Amansan Nhyiamu
Tɛmpol no Yɛ Wo Honhom Fapem
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Tɛmpol no Yɛ Wo Honhom Fapem

Berɛ a ɔhaw bɛsi wɔ w’abrabɔ mu no, faako a banbɔ wɔ a ɛsɛ sɛ wowɔ honhom mune sɛ wobɛtenawo tɛmpol apam mu!

Anuanom mmarima ne mmaa, meyi ayɛ sɛ meka mo ho anɔpa yi ne mo rekyɛ m’akoma so atenka.

Sɛnea monim no, yɛreyɛ nsiesie wɔ abakɔsɛm Salt Lake Tɛmpol no ho. Deɛ ɛka saa dwumadie soronko yi ho ne ahoɔden a yɛde reka fapem dada no ho, a asom yie boro mfeha no. Nanso ɛwɔ sɛ saa tɛmpol yi si hɔ kyɛre yie. Kɔtɔnimaa rekɔ awieeɛ no, mehwɛɛ nkɔsoɔ a na ɛrekɔ so wɔ saa dwumadie kɛseɛ yi ho. Mesusuu sɛ mo ani bɛgye deɛ me ne me yere, Wendy, hunuuiɛ no ho. Medwene sɛ mobɛhunu deɛ enti a dwom “How Firm a Foundation” 1 abɛnya nteseɛ foforɔ ama me.

Sini a ɛfa Salt Lake Tɛmpol bea hɔ nsiesie ho: “Yerehwɛ Salt Lake Tɛmpol fapem dada no Megyina beaeɛ a na ɛwɔ Garden Room ase. Mehwɛ adwinniɛ a ɛwɔ saa dan yi nyinaa ho a, na deɛ akannifoɔ yɛeɛ no yɛ me nwanwa. Sɛ medwene sɛ wɔsii saa tɛmpol fɛɛfɛ yi a wɔde nnwinnadeɛ ne nimdeɛ a na ɛwɔ hɔ mfeɛha ne deɛ ɛboro saa a atwam no a na me ho adwiri me.

“Saa mfeɛ bebree yi akyire, mmom, sɛ yɛhwɛ fapem no yie a, yɛtumi hunu susuan nsunsuansoɔ, akwan a ɛdeda aboɔ adwuma no mu, ne ahoɔden nnidisoɔ a ɛwɔ adansie no mu.

“Seesei sɛ mehwɛ deɛ abɛɛfo mfidinnwuma nimdefoɔ, adansifoɔ, ne adansie animdefoɔ bɛtumi ayɛ de ahoɔden ahyɛ fapem dada no mu a, na ɛyɛ me nwanwa yie. Wɔn adwuma no yɛ nwanwa!

“Ɛdan biara fapem, titire deɛ ɛyɛ kɛseɛ sɛ yei no, fata sɛ ɛnya ahoɔden na ɛtumi gyina asasewosoɔ, nnweweɛ, mframa denden ne deɛ ɛbɛtumi aha adan nyinaa. Adwuma sono a ɛrekɔ so na ama saa tɛmpol kronkron yi fapem ahoɔden sɛ ɛbɛtumi agyina berɛ nsɔhwɛ ano.

Yɛrentoto biribiara ase sɛ yɛbɛma saa animuonyam tɛmpol yi a, akɔ so ayɛ mmrɛ, fapem a ɛbɛgyina asɛefoɔ ano akɔsi Millennium mu. Saa nti, berɛ aso sɛ yɛn mu biara yɛ nsusuiɛ soronko—ebia nsusuiɛ a yɛnnyɛɛ bi da ankasa honhom mu fapem den. Mmerɛ a ɛnsii da ho hia nsusuiɛ a ɛnsii da.

Me nuanom mmarima ne mmaa, yeinom ne nna a ɛdi akyire no. Sɛ mo ne me bɛtumu agyina mmusuo ne ɔhaw a ɛreba no ano a, na ɛho bɛhia sɛ yɛn mu biara nya honhom mu fapem a ɛyɛ den a wɔasi no wɔ yɛn Gyefoɔ, Yesu Kristo botan no so. 2

Enti mebisa mo mu biara, “sɛn na mo fapem ahoɔden teɛ? Na ahoɔden bɛn na w’adansedie ne wo nteaseɛ fa asɛmpa no ho hia?”

