Amansan Nhyiamu
Rema Yɛn Adwensakra kɔ Yesu Kristo mu adɔre
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Rema Yɛn Adwensakra kɔ Yesu Kristo mu adɔre

Twerɛnsɛm no ne yɛn nimdeɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ akyɛdeɛ—akyɛdeɛ a yɛmfa no anibere so. Momma saa nhyira yi nsombo mma yɛn.

Yɛda wo ase bebree, Elder Nielson, wɔ. wo nkrasɛm dɛɛdɛ Na yɛhia ɛno.

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ yɛn nansa yi sɛ: “Wobɛyɛ biribi yie pa ara no hia mmɔdemmɔ. Worebɛyɛ Yesu Kristo suani nokwafoɔ no mfiri mu. Woreto wo gyedie mu de wo werɛ ahyɛ Ne mu no hia mmɔdemmɔ.” Ɛka nkamfoɔ a ɔde maa yɛn sɛ yɛmma yɛn gyedie wɔ Yesu Kristo mu nnɔɔso ho no ne sɛ, yɛbɛba abɛyɛ asuafoɔ, sɛ yɛbɛdɔ yɛn ho asukɔ wɔ twerɛsɛm no mu sɛ yɛbɛte Kristo som ne n’asɛmpatrɛ no ase yie. (Hwɛ “Kristo Asɔre; Ne mu Gyedie Bɛtutu Mmepɔ,” Liahona, Kɔtɔnimma 2021, 103.)

Yɛsua wɔ Mormon Nwoma no mu sɛ, na twerɛsɛm no yɛ ɔfa titiriw wɔ Lihae abusua no mu—a ɛno nti ɛmaa Nifae ne ne nuanom sane kɔɔ Yerusalem sɛdeɛ wɔbɛnya yaawa mprɛte no (hwɛ 1 Nifae 3–4).

Twerɛsɛm no yi Onyankopɔn pɛ kyerɛ yɛn, te sɛdeɛ Liahona no yɛ maa Nifae ne n‘agya no. Akyire yi a ɔbuu ne tadua no, Nifae hiaa sɛ ɔhunu baabi a ɛwɔ sɛ ɔkɔ sɛ ɔbɛnya aduane. N‘agya, Lihae, hwɛɛ Liahona no so na ɔhunuu nneɛma a na wɔatwerɛ wɔ so. Nifae hunuu sɛ akroteaa no di dwuma sɛdeɛ wɔn gyedie, nsiyɛ, ne asoyɛ a wɔde ma no no teɛ. Ɔhunuu ntwerɛeɛ nso a ɛyɛɛ mmrɛ sɛ wɔkan na ɛmaa wɔn nteaseɛ faa Awurade akwan ho. Ɔbɛhunuu sɛ Awurade nam nneɛma nketewa so na ɛde akɛseɛ ba. Ɔyɛɛ setie maa Liahona no ɛfa akwankyerɛ a na ɛde ma no. Ɔkɔɔ bepɔ no so na ɔnyaa aduane maa n‘abusua a na wɔnni bi nti, wɔahunu amane pa ara. (Hwɛ 1 Nifae 16:23–31.)

Mehunu no sɛ na Nifae yɛ osuani a watu ne ho ahyɛ twerɛsɛm no mu. Yɛkenkan sɛ Nifae nyaa anigyeɛ wɔ twerɛsɛm no mu, dwenee ho wɔ n‘akoma mu, na ɔtwerɛɛe sɛ ɛbɛyɛ adesua ne mfasoɔ ama ne mma (hwɛ 2 Nifae 4:15–16).

Titenani Russell M. Nelson kaa sɛ:

“Sɛ ‘yɛpia kɔ anim, di Kristo asɛm no so yie, na yɛgyina mu kɔduru awieɛ a [yɛ] bɛnya nkwa a ɛnni awieɛ‘ [2 Nifae 31:20].

“Redidi kyerɛ mu bebree kyɛn sɛ woreka ahwɛ. Redidi kyerɛ sɛ w‘ani gye ho. Yɛsua twerɛsɛm no de kyerɛ anigyeɛ wɔ nokorɛ setie mu ne anisɔ honhom mu nhumu so. Sɛ yɛdi Kristo nsɛm no mee a, ɛmem kɔ ‘akoma pono a ɛyɛ honam no mu’ [2 Corinthians 3:3]. Wɔbɛyɛ yɛn suban ho adeɛ fa a ɛhia” (“Living by Scriptural Guidance,” Liahona, Ɔpɛpɔn 2001, 21).

