Amansan Nhyiamu
Ahosiesie ma Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Ahosiesie ma Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu

Ɛsɛ sɛ yɛgye to mu sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ yɛrebɛne Yesu Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no kyɛne berɛ biara.

Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Mormon Nwoma no mu no, mfeɛ nsia ansa na wɔrebɛwo Yesu Kristo no, Samuel, Lamanni teneneeni bi, hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Nifaefoɔ bi a saa berɛ no na wɔabɛyɛ akyirisanfoɔ, 1 faa nsɛnkyerɛnneɛ a ɛbɛka yɛn Agyenkwa no awoɔ ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, Nifaefoɔ dodoɔ no ara poo saa nsɛnkyerɛnneɛ yi ɛfiri sɛ na “ɛntɔ asom sɛ obi a ɔte sɛ Kristo bi [bɛ] ba.” 2

Awerɛhoɔ mu, sɛdeɛ twerɛsɛm twerɛtohɔ kyerɛ no, Yudafoɔ bebree nso saa ara, wɔannye anto mu sɛ onipa bi a ne din de Kristo, a ɔfiri Galilea mansini a wɔmmuo no mu, ne Mesaia no a wɔatwɛn no akyɛre no. 3 Yesu, a ampa ara na wabɛhyɛ Hebrifoɔ nkɔmhyɛfoɔ no nkɔmhyɛ bebree ma no, wɔpoo no na wɔbɔɔ no asɛnnua mu mpo ɛfiri sɛ, sɛdeɛ Mormon Nwoma no nkɔmhyɛni Yakob kyerɛkyerɛɛe no, na Yudafoɔ no yɛ “ɛkɔnseneɛfoɔ.” Ne saa nti, Yakob hyɛɛ nkɔm sɛ “Onyankopɔn ayi deɛ ɛyɛ pefee no afiri wɔn ani so, na ɔde nneɛma bebree a wɔntumi nte aseɛ ahyɛ wɔn anan mu, ɛfiri sɛ saa na wɔpɛɛ no. Na ɛnam sɛ wɔpɛ saa nti Onyankopɔn ayɛ no saa, sɛdeɛ wɔbɛhwinti.” 4

Anwanwasɛm ne sɛ, nkyerɛkyerɛ biara nni hɔ, anwanwadeɛ biara nni hɔ, na nea wɔhunu mpo te sɛ ɔsoro bɔfoɔ, sɛdeɛ Laman ne Lemuel hunuiɛ no, 5 a ayɛ sɛ ɛwɔ bradɛ tumi a ɛbɛdane ankorankorɛ binom adwene ma wɔasesa wɔn kwan, suban, anaa gyedie sɛ adeɛ bi yɛ nokorɛ. Ne titire ne berɛ a nkyerɛkyerɛ anaa anwanwa nnwuma ne obi tirimpɔ, apɛdeɛ anaa adwene nsae.

Mesrɛ sɛ fa twerɛnsɛm mmienu a ɛdidi soɔ yi yɛ ntotoho berɛ tiawa bi, deɛ ɛdi kan firi Ɔsomafoɔ Paulo a ɔrekasa fa nna a ɛdi akyire ho a ɛrekyerɛkyerɛ onipa akwan, ɛna deɛ ɛtɔ so mmienu firi nkɔmhyɛni Alma a ɛrekyerɛ sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ Ne nnwuma wɔ adasamma mu. Ɛdi kan firi Ɔsomafoɔ Paulo hɔ:

“Hunu yei nso, sɛ nna a ɛdi akyire mu no mmerɛ a emu yɛ den bɛba.

“Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn,

“Wɔn a wɔnni dɔ, apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ soɔ, wɔn a wɔyɛ werɛmfoɔ, wɔn a wɔmpɛ papa,

“Afatwafoɔ, aniɛdenfoɔ, wɔn a wɔhoran, wɔn a wɔdɔ anigyedeɛ kyɛne sɛ wɔdɔ Onyankopɔn;

“Wɔn a wɔsua daa, nanso wɔntumi nhunu nokorɛ no da.” 6

Afei Alma reka Yesu Kristo asɛmpa no nnyinasosɛm fapem bi: “Afei, wo bɛdwene sɛ mayɛ nkwaseasɛm; mmom hwɛ mese wo sɛ, ɛnam nneɛma nketewa ne nneɛma a ɛyɛ merɛ so na nneɛma akɛseɛ ba mu; na nneɛma nketewa na mmerɛ dodoɔ no ara mu ɛma anyansafoɔ anim gu ase.” 7

Yɛte ɛnnɛ yi wiase bi a nimdeɛ akɛseɛ bebree ahyɛ mu ma . Nanso mpɛn pii no, saa nneɛma yi daadaa fapem a ɛhinhim a wɔasi wɔn wɔ so no. Ne saa nti, ɛmfa wo nkɔ nokorɛ kann ho ne Onyankopɔn ne tumi a wɔde gye adiyie, nya nimdeɛ wɔ honhom mu, na yɛn gyedie nyini wɔ Yesu Kristo mu na ɛde yɛn kɔ nkwagyeɛ mu. 8

Wɔkae yɛn yie pa ara fa yɛn Awurade nsɛm a ɔka kyerɛɛ Tomas ne Asomafoɔ afoforɔ no wɔ Ne mpata afɔrebɔ anwummerɛ no: “Yesu see no sɛ, Mene ɔkwan no, nokorɛ no ne nkwa no: obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” 9

Na wɔn a wɔwɔ ani de hunu, aso de teɛ, ne akoma de te nka no, ɛhia sɛ yɛka no pefee kyɛne berɛ biara a abɛsene kɔ, sɛ yɛrebɛne Yesu Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no kyɛne berɛ biara. Nokorɛ, mmerɛ a emu yɛ den pa ara da so retwɛn wɔn a wɔbɛwɔ asase so berɛ a Ɔbɛsane aba, nanso wɔ saa kwan yi so no, ɛnni sɛ ɔnokwafoɔ bɔ hu.

