Amansan Nhyiamu
Nneɛma A Me Kra Pɛ
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Nneɛma A Me Kra Pɛ

Nneɛma bɛn na wo dwene ho? Nneɛma bɛn na ɛho hia wo pa ara? Wo kra so nneɛma ne sɛn?

Me nuammarima ne nuammaa, berɛ a megyina yɛn nhyiamubea a yɛn ani gye ho mu bio yi, ɛkae me Ɔsomafoɔ Petro no nsɛm: “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha.” 1

Me nsusuiɛ nnɛ gyina nkɔmhyɛni Nifae nsɛm so, ɔno a ɔkoraa ne nkorɔfoɔ twerɛtohɔ wɔ n’agya wuo akyiri. Nifae twerɛɛ sɛ, “Na yeinom so na metwerɛ nsɛm a me kra Pɛ.” 2

Na metaa bu m’ani gu saa nsɛmfua yi so, dwene sɛ saa asɛm, nneɛma no ho nni mu, ɛnnyɛ duru sɛ mede toto “me kra ho.” Afei mahunu sɛ asɛm nneɛma no matwerɛ no mpɛn 2,354 wɔ twerɛsɛm no mu. 3 Nhwɛsoɔ, wɔ Mose: mu “Mene mfitiaseɛ ne Awieɛ no, Otumfoɔ Nyankopɔn no; menam deɛ mewoo no korɔ no so na mebɔɔ saa nneɛma yi.” 4 Ɛna Nifae nsɛm: “Hwɛ, me kra anigye wɔ Awurade nneɛma ho na m’akoma kɔ so; dwendwene nneɛma a mahunu na mateɛ ho mmerɛ nyinaa.” 5

Nifae nsɛm pagya nsɛmmisa “Nneɛma bɛn na wodwene ho?” “Nneɛma bɛn na ɛho hia wo pa ara?” “Wo kra so nneɛma ne sɛn?”

Yɛn kra so nneɛma taa da adi pefee na ɛmu dɔ berɛ a yɛbisa nsɛm.

Mfoni
Elder Rasband, wɔ intanɛt so nhyiamu.
Mfoni
Mmabunu som.
Mfoni
Mmabunu mpanimfoɔ dawubɔ.

Yareɛ ateseteɛ mmerɛ mu no, mahyia mmabunu a wɔfiri wiase afanan nyinaa wɔ ɔsom dwumadie nketewa ne akɛseɛ mu, nam dawubɔ ne sohyia media so, na yɛadwendwene wɔn nsɛmmisa ho.

Na mfeɛ dunan na Joseph Smith wɔ asɛmmisa a ɛmu dɔ wɔ n’akoma mu, na ɔde kɔɔ Awurade anim. Titenani Russell M. Nelson asi so dua sɛ: “Fa wo nsɛmmisa kɔ Awurade ne gyedie akwan ahodoɔ so. Fa ɔpɛ sua adeɛ na gyedi sene sɛ wode w’ani bɛto sɛ, wobɛtumi ahunu dɛmdie amanneɛ wɔ nkɔmhyɛni bi abrabɔ mu anaa abirabɔ bi wɔ twerɛnsɛm no mu. Gyae sɛ woma w’akyinnyeɛ yɛ bebree berɛ a wo ne akyinnyegyefoɔ di ho nkɔmmɔ. Ma Awurade nni w’anim wɔ w’akwantuo a worehwehwɛ honhomyɛ ahunu.” 6

Mmabunu taa bisa me deɛ megye die ne deɛ nti a megyedie.

Mekae sɛ menam nkutahodie so sraa abaayewa bi wɔ ne fie. Mebisaa no sɛ yei ne berɛ a ɛdi kan a Ɔsomafoɔ bi aba ne fie anaa. Ɔnwenwenee na ɔyii ano ntɛm ara sɛ, “Aane.” Na n’asɛmbisa a ɔto maa me no yɛ: “Deɛn ne nneɛma a ɛhia pa ara a ɛsɛ sɛ meyɛ?”

Mede me kra so nneɛma yii no ano, nneɛma a ɛsiesie me ma mete nkanyan, deɛ ɛpagya m’ani tra wiase akwan, deɛ ɛma me botaeɛ wɔ me nsɛmpa adwuma mu ne m’abrabɔ ankasa mu.

