Amansan Nhyiamu
“Wodɔ Me Sene Yeinom?”
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


“Wodɔ Me Sene Yeinom?”

Deɛn nneɛma na wobɛtumi ayɛ nam w’ankasa abrabɔ so de akyerɛ sɛ wodɔ Awurade kane?

Wɔ Obubuo 2019 mu, me ne m’adamfo kɔɔ nsrahwɛ wɔ Asase Kronkron no so. Berɛ a na yɛwɔ hɔ no yɛkaekaee na yɛsuaa twerɛnsɛm a ɛfa Yesu Kristo abrabɔ ho. Anɔpa bi yɛgyinaa atifi-atɔeɛ fa a ɛwɔ Galilee mpoano, wɔ baabi a na anka ɛbɛtumi ayɛ bea a Yesu kɔɔeɛ berɛ a ɔhyiaa N’asuafoɔ no wɔ Wusɔreɛ no akyi.

Yesu Wusɔreɛ akyi, sɛdeɛ yɛkenkan wɔ Yohane ti 21, Na Petro ne asuafoɔ afoforɔ no agu asau anadwo mu nyinaa a wɔannyi hwee. 1 Anɔpa no, wɔhunuu ɔbarima bi sɛ ɔgyina mpoano hɔ a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnto wɔn asau no ngu kodoɔ no fa baabi. Wɔn ho dwirii wɔn, na Asau no ayɛ ma anwanwasoɔ mu. 2

Ɛhɔ ara no wɔhunuu sɛ na ɔbarima no yɛ Awurade, na wɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa No.

Wɔtwee asau no baa ɛpo no ano, a na mpataa ayɛ no ma no, Yesu kaa sɛ, “Mommra mmɛka mo ano.” 3 Yohane bɔ amaneɛ sɛ “wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro, Jonas ba sɛ, Wodɔ me sene Yeinom?” 4

Berɛ a na megyina saa bea korɔ ara no, mehunuu sɛ na Agyenkwa asɛmmisa no yɛ nsɛmmisa a Ɔbɛtumi abisa me da bi. Ɛyɛɛ me sɛdeɛ mate Ne nne a ɔrebisa me sɛ, “Russell, wodɔ me sene yeinom?”

Wonim deɛ na Yesu repɛ akyerɛ berɛ a Ɔbisaa Petro sɛ, “Wodɔ Me Sene Yeinom?”

Sɛ yɛde saa asɛmmisa yi toto yɛn ho wɔ yɛn nnɛ nna yi mu a, ɛbia na Awurade rebisa yɛn fa sɛdeɛ yɛnni adaagye fa, ne nneɛma bebree a ɛyɛ ne deɛ ɛnnyɛ nhyɛsoɔ a ɛne yɛn adwene ne yɛn mmerɛ si akan. Ɛbia na Ɔrebisa yɛn mu biara sɛ yɛdɔ No sene wiase yi anaa? Yei bɛtumi ayɛ asɛmmisa afa deɛ ɛsombo pa ara ma yɛn wɔ abrabɔ mu, deɛ yɛdi n’akyi, ne sɛdeɛ yɛhunu yɛne yɛn abusuafoɔ ne yɛn afipamfoɔ abusuabɔ. Anaa nso Ɔrebisa yɛn deɛ ɛde ɔdɛ ne anigyeɛ pa ara brɛ yɛn.

Enti wiase yi mu nneɛma de ɔdɛ, anigyeɛ ne asomdwoeɛ a Agyenkwa no de maa N’asuafoɔ no ne deɛ ɔde ma yɛn brɛ yɛn anaa? Ɔno nko ara na ɔbɛtumi de nokorɛ dɛ, anigyeɛ, ne asomdwoeɛ abrɛ yɛn nam sɛ yɛredɔ No na yɛadi ne nkyerɛkyerɛ so.

Sɛn na anka yɛbɛyi asɛmmisa “Wodɔ me sene yeinom ano afa?”

Sɛ yɛnya saa asɛmmisa yi asekyerɛ nyinaa a, yɛbɛtumi abɛyɛ abusuafoɔ, afipamfoɔ, amanmma, asɔre no mma ne Onyankopɔn mmammarimma ne mmammaa papa.

