Amansan Nhyiamu
Ma Wo Kanea So
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Ma Wo Kanea So

Me nsa a meto frɛ mo ɛnnɛ yɛ tiawa: monkyɛ asɛmpa no. De wo ho na ma kanea no so.

Berɛ a meretu kwan akɔ Peru mfeɛ kakra a atwam no, na mete bɛn obi a ɔse nyenni ho. Obisaa me deɛ nti a megye Nyankopɔn die. Wɔ nkɔmmɔdɛ a ɛkɔɔ soɔ no, mekakyerɛɛ no sɛ megye Onyankopɔn di ɛfiri sɛ Joseph Smith hunuu No—na afei mede kaa ho sɛ me nimdeɛ fa Onyankopɔn ho no nso firii me ankasa, honhom mu suahunu kann mu. Mekyɛɛ me gyidie sɛ “nneɛma nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ” 1 na mebisaa no sɛdeɛ ɔgyedi sɛ asase—saa anweatam so subura a ɛwɔ nkwa wɔ ɛntrɛmu mu—baa asetena. Ɔbuaa sɛ, wɔ ne nsɛm mu, “nkwanhyia no” na ɛsiiɛ wɔ mmerɛ pii bi a atwam. Berɛ a mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛntumi nsi sɛ “nkwanhyia no” na ɛde saa nhyehyɛɛ no baeɛ no, ɔyɛɛ komm kakra na afei ɔkaa sɛ, “wate m’ase” Mebisaa no sɛ ɔbɛkan Mormon Nwoma no a. Ɔkaa sɛ ɔbɛkan, enti mede baako kɔmaa no.

Mfeɛ bi akyiri, menyaa ɔyɔnkoɔ foforɔ wɔ Lagos, Nigeria wiemhyɛn gyinabea. Yɛbɛyɛɛ nnamfoɔ berɛ a ɔhwehwɛɛ me passport mu. Mebisa faa ne som gyidie ho, na ɔdaa gyidie a ɛyɛ den wɔ Onyankopɔn mu adi. Me ne no kyɛɛ Yesu Kristo asɛmpa a wasan de aba no anigyeɛ ne ahoɔden a ɛwɔ na mebisaa sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛsua dodo afiri nsɛmpakafoɔ no hɔ a. Ɔkaa sɛ aane, wagye nkyerɛkyerɛ, na wabɔ asu. Afe anaa mmienu akyi, berɛ a menam Liberia wiemhyɛn gyinabea no, metee sɛ ɛnne bi abɔ me din. Metwaa m’ani, na saa abranteɛ korɔ no ara de sereɛ twe bɛnn me. Yɛde anigyeɛ yɛɛ atuu, na ɔkyerɛɛ me sɛ ɔgyina ne nan so wɔ Asɔre no mu na ɔne nsɛmpakafoɔ no rekasa sɛ wɔbɛkyerɛ ne kankyema adeɛ.

Seesei, mennim ara sɛ me yɔnko annyeannieni no kann Mormon Nwoma no anaasɛ wadɔm Asɔre no. Me yɔnko a ɔtɔ so mmienu no yɛɛe. Wɔn mmienu no, m’asɛdeɛ 2 —m’akwanya—yɛ adekorɔ: ma asɛmpa kanea no so—nya ɔdɔ, kyɛ, na to nsa frɛ wɔ ne kwan so, ne sɛdeɛ ɛfata. 3

Menuanom mmarima ne mma, m’ahunu asɛmpa no kyɛ ho nhyira, na ɛyɛ nwanwa. Emu kakra bi nie:

Asɛmpa no Kyɛ De Anigyeɛ ne Anidasoɔ Ba

Wahunu, me ne wo nim sɛ yɛtenaa ase sɛ ɔsoro awofoɔ mma ansa ansa na yɛreba asasa yi so 4 na wɔbɔɔ asase sɛ onipa biara bɛnya kwan anya honam, anya suahunu, asua adeɛ, anyini sɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya daa nkwa—Onyankopɔn nkwa. 5 Na Soro Agya no nim sɛ yɛbɛhunu amane na yɛayɛ bɔne wɔ asase so, enti Ɔsomaa Ne Ba, a “n’abrabɔ nni sɛso” 6 na mpata afɔrebɔ a ɛnniawieɛ no 7 ma ho kwan sɛ wɔde kyɛɛ yɛn, saa yareɛ, na wɔyɛɛ yɛn mua. 8

Sɛ wobɛhunu saa nokorɛ yeinom no yɛ abrabɔ nsakramu! Sɛ obi hunu animuonyam abrabɔ botaeɛ no, te aseɛ sɛ Kristo de bɔne kyɛ na ɔkyekyere wɔn a wɔdi N’akyi werɛ, na afei ɔfa sɛ ɔbɛdi Kristo akyi akɔ asubɔ mu a, abrabɔ sesa yɛ papa—mpo berɛ a abrabɔ mu tebea nte saa.

