Amansan Nhyiamu
Ma Kristo Mmɛyɛ W’asɛm Twerɛfoɔ
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Ma Kristo Mmɛyɛ W’asɛm Twerɛfoɔ

Ma wasɛm nyɛ deɛ ɛgyina gyedie so, redi wo hwɛsofoɔ, Yesu Kristo akyi.

Mehyɛ aseɛ to nsɛmmisa bebree a ɛhia ma, ankasa-nnwenweneho.

  • Woara wo nsɛm bɛn na woretwerɛ ama w’abrabɔ?

  • Ɛsa a woka ho asɛm wɔ w’asɛm mu no yɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ hwiahwia?

  • W’asɛm no wie wɔ baabi a ɛhyɛɛ aseɛ, wɔ wo soro fie?

  • Obi a ɔyɛ nhwɛsoɔ wɔ w’asɛm no mu—na ɔno ne Agyenkwa Yesu Kristo anaa?

Medi adanseɛ sɛ Agyenkwa no ne “yɛn gyedie mu kandifoɔ ne ne wiefoɔ.” 1 Wɔbɛto nsa afrɛ no ama wabɛyɛ kandifoɔ ne wiefoɔ wɔ asɛm no mu?

Ɔnim awieɛ no firi ahyɛaseɛ. Ɔno na ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase. Ɔpɛ sɛ yɛsan ba fie wɔ ne hɔ ne yɛn soro awofoɔ hɔ. Wama yɛn biribiara a yɛhia na ɔhwehwɛ sɛ yɛbɛdi nkunim.

Deɛn nti na wosusu sɛ ɛtwe yɛn san sɛ yɛdane yɛn nsɛm ma No?

Ebia saa nsɛmmisa yi bɛtumi aboa wɔ wo ankasa-nhwehwɛmu no.

Mmaranimfoɔ mmɔdwnfoɔ a ɔdi asɛm bi ara nim sɛ woreto nsɛmmisa ama obi a, wo ntaa mmisa ɔdanseni no nsɛm a woara wo nni ho mmueɛ. Worebisa asɛm a ɛte saa no twe ɔdanseni sɛ ɔnkyerɛ wo—ɔtemmuani no ne abadwafoɔ no—biribi a wonnim dada. Wobɛtumi anya mmuaeɛ bi a ɛbɛyɛ wo nwanwa a ɛne wasɛm a wahyehyɛ no bɔ abira.

Mmom worebisa ɔdasani nsɛm a wonnim ho mmuaeɛ no, anka ɛnyɛ deɛ nyansa wɔ mu ma mmaranimfoɔ a ɔredi asɛm, n’adanee no yɛ nokorɛ ma yɛn . Yɛbɛtumi abisa nsɛm afa yɛn Agya dɔfo a Ɔwɔ soro ho, wɔ yɛn mmɔbrɔhunufoɔ Agyenkwa no din mu, na ɔdanseni a ɔyi yɛn nsɛm ano ne Honhom Kronkron no, ɔdi nokorɛ no ho adanseɛ berɛbiara. 2 Ɛnam sɛ Honhom Kronkron no ne Agya a ɔwɔ soro no ne Yesu Kristo bɔ mu yɛ adwuma a ɛwieɛ pɛyɛ no nti, yɛnim sɛ nneɛma a Honhom Kronkron no da no adi no yɛ deɛ yɛde yɛn ho to soɔ. Adɛn nti na afei deɛ ɛtɔ dabi a yɛmpɛ sɛ yɛbisa saa ɔsoro mmoa, nokorɛ a Honhom Kronkron no da no adi kyerɛ yɛn no? Adɛn nti na yɛmpɛ sɛ yɛbisa nsɛm a yɛnni ho mmuaeɛ berɛ a ɔdanseni no nyɛ adamfoɔ nko ara na mmom deɛ ɔbɛka nokorɛ berɛbiara?

