Amansan Nhyiamu
Mebɔ Mpaeɛ sɛ Ɔde Yɛn Bɛyɛ
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Mebɔ Mpaeɛ sɛ Ɔde Yɛn Bɛyɛ

Mmɔdemmɔ nketenkete kabom de nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ ba, ma ɛyɛ ankorankorɛ nneɛma bebree a yɛyɛ sɛ Yesu Kristo asuafoɔ no yɛ kɛseɛ.

Saa bisket a wɔde mmɔre-sam ne kahyeu aba ayɛ yi yɛ aseda bi. Kadado abusua, a mmerɛ tenten ni, wɔwɔ mmea a wɔto paanoo mmiɛnsa wɔ Damascus a ɛwɔ Syria, na wɔyɛɛeɛ. Ɔko baaeɛ no, asraafoɔ pampim bi maa aduane ne nneɛma a ɛkɔ wɔn fa hɔ wɔ kuropɔn no mu to twaaeɛ. Ɛkɔm kɛseɛ hyɛɛ aseɛ dee Kadadofoɔ no. Saa tebea bɔne yi traa soɔ no, Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ Adɔeɛkuo ne Rahma Worldwide adwumayɛfoɔ akokoɔdurofoɔ bi hyɛɛ aseɛ de aduane bi a ɛyɛ hye, na nufusuo ka ho ma mmɔfra, somm wɔn da biara. Berɛ a emu yɛɛ den bi akyiri no, abusua no hyɛɛ wɔn abrabɔ ase—ne wɔn paanoo adwuma no—bio wɔ ɔman foforɔ so.

Nansa yi ara, bisket adaka bi bɛduruu Asɔre no ɔfese a na nkrasɛm a ɛdi soɔ yi ka ho: “Bɛboro abosome mmienu, na yɛtumi nya aduane firi Rahma ne Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ [Adɔeɛkuo] gyaade. Ɛnyɛ ɛno a, ebia [anka] ɛkɔm kum[m] yɛn. Mesrɛ sɛ monnye yei nhwɛsoɔ a ɛfiri me dwadibea, sɛ aseda sɛnkyerɛnneɛ ketewa bi. Mesrɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no sɛ ɔnhyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu.” 1

Anisɔ ne nkaeɛ bisket. Ɛyɛ mo dea. Wɔn a wɔhwɛɛ asɛm no wɔ kaseɛ so wieeɛ a wɔbɔɔ mpaeɛ nyinaa, wɔn a wɔde wɔn ho maae wɔ berɛ a na ɛnyɛ mu anaa wɔfirii ɔdɔ mu yii sika maa nnipa yiedie fotoɔ no nyinaa na wɔnyaa gyedie sɛ ɛbɛyɛ biribi papa no, yɛda mo ase.

Ɔsoro Asodie sɛ Yɛhwɛ Ahiafoɔ

Ɛyɛ ɔsoro akwankyerɛ sɛ Yesu Kristo Asɔre no hwɛ ahiafoɔ. 2 Ɛyɛ nkwagyeɛ ne mpagya adwuma fadum no mu baako. 3 Deɛ na ɛyɛ nokorɛ wɔ Alma nna no mu no yɛ nokorɛ a akyinnyeɛ nni ho ma yɛn: “Na mmerɛ a na wɔyɛ frɔmfrɔm no mu no, wɔanyi wɔn a na wɔda adagya amfiri mu, anaa na ɛkɔm de wɔn, anaa na nsukɔm de wɔn, anaa wɔn a na wɔyare, anaa wɔn a na wɔnnyaa akwanhosan; na wɔamfa wɔn akoma anto ahonyadeɛ so; ɛno nti na wɔyɛ ayamuyɛ ma obiara, mpanimfoɔ ne nkwadaa, wɔn a wɔwɔ nkoasom mu ne wɔn a wɔwɔ wɔn fahodie, mmarima ne mmaa, sɛ wɔwɔ asɔre no mu anaasɛ wɔnni asɔre no mu, na wɔanhwehwɛ animu ɛfa wɔn a wɔhia mmoa ho.” 4