Onuabaa animtefoɔ onigyefoɔ bi a mehyiaa no wɔ Onitsha, Nigeria, kakyerɛɛ me sɛ ɛfiri berɛ a ɔsuaa asɛmpa no na ɔbɔɔ asu no ( na afei meka ne nsɛm), “biribiara yɛ ma me. M’ani agye. Mewɔ ahemman mu.” 9 Nsɛmpa no kyɛ kanyan anigyeɛ ne anidasoɔ wɔ deɛ ɔde ma ne deɛ ɔgyeɛ kra mu. Nokorɛ, “sɛn na mo anigyeɛ bɛyɛ” 10 berɛ a mokyɛ asɛmpa no! Asɛmpa no kyɛ yɛ anigyeɛ wɔ wo so, anidasoɔ wɔ wo so. 11

Asɛmpa no Kyɛ De Onyankopɔn Tumi Ba Yɛn Abrabɔ mu

Berɛ a yɛbɔɔ asu no, yɛn mu biara ne Onyankopɔn kɔɔ 12 ntoasoɔ apam mu sɛ,”yɛbɛsom No na yɛadi Ne mmaransɛm so,” 13 a deɛ ɛka ho ne sɛ “yɛbɛgyina sɛ [N’] adansefoɔ berɛ nyinaa ne nneɛma nyinaa mu, ne beaeɛ nyinaa mu.” 14 Berɛ a “yɛte Ne mu” kora saa apam yi no, nyamesu tumi tene firi Kristo hɔ ba y’abrabɔ mu te sɛ mman gye ayɛne firi bobedua hɔ. 15

Asɛmpa no kyɛ bɔ yɛn ho ban firi Sɔhwɛ mu.

Awurade no hyɛ:

Moma mo kanea so ama ahyerɛn akyerɛ wiase. Monhwɛ mene kanea no a mobɛma so no—sɛdeɛ moahunu sɛ meyɛɛe no.

“Mahyɛ sɛ mo mmra me nkyɛn, ama moatumi de mo nsa aka na moahunu; mpo sa ara na monyɛ mma wiase; na obiara a ɔbɛbu saa mmaransɛm yi so no bɛma ne ho kwan ama wɔde no akɔ nsɔhwɛ mu.” 16

Yɛrefa sɛ yɛmma asɛmpa no kanea so a ɛde yɛkɔ esum mu, baabi a nsɔhwɛ nya yɛn so nkɛntɛnsoɔ. Deɛ ɛhia kɛse, nnaneho no yɛ nokorɛ: yɛfa sɛ yɛbɛma asɛmpa kanea no so a ɛtwe yɛn bɛn saa kanea no ne bammɔ a ɛde ma yɛn firi nsɔhwɛ ho. Nhyira kɛseɛ a ɛyɛ wɔ ɛnnɛ wiase yi mu!

Asɛmpa no Kyɛ De Nhyira Ba

Onuabaa Tiffany Myloan gyee pene sɛ ɔbɛboa asɛmpakafoɔ no ɛmfa ho ne n’akasa brɛ, a ne gyidie ho nsɛmmisa ka ho. Ɛnkyɛree na ɔkayerɛɛ me sɛ mmoa a ɔde maa asɛmpakafoɔ no yɛɛ ne gyidie ne yiedie nteaseɛ foforɔ. Wɔ ne nsɛm mu, “Asɛmpatrɛ adwuma yɛ yaresa paa ara.” 17

Anigyeɛ. Anidasoɔ. Tumi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ Akyitae. Banbɔ firi nsɔhwɛ ho. Ayaresa. Yei nyinaa—ne afoforɔ (bɔnefakyɛ ka ho) 18 —sɔ gu yɛn so sɛ nhyira a ɛfiri soro berɛ a yɛkyɛ asɛmpa no.