Tɛmpol no si yɛn gyedie ne honhom mu denhyɛ mfimfini ɛfiri sɛ Agyenkwa no ne Ne nkyerɛkyerɛ yɛ tɛmpol no akoma. Biribiara a wɔkyerɛ wɔ tɛmpol fa akwankyerɛ so ne Honhom no so, ma yɛn nteaseɛ wɔ Yesu Kristo mu dɔɔso N’ayɛyɛdeɛ a ɛhia no nam asɔfodie apam so kyekyere yɛn fam Ne ho. Afei, sɛ yɛkora yɛn apam a, Ɔma yɛn Ne ayaresa, denhyɛ tumi no. 3 Ɛna oo, sɛdeɛ yɛbɛhia Ne tumi wɔ nna a ɛdi anim no.

Wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ, “sɛ [yɛ] asiesie yɛn ho a [yɛ] remmɔ hu.” 4 Saa anohoba yi wɔ nsunsuansoɔ soronko ɛnnɛ. Awurade aka sɛ ɛmfa ho ne ɛnnɛ haw a ɛbi nsii da no, wɔn a wɔasi wɔn fapem wɔ Yesu Kristo so, na wɔasua sɛdeɛ wɔde Ne mu tumi di dwuma no, nni nkoguo mma saa berɛ yi haw soronko no.

Tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam firi tete. Awurade hyɛɛ Adam ne Hawa sɛ wɔmmɔ mpaeɛ, nyɛ apam na wɔmmɔ afɔdeɛ. 5 Nokorɛ, “berɛ biara a Awurade nkorɔfoɔ a wɔwɔ asase so bɛdi N’asɛm so no, wɔhyɛ wɔn ma wɔsisi tɛmpol ahodoɔ” 6 Twerɛnsɛm no adɔre wɔ nhwɛsoɔ fa tɛmpol nkyerɛkyerɛ, aduradeɛ, kasa ne ade ho. 7 Biribiara a yɛgye die ne bɔhyɛ biara a Onyankopɔn ahyɛ N’apam mma no ba bom wɔ tɛmpol mu. Wɔ mmerɛ biara mu, tɛmpol no asi nokorɛ a ɛsombo so dua sɛ wɔn a wɔne Onyankopɔn yɛ apam na wɔkora no yɛ apam mma.

Enti, wɔ Awurade fie mu, yɛbɛtumi ne Onyankopɔn ayɛ saa apam korɔ no ara sɛdeɛ Abraham, Isak ne Yakob yɛɛe no. Na yɛbɛtumi anya saa nhyira korɔ no ara.

Mfoni
Kirtland ne Nauvoo Tɛmpol

Tɛmpol yinom abɛka saa asɛmpaberɛ yi ho firi mfitiaseɛ no. 8 Elijah de nsɔano tumi nsafoa no maa Joseph Smith wɔ Kirtland Tɛmpol no mu. Wɔsan de asɔfodie no mayɛ maae wɔ Nauvoo Tɛmpol mu. 9

Ansa na Joseph Smith rebɛwuo no, ɔkɔɔ so nyaa adiyisɛm a ɛboaa akyɛdeɛ kronkron ne nsɔano ayɛyɛdeɛ no. 10 Mmom, ɔhunuu sɛ nteho ho bɛhia. Akyire yi a ɔde akyɛdeɛ kronkron no maa Brigham Young wɔ Kɔtɔnimaa 1842 mu no, Joseph kakyerɛɛ Brigham sɛ, “Wɔnhyehyɛɛ yei yie, nanso yɛayɛ deɛ yɛbɛtumi wɔ tebea a yɛwɔ mu na mepɛ sɛ wofa saa asɛm yi na wohyehyɛ na wosiesie saa afahyɛ yinom nyinaa.” 11

Nkɔmhyɛni no wuo akyire no, Titenani Young hwɛɛ Nauvoo Tɛmpol no wieeɛ 12 na akyire yi ɔsisii tɛmpol ahodoɔ wɔ Utah Mpasua so Wɔ St. George Tɛmpol abrɔsan ase anobue no, Brigham Young de ahoɔden kaa hia a ananmusie tɛmpol adwuma ho hia berɛ a ɔkaa sɛ, “Sɛ medwene saa asɛm yi ho a, na mepɛ sɛ aprannaa mpem nson nne nyane nkorɔfoɔ no.”

