Amansan Nhyiamu
Yɛn Ankasa Asomdwoeɛ wɔ Mmerɛ a Ɛmu yɛ Den mu
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Yɛn Ankasa Asomdwoeɛ wɔ Mmerɛ a Ɛmu yɛ Den mu

Yɛn ankasa asomdwoeɛ hwehwɛ ho nhia nkyɛnee sei da.

Wɔsomaa me nansa yi ara sɛ menkɔte Nauvoo a agyedin no fa bi ho mma. Sɛ dwumadie no fa bi no, metumi kɔsraa Liberty Afiase wɔ Missouri. Berɛ a mehwɛɛ afiase hɔ no, mesusuu nneɛma sononko a asisi a ɛma no yɛ Asɔre no abakɔsɛm fa titire saa. Na Ahotefoɔ nkwa da asiane mu esiane asetɔre ahyɛdeɛ bi a Missouri amrado no maeɛ nti. Bio, na wɔde Nkɔmhyɛni Joseph ne ahokafoɔ kakra a wɔayi wɔn agu Liberty Afiase wɔ kwan a ɛntene so. Deɛ nti a sɔretia denden no baa yɛn asɔremma no so no mu baako ne sɛ na wɔn mu dodoɔ no ara tia nkoasom. 1 Saa ɔtaeɛ a ano yɛ den wɔ Joseph Smith ne n’akyidifoɔ so no yɛ nhwɛsoɔ kɛseɛ ma ɔpɛ a wɔde di dwuma a ɛntene a ɛbɛtumi anya nkɛntɛnsoɔ wɔ nnipa a wɔtene so. Joseph mmerɛ wɔ Liberty Afiase kyerɛ sɛ amanehunu ɛnyɛ Awurade tan ho adanseɛ na ɛnyɛ Ne nhyira a watwe asan.

Ɛkaa m’akoma yie berɛ a mekenkanee deɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith paee mu kaae berɛ a na wɔaka no ahyɛ Liberty Afiase no: “O Onyankopɔn, wowɔ he? Na ɛhe na abrannaa a ɛkata wo hintabea no wɔ?” 2 Joseph bisaa sɛ ɛnkɔsi dabɛn na Awurade nkorɔfoɔ “bɛhunu amane wɔ saa nhyɛsoɔ bɔne a ɛnyɛ mmara yi ase.” 3

Mfoni
Elder Cook resra Liberty Nnaduafie

Berɛ a megyinaa Liberty Afiase hɔ no, ɛkaa m’akoma yie berɛ a mekenkanee Awurade mmuaeɛ no: “Me babarima, asomdwoeɛ nka wo kra; w’amanehunu ne w’ahohiahia bɛyɛ berɛ tiawa bi pɛ; na afei, sɛ wogyina ano yie a, Onyankopɔn bɛma wo so.” 4 Ɛyɛ pefee sɛ sɔretia bɛtumi ate yɛn ho ama ɛnni awieɛ sɛlɛtia hyɛberɛ no. 5

Agyenkwa no nsɛm a ɛsombo “Me babarima, asomdwoeɛ nka wo kra” 6 kɔma me ankasa na ɛho hia kɛse ma yɛn da yi mu. Wɔkae me Ne nkyerɛkyerɛ a ɔde maa N’asuafoɔ wɔ N’asase so som berɛ mu.

Ansa na Kristo rebɛhunu amane wɔ Getsemane Turo mu ne asɛnnua no so no, Ɔhyɛɛ N’Asomafoɔ sɛ “monnodɔ mo ho sɛdeɛ madɔ mo no” 7 na ɔtoaa so de n’asɛm yei kyekyeree wɔn werɛ: “Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede ma mo, ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma ntutu, nso mommma no mmɔ hu.” 8

Yɛn Awurade ne Agyenkwa, Yesu Kristo, abodin a yɛdi no ni pa ara no mu baako ne “Asomdwoeɛ Hene.” 9 Awieɛ no wɔbɛhyehyɛ N’ahennie a asomdwoeɛ ne ɔdɔ ka ho. 10 Yɛrehwɛ Mesaia no mfenhyia mpempem ahennie no kwan.