Deɛ m’atifi aduru yi, makɔ ayie bebree. Megye di sɛ mo mu bebree ahyɛ deɛ mahyɛ no nso no nso. Sɛ yɛreka obusuani anaasɛ yɔnkoɔ a w’awuo ho asɛm a ɛntaa nsi sɛ ɔkasafoɔ no kasa fa sɛdeɛ na ne fie kɛseɛ teɛ, kaa dodoɔ, anaa sika a ɔwɔ da sika korabea ho. Wɔntaa nkasa mfa nsɛm a wɔde ato sohyia midia so ho. Wɔ ayie bebree a makɔ ase no, wɔde wɔn ani si wɔn dɔfoɔ no nkutahodie, som a ɔsomm afoforɔ, abrabɔ mu adesua ahodoɔ, suahunu ne ɔdɔ a na wɔn dɔfo no wɔ ma Yesu Kristo so.

Monnye m’ano nsi bɔne. Merenka sɛ, ɛyɛ mfomsoɔ sɛ obi wɔ efie a ɛyɛ fɛ, anaasɛ kaa a ɛyɛ fɛ anaa mpo wode sohyia midia reyɔ adwuma no nnyɛ. Deɛ mereka ne awieɛ no, saa nneɛma no yɛ ketewaa bi koraa berɛ a wɔde toto Agyenkwa dɔfoɔ no ho.

Sɛ yɛdɔ No na yɛdi N’akyi a, yɛnya gyedie wɔ Ne mu. Yɛsakra. Yɛdi N’anammɔn so, na wɔbɔ yɛn asu na yɛgye Honhom Kronkron no. Yɛmia yɛn ani kɔsi awieɛ wɔ apam kwan no so. Yɛde yɛn abusua ne yɛn ayɔnkofoɔ mfomsoɔ kyɛ wɔn berɛ a yɛgyae tirimuka biara a yɛwɔ ma wɔn mu. Yɛfri akoma mu pere sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn ahyɛdeɛ so. Yɛpere sɛ yɛbɛyɛ setie. Yɛyɛ apam na yɛdi so. Yɛde anidie ma yɛn agyanom ne ɛnanom. Yɛde wiase mu nneɛma a ɛnnyɛ na ɛhyɛ yɛn soɔ no to nkyɛn. Yɛsisie yɛn ho ma Ne mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no.

Wɔ “Kristo Teasefoɔ Mu No: Asomafoɔ no adansedie mu no,” yɛkenkan sɛ: “[Yesu] bɛsan aba asaase so bio da bi. Ɔbɛdi adeɛ sɛ Ahene Mu Hene na Wadi hene sɛ Awura mu Wura na kotodwe nyinaa bɛkoto na tɛkyerɛma nyinaa bɛkasa wɔ ɔsom mu wɔ N’anim. Yɛn mu biara bɛgyina atemmuo mu na Wabu yɛn atɛn sɛdeɛ yɛn nnwuma ne deɛ yɛn akoma hwehwɛ teɛ.” 5

Sɛ meyɛ Asomafoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ “Kristo Teasefoɔ” krataa no ase yi, mɛtumi aka sɛ menim sɛ Kristo “ne hann no, nkwa no, ne wiase anidasoɔ no” 6 ma me ɔpɛ kɛseɛ sɛ medɔ no bebree daa.

Medi adanseɛ sɛ, Agya a ɔwɔ Ɔsoro ne Yesu Kristo te ase. Medi adanseɛ sɛ Wɔdɔ yɛn. Twerɛnsɛm no kyerɛkyerɛ sɛ “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.” 7 Twerɛnsɛm no no nso kyerɛ sɛ “Yesu dɔɔ wiase yie maa ɔde n’ankasa nkwa maaeɛ, sɛdeɛ dodoɔ no a wɔbɛgye no adie no bɛtumi abɛyɛ Onyankopɔn mma.” 8

Agya a ɔwɔ Soro no dɔɔ yɛn yie sɛ Ɔsiesiee Ne nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ de Agyenkwa no gyinaa mfinimfii. Na Yesu dɔɔ yɛn yie sɛ wɔ saa Ɔsoro Nhyiamu kɛseɛ no mu, berɛ a Agya a ɔwɔ Soro no bisaa sɛ, “Hwan na mensoma no?” Yesu, a na ɔyɛ Agya no honhom mu mma no nyinaa Abakan no yii ano sɛ, “Me nie , soma me.” 9 Ɔsee Agya no sɛ, “Agya, wopɛ nyɛ hɔ, na animuonyam nyɛ wo dea daa.” 10 Yesu tuu Ne ho sii hɔ sɛ ɔbɛyɛ yɛn Agyenkwa ne dimafoɔ sɛdeɛ yɛbɛtumi abɛyɛ sɛ wɔn na yɛasan akɔ Wɔn anim bio.