Me ne mo nkyɛ nneɛma binom a me kra pɛ? Saa nneɛma yi kɔ ma wɔn a wɔhwehɛ sɛ wɔyɛ Yesu kristo nokorɛ akyidifoɔ. Emu du bɛyɛ. Ɛnnɛ merema mo nson berɛ a mewɔ anidasoɔ sɛ mobɛwie nnwɔtwe, nkron ne edu no nam mo ara mo suahunu ahodoɔ so.

Deɛ ɛdi kan, Dɔ Agya no ne Yesu Kristo, yɛn Agyenkwa no.

Yesu hyɛɛ mmaransɛm kɛseɛ a ɛdi kan : “Dɔ wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu, ne w’adwene nyinaa mu.” 7

Titenani Nelson daa ne dɔ kɛseɛ a ɔwɔ ma Onyankopɔn, yɛn onniawieɛ Agya, ne Ne Ba, Yesu Kristo, adi berɛ a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛdi Awurade Asɔre no anim, kaa sɛ, “Menim wɔn, dɔ wɔn, na hyɛbɔ sɛ—wode w’ahome—a aka wɔ wo nkwa mu no bɛsom wɔn ne wo.” 8

Deɛ ɛdi kan no, dɔ Agya no ne Ɔba no.

Deɛ ɛtɔ so mmienu, “Dɔ wo yɔnko.” 9

Yei nnyɛ adwenpa ara kwa; ɛno ne mmaransɛm kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu. W’ayɔnkofoɔ ne wo hokafoɔ ne w’abusua, wo wɔɔdofoɔ, adwumayɛfoɔ, wɔn a wo ne wɔn te dan korɔ mu, wɔn a wɔnnka wo gyedifekuo ho, wɔn a wɔhia mmoa ɛne nokorɛ mu, obiara. Adehiadeɛ a ɛwɔ “dɔ wo yɔnko” mu no nne gyegye wɔ dwom “Love One Another.” 10

Titenani Nelson kae yɛn sɛ, “sɛ yɛde yɛn akoma nyinaa dɔ Onyankopɔn a, Ɔdane yɛn akoma hwɛ afoforɔ yiedie.” 11

Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, di ahyɛdeɛ no so.

Yei ne faako a ɛyɛ den ma bebree no ara. Ɛnnyɛ nwanwa sɛ asɛ yɛredɔ yɛn ara yɛn ho yɛ mmerɛ sen sɛ yɛredɔ afoforɔ? Nanso, Awurade no aka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo wo ho.” 12 Ɔsoro nnepa a ɛwɔ yɛn mu no sombo ma no, na saa an ɛwɔ sɛ yɛn nso yɛyɛ. Berɛ a yɛn nnesoa mu ayɛ duru ɛnam mfomsoɔ, akomayea, annsɛbie atenka, hwammɔdie, abufuo anaasɛ bɔne so no, Agyenkwa mpata no, nam ɔsoro nhyehyɛɛ so, yɛ nneɛma a ɛpagya ɔkra no mu baako.

Deɛ ɛtɔ so nnan, di ahyɛdeɛ no so.

Awurade ada no adi pefee sɛ: “sɛ wodɔ me a, di m’ahyɛdeɛ so.” 13 Pere da biara sɛ wobɛyɛ na bɔ mmɔden kakra kɔ w’anim wɔ teneneeyɛ mu.

Deɛ ɛtɔ so nnum, berɛbiara, fata sɛ wobɛkɔ tɛmpol.

Mefrɛ no yɛrekamfo wo ama Awurade. Sɛ wowɔ ho kwan sɛ wokɔ tɛmpol anaasɛ wonni no, worefata sɛ wokura tɛmpol adansedie krataa no ma wogyina pintinn de wani si nneɛma a ɛho hia, apam kwan no so.

Deɛ ɛtɔ so nsia, di dɛ na ma w’ani nnye.

“Momma mo bo ntɔ mo yam na mma mo nsuro,” 14 Awurade na aka. Adɛn? Ɔkwan bɛn so, berɛ a yɛhyia akwansideɛ wɔ ntwaaho biara mu? Ɛnam bɔhyɛ a Yesu Kristo ahyɛ no nti: “Me Awurade ne mo wɔ hɔ, na mɛgyina w’akyi.” 15

Titenani Nelson kasa fa nsɛmpa no a wɔasan de aba bio no ho sɛ ɛyɛ “anigyesɛm!” 16 Na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, “Ɔdɛ atenka a yɛnya no ne yɛn asetena mu nsɛm wɔ twaka kakraabi pɛ na ɛne yɛn botaeɛ wɔ yɛn abrabɔ mu wɔ twaka biara.” 17

Deɛ ɛtɔ so nson, di Onyankopɔn nkɔmhyɛni teasefoɔ no akyi.