Seesei, Yɛredane akɔ Yɛn Akwanya Kɛseɛ ho.

Anuanom mmarima ne mma, dodoɔ no ka yɛn ho “fekuo, [asafo,] ne nsɔre a wɔde nokorɛ no ahinta wɔn ɛfiri sɛ wɔnnim baabi a wɔbɛhunu no.” 19 Hia a ɛhia sɛ yɛma yɛn kanea so no nyɛɛ kɛse sei da wɔ adasamma abakɔsɛm mu Na nokorɛ no nnyɛɛ den sɛ yɛntumi nnya.

Jimmy Ton, a ɔnyinii wɔ Buddist mu, anigyee abusua bi wɔkyɛɛ wɔn abrabɔ wɔ You Tube so. Berɛ a ɔhunuu sɛ wɔn yɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no, ɔno ankasa suaa asɛmpa no wɔ abɛɛfo ntentan so, kann Mormon Nwoma no wɔ app so, na ɔbɔɔ asu akyire a ɔhyiaa asɛmpakafoɔ no wɔ kollege. 20 Elder Ton ankasa yɛ asɛmpakani-mua seesei

Ɔne ne mfɛfoɔ asɛmpakafoɔ a atwa wiase ho ahyia no yɛ Awursde no asraadom—yɛn nkɔmhyɛne nsɛm. 21 Saa nsɛmpakafoɔ yi gyina brane wɔ deɛ ɛrekɔso wiase mu: berɛ a nhwehwɛmu rebɔ amaneɛ sɛ Gen Z retwe afiri Onyankopɔn ho, 22 yɛn asraafoɔ mmranteɛ 23 ɛldafoɔ ne sistafoɔ redane nkorɔfoɔ ama Onyankopɔn. Asɔremma dodoɔ no na wɔne asɛmpakafoɔ no akabom wɔ asɛmpa no kyɛ mu, a wɔreboa namfoɔ bebree ma wɔba Kristo ne N’Asɔre no mu.

Yɛn nnamfonom adɔfoɔ Nna Ɛdi Akyire Ahotefoɔ a wɔwɔ Liberia boaa nnamfoɔ 507 maa wɔwuraa asubɔ nsuo mu berɛ a na abosome 10 mu nsɛmpakafoɔ rensom wɔ ɔman no mu. Berɛ a yɛn peewa atitenefoɔ nwanwasoɔ no mu baako tee sɛ asɛmpakafoɔ- mua resiane aba no, ɔkaa sɛ: “O ɛyɛ, seesei wɔbɛtumi aboa wɔ yɛn adwuma no.”

Waka nokorɛ: Israel anoboaboa no—adwuma kɛseɛ a ɛwɔ asase so 24 yɛ yɛn apam asodie. Na yei ne yɛn berɛ! Me nsa a meto frɛ mo ɛnnɛ yɛ tiawa: monkyɛ asɛmpa no. De wo ho na ma kanea no so. Bɔ mpaeɛ pɛ ɔsoro mmoa na tie honhom no kasakyerɛ. Kyɛ wo bra sɛdeɛ ɛfata; to nsa frɛ obi sɛ ɔmmɛ hwɛ, ɔmmɛ boa, na ɔmmɛ ka ho. 22 Na di ahurusie sɛdeɛ wo ne wɔn a wo dɔ wɔn no regye nhyira bɔhyɛ.

Menim sɛ wɔ Kristo mu saa asɛmpa yi wɔka kyerɛ wɔn a wɔdwoɔ; wɔ Kristo mu wɔkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ; wɔ Kristo mu na wɔpae ahofadie kyerɛ nnomum; na wɔ Kristo mu, Kristo nkoaa mu na wɔma wɔn anika ngo si abooboo anamu. 26 Enti na ɛhia kɛse sɛ yɛma saa nneɛma yi da adi no! 27

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛn gyidie twerɛfoɔ ne awieɛ no. 28 Ɔbɛwie, Ɔbɛwie, yɛn gyidie dwumadie—ɛmfa ho ne pɛpɛyɛ a ɛnwie —wɔ asɛmpa no kanea so ma mu. Ɔbɛyɛ anwanwa nnwuma wɔ yɛn abrabɔ mu wɔ deɛ waboa ano nyinaa ho, ɛfiri sɛ Ɔyɛ anwanwa nnwuma Nyankopɔn. 29 Wɔ Yesu Kristo anwanwa din no mu, amen.