Asɔre no di saa ahyɛdeɛ yi so wɔ akwan ahodoɔ pii so, a ebi ne:

  • ɔsom a yɛnam Relief Society, asɔfodie akuo, ne asuafoɔkuo ahodoɔ so yɛ;

  • akɔmkyene ne deɛ yɛde akɔmkyene afɔreɛ yɛ;

  • yiedie mfuo ne adwinnan a wɔyɛ ntontura mu nnuane wɔ mu;

  • mmea a yɛde gye atubrafoɔ;

  • yɛresom wɔn a wɔda afiase;

  • Asɔre no nnipa yiedie mmɔdemmɔ;

  • ne JutsServe app, baabi a ebi wɔ, a ɛde ahofamafoɔ hyia ɔsom akwanya.

Yeinom nyinaa yɛ akwan, a yɛnam asɔfodie so ahyehyɛ, a mmɔdemmɔ nketenkete kabom yɛ nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ, ma ɛyɛ ankorankorɛ nneɛma bebree a yɛyɛ sɛ Yesu Kristo asuafoɔ no kɛseɛ.

Nkɔmhyɛfoɔ Wɔ Hwɛsofoɔ adwuma ma Wiase Nyinaa

Nkɔmhyɛfoɔ wɔ ahyɛdeɛ ma wiase nyinaa, ɛnyɛ Asɔre asafomma nko ara. Mɛtumi aka afiri me ara me suahunu mu sɛdeɛ me ankasa ne ahofama mu Titenafoɔ a wɔdi Kan fa saa ahyɛdeɛ no. Sɛ ahiadeɛ dɔɔso a, Titenafoɔ a wɔdi Kan no ahyɛ yɛn sɛ yɛmma mmɔborɔhunu som nnɔɔso wɔ kwan a ɛfata so. Wɔn ani ku nneɛma afoforɔ akɛseɛ yɛ ne nketenkete mu nsɛm ho.

Nnansa yi ara, yɛde ahobammɔ aduyɛ ntaadeɛ a Beehive Clothing foɔ pam maa ayaresabea ahodoɔ wɔ nsanyadeɛ berɛ no mu baako brɛɛ wɔn. Sɛ dɔkotani a ɔsa yadeɛ no, na Titenani Russell M. Nelson ani gye ho yie. Na wampɛ sɛ ɔhunu no kɛkɛ. Na ɔpɛ sɛ ɔde hyɛ hwɛ—hwehwɛ sɛdeɛ ne nsa ne ne tenten ne sɛdeɛ wɔakyekyere no wɔ akyire no teɛ. Ɔka kyerɛɛ yɛn akyire yi, a na ɛgyegye wɔ ne nne mu, sɛ, “Sɛ mohyia nkorɔfoɔ wɔ mo dwumadie mu a, monna wɔn ase wɔ wɔn akɔmkyene, wɔn afɔreɛ, ne wɔn som wɔ Awurade din mu ho.”

Mmɔborɔhunu Amanebɔ

Megyina Titenani Nelson akwankyerɛ so, de amannebɔ a ɛfa sɛdeɛ Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ reboa wɔ ahumkɛseɛ, asasewosoɔ, adwanefoɔ a wɔatu wɔn—ɛne mpo nsanyadeɛ bi ho rebrɛ mo—aseda kɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ ne ayɔnkofoɔ bebree. Berɛ a COVID-19 nnwuma boro 1,500 no ɛyɛɛ Asɔre no ɔgyeɛ botaeɛ kɛseɛ a akyinnyeɛ nni ho wɔ abosome 18 yi mu, na Asɔre no nso sane boaa atoyerɛnkyɛm a ɛmfiri nnipa ne adwanefoɔ amanehunu 933 wɔ aman 108 mu. Nanso akontabuo nhwehwɛmu nka asɛm no nyinaa. Ma me ne mo nkyɛ nhwɛsoɔ nan mfa nkyerɛ deɛ ɛrekɔso no mu ketewa bi koraa mu.