Deɛn ne Nneɛma Binom a Yɛbɛyɛ Berɛ a Yɛn Kra Anigye wɔ Twerɛnsɛm no mu?

Yɛn pɛ sɛ yɛbɛka ho aboa Israel ano wɔ nkatanim no afa mmienu no mu bɛkɔ nkan. Ɛbɛyɛ ne kwan so ne papa ama yɛn sɛ yɛbɛto nsa afrɛ yɛn abusua ne nnamfoɔ sɛ wɔbɛtie asɛmpatrɛfoɔ no. Yɛbɛte yɛn ho, na yɛbɛnya tɛmpol nkamfoɔ krataa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ tɛmpol berɛ biara. Yɛbɛyɛ adwuma ahwehwɛ, asiesie de yɛn nananom din akɔ tɛmpol. Yɛde nokorɛ bɛdi Homeda no so, akɔ asɔre Kwasiada biara ne Awurade akɔyɛ yɛn apam no foforɔ berɛ a yɛka ho de ahoteɛ fa adidi kronkron no. Yɛbɛdi nokorɛ atena apam kwan no so, de asɛm biara a ɛfiri Onyankopɔn anum aba no abɔ bra (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne apam 84:44).

Deɛn Na Ɛkyerɛ ma Wo sɛ W’ani Gye wɔ Awurade Nneɛma mu?

Worenya anigyeɛ wɔ twerɛsɛm no mu dɔɔso kyɛn sɛ wode ɛkɔm ne sukɔm bɛpɛ nimdeɛ. Nifae kɔɔ anigyeɛ tebea kɛseɛ mu wɔ n’asetena mu. Mmom, ɔhyiaa nsɛm denden ne awerɛhoɔ nso (hwɛ 2 Nifae 4:12–13). “Nanso,” ɔkaa sɛ, “Menim ɔno a me werɛ hyɛ ne mu” (2 Nifae 4:19). Sɛ yɛsua twerɛsɛm no a, yɛbɛte Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ ne mmasoɔ no ase yie, na yɛbɛnya awerɛhyɛmu wɔ bɔhyɛ a Wahyɛ ama yɛn wɔ twerɛsɛm no mu, te sɛ deɛ ɛwɔ ɛnnɛ yi nkɔmhyɛfoɔ bɔhyɛ ne nhyira mu no.

Mfoni
Dawid ne Goliath

Awia bi, adamfoɔ bi too nsa frɛɛ me ne me yere kɔɔ wɔn fie bi mu. Na wɔn mfeɛ nson babarima David, ntee Twerɛ Kronkron no mu abasɛm fa David ne Goliath ho da, na ɔpɛɛ sɛ ɔte. Berɛ a mehyɛɛ aseɛ kaa abasɛm no, ɔnyaa nkanyan faa kwan a David de ne gyedie na Israel Nyankopɔn din mu de taya ne ɛboɔ piraae na ɔkumm Philistineni no, a ɔnni akofena wɔ ne nsa mu (hwɛ 1 Samuel 17).

Ɔde n‘ani akɛseɛ tuntum no hwɛɛ me, na ɔde nsiyɛ bisaa sɛ, “Hwan ne Onyankopɔn?” Mekyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya na yɛsua fa ne ho wɔ twerɛsɛm no mu.

Afei ɔbisaa me, “Deɛn ne twerɛsɛm no?” Meka kyerɛɛ no sɛ, twerɛsɛm no yɛ Onyankopɔn asɛm na ɛmu no, ɔbɛhunu abasɛm dɛɛdɛ a ɛbɛboa no ma wahunu Onyankopɔn yie. Mesee ne maame sɛ ɔmfa Twerɛ Kronkron a ɔwɔ wɔ ne fie hɔ no nni dwuma na ɔmma David nkɔda wɔ berɛ a ɔnkanee saa abasɛm no nyinaa nkyerɛɛ no. N’ani gyeeɛ berɛ a na ɔretie no. Twerɛnsɛm no ne yɛn nimdeɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ akyɛdeɛ—akyɛdeɛ a yɛtaa mfa no anibere so . Momma saa nhyira yi nsombo mma yɛn.