Ɛfiri saa berɛ no de rekɔ anim no, wɔhyɛɛ aseɛ nkakrankakra tee tɛmpol ayɛyɛdeɛ ho. Titenani Harold B. Lee kyerɛɛ mu deɛ nti a akwan a wɔfa so, mmara, ɛna mpo tɛmpol ayɛyɛdeɛ kɔso sesa wɔ Agyenkwa no Asɔre a wasan de ama no mu. Titenani Lee kaa sɛ: “Yesu Kristo asɛmpa no nnyinasosɛm yɛ kronkron. Obiara nsesa Asɔre no nnyinasosɛm ne [nkyerɛkyerɛ] gye sɛ Awurade nam adiyisɛm so. Mmom akwan no sesa berɛ a nkanyan akwankyerɛ ba wɔn a wɔhwɛ soɔ no hɔ wɔ berɛ bi mu.” 14

Dwene ho sɛdeɛ adidikronkron ma asesa wɔ mfeɛ bebree mu. Kane no, na wɔde adidikronkron nsuo ma asafomma firi kuruwa kɛseɛ baako mu. Obiara nomm firii ɛno mu. Seesei yɛde nkuruwa nketewa a yɛwie a yɛto gu. Kwan a wɔfa so no sesa, nanso apam no da so yɛ adekorɔ no ara.

Dwene saa nokorɛ mmiɛnsa yi ho:

  1. Mmaeɛ bio no yɛ nnidisoɔ, ɛnyɛ abakɔsɛm, na ɛbɛkɔ so akɔsi berɛ a Awurade bɛsan aba.

  2. Yesrae anoboaboa botaeɛ 15 ne sɛ ɛde tɛmpol nhyira bɛbrɛ Onyankopɔn mma anokwafoɔ.

  3. Berɛ a yɛrehwehwɛ sɛdeɛ yɛbɛhyɛ saa botaeɛ no ma yie no, Awurade da nhunumu bebree adi. Mmaeɛ bio a ɛrekɔ soɔ no hia adiyisɛm a ɛrekɔ soɔ.

Titenafoɔ a Wɔdi Kan ne Asomafoɔ Dummienu Kuo no taa bisa Awurade sɛ akwan papa bi wɔ hɔ a wɔde tɛmpol nhyira bɛma Ne mma anokwafoɔ a. Yɛrehwehwɛ akwankyerɛ berɛ biara wɔ sɛdeɛ yɛbɛhwɛ sɛ pɛpɛyɛ bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa tɛmpol nkyerɛkyerɛ, apam ne ayɛyɛdeɛ ɛmfa ho ne nsonoeɛ a ɛwɔ kasa ne amammerɛ ahodoɔ mu.

Wɔ Awurade akwankyerɛ ase ne yɛn mpaeɛ mmuaeɛ mu, wɔayɛ yɔbea ne nsakraeɛ foforɔ. Ɔno ne Ɔno a ɔpɛ sɛ wote aseɛ fann deɛ woreyɛ apam no de ayɛ. Ɔno ne Ɔno a ɔpɛ sɛ wonya suahunu mua wɔ N’ ayɛyɛdeɛ kronkron no mu. Ɔno pɛ sɛ wote w’akwanya, bɔhyɛ ne w’asodie ase yie. Ɔno pɛ sɛ wonya honhom mu nhunumu ne nkanyan a wonhunuu bi da. Yei na Ɔhwehwɛ ma tɛmpol ahɔhoɔ nyinaa ɛmfa ho ne baabi a wɔteɛ.

Tɛmpol akwan a wɔfa soɔ mu nsakraeɛ, ne afoforɔ a ɛbɛtoa soɔ no yɛ adansedie sɛ Awurade rema N’Asɔre no akwankyerɛ a ɛdi mu. Ɔrema yɛn mu biara akwanya a yɛde bɛhyɛ yɛn honhom mu fapem kena a ɛdi mu yie berɛ a yɛde yɛn abrabɔ bɛsi Ne so ne Ne tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam no mfimfini. Sɛ wode wo tɛmpol nkamfoɔ krataa, akoma a abubuo ne akoma a ɛrehwehwɛ ba Awurade adesua fie a Ɔno bɛkyerɛkyerɛ wo.