Ɛmfa ho ne mfenhyia mpempem ahennie yi ho anidasoɔ no, yɛnim sɛ asomdwoeɛ ne koroyɛ nkɔ so mma yɛn wɔ wiase yi mu. 11 M’abrabɔ mu nyinaa, menhunuu anidie a ɛnni hɔ sei bi da. Wɔde takrawɔgyam kasa a ɛhyɛ abufuo ne ahisɛm nneyɛɛ a ɛsɛe asomdwoeɛ ne dinnyɛ taataa yɛn.

Ewiase mu asomdwoeɛ no wɔnhyɛɛ ho bɔ anaasɛ anohoba kɔsi sɛ Yesu Kristo Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no bɛba. Awurade no kyerɛɛ N’asuafoɔ no sɛ asase so adwuma no renhya wiase nyinaa asomdwoeɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ,“Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ baa asase so.” 12 Na amansan asomdwoeɛ nka Agyenkwa no ahyɛaseɛ asase so ɔsom adwuma no ho. Amansan asomdwoeɛ nni hɔ ɛnnɛ.

Nanso, yɛn ankasa bɛtumi anya asomdwoeɛ ɛmfa ho ne abufuo, aperedie ne mpaepaemu a ɛsɛe na ɛporɔ yɛn wiase ɛnnɛ yi. Yɛn ankasa asomdwoeɛ hwehwɛ ho nhia nkyɛnee sei da. Ɔdɔ dwom bi a ɛyɛ ahomeka a, Onuabarima Nik Day atwerɛ ama ɛnnɛ mmabunu a wato din “Kristo mu Asomdwoeɛ” ka sɛ, “Sɛ asomdwoeɛ biara nni asase so mpo a, asomdwoeɛ wɔ Kristo mu.” 13 Ɛyɛɛ nhyira sɛ yɛnyaa saa dwom yi ansa na ankyɛre pii na COVID-19 nsanyadeɛ reba.

Saa dwom yi nam ahomeka kwan so susu asomdwoeɛ-hwehwɛ ho na ɛsi so dua wɔ kwan a ɛfata so sɛ asomdwoeɛ na ɛto sɛkyɛ wɔ Yesu Kristo abrabɔ ne ne som adwuma mu. Titenani Joseph F. Smith paee mu kaa sɛ, “Saa asomdwoeɛ ne ɔdɔ honhom no rentumi mma wiase da, kɔsi sɛ adasamma bɛgye Onyankopɔn nokorɛ ne Onyankopɔn nkrasɛm, na wɔahunu Ne nimdeɛ ne tumi a ɛyɛ kronkron no.” 14

Berɛ a yɛrensan yɛn akyiri da na yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛnya wiase asomdwoeɛ no, wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ yɛbɛtumi anya yɛn ankasa asomdwoeɛ, sɛdeɛ Kristo kyerɛkyerɛ no. Wɔakyerɛkyerɛ yei mu wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu: “Na monhunu sɛ deɛ ɔyɛ tenenee nnwuma no bɛnya n’akatua, mpo asomdwoeɛ wɔ wiase yi mu, ne nkwa a ɛnni awieɛ wɔ wiase a ɛbɛba mu.” 15

“Tenenee nnwuma” a ɛbɛboa yɛn ma yɛasɔ akyinnyegyeɛ ano, ate aperedie so na yɛanya asomdwoeɛ wɔ saa wiase yi mu bi ne sɛn? Kristo nkyerɛkyerɛ nyinaa nam saa kwan yi so. Mɛbobɔ kakra bi a megye di sɛ ɛho hia pa ara.

Ɛdi kan: Dɔ Onyankopɔn, Bɔ Ne Mmaransɛm Bra, na Fakyɛ Obiara.

