔne sɛ papa. 13 Sɛdeɛ yɛbɛkwati mfomsoɔ a ɛyɛ awerɛhoɔ yi no, ɛho hia yie sɛ ankasa adiyisɛm biara a yɛnya ne Awurade ne Ne nkɔmhyɛfoɔ nkyerɛkyerɛ kɔ.

Anuanom mmarima ne mmaa, gyedie na yɛde yɛ setie ma Awurade mmaransɛm. Gyedie wɔ Yesu Kristo mu na yɛde som afoforɔ ma No. Gyedie na yɛde kɔ abɔnten kɔkyerɛkyerɛ N’asɛmpa na yɛde ma nkorɔfoɔ a ebia wɔnte Honhom no nne anaa wɔbɛtumi mpo apo nokorɛ a ɛwɔ nkrasɛm no mu. Nanso sɛ yɛde yɛn gyedie wɔ Kristo mu di dwuma—na yɛdi Ne nkɔmhyɛni a ɔte ase akyi a—gyedie bɛkɔ soro wɔ wiase nyinaa. Ɛnam mfididwuma so, ebia Onyankopɔn mma bebree bɛte na wɔahunu Onyankopɔn asɛm no wɔ nnawɔtwe yi awieɛ akyɛn nnanu foforɔ biara mu wɔ abakɔsɛm mu.

Berɛ a gyedie rekɔ soro sɛ yei yɛ Awurade Asɔre ne ahemman wɔ asase so no, asɔremma dodoɔ no ara tua ntotosoɔ du na wɔma, sɛdeɛ yɛde bi bɛboa ahiafoɔ, mpo berɛ a saa asɔremma no wɔ wɔn ankasa haw. Wɔwɔ gyedie sɛ Yesu Kristo na afrɛ wɔn nti, asɛmpatrɛfoɔ a wɔwɔ wiase baabiara ahwehwɛ akwan a wɔde bɛtra akwansideɛ a nsanyadeɛ bi de aba, de akokoɔduro ne anigyeɛ reyɛ saa. Na wɔ wɔn mmɔdemmɔ nkekaho mu no, wɔn gyedie ayɛ den kɛse.

Asidie ne nsɔhwɛ ayɛ fifibea ama gyedie nyini, firi tete. Saa ara na ɛteɛ berɛbiara, ɛnkanka firi berɛ a Mmaeɛ bio no ne Awurade Asɔre no sie hyɛɛ aseɛ. 14

Deɛ Titenani George Q. Cannon kaa no berɛ tenten bi a atwam no yɛ nokorɛ ɛnnɛ, na ɛbɛkɔso ayɛ kɔsi sɛ Agyenkwa no ankasa bɛba abɛdi N’Asɔre ne Ne nkorɔfoɔ anim: “Setie ma Asɛmpa no de [nnipa] bɛn Awurade yie wɔ nnamfo pa nkutahodie mu. Ɛde abusuabɔ a ɛbɛn yie ba nnipa a yɛwɔ asase so ne yɛn Ɔbɔadeɛ Kɛseɛ a ɔwɔ ɔsoro no ntam. Ɛde ahotosoɔ atenka a ɛwie pɛyɛ wɔ Otumfoɔ no ne Ne pɛ sɛ ɔbɛtie na wama mmuaeɛ wɔ wɔn a wɔwɔ Ne mu awerɛhyem nkotosrɛ ho ba nnipa adwene mu. Nsɔhwɛ ne mmerɛ a emu yɛ den mu no saa ahotosoɔ yi sombo. Amaneɛ bɛtumi aba ankorankorɛ anaa nkorɔfoɔ so, atoyerɛnkyɛm bɛtumi ahunahuna ama nnipa anidasoɔ biara ayɛ sɛdeɛ apansam, nanso, baabi a [nkorɔfoɔ] de wɔn ho ama akwanya a setie ma Asɛmpa no de ba no, wɔwɔ gyinabea a ɛyɛ pintinn; wɔn nan tim ɛboɔ bi a ɛrenhinhim so.” 15

Medi danseɛ sɛ ɛboɔ no a yɛn nan tim so no yɛ yɛn adanseɛ sɛ Yesu ne Kristo no; na yei yɛ N’Asɔre, a Ɔno ankasa di anim, na Titenani Russell M. Nelson yɛ Ne nkɔmhyɛni a ɔte ase ɛnnɛ.

Titenani Nelson hwehwɛ na ɔgye akwankyerɛ firi Awurade hɔ. Ɔyɛ nhwɛsoɔ fa akwankyerɛ a yɛrehwehwɛ a yɛde pintinnyɛ bɛdi so ma me. Saa nsiyɛ korɔ yi sɛ yɛbɛyɛ setie ama Awurade akwankyerɛ no wɔ wɔn a wɔakasa anaa wɔbɛkasa, abɔ mpaeɛ, anaa ato nnwom wɔ N’Asɔre amansan nhyiamu yi nyinaa akoma mu.

Mebɔ mpaeɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asase so baabiara a wɔhwɛ anaa wɔtie nhyiamu yi bɛnya Awurade dɔ a ɔwɔ ma wɔn no ho atenka. Ɔsoro Agya ama me mpaebɔ ho mmuaeɛ sɛ anyɛ koraa no mɛtumi anya Agyenkwa no dɔ a ɔwɔ ma mo ɛne Ne dɔ ma Ne Soro Agya, a ɔyɛ yɛn Ɔsoro Agya no atenka ketewa bi.

Medi danseɛ sɛ Yesu Kristo te ase. Ɔno ne yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ. Wei yɛ N’Asɔre. Ɔno na ɔdi so. Ɔno, ne Ne Soro Agya, yii wɔn ho adi ankasa kyerɛɛ Joseph Smith wɔ nnua akuakuo a ɛbembɛn bi mu wɔ New York. Wɔde Yesu Kristo asɛmpa no ne N’asɔfodie nam ɔsoro abɔfoɔ so sane baaeɛ. 16 Ɛnam Sunsum Kronkron tumi no so, menim sɛ ɛyɛ nokorɛ.

Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛnya saa adansedie korɔ no ara bi. Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛbisa Ɔsoro Agya apɛ Yesu Kristo mu gyedie a wohia na ɛbɛma woayɛ na woakora apam a ɛbɛma Sunsum Kronkron no ayɛ wo hokafoɔ daadaa. Mede me dɔ ne me nokorɛ adansedie gya mo wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.