South Africa COVID Mmoa

Mfeɛ dunsia abaayewa Dieke Mphuti a ɔfiri Welkom a ɛwɔ South Africa man mu, hweree n’awofoɔ mfeɛ bi a atwam, maa ɛkɔbaa sɛ ɔno ara na na ɔhwɛ ne nuanom nkumaa baasa. Na ɛyɛ den ma no sɛ berɛbiara wɔbɛnya aduane a ɛbɛso wɔn, na COVID nneɛma a ɛho yɛɛ na ne nnipa a wɔte wɔn firi wɔn mfɛfoɔ ho maa na ɛrekame ayɛ sɛ ɛrentumi mpo nyɛ yie. Na ɛkɔm taa de wɔn, na ɛnam afipamfoɔ ayamyɛ so kɛkɛ na na wɔnya deɛ wɔde tɔ biribi di.

Mfoni
Dieke Mphuti

Ɔsannaa 2020 mu da bi a na awia abɔ, Dieke ho dwirii no sɛ ɔtee sɛ obi rebɔ ne pono mu. Ɔbuee pono no hunuu ahɔhoɔ baanu—baako yɛ Asɔre no ananmusini bi a ɔfiri mantam ɔfese wɔ Johannesburg ɛna deɛ ɔka ho no firi South Africa Asoɛeɛ a ɛhwɛ Ɔmanfoɔ Mpontuo so.

Na akuo mmienu yi aka abom de aduane rebrɛ afie a wɔwɔ asiane mu. Ahomeka bumaa Dieke berɛ a n’ani bɔɔ aburosam ne nnuane titire afoforɔ a wɔahyehyɛ, a wɔtɔ firii Asɔre no mmɔborɔhunu fotoɔ mu. Yeinom bɛboa no ama wasɔ n’abusua mu nnawɔtwe pii kɔsi berɛ a aban mmoa bi bɛtumi ahyɛ aseɛ aba ama no.

Dieke abasɛm no yɛ nneɛma mpempem a asisi wɔ wiase wɔ COVID nsanyadeɛ berɛ yi mu baako, na aseda nka mo nteho ntoboa.

Afghanistan Mmoa wɔ Ramstein

Yɛn nyinaa ahunu mfonin a ɛwowɔ kaseɛ mu nnansa yi: nnipa mpempem a wɔatu wɔn afiri Afghanistan man no mu a wɔde wɔn rekɔ. Bebree baa asraafoɔ wiemhyɛn gyinammea anaa mmea afoforɔ a yɛnnyina hɔ nkyɛre wɔ Qatar, United States, Germany, ne Spain ansa na wɔretoa so aduru mmea a wɔrekokɔ. Na wɔn ahiadeɛ yɛ ntɛm so, na Asɔre no de nneɛma ne atuwohoamafoɔ boaeɛ. Wɔ Ramstein Asraafoɔ Wiemhyɛn gyinabea wɔ Germany no, Asɔre no maa amoaseɛ, mmotafowa nnuane, aduane, ne mpaboa pii a nkorɔfoɔ de ama.

Mfoni
Nnipa yiedie akyɛdeɛ ma adwanefoɔ
Mfoni
Mmaa a wɔrepam nneɛma ama Afghanistan adwanefoɔ