Titenani George Albert Smith bɛyɛɛ Asɔre no Titenani wɔ afe 1945 mu. Berɛ a na ɔyɛ Ɔsomafoɔ no na deɛ wɔde nim no ne sɛ ɔyɛ ɔkandifoɔ a ɔdɔ asomdwoeɛ. Mfeɛ 15 a ɛdi anim ansa na ɔrebɛyɛ Titenani no, ɔhaw ne nsɔhwɛ a wiase baabiara ohia berɛ kɛseɛ bi de baae no, na Wiase Ɔko II, de owuo ne ɔsɛeɛ bɛtoaa so, anyɛ biribiara sɛ asomdwoeɛ.

Wiase Ɔko II, awieɛ, wɔ n’amansan nhyiamu a ɛdi kan sɛ titenani wɔ Ahinime 1945 mu, Titenani Smith kaee Ahotefoɔ fa Agyenkwa no frɛ sɛ wɔnnɔ wɔn ayɔnkofoɔ na wɔmfa nkyekyɛ wɔn atamfo, na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɛno ne honhom a ɛwɔ sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ nyinaa hwehwɛ sɛ wɔbɛnya, sɛ wɔwɔ anidasoɔ sɛ da bi wɔbɛgyina N’anim na wɔagye Ne nsa mu akwaaba a ɛyɛ animuonyam a.” 16

Ɛtɔ so Mmienu: Hwehwɛ Honhom no Aba

Wɔ Ɔsomafoɔ Paulo nwoma a ɔde kɔmaa Galatifoɔ mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nsonsonoeɛ a ɛda tenenee nnwuma a ɛma yɛfata sɛ yɛdi adeɛ wɔ Onyankopɔn ahemman mu ne nnwuma a, sɛ yɛansakyera amfiri ho a, ɛbɛtumi ama sɛ yɛmfata. Nneɛma a ɛma yɛfata no bi ne honhom no aba “ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyerɛ, ahonidie, papayɛ, gyedie, ɔdwoɔ [ne] anidahɔ.” 17 Paulo sane de ka ho sɛ yɛnsoa yɛn ho yɛn ho nnesoa na mma yɛmmmrɛ wɔ papayɛ mu. 18 Nnwuma a ɛntene a ɔde ka ho bi ne ɔtan, abufuo, ne nitan. 19

Adesua kɛseɛ a ɛwɔ Apam Dada berɛ no mu baako fa Agya Abraham ho. Na Abraham ne ne wɔfase Lot yɛ ahonyafoɔ, nanso wɔhunuu sɛ wɔrentumi ntena mmɔ mu. Sɛdeɛ nitan bɛfiri hɔ nti, Abraham maa Lot kwan maa ɔyii asase a ɔpɛ. Lot yii Jordan asase petee a nsuo a ɛho dwoɔ wɔ so na ɛyɛ fɛ no. Abraham faa Mamre dupɔn a ɛnnɔree papa no. Twerɛnsɛm no ka sɛ afei Abraham yɛɛ ne ntomadan na ɔsii “afɔrebukyia maa Awurade.” 20 Na Lot deɛ,“ɔyɛɛ ne ntomadan wɔ Sodom afa mu.” 21 Sɛ yɛbɛnya ayɔnkofa a asomdwoeɛ wɔ mu no, ɛwɔ sɛ adesua no mu da hɔ fann: ɛwɔ sɛ yɛfiri yɛn pɛ mu gyae mu na yɛyi nitan, ɛfa nneɛma a ɛnka teneneeyɛ ho. Sɛdeɛ Ɔhene Benyamin kyerɛkyerɛɛe no, “Na morennya adwene a mode bɛpira mo ho mo ho, na mmom deɛ mobɛtena asomdwoeɛ mu.” 22 Nanso, wɔ abrabɔ a ɛfa teneneeyɛ ne nkyerɛkyerɛ a ɛho abɛhia mu no, ɛsɛ sɛ yɛgyina pintinn a yɛnhinhim

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛnya asomdwoeɛ a ɛyɛ teneneeyɛ nnwuma akatua no a, yɛ renyɛ yɛn ntomadan wɔ wiase. Yɛbɛtim yɛn ntomadan wɔ tɛmpol no ho.