Yei bɛtumi ayɛ deɛ ɛtɔ so nson wɔ me nneɛma a mahyehyɛ no nnidisoɔ no so nanso ɛdi kan wɔ m’adwene mu ɛnam ɛho hia a ɛhia ma ɛnnɛ nti.

Yɛwɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛni wɔ asase so ɛnnɛ! Ɛnnyi deɛ ɛkyerɛ ma wo totwene da biara da. Kae ababaawa bi a meka kyerɛɛ mo wɔ ahyɛaseɛ no. Na ɔpɛ sɛ ɔhunu nneɛma a ɛho hia pa ara yie. “Di nkɔmhyɛni teasefoɔ no akyi,” Mekaa no hɔ na mesi so dua ɛnnɛ nso bio.

Yɛda soronko sɛ Asɔre a nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ ne adiyifoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn ama saa berɛ yi na wɔdi yɛn anim. Mehyɛ bɔ sɛ sɛ motie na modi wɔn afotuo so a morenyera da. Ɛrensi da!

Yɛwɔ mmerɛ bi mu a “wɔtwe yɛn akɔneaba,” 18 berɛ a wɔsɔretia honhomyɛ, ahonidie, nokorɛdie, ne obuo. Ɛsɛ sɛ yɛyi deɛ yɛpɛ. Yɛwɔ Onyankopɔn nne nam Ne nkɔmhyɛni so dwodwo yɛn suro na ɔpagya yɛn nhunumu, ɛfiri sɛ, sɛ Titenani Nelson kasa a, ɔkasa ma Awurade.

Wahyira yɛn ne twerɛsɛm ne nkyerɛkyerɛ a ɛkaekae yɛn, “Ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene, na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, Awurade na ɔseɛ.” 19

Saa ara na ɛtoo Naaman, ɔsahene kɛseɛ a na ɔwɔ Siria, nso na ɔyare kwata a wɔka kyerɛɛ no sɛ nkɔmhyɛni Elisa bɛtumi asa no yareɛ. Elisa somaa ne bɔfoɔ sɛ ɔnka nkyerɛ Naaman sɛ ɔnkɔdware wɔ asubɔntene Yordan mu mprɛ nson na ne ho bɛfi. Naaman sii atwetwe. Ampa ara na asubɔntene wɔ hɔ a ɛso sene Yordan, na adɛn nti na ɔsoma ɔsomfoɔ berɛ a na ɔhwɛ Elisa nkɔmhyɛfoɔ no anim sɛ ɔno ara bɛsa no yareɛ? Naaman danee ne ho kɔeɛ, nanso akyire no n’asomfoɔ no korɔkorɔɔ no: “Sɛ adekɛseɛ bi na nkɔmhyɛfoɔ no ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa ?” 20 Awieɛ no Naaman de no ho nuu Yordan mu mprɛ nson na ɔnyaa ayaresa.

Naaman twerɛtohɔ yi kae yɛn deɛ ɛtumi to yɛn berɛ a yɛyi na yɛfa nkɔmhyɛ afotuo mu bi a ɛne sɛdeɛ yɛn adwene, deɛ yɛhwɛ anim anaasɛ deɛ abaso ɛnnɛ yi mu wɔ twaka. Yɛn nkɔmhyɛni kɔso ara de ne nsa kyerɛ yɛn ara Yordan a ɛbɛsa yɛn yareɛ.

Nsɛm a ɛhia pa ara a yɛbɛtumi ateɛ, adwendwene ho na yɛadi akyire no yɛ deɛ wɔnam yɛn nkɔmhyɛni teasefoɔ so ada no adie. Medi adanseɛ sɛ me ne Titenani Nelson atena afotufoɔ mu adi nsɛm a ɛyɛ duru a ɛfa Asɔre no ne wiase ho, na mahunu adiyie sɛ ɛnam ne so ba. Ɔnim Awurade, ɔnim N’akwan, na ɔpɛ sɛ Onyankopɔn mma nyinaa bɛtie Ɔno Awurade, Yesu Kristo.