Relief Society anuanom mmaa no bi hunuu sɛ Afghanistan mmaa no bi de wɔn kununom ntaadeɛ na akata wɔn tiri so ɛfiri sɛ na duku a wɔtaa de kyekyere wɔn tiri no ahuhu agu wɔ basabasayɛ a ɛsii wɔ Kabul wiemhyɛn gyinabea hɔ. Wɔ ayɔnkofa a ɛtra nyamesom anaa amammerɛ hyeɛ biara mu no, anuanom mmaa a wɔwɔ Ramstein First Wɔɔd mu boaa wɔn ho ano pamm Nkramofoɔ ntaadeɛ maa Afghanistan mmaa no. Onuabaa Bethani Halls kaa sɛ, “Yɛtee sɛ na mmaa no hia mpaebɔ aduradeɛ, na yɛrepam sɛdeɛ wɔbɛnya [ateyie] ama mpaebɔ.” 5

Haitifoɔ Asasewosoɔ Mmoa

Nhwɛsoɔ a ɛdi soɔ no kyerɛ sɛ ɛnni sɛ woyɛ ɔhonyafoɔ anaa wonyini ansa na woabɛyɛ adwinneɛ ama papayɛ. Marie “Djadjou” Jacques a wadi mfeɛ dunwɔtwe firi Cavaillon Nkorabata mu wɔ Haiti. Berɛ a ɔsɛeɛ asasewosoɔ sii wɔ ne kurom nkyɛn wɔ Ɔsannaa mu no, na n’abusuafie ka adan ɔpedu so mpempem a ɛbubuuiɛ no ho. Ɛrekame ayɛ sɛ worentumi nsusu abasamutuo a ɛwɔ mu sɛ wobɛhwere wo fie. Nanso sɛ anka ɔbɛgye saa abasamutuo no atom no, Djadjou—anwanwasɛm—yɛɛ adeɛ foforɔ.

Mfoni
Marie Jacques
Mfoni
Haiti asasewosoɔ

Dawubɔ Nnwuma Aboafoɔ

Ɔhunuu ne fipamni ɔpanin bi a na ne ho rekyere no na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔreboa no. Ɔboaa afoforɔ maa wɔpraa wɔn nwura. Ɛmfa ho ne brɛ a na wabrɛ, ɔboaa Asɔre mma afoforɔ maa wɔde aduane ne ahonidie nneɛma kɔmemaa afoforɔ. Djadjou asɛm no yɛ nhwɛsoɔ akɛseɛ bebree mu baako fa mmabunu ne mmerantekwaa som ho berɛ a wɔpere sɛ wɔbɛdi Yesu Kristo nhwɛsoɔ akyi.

Germany Nsuyire Mmoa

Nnawɔtwe kakraabi pɛ ansa na asasewosoɔ no resi no, na mmerantekwaa kuo foforɔ nso rema nsɛsoɔ som wɔ Atlantis akyiri. Nsuyire a ɛtwi faa Europe atɔeɛ wɔ Kitawonsa mu no yɛ deɛ ano yɛ den pa ara boro mfeɛ du nie.

Mfoni
Nsuyire wɔ Germany

Akyire yi a nsuo no weeɛ no, ɔdetɔnfoɔ baako a na ɔwɔ nsunoa kuro Ahrweiler a ɛwɔ Germany mu, susuu ɔsɛeɛ no ho na ɛbunkamm ne so koraa. Saa ɔhobrɛaseni, Romanni Nyame fɛrefoɔ yi, wesee mpaeɛ bi sɛ ebia Onyankopɔn bɛsoma obi ma wabɛboa no. Adeɛ kyee anɔpa no ara, Germany Frankfurt Asɛmpatrɛ Titenani Dan Hammon ne asɛmpatrɛfoɔ kuo ketewa bi a wɔhyehyɛ Nsa a Ɛreboa akokɔsradeɛ ntaade-soro duruu abɔnten no so. Na nsuo no aduru anammɔn du (mita 3) wɔ ɔdetɔnfoɔ no ban ho, a na agya atɛkyɛ pikaa bi wɔ akyire. Atuwohoamafoɔ no de sofi tee atɛkyɛ no, yiyii kapɛt ne nkrataa a ɛfemfam dan ho, hyehyɛɛ biribiara wɔ abɔnten no so sɛ wɔbɛba abɛfa. Ɔdetɔnfoɔ a wanya anigyeɛ mmorosoɔ yi ne wɔn yɛɛ adwuma dɔnhwere bebree, a na ɛyɛ no nwanwa sɛ Awurade asoma N’asomfoɔ kuo bi ama ne mpaebɔ mmuaeɛ—na ɛyɛɛ dɔnhwere 24 mu! 6