Ɛtɔ so Mmiɛnsa: Fa Ɔpɛ Yi Teneneeyɛ

Asomdwoeɛ ne ɔpɛ fam ho dendeenden sɛ nneɛma a ɛho hia wɔ nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no mu. Sɛdeɛ wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Asɛmpa Atifiasɛm “Ɔpɛ ne Akontabuo” mu no, “Ɔpɛ yɛ tumi ne akwanya a Onyankopɔn de ma yɛn sɛ yɛnyi na yɛnyɛ mma yɛn ankasa ho.” 23 Ɛno nti, ɔpɛ na ɛho hia kɛse pa ara wɔ yɛn ankasa nyini ne suahunu a ɛde nhyira brɛ yɛn mu berɛ a yɛdi Agyenkwa no akyi no. 24

Na ɔpɛ yɛ ade titire wɔ ansa na wiase reba Ɔsoro Agyinatuo no mu ɛne ntawantawa a ɛbaa wɔn a wɔyii sɛ wɔbɛdi Kristo akyi ne Satan akyidifoɔ no ntam. 25 Yɛregyae ahantan na yɛrehyɛ yɛn ho so ayi Agyenkwa no bɛma yɛn kwan ma yɛanya Ne hann ne N’asomdwoeɛ. Nanso, ankasa asomdwoeɛ bɛhyia akwansideɛ berɛ a nkorɔfoɔ de wɔn pɛ di dwuma wɔ akwan a ɛpira na ɛyɛ ya so.

Mewɔ gyedie sɛ asomdwoeɛ awerɛhyem atenka a yɛnyaa no yɛn akoma mu no hyɛɛ den wɔ nimdeɛ a na yɛwɔ fa deɛ wiase Agyenkwa no bɛyɛ ama yɛn ho. Wɔakyerɛkyerɛ yei mu kamakama wɔ Ka Me Nsɛmpa: “Sɛ yɛde yɛn ho to Yesu Kristo Mpata no so a, Ɔbɛtumi aboa yɛn ma yɛadi nsɔhwɛ, nyarewa, ne yea so. Anigyeɛ, asomdwoeɛ, ne awerɛkyekyerɛ bɛtumi ahyɛ yɛn ma. Yesu Kristo Mpata no tumi siesie kɔntɔnkye biara a ɛwɔ abraba mu.” 26

Ɛtɔ so Nan: Yɛnsi Sion wɔ Yɛn Akoma ne Afie mu

Yɛyɛ Onyankopɔn mma na yɛka N’abusua ho. Yɛsan ka abusua a wɔawo yɛn ato mu ho. Abusua nhyehyɛeɛ yɛ anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa fapem. Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ yɛn—na yɛasua wɔ saa nsanyadeɛ berɛ yi mu sɛ, efie-nnyinasoɔ Asɔre-mmoa nyamesom so die, bɛtumi “asane tumi a ɛwɔ abusua mu de asakyera [yɛn] [a]fie ayɛ no gyedie dwankɔbea.” 27 Sɛ yɛwɔ saa nyamesom so die yi wɔ yɛn afie mu a, yɛbɛsan anya Agyenkwa no asomdwoeɛ. 28 Yɛnim sɛ mo mu bebree nni tenenee fie mu nhyira na motaa ne wɔn a wɔyi deɛ ɛntene di apereapereɛ. Agyenkwa no bɛtumi ama banbɔ ne asomdwoeɛ a ɛbɛkyerɛ wo kwan na n’awieɛ de wo bɛkɔ ahobanbɔ ne huntabea afiri abrabɔ mu haw ho.