Seesei meti Asɔre no Asɛmpa Nnyinasosɛm atifisɛm “Yesu Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no mu”:

“Sɛ Agyenkwa no ba bio a, Ɔbɛba wɔ tumi ne animuonyam mu abɛgye asase sɛ N’ahemman. Ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no bɛyɛ Mfenhyia apem no ahyɛaseɛ.

“Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no bɛyɛ ehu ne awerɛhoɔ berɛ ama otirimuɔdenfoɔ, nanso ɛbɛyɛ asomdwoeɛ da ama ɔteneneeni. Awurade aka sɛ:

“‘Wɔn a wɔyɛ mmadwenmma na wɔagye nokorɛ no, na wɔafa Honhom Kronkron no sɛ wɔn kwankyerɛfoɔ, na wɔnnaadaa wɔn no—nokorɛ mese mo sɛ, wɔrentwa wɔn ngu ogya mu, na wɔbɛgyina ɛda no.

“‘Na wɔde asase bɛma wɔn sɛ apɛgyadeɛ; na wɔbɛdɔre na wɔanya ahoɔden, na wɔn mma bɛnyini a bɔne nni wɔn ho de akɔ nkwagyeɛ mu.

“‘Ɛfiri sɛ Awurade bɛwɔ wɔn mfimfini, na n’animuonyam bɛwɔ wɔn so, na ɔbɛyɛ wɔn hene ne mmarahyɛni’ (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:57-59). ” 10

Wɔ yɛn ahosiesie ma Yesu Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no mu no, mede ahyɛnsodeɛ titire bi a ɛyɛ awerɛkyekyerɛ a ɛfiri Apam Dada mu nkɔmhyɛni Amos hɔ ma ɔnokwafoɔ: “Ampa ara, Awurade Nyankopɔn renyɛ biribi, gye sɛ wayi ne kokoam adeɛ adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ nkɔmhyɛfoɔ no ansa.” 11

Wɔ saa honhom yi mu, Awurade nkɔmhyɛni a ɔde no ama wiase ɛnnɛ, Titenani Russell M. Nelson, ama yɛn saa afotuo a ɛhyɛ nkuran yi nansa yi ara: “Yesu Kristo asɛmpa no nsakyeraeɛ asɛmpa. Esiane Agyenkwa no Mpata no nti, N’asɛmpa no frɛ yɛn sɛ yɛnkɔso nsakyera, nnyini, na yɛn ho nte. Ɛyɛ anidasoɔ, ayaresa, ne nkɔsoɔ asɛmpa. Enti, asɛmpa no yɛ nkrasɛm a ɛyɛ anigyeɛ! Yɛn honhom di ahurisie wɔ anammɔn ketewa biara a yɛtu kɔ anim ho.” 12

Medi adanseɛ turodoo na meka no nokorɛ mu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na anwanwa nnwuma wɔ nnipa buburugyaa daa daa asetena mu, firi nkumaa so kɔsi atitire nyinaa so. Nokorɛ, gyedie suahunu bebree wɔ hɔ a wɔnka ho asɛm, a ne fa bi firi sɛdeɛ wɔn kronkronyɛ mfitiaseɛ teɛ ne ɛho fɛwdie a ɛbɛtumi afiri wɔn a wɔnnim hɔ aba.

Ɛnam yei nti, nkɔmhyɛni a ɔtwa toɔ wɔ Mormon Nwoma no mu, Moronae, kae yɛn sɛ:

“Na mekasa kyerɛ mo bio, mo a mopo Onyankopɔn adiyisɛm no, na moka sɛ atwa mu no, sɛ adiyisɛm biara nni hɔ, anaa nkɔmhyɛ biara, anaa akyɛdeɛ, anaa ayaresa, anaa kasa hodoɔ, ne kasa hodoɔ nkyerɛaseɛ biara nni hɔ;

“Monhwɛ, mese mo sɛ, deɛ ɔpo saa nneɛma yi no nnim Kristo asɛmpa no; aane, ɔnkenkanee twerɛsɛm no; sɛ ɛte saa deɛ a, na ɔnte aseɛ.

“Na yɛnkenkan sɛ, Onyankopɔn te saa ara ɛnora, ɛnnɛ, ne afebɔɔ, na nsonsonoɛ anaa nsesaɛ sunsum biara nni ne mu?” 13

Mede Nkɔmhyɛni Joseph Smith nkɔmhyɛ dawurobɔ a nokorɛ mu ɛhyɛ nkuran, a ɔde maae berɛ a na ne som rebɛkɔ awieeɛ na ɔrehwɛ Yesu Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no anim no wie me kasa yi: “Yɛrenkɔso wɔ botaeɛ kɛseɛ a ɛte sei ho? Kɔ anim na ɛnyɛ akyire. Akokoɔduro, anuanom mmarima [ne anuanom mmaa, memfa nka ho]; nkɔ so, nkɔ nkonimdie no ho! Momma mo akoma nni ahurisie, na ɛnnya anigye pii.” 14 Ɛno na mede m’adansedie ka ho wɔ Yesu Kristo din mu, amen.