Sɛ kwan tenten, apɔmuden haw, anaa ade foforɔ bi si wo tɛmpol nkɔeɛ ho kwan berɛ bi mu a, meto nsa frɛ wo sɛ pɛ berɛ bi na sua apam a woayɛ no wɔ w’adwene mu.

Sɛ wonnya nnyaa ɔdɔ ma tɛmpol nkɔeɛ a, taa kɔ—ɛnnyɛ kakrabi. Ma Awurade, mfa Ne honhom so, nkyerɛkyerɛ na ɔnkanyan wo wɔ hɔ. Mehyɛ wo bɔ sɛ ɛrenkyɛre, tɛmpol bɛba abɛyɛ banbɔ, awerɛkyekyerɛ, ne adiyisɛm bea.

Sɛ anka mɛtumi ne ɔbabunu biara akasa baako-baako a, anka mɛsrɛ sɛ hwehwɛ ɔhokani a wɔbɛtumi asɔ mo ano abom wɔ tɛmpol mu. Ɛbɛyɛ wo nwanwa wɔ nsonoeɛ a yei bɛyɛ wɔ w’abrabɔ mu. Mehyɛ bɔ sɛ ɛbɛyɛ nsonoeɛ no nyinaa! Sɛ woware wɔ tɛmpol mu na wotoatoa so kɔ a, wɔbɛhyɛ wo den ama wo akwankyerɛ wɔ wo nsusuiɛ mu.

Sɛ anka mɛtumi akasa akyerɛ okunu ne ɔyere a wɔda so wɔ hɔ a wɔnsɔɔ wɔn ano wɔ tɛmpol mu a, mɛsrɛ sɛ montu anammɔn a ɛsɛ biara nkɔgye abrabɔ-nsesaeɛ, abɔtire ayɛyɛdeɛ no. 16 Ɛde nsakraeɛ bi bɛba anaa? Gye sɛ mopɛ sɛ mokɔ nkan afebɔɔ na motena bom afebɔɔ. Ɔpɛ sɛ mobɛtena bom afebɔɔ no ntumi nyɛ no saa. Afahyɛ foforɔ anaa nhyehyɛeɛ biara renyɛ no saa. 17

Sɛ anka mɛtumi akasa akyerɛ ɔbarima anaa ɔbaa a ne kɔn dɔ awareɛ nanso wɔnnyaa wɔn daapem ahokafoɔ a, mɛsrɛ mo sɛ mma montwɛn nkɔsi berɛ a mobɛware ansa na moagye akyɛdeɛ kronkron no wɔ Awurade fie. Hyɛ aseɛ seesei sua na nya suahunu fa deɛ ɛkyerɛ sɛ wɔahyɛ wo asɔfodie tumi akotadeɛ ho.

Na ɛnkɔ mma mo mu biara a wayɛ apam, mesrɛ mo sɛ monhwehwɛ—mpaebɔ mu ne ntɛmntɛm so—na monte tɛmpol apam ne ayɛyɛdeɛ ase. 18 Honhom mu apono buebue. Wobɛsua sɛdeɛ wɔte nkatanimu mu wɔ ɔsoro ne asase ntam, sɛdeɛ wobɛbisa Onyankopɔn ɔsoro abɔfoɔ ma wɔasra wo, sɛdeɛ wobɛgye akwankyerɛ afiri ɔsoro yie. Wo nsiyɛ mmɔdemmɔ bɛboa na ahyɛ wo honhom fapem den.

Me nuanom mmarima ne mmaa, sɛ wɔwie Salt Lake Tɛmpol nsiesie no a, baabiara nni banbɔ wɔ asasewosoɔ berɛ mu wɔ Salt Lake Valley sene saa tɛmpol no mu.

Saa ara nso na, berɛ a ɔhaw bɛsi wɔ w’abrabɔ mu no, faako a banbɔ wɔ a ɛsɛ sɛ wowɔ honhom mu ne sɛ wobɛtena wo tɛmpol apam mu!

Mesrɛ, sɛ meka sɛ wɔasi wo honhom mu fapem wɔ Yesu Kristo so a, gye me di, ɛnni sɛ wosuro. Sɛ wodi nokorɛ ma w’apam a woyɛɛ wɔ tɛmpol mu a, wɔnam Ne tumi so bɛhyɛ wo den. Afei sɛ honhom mu sasewosoɔ si a, wobɛtumi agyina pintinn ɛfiri sɛ wo honhom mu fapem no gyina hɔ pintinn na ɛnhinhim.