Ebia na ɛfiri sɛ yɛnni gyedie a yɛde bɛgye mmuaeɛ a yɛbɛnya no. Ebia na ɛfiri sɛ honam mu barima anaa ɔbaa a ɛte yɛn mu no to tia sɛ yɛre dane nneɛma ani de ama Awurade koraa a yɛde yɛn werɛ hyɛ ne mu koraa. Ebia ɛno nti na yɛyi sɛ yɛbɛbata nsɛm a y’atwerɛ ama yɛn ho, y’asɛm a ɛma yɛn ahotɔ berɛ a yɛmma ɔtwerɛfoɔ wura no nnyɛ mu nsiesie. Yɛmpɛ sɛ yɛbisa asɛm bi na yɛnya mmuaeɛ bi a ɛne asɛm a yɛretwerɛ ama yɛn ho no nsisi ani pɛpɛɛpɛ.

Nokorɛ, yɛn mu kakra ara bi pɛ na ɛbia yɛbɛtwerɛ nsɔhwɛ nsɛm a ɛsɔne yɛn so wɔ y’asɛm mu. Enti yɛmpɛ sɛ wɔ animuonyam mu berɛ a deɛ ɔdi akotene no bɛdi apereapereɛ no so nkunim anaa? Nsɔhwɛ yɛ nneɛma a ɛkabom ma y’asɛm a yɛpɛ ka akoma, ɛberɛ nsesa no, ɛpagya gyedie na ɛfata ka. Apereapereɛ fɛɛfɛ a yɛtwerɛ no wɔ yɛn nsɛm mu no ne deɛ ɛtwe yɛn bɛn Agyenkwa no na ɛsɔne yɛn so, ma yɛbɛyɛ sɛ Ɔno.

Na sɛ David bɛdi Goliath so nkunim a, na ɛsɛ sɛ abarimaa no ne ɔbrane no de si ani. Na anka asɛm a ɛbɛma David ahodwoɔ ne sɛ ɔbɛsan akɔhwɛ ne nnwan. Nanso, ɔkaekaee ne suahunu sɛ ɔregye nnwamaa afiri osebɔ ne osisire nsam. Na ɔgyina saa ahomka nkunimdie, so no ɔnyaa gyedie ne akokoɔduro, sɛ ɔma Onyankopɔn twerɛ n’asɛm na ɔreka sɛ “Awurade no a ɔyii me firii gyata ne sisire mɔwerɛ ano, ɔno ara bɛyi me afiri saa Filistini yi nsam.” 3 Wɔ ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ Onyankopɔn di anim, ne sotie a ɔyɛ maa Sunsom Kronkron no, ne, ne pɛ a na ɔpɛ sɛ ɔma Agyenkwa no yɛ n’asɛm ahyɛaseɛ ne n’awieɛ nti, abarimaa Dawid dii Goliath so nkunim na ɔgyee ne nkurɔfoɔ nkwa.

Nnyinasoɔ a ɛyɛ pa ara a ɛfa ɔpɛ ho no, ampa ara sɛ, ɛma yɛn ho kwan ma yɛtwerɛ yɛn ara yɛn nsɛm—Na anka Dawid bɛtumi akɔ fie, asan akɔhwɛ ne nnwan. Nanso Yesu Kristo ayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɛyɛ nnwinneɛ, twerɛdua a yasensene ano wɔ Ne nsa mu, sɛ ɔbɛtwerɛ deɛ ɛkorɔn! Ɔnam mmɔbrɔhunu so wɔ ɔpɛpa sɛ ɔde me, twerɛdua feafea bi yi, sɛ adwinneɛ wɔ Ne nsa mu, sɛ mewɔ gyedie sɛ mɛma no ho kwan a, sɛ mɛma no ayɛ m’asɛm twerɛfoɔ a.

