Amansan Nhyiamu
Tiawa Fɛɛfɛ—Fɛɛfɛ Tiawa
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Tiawa Fɛɛfɛ—Fɛɛfɛ Tiawa

Momma yɛmma asɛmpa no mu nna hɔ berɛ a yɛafa ɔsoro asodie a wɔapaw ama yɛn no.

Nnianim

Mema obiara a ɔka nhyiamu yi ho akwaaba.

Ɛnnɛ ɛyɛ m’anidasoɔ sɛ mɛkyerɛkyerɛ nneɛma mienu wɔ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de ama no mu, na mede Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ a wɔatwa wiase ho ahyia nsɛm nnan bi akyerɛ sɛdeɛ yɛde nkyerɛkyerɛ no yɛ adwuma mu. Adeɛ a ɛdi kan wɔ asɛmpa a wɔasan de aba no mu—Onyankopɔn nkwagyeɛ ne mpagya adwuma tu ani si ɔsoro asodie a wɔde ma so. Deɛ ɛtɔ so mmienu no kae yɛn sɛ asɛmpa no somboɔ, ɛmu da hɔ fann na ɛyɛ tiawa.

Ɔsoro Asodie a Wɔpaw de ma

Sɛ yɛbɛnya daa nkwa a, ɛwɔ sɛ “yɛkɔ Kristo nkyɛn, na yɛtene wɔ ne mu.” 1 Berɛ a yɛba Kristo nkyɛn na yɛboa ma afoforɔ nso ba no, yɛyɛ Onyankopɔn nkwagyeɛ ne mpagya adwuma no bi a, ɛtu ani si ɛsoro asodie a wɔpaw dema so. 2 Saa soro asodie yi bata asɔfodie nsafoa a Mose, Elia, ne Elaiya debaaɛ, watwerɛ wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110 mu, 3 ne mmaransɛm kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu Kristo de maa sɛ yɛnnɔ yɛn afipamfoɔ sɛ yɛn ho. 4 Wɔatwerɛ agu nkratafa mmienu a ɛdi kan wɔ Akwankyerɛ Nwomaa ɛwɔ hɔ ma asɔremma nyianaa mu.

Sɛ wote nsɛm “Akwankyerɛ Nwoma“ anaa “ɔsoro asodie a wɔpaw de ma“ ma wo bɔ hu a, mesrɛ wo mɛnsuro. Saa asodie yi yɛ nkuranhyɛ, nkanyan, ɛnnyɛ kyinkyenee na wo bɛtumi ayɛ. Ɛno nie:

  1. Yɛde Yesu Kristo Asɛmpa No Rebɔ bra.

  2. Yɛrehwɛ wɔn a wɔnni bie

  3. Yɛreto nsa afrɛ obiara sɛ ɔnye Asɛmpa no

  4. Yɛreka Mmusua abom ama Daapem

Wobɛtumi ahunu no sɛdeɛ mehunu no: sɛ ɛyɛ akyerɛkwan a ɛde yɛn kɔ yɛn Soro Agya dɔfoɔ no nkyɛn.

Mfoni
Nneɛma a ɛwɔ nkwagyeɛ ne mpagya adwuma mu

Asɛmpa No mu Dahɔ, Ɛsomboɔ, na ɛyɛ Tiawa

Wɔaka sɛ Yesu Kristo asɛmpa no yɛ fɛɛfɛ tiawa ne tiawa fɛɛfɛ. 5 Ɛwiase nyɛ. Ɛyɛ kyenkyenee, nteaseɛ nnim, na ɔhaw ne aperepereɛ wɔ mu. Ɛyɛ nhyira sɛ yɛyɛ ahwɛyie sɛ yɛmmma kyenkyeneeyɛ a ɛwɔ wiase no mmɛwura sɛdeɛ yɛgye asɛmpa no na yɛde yɛ adwuma mu.