Berɛ a na meresom wɔ asɛmpatrɛ adwuma mu sɛ aberanteɛ no, mehyɛɛ no nso sɛ, sɛ yɛfa twerɛsɛm no so kyerɛkyerɛ a, nkorɔfoɔ bebree asetena sakra. Mebɛhunuu tumi a ɛwɔ mu ne sɛdeɛ ɛtumi sesa yɛn asetena. Na onipa baakofoɔ biara a yɛkyerɛkyerɛɛ no asɛmpa no mmaeɛ bio no yɛ soronko a nsonoeɛ da wɔn ahiadeɛ mu. Twerɛnsɛm kronkron no—aane, nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nkɔmhyɛ a wɔatwerɛ no—de wɔn baa gyedie bi mu wɔ Awurade mu ne nsakyeraeɛ, na ɛsesaa wɔn akoma.

Twerɛsɛm no de anigyeɛ hyɛɛ wɔn ma berɛ a wɔnyaa nkanyan, akwankyerɛ, awerɛkyekyerɛ, ahoɔden, ne mmuaeɛ maa wɔn ahiadeɛ no. Wɔn mu dodoɔ no sii gyinaeɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakraeɛ wɔ wɔn asetena mu na wɔhyɛɛ aseɛ dii Onyankopɔn mmaransɛm no so.

Nifae hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛn ani bɛgye wɔ Kristo nsɛm mu, ɛfiri sɛ Kristo nsɛm no bɛka akyerɛ yɛn biribiara a ɛhia sɛ yɛyɛ (hwɛ 2 Nifae 32:3).

Mfoni
Abusua twerɛsɛm sua

Meto nsa frɛ mo sɛ mobɛyɛ nhyehyɛeɛ a ɛte hɔ daa de asua twerɛsɛm no. Bra, Di M‘akyiri yɛ kwan kɛseɛ a yɛwɔ de kyerɛkyerɛ na yɛsua asɛmpa no, ama yɛn adwensakra kɔ Yesu Kristo mu no adɔre, na aboa yɛn ama yɛabɛyɛ te sɛ Ɔno. Sɛ yɛsua asɛmpa no a, yɛnhwehwɛ nkransɛm foforɔ kwa; mmom, yɛrehwehwɛ sɛ yɛbɛba abɛyɛ “abɔdeɛ foforɔ bi” (2 Korintofoɔ 5:17).

Sunsum Kronkron no kyerɛ yɛn kwan kɔ nokorɛ mu na ɔdi adanseɛ kyerɛ yɛn fa nokorɛ no ho (hwɛ Yohane 16:13). Ɔkyerɛmu wɔ yɛn adwene mu, na ɔyɛ yɛn nteaseɛ foforɔ bio, na ɔnam Onyankopɔn adiyisɛm so ka yɛn akoma, nokorɛ nyinaa fibea no. Sunsum Kronkron no ma yɛn akoma mu te. Ɔma ɔpɛ nkanyan ba yɛn mu sɛ yɛbɛtena ase sɛdeɛ nokorɛ no teɛ na waka agu yɛn aso mu kwan a yɛbɛfa so ayɛ no. “Sunsum Kronkron no … bɛkyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa” (Yohane 14:26).

Ɔrekasa fa nsɛm a Ɔyii no adi kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith ho no, yɛn Agyenkwa no kaa sɛ:

“Saa nsɛm yi mfiri nnipa anaa onipa, mmom ɛfiri me;

“Na ɛyɛ me nne na ɛka yeinom kyerɛ mo, na ɛnam me Honhom so na wɔde ama mo;

“Ɛno nti, mobɛtumi adi adanseɛ sɛ moate me nne, na monim me nsɛm” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:34–36).

Ɛwɔ sɛ yɛhwehwɛ Sunsum Kronkron no ayɔnkofa. Ɛwɔ sɛ saa botaeɛ yi di yɛn gyinaeɛsie so na ɛkyerɛ yɛn nsusuiɛ ne nneyɛɛ kwan. Ɛsε sε yεhwehwɛ biribiara a ɛtwe Honhom no nkɛntɛnsoɔ na yɛpo adeɛ biara a ɛtwe ne ho firi saa nkɛntɛnsoɔ no ho.

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Ɔsoro Agya no dɔ Ba. Me dɔ m’Agyenkwa no. Meda ase wɔ Ne twerɛnsɛm ho ne Ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔte ase. Titenani Nelson yɛ Ne nkɔmhyɛni. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.