Esther yɛ nhwɛsoɔ fɛɛfɛɛ a ɛgyina ma yɛrema Onyankopɔn adi nim Sɛ anka ɔbɛyɛ ahwɛyie asɛm a ɛyɛ menko-m’ahobanbɔ ho no, ɔnyaa gyedie, danee ne ho maa Awurade koraa. Na Haman rehyehyɛ Yewfoɔ a na wɔwɔ Persia nyina ara sɛeɛ. Mordecai, Esther busuani, nyaa no nteɛ fa saa nhyehyɛɛ no ho na ɔtwerɛ krataa kɔmaa no, hyɛɛ no nkuran sɛ ɔne ɔhene no nkasa mma ne nkurɔfoɔ. Ɔdaa no adi kyerɛɛ no sɛ deɛ ɔbɛkɔ ɔhene no anim a wɔnnfrɛɛ no no wɔbɛku no. Nanso wɔ gyedie nwanwasoɔ anamɔn mu no, ɔka kyerɛɛ Mordicai sɛ ɔmoaboa Yewfoɔ no ano na wɔnni mmuada mma no. “Me nso,” me ne me mmabaawaa nso bɛdi mmuada saa ara, “ɔkaa sɛ, na mede saa ara bɛkɔ ɔhene no nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ: na sɛ meyera a mayera.” 4

Na Esther wɔ ɔpɛpa sɛ Agyenkwa no twerɛ n’asɛm mpo wɔ honam aniwa mu no, na anka awieɛ no bɛtumi ayɛ awerɛhosɛm. Nhyira mu no, ɔhene no gyee Esther na Yewfoɔ a wɔwɔ Persia no nyaa ɔgyeɛ.

Ampa ara, wɔntaa mmisa Esther akokoɔduro mpɛnpɛnsoɔ no mfiri yɛn hɔ. Nanso yɛrema Onyankopɔn adi nim, yɛrema no ayɛ yɛn nsɛm hyɛasefoɔ ne wiefoɔ no, hia sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ ne apam a yayɛ so. Ɛyɛ yɛn y’ahyɛdeɛ ne y’apam a yɛbedisoɔ na ɛbue kwan na ebue ɔsoro nkitahodie ma yɛn nya yikyerɛ nam Honhon Kronkron no so. Ɛnam Honhom Kronkron no a ɛdaadie so na yɛbɛnya Ɔkandifoɔ no abasa so tumi, ɛmmrɛ a yɛtwerɛ y’ankasa yɛn twerɛtohɔ nsɛm.

Wɔ afe 2021 mu no, yɛn nkɔmhyɛni Titenani Russell M. Nelson, ka kyerɛ[ yɛn sɛ yɛnhwɛ nnoɔma a yebetumi ayɛ mmrɛ a yɛwɔ gyedie kɛseɛ wɔ Yesu Kristo mu. Anka yɛwɔ gyedie a ɛdɔɔso wɔ Yesu Kristo mu a anka yɛbɛtumi abisa nsɛm a yɛnni ho mmueaɛ—abisa yɛn Agya a ɔwɔ Soro, wɔ Yesu Kristo din mu sɛ ɔmfa mmuaeɛ nfa Honhom Kronkron no mu, Ɔno a ɔdi nokorɛ no ho adanseɛ no. Sɛ na yɛwɔ gyedie a ɛdɔɔso a, anka yɛbɛbisa asɛm na afei yɛanya ɔpɛpa sɛ yɛbɛgye mmaɛ a ɛbɛba no mpo wɔ berɛ a ɛmfa ahotɔ nhyɛ yɛn nsɛm no mu. Na afei bɔhyɛ nhyira a ɛbɛfri gyedie anamɔn wɔyesu Kristo mu no yɛ nhyira a ɛkɔ anim wɔ Ne mu sɛ yɛn ahyɛaseɛ ne awieɛ twerɛfoɔ. Titenani Nelson de too dwa sɛ yɛ “nya gyidie a ɛdɔɔso berɛ a yɛyɛ adeɛ bi a ɛhia gyedie a ɛdɔɔso.” 5

Ɛno nti awarefoɔ a wɔnniba a wɔwɔ ɔhaw wɔ awoɔ mu no bɛtumi abisa wɔ gyedie mu sɛ ɛsɛsɛ wɔfa afoforɔ ba wɔ mmara kwanso ntete no a, na wɔnya ɔpɛ pa sɛ wɔbɛgye mmuaeɛ no ato mu, ɛwɔ mu sɛ mmom na asɛm a watwerɛ ama wɔn ho no na awoɔ nwanwasoɔ ka ho.