Titenani Oaks ahunu sɛ: “wɔakyerɛ yɛn nneɛma nketekete a ɛyɛ tiawa pii wɔ Yesu Kristo asɛmpa no mu. Ɛhia sɛ yɛbɛkae sɛ wɔ mmerɛ nyinaa mu no, saa nneɛma nketewa no de nneɛma akɛseɛ ba.” 6 Yesu Kristo N’ankasa kyerɛ mu sɛ Ne kɔnnua yɛ mmerɛ, na N’adesoa yɛ hare. 7 Yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛma asɛmpa no mu ada hɔ—wɔ yɛn abrabɔ mu, mmusua mu, yɛn akuo mu, ne yɛn wɔɔd ne mpɛɛwa mu.

Berɛ a woretie abasɛm a me ne wo bɛkyɛ yi no, hunu sɛ yɛahyɛ da ayi sɛdeɛ ɛbɛhyɛ nkuran na abɔ wo amaneɛ. Saa Nna a Ɛdi Akyire ahotefoɔ yi nneyɛɛ yi yɛ nhwɛsoɔ ma yɛn nyinaa, wɔ kwan a yɛde asɛmpa no yɛ adwuma wɔ kwan a ɛmu da hɔ, somboɔ, nketenkete berɛ a yɛreyɛ yɛn soro asodie a wapaw de ama yɛn no.

Yɛde Yesu Kristo Asɛmpa No Rebɔ bra.

Ɛdi kan, yɛde Yesu Kristo asɛmpa no rebɔ bra. Jens a ɔwɔ Denmark bɔ mpaeɛ de di asɛmpa no so na ɔte Honhomm Kronkron no nka. Wasua sɛ ɔbɛyɛ so adwuma ntɛm sɛ ɔnya atenka firi Honhom no hɔ a.

Mfoni
Jens wɔ Denmark

Jens kyɛɛ deɛ ɛdidi soɔ yi:

”Yɛte nnuadan kumaa bi a wɔde nkyɛnsee abɔ so mu wɔ akuraa ketewa bi ase, a ɛbɛn nsutaeɛ wɔ akura no mu.

Mfoni
Idyllic akurase
Mfoni
Akurase ɔtadeɛ

“Anadwo bi wɔ Danmark wiem nsakraeɛ fɛfɛ no, yɛbuee apono ne mpoma, na biribiara homee asomdwoeɛ ne dinn. Ɛnam yɛn wiem animuonyam fɛfɛ a ɛhyerɛn nti mampɛ ntɛm ansesa kanea a ahye wɔ yɛn asa so.

Mfoni
Asa so kanea

“Mpofirim menyaa atenka dennen bi sɛ mensesa kanea no amonom hɔ ara! Wɔ berɛ korɔ no ara, metee sɛ me yere, mariann, refrɛ me ne mmɔfra no sɛ yɛhohoro yɛn nsa esiane sɛ aduane aben!

“Na maware akyɛ kakra nti menim sɛ saa berɛ yi nyɛ berɛ a yɛde yɛ biribiara ka ho sɛ yɛbɛhohoro yɛn nsa, nanso mehunuu sɛ na mereka akyerɛ Mariann sɛ meretɔ kanea wɔ kwan ho aba. Menyaa atenka sɛ menkɔ ntɛmpara.

“Na sotɔɔ a yɛtɔn mu nnuane no wɔ nsutaeɛ no akyi. Na yɛtaa nante, nanso ɛnnɛ deɛ mefaa dadepɔnkɔ. Berɛ a yɛnam nsutaeɛ no ho no, mede m’ani to hunuu abɔfra ketewa bi, bɛyɛ sɛ mfeɛ 2, sɛ ɔno nko ara nam, wɔ nsutaeɛ no ntweaso, bɛn nsuo no ano pɛɛ—mpofirim na ɔtɔɔ mu! Sima baako mu na ɔwɔ hɔ—na deɛ ɛtɔ so no na ɔkɔ!