Me nuanom mmarima ne mmaa, medɔ mo. Menim saa nokorɛ yinom: Onyankopɔn, yɛn Soro Agya, pɛ sɛ wo fa sɛ woba Ne hɔ wɔ fie. Ne daa nkwa nkankorɔ nhyehyɛeɛ no nyɛ hwanyann, na ɛdi wo fahodie ni. Wowɔ wo fahodie sɛ wofa deɛ wobɛyɛ—ne deɛ wopɛ sɛ wo ne no yɛ—wɔ wiase a ɛbɛba no mu!

Onyankopɔn te ase! Yesu ne Kristo no! Yei ne N’Asɔre a wɔasan de ama sɛ ɛmmoa wo ma wonhyɛ wo nkrabea kronkron ma no. Medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron mu, amen.

Atwerɛ.

  1. “Hwɛ “How Firm a Foundation,” Nnwom,, no. 85.

  2. Na ama “sɛ ɔbɔnefoɔ no [soma] ne [mframa] denden no a, ɛrennya tumi biara wɔ [yɛn] so ɛnam ɔbotan no a [yɛ] asi yɛn dan wɔ so no nti, deɛ ɛyɛ fapem a akyinnyeɛ biara nni ho no, fapem bi a sɛ nnipa si wɔn dan wɔ so a wɔrennwiri ngu da no” (Helaman 5:12; nsisoɔ ka ho).

  3. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:15, 22.

  4. Nkyerɛkyerɛne Apam 38:30; san hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 10:55.

  5. Hwɛ Mose 5:1–12.

  6. Bible Dictionary, “Temple.”

  7. Sɛ nhwɛsoɔ, hwɛ Eksodɔs 28; 29; Lewitikɔs 8. Na wɔfrɛ Mose tenabea no “adansedie ntomadan no” (Numeri 9:15) ɛne “adansedie tenabea” (Eksodɔs 38:21). Wɔsɛee Solomon tɛmpol no wɔ 578 B.C. mu, mfeɛ kakra bi akyi a Lehi abusua firii Yerusalem. Saa tɛmpol yi a Zerubbabel de sane baa bio no kɔɔ so bɛyɛ mfeɛ 70 akyi. Akyire yi ogya bɛsɛee no wɔ 37 BC. mu. Herod baee tɛmpol no mu wɔ bɛyɛ 16 BC mu. Afei saa tɛmpol yi, a Yesu nim yi, wɔsɛee no wɔ AD 70 mu. Nifae nyaa tɛmpol-nsɛsoɔ suahunu berɛ a ɔkɔɔ “bepɔ no so mpɛn pii” kɔbɔɔ mpaeɛ (1 Nephi 18:3) na akyire yi, wɔ Amerikas ɔsii tɛmpol “sɛdeɛ Solomon tɛmpol no teɛ pɛpɛɛpɛ,” ɛwom sɛ wɔamfa nneɛma a ɛsombo pii ansi (hwɛ 2 Nephi 5:16).

  8. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:119; 124:31.

  9. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:13–16; 124:28. Wɔtoo Nauvoo Tɛmpol tweatiboɔ no wɔ Oforisuo 6, 1841, abosome kakrabi akyi a Joseph Smith nyaa adiyisɛm sɛ ɔnsi no. Na Nauvoo Tɛmpol no wɔ dwudie afoforɔ ka ho. Sɛ nhwɛsoɔ no, Awurade kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔbɛhia asubɔbea a Ahotefoɔ bɛbɔ asu ama wɔn a wɔawuwuo (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 124:29-30).

  10. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 131; 132. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128 wɔ nwoma bi a Joseph Smith twerɛ kɔmaa Ahotefoɔ no fa asubɔ ma awufoɔ ho. Ɛhɔ na ɔpaee mu kaa sɛ awufoɔ nkwagyeɛ “hia na ɛfata ma yɛn nkwagyeɛ, … [ɛfiri sɛ] sɛ wɔnka yɛn ho a wɔrentumi nyɛ pɛ—na yɛnka yɛn awufoɔ ho a yɛrentumi nyɛ pɛ” (verse 15).

  11. Joseph Smith, in Saints: The Story of the Church of Jesus Christ in the Latter Days , vol. 1, The Standard of Truth, 1815–1846 (2018), 454.