Mema mo awerɛhyem sɛ anigyeɛ, ɔdɔ, ne mmamu a yɛnya wɔ berɛ a yɛdɔ tenenee mmusua no de anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa ba. Ɔdɔ ne ayamyɛ di akotene wɔ Sion a yɛnya no yɛn akoma ne afie mu. 29

Ɛtɔ so Num: Di Afotuo a Ɛnkyɛree pii Yɛn Nkɔmhyɛni de maaeɛ so

Sɛ yɛdi Awurade nkɔmhyɛni, Titenani Russell M. Nelson akyiri a, ɛboa yɛ asomdwoeɛ kɛseɛ. Ɛrenkyɛre pii yɛbɛnya akwanya atie no. Wɔsiesiee no firii wiase ahyɛaseɛ maa saa ɔfrɛ yi. N’ankasa ahosiesie ayɛ sononko pa ara. 30

Wakyerɛkyerɛ yɛn sɛ, yɛbɛtumi “anya asomdwoeɛ ne anigyeɛ atenka wɔ boasetɔ mu wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mpo mu” 31 berɛ a yɛpere sɛ yɛbɛyɛ te sɛ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo. Watu yɛn fo sɛ yɛnsakyera da biara, na yɛanya Awurade nteho, ayaresa, ne denyɛ tumi. 32 Me ankasa meyɛ ɔdanseni sɛ yɛn nkɔmhyɛni anya adiyie na ɔbɛkɔso anya afiri ɔsoro.

Berɛ a yɛdi no nni na yɛgye no to mu sɛ yɛn nkɔmhyɛni no, yɛsom yɛn Soro Agya ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo. Honhom Kronkron no kyerɛkyerɛ yɛn.

Medi adanseɛ na mema m’ankasa Ɔsomafoɔ adansedie sɛ Yesu Kristo, wiase Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ no, di anim na ɔkyerɛ N’Asɔre a asan aba no kwan. N’abrabɔ ne mpata botaeɛ no ne asomdwoeɛ farebae. Ɔno ne Asomdwoeɛ Hene. Medi adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ ne anidie sɛ Ɔte ase. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. “Nkorɔfoɔ a wɔwɔ Independence no ampɛ sɛ Ahotefoɔ no ka asɛmpa no kyerɛ Indiafoɔ no na wɔkasatia nkoasom” ( Saints: The Story of the Church of Jesus Christ in the Latter Days , vol. 1, The Standard of Truth, 1815–1846 [2018], 172).

  2. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:1.

  3. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:3.

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:7-8.

  5. Hwɛ 2 Nephi 2:11–15.

  6. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:7.

  7. Yohane 13:34.

  8. Yohane 14:27.

  9. Yesaia 9:6; 2 Nifae 19: 6. Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛe nso wɔ Ne nhyirasɛm mu sɛ, “Nhyira ne apatafoɔ: na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.”(Matthew 5:9).

  10. “With judgment and with justice for ever” (see Ysaia 9:6–7; 2 Nifae 19:6–7; hwɛ nso Galatifoɔ 5:22).

  11. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:35 Titenani Wilford Woodruff kaa yei wɔ 1894 ɛna ebio wɔ 1896 (hwɛ The Discourses of Wilford Woodruff, sel. G. Homer Durham [1946], 251–52; see also Marion G. Romney, in Conference Report, Apr. 1967, 79–82; Ezra Taft Benson, “The Power of the Word,” Ensign, May 1986, 79–80; Dallin H. Oaks, “Preparation for the Second Coming,” Liahona, May 2004, 9).

  12. Mateo 10:34.

  13. Nik Day, “Peace in Christ,” 2018 Mutual theme song, Liahona, Jan. 2018, 54–55; New Era, Jan. 2018, 24–25. Dwom “Asomdwoeɛ wɔ Kristo mu” kyerɛ:

    Sɛ yɛbɔ bra sɛdeɛ Ɔbɔɔe no a,

    Asomdwoeɛ wɔ Kristo mu.

    Ɔma yɛn anidasoɔ

    Sɛ anidasoɔ kɔ a.

    Ɔma yɛn ahoɔden

    Sɛ yɛntumi ntoa so a.

    Ɔma yɛn tenaberɛ

    Wɔ amanehunu abrabɔ mu.

    Sɛ asomdwoeɛ nni asase so a,

    Asomdwoeɛ wɔ Kristo mu.