“Obiara anhunu gye sɛ me nko ara. Megyaee me dadepɔnkɔ no too hɔ, tuu mmirika, na metoo me ho too nsutaeɛ no mu. Nsuo no ani honoo amono mu hɔ, nti na ɛyɛ den sɛ mɛhunu nsuo no aseɛ. Mehunuu ahokeka bi wɔ ɛfa bi. Mede me nsa hyɛɛ nsuo no mu, sɔɔ n’ataadeɛ mu, na metwee abarimaa ketewa no pueeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ guu ahome, bɔɔ wa, suuiɛ. Ɛno akyi no ankyɛ na abarimaa no san kɔkaa n’abusua nsa.”

Mfoni
Jens ne nabusua

Berɛ a onuabarima Jens bɔ mpaeɛ anɔpa biara pɛ mmoa firi Honhom Kronkron no hɔ, mpo biribi a ɛntaa nsi te sɛ kanea sesa no, ɔsan nso bɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛfa ne so ahyira Onyankopɔn mma. Jens di asɛmpa no so berɛ a ɔhwehwɛ ɔsoro akwankyerɛ da biara, bɔ mmɔden sɛ ɔbɛfata, na ɔbɛyere ne ho sɛ ɔbɛdi akwankyerɛ a ɛba so.

Yɛrehwɛ wɔn a wɔnni bie

Yei yɛ nhwɛsoɔ sɛ yɛrehwɛ wɔn a wɔnni bie. Da koro bi wɔɔd ɔkandifoɔ bi wɔ Cucuta Stake wɔ Colombia ne stake Mmaayewa Titenani kɔɔ nsrahwɛ wɔ mmaayewa baanu bi—ne wɔn nuabarima panin aberantweaa—a na wɔrefa deɛ ɛyɛ den mu hɔ. Ɛnkyɛree na wɔn papa firiii mu, na na wɔn maame nso awu bɛyɛ afe ansa. Na anuanom baasa yi ayɛ ankonam wɔ wɔn dan kumaa bi mu. Na wɔde nnua ne worɔba na ayɛ ɛdan no na nkyɛnsee ketewa bi kata beaɛ a wɔda no.

Nsrahwɛ no akyire no, saa akannifoɔ hunuu sɛ ɛhia sɛ wɔboa. Ɛnam wɔɔdo agyinatukuo so no nhyehyɛeɛ a wɔde bɛboa hyɛɛ aseɛ baeɛ. Wɔɔdo ne stake akannifoɔ---Mmaakuo, asɔfokuo, mmeranteɛ, mmaayewa, ne mmusua pii—yɛɛ krado sɛ wɔbɛyɛ biribi de aboa saa abusua yi.

Mfoni
Efie a wɔresi
Mfoni
Efie a wɔresi

Wɔɔd akuo no kɔɔ wɔɔd mma a wɔyɛ dansie adwuma hɔ. Ebinom boaa wɔ adwini mu, ebinom nso de mmerɛ ne ahoɔden maae, ebinom yɛɛ aduane maae ɛna ebinom de nneɛma maae.

Mfoni
Efie a wasi awie

Berɛ a wɔwiee ɛdan no, na ɛyɛ anigyeɛ da ma wɔn a wɔboaeɛ ɛne wɔɔd hɔ mmɔfra baasa no Saa mmɔfra nnyanka yi tee ɔdɔ nka firii wɔn wɔɔd abusua hɔ maa wɔhunuu sɛ wɔnnyɛ ankonam na Onyankopɔn wɔ hɔ ma wɔn berɛbiara. Wɔn a wɔboaeɛ no tee Agyenkwa no dɔ ma saa abusua yi na wɔyɛɛ Ne nsa de somm wɔm.

Yɛreto nsa afrɛ Obiara sɛ Ɔnnye Asɛmpa no

Medwene sɛ moani bɛgye nhwɛsoɔ a yɛdefrɛ afoforɔ sɛ wɔnnye asɛmpa no ho. Na Cleiton a wadi mfeɛ dunson a ɔfiri Cape Verde nnim deɛ ɛbɛsi berɛ a ɔtuu ne nan sii ne wɔɔd sɛminare adesua ase da koro bi. Nanso n’abrabɔ ne afoforɔ abrabɔ renyɛ saa bio da esiane sɛ ɔkɔeɛ nti.