Mfeɛ bebree ni yɛatie afiri nkɔmhyɛni hɔ mprɛnu wɔ afe biara mu wɔ amansan nhyiamu mu. Nanso ɛnam sɛdeɛ yɛn nna yi mu nsɛm ayɛ bisibasaa no nti, Titenani Nelson rekasa bebree nam nhyiamu ahodoɔ so, 21 sohyia midia, 22 ɔsom ahodoɔ, 23 ne mpo nsɛmtwerɛfoɔ amanebɔ. 24 Mahunu no sɛ ɔretwerɛ na ɔde adiyie nsɛm a ɛmu yɛ duru a ahyɛ nkuran, ɛde yɛn nnuammarimma ne nnuammaa nyinaa a wɔwɔ wiase aka ho bebree na ama asomdwoeɛ, anidasoɔ, apɔmuden, ne ayaresa aba yɛn ankorankora abrabɔ mu.

Titenani Nelson yɛ adom akyɛdeɛ kasafoɔ, na mmom deɛ ɛhia pa ara wɔ mu ne sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni. Sɛ wodwene ho a na ɛyɛ nwanwa, nanso ɛhia sɛ yɛhunu sɛ n’akwankyerɛ a ɛda adi pefee no bɛbɔ yɛn nyinaa ho ban afiri nnadaa, adwenbɔne ne wiase akwan a ɛregye nhini wɔ yɛn nnɛ wiase yi mu ho. 25

Nkɔmhyɛ asodie nyinaa fa adiyie ho. “Yesu Kristo Asɛmpa no Mayɛ Mmaeɛ bio: Mfeɛ Ahanu Dawubɔ ma Wiase,” wɔde maa wɔ Oforisuo 2020 amansan nhyiamu ase no si so dua sɛ Awurade na ɔrema akwankyerɛ wɔ adwuma yi mu. Wɔ saa dawubɔ yi mu no, Atitenafoɔ a wɔdiKan no ne Asomafoɔ Dumienu Kuo no ka sɛ: “Yɛde anigyeɛ pae mu ka sɛ Mmaeɛ bio a wɔahyɛ ho bɔ no kɔso wɔ adiyie ntoasoɔ mu. Asase no rensane nyɛ sɛdeɛ ɛteɛ no bio, berɛ a Onyankopɔn “bɛboaboa nneɛma nyinaa ano baako wɔ Kristo mu“ (Efesofo 1:10).” 26

“Nneɛma nyinaa wɔ Kristo mut” 27 ne “nneɛma a me kra pɛ” 28 ne deɛ saa Asɔre yi, saa nsɛmpa yi ne saa nkorɔfoɔ yi nyinaa hwehwɛ.

Mede ba awieɛ, to nsa frɛ mo nyinaa sɛ monsusu “nneɛma a me kra pɛ” nson yi a me ne mo akyɛ ɛnnɛ yi: dɔ Onyankopɔn Agya no ne Ne Yesu Kristo, yɛn Agyenkwa no, dɔ wo yɔnko; dɔ wo ho; di ahyɛdeɛ no so; berɛbiara fata sɛ wokura tɛmpol adansedie krataa; di dɛ na ma w’ani nnye: na di Onyankopɔn nkɔmhyɛni teasefoɔ no akyi. Meto nsa frɛ wo sɛ wo ara wobɛhwehwɛ wo deɛ a ɛtɔ so nnwɔtwe, nkron ne edu. Susu akwan a wobɛtumi ne afoforɔ akyɛ “nneɛma” a ɛda w’akoma soɔ na hyɛ wɔn sɛ wɔbɛbɔ mpaeɛ, adwendwene ho na wɔahwehwɛ Awurade akwankyerɛ.

Nneɛma a me kra pɛ sombo ma me sɛdeɛ wodeɛ teɛ ma wo ara pɛ. Yeinom hyɛ yɛn som wɔ asɔre no mu ne abrabɔ fa biara mu den. Ɛma yɛbɛn Yesu Kristo, ɛkae yɛn apam, na ɛboa ma yɛnya ahobanbɔ firi Awurade abasa mu. Medi adanseɛ sɛ “ɔkɔm anaa sukɔm renne yɛn kra da, na mmom ɔnam Ne dɔ so ɔbɛma no ” 29 amee berɛ a yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ Ne nokorɛ akyidifoɔ, ne no bɛyɛ baako sɛdeɛ ɔne Agya no teɛ no. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.