  12. “Asɔre Abakɔsɛmkafoɔ George A. Smith de wiee sɛ anuanom mmarima ne mmaa 5,634 gyee wɔn akyɛdeɛ kronkron wɔ Nauvoo Tɛmpol a na wɔnwiee no korakora mu wɔ Ɔpɛnimaa 1854 na Ɔpɛpɔn 1846. Awarefoɔ nsɔano toaa so wɔ Ogyefuo 7, [1846,] saa berɛ no na awarefoɔ boro 2,000 nam asɔfodie so aka wɔn ho abom ma mmerɛ ne enniawieɛ mu” (Bruce A. Van Orden, “Temple Finished before Exodus,” Deseret News, Dec. 9, 1995, deseret.com; see also Richard O. Cowan, “Endowments Bless the Living and Dead,” Church News, Aug. 27, 1988, thechurchnews.com).

  13. “Sɛ agyanom tumi kasa firi awufoɔ mu a, wosusu sɛ ɛdeɛn na anka wɔbɛka? Anka wɔnka sɛ, ‘Yɛada ha mfeɛ mpem mpem mu, wɔ afiase ha, atwɛn saa asɛmpa berɛ yi sɛ ɛbɛba? Adɛn ntira, sɛ anka wɔwɔ tumi a anka ɔsoro aprannaa ankasa na ɛbɛgyegye wɔ yɛn asom, sɛ yɛretumi ahunu sɛdeɛ adwuma a yɛreyɛ no ho hia a. Ɔsoro abɔfoɔ nyinaa rehwɛ saa nkorɔfoɔ kakrabi yi, na wɔrehyɛ wɔn nkuran ma nnipa abusua nkwangyeɛ. Sɛ medwene saa asɛm yi ho a, na mepɛ sɛ aprannaa mpem nson nne nyane saa nkorɔfoɔ yi” (Brgham Young Nkɔmmɔ, sel. John A. Widtsoe [1954], 403–4).

  14. Harold B. Lee, “God’s Kingdom—a Kingdom of Order,” Ensign, Jan. 1971, 10. Hwɛ nso asɛm bi Titenani Wilford Woodruff kaae wɔ 1896; ɔkaa sɛ: “Mepɛ sɛ keka, sɛ Titenani a meda Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Nna A Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ano, sɛ afei ɛwɔ sɛ yɛkɔ so na yɛkɔ anim. Yɛmfaa adiyisɛm no mu nwieeɛ. Titenani [Brigham] Young a ɔdii Tinenani Joseph Smith akyiri no, na ɔde yɛn aba ha. Ɔno na ɔhyehyɛɛ saa tɛmpol yinom na ɔyɛɛ ne frɛ ne dibea botaeɛ. Wannye saa adwuma yi ho adiyisɛm no nyinaa; Titenani Taylor nso annye, ɛna Wilford Woodruff nso nnyeeɛ. Saa adwuma yi remma awieɛ kɔsi sɛ ɛbɛwie pɛ yɛ” (Wilford Woodruff Nkɔmmɔ, sel. G. Homer Durham [1946], 153–54).

  15. Hwɛ 3 Nifae 29:8-9.

  16. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 131:2, 4.

  17. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:7.

  18. Elder John A. Widtsoe twerɛɛ sɛ: “Ɔbarima anaa ɔbaa a ɔbue n’ani fa tɛmpol mu, di nsɛnkyernneɛ ne apam no so, na ɔgyina pintinn, kɔso bɔ mmɔden sɛ ɔbɛte ne nyinaa ase no, Onyankopɔ ka ne nsɛm, na adiyie ba. Akyɛdeɛ kronkron no nyinaa yɛ nnyinahɔma a gye sɛ ogyimifoɔ na ɔbɛyɛ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne su; adiyisɛm ahyɛ mu ma tɔ ma wɔn a wɔde wɔn ahoɔden hwehwɛ na wɔhunu, a nnipa nsɛmfua biara rentumi nkyerɛkyerɛ mu anaa mma nneɛma a ɛhyɛ tɛmpol som mu nna hɔ fann. Akyɛdeɛ kronkron a wɔnam yikyerɛ so de ama no wɔnam yikyerɛ so na ɛtumi te aseɛ” (in Archibald F. Bennett, Saviors on Mount Zion [Sunday School manual, 1950], 168).