Cleiton ne ne maame ne ne nuabarima panin, bɔɔ asu baa Asɔre no mu, nanso na abusua no mma bio. Sɛminare a ɔkɔeɛ no bɛyɛɛ nnyinasoɔ maa abusua no.

Mmabunu afoforɔ a na wɔwɔ adesua no aseɛ gyee no fɛfɛɛfɛ. Wɔmaa Cleiton ani kaeɛ na wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔmmra dwumadie foforɔ bi. Ɔbaeɛ, na ankyɛ ɔhyɛɛ aseɛ kɔɔ Asɔre nhyiamu a aka. Ɔhwɛfoɔ nyansani bi hunuu nnepa wɔ Cleiton mu na ɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ne boafoɔ. ”Ɛfiri saa berɛ no,” Ɔhwɛfoɔ Pina na ɔseɛ, ”Cleiton bɛyɛɛ nhwɛsoɔ ne nsunsuansoɔ pa wɔ mmabunu afoforɔ so.”

Onipa a Cleiton dii kan frɛ baa asɔre yɛ ne maame, ne ne nuabarima panin. Na afei ɔtrɛɛ ne hyeɛ mu kɔɔ ne nnamfonom so. N’ayɔnkofoɔ no mu baako ne aberanteɛ Wilson a ɔyɛ ne tipɛn. Da a ɛdi kan a ɔne asɛmpatrɛfoɔ no hyiaeɛ akyi no, Wilson kyerɛɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛbɔ asu. Ɛyɛɛ asɛmpatrɛfoɔ no nwanwa nimdeɛ a na Cleiton ne Wilson adi kan akyɛ dada.

Mfoni
Mmranteɛ wɔ Cape Verde
Mfoni
Yɛreto nsa afrɛ obiara sɛ wɔmmra asɔre
Mfoni
Mmabunu a wɔba no redɔɔso

Cleiton mmɔdemmɔ ansi hɔ ara. Ɔboaa afoforɔ a na wɔmma ma wɔbaeɛ, de kaa ho sɛ ɔne ayɔnkofoɔ bɛkyɛ asɛmpa no. Ɛnnɛ wɔɔd no wɔ mmabunu 35 a wɔwɔ ahokeka, ne sɛminare adesua a ɛreyɛ adwuma, nnaseɛ kɛseɛ nkɔ mma Cleiton mmɔden sɛ ɔbɛdɔ, akyɛ, na wato nsa afrɛ. Cleiton ne ne nuabarima panin, Cleber, nyinaa resiesie wɔn ho akɔ asɛmpatrɛ adwumayɛ mu.

Yɛreka Mmusua abom ama Daapem

Nekorakora, moma menkyɛ nhwɛsoɔ fɛfɛ a ɛfa sɛ yɛreka mmusua abom daapem ho. Lydia a ɔfiri Kharkiv, Ukraine, dii kan tee tɛmpol ho asɛm wɔ asɛmpatrɛfoɔ hɔ. Ntɛmpa ara, Lydia nyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛkɔ tɛmpol, na n’asubɔ akyi no, ɔhyɛɛ aseɛ siesiee ne ho sɛ ɔbɛgye tɛmpol nkamfoɔ krataa.

Lydia kɔɔ Freiberg Germany Tɛmpol kɔgyee n’akyɛdeɛ nhyira na ɔdii nna kakra yɛɛ nnyina-hɔ-ma adwuma wɔ hɔ. Wɔtee Kyiv Ukraine Tɛmpol ho akyi no, Lydia kɔɔ tɛmpol ntɛmtɛm so. Ɔne ne kunu, Anatoly, sɔɔ wɔn awareɛ ano wɔ hɔ na akyire yi wɔfrɛɛ wɔn sɛ tɛmpol asɛmpatrɛfoɔ. Wɔn baanu no ahunu wɔn nananom din boro 15,000, na wɔayɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ ama wɔn.