Awarefoɔ mpaninfoɔ bɛtumi abisa sɛ ebia berɛ aso sɛ wɔsom wɔ asɛmpatrɛ adwuma mu na wanya ɔpɛpa sɛ wɔbɛkɔ anaa mmom ɛwɔ wɔn nsɛm a watwerɛ ama wɔn ho no mu sɛ wɔbɛnya mmerɛ bebree wɔ adwumayɛ mu ka ho. Anaa mpo ebia mmuaeɛ no bɛyɛ “nnyɛ seesei,” na akyire no wɔbɛhunu wɔ wɔn nsɛm krataafa mu deɛ nti a na wɔhia wɔn wɔ efie mmerɛ kakra ansa no.

Abranteɛ anaa ababaawa bɛbisa wɔ gyedie mu sɛ ɔredi ngodie anaa nwomasua anaa nnwomtoɔ akyi no ho hia pa ara na wanya ɔpɛpa sɛ ɔbɛdi Honhom Kronkron no a ɔyɛ ɔdanseni a ɔwie pɛyɛ no kasakyerɛ ato mu.

Adɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛma Agyenkwa no yɛ yɛn ɔhyɛasefoɔ ne ɔwiefoɔ wɔ yɛn nsɛm mu? Ɛfiri sɛ ɔnim deɛ yɛtumi yɛ yie pa ara, Ɔde yɛn bɛkɔ mmeaeɛ a anka y’annsusu dabiara da. Ɔbɛtumi ayɛ yɛn Dawid anaa sɛ Esther. Ɔbɛtwe yɛn mu na wasɔne yɛn so ama yɛbɛyɛ sɛ Ɔno. Nneɛma a yɛbɛnya berɛ a yɛde gyidie kɛse tu anamɔn no bɛmayɛn gyidie wɔ Yesu Kristo mu no ayɛ kɛse.

Nnuammarimma ne nnuammaa, afe baako pɛ a atwa mu no, yɛn nkɔmhyɛni a yɛdɔ no no bisaa sɛ: “Wowɔ ɔpɛpa sɛ wobɛma Onyankopɔn adi nim wɔ w’abrabɔ mu anaa? Wowɔ ɔpɛpa sɛ wobɛma deɛ ɔhia wo sɛ woyɛ no adi wanisoɔdehunu foforɔ biara kan anaa?” 6 Meka de to saa nkɔmhyɛ abisadeɛ no: “Wobɛma Onyankopɔn ayɛ hyɛasefoɔ ne ɔwiefoɔ wɔ wasɛm mu anaa?”

Wɔ adiyisɛm mu no yɛhunu sɛ yɛbɛgyina Onyankopɔn anim na wabu yɛn atɛn afiri nkwa nwoma no mu, sɛdeɛ yɛn nnwuma teɛ. 7

Wɔbɛbu yɛn atɛn afiri yɛn nkwa nwoma no mu. Yɛbɛtumi afa sɛ yɛbɛtwerɛ nsɛm a ahotɔ wɔ mu ama yɛn ho. Anaasɛ yɛbɛma Ahyɛaseɛ ne Awietwerɛfoɔ kɛseɛ no ne yɛn atwerɛ y’asɛm, a yɛrema dwumadie a ɔpɛ sɛ yɛdie no adi anisoadehunu afoforɔ biara anim.

Ma Kristo nyɛ hyɛasefoɔ ne ɔwiefoɔ mma wasɛm!

Ma Honhom Kronkron no nyɛ w’adanseni!

Twerɛ asɛm a ɛmu no, ɔkwan a wonam so no tene a ani hwɛ baabi a ɛde wo rekɔ wo soro fie na wakɔtena Onyankopɔn anim.

Ma amanehunu ne ɔhaw a ɛyɛ asɛm papa biara mu bi no nyɛ ɔkwan a wotumi twebɛn, na wobɛyɛ kɛseɛ no ara sɛ Yesu Kristo.

Ka nsɛm a ɛmu no, wohunu sɛ ɔsoro abue. Bisa nsɛm a wonnim ano mmuaeɛ, na worekae sɛ Onyankopɔn pɛsɛ Ɔnam Honhom Kronkron no so da Ne dɔ a ɔwɔ ma wo na adi.

Ma wasɛm nyɛ deɛ ɛgyina gyedie so, redi wo hwɛsofoɔ, Yesu Kristo akyi. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.