“Ɛyɛ, Mebɔ Mpaeɛ sɛ Ɔde Yɛn Bɛyɛ”

Yɛrekasa fa Asɔre no nnipa yiedie mmɔdemmɔ ho no, berɛ bi Elder Jeffrey R. Holland kaa sɛ: “Wɔma Mpaebɔ ho mmuaeɛ mpɛn pii no Onyankopɔn de fa nkorɔfoɔ afoforɔ so. Ɛyɛ, Mebɔ mpaeɛ sɛ Ɔde yɛn bɛyɛ. Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛyɛ mmuaeɛ ama nkorɔfoɔ mpaeɛ.” 7

Anuanom mmarima ne mmaa, ɛnam mo som so, akyɛdeɛ, berɛ, ne ɔdɔ mu, moayɛ mmuaeɛ ama mpaeɛ bebree. Nanso pii na ɛwɔ hɔ a ɛwɔ sɛ yɛyɛ. Sɛ yɛyɛ Asɔre asafomma a wɔabɔ yɛn asu yi, yɛhyɛ apam ase sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔhia mmoa. Yɛn ankorankorɛ mmɔdemmɔ nhwehwɛ sɛ yɛyi sika anaa yɛkɔ mmea a ɛwɔ akyirikyiri; 8 wɔhwehwɛ Honhom Kronkron no akwankyerɛ ne akoma a ɛwɔ ɔpɛ de bɛka akyerɛ Awurade sɛ, “Menie, soma me.” 9

Awurade Afe a ɛyɛ Anisɔ

Luka 4 twerɛ sɛ Yesu baa Nasarɛt, baabi a wɔtetee no, na ɔgyinaa hyiadan mu sɛ ɔrekenkan. Na yei yɛ n’asase so som adwuma mfitiaseɛ, na Ɔtii asɛm bi mu firii Yesaia nwoma no mu sɛ:

“Awurade Honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ, memmɛka ɔgyeɛ nkyerɛ nnommum, ne adehunu nkyerɛ anifirafoɔ, memmɛma wɔnya fahodie wɔn a wɔapira.

“Memmɛka Awurade Afe a ɛyɛ Anisɔ.…

“ Ɛnnɛ da yi na saa twerɛsɛm yi ahyɛ ma wɔ mo asom.” 10

Medi adanseɛ sɛ twerɛsɛm no rehyɛ ma wɔ yɛn berɛ mu nso. Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo baae sɛ ɔrebɛsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ. N’asɛmpa no ne sɛ ɔbɛma anifirafoɔ ahunu adeɛ. N’Asɔre wɔ hɔ sɛ ɛbɛka ɔgyeɛ akyerɛ nnommumfoɔ, ne N’asuafoɔ a wɔwɔ wiase baabiara repere sɛ wɔde fahodie bɛma wɔn a wɔapɛkyɛ.

Mesi asɛm a Yesu bisaa Ɔsomafoɔ Simon Petro so de wie sɛ: “Wodɔ me?” 11 Aba a ɛwɔ asɛmpa no mu wɔ sɛdeɛ yɛma saa asɛmmisa yi mmuaeɛ ma yɛn ara ho na “yɛma [Ne] nnwan aduane.” 12 Wɔ ɔdɔ ne anidie kɛseɛ mu ma Yesu Kristo, yɛn Wura no, meto nsa frɛ yɛn mu biara sɛ ɔmmɛka Ne som adwuma nwanwasoɔ no ho, na “mebɔ mpaeɛ sɛ Ɔde yɛn bɛyɛ.” Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.