Mfoni
Awarefoɔ a wɔfiri Ukraine wɔ tɛmpol

Berɛ a wɔbisaa n’atenka fa tɛmpol adwuma ho no, Lydia se, ”Ɛdeɛn na menyaa wɔ tɛmpol? Me ne Onyankopɔn ayɛ apam afoforɔ. M“adanseɛ ahyɛ den. Masua sɛdeɛ yɛnya yikyerɛ ma yɛn ho. Metumi yɛ nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ ma me nananom a wɔawuwu. Na mɛtumi adɔ na masom afoforɔ.” Ɔde asɛm nokorɛ yi twaa toɔ: ”Awurade pɛ sɛ Ɔtaa hunu yɛn wɔ tɛmpol.”

Awieɛ

Saa Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ yi papayɛ no hyɛ me nkuran, wɔn mu biara asɛm nnyinasoɔ yɛ sononko. Yɛbɛtumi asua adeɛ pii afiri anwanwadeɛ a ɛfiri asɛmpa no nkyerɛkyerɛ nketewa a wɔde yɛɛ adwuma mu. Nea wɔyɛeɛ no nyinaa yɛ deɛ yɛn nso bɛtumi ayɛ.

Momma yɛmma asɛmpa no mu nna hɔ berɛ a yɛafa ɔsoro asodie a wɔapaw ama sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo Asɛmpa no so sɛdeɛ yɛbɛnya atenka sɛdeɛ Jens wɔ Denmark nyaeɛ. Sɛ yɛbɛhwɛ ahiafoɔ, sɛdeɛ asɔremma a wɔwɔ Cucuta Mpeewa wɔ Colombia yɛeɛ de pɛɛ dabrɛ maa nnyanka a na wɔwɔ hɔ no. Sɛ yɛbɛto nsa afrɛ abiara sɛ ɔnnye Asɛmpa nowɔ kwan a Cleiton a ɔfiri Abibirem Kuro Cape Verde yɛ maa n’abusua ne ayɔnkofoɔ no. Ne korakora no, sɛ yɛreka Mmusua abom daapemsɛdeɛ Onuabaa Lydia a ɔfiri Ukraine, nam nankasa ne tɛmpol ayɛyɛdeɛ so, abusua abakɔsɛm mmɔden, ne ɔsom so wɔ tɛmpol yɛeɛ no.

Saayɛ de anigyeɛ ne asomdwoeɛ bɛba. Medi adanseɛ wɔ saa bɔhyɛ yi ho—ne Yesu Kristo ho sɛ yɛn Agyenkwa ne yɛn Dimafoɔ—wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Moronae 10:32.

  2. Hwɛ General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 1.2, ChurchofJesusChrist.org.

  3. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:13-16. San so hwɛ Dallin H. Oaks, “The Melchizedek Priesthood and the Keys,” Liahona, May 2020, 70: “Following the dedication of the first temple of this dispensation in Kirtland, Ohio, three prophets—Moses, Elias, and Elijah—restored ‘the keys of this dispensation,’ including keys pertaining to the gathering of Israel and the work of the temples of the Lord.” San so hwɛ Quentin L. Cook, “Prepare to Meet God,” Liahona, May 2018, 114: “Ancient prophets restored priesthood keys for the eternal saving ordinances of the gospel of Jesus Christ. Saa nsafoa yi ma ‘tumi firi ɛsoro’ [Doctrine and Covenants 38:38] ma ɛsoro asodie a wɔpaw de ma a ɛno ne Asɔre no botaeɛ kɛseɛ.”

  4. Hwɛ Mateo 22:36–40.

  5. Hwɛ Matthew Cowley Speaks: Discourses of Elder Matthew Cowley of the Quorum of the Twelve of The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints (1954), xii.

  6. Dallin H. Oaks, “Nneɛma Nketekete Tiawa,” Liahona, Kɔtɔnima 2018. 90

  7. Hwɛ Mateo 11:30