  14. Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph F. Smith (1998), 400.

  15. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:23.

  16. Hwɛ George Albert Smith, wɔ Nhyiamu Amaneɛbɔ mu, Ahinime 1945, 169–70.

  17. Galatifoɔ 5:22–23.

  18. Hwɛ Galatifoɔ 6:2, 9

  19. Hwɛ Galatians 5:20.

  20. Gyenesis 13:18.

  21. Gyenesis 13:12.

  22. Mosaya 4:13.

  23. Asɛmpa Atifinsɛm, “Fahodie ne Nkontabuo,” topics.ChurchofJesusChrist.org.

  24. Yɛde yɛn ho sɛ “yɛfa fahodie ne daa nkwa, ɛnam nnipa nyinaa Ntamgyinafoɔ kɛseɛ no so” (2 Nephi 2:27). Ɔpɛ nso ma kwan ma bɔne a afoforɔ yi de yea ne amanehunu, na ɛtɔ da bi mpo a owuo ba. Twerɛnsɛm no ma ɛmu da hɔ fann sɛ Awurade Nyankopɔn maa ɔpɛ sɛdeɛ onipa bɛtumi ayi papa anaasɛ bɔne.(hwɛ 2 Nephi 2:16).

  25. Hwɛ Gospel Topics, “Agency and Accountability,” topics.ChurchofJesusChrist.org.

  26. Preach My Gospel: A Guide to Missionary Service (2019), 52, ChurchofJesusChrist.org; emphasis added.

  27. Russell M. Nelson, “Becoming Exemplary Latter-day Saints,” Liahona, Nov. 2018, 113.

  28. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:23

  29. Me tiri yɛɛ yie sɛ menyinii wɔ efie a na asomdwoeɛ wɔ mu. Na yei titire no firii me maame a na ɔyɛ Asɔre no ba nokwafoɔ, nkɛntɛnsoɔ. Na me papa da mu fua wɔ ɔkwan biara so, mmom na ɔnyɛ asafoba ɔhokekafoɔ. Maame dii yɛn papa ni na ɔkwatii aperedie. Ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ mmɔfra sɛ yɛmmɔ mpaeɛ na yɛnkɔ Asɔre. Ɔsan kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ na yɛnsom yɛn ho yɛn ho (hwɛ Mosaya 4:14-15). Merenyini wɔ efie a ɛte sei mu maa me asomdwoeɛ na ayɛ nhyira kɛseɛ wɔ m’abrabɔ mu.

  30. Russell M. Nelson wiee Utah Adɔkotafoɔ Suapɔn Sukuu, a ɔdii kan wɔ n’asuafoɔkuo so berɛ a na wadi mfeɛ 22. Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛba abɛyɛ dɔkotani a ɔtumi yɛ oprehyen, na ɔnyaa nteteɛ a ɛyɛ papa pa ara wɔ adɔkotafoɔ nteteɛbea akɛseɛ mu. Ɔde nokorɛdie wiee asraafoɔ ahofama no wɔ Korea ne Japan. Mfeɛ bebree ni na ɔyɛɛ ɔkandifoɔ wɔ akoma oprehyenyɛ mu a na wɔnim no wiase baabiara. Sɛdeɛ na Titenani Nelson aduyɛ nimdeɛ ho ahosiesie yi yɛ sononko sɛ ɛde nhyira bɛbrɛ nnipa wɔ wiase afanan nyinaa no, ne honhom mu ahosiesie mpo na na ɛho hia kɛse. Ɔyɛ agya wɔ mma, nananom, ne nanakansoa wɔ abusua kɛseɛ bi mu. Ɔde nokorɛdie asom n’abusua ne Asɔre no wɔ n’abrabɔ mu nyinaa.

  31. Hwɛ Russell M. Nelson, “Opening Message,” Liahona, Kɔtɔnima 2020, 6; see also Russell M. Nelson, “Joy and Spiritual Survival,” Liahona, Obubuo 2016, 81–84.

  32. Russell M. Nelson, “Opening Message,” 6.