Saa twerɛnsɛm mmienu yi san kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛbɛsan akɔ Wɔn nkyɛn bio a ɛsɛ sɛ yɛgye die. Ɛsɛ sɛ yɛnya gyedie wɔ Yesu Kristo mu ne Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛɛe no mu. Woregye adie ne sɛ wobɛdɔ na woadi yɛn Agyenkwa no akyi na woadi ahyɛdeɛ no so mpo wɔ nsɔhwɛ ne apereapereɛ mu.

Ɛnnɛ wiase yi nnyina faako. Hwammɔdie, nteaseɛ a ɛnyɛ adwuma, ateetee ne deɛ ɛtwe yɛn adwene firi yɛn ho so.

Titenani Dallin H. Oaks, ɔrekasa wɔ 2017 mu no, hyɛɛ deɛ ɛdidi soɔ yi nso: “Yeinom yɛ mmerɛ a ɛmu yɛ den, a ɔhaw akɛseɛ ahyɛ ma: ɔko ne akosɛm, nyarewa ne nsaneyareɛ ahodoɔ, nsuweɛ, nsuyire, ne ewiemu hyeɛ.” 11

Yɛrentumi nhwere yɛn dɔ a yɛwɔ ne yɛn anidasoɔ a yɛwɔ wɔ Kristo mu mpo wɔ berɛ a yɛhyia akwansideɛ a ano yɛ den. Ɔsoro Agya ne Yesu werɛ renfiri yɛn da. Wɔdɔ yɛn.

Ahinime bosome a ɛtwaa mu no, Titenani Russell M. Nelson kyerɛɛ yɛn hia a ɛhia sɛ yɛde Agya a Ɔwɔ Soro no ne Yesu Kristo di kan wɔ yɛn abrabɔ mu. Titenani Nelson kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ asɛm Israel no asekyerɛ baako ne sɛ “wobɛma Onyankopɔn adi w’abrabɔ so.” 12

Ɔbisaa yɛn mu biara nsɛmmisa mmiɛnsa: “Wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛma Onyankopɔn adi w’abrabɔ so? Wo ɔpɛ sɛ wobɛma Onyankopɔn anya nsunsuansoɔ ɛho hia wɔ w’abrabɔ mu? Wobɛma Ne nsɛm, Ne mmaransɛm, ne N’apam anya nsunsuansoɔ wɔ deɛ woyɛ no wɔ dabiara no so? Wobɛma Ne nne ho kwan adi ɛnne foforɔ biara anim? Wo ɔpɛ sɛ wobɛma deɛ Ɔhia sɛ woyɛ biara adi wo nsusuiɛ foforɔ biara so? Wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛma wo pɛ akɔhyɛ ne deɛ mu?” 13

Ɛsɛ sɛ yɛkae daa sɛ yɛn nokorɛ anigyeɛ no gyina yɛne Onyankopɔn, Yesu Kristo ne yɛn ho-yɛn ho ntam.

Ɔkwan baako a yɛfa so kyerɛ yɛn dɔ ne sɛ yɛbɛka abusua, ayɔnkofoɔ ne yɛn afipamfoɔ ho na yɛne wɔn ayɛ nneɛma nketekete bi de asom yɛn ho-yɛn ho. Yɛ nneɛma a ɛma wiase yi yɛ beaeɛ papa.

Deɛn nneɛma na wobɛtumi nam w’ankasa abrabɔ so akyerɛ sɛ wodɔ Awurade kane?

Berɛ a yɛde si yɛn ani so sɛ yɛredɔ yɛn ayɔnkofoɔ sɛdeɛ ɔdɔ wɔn no, yɛhyɛ aseɛ firi nokorɛ mu dɔ wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia. 14

Mebisa bio, sɛn na wobɛyi Agyenkwa no asɛmmisa sɛ “Wodɔ yeinom sene me no ano?”

Berɛ a woredwendwene saa asɛmmisa yi sɛdeɛ mayɛ yi ho no, mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛyi ano sɛdeɛ Petro yɛɛeɛ berɛ tenten a atwa mu no ara pɛ, “Aane, Awurade; Wo ara Wonim sɛ Medɔ Wo” 16 na afei da no adi berɛ a woredɔ na woresom Onyankopɔn ne wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa.

Medi adanseɛ sɛ wɔahyira yɛn sɛ yɛwɔ Yesu Kristo nsɛmpa no sɛ ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ sɛdeɛ yɛbɔ yɛn bra na yɛne afoforɔ bɛtena yie. Wɔ Ne mu no, yɛhunu sɛ Onyankopɔn babaa ne ɔbabarima biara som bo yie ma No.

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa dɔfoɔ. Ɔyɛ Onyankopɔn Ba a Ɔwoo no korɔ no. Na medi saa adanseɛ yi ahobrɛaseɛ mu wɔ Yesu Kristo din mu, amen.